Yohane Twerɛtohɔ
19 Afei Pilato maa wɔfaa Yesu kɔbɔɔ no mmaa.+ 2 Na asraafoɔ no de nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde ataadeɛ afasebire bi hyɛɛ no,+ 3 na wɔbaa ne nkyɛn mprɛ pii bɛkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”* Afei nso, wɔbobɔɔ n’asom.+ 4 Ɛnna Pilato san pue kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Monhwɛ! Mede no repue abrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne ho mfomsoɔ biara.”+ 5 Enti Yesu pue bae. Ná nkasɛɛ ahenkyɛ no hyɛ no, na na ɔhyɛ ataadeɛ afasebire no nso. Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ! Ɔbarima no nie!” 6 Nanso berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no huu no no, wɔteateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔku no,* na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”+ 7 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛdeɛ mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔwu,+ ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.”+
8 Berɛ a Pilato tee asɛm a wɔreka no, ɔsuro senee kane no mpo, 9 na ɔkɔɔ amrado fie hɔ bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wofiri he?” Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara.+ 10 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa wo, na mewɔ tumi nso sɛ meku wo?”* 11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamma wo kwan amfiri soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti, onipa a ɔde me maa wo no, ɔno mmom na ne bɔne so paa.”
12 Wei nti, Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafoɔ no teateaam sɛ: “Sɛ wogyaa ɔbarima yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia* Kaesare.”+ 13 Berɛ a Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu pueeɛ, na ɔtenaa atemmuo adwa so wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Aboɔ-Nsɛeɛ, deɛ Hebri mu wɔfrɛ no Gabata no. 14 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da+ ma Twam no, na na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.* Na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Monhwɛ! Mo hene nie!” 15 Nanso wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”* Pilato bisaa wɔn sɛ: “Menkum mo hene no?”* Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara, gye Kaesare.” 16 Afei ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
Ɛnna wɔfaa Yesu kɔeɛ. 17 Ɔno ara na ɔsoaa asɛndua* no pue kɔɔ baabi a wɔato din Tikwankoraa,+ deɛ Hebri mu wɔfrɛ hɔ Golgota no.+ 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu ne mmarima mmienu bi asɛndua mu.+ Ná baako wɔ benkum, na baako wɔ nifa, ɛnna Yesu wɔ mfimfini.+ 19 Pilato san twerɛɛ asɛm bi bɔɔ asɛndua* no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Nasaretni Yesu, Yudafoɔ Hene no.”+ 20 Yudafoɔ bebree kenkan asɛm yi, ɛfiri sɛ na baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no bɛn kuro no, na wɔtwerɛɛ no Hebri, Latin, ne Greek kasa mu. 21 Nanso Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Ntwerɛ sɛ ‘Yudafoɔ Hene,’ na mmom twerɛ sɛ, ɔno na ɔkaa sɛ, ‘Mene Yudafoɔ Hene.’” 22 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
23 Berɛ a asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’ataadeɛ ngugusoɔ kyɛɛ mu nnan, na ɔsraani biara faa baako. Afei nso, wɔfaa n’ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no. Nanso na n’ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no nni mpameeɛ; na wɔanwene firi soro abɛsi fam. 24 Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnntete mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ deɛ ɛbɛyɛ ne dea.”+ Wei maa twerɛsɛm yi baa mu. Ɛka sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ntaadeɛ mu fae, na wɔbɔɔ m’ataadeɛ so ntonto.”+ Enti asraafoɔ no yɛɛ wei ampa.
25 Ná Yesu maame+ ne Yesu maame nua ne Klopa yere Maria ne Maria Magdalene+ gyinagyina Yesu asɛndua* no ho. 26 Enti berɛ a Yesu huu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no+ sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbaa, hwɛ! Wo babarima nie!” 27 Na ɔka kyerɛɛ osuani no nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame nie!” Na ɛfiri saa berɛ no, osuani no de no kɔɔ ɔno ankasa ne fie.
28 Wei akyi no, berɛ a Yesu huu sɛ biribiara aba awieeɛ no, deɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm no bɛba mu nti, ɔkaa sɛ: “Sukɔm de me.”+ 29 Ná ahina bi si hɔ a nsã* a emu ka ayɛ no ma. Enti wɔde sapɔ* a nsã* a emu ka ayɛ no ma tuaa sommɛ* so de kɔɔ n’ano.+ 30 Berɛ a nsã* a emu ka no kaa Yesu ano no, ɔkaa sɛ: “Asa!”+ Ɛnna ɔsii ne tiri ase, na ɔwui.*+
31 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na na Yudafoɔ no mpɛ sɛ amu no bɛsensɛn asɛndua no so+ Homeda no (ɛfiri sɛ na saa Homeda no yɛ Homeda kɛseɛ).+ Enti wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma wɔmmubu wɔn nan mu, na wɔnyiyi amu no mfiri hɔ. 32 Enti asraafoɔ no bae, na wɔbɛbubuu ɔbarima a ɔdi kan no nan mu. Afei wɔbubuu ɔbarima a ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no nso nan mu. 33 Nso berɛ a wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔhuu sɛ wawu dada, enti wɔammubu ne nan mu. 34 Nanso asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe,+ na ɛhɔ ara na mogya ne nsuo baeɛ. 35 Onipa a ɔde n’ani hunuiɛ no, ɔno na wadi adanseɛ yi, na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔnim sɛ deɛ ɔka no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, weinom sii na twerɛsɛm yi aba mu: “Wɔremmu ne dompe baako mpo mu.”+ 37 Afei ɛmaa twerɛsɛm foforɔ yi nso baa mu: “Wɔbɛhwɛ deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no.”+
38 Na weinom akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani, a Yudafoɔ no ho suro nti,+ wamma nkurɔfoɔ anhunu sɛ ɔyɛ osuani no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu no nkɔ. Pilato maa no kwan, enti ɔbɛfaa amu no kɔe.+ 39 Nikodemo,+ ɔbarima a berɛ bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso baa hɔ, na ɔde kurobo ne pɛprɛ a wɔde afra* bae. Ná emu duro bɛyɛ nkariboɔ ɔha.*+ 40 Enti wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nnuhwam no guu nwera mu de kyekyeree no+ sɛdeɛ Yudafoɔ yɛ wɔn amu ansa na wɔakɔsie no.* 41 Yɛreka yi, na turo bi wɔ baabi a wɔkum no no,* na na ɛda foforɔ+ bi wɔ turo no mu a wɔmfaa obiara ntoo mu da. 42 Ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ na ɛyɛ Yudafoɔ no Ahoboaboa da,+ na na ɛda no nso bɛn hɔ.