Sakaria
11 “O Lebanon, buebue w’apono,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a egya bɛhye wo sida nnua.
2 O papao dua, su teateam, ɛfiri sɛ sida dua no ahwe ase;
Wɔasɛe nnua akɛseɛ no!
Basan odum nnua, monsu nteateam,
Ɛfiri sɛ kwaeɛbirentuo no asɛe!
3 Montie! Nnwanhwɛfoɔ resu teateam,
Ɛfiri sɛ wɔasɛe wɔn animuonyam.
Montie! Agyata* a wɔn ho yɛ den rebobom,
Ɛfiri sɛ wɔasɛe Yordan kwaeɛbirentuo no.
4 “Deɛ Yehowa me Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so,+ 5 nnwan a wɔn a wɔtɔ wɔn no ku wɔn,+ nanso wɔfa wɔn ho die no. Na wɔn a wɔtɔn wɔn no+ ka sɛ, “Ayeyie nka Yehowa, ɛfiri sɛ mɛnya sika.” Na wɔn ahwɛfoɔ nni ayamhyehyeɛ biara mma wɔn.’+
6 “‘Merenhu asaase no sofoɔ mmɔbɔ bio,’ Yehowa asɛm nie. ‘Enti mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko nsa, ne ne hene nsa. Na wɔbɛsɛe asaase no, na merennye obiara mfiri wɔn nsam.’”
7 Na mefirii aseɛ hwɛɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so,+ O nnwan a mo asɛm yɛ mmɔbɔ; mehwɛɛ mo so. Enti mefaa poma mmienu. Metoo baako din Anisɔ, ɛnna metoo baako nso din Nkabom,+ na mefirii aseɛ hwɛɛ nnwan no so. 8 Na meyii nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa adi wɔ bosome baako mu, ɛfiri sɛ mannya* wɔn ho akoma bio. Na wɔn nso, na wɔkyiri* me. 9 Na mekaa sɛ: “Merenhwɛ mo so bio. Ma deɛ ɔrewuo no nwu. Na ma deɛ ɔresɛe no nsɛe. Na wɔn a aka no deɛ, ma obiara nwe ne yɔnko nam.” 10 Enti mefaa me poma a metoo din Anisɔ no,+ na metwitwaa mu. Meyɛɛ saa de twaa apam a na me ne ɔman no nyinaa ayɛ no mu. 11 Enti apam no mu twaa saa da no, na nnwan a wɔayɛ mmɔbɔ a na wɔrehwɛ deɛ mereyɛ no hunuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.
12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so a, momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, monnyae.” Enti wɔde* m’akatua maa me; wɔmaa me nnwetɛbena 30.+
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To gu sika akoraeɛ hɔ, ɛfiri sɛ ɛno ne animuonyam boɔ a wɔatwa ato me so.”+ Enti mefaa nnwetɛbena 30 no, na meto guu Yehowa fie sika akoraeɛ hɔ.+
14 Afei metwitwaa me poma a ɛtɔ so mmienu a metoo din Nkabom no mu.+ Meyɛɛ saa de sɛee Yuda ne Israel nuayɛ no.+
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Afei fa adeɛ a odwanhwɛfoɔ a mfasoɔ biara nni ne so no de yɛ adwuma no.+ 16 Ɛfiri sɛ mɛma odwanhwɛfoɔ bi aba asaase no so. Ɔrenhwɛ nnwan a wɔrewuwuo no.+ Nnwan nkumaa no, ɔrenhwehwɛ wɔn, na wɔn a wɔapirapira no nso,+ ɔrensa wɔn yareɛ. Wɔn a wɔgyina wɔn nan so no, ɔremma wɔn aduane. Mmom, nnwan a wɔadɔre sradeɛ no, ɔbɛwe wɔn nam,+ na watwitwa wɔn nan a ɛsisi fam no.+
17 Me dwanhwɛfoɔ a mfasoɔ biara nni ne so+ a wagya nnwan no hɔ no nnue!+
Sekan bɛtwa ne basa ne n’ani nifa.
Ne basa no bɛwu kodwoo tɔ,
Na n’ani nifa bɛfira korakora.”*