Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
5 Enti, seesei a gyidie nti wɔabu yɛn sɛ yɛyɛ ateneneefoɔ+ yi, momma yɛmfa yɛn Awurade Yesu Kristo so na yɛne Onyankopɔn ntena asomdwoeɛ mu.*+ 2 Yesu mu gyidie nti, yɛasan anya kwan abɛn Onyankopɔn, na yɛanya saa adom yi. Saa adom no na yɛwɔ mu* seesei.+ Na anidasoɔ a yɛwɔ sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn animuonyam nti, momma yɛnni ahurisie.* 3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ yɛwɔ amanehunu mu+ a, momma yɛnni ahurisie,* ɛfiri sɛ yɛnim sɛ amanehunu de animia ba;+ 4 animia nso de Onyankopɔn mpenesoɔ ba;+ Onyankopɔn mpenesoɔ nso de anidasoɔ ba,+ 5 na anidasoɔ no nni hwammɔ;+ ɛfiri sɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn+ no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.
6 Nokorɛm no, berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ no,+ Kristo wu maa nnipa abɔnefoɔ wɔ berɛ a na wɔahyɛ no mu. 7 Ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama onipa tenenee; na onipa pa deɛ, ebia obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. 8 Nanso Onyankopɔn ama yɛahunu sɛ ɔdɔ yɛn, ɛfiri sɛ berɛ a yɛda so yɛ abɔnefoɔ no, Kristo wu maa yɛn.+ 9 Ɛnneɛ seesei a wɔnam ne mogya so abu yɛn ateneneefoɔ+ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri abufuo mu.+ 10 Na sɛ berɛ a na yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne Ba no wuo so siesiee yɛne Onyankopɔn ntam+ a, ɛnneɛ afei a wɔasiesie yɛne no ntam yi, wɔnam ne nkwa so bɛgye yɛn aboro so. 11 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn Awurade Yesu Kristo a seesei yɛnam ne so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam no nti, yɛredi Onyankopɔn mu ahurisie nso.+
12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ,+ na ɛmaa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+ 13 Ná bɔne wɔ wiase ansa na Mmara no reba, nanso sɛ mmara nni hɔ a, wɔmmu obiara fɔ wɔ bɔne ho.+ 14 Ne nyinaa mu no, owuo dii hene firii Adam so bɛsii Mose so, na wɔn a wɔanyɛ bɔne sɛdeɛ Adam yɛɛ bɔne no mpo, ɛdii wɔn so hene. Ná Adam te sɛ deɛ ɔbɛba no.+
15 Nanso akyɛdeɛ no nte sɛ mfomsoɔ no. Ɛfiri sɛ onipa baako mfomsoɔ nti, nnipa bebree wuiɛ, nanso Onyankopɔn adom ne n’akyɛdeɛ a ɔnam onipa baako, Yesu Kristo adom so+ de ama no deɛ, aboro so* ama nnipa bebree!+ 16 Bio nso, deɛ ɛfiri akyɛdeɛ no mu baeɛ ne deɛ ɛfiri bɔne a onipa baako no yɛeɛ mu baeɛ no nyɛ pɛ.+ Ɛfiri sɛ mfomsoɔ baako maa wɔbuu nnipa bebree fɔ,+ nanso akyɛdeɛ a ɛdii mfomsoɔ pii akyi baeɛ no maa wɔbuu nnipa bebree ateneneefoɔ.+ 17 Na sɛ onipa baako no mfomsoɔ nti, owuo nam saa onipa no so dii hene+ a, ɛnneɛ deɛ ɛsene saa no, wɔn a wɔnya adom ne tenenee akyɛdeɛ+ boro so no nam ɔbaakofoɔ, Yesu Kristo+ so bɛdi hene+ wɔ nkwa mu.
18 Enti afei, sɛdeɛ mfomsoɔ baako de afobuo baa nnipa ahodoɔ nyinaa so+ no, saa ara na adetenenee baako ma wɔbu nnipa ahodoɔ nyinaa+ ateneneefoɔ ma nkwa.+ 19 Na sɛdeɛ onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefoɔ+ no, saa ara na ɔbaakofoɔ no setie bɛma nnipa bebree ayɛ ateneneefoɔ.+ 20 Na Mmara no bae sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mfomsoɔ bɛdɔɔso.+ Nanso berɛ a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so. 21 Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛbaa saa, na sɛdeɛ bɔne ne owuo dii hene+ no, adom nso nam tenenee so adi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔwie daa nkwa mu.+