Yohane Nwoma a Ɛdi Kan
3 Monhwɛ ɔdɔ kɛseɛ a Agya no de adɔ yɛn.+ Ɛno ne sɛ, wɔafrɛ yɛn Onyankopɔn mma!+ Na yɛyɛ ne mma nso. Wei nti na wiase no nnim yɛn no,+ ɛfiri sɛ ɛnnim no.+ 2 Adɔfo, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma,+ nanso yɛnnya nhuu sɛdeɛ yɛbɛyɛ daakye.+ Nso yɛnim sɛ, sɛ ɔda ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ no ara. 3 Na obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ ne mu no ma ne ho te,+ sɛdeɛ ɔno nso ho teɛ no.
4 Obiara a ɔte bɔne mu no, ɔte mmarato mu nso, na bɔne yɛ mmarato. 5 Monim nso sɛ, wɔyii no adi sɛ ɔmmɛyi yɛn bɔne mfiri hɔ,+ na bɔne nni ne mu. 6 Obiara a ɔne no ayɛ baako no ntena bɔne mu;+ obiara a ɔte bɔne mu no nhuu no, na ɔnnim no nso. 7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo; deɛ ɔyɛ adetenenee no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ ɔno nso yɛ ɔteneneeni no. 8 Deɛ ɔte bɔne mu no firi Ɔbonsam, ɛfiri sɛ Ɔbonsam na wayɛ bɔne firi mfitiaseɛ.*+ Wei nti na wɔyii Onyankopɔn Ba no adi, sɛ ɔmmɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.+
9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn aba* te onii no mu. Ɔrentumi ntena bɔne mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na awo no.+ 10 Deɛ ɛma yɛhunu Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma nie: Obiara a ɔnyɛ adetenenee no, ɔmfiri Onyankopɔn, na deɛ ɔnnɔ ne nua no nso mfiri Onyankopɔn.+ 11 Wei ne asɛm a mote firii mfitiaseɛ no. Ɛne sɛ, yɛnnodɔ yɛn ho.+ 12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain a na ɔfiri ɔbɔnefoɔ no a ɔkum ne nua no.+ Na adɛn nti na ɔkum no? Ɛfiri sɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na na ne nua no nnwuma tene.+
13 Anuanom, mommma no nnyɛ mo nwanwa sɛ wiase no tan mo.+ 14 Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu,+ ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom.+ Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.+ 15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+ 16 Deɛ ama yɛahunu deɛ ɔdɔ kyerɛ ne sɛ, ɔde ne nkwa* too hɔ maa yɛn,+ na yɛn nso, ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛde yɛn nkwa* to hɔ ma yɛn nuanom.+ 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyadeɛ, na ɔhunu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, ɛdeɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+ 18 Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma nnnɔ,+ na mmom yɛmfa yɛn nneyɛɛ nkyerɛ yɛn dɔ,+ na yɛnnɔ wɔ nokorɛ mu.+
19 Wei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛma yɛn akoma anya awerɛhyɛmu wɔ n’anim. 20 Na sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ wɔ biribi mu mpo a, Onyankopɔn so sene yɛn akoma, na ɔnim nneɛma nyinaa.+ 21 Adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛtumi de ahotɔsoɔ kasa wɔ Onyankopɔn anim;+ 22 na biribiara a yɛbisa no, yɛnya firi ne hɔ,+ ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. 23 N’ahyɛdeɛ no ara ne sɛ, yɛbɛnya gyidie wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu,+ na yɛadodɔ yɛn ho+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a ɔde maa yɛn no kyerɛ no. 24 Bio nso, deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ so no ne no yɛ baako, na ɔno nso ne onii no yɛ baako.+ Na honhom a ɔde maa yɛn no na ɛma yɛhunu sɛ ɔne yɛn yɛ baako.+