Yohane Nwoma a Ɛdi Kan
5 Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na awo no.+ Na obiara a ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔdɔ deɛ Onyankopɔn awo no. 2 Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.+ Ɛne sɛ, yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi n’ahyɛdeɛ so. 3 Deɛ Onyankopɔn dɔ kyerɛ nie: Ɛno ne sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ so;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ adesoa,+ 4 ɛfiri sɛ obiara* a Onyankopɔn awo no no, ɔdi wiase so nkonim.+ Na deɛ yɛde adi wiase so nkonim ne yɛn gyidie.+
5 Hwan na ɔbɛtumi adi wiase so nkonim?+ Ɛnyɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba+ no anaa? 6 Wei ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ no, Yesu Kristo. Ɛnyɛ nsuo no nko ara+ na ɔnam so baeɛ, na mmom ɔnam nsuo no ne mogya no+ so. Na honhom no di adanseɛ,+ ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no. 7 Na nneɛma mmiɛnsa na ɛdi adanseɛ: 8 honhom+ no ne nsuo+ no ne mogya+ no; na mmiɛnsa no nyinaa adanseɛ hyia.
9 Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ tom a, ɛnneɛ Onyankopɔn adanseɛ deɛ, yɛgye tom koraa. Ɛfiri sɛ wei ne adanseɛ a Onyankopɔn de ama, adanseɛ a wadi afa ne Ba no ho no. 10 Deɛ ɔgye Onyankopɔn Ba no di no wɔ adanseɛ no wɔ ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ,+ ɛfiri sɛ adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba no ho no, wannye anni. 11 Na adanseɛ no nie: Onyankopɔn maa yɛn daa nkwa,+ na saa nkwa yi wɔ ne Ba no mu.+ 12 Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no; deɛ ɔnni Onyankopɔn Ba no nni saa nkwa no.+
13 Meretwerɛ weinom abrɛ mo a mogye Onyankopɔn Ba no+ din di no, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa.+ 14 Yɛwɔ ahotɔsoɔ wɔ Onyankopɔn mu+ sɛ,* biribiara a yɛbɛbisa a ɛne n’apɛdeɛ hyia no, ɔbɛtie yɛn.+ 15 Na ɛsiane sɛ yɛnim sɛ ɔtie biribiara a yɛbisa no nti, yɛnim sɛ yɛn nsa bɛka deɛ yɛabisa no, ɛfiri sɛ yɛabisa afiri ne hɔ.+
16 Sɛ obi hunu sɛ ne nua reyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɔ mpaeɛ* mma no, na Onyankopɔn bɛma ne nua no nkwa,+ aane, ɔde bɛma wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owuo mu.+ Saa bɔne no ho deɛ, menka sɛ ɔmmɔ mpaeɛ.* 17 Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne,+ nanso bɔne bi wɔ hɔ a, ɛnkɔ owuo mu.
18 Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu, mmom deɛ Onyankopɔn awo no no* hwɛ no so, na ɔbɔnefoɔ no ntumi mfa ne nsa nka no.*+ 19 Yɛnim sɛ yɛfiri Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.+ 20 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi anya ɔnokwafoɔ no ho nimdeɛ. Yɛnam ɔnokwafoɔ no Ba Yesu Kristo so ne ɔnokwafoɔ no ayɛ baako.+ Wei ne nokorɛ Nyankopɔn no ne daa nkwa no.+ 21 Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yie wɔ ahoni ho.+