Yohane Twerɛtohɔ
11 Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lasaro yare. Ná ɔfiri Betania, akuraa a Maria ne ne nuabaa Marta+ firi mu no. 2 Maria yi, ɔno na ɔhwiee ngo hwamhwam guu Awurade ho, na ɔde ne tiri nwi pepaa ne nan ase+ no. Ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no. 3 Enti ne nua mmaa no de nkra kɔmaa Yesu sɛ: “Awurade, hwɛ! deɛ wopɛ n’asɛm no yare.” 4 Na berɛ a Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Saa yareɛ yi nyɛ yareɛ a ɛde no bɛkɔ wuo mu, na mmom Onyankopɔn animuonyam ntira,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn Ba no animuonyam.”
5 Ná Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa ne Lasaro. 6 Nanso berɛ a ɔtee sɛ Lasaro yare no, ɔtenaa baabi a na ɔwɔ no nnanu kaa ho. 7 Na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio.” 8 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ nnaano yi ara na anka Yudafoɔ no resi wo aboɔ,+ ɛnna woresan akɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwere 12 na ɛwɔ adekyeeɛ mu?+ Sɛ obi nante awia a, ne nan mpem hwee,* ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann. 10 Na sɛ obi nante anadwo a, ne nan pem adeɛ,* ɛfiri sɛ ɔnni hann mu.”*
11 Berɛ a ɔkaa weinom no, ɔka kaa ho sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada,+ na merekɔ hɔ akɔnyane no.” 12 Ɛnna asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wada a, ɛnneɛ ne ho bɛtɔ no.” 13 Yesu deɛ, ne wuo ho asɛm na na ɔreka. Nanso na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nna ankasa ho asɛm na ɔreka. 14 Enti afei deɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu,+ 15 na mo nti, ɛyɛ me dɛ sɛ na menni hɔ, na ama moagye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Enti Toma a na wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu.”+
17 Berɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ na Lasaro adi nnanan dada wɔ ɛda no mu. 18 Ná Betania bɛn Yerusalem. Ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ akwansini* mmienu. 19 Ɛno nti, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn rebɛkyekye wɔn werɛ, wɔn nua no nti. 20 Berɛ a Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria+ deɛ, ɔtenaa fie. 21 Ɛnna Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu. 22 Na seesei mpo, menim sɛ adeɛ biara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre wɔ owusɔreɛ no mu.”+ 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa.+ Deɛ ɔgye me di no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛba nkwa mu; 26 na obiara a ɔte ase a ɔgye me di no, ɔrenwu da.+ Wogye wei di anaa?” 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, megye di sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba no, deɛ ɔreba wiase no.” 28 Berɛ a ɔkaa wei wieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria. Ɔka guu n’asom sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ+ no aba, na ɔrefrɛ wo.” 29 Berɛ a Maria tee saa no, ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.
30 Saa berɛ no, na Yesu nnya nkɔɔ akuraa no ase, na mmom na ɔda so wɔ baabi a Marta bɛhyiaa no no. 31 Berɛ a Yudafoɔ a na wɔne Maria wɔ fie hɔ rekyekye ne werɛ no huu sɛ wasɔre prɛko pɛ apue no, wɔdii n’akyi. Ná wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɔrekɔ ɛda+ no so akɔsu wɔ hɔ. 32 Berɛ a Maria duruu baabi a Yesu wɔ a n’ani bɔɔ ne so no, ɔhwee ne nan ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” 33 Berɛ a Yesu huu sɛ Maria resu, a Yudafoɔ a wɔkaa ne ho baeɛ no nso resu no, ɔguu ahome kɛse,* na ne ho yeraa no. 34 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na mode no toeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ.” 35 Yesu sui.+ 36 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ na ɔpɛ n’asɛm!” 37 Nanso wɔn mu bi kaa sɛ: “Ɔbarima yi a ɔbuee nifirani no ani+ no, enti wantumi anhwɛ ama wei awu?”
38 Afei berɛ a Yesu guu ahome bio no, ɔbaa ɛda no so. Ná ɛyɛ ɔbodan, na na ɛboɔ twere ano. 39 Yesu kaa sɛ: “Monyi boɔ no.” Ɛnna Marta a ne nua awu no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, ɛfiri sɛ wadi nnanan.” 40 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”+ 41 Enti wɔyii boɔ no firii hɔ. Afei Yesu maa n’ani so hwɛɛ soro,+ na ɔkaa sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Menim paa sɛ wotie me daa; nanso nnipadɔm a wɔgyinagyina ha no nti na mereka wei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”+ 43 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Lasaro, pue bra!”+ 44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue baeɛ. Ná wɔde ntoma akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntoma bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsane no, na momma no nkɔ.”
45 Enti Yudafoɔ a na wɔaba Maria nkyɛn a wɔhuu deɛ Yesu yɛeɛ no bebree gyee Yesu dii.+ 46 Nanso wɔn mu bi kɔɔ Farisifoɔ no hɔ, na wɔkɔkaa deɛ Yesu ayɛ no kyerɛɛ wɔn. 47 Ɛno nti, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no frɛɛ Sanhedrin no bɛhyiae, na wɔkaa sɛ: “Deɛn koraa na yɛnyɛ, ɛfiri sɛ ɔbarima yi yɛ nsɛnkyerɛnne+ bebree? 48 Sɛ yɛgyaa no saa a, wɔn nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ no bɛba abɛfa yɛn ha yi* ne yɛn man no nyinaa.” 49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa,+ a na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim hwee koraa. 50 Enti monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔmanfoɔ no, sene sɛ ɔman mu no nyinaa bɛsɛe?” 51 Nanso ɛnyɛ ɔno ara na ɔde n’adwene kaa wei. Mmom, na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no. Ɛno nti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu wu ma ɔman no. 52 Ɛnyɛ ɔman no nko ara, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛboaboa Onyankopɔn mma a wɔabɔ wɔn ahwete no ano ayɛ wɔn baako. 53 Enti ɛfiri saa da no ara wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku no.
54 Ɛno nti, Yesu annante badwam bio wɔ Yudafoɔ no mu, mmom ɔfirii hɔ kɔɔ baabi a ɛbɛn serɛ so, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim+ mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ. 55 Saa berɛ no, na Yudafoɔ Twam+ Afahyɛ no abɛn. Na nnipa bebree firi nkuraaseɛ foro kɔɔ Yerusalem ansa na Twam Afahyɛ no reduru so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akɔdwira wɔn ho. 56 Ná wɔrehwehwɛ Yesu, na berɛ a wɔgyinagyina asɔrefie hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Modwene ho sɛn? Ɔremma afahyɛ no ase koraa anaa?” 57 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no ahyɛ mmara sɛ, sɛ obi hu baabi a Yesu wɔ a, ɔmmɛbɔ wɔn amanneɛ na wɔnkɔkye no.