Asomafoɔ Nnwuma
24 Nnanum akyi no, ɔsɔfo panin Anania+ ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ* bi a wɔfrɛ no Tertulo bae, na wɔde asɛm a wɔwɔ tia Paul no bɛtoo amrado+ no anim. 2 Berɛ a wɔfrɛɛ Tertulo no, ɔfirii aseɛ bɔɔ Paul soboɔ wɔ Felike anim sɛ:
“Wo nti, yɛwɔ asomdwoeɛ kɛseɛ, na ɛsiane sɛ wodwene kɔ akyiri nti, nkɔsoɔ pii reba ɔman yi mu, 3 O Onimuonyamfoɔ Felike. Berɛ biara ne baabiara a yɛwɔ no, yɛde aseda kɛseɛ ka deɛ woayɛ yi ho asɛm. 4 Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ pii, enti mesrɛ wo, w’ayamyɛ nti, tie yɛn kakra. 5 Yɛahu sɛ ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ,*+ na ɔtutu gu Yudafoɔ nyinaa asom+ ma wɔte atua wɔ asaase nyinaa so, na mate-me-ho kuo a wɔfrɛ wɔn Nasaretfoɔ no,+ ɔno na ɔdi wɔn anim. 6 Ɔsan yɛɛ sɛ ɔbɛgu asɔrefie no ho fĩ, enti yɛkyee no.+ 7 *—— 8 Sɛ wo ara wobisa no a, wobɛhu nneɛma a yɛde abɔ no soboɔ yi nyinaa mu yie.”
9 Ɛnna Yudafoɔ no nso de wɔn ano too mu bi, na wɔkaa sɛ nsɛm yi yɛ nokorɛ. 10 Na amrado no bɔɔ ne ti nko kyerɛɛ Paul sɛ ɔnkasa. Enti Paul kaa sɛ:
“Menim yie sɛ woayɛ ɔman yi temmufoɔ mfeɛ pii. Enti ɛyɛ me dɛ sɛ merebɛkyerɛkyerɛ m’asɛm mu wɔ w’anim.+ 11 Bɛyɛ nnafua 12 nie na mekɔɔ* Yerusalem kɔsomeeɛ;+ wo ara wobɛtumi abisa mu ahwɛ. 12 Wɔanhu sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔrefie hɔ anaasɛ merekeka nkurɔfoɔ ti bom ama wɔayɛ basabasa wɔ hyiadan mu anaa kuro no mu. 13 Nsɛm a wɔreka ato me so seesei yi nso, wɔrennya ho adanseɛ biara mma wo. 14 Nanso megye tom wɔ w’anim sɛ, deɛ wɔfrɛ no mate-me-ho kuo no, ɛno ne ɛkwan a menam so som m’agyanom Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ deɛ Mmara no ka a wɔatwerɛ wɔ Adiyifoɔ no mu nyinaa,+ megye di. 15 Na mewɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ berɛ bi bɛba a ateneneefoɔ ne wɔn a wɔnyɛ ateneneefoɔ+ bɛsɔre afiri awufoɔ mu.+ Saa anidasoɔ no ara bi na saa mmarima yi nso wɔ. 16 Ɛno nti, berɛ nyinaa meyere me ho sɛ mede ahonim pa* bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.+ 17 Mfeɛ pii akyi no, mebaa sɛ merebɛyɛ me man adɔeɛ,+ na mabɔ afɔreɛ. 18 Berɛ a mereyɛ weinom no, wɔbɛhuu me wɔ asɔrefie hɔ. Ná madwira me ho,+ na na nnipadɔm anaa basabasayɛ biara nni hɔ. Nanso na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia mantam no mu wɔ hɔ. 19 Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔba w’anim, na sɛ wɔwɔ biribi tia me ampa a, wɔabɛka.+ 20 Wopɛ nso a, mmarima a ɛwɔ ha yi, ma wɔn ara nka bɔne a wɔhunuiɛ berɛ a na megyina Sanhedrin no anim no. 21 Berɛ a megyina wɔn mu no, asɛm baako yi ara na meteaam kaeɛ: ‘Owusɔreɛ a awufoɔ bɛnya no, ɛno nti na ɛnnɛ wɔrebu me atɛn wɔ mo anim yi!’”+
22 Nanso, ɛsiane sɛ na Felike nim Ɛkwan yi+ ho asɛm yie nti, ɔtuu nkurɔfoɔ no asɛm no hyɛɛ da, na ɔkaa sɛ: “Berɛ biara a ɔsahene Lisia bɛba no, mɛbua mo asɛm yi.” 23 Na ɔhyɛɛ ɔsraani panin no sɛ ɔmfa ɔbarima no nsie, wɔnhwɛ na wɔanteetee no, na sɛ ne nkurɔfoɔ bi ba sɛ wɔrebɛyɛ biribi ama no a, wɔmma wɔn kwan.
24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paul bae, na wɔtiee deɛ ɔka faa Kristo Yesu mu gyidie ho no.+ 25 Na berɛ a Paul kaa tenenee ne ahohyɛsoɔ* ne atemmuo a ɛbɛba ho asɛm no,+ ehu kaa Felike, na ɔkaa sɛ: “Wo deɛ, kɔ ansa, na menya berɛ a, mɛsan asoma abɛfrɛ wo.” 26 Saa berɛ no nyinaa, na n’ani da so sɛ Paul bɛma no sika. Enti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɔ nkɔmmɔ. 27 Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛdii Felike adeɛ; na ɛsiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔnya Yudafoɔ no anim animuonyam nti,+ ɔgyaa Paul wɔ afiase.