Luka Twerɛtohɔ
14 Berɛ bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ mpanimfoɔ no baako fie Homeda sɛ ɔrekɔdidi, na na nnipa a ɛwɔ fie hɔ no rehwɛ no dinn. 2 Na hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ n’anim a wahonhono. 3 Enti Yesu bisaa wɔn a wɔnim Mmara no ne Farisifoɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ Homeda anaasɛ ɛmma kwan?”+ 4 Nanso wɔyɛɛ dinn. Enti ɔsɔɔ ɔbarima no mu saa no yareɛ, na ɔmaa no kɔe. 5 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu+ Homeda+ a, ɔrenyi no mfiri mu ntɛm ara?” 6 Na wɔantumi anyi ano.
7 Berɛ a ɔhuu sɛdeɛ nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no rehwehwɛ baabi a ɛdi mu atena+ no, ɔmaa wɔn mfatoho bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ ayeforɔhyia apontoɔ ase a, nkɔtena baabi a ɛdi mu.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a ɔdi mu sene wo. 9 Ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ mo no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Sɔre ma onipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwuo bɛfiri hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa. 10 Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa, na sɛ deɛ wato nsa afrɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro hɔ.’ Ɛno bɛma woanya anidie wɔ wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nyinaa anim.+ 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.”+
12 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa asikafoɔ a ɛtete wo mpɔtamu. Anyɛ saa a, ebia wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo, na ɛno bɛyɛ w’akatua. 13 Mmom sɛ woto pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ;+ 14 na w’ani bɛgye, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔnni biribiara a wɔde bɛtua wo ka. Na wobɛnya akatua wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ+ no mu.”
15 Berɛ a wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no baako tee wei no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔdidi* wɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”
16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ná onipa bi reto pono+ kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. 17 Berɛ a apontoɔ no berɛ soeɛ no, owura no somaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ, ‘Yɛawie biribiara, enti mommra.’ 18 Nanso wɔn nyinaa firii aseɛ yiyii wɔn ho ano.+ Deɛ ɔdi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asaase, na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ 19 Na ɔfoforɔ kaa sɛ: ‘Matɔ anantwie du,* na merekɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’+ 20 Ɔfoforɔ nso kaa sɛ: ‘Mewareeɛ nkyɛe, enti merentumi mma.’ 21 Enti akoa no bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura. Ɛnna efiewura no bo fuiɛ, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ, ‘Yɛ ntɛm, kɔ kuro no akwan ne ne mmorɔno so, na kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’ 22 Akyire yi, akoa no kaa sɛ, ‘Owura, mayɛ deɛ wokaeɛ no, nanso ɛdan no mu nyɛɛ ma.’ 23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ, ‘Kɔ nkurɔfoɔ a ɛwɔ akwantempɔn ne anammɔnkwan so no nkyɛn, na wo ne wɔn nka mma wɔmmra, na ama me fie ha ayɛ ma.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduane no bi bɛka n’ano.’”+
25 Na ɛbaa sɛ na nnipadɔm bebree ne no nam, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26 “Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan* ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmaa, aane, ne ɔno ara ne nkwa*+ mpo a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 27 Sɛ obi ansoa n’asɛndua,* na wanni m’akyi a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 28 Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi abantenten a ɔnni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛwie? 29 Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa bɛfiri aseɛ adi ne ho fɛ, 30 na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi firii aseɛ sii, nanso wantumi anwie.’ 31 Anaa ɔhene bɛn na sɛ ɔne ɔhene foforɔ rekɔko a, ɔnni kan ntena ase nnwene ho nhwɛ sɛ ɔbɛtumi de asraafoɔ 10,000 akɔhyia deɛ ɔde 20,000 reba ne so no? 32 Sɛ ɔhu sɛ ɔrentumi ne no nko a, ɛnneɛ berɛ a baako no wɔ akyirikyiri nohoa no, ɔhene no soma nkurɔfoɔ* ma wɔkɔpa baako no kyɛw sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛtena wɔn ntam. 33 Saa ara na mo nso, monhunu sɛ, sɛ mo mu bi annya n’ahodeɛ nyinaa hɔ a, ɔrentumi nyɛ me suani.+
34 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ nkyene yɛ. Na sɛ nkyene dɛ* firi mu a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene?+ 35 Wontumi mfa mfra anwea, na wontumi mfa mfra ɔyɛ-asaase-yie. Wɔto gu abɔnten. Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+