Yohane Twerɛtohɔ
6 Weinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea Po* anaa Tiberia Po no agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛseɛ bi kɔɔ so dii n’akyi,+ ɛfiri sɛ wɔhuu anwanwadeɛ a ɔyɛ de saa ayarefoɔ yareɛ no.+ 3 Enti Yesu foro kɔɔ bepɔ bi so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Saa berɛ no, na Yudafoɔ afahyɛ a wɔfrɛ no Twam+ no abɛn. 5 Berɛ a Yesu maa n’ani so hunuu sɛ nnipadɔm kɛseɛ bi reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”+ 6 Nanso ɔkaa wei de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔnim deɛ ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: “Paanoo denare* 200 renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya ketewaa bi mpo.” 8 N’asuafoɔ no baako, Simon Petro nua Andrea ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ baali* paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu. Nanso nnipa bebrebe yi, wei bɛyɛ wɔn dɛn?”+
10 Yesu kaa sɛ: “Momma nkurɔfoɔ no ntenatena ase.” Ná serɛ pii wɔ hɔ, enti nnipa no tenatenaa ase. Ná wɔn dodoɔ bɛyɛ 5,000.+ 11 Ɛnna Yesu faa paanoo no, na berɛ a ɔdaa ase no, ɔkyekyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no. Saa ara nso na ɔyɛɛ mpataa nketewa no, na dodoɔ a wɔpɛ biara, wɔnyae. 12 Afei berɛ a wɔdidi meeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano, na biribiara ansɛe kwa.” 13 Enti wɔboaboaa ano. Na baali paanoo nnum a nkurɔfoɔ no diiɛ no, deɛ ɛkaa aseɛ no yɛɛ nkɛntɛn 12 mama.
14 Berɛ a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ampa, wei ne Odiyifoɔ a ɔreba wiase no.”+ 15 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔkye no yɛ no ɔhene. Enti ɔtwee ne ho,+ na ɔno nko ara+ kɔhyɛɛ bepɔ no so bio.
16 Ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ* ɛpo no ano,+ 17 na wɔforo tenaa kodoɔ bi mu sɛ wɔretwa po no akɔ Kapernaum. Saa berɛ no, na esum aba, nanso na Yesu mmaa wɔn nkyɛn.+ 18 Afei nso, na mframa rebɔ dendeenden, enti na ɛpo no rebu fa so.+ 19 Afei berɛ a wɔharee kodoɔ no bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa nnan* no, wɔhunuu sɛ Yesu nam po no so a ɔrebɛn kodoɔ no, na ehu kaa wɔn. 20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ me a; monnsuro!”+ 21 Afei wɔde anigyeɛ maa no bɛtenaa kodoɔ no mu, na ankyɛ koraa na kodoɔ no duruu asaase a wɔrekɔ so no so.+
22 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔkaa ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ. Na anka kodoɔ ketewa bi na ɛwɔ hɔ, nanso Yesu anka n’asuafoɔ no ho antena saa kodoɔ no mu, ɛfiri sɛ na n’asuafoɔ no nko ara kɔ. 23 Na akodoɔ firi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase maa wɔdii paanoo no nkyɛn hɔ baabi. 24 Enti berɛ a nnipadɔm no hunuu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ no mu biara nni hɔ no, wɔkɔtenatenaa wɔn akodoɔ mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.
25 Na berɛ a wɔhuu no wɔ ɛpo no agya no, wɔbisaa no sɛ: “Rabi,+ berɛ bɛn na wobaa ha?” 26 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a mohunuiɛ nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo a modi meeɛ+ no ntira. 27 Monnyɛ aduane a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduane a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa+ a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma. Ɛfiri sɛ ɔno na Agya no, Onyankopɔn ankasa, de n’ahyɛnsodeɛ atim ne so de akyerɛ sɛ wagye no atom.”+
28 Enti wɔbisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?” 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn adwuma ne sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adi.”+ 30 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛyɛ+ na ama yɛahunu na yɛagye wo adi? Ɛdeɛn na wobɛyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana wɔ serɛ so+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɔmaa wɔn paanoo a ɛfiri soro maa wɔdiiɛ.’”+ 32 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, Mose amma mo paanoo a ɛfiri soro; m’Agya mmom na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no. 33 Na Onyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro a ɔma wiase nkwa no.” 34 Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn saa paanoo yi bi daa.”
35 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na obiara a ɔgye me di no, sukɔm renne no da.+ 36 Na sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahu me, nanso monnye nni.+ 37 Wɔn a Agya no de wɔn ama me nyinaa bɛba me nkyɛn, na deɛ ɔba me nkyɛn no, merempamo no da;+ 38 ɛfiri sɛ mesiane firii soro baa+ sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ me ara m’apɛdeɛ.+ 39 Deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ na wɔn a ɔde wɔn ama me no, obiara anyera, na ɛda a ɛdi akyire no, manyane wɔn.+ 40 Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔgye Ɔba no tom, na ɔgye no die no bɛnya daa nkwa,+ na ɛda a ɛdi akyire no, mɛnyane no.”+
41 Afei Yudafoɔ no firii aseɛ kasakasaa sɛ Yesu aka sɛ: “Mene paanoo a ɛsiane firii soro no.”+ 42 Na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ɛnyɛ Yesu, Yosef ba a yɛnim ne papa ne ne maame no nie?+ Ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔreka sɛ, ‘Mesiane firii soro na ɛbaeɛ’ yi?” 43 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnyae akasakasa no. 44 Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no,+ na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.+ 45 Wɔatwerɛ wɔ Adiyifoɔ no mu sɛ: ‘Yehowa* bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’+ Obiara a watie Agya no, na wagye ne nkyerɛkyerɛ atom no ba me nkyɛn. 46 Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahunu Agya no;+ deɛ ɔfiri Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahunu Agya no.+ 47 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye di no wɔ daa nkwa.+
48 “Mene nkwa paanoo no.+ 49 Mo agyanom dii mana wɔ serɛ so, nanso wɔwuwui.+ 50 Wei ne paanoo a ɛsiane firii soro no, sɛ́ obiara nni bi, na wanwu. 51 Mene paanoo a ɛte ase a ɛsiane firii soro baeɛ no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na nokwasɛm ne sɛ, paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagyeɛ nti mede bɛma.”+
52 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ gyee akyinnyeɛ wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn ama yɛadi?” 53 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa wɔ mo mu.+ 54 Obiara a ɔdi me honam, na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no+ ɛda a ɛdi akyire no; 55 ɛfiri sɛ me honam yɛ aduane ankasa, na me mogya nso yɛ anonneɛ ankasa. 56 Obiara a ɔdi me honam na ɔnom me mogya no, ɔne me yɛ baako daa, na me nso me ne no yɛ baako.+ 57 Sɛdeɛ Agya a ɔte ase no somaa me, ná Agya no nti na mete ase no, saa ara na deɛ ɔdi me honam no, me nti, ɔno nso bɛtena ase.+ 58 Wei ne paanoo a ɛsiane firii soro baeɛ no. Ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ nanso wɔwuwuiɛ no. Obiara a ɔdi saa paanoo yi bi no, ɔbɛtena ase daa.”+ 59 Ɔkaa weinom berɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu* wɔ Kapernaum no.
60 Berɛ a n’asuafoɔ no mu pii tee wei no, wɔkaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hye; hwan na ɔbɛtumi atie?” 61 Nanso Yesu huu wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ no rekasakasa wɔ wei ho, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Wei to mo suntidua anaa? 62 Na sɛ mohunu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kane no+ nso ɛ? 63 Honhom no na ɛma nkwa;+ honam deɛ, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom, na ɛyɛ nkwa.+ 64 Nanso mo mu bi nnye nni.” Asɛm no ne sɛ, ɛfiri mfitiaseɛ no, na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie ne deɛ na ɔbɛyi no ama.+ 65 Ɔtoaa so kaa sɛ: “Wei nti na maka akyerɛ mo sɛ, obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no kwan.”+
66 Wei nti, n’asuafoɔ no bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyire no ho,+ na wɔne no annante bio. 67 Enti Yesu bisaa Dumienu no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” 68 Simon Petro buaa no sɛ: “Awurade, hwan nkyɛn na yɛnkɔ?+ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.+ 69 Yɛagye adi, na yɛabɛhunu sɛ wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no.”+ 70 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ me na meyii mo nnipa dumienu yi?+ Nanso mo mu baako yɛ dinsɛefoɔ.”*+ 71 Deɛ na ɔreka ne ho asɛm ankasa ne Yuda, Simon Iskariot ba no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Dumienu no mu baako+ deɛ, nanso na ɔrebɛyi no ama.