Mateo Twerɛtohɔ
11 Berɛ a Yesu maa n’asuafoɔ 12 no akwankyerɛ wieeɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no wɔ wɔn nkuro no mu.+
2 Na berɛ a Yohane da afiase+ a ɔtee nnwuma a Kristo reyɛ no, ɔsomaa n’asuafoɔ+ 3 kɔbisaa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?”+ 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka deɛ mote na mohunu no nkyerɛ Yohane sɛ:+ 5 Seesei anifirafoɔ hunu adeɛ,+ mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ+ nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asi te asɛm, wɔnyane awufoɔ, na wɔka asɛmpa no+ kyerɛ ahiafoɔ. 6 Anigyeɛ ne obi a ɔmma me ho biribiara nto no suntidua.”+
7 Berɛ a weinom nam kwan so rekɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Deɛn na mokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ?+ Demmire* a mframa rewoso no anaa?+ 8 Ɛnneɛ, deɛn na mopue kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa* anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaade pa no, wɔte ahemfie. 9 Deɛn nti koraa na mopueeɛ? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔsene odiyifoɔ mpo.+ 10 Wei ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu ama wo!’+ 11 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu no, obiara mmaeɛ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane Suboni; nanso deɛ ɔsua wɔ ɔsoro Ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.+ 12 Ɛfiri Yohane Suboni berɛ so bɛsi nnɛ no, ɔsoro Ahennie no ne botaeɛ a nnipa repere aduru ho, na wɔn a wɔyere wɔn ho dendeenden no nsa ka.+ 13 Ɛfiri sɛ Adiyifoɔ no ne Mmara no nyinaa hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so.+ 14 Na sɛ mobɛgye atom a, ɔno ne ‘Elia a ɔreba no.’+ 15 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.
16 “Hwan na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtoto ne ho?+ Ɛte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa so a wɔreteam frɛ wɔn mfɛfoɔ 17 sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansa; yɛsui na yɛteateaam, nanso moanni awerɛhoɔ.’* 18 Saa ara nso na Yohane baeɛ no, wannidi na wannom, na nkurɔfoɔ se, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 19 Onipa Ba no aba; ɔdidi na ɔnom,+ nanso nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ* ne kɔwensani, wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.’+ Nanso, nyansa nam ne nnwuma so* di bem.”*+
20 Afei ɔfirii aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ n’anwanwadeɛ dodoɔ no ara wom no anim, ɛfiri sɛ wɔansakra: 21 “Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afirafira awerɛhoɔ ntoma* atenatena nsõ mu+ dadaada. 22 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛbɛto mo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon.+ 23 Na wo Kapernaum,+ wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Adamena* mu na wobɛsiane akɔ;+ ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a wɔyɛɛ wɔ wo mu no, sɛ wɔyɛɛ wɔ Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi. 24 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛbɛto wo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Sodom asaase no.”+
25 Saa berɛ no, Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa.+ 26 O Agya, ɛyɛ ampa, ɛfiri sɛ wei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani. 27 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa,+ na obiara nnim Ɔba no yie gye Agya no,+ na saa ara nso na obiara nnim Agya no yie gye Ɔba no, ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.+ 28 Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. 29 Momfa me kɔndua nto mo ho so na monsua me, ɛfiri sɛ medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu,+ na mobɛnya home.* 30 Ɛfiri sɛ me kɔndua soa nyɛ den na m’adesoa yɛ hare.”