Mateo Twerɛtohɔ
13 Saa da no, Yesu firii fie hɔ kɔtenaa mpoano. 2 Na nnipadɔm bebree bɛtwaa ne ho hyiae, enti ɔkɔforoo kodoɔ tenaa mu, na na nnipadɔm no nyinaa gyinagyina mpoano hɔ.+ 3 Afei ɔde mfatoho kaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Hwɛ! Ogufoɔ bi kɔɔ sɛ ɔrekɔgu aba.+ 4 Berɛ a ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa bɛdii.+ 5 Ebi nso kɔguu baabi a abotan wɔ a dɔteɛ pii nnie, na ɛsiane sɛ dɔteɛ pii nni hɔ nti, ntɛm ara na ɛfifiiɛ.+ 6 Nanso berɛ a awia pueeɛ no, ɛhyee no, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ. 7 Ebi kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyinii, na ɛmiaa no.+ 8 Na ebi nso kɔguu asaase pa mu, na ɛfirii aseɛ soo aba; ebi mmɔho 100, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 30.+ 9 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.”+
10 Enti asuafoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wode mfatoho kasa kyerɛ wɔn?”+ 11 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm kronkron no ase,+ na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn. 12 Na obiara a ɔwɔ nteaseɛ no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho, na deɛ ɔnni nteaseɛ no deɛ, nteaseɛ kakra a ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn bɛgye afiri ne nsam.+ 13 Wei nti na mede mfatoho kasa kyerɛ wɔn; ɛfiri sɛ wɔhwɛ deɛ, nanso wɔhwɛ no kwa, na wɔte deɛ, nanso wɔte no kwa, na wɔnte aseɛ.+ 14 Na wɔn so na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu. Ɛka sɛ: ‘Te deɛ mobɛte nanso morente aseɛ; hwɛ deɛ mobɛhwɛ nanso morenhunu.+ 15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa. Wɔakata wɔn ani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhunu da, na wɔremfa wɔn aso ntie, na wɔremfa wɔn akoma nte aseɛ, na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.’+
16 “Nanso anigyeɛ ne mo ani, ɛfiri sɛ ɛhunu adeɛ, ne mo aso, ɛfiri sɛ ɛte asɛm.+ 17 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛ sɛ wɔhunu nneɛma a seesei mohunu yi, nanso wɔanhunu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.
18 “Afei montie deɛ ogufoɔ ho mfatoho no kyerɛ.+ 19 Obiara a ɔte Ahennie no ho asɛm na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no+ ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; wei ne deɛ ɛkɔguu kwankyɛn no.+ 20 Na deɛ ɛkɔguu abotan so no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye tom ntɛm ara.+ 21 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni nhini biara nti, ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti ɔhunu amane anaa wɔtan n’ani a, ɛto no suntidua ntɛm ara. 22 Na deɛ ɛkɔguu nkasɛɛ mu no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, nanso wiase yi* mu dadwene+ ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.+ 23 Na deɛ ɛkɔguu asaase pa mu no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no na ɔte aseɛ, na ɔso aba ankasa; ebi 100, ebi 60, na ebi nso 30.”+
24 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔduaa hwiit* wɔ n’afuo mu. 25 Berɛ a nnipa adeda no, ne tamfo bae, na ɔbɛduaa nwura bɔne wɔ hwiit no mu, na ɔgyaa hɔ kɔe. 26 Berɛ a ɛyiyii ahaban na ɛsoo aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi. 27 Enti efiewura no nkoa bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɛnyɛ hwiit* na woduaa wɔ w’afuo no mu? Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na nwura bɔne aba mu yi?’ 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa.’+ Nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu anaa?’ 29 Ɔkaa sɛ, ‘Daabi, ɛfiri sɛ anhwɛ a, berɛ a moretutu nwura bɔne no, mobɛtutu hwiit no afra. 30 Momma mmienu no nyinaa nnyini nkɔsi twaberɛ, na twaberɛ duru a, mɛka akyerɛ atwafoɔ no sɛ: Monni kan ntutu nwura bɔne no na monkyekyere no atifi atifi nkɔhye; afei mommoaboa hwiit no ano ngu m’adekoradan mu.’”+
31 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ sinapi aba a obi fa kɔduaa n’afuo mu.+ 32 Deɛ ɛwom ne sɛ, ɛno ne aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa, nanso sɛ ɛnyini a, ɛba bɛyɛ afifideɛ* mu deɛ ɛsõ sene biara, na ɛbɛyɛ dua ma wiem nnomaa bɛtena ne mman so.”
33 Ɔsan maa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔka* a ɔbaa bi de fraa esiam bɛyɛ olonka nson ne fã* kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”+
34 Yesu de mfatoho na ɛkaa weinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm no. Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho,+ 35 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Mfatoho na mede bɛkasa; mɛpae mu aka nsɛm a ahinta firi mfitiaseɛ no.”*+
36 Afei ɔgyaa nnipadɔm no kwan, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ afuo mu nwura bɔne ho mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 37 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔduaa hwiit* no ne onipa Ba no; 38 afuo no ne wiase.+ Hwiit* no ne Ahennie mma no; nwura bɔne no ne ɔbɔnefoɔ no mma,+ 39 na ɔtamfo a ɔguiɛ no ne Ɔbonsam. Twaberɛ no ne wiase* awieeɛ berɛ, na atwafoɔ no ne abɔfoɔ. 40 Enti, sɛdeɛ wɔtutu nwura bɔne no de egya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase yi* awieeɛ berɛ mu.+ 41 Onipa Ba no bɛsoma n’abɔfoɔ, na wɔbɛboaboa biribiara a ɛto suntidua ne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne* ano afiri n’Ahennie no mu, 42 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo no mu.+ Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.* 43 Saa berɛ no, ateneneefoɔ bɛhyerɛn paa sɛ awia+ wɔ wɔn Agya Ahennie mu. Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.
44 “Ɔsoro Ahennie te sɛ agyapadeɛ* bi a wɔde ahinta wuram a obi kɔhunuiɛ na ɔde sieeɛ. Anigyeɛ a ɔnyaeɛ nti, ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ saa asaase no.+
45 “Bio nso, ɔsoro Ahennie te sɛ odwadini bi a ɔtu kwan kɔhwehwɛ abohene. 46 Berɛ a ɔhuu abohene baako a ne bo yɛ den no, ɔkɔe, na ntɛm ara ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔkɔtɔe.+
47 “Bio nso, ɔsoro Ahennie te sɛ asau a wɔgyaa guu po mu maa ɛyii mpataa ahodoɔ nyinaa bi. 48 Berɛ a ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa papa no+ ano guu adeɛ mu, na deɛ ɛnyɛ+ no deɛ, wɔto guiɛ. 49 Sɛ wiase* awieeɛ berɛ no duru a, saa ara na ɛbɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛkɔ akɔyiyi abɔnefoɔ afiri ateneneefoɔ mu, 50 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo no mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.”*
51 Ɔbisaa sɛ: “Motee weinom nyinaa ase anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Aane.” 52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfoɔ biara a wɔakyerɛ no ɔsoro Ahennie ho adeɛ no, ɔte sɛ efiewura bi a ɔyi nneɛma firi ɛdan a ɔde n’agyapadeɛ sie mu no mu. Ɔyi nneɛma foforɔ ne dada nyinaa pue.”
53 Berɛ a Yesu maa mfatoho ahodoɔ yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔe. 54 Na berɛ a ɔkɔɔ ne kurom no,+ ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne tumi a ɔde yɛ anwanwadeɛ yi?+ 55 Ɛnyɛ kapenta no ba no nie?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria no, na ne nua mmarima nso, wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda anaa?+ 56 Na ne nua mmaa nso, ɛnyɛ yɛne wɔn nyinaa na ɛwɔ ha? Ɛnneɛ ɛhe na ɔnyaa weinom nyinaa firiiɛ?”+ 57 Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn.+ Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔdi odiyifoɔ ni baabiara, gye ne kurom ne ɔno ara ne fie.”+ 58 Na ɛsiane sɛ wɔnni gyidie nti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.