Mateo Twerɛtohɔ
9 Enti ɔforoo kodoɔ no, na ɔtwa kɔɔ ɔno ara ne kurom.*+ 2 Na hwɛ! na wɔde obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no. Berɛ a Yesu huu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam! Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 3 Ɛnna atwerɛfoɔ bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na moredwene bɔne mo akoma mu?+ 5 Mohwɛ a, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante’?+ 6 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 7 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ ne fie. 8 Berɛ a nnipadɔm no huu wei no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no animuonyam.
9 Afei, berɛ a Yesu refiri hɔ akɔ no, ɔhuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mateo sɛ ɔte baabi a wɔgyegye toɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” Ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ, na ɔdii n’akyi.+ 10 Akyire yi, berɛ a ɔredidi* wɔ fie hɔ no, hwɛ! wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree bae, na wɔfirii aseɛ ne Yesu ne n’asuafoɔ no didiiɛ.*+ 11 Na berɛ a Farisifoɔ no huu wei no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ no ne wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi?”+ 12 Berɛ a ɔtee deɛ wɔreka no, ɔkaa sɛ: “Nnipa a wɔte apɔ no nhia ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyare na wɔhia.+ 13 Afei monkɔ na monkɔsua deɛ wei kyerɛ: ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’+ Na mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.”
14 Afei Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no yɛ akɔnkyene* na w’asuafoɔ no nyɛ akɔnkyene?”+ 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Nanso berɛ bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn,+ ɛno na afei wɔbɛyɛ akɔnkyene. 16 Obiara nni hɔ a ɔde ntoma foforɔ tare ataadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntoma foforɔ no bɛte afiri ataadeɛ no mu, na ataadeɛ no bɛte kɛse akyɛn kane no.+ 17 Saa ara nso na nkurɔfoɔ mfa bobesa foforɔ ngu nsã kotokuo dada mu. Sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotokuo no pae ma nsã no hwie gu, na nsã kotokuo no sɛe. Mmom no, wɔde bobesa foforɔ gu nsã* kotokuo foforɔ mu na abɔ mmienu no nyinaa ho ban.”
18 Berɛ a ɔreka weinom akyerɛ wɔn no, hwɛ! ɔpanin* bi a na waba hɔ bɛkotoo no kaa sɛ: “Saa berɛ yi deɛ, ɛbɛyɛ sɛ me babaa no awu; nanso bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ɔbɛba nkwa mu.”+
19 Ɛnna Yesu sɔreeɛ, na ɔne n’asuafoɔ no dii n’akyi. 20 Na hwɛ! ɔbaa bi a mogya atu no+ mfeɛ 12 faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano.+ 21 Deɛ na ɔreka wɔ ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataadeɛ ngugusoɔ no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” 22 Yesu danee ne ho, na ɔhuu no no, ɔkaa sɛ: “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam! Wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ Na saa berɛ no ara, ɔbaa no ho tɔɔ no.+
23 Afei, berɛ a Yesu baa ɔpanin* no fie, na ɔhuu wɔn a wɔrebɔ atɛntɛbɛn ne nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye no,+ 24 Yesu kaa sɛ: “Momfiri ha, na abaayewa no nwui, na mmom wada.”+ Ɔkaa saa no, wɔfirii aseɛ seree no. 25 Berɛ a nnipadɔm no firii adi ara pɛ, ɔkɔɔ baabi a abaayewa no da no kɔsɔɔ ne nsa,+ na abaayewa no sɔree.+ 26 Nokorɛm no, wei ho asɛm trɛ kɔɔ mpɔtamu hɔ nyinaa.
27 Berɛ a Yesu firii hɔ a ɔrekɔ no, anifirafoɔ mmienu+ dii n’akyi teateaam sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.” 28 Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn, na Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mowɔ gyidie sɛ mɛtumi ayɛ wei?”+ Wɔbuaa no sɛ: “Aane, Awurade.” 29 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani+ kaa sɛ: “Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo.” 30 Na wɔn ani hunuu adeɛ. Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn dendeenden sɛ: “Monhwɛ na obiara ante ho asɛm.”+ 31 Nanso berɛ a wɔpuee abɔnten no, wɔmaa mpɔtamu hɔfoɔ nyinaa tee ne ho asɛm.
32 Berɛ a wɔrefiri hɔ no, hwɛ! nkurɔfoɔ de mum bi a ɔwɔ honhommɔne brɛɛ no.+ 33 Na berɛ a ɔtuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae.+ Ɛmaa nnipadɔm no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Wɔnhuu biribi a ɛte sei da wɔ Israel.”+ 34 Nanso Farisifoɔ no kaa sɛ: “Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɛtu ahonhommɔne.”+
35 Na Yesu kɔkyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa Ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa bi.+ 36 Berɛ a ɔhuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ sɛ nnwan a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ a wɔnni hwɛfoɔ.+ 37 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, afuo no mu nnɔbaeɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua.+ 38 Enti monsrɛ afuo Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfoɔ mmɛtwa ne nnɔbaeɛ no bi.”+