Mateo Twerɛtohɔ
15 Ɛnna Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ firii Yerusalem baa Yesu nkyɛn+ bɛkaa sɛ: 2 “Adɛn nti na w’asuafoɔ no bu nananom amammerɛ* so? Sɛ wɔrebɛdidi sei a, wɔnhohoro wɔn nsa.”*+
3 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo nso, adɛn nti na mo amammerɛ nti mobu Onyankopɔn ahyɛdeɛ so?+ 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+ 5 Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a mɛtumi de aboa wo no, ɛyɛ akyɛdeɛ a mahyira so ama Onyankopɔn” no,+ 6 ɛnhia sɛ ɔdi ne papa ni koraa.’ Ɛno nti, mode mo amammerɛ asɛe Onyankopɔn asɛm.+ 7 Nyaatwomfoɔ, ɛfata sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:+ 8 ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. 9 Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’”+ 10 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipadɔm no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie na monte aseɛ:+ 11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ onipa anom na ɛgu ne ho fĩ, na mmom deɛ ɛfiri onipa anom ba na ɛgu ne ho fĩ.”+
12 Afei asuafoɔ no bɛbisaa no sɛ: “Berɛ a Farisifoɔ no tee deɛ wokaeɛ no, wonim sɛ ɛtoo wɔn suntidua?”+ 13 Ɔbuaa sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu. 14 Monnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ. Na sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwan a, wɔn mmienu nyinaa bɛhwe amena mu.”+ 15 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 16 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Enti mo nso, monnya ntee aseɛ?+ 17 Monnim sɛ biribiara a ɛkɔ onipa anom no, ɛkɔ ne yam, na ɛfiri ne nipadua mu kɔgu tiafi mu anaa? 18 Nanso deɛ ɛfiri onipa anom ba no firi akoma no mu, na saa nneɛma no na ɛgu onipa ho fĩ.+ 19 Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, akoma no mu na adwemmɔne firi ba:+ awudie, awaresɛeɛ, adwamammɔ,* korɔno, adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,* ne abususɛm. 20 Weinom ne nneɛma a ɛgu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa* na ɔdidi a, ɛngu ne ho fĩ.”
21 Afei Yesu firii hɔ, na ɔkɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtamu.+ 22 Na hwɛ! Foinikeni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteaam sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ. Ahonhommɔne reteetee me babaa dodo.”+ 23 Nanso wanka hwee ankyerɛ no. Enti n’asuafoɔ no bɛsrɛɛ no sɛ: “Ma no nkɔ, na tea ara na ɔreteateam di yɛn akyi.” 24 Ɔbuaa sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn, gye Israel fie nnwan a wɔayera no.”+ 25 Na ɔbaa no ba bɛkotoo no kaa sɛ: “Awurade, boa me!” 26 Ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.” 27 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade, nanso deɛ ɛwom ne sɛ, nkraman mma no di paanoo a aporoporo afiri wɔn wuranom pono so agu fam no bi.”+ 28 Afei Yesu buaa no sɛ: “O ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ hɔ mma wo sɛdeɛ wopɛ.” Na ɛfiri saa berɛ no ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
29 Berɛ a Yesu firii hɔ no, ɔbaa Galilea Po ho,+ na berɛ a ɔforoo bepɔ no, ɔtenaa ase. 30 Ɛnna nnipadɔm pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifirafoɔ, mum, ne afoforɔ pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yareɛ.+ 31 Berɛ a nnipa no huu sɛ mum rekasa na mpakye renante na anifirafoɔ hunu adeɛ no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.+
32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn nnansa nie, na wɔnni hwee a wɔbɛdie. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakɔtwitwa ahwe wɔ kwan so.”+ 33 Nanso asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabi a ate ne ho sei deɛ, ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nnipadɔm bebrebe yi?”+ 34 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Wɔkaa sɛ: “Nson, ne mpataa kakraa bi.” 35 Enti, ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. 36 Afei ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na berɛ a ɔdaa Onyankopɔn ase wieeɛ no, ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 37 Na wɔn nyinaa di mee. Na berɛ a wɔsesaa aseɛ mporoporowaa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛseɛ nson mama.+ 38 Wɔn a wɔdii bi no yɛ mmarima 4,000; wɔankan mmaa ne mmɔfra nkumaa no anka ho. 39 Ɛnna ɔmaa nnipadɔm no kɔeɛ, na ɔtenaa kodoɔ no mu baa Magadan mpɔtamu.+