Luka Twerɛtohɔ
8 Wei akyi berɛ tiaa bi no, ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛmpa.+ Ná Dumienu no ka ne ho, 2 ɛne mmaa bi a na wasa wɔn yareɛ, ne wɔn a na watu ahonhommɔne afiri wɔn so. Saa mmaa yi ne: Maria a wɔfrɛ no Magdalene, deɛ ahonhommɔne nson firii ne mu pueeɛ no, 3 ɛne Yoana,+ Herode fie so panin Kusa yere no, ne Susana ne mmaa foforɔ pii a na wɔde wɔn ahodeɛ resom wɔn no.+
4 Afei nnipadɔm kɛseɛ bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkuro nkuro so no ho, na ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufoɔ bi kɔɔ sɛ ɔrekɔgu n’aba. Berɛ a ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn maa nkurɔfoɔ tiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛdii.+ 6 Ebi kɔguu ɔbotan so, na ɛfifii, nanso ɛsiane sɛ annya nsuo nti, ɛwui.+ 7 Ebi kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no ne no nyinii, na ɛmiaa no.+ 8 Na ebi nso kɔguu asaase pa mu. Berɛ a ɛfifiiɛ no, ɛsoo aba mmɔho 100.”+ Berɛ a ɔkaa weinom no, ɔmaa ne nne so kaa sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+
9 Na n’asuafoɔ no bisaa no deɛ mfatoho yi kyerɛ.+ 10 Ɔkaa sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no deɛ, mfatoho na wɔde ka kyerɛ wɔn.+ Enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ.+ 11 Afei deɛ mfatoho no kyerɛ nie: Aba no ne Onyankopɔn asɛm.+ 12 Deɛ ɛkɔguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso Ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni annya nkwa.+ 13 Deɛ ɛkɔguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigyeɛ gye tom, nanso weinom nni nhini. Wɔgye di, nanso ɛnkyɛ; ɛduru sɔhwɛ berɛ a, na wɔagyae.+ 14 Deɛ ɛkɔguu nkasɛɛ mu no, weinom ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso asetena yi mu dadwene ne ahonyadeɛ+ ne anigyeɛ+ twetwe wɔn, na ɛmia wɔn koraa ma enti aba a wɔso no ntumi nnyini nwie.+ 15 Na deɛ ɛkɔguu asaase pa mu no deɛ, weinom ne wɔn a wɔde akoma pa+ a emu teɛ tie asɛm no, na wɔde sie wɔn akoma mu, na wɔde animia so aba.+
16 “Obiara nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde adeɛ kata so anaasɛ ɔde si mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahunu hann+ no. 17 Na biribiara nni hɔ a ahinta a ɛrenna adi, na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrempue na ɛremma petee mu.+ 18 Enti monhwɛ sɛdeɛ motie asɛm yie; na obiara a ɔwɔ nteaseɛ no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho,+ na deɛ ɔnni nteaseɛ no deɛ, nteaseɛ kakra a ɔsusu sɛ ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn bɛgye afiri ne nsam.”+
19 Afei Yesu maame ne ne nua mmarima+ baa ne nkyɛn, nanso nnipadɔm+ no nti, wɔantumi annuru baabi a ɔwɔ no. 20 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wɔhu wo.” 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me maame ne me nua mmarima ne weinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so no.”+
22 Da bi, ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ tadeɛ no agya.” Enti wɔsiim kɔe.+ 23 Na berɛ a wɔwɔ nsuo no so no, ɔdae. Ɛnna mframa kɛseɛ bi bɔ faa tadeɛ no so, na nsuo firii aseɛ bu faa wɔn kodoɔ no so maa anka wɔreyɛ amem.+ 24 Enti wɔkɔnyanee no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛrebɛwuwu!” Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔteateaa mframa no ne nsuo a ɛrebu fa so no, na ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.+ 25 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo gyidie wɔ he?” Nanso ehu kaa wɔn, na wɔn ho dwirii wɔn, na wɔbisaa wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie? Ɔtumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma wɔtie no.”+
26 Na wɔde kodoɔ no kɔduruu mpoano wɔ Gerasafoɔ asaase so,+ baabi a ɛne Galilea di nhwɛanimu, na wɔgyinae. 27 Berɛ a Yesu sii fam no, ɔbarima bi a ɔfiri kurom hɔ a ahonhommɔne wɔ ne so bɛhyiaa no. Ná ɔhyɛɛ ataadeɛ akyɛ paa, na na ɔnte fie, mmom, na ɔte asieeɛ.*+ 28 Berɛ a ɔhuu Yesu no, ɔteaam, na ɔkotoo n’anim. Afei ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Deɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Mesrɛ wo, nha me.”+ 29 (Ná Yesu aka akyerɛ honhom fĩ no sɛ ɔmfiri ɔbarima no mu. Ná honhom no taa kɔhyɛ ɔbarima no mu,+ na na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, na wɔwɛn no. Nanso na ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na honhommɔne no twe no kɔ baabi a obiara nni.) 30 Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” Ɔkaa sɛ: “Asafodɔm,” ɛfiri sɛ na ahonhommɔne pii hyɛ ne mu. 31 Na wɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔmmfiri ne mu nnkɔ amena donkodonko no mu.+ 32 Saa berɛ no, ná mprako pii+ wɔ bepɔ no so a wɔredidi. Enti wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔhyɛ mprako no mu. Na ɔmaa wɔn kwan.+ 33 Enti ahonhommɔne no pue firii ɔbarima no mu, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na mprako no de mmirika firii bepɔ no so kɔguu tadeɛ no mu, na wɔwuwui. 34 Berɛ a wɔn a wɔhwɛ mmoa no hunuu deɛ asie no, wɔdwane kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne ne nkuraaseɛ.
35 Ɛnna nkurɔfoɔ baa sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ asie. Na wɔbaa Yesu nkyɛn bɛhuu ɔbarima a ahonhommɔne afiri ne mu no sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nan ase a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 36 Na wɔn a wɔhuu deɛ ɛsiiɛ no kaa deɛ ɛyɛeɛ a ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no ho tɔɔ no no kyerɛɛ nkurɔfoɔ no. 37 Enti nnipadɔm a wɔfiri Gerasafoɔ nsaase a ɛbembɛn hɔ no so no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Ɛnna ɔtenaa kodoɔ no mu siim sɛ ɔrekɔ. 38 Na ɔbarima a ahonhommɔne firii ne mu no kɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔne no bɛkɔ, nanso ɔmaa ɔbarima no sanee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 39 “San kɔ fie, na kɔ so ka deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo.” Enti ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkaa deɛ Yesu ayɛ ama no no wɔ kuro no mu nyinaa.
40 Berɛ a Yesu san baeɛ no, nnipadɔm no gyee no fɛ so, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa rehwɛ no kwan.+ 41 Na hwɛ! ɔbarima bi a ne din de Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin bae. Na ɔkotoo Yesu nan ase, na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie,+ 42 ɛfiri sɛ na ne babaa baako pɛ* a wadi bɛyɛ mfe 12 reyɛ awu.
Berɛ a Yesu rekɔ no, nnipadɔm no kyeree ne so. 43 Ná ɔbaa bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfeɛ 12, na na obiara ntumi nsaa no yareɛ.+ 44 Ɔbaa no faa Yesu akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano,+ na amonom hɔ ara, mogya no twae. 45 Enti Yesu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?” Obiara kaa sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛnna Petro kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho,* na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kaa sɛ: “Obi de ne nsa aka me; mahunu sɛ tumi+ afiri me mu kɔ.” 47 Berɛ a ɔbaa no huu sɛ Yesu ahu no no, ɔde ahopopoɔ bɛkotoo n’anim. Na ɔkaa deɛ enti a ɔde ne nsa kaa no, ɛne sɛdeɛ ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ.”+
49 Na Yesu gu so rekasa no, hyiadan mu panin no nanmusini bi bɛkaa sɛ: “Wo babaa no awu; nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”+ 50 Berɛ a Yesu teeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro. Wo deɛ, nya gyidie, na wo babaa no bɛnya nkwa.”+ 51 Berɛ a ɔduruu fie hɔ no, wamma obiara ne no anwura hɔ gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abaayewa no papa ne ne maame. 52 Nanso na nkurɔfoɔ resu abaayewa no, na na wɔde awerɛhoɔ repempem wɔn koko. Enti ɔkaa sɛ: “Monnyae su,+ ɔnwui na mmom wada.”+ 53 Ɔkaa saa no, wɔfirii aseɛ seree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu. 54 Ɛnna ɔsɔɔ abaayewa no nsa, na ɔkaa sɛ: “Abaayewa, sɔre!”+ 55 Na nkwa*+ san baa ne mu, na ntɛm ara ɔsɔree.+ Na Yesu kaa sɛ wɔmma abaayewa no biribi nni. 56 Na n’awofoɔ ani gye boroo so, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka deɛ asie no nnkyerɛ obiara.+