Luka Twerɛtohɔ
19 Na Yesu kɔɔ Yeriko, na na ɔnam kuro no mu. 2 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Sakeo. Ná ɔyɛ wɔn a wɔgyegye toɔ no mpanimfoɔ no baako, na na ɔyɛ sikani. 3 Ná ɔpɛ sɛ ɔhu Yesu, nanso nnipadɔm no nti, na ɔntumi, ɛfiri sɛ na ɔyɛ onipa tiatia. 4 Enti ɔtuu mmirika dii wɔn anim kɔforoo sikamɔɔ dua* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu Yesu, ɛfiri sɛ na Yesu rebɛtwam afa saa kwan no so. 5 Berɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam, ɛfiri sɛ wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.” 6 Ɛno nti, ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ gyee no kɔɔ ne fie sɛ ne hɔhoɔ. 7 Na berɛ a nkurɔfoɔ no hunuiɛ no, wɔn nyinaa kasakasaa sɛ: “Ɔbarima debɔneyɛfoɔ yi na wakɔsoɛ ne fie.”+ 8 Na Sakeo sɔre gyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Awurade, hwɛ! mede m’ahodeɛ fã bɛma ahiafoɔ, na biribiara a masisi nkurɔfoɔ agye no,* mɛbɔ ho mprɛ nnan ama wɔn.”+ 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ, nkwagyeɛ aba fie ha, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. 10 Na onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera, na wagye wɔn.”+
11 Berɛ a wɔretie weinom no, ɔsan maa mfatoho bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɔduru hɔ pɛ, Onyankopɔn Ahennie no bɛba.+ 12 Enti ɔkaa sɛ: “Ɔdehyeɛ bi tuu kwan kɔɔ asaase bi so wɔ akyirikyiri+ sɛ ɔrekɔpɛ tumi a ɔde bɛdi hene* na wasan aba. 13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa du maa wɔn mmɛnnaa* du ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nyɛ adwuma nkɔsi sɛ mɛba.’+ 14 Nanso na ne manfoɔ tan no, na wɔsomaa nnipa kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ saa ɔbarima yi di yɛn so hene.’
15 “Berɛ a ɔnyaa tumi a ɔde bɛdi hene no,* ɔsan bae, na ɔfrɛɛ nkoa a ɔmaa wɔn sika* no sɛ wɔmmɛkyerɛ deɛ wɔde ayɛ adwuma anya.+ 16 Enti deɛ ɔdi kan no bae, na ɔbɛkaa sɛ: ‘Owura, manya mmɛnnaa du aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 17 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Ɛsiane sɛ woadi ade ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi.’+ 18 Afei deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Owura, manya mmɛnnaa nnum aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 19 Ɔka kyerɛɛ wei nso sɛ, ‘Wo nso, di nkuro nnum so.’ 20 Na ɔfoforɔ bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntoma mu no nie. 21 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ná misuro wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa deɛ womfa nsieeɛ, na wotwa deɛ wonguiɛ.’+ 22 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo ankasa w’anom asɛm so na mebu wo atɛn. Sɛ́ wonim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa deɛ memfa nsieeɛ, na metwa deɛ menguiɛ?+ 23 Ɛnneɛ adɛn nti na woamfa me sika* no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, mɛgye na magye nsiho aka ho.’
24 “Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, ‘Monnye bɛnnaa no mfiri ne nsam, na momfa mma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.’+ 25 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!’— 26 ‘Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔnni bi no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a na wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no mmra ha, na mommɛkunkum wɔn wɔ m’anim.’”
28 Berɛ a ɔkaa weinom wieeɛ no, ɔsiim a na ɔreforo akɔ Yerusalem. 29 Na berɛ a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔ a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔ*+ no so no, ɔsomaa asuafoɔ no mu mmienu.+ 30 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no, na momfa no mmra ha. 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresane no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’” 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no kɔe, na wɔkɔhuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na berɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresane afunumu ba no?” 34 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Awurade hia no.” 35 Na wɔde afunumu ba no kɔmaa Yesu, na wɔtotoo wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu ne so, na Yesu tenaa ne so.+
36 Berɛ a Yesu rekɔ no, wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu.+ 37 Berɛ a ɔbɛn kwan a ɛsiane firi Ngodua Bepɔ no so pɛ, asuafoɔ bebrebe no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie, na ɛsiane anwanwadeɛ* a na wɔahunu no nyinaa nti, wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 38 Wɔkaa sɛ: “Nhyira ne deɛ ɔreba sɛ Ɔhene wɔ Yehowa* din mu! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ ɔsorosoro nohoa!”+ 39 Nanso, Farisifoɔ bi a wɔwɔ nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim.”+ 40 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ weinom mua wɔn ano mpo a, aboɔ bɛteam.”
41 Na berɛ a ɔbɛn Yerusalem no, ɔhwɛɛ kuro no, na ɔsuu kuro no.+ 42 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wo, sɛ ɛnnɛ, anka wonim deɛ ɛbɛma woanya asomdwoeɛ a! Nanso seesei deɛ, wɔde asie wo.+ 43 Ɛfiri sɛ berɛ bi bɛba a w’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛtwa wo ho ahyia te sɛ ɔfasuo, na wɔbɛka wo ahyem, na wɔbɛfiri afã nyinaa abɛto ahyɛ wo so.+ 44 Na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennya ɛboɔ a ɛda boɔ so wɔ wo mu,+ ɛfiri sɛ berɛ a wɔbɛhwɛɛ wo no, woanhunu.”
45 Afei ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ pamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma no,+ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+
47 Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ da biara wɔ asɔrefie hɔ. Nanso, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no ne nnipa no mu atitire no pɛ sɛ wɔku no;+ 48 nso wɔannya kwan biara a wɔbɛfa so ayɛ saa, ɛfiri sɛ nnipa no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.+