Mateo Twerɛtohɔ
22 Yesu de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: 2 “Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo pono maa ne babarima a ɔrehyia ayeforɔ.+ 3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforɔhyia apontoɔ no ase, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔba.+ 4 Ɔsan somaa nkoa foforɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduane, makum m’anantwie ne me nyɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ, na mawie biribiara. Mommra ayeforɔhyia apontoɔ no ase.”’ 5 Nanso wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ammua, na obiara kɔɔ ne baabi; baako kɔɔ n’afuo mu, ɔfoforɔ kɔdii ne dwa,+ 6 na wɔn a wɔaka no kyee nkoa no dwoodwoo wɔn, na wɔkunkum wɔn.
7 “Na ɔhene no bo fui, na ɔsomaa n’asraafoɔ maa wɔkɔkunkum awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.+ 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Ayeforɔhyia apontoɔ no aduru so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata.+ 9 Enti monkɔ kuro no akwantempɔn so, na obiara a mobɛhu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforɔhyia apontoɔ no ase.’+ 10 Ɛnna nkoa no kɔɔ akwantempɔn no so, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔhuu wɔn, abɔnefoɔ ne apapafoɔ nyinaa. Na nnipa a na wɔredidi* no yɛɛ ayeforɔhyia dan no mã.
11 “Berɛ a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔhuu obi wɔ hɔ a ɔnhyɛ ataadeɛ a wɔde kɔ ayeforɔ. 12 Enti ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ataadeɛ a yɛde kɔ ayeforɔ yi?’ Afei na ɔntumi nkasa. 13 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa, na monto no ntwene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.’*
14 “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn no yɛ kakraa bi.”
15 Afei Farisifoɔ no kɔbɔɔ pɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 16 Enti wɔsomaa wɔn asuafoɔ ne Herode akyidifoɔ+ kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ; wonhwehwɛ obiara anim animuonyam, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim. 17 Enti ka kyerɛ yɛn, wodwene ho sɛn? Mmara ma kwan* sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 18 Nanso ɛsiane sɛ na Yesu ahunu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? 19 Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔde denare* brɛɛ no. 20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ nie?” 21 Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔgyaa no hɔ kɔe.
23 Saa da no, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom nson* na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no waree na ɔwui, na ɛsiane sɛ na ɔnni ba nti, ɔgyaa ne yere no maa ne nua. 26 Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii deɛ ɔtɔ so nson no so. 27 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. 28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no bi.”
29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomsoɔ, ɛfiri sɛ monnim Twerɛnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi;+ 30 owusɔreɛ mu no, mmarima renware, na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro.+ 31 Ɛdefa owusɔreɛ ho no, monkenkanee deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkaa sɛ: 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ.”+ 33 Berɛ a nnipadɔm no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwanwa.+
34 Berɛ a Farisifoɔ no tee sɛ wama Sadukifoɔ no aka wɔn ano atom no, wɔboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. 35 Na wɔn mu baako a ɔnim Mmara no yie bisaa no asɛm de sɔɔ no hwɛe. Ɔbisaa no sɛ: 36 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mmara no mu ahyɛdeɛ bɛn na ɛho hia paa?”+ 37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 38 Wei ne ahyɛdeɛ a ɛho hia paa, ne deɛ ɛdi kan. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40 Mmara no nyinaa ne Adiyifoɔ no gyina ahyɛdeɛ mmienu yi so.”+
41 Berɛ a na Farisifoɔ no aboa wɔn ho ano no, Yesu bisaa wɔn sɛ:+ 42 “Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kaa sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase.”’+ 45 Enti sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+ 46 Na obiara antumi anyi no ano, na ɛfiri saa da no, obiara antumi ammisa no hwee bio.