Marko Twerɛtohɔ
11 Afei berɛ a wɔrebɛn Yerusalem, Betfage ne Betania+ wɔ Ngodua Bepɔ* no so no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu mmienu+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na sɛ moduru hɔ ara pɛ, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no, na momfa no mmra ha. 3 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moreyɛ wei?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no, na sɛ ɔwie a, ntɛm ara ɔbɛma wɔasan de no aba ha.’” 4 Enti wɔkɔe, na wɔkɔhuu afunumu ba no wɔ abɔnten sɛ wɔamantam no wɔ ɛpono bi ano, wɔ kwan ho, na wɔsanee no.+ 5 Na wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasane afunumu ba no?” 6 Wɔkaa deɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn, na wɔmaa wɔn kwan.
7 Na wɔde afunumu ba+ no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu ne so, na ɔtenaa ne so.+ 8 Afei nso, nnipa bebree de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnua mman firii wuram.+ 9 Na wɔn a wɔdi animu ne wɔn a wɔdi akyire no kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no!+ Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ 10 Nhyira ne yɛn agya Dawid+ Ahennie a ɛreba no! Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!” 11 Ɛnna ɔkɔduruu Yerusalem, na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Na ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ hyiae, nanso na adeɛ reyɛ asa, enti ɔfirii hɔ ne Dumienu no kɔɔ Betania.+
12 Adeɛ kyeeɛ a wɔrefiri Betania no, ɛkɔm dee no.+ 13 Na ɔhuu borɔdɔma dua bi a ahaban wɔ so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔhwɛɛ sɛ ebia ɔbɛnya biribi wɔ so a. Nanso berɛ a ɔkɔɔ ho no, wanhunu hwee sɛ ahaban, ɛfiri sɛ na ɛnyɛ berɛ a borɔdɔma so. 14 Enti ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.”+ Ná n’asuafoɔ no retie.
15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ pamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apono ne wɔn a wɔtɔn mmuruburo no nkonnwa butubutui,+ 16 na wamma obiara ansoa adeɛ antwam amfa asɔrefie hɔ. 17 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Wɔntwerɛɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama amanaman nyinaa’?+ Nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+ 18 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no tee, na ɛsiane sɛ na ne nkyerɛkyerɛ ma nnipadɔm no nyinaa ho dwiri wɔn+ nti, na wɔsuro no. Ɛno maa wɔhwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so aku no.+
19 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔfirii kuro no mu kɔe. 20 Na anɔpatutuutu a wɔretwam no, wɔhuu sɛ borɔdɔma dua no awu dada firi ne nhini so bɛsi ne nkɔnmu.+ 21 Enti Petro kaee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, hwɛ! borɔdɔma dua a wodomee no no awu.”+ 22 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. 23 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akomam na mmom ɔwɔ gyidie sɛ deɛ ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+ 24 Wei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+ 25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpaeɛ a, biribiara a obiara ayɛ mo no, momfa nkyɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo.”+ 26 *——
27 Na wɔsan baa Yerusalem. Na berɛ a ɔnam asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no bae, 28 na wɔbɛbisaa no sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ nneɛma yi?”+ 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Mɛbisa mo asɛm baako. Momma me mmuaeɛ, na mɛka tumi korɔ a mede yɛ weinom akyerɛ mo. 30 Tumi a Yohane de bɔɔ asu+ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?* Momma me mmuaeɛ.”+ 31 Ɛnna wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no anni?’ 32 Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’?” Ná wɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ankasa.+ 33 Enti wɔbuaa Yesu sɛ: “Yɛnnim.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso, merenka tumi a mede yɛ weinom nkyerɛ mo.”