Mateo Twerɛtohɔ
21 Berɛ a wɔbɛn Yerusalem na wɔduruu Betfage a ɛwɔ Ngodua Bepɔ* no so no, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase. Moduru hɔ ara pɛ, mobɛhunu afunumu bi a wɔamantam no ne ne ba. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa mo ɛho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”
4 Nokorɛm no, wei sii na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ: 5 “Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: ‘Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+ Ɔdwo,+ na ɔte afunumu so, aane, ɔte afunumu ba a ne maame soa nneɛma so.’”+
6 Enti asuafoɔ no kɔe, na wɔkɔyɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 7 Wɔde afunumu no ne ne ba no bae, na wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu wɔn so, na ɔtenaa so.+ 8 Nnipadɔm no mu dodoɔ no ara de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu,+ na ebinom nso twitwaa nnua mman de guu kwan no mu. 9 Na nnipadɔm no, wɔn a wɔdi n’anim ne wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa, kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye* Dawid Ba no!+ Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+
10 Na berɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no mu nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfoɔ bisaa sɛ: “Hwan nie?” 11 Deɛ na nnipadɔm no reka ara ne sɛ: “Wei ne odiyifoɔ Yesu,+ deɛ ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no!”
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apono ne wɔn a wɔtɔn mmuruburo no nkonnwa butubutui.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+ 14 Na anifirafoɔ ne mpakye nso baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yareɛ.
15 Berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no huu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ ne mmarimaa a wɔreteateam wɔ asɔrefie hɔ sɛ, “Yɛsrɛ wo, gye Dawid Ba no!”+ wɔn bo fui+ 16 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woate deɛ weinom reka yi?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aane. Monkenkanee da sɛ, ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa anom na woama ayeyie afiri aba’?”+ 17 Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania, na ɔdaa hɔ anadwo no.+
18 Anɔpatutuutu a ɔresan aba kuro no mu no, ɛkɔm dee no.+ 19 Na ɔhuu borɔdɔma dua bi wɔ kwankyɛn, na ɔkɔɔ ho, nanso wanhunu hwee wɔ so, gye ahaban nko ara.+ Na ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Worenso aba bio da.”+ Na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara. 20 Berɛ a asuafoɔ no huu wei no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara?”+ 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwene anhinhim a, ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko ara na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu’ mpo a, ɛbɛyɛ hɔ.+ 22 Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.”+
23 Afei ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi korɔ a mede yɛ weinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?” Na wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no anni?’+ 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, yɛsuro deɛ nnipadɔm no bɛyɛ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.” 27 Enti wɔbuaa Yesu sɛ: “Yɛnnim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso, merenka tumi a mede yɛ weinom nkyerɛ mo.
28 “Modwene ho sɛn? Ná ɔbarima bi wɔ mma mmienu. Ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Me ba, kɔ bobefuo* no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ 29 Ɔbuaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔnuu ne ho, na ɔkɔe. 30 Ɔkɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu no nkyɛn kɔkaa saa ara. Ɔyii no ano sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’ nanso wankɔ. 31 Wɔn mmienu no mu hwan na ɔyɛɛ deɛ ne papa pɛ?” Wɔkaa sɛ: “Deɛ ɔdi kan no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyegye toɔ ne tuutuufoɔ redi mo anim akɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 32 Ɛfiri sɛ Yohane ba bɛkyerɛɛ mo tenenee kwan, nso moannye no anni. Nanso wɔn a wɔgyegye toɔ ne tuutuufoɔ no gyee no dii.+ Na berɛ a mohuu wei mpo no, moannu mo ho annye no anni.
33 “Montie mfatoho foforɔ: Ná ɔbarima bi wɔ hɔ, efiewura bi, na ɔyɛɛ bobefuo+ gyee ho ban, na ɔtuu amena a wɔkyĩ nsã* wom wɔ afuo no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan.+ 34 Berɛ a ɛsoo aba no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye ne deɛ mmra. 35 Nanso akuafoɔ no faa ne nkoa no, na wɔboo wɔn mu baako, kum baako, na wɔsii baako aboɔ.+ 36 Ɔsan somaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.+ 37 Awieeɛ koraa, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 38 Berɛ a akuafoɔ no huu ne ba no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi adeɛ no.+ Mommra mma yɛnku no, na yɛmfa n’agyapadeɛ!’ 39 Ɛnna wɔkyee no, na wɔtwee no firii bobefuo no mu kɔkum no.+ 40 Enti sɛ bobefuo no wura no ba a, deɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔyɛ nnipabɔnefoɔ nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa na wagye bobefuo no ama akuafoɔ foforɔ a sɛ ɛso aba a wɔde bɛma no.”
42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkan wei wɔ Twerɛnsɛm no mu da sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire?’*+ Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na wei firi, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’+ 43 Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam, na wɔde ama ɔman a ɛbɛso aba. 44 Afei nso, obiara a ɔbɛhwe boɔ yi so no, ɔbɛbubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe ne so deɛ, ɛbɛyam no.”+
45 Berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mfatoho no, wɔhuu sɛ ɔreka wɔn ho asɛm.+ 46 Ɛwom sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkye no deɛ, nanso na wɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.+