Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Genesis Nwoma No Mu Nsɛntitire

GENESIS

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase (1, 2)

    • Nnansia na ɔde yɛɛ asaase ho adwuma (3-31)

      • Da 1: hann; awia ne anadwo (3-5)

      • Da 2: ewiem (6-8)

      • Da 3: asaase kesee ne afifideɛ (9-13)

      • Da 4: nkanea a ɛwɔ wiem (14-19)

      • Da 5: mpataa ne nnomaa (20-23)

      • Da 6: mmoa a wɔwɔ asaase so ne nnipa (24-31)

  • 2

    • Da a ɛtɔ so nson no yɛ Onyankopɔn homeda (1-3)

    • Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔsoro ne asaase Bɔfoɔ (4)

    • Ɔbarima ne ɔbaa asetena wɔ Eden turo mu (5-25)

      • Ɔde dɔteɛ nwenee onipa (7)

      • Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua (15-17)

      • Ɔbɔɔ ɔbaa (18-25)

  • 3

    • Deɛ ɛyɛeɛ a onipa yɛɛ bɔne (1-13)

      • Atorɔ a ɛdi kan (4, 5)

    • Yehowa buu atuatefoɔ no atɛn (14-24)

      • Ɔhyɛɛ ɔbaa no aseni ho nkɔm (15)

      • Ɔpamoo wɔn firii Eden (23, 24)

  • 4

    • Kain ne Habel (1-16)

    • Kain asefoɔ (17-24)

    • Set ne ne ba Enos (25, 26)

  • 5

    • Ɛfiri Adam so kɔsi Noa so (1-32)

      • Adam woo mma mmarima ne mma mmaa (4)

      • Enok ne Onyankopɔn nanteeɛ (21-24)

  • 6

    • Onyankopɔn mma waree mmaa wɔ asaase so (1-3)

    • Wɔwoo Nefilimfoɔ (4)

    • Bɔne a nnipa yɛeɛ hyɛɛ Yehowa awerɛhoɔ (5-8)

    • Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka (9-16)

    • Onyankopɔn kaa sɛ Nsuyire bɛba (17-22)

  • 7

    • Wɔkɔɔ adaka no mu (1-10)

    • Nsuyire baa wiase nyinaa (11-24)

  • 8

    • Nsuo no twetweeɛ (1-14)

      • Ɔsomaa aburuburo (8-12)

    • Wɔfirii adaka no mu (15-19)

    • Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asaase ho (20-22)

  • 9

    • Ɔde ahyɛdeɛ maa nnipa nyinaa (1-7)

      • Mmara a ɛfa mogya ho (4-6)

    • Nyankontɔn apam (8-17)

    • Nkɔmhyɛ a ɛfa Noa asefoɔ ho (18-29)

  • 10

    • Aman ahodoɔ (1-32)

      • Yafet asefoɔ (2-5)

      • Ham asefoɔ (6-20)

        • Nimrod sɔre tiaa Yehowa (8-12)

      • Sem asefoɔ (21-31)

  • 11

    • Babel abantenten (1-4)

    • Yehowa yɛɛ wɔn kasa basabasa (5-9)

    • Ɛfiri Sem so kɔsi Abram so (10-32)

      • Tera abusua (27)

      • Abram tu firii Ur (31)

  • 12

    • Abram firii Haran kɔɔ Kaanan (1-9)

      • Onyankopɔn hyɛɛ Abram bɔ (7)

    • Abram ne Sarai kɔɔ Egypt (10-20)

  • 13

    • Abram san kɔɔ Kaanan (1-4)

    • Abram ne Lot tetee mu (5-13)

    • Onyankopɔn tii ne bɔhyɛ mu kyerɛɛ Abram (14-18)

  • 14

    • Abram ko gyee Lot (1-16)

    • Melkisedek hyiraa Abram (17-24)

  • 15

    • Onyankopɔn ne Abram yɛɛ apam (1-21)

      • Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ n’asefoɔ bɛhunu amane mfeɛ 400 (13)

      • Onyankopɔn tii ne bɔhyɛ mu kyerɛɛ Abram (18-21)

  • 16

    • Hagar ne Ismael (1-16)

  • 17

    • Abraham bɛba abɛyɛ aman pii agya (1-8)

      • Wɔsesaa Abram din frɛɛ no Abraham (5)

    • Apam a ɛfa twetiatwa ho (9-14)

    • Wɔsesaa Sarai din frɛɛ no Sara (15-17)

    • Wɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo Isak (18-27)

  • 18

    • Abɔfoɔ mmiɛnsa kɔsraa Abraham (1-8)

    • Wɔhyɛɛ Sara bɔ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima; ɔsereeɛ (9-15)

    • Abraham srɛ maa Sodom (16-33)

  • 19

    • Abɔfoɔ kɔsraa Lot (1-11)

    • Wɔka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ wɔmfiri kuro no mu (12-22)

    • Wɔsɛee Sodom ne Gomora (23-29)

      • Lot yere danee nkyene sie (26)

    • Lot ne ne mma mmaa ho asɛm (30-38)

      • Deɛ ɛyɛeɛ a yɛbɛnyaa Moabfoɔ ne Ammonfoɔ (37, 38)

  • 20

    • Ɔgyee Sara firii Abimelek nsam (1-18)

  • 21

    • Isak awoɔ ho asɛm (1-7)

    • Ismael dii Isak ho fɛ (8, 9)

    • Wɔpamoo Hagar ne Ismael (10-21)

    • Abraham ne Abimelek yɛɛ apam (22-34)

  • 22

    • Wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ (1-19)

      • Aman nyinaa nhyira gyina Abraham aseni so (15-18)

    • Rebeka abusua (20-24)

  • 23

    • Sara wuo ne baabi a wɔsiee no (1-20)

  • 24

    • Ɔkɔhwehwɛɛ yere maa Isak (1-58)

    • Ɔde Rebeka kɔmaa Isak (59-67)

  • 25

    • Abraham san wareeɛ (1-6)

    • Abraham wuiɛ (7-11)

    • Ismael mma (12-18)

    • Wɔwoo Yakob ne Esau (19-26)

    • Esau tɔn ne panin (27-34)

  • 26

    • Isak ne Rebeka asetena wɔ Gerar (1-11)

      • Onyankopɔn sii ne bɔhyɛ so dua kyerɛɛ Isak (3-5)

    • Nsubura ho akasakasa (12-25)

    • Isak ne Abimelek yɛɛ apam (26-33)

    • Esau waree Hitifoɔ mmaa mmienu (34, 35)

  • 27

    • Isak hyiraa Yakob (1-29)

    • Esau baa sɛ ɔrebɛpɛ nhyira nanso na ɔnnuu ne ho (30-40)

    • Esau bɛnyaa Yakob ho tan (41-46)

  • 28

    • Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnkɔ Padan-Aram (1-9)

    • Yakob soo daeɛ wɔ Betel (10-22)

      • Onyankopɔn sii ne bɔhyɛ so dua kyerɛɛ Yakob (13-15)

  • 29

    • Yakob ne Rahel hyiaeɛ (1-14)

    • Ná Yakob pɛ Rahel (15-20)

    • Yakob waree Lea ne Rahel (21-29)

    • Mma nnan a Yakob ne Lea woeɛ nie: Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda (30-35)

  • 30

    • Bilha woo Dan ne Naftali (1-8)

    • Silpa woo Gad ne Aser (9-13)

    • Lea woo Isakar ne Sebulon (14-21)

    • Rahel woo Yosef (22-24)

    • Yakob nyɛmmoa yɛɛ bebree (25-43)

  • 31

    • Yakob wiaa ne ho sɛ ɔrekɔ Kaanan (1-18)

    • Laban tii Yakob kɔtoo no (19-35)

    • Yakob ne Laban yɛɛ apam (36-55)

  • 32

    • Abɔfoɔ bɛhyiaa Yakob (1,  2)

    • Yakob yɛɛ ahoboa sɛ ɔrekɔhyia Esau (3-23)

    • Yakob ne ɔbɔfoɔ tentameeɛ (24-32)

      • Wɔsesaa Yakob din frɛɛ no Israel (28)

  • 33

    • Yakob kɔhyiaa Esau (1-16)

    • Yakob kɔɔ Sekem (17-20)

  • 34

    • Obi too Dina mmonnaa (1-12)

    • Yakob mma mmarima no daadaa kurom hɔfoɔ (13-31)

  • 35

    • Yakob maa wɔtoo ananafoɔ anyame no guiɛ (1-4)

    • Yakob san kɔɔ Betel (5-15)

    • Wɔwoo Benyamin; Rahel wuiɛ (16-20)

    • Israel mma mmarima 12 no (21-26)

    • Isak wuiɛ (27-29)

  • 36

    • Esau asefoɔ (1-30)

    • Edom ahemfo ne abusua mpanyimfoɔ (31-43)

  • 37

    • Yosef sosoo daeɛ (1-11)

    • Ná Yosef nuanom ani bere no (12-24)

    • Wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu (25-36)

  • 38

    • Yuda ne Tamar (1-30)

  • 39

    • Yosef kɔpuee Potifar fie (1-6)

    • Yosef ampene so amma Potifar yere (7-20)

    • Yosef kɔdaa afiase (21-23)

  • 40

    • Yosef kyerɛɛ nneduafoɔ daeɛ ase (1-19)

      • “Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase” (8)

    • Farao too pono n’awoda (20-23)

  • 41

    • Yosef kyerɛɛ Farao daeɛ ase (1-36)

    • Farao hyɛɛ Yosef animuonyam (37-46a)

    • Yosef hwɛɛ aduane so (46b-57)

  • 42

    • Yosef nuanom kɔɔ Egypt (1-4)

    • Yosef ne ne nuanom hyiaeɛ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ (5-25)

    • Ne nuanom san kɔɔ Yakob nkyɛn (26-38)

  • 43

    • Yosef nuanom san kɔɔ Egypt bio; wɔne Benyamin (1-14)

    • Yosef ne ne nuanom san hyiaeɛ (15-23)

    • Yosef ne ne nuanom too nsa didiiɛ (24-34)

  • 44

    • Wɔhuu Yosef dwetɛ kuruwa wɔ Benyamin kotokuo mu (1-17)

    • Yuda srɛ maa Benyamin (18-34)

  • 45

    • Yosef daa ne ho adi (1-15)

    • Yosef nuanom kɔfaa Yakob baeɛ (16-28)

  • 46

    • Yakob ne ne fiefoɔ tu kɔɔ Egypt (1-7)

    • Wɔn a wɔtu kɔɔ Egypt no din (8-27)

    • Yosef kɔhyiaa Yakob wɔ Gosen (28-34)

  • 47

    • Yakob kɔɔ Farao nkyɛn (1-12)

    • Yosef de nyansa totoo nneɛma yiye (13-26)

    • Israel asefoɔ tenaa Gosen (27-31)

  • 48

    • Yakob hyiraa Yosef mma mmienu no (1-12)

    • Efraim nyaa nhyira pii (13-22)

  • 49

    • Nkɔm a Yakob hyɛeɛ ansa na ɔrewu (1-28)

      • Silo bɛfiri Yuda mu aba (10)

    • Yakob kyerɛɛ sɛdeɛ wɔnsie no (29-32)

    • Yakob wuiɛ (33)

  • 50

    • Yosef siee Yakob wɔ Kaanan (1-14)

    • Yosef maa ne nuanom huu sɛ ɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn (15-21)

    • Yosef nsɛm a ɛtwa toɔ ne ne wuo (22-26)

      • Yosef kyerɛɛ deɛ wɔnyɛ ne nnompe (25)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane