Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Ɔsɛnkafoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire ƆSƐNKAFOƆ EMU NSƐNTITIRE 1 Adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ! (1-11) Asaase wɔ hɔ daa (4) Awia, mframa, nsubɔnten; ne nyinaa di akɔneaba (5-7) Adeɛ foforɔ biara nni wiase (9) Nnipa nyansa nnuru baabiara (12-18) Ɔbrɛguo (14) 2 Nneɛma a Solomon dii akyire ne deɛ ɛfirii mu baeɛ (1-11) Mfasoɔ kakra a ɛwɔ nnipa nyansa so (12-16) Adwumaden yɛ ahuhudeɛ (17-23) Didi, nom, na nya anigyeɛ wɔ w’adwumaden mu (24-26) 3 Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ ato hɔ (1-8) Ma w’ani nnye; ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ (9-15) Ɔde berɛ a ɛnni awieeɛ mpo ahyɛ wɔn akomam (11) Onyankopɔn de atɛntenenee bu obiara atɛn (16, 17) Sɛdeɛ ɛteɛ biara, nnipa ne mmoa nyinaa bɛwu (18-22) Obiara bɛsan akɔ dɔteɛ mu (20) 4 Owuo yɛ sene nhyɛsoɔ (1-3) Adwuma ho adwene a ɛfata (4-6) Adamfoɔ so mfasoɔ (7-12) Baanu yɛ sene baako (9) Ɔhene asetena bɛtumi ayɛ ahuhudeɛ (13-16) 5 Fa osuro a ɛfata kɔ Onyankopɔn anim (1-7) Wɔn a wɔdi tumi no, ebinom a wɔkorɔn sene wɔn rehwɛ wɔn (8, 9) Ahonyadeɛ yɛ ahuhudeɛ (10-20) Wɔn a wɔn ani bere sika no, sika mmee wɔn (10) Odwumayɛni nna yɛ no dɛ (12) 6 Ahonyadeɛ a anigyeɛ nka ho (1-6) Deɛ wowɔ no, fa gye w’ani nnɛ (7-12) 7 Din pa ne owuda (1-4) Onyansafoɔ animka (5-7) Awieeɛ yɛ sene mfitiaseɛ (8-10) Nyansa so mfasoɔ ((11, 12) Nna pa ne nna bɔne (13-15) Nyɛ biribiara ntra so (16-22) Deɛ ɔsɛnkafoɔ no hunuiɛ (23-29) 8 Nnipa a bɔne wɔ wɔn ho di tumi a (1-17) Di ɔhene ahyɛdeɛ so (2-4) Onipa di onipa so a, ɛwie no bɔne (9) Sɛ wɔammu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm a (11) Didi, nom, na gye w’ani (15) 9 Awieeɛ korɔ na ɛwɔ hɔ ma obiara (1-3) Owuo wɔ hɔ deɛ, nanso gye w’ani (4-12) Awufoɔ nnim biribiara (5) Worentumi nyɛ hwee wɔ Adamena mu (10) Asiane to wɔn nyinaa (11) Ɛnyɛ daa na nkurɔfoɔ hu nyansa so mfasoɔ (13-18) 10 Nkwaseasɛm kakra sɛe nyansa (1) Woyɛ w’adwuma biarabiara a, ɛyɛ hu (2-11) Nkwaseafoɔ awieeɛ; ɛyɛ mmɔbɔ sɛ (12-15) Ahemfo nkwaseasɛm (16-20) Anomaa bɛtĩ deɛ wokaeɛ no mu (20) 11 Deɛ wobɛtumi ayɛ no, yɛ no seesei ara (1-8) To wo paanoo gu nsuo mu (1) Gu aba anɔpa kɔsi anwummerɛ (6) Ma w’ani nnye wɔ wo mmabunberɛ mu, nanso hwɛ yie (9, 10) 12 Kae Ɔbɔadeɛ no ansa na woabɔ akɔkoraa anaa aberewa (1-8) Ɔsɛnkafoɔ nsɛm no awieeɛ (9-14) Anyansafoɔ nsɛm te sɛ poma a wɔde ka nantwie (11) Suro nokorɛ Nyankopɔn no (13)