Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Daniel Nwoma No Mu Nsɛntitire

DANIEL

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Babilonfoɔ bɛtwaa Yerusalem ho hyiae (1, 2)

    • Wɔmaa mmabunu a wɔyɛ adehyeɛ no nteteeɛ soronko (3-5)

    • Wɔsɔɔ Hebrifoɔ nnan bi hwɛɛ sɛ wɔbɛdi nokorɛ a (6-21)

  • 2

    • Ɔhene Nebukadnesar soo daeɛ bi; ɛmaa ne ho yeraa no (1-4)

    • Onyansafoɔ biara antumi anka daeɛ no (5-13)

    • Daniel hwehwɛɛ mmoa firii Onyankopɔn hɔ (14-18)

    • Ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔmaa no hunuu ahintasɛm no (19-23)

    • Daniel kaa ɔhene daeɛ no kyerɛɛ no (24-35)

    • Daeɛ no nkyerɛaseɛ (36-45)

      • Ɛboɔ a ɛgyina hɔ ma Ahennie no bubuu ohoni no (44, 45)

    • Ɔhene de anidie maa Daniel (46-49)

  • 3

    • Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika kɔkɔɔ honi (1-7)

      • Ɔkaa sɛ obiara nsom ohoni no (4-6)

    • Wɔbɔɔ Hebrifoɔ mmiɛnsa no soboɔ sɛ wɔantie ɔhene asɛm (8-18)

      • “Yɛrensom w’anyame no” (18)

    • Wɔtoo wɔn guu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu (19-23)

    • Wɔyii wɔn firii egya no mu anwanwakwan so (24-27)

    • Ɔhene no yii Hebrifoɔ Nyankopɔn no ayɛ (28-30)

  • 4

    • Ɔhene Nebukadnesar huu sɛ Onyankopɔn ne hene (1-3)

    • Ɔhene no soo daeɛ huu dua bi (4-18)

      • Dua a wɔatwa ato hɔ no, mmerɛ nson bɛtwam (16)

      • Onyankopɔn na ɔdi nnipa so tumi (17)

    • Daniel kyerɛɛ daeɛ no ase (19-27)

    • Daeɛ no dii kan baa mu wɔ ɔhene no so (28-36)

      • Ɔhene bɔɔ dam mmerɛ nson (32, 33)

    • Ɔhene no yii ɔsoro Nyankopɔn no ayɛ (37)

  • 5

    • Ɔhene Belsasar too pono (1-4)

    • Nsa bi twerɛɛ biribi wɔ ɔfasuo ho (5-12)

    • Wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ ɔnkyerɛ ntwerɛeɛ no ase (13-25)

    • Deɛ ɛkyerɛ: Babilon bɛsɛe (26-31)

  • 6

    • Persia mpanimfoɔ bɔɔ Daniel ho pɔ (1-9)

    • Daniel kɔɔ so bɔɔ mpaeɛ (10-15)

    • Wɔtoo Daniel too agyata amena mu (16-24)

    • Ɔhene Dario hyɛɛ Daniel Nyankopɔn animuonyam (25-28)

  • 7

    • Mmoa nnan ho anisoadehunu (1-8)

      • Abɛn ketewa a ɛyɛ ahantan bi pueeɛ (8)

    • Deɛ Ne Nna Akyɛ no tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn (9-14)

      • Wɔyɛɛ onipa ba no ɔhene (13, 14)

    • Wɔmaa Daniel huu deɛ anisoadehunu no kyerɛ (15-28)

      • Mmoa nnan no gyina hɔ ma ahemfo nnan (17)

      • Akronkronfoɔ bɛnya ahennie no (18)

      • Mmɛn du, anaa ahemfo du bɛba (24)

  • 8

    • Odwennini ne ɔpapo ho anisoadehunu (1-14)

      • Abɛn ketewa bi maa ne ho so (9-12)

      • Kɔsi sɛ anadwo ne anɔpa 2,300 bɛtwam (14)

    • Gabriel kyerɛɛ anisoadehunu no ase (15-27)

      • Odwennini ne ɔpapo ho anisoadehunu no nkyerɛaseɛ (20, 21)

      • Ɔhene bi a ne ho yɛ hu bae (23-25)

  • 9

    • Daniel bɔɔ mpaeɛ kaa ɔne ɔman no bɔne (1-19)

      • Ɔman no bɛsɛe a obiara rentena hɔ mfeɛ 70 (2)

    • Gabriel baa Daniel hɔ (20-23)

    • Nnawɔtwe 70 ho nkɔmhyɛ (24-27)

      • Nnawɔtwe 69 bɛtwam ansa na Mesia no aba (25)

      • Wɔbɛkum Mesia no (26)

      • Wɔbɛsɛe kuro no ne kronkronbea no (26)

  • 10

    • Onyankopɔn bɔfoɔ baa Daniel nkyɛn (1-21)

      • Mikael boaa ɔbɔfoɔ no (13)

  • 11

    • Persia ne Greece ahemfo (1-4)

    • Anaafoɔ fam hene ne atifi fam hene (5-45)

      • Obi a ɔgyegye toɔ bɛba (20)

      • Deɛ ɔdi apam no anim no, wɔbɛbubu no (22)

      • Wɔhyɛɛ abandenden nyame no animuonyam (38)

      • Anaafoɔ fam hene no ne atifi fam hene no bɛpiapia wɔn ho (40)

      • Nsɛm bi a ɛha adwene bɛfiri apueeɛ ne atifi aba (44)

  • 12

    • “Awieeɛ berɛ no” ne deɛ ɛbɛsi wɔ ɛno akyi (1-13)

      • Mikael bɛsɔre agyina (1)

      • Mmadwemma no bɛhyerɛn (3)

      • Nimdeɛ a ɛdi mu bɛdɔɔso (4)

      • Daniel bɛsɔre abɛnya ne kyɛfa (13)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane