Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Timoteo Mu Nsɛntitire 2 TIMOTEO EMU NSƐNTITIRE 1 Nkyea (1, 2) Timoteo gyidie nti, Paul daa Onyankopɔn ase (3-5) Onyankopɔn akyɛdeɛ no, hyɛ mu gya (6-11) Kɔ so kura nsɛmpa no mu (12-14) Paul atamfoɔ ne ne nnamfo (15-18) 2 Fa asɛm no hyɛ nnipa anokwafoɔ nsa (1-7) Asɛmpa no nti, ɔde animia gyinaa amanehunu mu (8-13) Kura Onyankopɔn asɛm mu pɛpɛɛpɛ (14-19) Dwane firi mmabunberɛ mu akɔnnɔ ho (20-22) Sɛdeɛ yɛne nokorɛ no ho atamfo bɛdi (23-26) 3 Awieeɛ mmerɛ no mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba (1-7) Di Paul nhwɛsoɔ akyi pɛpɛɛpɛ (8-13) ‘Nneɛma a wosuaeɛ no, kɔ so fa yɛ adwuma’ (14-17) Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu (16) 4 “Yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ” (1-5) Ka asɛm no; ntwentwɛn so (2) “Mako ɛko pa no” (6-8) Paul kaa nsɛm a ɛfa ne ho (9-18) Nkyea a ɛtwa toɔ (19-22)