Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Adiyisɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire ADIYISƐM EMU NSƐNTITIRE 1 Adiyisɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a ɔde faa Yesu so (1-3) Wɔde nkyea kɔmaa asafo nson no (4-8) “Mene Alfa ne Omega” (8) Yohane baa Awurade da no mu wɔ honhom mu (9-11) Ɔnyaa Yesu a wɔahyɛ no animuonyam no ho anisoadehunu (12-20) 2 Nsɛm a wɔde kɔmaa Efeso asafo (1-7), Smirna asafo (8-11), Pergamo asafo (12-17), ne Tiatira asafo (18-29) 3 Nsɛm a wɔde kɔmaa Sardi asafo (1-6), Filadelfia asafo (7-13), ne Laodikea asafo (14-22) 4 Baabi a Yehowa te wɔ soro no ho anisoadehunu (1-11) Yehowa te n’ahennwa so (2) Mpanimfoɔ 24 no tete nhennwa so (4) Kerubim nnan no (6) 5 Nwoma mmobɔeɛ a wɔde ahyɛnsodeɛ nson atetare ano (1-5) Adwammaa no gyee nwoma mmobɔeɛ no (6-8) Adwammaa no fata sɛ ɔtete ahyɛnsodeɛ no (9-14) 6 Adwammaa no tetee ahyɛnsodeɛ nsia a ɛdi kan no (1-17) Nkonimdifoɔ bi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so (1, 2) Deɛ ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so no bɛyi asomdwoeɛ afiri hɔ (3, 4) Deɛ ɔte ɔpɔnkɔ tuntum so no de ɛkɔm bɛba (5, 6) Deɛ ɔte ɔpɔnkɔ hoyaa so no, wɔfrɛ no Owuo (7, 8) Wɔn a wɔkunkum wɔn a wɔwɔ afɔrebukyia no ase (9-11) Asaasewosoɔ kɛseɛ bi (12-17) 7 Abɔfoɔ nnan a wɔkurakura ɔsɛeɛ mframa no mu (1-3) Wɔhyɛɛ 144,000 no nso (4-8) Nnipakuo kɛseɛ bi a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa (9-17) 8 Wɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nson no (1-6) Wɔhyɛn ntotorobɛnto nnan a ɛdi kan no (7-12) Ɔtee sɛ wɔreka sɛ: “Monnue, monnue, monnue” (13) 9 Totorobɛnto a ɛtɔ so nnum no (1-11) Mmusuo baako atwam; mmusuo mmienu reba (12) Totorobɛnto a ɛtɔ so nsia no (13-21) 10 Ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔkura nwoma mmobɔeɛ ketewa bi (1-7) “Ɔrentwɛn bio” (6) Ahintasɛm kronkron no aba mu awie (7) Yohane dii nwoma mmobɔeɛ ketewa no (8-11) 11 Adansefoɔ mmienu no (1-13) Wɔbɛfirafira awerɛhoɔ ntoma ahyɛ nkɔm nnafua 1,260 (3) Wɔbɛkum wɔn; wɔrensie wɔn (7-10) Wɔde wɔn baa nkwa mu nnansa ne fã akyi (11, 12) Mmusuo a ɛtɔ so mmienu no atwam; mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa reba (14) Totorobɛnto a ɛtɔ so nson no (15-19) Yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahennie (15) Wɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no (18) 12 Ɔbaa no, ɔbabarima no, ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no (1-6) Mikael ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no koeɛ (7-12) Wɔtoo ɔwɔ a ne ho yɛ hu no too asaase so (9) Ɔbonsam nim sɛ ne bere a aka sua (12) Ɔwɔ a ne ho yɛ hu no tan ɔbaa no ani (13-17) 13 Akekaboa bi a ɔwɔ ti nson pue firii po mu (1-10) Aboa a ɔwɔ mmɛn mmienu pue firii asaase mu (11-13) Aboa a ɔwɔ ti nson no honi (14, 15) Akekaboa no ahyɛnsodeɛ ne ne nɔma (16-18) 14 Adwammaa no ne 144,000 no (1-5) Nsɛm a ɛfiri abɔfoɔ mmiɛnsa hɔ (6-12) Ɔbɔfoɔ a watu nam wiem a ɔkura asɛmpa (6, 7) Anigyeɛ ne wɔn a wɔwu wɔ Kristo mu (13) Wɔtwaa asaase so nnɔbaeɛ mprenu (14-20) 15 Abɔfoɔ nson a wɔkurakura ɔhaw nson (1-8) Mose dwom ne Adwammaa no dwom (3, 4) 16 Onyankopɔn abufuo nkyɛnsee nson (1-21) Wɔhwie guu asaase so (2), ɛpo mu (3), nsubɔnten ne nsutire mu (4-7), awia so (8, 9), akekaboa no ahennwa so (10, 11), Eufrate mu (12-16), mframa mu (17-21) Onyankopɔn ko wɔ Armagedon (14, 16) 17 “Babilon Kɛseɛ” atemmuo (1-18) Tuutuuni kɛseɛ no te aboa kɔkɔɔ bi so (1-3) Ná aboa no ‘wɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔbɛsan afiri amena donkodonko no mu aba’ (8) Mmɛn du no ne Adwammaa no bɛko (12-14) Mmɛn du no bɛtan tuutuuni no (16, 17) 18 “Babilon Kɛseɛ no” ahweaseɛ (1-8) “Momfiri ne mu, me man” (4) Babilon ahweaseɛ nti, wɔsu no (9-19) Babilon ahweaseɛ nti, anigyeɛ ba soro (20) Wɔbɛto Babilon ato po mu te sɛ ɛboɔ (21-24) 19 Monyi Yah ayɛ wɔ n’atemmuo ho (1-10) Adwammaa no ayeforɔhyia (7-9) Obi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so (11-16) Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ (17, 18) Wɔdii akekaboa no so nkonim (19-21) 20 Wɔkyekyeree Satan mfeɛ 1,000 (1-3) Wɔn a wɔne Kristo bɛdi hene mfeɛ 1,000 (4-6) Wɔbɛyi Satan, na wɔasɛe no (7-10) Wɔbuu awufoɔ atɛn wɔ ahennwa fitaa no anim (11-15) 21 Ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ (1-8) Owuo nni hɔ bio (4) Wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforɔ (5) Yerusalem foforɔ no; sɛdeɛ ɛteɛ (9-27) 22 Nkwa nsuo asubɔnten (1-5) Asɛm no awieeɛ (6-21) ‘Bra! Bɛgye nkwa nsuo kwa’ (17) “Awurade Yesu, bra” (20)