NNIANIMU
Twerɛ Kronkron Bible no yɛ nwoma a Onyankopɔn nam so ne yɛn nyinaa kasa. Sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn a ɔtwerɛeɛ no yie a, gye sɛ yɛsua. (Yohane 17:3; 2 Timoteo 3:16) Wokan Bible no a, wobɛhunu deɛ Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa ne asaase a yɛte so yi.—Genesis 3:15; Adiyisɛm 21:3, 4.
Nwoma biara nni hɔ a ɛboa nnipa sene Bible. Bible ma yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛsuasua Yehowa dɔ, ne mmɔborɔhunu, ne n’ayamhyehyeɛ. Ɛma nnipa nya anidasoɔ, na sɛ wɔn haw so sɛ dɛn mpo a, ɛma wɔtumi gyina ano. Ɛnnɛ yi nyinaa, Bible ma yɛhu nneɛma a ɛwɔ wiase a ɛne Onyankopɔn apɛdeɛ nhyia.—Dwom 119:105; Hebrifoɔ 4:12; 1 Yohane 2:15-17.
Kasa a wɔdii kan de twerɛɛ Bible no ne Hebri, Aram, ne Greek. Nanso seesei wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 3,000 mu. Nwoma biara mmaa wiase a wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa pii mu saa anaa nnipa bebree anya bi te sɛ Bible. Ɛnyɛ nwanwa, ɛfiri sɛ Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka Ahennie no ho asɛmpa yi [asɛntitire a ɛwɔ Bible mu] wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.”—Mateo 24:14.
Yɛnim sɛ Bible mu asɛm yɛ asɛnhia paa, enti berɛ a yɛrekyerɛ Bible yi ase no, yɛtoo yɛn bo ase yɛɛ no yie. Ɛsiane sɛ na adwuma a yɛreyɛ no yɛ aniberesɛm nti, yɛhwɛɛ sɛ yɛakyerɛ aseɛ ama ɛne tete deɛ a wɔdii kan twerɛeɛ no ahyia pɛpɛɛpɛ. Afei yɛabɔ mmɔden ama emu ada hɔ, na ne kan nso ayɛ mmerɛ. Wohwɛ Nkekaho afã hɔ a, wobɛhu nsɛm a ɛdidi so yi: “Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase,” “Nneɛma Foforɔ a Ɛwɔ Nkyerɛaseɛ Yi Mu,” ne “Deɛ Ɛyɛeɛ a Yɛn Nsa Kaa Bible.” Saa afã yi kyerɛ ɛkwan a yɛfaa so kyerɛɛ Bible yi ase, na ɛma yɛhu nneɛma foforɔ a ɛwom.
Wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn na wɔsom no no, wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛnya Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛ aseɛ pɛpɛɛpɛ na nteaseɛ wom. (1 Timoteo 2:4) Ɛno nti, yɛde asi yɛn ani so sɛ yɛbɛkyerɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no ase akɔ kasa dodoɔ biara a yɛbɛtumi mu. Ɛno na ama yɛakyerɛ aseɛ aba Twi kasa mu no. Yɛn dɔfo pa, yɛn mpaebɔ ne sɛ wokenkan Twerɛ Kronkron yi a, ɛbɛboa wo ama ‘woahwehwɛ Onyankopɔn na woahu no.’—Asomafoɔ Nnwuma 17:27.
Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo
August 2013