ATEMMUFOƆ
(AKANNIFOƆ)
1 Yosua wuo akyi no,+ Israelfoɔ* no bisaa Yehowa sɛ:+ “Yɛn mu hwan na ɔnni kan mforo nkɔ na ɔne Kaananfoɔ nkɔko?” 2 Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda na ɔbɛkɔ.+ Hwɛ! Mede asaase no bɛhyɛ ne nsa.”* 3 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: “Wo ne me nkɔ* asaase a wɔde ama me*+ no so na yɛne Kaananfoɔ nkɔko. Yɛwie a, me nso me ne wo bɛkɔ asaase a wɔde ama wo no so.” Enti Simeon ne no kɔe.
4 Berɛ a Yudafoɔ no foro kɔeɛ no, Yehowa de Kaananfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ wɔn nsa,+ na wɔdii nnipa 10,000 so nkonim wɔ Besek. 5 Wɔhuu Adoni-Besek wɔ Besek, na ɛhɔ na wɔne no koeɛ, na wɔdii Kaananfoɔ+ ne Perisifoɔ no so nkonim.+ 6 Berɛ a Adoni-Besek dwaneeɛ no, wɔdii n’akyi kɔkyee no, na wɔtwitwaa ne nsa kokuromoti ne ne nan kokuromoti. 7 Ɛnna Adoni-Besek kaa sɛ: “Ahemfo 70 a wɔatwitwa wɔn nsa kokuromoti ne wɔn nan kokuromoti sesaa aduane wɔ me pono ase. Deɛ meyɛeɛ no, Onyankopɔn ayɛ me bi atua ka.” Ɛno akyi no, wɔde no baa Yerusalem,+ na ɔwuu wɔ hɔ.
8 Bio nso, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔkoe,+ na Yerusalem kuro no bɛdii Yudafoɔ nsam. Wɔde sekan kunkum kuro no mufoɔ, na wɔhyee kuro no. 9 Ɛno akyi no, Yudafoɔ no sianee, na wɔne Kaananfoɔ a wɔte bepɔ so ne Negeb ne Sefela+ no kɔkoe. 10 Enti Yudafoɔ no kɔto hyɛɛ Kaananfoɔ a wɔte Hebron no so, na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+ (Berɛ bi, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)
11 Wɔfirii hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ Debirfoɔ so.+ (Kane no, na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.)+ 12 Afei Kaleb+ kaa sɛ: “Ɔbarima a ɔbɛtumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”+ 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas ba+ Otniel+ kɔko faeɛ. Enti Kaleb de ne babaa Aksa maa no waree. 14 Berɛ a Aksa rekɔ fie no, ɔtutu guu ne kunu asom sɛ ɔmmisa asaase mfiri ne papa hɔ. Ɛnna Aksa si firii n’afunumu no so.* Na Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?” 15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, hyira me. Woadi kan ama me asaase wɔ anaafoɔ.* Fa Gulot-Maim* nso ma me ɛ.” Enti Kaleb de Gulot Atifi ne Gulot Anaafoɔ maa no.
16 Na Mose asebarima+ a ɔyɛ Kenini+ no, n’asefoɔ ne Yudafoɔ firi mmɛ kuro+ no mu baa* Yuda serɛ a ɛwɔ Arad+ anaafoɔ no so. Na wɔkɔɔ hɔ ne ɛhɔfoɔ kɔtenae.+ 17 Na Yuda ne ne nua Simeon toaa so kɔto hyɛɛ Kaananfoɔ a wɔte Sefat no so, na wɔsɛee kuro no pasaa.+ Enti wɔtoo kuro no din Horma.*+ 18 Afei, Yuda ko faa Gasa+ ne ɛho nsaase, Askelon+ ne ɛho nsaase, ne Ekron+ ne ɛho nsaase. 19 Yehowa dii Yuda akyi, na wɔfaa nsaase a ɛwɔ bepɔ so no, nanso wɔantumi antu wɔn a wɔtete ɛbɔn no mu* no, ɛfiri sɛ na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho.*+ 20 Wɔde Hebron maa Kaleb sɛdeɛ Mose kaeɛ no,+ na ɔtuu Anak mma mmiɛnsa no+ firii hɔ.
21 Nanso Benyaminfoɔ no antu Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no, na Yebusifoɔ no kɔɔ so ne Benyaminfoɔ tenaa Yerusalem de bɛsi nnɛ.+
22 Yosef fiefoɔ+ foro kɔto hyɛɛ Betel so, na Yehowa dii wɔn akyi.+ 23 Yosef fiefoɔ no wiaa wɔn ho kɔhwɛɛ Betel. (Kane no, na kuro no din de Lus.)+ 24 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no huu ɔbarima bi sɛ ɔfiri kuro no mu reba. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, kyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so awura kuro no mu, na yɛne wo bɛdi no yie.”* 25 Enti ɔbarima no kyerɛɛ wɔn ɛkwan a wɔbɛfa so awura kuro no mu. Na wɔde sekan kunkum kurom hɔfoɔ, na ɔbarima no ne n’abusuafoɔ deɛ, wɔgyaa wɔn nyinaa.+ 26 Na ɔbarima no kɔɔ Hitifoɔ asaase so, na ɔkɔkyekyeree kuro bi too hɔ din Lus. Na saa na wɔfrɛ hɔ de bɛsi nnɛ.
27 Manase amfa Bet-Sean ne ɛho nkuro, Taanak+ ne ɛho nkuro, Dorfoɔ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia, Yibleamfoɔ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia, ne Megidofoɔ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia.+ Kaananfoɔ no kɔɔ so tenaa asaase yi so. 28 Berɛ a Israelfoɔ no yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfoɔ no yɛɛ nkoadwuma,+ na wɔantu wɔn nyinaa amfiri hɔ.+
29 Efraim nso antu Kaananfoɔ a wɔte Geser no amfiri hɔ. Mmom Kaananfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaa Geser.+
30 Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ+ no. Kaananfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenae, na wɔmaa Kaananfoɔ no yɛɛ nkoadwuma.+
31 Aser antu nnipa a wɔte Ako ne nnipa a wɔte Sidon+ ne Ahlab ne Aksib+ ne Helba ne Afik+ ne Rehob+ no. 32 Enti Aserfoɔ no kɔɔ so ne Kaananfoɔ a wɔwɔ asaase no so no tenae, ɛfiri sɛ wɔantu wɔn.
33 Naftali antu nnipa a wɔte Bet-Semes ne nnipa a wɔte Bet-Anat+ no, mmom wɔkɔɔ so ne Kaananfoɔ a wɔwɔ asaase no so no tenae.+ Na wɔde nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat no yɛɛ nkoadwuma.
34 Amorifoɔ maa Danfoɔ no kaa bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane amma ɛbɔn no mu.*+ 35 Enti Amorifoɔ no kɔɔ so tenaa Heres Bepɔ so ne Ayalon+ ne Saalbim.+ Nanso berɛ a Yosef fiefoɔ nyaa tumi* kɛseɛ no, wɔde Amorifoɔ no yɛɛ nkoadwuma. 36 Amorifoɔ hyeɛ no, na ɛfiri aseɛ wɔ Akrabim kokoɔ+ so, na na ɛsan nso firi aseɛ wɔ Sela foro kɔ soro.
2 Afei Yehowa bɔfoɔ+ foro firii Gilgal+ kɔɔ Bokim, na ɔkaa sɛ: “Meyii mo firii* Egypt baa asaase a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no+ so. Na mekaa sɛ, ‘Meremmu apam a me ne mo ayɛ no so da.+ 2 Na mo nso, mo ne asaase yi sofoɔ nnyɛ apam biara,+ na wɔn afɔrebukyia nso, mommubu ngu.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛ saa? 3 Ɛno nti mesan kaa sɛ, ‘Merempamo wɔn mfiri mo anim,+ na wɔbɛyɛ fidie ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+
4 Berɛ a Yehowa bɔfoɔ no kaa asɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no, wɔfirii aseɛ suu dendeenden. 5 Enti wɔtoo hɔ din Bokim,* na wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ maa Yehowa.
6 Berɛ a Yosua gyaa Israelfoɔ no kwan no, obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so kɔgyee n’asaase.+ 7 Na Israelfoɔ no kɔɔ so som Yehowa, nna a Yosua tenaa ase nyinaa ne mpanimfoɔ a Yosua wuo akyi na wɔda so te ase no nna nyinaa mu, mpanimfoɔ a wɔhuu nnwuma akɛseɛ a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa no.+ 8 Afei, Yehowa akoa Yosua a ɔyɛ Nun ba no wui berɛ a na wadi mfeɛ 110.+ 9 Na wɔsiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ so wɔ Timnat-Heres.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔ mu wɔ Gaase Bepɔ atifi fam.+ 10 Wɔde saa awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa kɔkaa wɔn agyanom ho.* Na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi bae a na wɔnnim Yehowa anaa deɛ wayɛ ama Israelfoɔ no.
11 Enti Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔsom Baal ahoni.+ 12 Wɔgyaa Yehowa hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no.+ Na wɔkɔdii anyame foforɔ akyi, aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame.+ Wɔkotoo wɔn, na wɔhyɛɛ Yehowa abufuo.+ 13 Wɔgyaa Yehowa hɔ kɔsom Baal ne Astoret ahoni.+ 14 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔde wɔn hyɛɛ nnipabɔnefoɔ a wɔfom nneɛma nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia+ no, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ 15 Baabi a wɔkɔeɛ biara, Yehowa ko tiaa wɔn,* na ɔde amanehunu baa wɔn so+ sɛdeɛ na Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛdeɛ na Yehowa aka wɔn ntam no,+ na wɔhunuu amane papaapa.+ 16 Ɛno nti, Yehowa maa wɔn atemmufoɔ a na wɔgye wɔn firi wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nsam.+
17 Nanso atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ bɔɔ adwaman, na wɔkotoo wɔn. Ɛkwan a wɔn agyanom a wɔdii Yehowa ahyɛdeɛ so faa so no, wɔmane firii so ntɛm koraa.+ Wɔansuasua wɔn agyanom no. 18 Berɛ biara a Yehowa bɛma wɔn ɔtemmufoɔ no,+ na Yehowa di ɔtemmufoɔ no akyi, na na ɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam wɔ ɔtemmufoɔ no nna nyinaa mu. Yehowa yɛɛ saa, ɛfiri sɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ dii wɔn ani na wɔteetee wɔn maa wɔtee nisuo*+ no, ɛyɛɛ no mmɔbɔ.*+
19 Nanso sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, na wɔsan yɛ akyiwadeɛ a ɛsene deɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, na na wɔkɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn koto wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan, na wɔannyae wɔn subammɔne no. 20 Afei Yehowa bo fuu Israel dendeenden,+ na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔman yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so+ na wɔantie me+ nti, 21 me nso, aman a Yosua anni wɔn so nkonim ansa na ɔrewu no, merempamo baako mpo mfiri wɔn anim.+ 22 Wɔbɛsɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛfa Yehowa kwan so+ sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no anaa.” 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ. Wampamo wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.
3 Aman yi na Yehowa gyaa wɔn wɔ asaase no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Israelfoɔ ahwɛ, Israelfoɔ a wɔanhunu ɛko a ɛkɔɔ so wɔ Kaanan no bi no+ 2 (ná wei bɛma Israel awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba akyire yi a wɔnkɔɔ ɛko da no ahunu sɛdeɛ ɛko teɛ): 3 Filistifoɔ ahemfo nnum no,+ ne Kaananfoɔ nyinaa, ne Sidonfoɔ,+ ne Hiwifoɔ+ a wɔte Lebanon Bepɔ so,+ ɛfiri Baal-Hermon Bepɔ ho kɔsi Lebo-Hamat.*+ 4 Wɔde wɔn sɔɔ Israelfoɔ hwɛɛ sɛ wɔbɛdi mmara a Yehowa nam Mose so de maa wɔn agyanom no so anaa.+ 5 Enti Israelfoɔ tenaa Kaananfoɔ,+ Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ mu. 6 Wɔwaree wɔn mma mmaa, na wɔde wɔn mma mmaa nso maa wɔn mma mmarima, na wɔfirii aseɛ som wɔn anyame.+
7 Enti Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn no, na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.*+ 8 Wei nti, Yehowa bo fuu Israelfoɔ dendeenden, na ɔtɔn wɔn maa Mesopotamia* hene Kusan-Risataim. Na Israelfoɔ som Kusan-Risataim mfeɛ nwɔtwe. 9 Berɛ a Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ Yehowa maa Israelfoɔ no ɔgyefoɔ bi sɛ ɔnnye wɔn.+ Ɔno ne Otniel,+ Kaleb nua kumaa Kenas ba no. 10 Yehowa honhom baa ne so,+ na ɔbɛyɛɛ Israel temmufoɔ. Na berɛ a ɔkɔɔ ko no, Yehowa de Mesopotamia* hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa, na ɔdii Kusan-Risataim so nkonim. 11 Ɛno akyi no, asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40. Na Kenas ba Otniel wui.
12 Na Israelfoɔ firii aseɛ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ Enti Yehowa maa Moab+ hene Eglon dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. 13 Bio nso, ɔde Ammonfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ baa wɔn so. Wɔto hyɛɛ Israel so, na wɔfaa mmɛ kuro+ no. 14 Na Israelfoɔ som Moab hene Eglon mfeɛ 18.+ 15 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+ Enti Yehowa maa wɔn ɔgyefoɔ bi.+ Ɔno ne Ehud,+ Gera ba no. Ná ɔyɛ Benyaminni+ a ɔyɛ abenkumma.+ Akyire yi, Israelfoɔ maa no de akyɛdeɛ kɔmaa Moab hene Eglon. 16 Ansa na Ehud rekɔ no, ɔyɛɛ sekan anofanu a ne tenten yɛ basafa* baako. Ɔde bɔɔ n’ataaso wɔ nifa so, na ɔkaa n’ataadeɛ guu so. 17 Afei ɔde akyɛdeɛ no kɔmaa Moab hene Eglon. Ná Eglon so paa.
18 Berɛ a Ehud de akyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa wɔn a wɔsoaa akyɛdeɛ no kɔeɛ no kwan. 19 Nanso berɛ a wɔkɔduruu baabi a ahoni a wɔasene no wɔ* wɔ Gilgal+ no, Ehud san n’akyi kɔkaa sɛ: “O ɔhene, mepɛ sɛ me ne wo ka asomsɛm bi.” Enti ɔhene no kaa sɛ: “Obiara nyɛ komm!” Ɔkaa saa no, n’asomfoɔ no nyinaa pue kɔe. 20 Ɛnna Ehud kɔɔ ɔhene nkyɛn berɛ a ɔno nko ara te n’aborosan so pia mu, baabi a ɛhɔ dwo no. Na Ehud ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn se memmɛka asɛm bi nkyerɛ wo.” Enti ɔsɔre firii n’ahennwa* so. 21 Ɛnna Ehud de ne nsa benkum twee sekan no firii n’ataaso wɔ ne nifa so, na ɔde wɔɔ ɔhene no yam. 22 Na sekan no ne ne ti no nyinaa wuraa ne yam, na sradeɛ yɛɛ sekan no ho nyinaa, ɛfiri sɛ wantwe sekan no amfiri ne yam, na tiafi dii so bae. 23 Na Ehud pue faa abrannaa no so,* na ɔtotoo aborosan so pia no apono mu wɔ n’akyi, na ɔde safoa too mu. 24 Berɛ a Ehud kɔeɛ no, ɔhene no asomfoɔ no san bae, na wɔbɛhuu sɛ wɔatoto aborosan so pia apono no mu. Enti wɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔregya n’anan* wɔ pia mu hɔ, baabi a ɛhɔ dwo no.” 25 Wɔgyinaa hɔ kyɛe, afei na wɔayɛ basaa. Berɛ a wɔtwɛnee ara a wammue aborosan so pia no apono no, wɔfaa safoa buee pono no, na wɔhuu sɛ wɔn hene no abu ahwe fam* awu!
26 Berɛ a wɔgyinagyina hɔ a wɔnhunu deɛ wɔnyɛ no, na Ehud kɔ dadaada. Ɔdwane kɔfaa ahoni a wɔasene*+ no ho, na ɔkɔduruu Seira dwoodwoo. 27 Berɛ a ɔduruu hɔ no, ɔbɔɔ abɛn+ wɔ Efraim mmepɔ+ no so, na ɔdii Israelfoɔ no anim ne wɔn siane firii mmepɔ no mu. 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’akyi, ɛfiri sɛ Yehowa de mo atamfo Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa.” Enti wɔdii n’akyi, na wɔko faa baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no, na wɔsii Moabfoɔ no kwan, na wɔamma obiara antwa. 29 Saa berɛ no, wɔkunkum Moabfoɔ bɛyɛ 10,000;+ wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka ahoɔdenfoɔ; baako mpo antumi annwane.+ 30 Saa da no, Israel dii Moab so nkonim, na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 80.+
31 N’akyi no, Samgar,+ Anat babarima no nso bae. Ɔno na ɔde nantwie poma*+ kunkum Filistifoɔ mmarima 600 no;+ ɔno nso gyee Israelfoɔ.
4 Nanso berɛ a Ehud wuiɛ no, Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ 2 Enti Yehowa tɔn wɔn maa Kaanan hene Yabin+ a na ɔdi hene wɔ Hasor no. Ná ne sahene ne Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim*+ no. 3 Na Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,+ ɛfiri sɛ na Yabin wɔ* ɛko nteaseɛnam 900 a sekan tuatua ho,*+ na ɔde Israelfoɔ no faa ateetee mu*+ mfeɛ 20.
4 Saa berɛ no, Lapidot yere Debora a ɔyɛ odiyifoɔbaa+ no na na ɔbu atɛn* wɔ Israel. 5 Ná Debora taa tena n’abɛdua* ase wɔ Rama+ ne Betel+ ntam wɔ Efraim mmepɔ so, na na Israelfoɔ no foro kɔ ne nkyɛn kɔtie atemmuo. 6 Ɔsoma kɔɔ Kedes-Naftali+ kɔfrɛɛ Abinoam ba Barak+ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa aka sɛ: ‘Kɔ, nante kɔ* Tabor Bepɔ so. Worekɔ a, fa mmarima 10,000 firi Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu ka wo ho kɔ. 7 Na mede Yabin sahene Sisera ne ne ko nteaseɛnam ne n’asraafoɔ bɛbrɛ wo wɔ Kison nsuo*+ no ho, na mede no bɛhyɛ wo nsa.’”+
8 Ɛnna Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ: “Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ, na sɛ wo ne me ankɔ a, me nso merenkɔ.” 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ deɛ, me ne wo bɛkɔ. Nanso ɛko a worekɔ no remma wonnya animuonyam, ɛfiri sɛ ɔbaa na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.”+ Afei Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.+ 10 Barak boaboaa Sebulonfoɔ ne Naftalifoɔ+ ano baa Kedes, na mmarima 10,000 dii n’akyi. Debora nso kaa ne ho foro kɔɔ bi.
11 Saa berɛ no, na Kenini+ bi a ɔde Heber ate ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase+ Hobab mma no ho, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ no ho wɔ Saananim wɔ Kedes.
12 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor Bepɔ+ so. 13 Ntɛm ara na Sisera boaboaa ne ko nteaseɛnam nyinaa ano, nteaseɛnam 900 a sekan tuatua ho* no, na ɔboaboaa asraafoɔ a wɔka ne ho nyinaa ano firi Haroset-Hagoyim* baa Kison nsuo*+ no ho. 14 Afei Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: “Sɔre, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ wo nsa. Adɛn, ɛnyɛ Yehowa na ɔredi w’anim?” Na Barak siane firii Tabor Bepɔ so, na na mmarima 10,000 di n’akyi. 15 Na Yehowa maa Sisera ne ne ko nteaseɛnam nyinaa ne n’asraafoɔ nyinaa ani so tan wɔn,+ Barak sekan nti.* Ɛwiee aseɛ no, Sisera si firii ne teaseɛnam mu dwanee. 16 Barak taa ɛko nteaseɛnam ne asraafoɔ no kɔduruu Haroset-Hagoyim.* Enti wɔde sekan kunkum Sisera asraafoɔ no nyinaa; baako mpo anka.+
17 Sisera deɛ, ɔdwane kɔɔ Kenini Heber+ yere Yael+ ntomadan mu, ɛfiri sɛ na Hasor hene Yabin+ ne Kenini Heber fiefoɔ te asomdwoeɛ mu. 18 Na Yael pue kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, bra, bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ne ntomadan no mu, na Yael de kuntu kataa ne so. 19 Afei ɔka kyerɛɛ Yael sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma me nsuo kakra nnom na sukɔm de me.” Enti Yael buee kotokuo* a nufosuo wom ano, na ɔmaa no bi nomee,+ na ɔsan de kuntu no kataa ne so. 20 Na Sisera ka kyerɛɛ Yael sɛ: “Gyina ntomadan no ano, na sɛ obi ba bɛbisa wo sɛ, ‘Barima bi aba ha’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Daabi!’”
21 Afei Heber yere Yael kɔfaa dua a wɔde bɔ ntomadan mu tim fam ne hamma.* Na berɛ a Sisera abrɛ na wada hatee no, ɔbaa no yɛɛ kodɛɛ kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde hamma no bɔɔ dua no so wuraa n’asontorɔm, na ɔbɔɔ so maa no sii fam. Enti ɔwui.+
22 Saa berɛ no nyinaa, na Barak de mmirika di Sisera akyi. Na Yael pue kɔhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti ɔne Yael kɔɔ ntomadan no mu, na ɔhuu sɛ Sisera awu da hɔ a dua no tua n’asontorɔm!
23 Enti saa da no, Onyankopɔn brɛɛ Kaanan hene Yabin ase wɔ Israelfoɔ anim.+ 24 Na Israelfoɔ maa wɔn nsa yɛɛ den paa wɔ Kaanan+ hene Yabin so kɔsii sɛ wɔkum Kaanan hene Yabin.+
5 Saa da no, Debora+ ne Abinoam ba Barak+ too dwom yi sɛ:+
3 Ahemfo, montie! Atitire, monyɛ aso!
Mɛto dwom ama Yehowa.
Mɛto ayeyi dwom* ama Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no.+
4 Yehowa, berɛ a wopue firii Seir,+
Berɛ a wofirii Edom asaase so baeɛ no,
Asaase wosoe, nsuo hwie firii soro,
Na mununkum gyaa nsuo mu.
Yael berɛ so,+ obiara amfa akwantempɔn so bio;
Mfikyikwan so na akwantufoɔ faeɛ.
7 Ná obiara nte akuraase bio wɔ Israel;
Obiara tu firii akuraa kɔsii sɛ me, Debora,+ mesɔreeɛ,
Kɔsii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.+
Wɔanhunu kyɛm, na wɔanhunu pea
Wɔ Israel mmarima 40,000 mu.
Monyi Yehowa ayɛ!
10 Mo a motete mfunumu a wɔn kɔla te sɛ kɔbere so,
Mo a motete kapɛt fɛfɛɛfɛ so,
Ne mo a monante kwantempɔn so,
Monnwene wei ho:
11 Wɔtee wɔn a wɔsa nsuo nne wɔ abura ho;
Ɛhɔ na na wɔreka Yehowa tenenee nnwuma ho asɛm,
Tenenee nnwuma a ne nkurɔfoɔ a wɔtete Israel nkuraaseɛ ayɛ no.
Afei Yehowa nkurɔfoɔ siane kɔɔ nkuro apono ano.
12 Keka wo ho, Debora,+ keka wo ho!
Keka wo ho, keka wo ho, to dwom!+
Sɔre, Barak!+ Abinoam ba, wɔn a woakye wɔn no, fa wɔn kɔ!
13 Wɔn a wɔkaeɛ no siane baa adehyeɛ no nkyɛn;
Yehowa nkurɔfoɔ siane bɛkaa me ho ko tiaa akatakyie.
Makir+ mu na asahene firi sianeeɛ,
Na Sebulon mu na wɔn a wɔkura asraafoɔ anoboaboafoɔ poma* no firi siane baeɛ.
Wɔsomaa no maa no nante kɔɔ asaasetraa no so.*+
Ruben mmusua mufoɔ no hwehwɛɛ wɔn akoma mu dendeenden.*
16 Adɛn nti na wotenaa hɔ te sɛ aboa a wɔde nnesoa mmienu asoa no
A ɔretie atɛntɛbɛn a nnwanhwɛfoɔ rebɔ?+
Ruben mmusua mufoɔ no hwehwɛɛ wɔn akoma mu dendeenden.*
Aser yii n’ani tenaa mpoano,
Na po so hyɛn gyinabea a ɛyɛ ne dea no, ɛhɔ na ɔkɔɔ so tenaeɛ.+
Wɔannya dwetɛ biara amfa.+
20 Nsoromma firi soro bɛkoe;
Wɔfiri wɔn akwan so ne Sisera bɛkoe.
Me kra,* wotiatiaa atumfoɔ so.
23 Yehowa bɔfoɔ kaa sɛ, ‘Nnome nka Meros,’
‘Aane, nnome nka wɔn a wɔtete Meros,
Ɛfiri sɛ wɔammɛboa Yehowa,
Wɔamfa ɔsabarima biara ammɛboa Yehowa.’
24 Yael na wɔahyira no paa wɔ mmaa mu,+
Kenini Heber+ yere no;
Mmaa a wɔte ntomadan mu nyinaa, ɔno na wɔahyira no paa.
25 Ɔbisaa* nsuo, na ɔmaa no nufosuo.
Ɔde nufosuo+ a emu api guu apontoɔ kyɛnsee fɛfɛɛfɛ mu bae.
Ɔde hwee Sisera tirim; ɔpɛkyɛɛ ne ti,
Na ɔde bɔɔ n’asontorɔm;+ ɔbɔɔ so wuraa mu.
27 Ɔtwa hwee ne nan ntam; ɔhwee hɔ, na wansɔre bio;
Ɔtwa hwee ne nan ntam, na ɔhwee hɔ;
Baabi a ɔtwa hweeɛ no, ɛhɔ ara na ɔdii nkoguo.
28 Ɔbaa bi de n’ani hwɛɛ mpomma mu,
Sisera maame de n’ani hwɛɛ nkantankantan mu,
‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ saa?
Adɛn nti na ɛbɛsi sɛsɛɛ mentee n’apɔnkɔ nan ase yi?’+
29 Ne* mmaa a wɔdi mu a wɔnim nyansa paa no bɛma no mmuaeɛ;
Aane, ɔno ara nso bɛkasakasa sɛ,
30 ‘Sɛsɛɛ wɔrekyɛ nneɛma a wɔnyaa no ɛko mu no,
Ɔsabarima biara, ababaawa* baako anaa mmabaawa* mmienu,
Ntoma a wɔahyɛ no aduro, ntoma a wɔahyɛ no aduro na wɔde ama Sisera,
Ataadeɛ a wɔanwene biribi agu mu, ntoma a wɔahyɛ no aduro, ntaadeɛ mmienu a wɔanwene biribi agu mu
Na wɔde agu wɔn a wɔfom nneɛma no kɔn mu.’
31 O Yehowa, saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe,+
Na w’adɔfoɔ deɛ, ma wɔnyɛ sɛ awia a ɛde animuonyam repue.”
Na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40.+
6 Na Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.+ 2 Na Midianfoɔ teetee Israelfoɔ no.*+ Midianfoɔ nti, Israelfoɔ pɛɛ baabi wɔ mmepɔ mu, abodan mu, ne mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den* de wɔn ho kɔsieeɛ.+ 3 Sɛ Israelfoɔ yɛ afuo a, na Midianfoɔ ne Amalekfoɔ+ ne Apueeɛfoɔ+ abɛto ahyɛ wɔn so. 4 Wɔba a, na wɔkyekyere asoɛeɛ wɔ hɔ to hyɛ wɔn so, na na wɔsɛe wɔn asaase so nnɔbaeɛ nyinaa de kɔduru Gasa. Ná wɔnnya Israelfoɔ biribiara a wɔbɛdi. Afei nso, na wɔnnya odwan anaa nantwie anaa afunumu biara.+ 5 Ná wɔde wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba yuu te sɛ ntutummɛ.+ Ná wɔne wɔn yoma dɔɔso papaapa,+ na na wɔba asaase no so bɛsɛe no. 6 Midianfoɔ no nti, ohia fitaa kaa Israelfoɔ no. Enti Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+
7 Berɛ a Midianfoɔ no nti Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ 8 Yehowa somaa odiyifoɔ bi baa Israelfoɔ nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Me na meyii mo firii Egypt, na meyii mo firii nkoafie.+ 9 Megyee mo firii Egypt ne wɔn a wɔteetee mo no nyinaa nsam, na mepamoo wɔn firii mo anim, na mede wɔn asaase maa mo.+ 10 Na meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asaase so no anyame.”+ Nanso moantie me.’”*+
11 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ+ bɛtenaa dua kɛseɛ a ɛsi Ofra no ase, Abiesarni+ Yoas dua kɛseɛ no. Saa berɛ no, na Yoas ba Gideon+ reboro hwiit wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Midianfoɔ no renhunu. 12 Na Yehowa bɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkatakyie, Yehowa ka wo ho.”+ 13 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw oo, sɛ Yehowa ka yɛn ho ampa a, ɛnneɛ adɛn nti na weinom nyinaa ato yɛn?+ N’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn+ a wɔka kaa ho sɛ, ‘Yehowa na ɔyii yɛn firii Egypt’+ no, ne nyinaa wɔ he? Seesei Yehowa apo yɛn,+ na ɔde yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsa.” 14 Na Yehowa danee n’ani kyerɛɛ no kaa sɛ: “Fa ahoɔden a wowɔ yi ara kɔ, na wobɛgye Israelfoɔ afiri Midianfoɔ nsam.+ Ɛnyɛ me na meresoma wo anaa?” 15 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa, mepa wo kyɛw oo, ɛbɛyɛ dɛn na matumi agye Israel? Hwɛ! Manase abusuakuo mu nyinaa, m’abusua* na ɛsua koraa, na me papa fie nso, me na mensɛ hwee koraa.” 16 Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ enti wobɛdi Midianfoɔ so nkonim te sɛ deɛ wɔyɛ onipa baako.”
17 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ ma me sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wo na wo ne me rekasa. 18 Mepa wo kyɛw, mfiri ha nkɔ kɔsi sɛ mɛkɔ aba na mede m’akyɛdeɛ abɛsi w’anim.”+ Enti ɔkaa sɛ: “Mɛtena ha akɔsi sɛ wobɛsan aba.” 19 Na Gideon kɔe, na ɔkɔpɛɛ apɔnkye ba bi noaeɛ, na ɔde esiam efa* baako yɛɛ paanoo a mmɔka* nnim.+ Ɔde nam no guu kɛntɛn mu, ɛnna ɔde nam no ho nsuo no guu dadesɛn mu. Afei ɔde pue baa ne nkyɛn, na ɔde sii n’anim wɔ dua kɛseɛ no ase.
20 Na nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nam no ne paanoo a mmɔka nnim no kɔsi ɔbotan kɛseɛ no so, na hwie nam no ho nsuo no gu so.” Na ɔyɛɛ saa. 21 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura no no, na ɔde ano no kaa nam no ne paanoo a mmɔka nnim no, na egya firii ɔbotan no mu bɛhyee nam no ne paanoo a mmɔka nnim no.+ Na Yehowa bɔfoɔ no yera firii n’anim. 22 Ɛnna Gideon huu sɛ ɛyɛ Yehowa bɔfoɔ.+
Enti ɛhɔ ara na Gideon kaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, mawu awie! Yehowa bɔfoɔ na mahu n’anim yi!”+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo. Nsuro;+ worenwu.” 24 Enti Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa, na wɔfrɛ no Yehowa-Salom*+ bɛsi nnɛ. Ɛda so wɔ Abiesarfoɔ kuro Ofra mu.
25 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo papa nantwinini ketewa no, nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na bubu Baal afɔrebukyia a wo papa siiɛ no, na twa ɔbosom dua* a ɛsi ho no.+ 26 Afei hyehyɛ aboɔ no na fa si afɔrebukyia ma Yehowa wo Nyankopɔn wɔ abandenden yi atifi. Wowie a, fa nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu no, na fa no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ nnua asinasini no so, nnua a wonya firii ɔbosom dua* a wotwaeɛ no ho no.” 27 Enti Gideon yii mmarima du firii ne nkoa mu, na ɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. Nanso na ɔsuro ne papa fiefoɔ ne kurom hɔ mmarima no paa, enti wanyɛ adwuma no awia; ɔyɛɛ no anadwo.
28 Berɛ a kurom hɔ mmarima sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ wɔabubu Baal afɔrebukyia no, na wɔatwa ɔbosom dua* a ɛsi ho no, na nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu no nso, na wɔde no abɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a wɔsii no so. 29 Na wɔbisabisaa sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ saa adeɛ yi?” Berɛ a wɔhwehwɛɛ mu no, wɔkaa sɛ: “Yoas ba Gideon na ɔyɛeɛ.” 30 Enti kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ Yoas sɛ: “Fa wo ba no bra ma yɛnku no, ɛfiri sɛ wabubu Baal afɔrebukyia no, na watwa ɔbosom dua* a ɛsi ho no nso.” 31 Ɛnna Yoas+ bisaa nnipa a wɔbaa ne so no nyinaa sɛ: “Adɛn, mo na mobɛdi Baal asɛm ama no? Mo na mobɛgye no? Obiara a ɔbɛko ama Baal no, wɔnku no anɔpa yi ara.+ Sɛ ɔyɛ onyame a, ɛnneɛ obi abubu n’afɔrebukyia, enti momma ɔno ara nko mma ne ho.”+ 32 Enti saa da no, ɔtoo Gideon din Yerubaal,* na ɔkaa sɛ: “Momma Baal nko mma ne ho, ɛfiri sɛ obi abubu n’afɔrebukyia.”
33 Na Midianfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ ne Apueeɛfoɔ nyinaa kaa wɔn ho boom,+ na wɔtwa* baa Yesreel Bɔn mu,* na wɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ hɔ. 34 Afei Yehowa honhom baa Gideon so,*+ na ɔbɔɔ abɛn,+ na Abiesarfoɔ+ bɛdii n’akyi. 35 Ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ Manase asaase nyinaa so, na wɔn nso bɛdii n’akyi. Bio nso, ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali nsaase so, na wɔforo bɛhyiaa no.
36 Na Gideon ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no a,+ 37 ɛnneɛ mede odwan nwi regu ayuporobea hɔ. Sɛ bosuo fɔ odwan nwi no nko ara, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛnneɛ mɛhu sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no.” 38 Na saa ara na ɛbaeɛ. Berɛ a adeɛ kyee anɔpatutuutu a ɔsɔreeɛ no, ɔkyĩĩ odwan nwi no mu, na bosuo a ɛfirii mu baeɛ no yɛɛ kyɛnsee kɛseɛ bi ma. 39 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mma wo bo mmfu me; ma mensrɛ adeɛ baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma memfa odwan nwi yi nhwɛ adeɛ baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma odwan nwi no nko ara nwo, na bosuo mfɔ fam hɔ nyinaa.” 40 Na saa na Onyankopɔn yɛɛ anadwo no. Nwi no nko ara na ɛwoeɛ, na fam hɔ deɛ, bosuo fɔɔ hɔ nyinaa.
7 Afei Yerubaal a ɔno ara ne Gideon+ no ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpatutuutu, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Harod Asutire ho. Saa berɛ no, na Midianfoɔ akyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ Gideon asoɛeɛ no atifi fam wɔ More kokoɔ no ho wɔ asaasetraa no so.* 2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midianfoɔ bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho aka akyerɛ me sɛ, ‘Me ankasa me nsa na ɛgyee me.’+ 3 Afei mepa wo kyɛw, fa to nnipa no anim sɛ, ‘Obiara a ɔsuro na n’akoma atu no, ma no nsan nkɔ fie.’”+ Enti Gideon sɔɔ wɔn hwɛe. Ɛnna nnipa no mu 22,000 san wɔn akyi kɔɔ fie, na ɛkaa nnipa 10,000.
4 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a aka no da so ara dɔɔso. Ma wɔnsiane nkɔ nsuo no ho na mensɔ wɔn nhwɛ wɔ hɔ mma wo. Sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Wei na ɔne wo bɛkɔ’ a, ɔno na ɔne wo bɛkɔ. Na sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Wei ne wo renkɔ’ a, ɔne wo renkɔ.” 5 Enti ɔde nnipa no siane kɔɔ nsuo no ho.
Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Ma obiara a ɔbɛtafere nsuo sɛdeɛ kraman tafere nsuo no nnyina nkyɛn. Na ma obiara a ɔbɛbu nkotodwe anom nsuo no nso nnyina nkyɛn.” 6 Nnipa a wɔtaferee nsuo wɔ wɔn nsam no, na wɔn dodoɔ yɛ mmarima 300. Na nnipa a aka no deɛ, wɔn nyinaa buu nkotodwe nom nsuo no.
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Mmarima 300 a wɔtaferee nsuo no, wɔn na mede wɔn bɛgye mo, na mede Midianfoɔ bɛhyɛ wo nsa.+ Nnipa a aka no deɛ, ma wɔn nyinaa nsan nkɔ fie.” 8 Enti wɔgyee nneɛma ne mmɛn a ɛwɔ Israel mmarima a aka no nkyɛn no, na ɔmaa wɔn nyinaa san kɔɔ fie, na ɔmaa ɛkaa ɔne mmarima 300 no nko ara. Saa berɛ no, na Midianfoɔ asoɛeɛ no wɔ Gideon asoɛeɛ no ase wɔ asaasetraa no so.+
9 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Sɔre, kɔto hyɛ asoɛeɛ no so, ɛfiri sɛ mede ahyɛ wo nsa.+ 10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkɔ akɔto ahyɛ so a, ɛnneɛ wo ne wo somfoɔ Pura nsiane nkɔ asoɛeɛ hɔ. 11 Tie asɛm a wɔbɛka no, na ɛno akyi no, wobɛnya akokoɔduro* ato ahyɛ asoɛeɛ no so.” Enti ɔne ne somfoɔ Pura siane kɔɔ asraafoɔ asoɛeɛ no nkyɛn.
12 Saa berɛ no, na Midianfoɔ ne Amalekfoɔ ne Apueeɛfoɔ+ nyinaa abɛgu asaasetraa no so baabiara te sɛ ntutummɛ a wɔabom yuu. Ná wɔn yoma dɔɔso papaapa;+ ná wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea. 13 Berɛ a Gideon duruu hɔ no, na ɔbarima bi reka daeɛ a waso akyerɛ ne yɔnko. Ɔbarima no kaa sɛ: “Daeɛ a mesoeɛ no nie. Mehuu sɛ baali* paanoo kurukuruwa bi remunimuni ba Midian asoɛeɛ ha. Berɛ a ɛbɛduruu ntomadan bi ho no, ɛbɔɔ no dendeenden maa ɛtutu gui.+ Aane, ɛmaa ntomadan no dane butui, na ntomadan no hwee fam birim!” 14 Ɛnna ne yɔnko no kaa sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ ɛyɛ Yoas ba Gideon,+ Israelni no sekan. Onyankopɔn de Midianfoɔ ne asoɛeɛ no nyinaa ahyɛ ne nsa.”+
15 Berɛ a Gideon tee ɔbarima no daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ+ pɛ na ɔbuu nkotodwe som Onyankopɔn. Ɛno akyi no, ɔsan baa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ, na ɔkaa sɛ: “Monsɔre, na Yehowa de Midianfoɔ asoɛeɛ no ahyɛ mo nsa.” 16 Afei ɔkyɛɛ mmarima 300 no mu yɛɛ wɔn akuo mmiɛnsa, na ɔmaa wɔn nyinaa mmɛn+ ne nhina akɛseɛ. Ná tɛnee* hyehyɛ nhina no mu. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ me, na deɛ mɛyɛ biara, monyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Sɛ meduru asoɛeɛ no nkyɛn a, biribiara a mɛyɛ no, mo nso monyɛ saa ara. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho no nyinaa bɔ abɛn no a, mo nso, mommɔ abɛn no wɔ asoɛeɛ no ho baabiara, na monteateam sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa ne Gideon dea!’”
19 Gideon ne mmarima 100 a wɔka ne ho no baa asoɛeɛ no nkyɛn dasuom,* berɛ a na awɛmfoɔ rehyɛ wɔn adwuma ase no. Wɔbɔɔ abɛn no,+ na wɔbobɔɔ nhina akɛseɛ a wɔkurakura no.+ 20 Enti akuo mmiɛnsa no bɔɔ abɛn no, na wɔbobɔɔ nhina akɛseɛ no. Ná wɔkurakura tɛnee* no wɔ wɔn nsa benkum mu, na wɔbɔɔ abɛn a ɛkurakura wɔn nsa nifa no, na wɔteateaam sɛ: “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” 21 Saa berɛ no nyinaa, na mmarima no biara gyina baabi a wɔakyerɛ sɛ ɔnnyina no, na na wɔatwa asoɛeɛ no ho nyinaa ahyia. Ɛnna asraafoɔ no nyinaa dwaneeɛ.+ Wɔrekɔ nyinaa, na wɔreteateam. 22 Mmarima 300 no kɔɔ so bɔɔ wɔn abɛn no. Na Yehowa maa obiara a ɔwɔ asoɛeɛ hɔ twee sekan sii ne yɔnko so.+ Asraafoɔ no dwaneeɛ ara kɔduruu Bet-Sita, na wɔtoaa so kɔduruu Serera, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Abel-Mehola+ hyeɛ so wɔ Tabat ho.
23 Na wɔfrɛfrɛɛ Israel mmarima firii Naftali ne Aser ne Manase+ nyinaa, na wɔkɔtaa Midianfoɔ no. 24 Gideon soma kɔɔ Efraim mmepɔ nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtete hɔ no sɛ: “Monsiane nkɔto nhyɛ Midianfoɔ so, na monkɔsi kwan wɔ baabi a wɔfa twa nsuo no nkɔsi Bet-Bara ne Yordan.” Enti Efraim mmarima nyinaa boaa wɔn ho ano, na wɔkɔsisii kwan wɔ baabi a wɔfa twa nsuo no kɔsii Bet-Bara ne Yordan. 25 Afei nso, wɔkyee Midian aberempɔn mmienu a wɔn din de Oreb ne Seeb. Na wɔkum Oreb wɔ Oreb botan+ so, ɛnna wɔkum Seeb wɔ Seeb amena a wɔkyĩ nsã wom no ho. Wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no,+ na wɔde Oreb ne Seeb tiri brɛɛ Gideon wɔ Yordan mpɔtamu hɔ.
8 Na Efraim mmarima bisaa no sɛ: “Adɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Adɛn nti na woamfrɛ yɛn berɛ a wo ne Midianfoɔ rekɔko no?”+ Enti wɔne no hamee dendeenden.+ 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ moayɛ no, ɛnsene deɛ mayɛ anaa? Efraimfoɔ+ nnɔbaeɛ ase a nkurɔfoɔ sesa no, ɛnyɛ nkyɛn bobe a Abiesarfoɔ+ atwa? 3 Ɛyɛ mo nsa na Onyankopɔn de Midianfoɔ aberempɔn Oreb ne Seeb+ hyɛeɛ. Deɛ moayɛ no, ɛnsene deɛ mayɛ anaa?” Berɛ a ɔkaa saa no, wɔn bo dwoe.*
4 Afei Gideon bɛduruu Yordan ho, na ɔtwae. Ná ɔne ne mmarima 300 a wɔka ne ho no abrɛ, nanso wɔkɔɔ so ara taa wɔn.* 5 Na ɔka kyerɛɛ Sukot mmarima sɛ: “Mepa mo kyɛw, momma nnipa a wɔdi m’akyi no paanoo, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na meretaa Midian ahemfo Sebah ne Salmuna.” 6 Nanso Sukot aberempɔn no kaa sɛ: “Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wose yɛmma w’asraafoɔ paanoo?” 7 Ɛnna Gideon kaa sɛ: “Deɛ moaka yi nti, sɛ Yehowa de Sebah ne Salmuna hyɛ me nsa a, mede serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo bɛbirim mo.”+ 8 Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Penuel, na ɔde asɛm korɔ no ara kɔtoo wɔn anim. Nanso deɛ Sukot mmarima kaeɛ no, saa ara na Penuel mmarima nso ka kyerɛɛ no. 9 Enti ɔka kyerɛɛ Penuel mmarima nso sɛ: “Sɛ mesan ba asomdwoeɛ mu a, mɛdwiri abantenten yi agu fam.”+
10 Saa berɛ no, na Sebah ne Salmuna ne wɔn asraafoɔ wɔ Karkor. Ná wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima 15,000. Wɔn na na wɔaka wɔ Apueeɛfoɔ+ asraafoɔ no mu, ɛfiri sɛ na wɔakunkum wɔn mu mmarima 120,000 a wɔde sekan kɔ ɛko. 11 Gideon toaa so foro kɔfaa wɔn a wɔtete ntomadan mu no kwan so wɔ Noba ne Yogbeha+ apueeɛ, na ɔto hyɛɛ asoɛeɛ no so berɛ a wɔn ani nna. 12 Berɛ a Midian ahemfo mmienu no, Sebah ne Salmuna dwaneeɛ no, ɔtaa wɔn, na ɔkɔkyee Sebah ne Salmuna. Na wɔn a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa bɔɔ hu.
13 Ɛnna Yoas ba Gideon san firii ɛko no mu baeɛ. Ɔreba no, ɔfaa ɛkwan a ɛforo kɔ Heres no so. 14 Berɛ a ɔnam kwan so reba no, ɔkyee aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot, na ɔbisabisaa no nsɛm. Na aberanteɛ no twerɛɛ Sukot aberempɔn ne wɔn mpanimfoɔ din maa no. Ná wɔyɛ mmarima 77. 15 Ɛnna Gideon kɔɔ Sukot mmarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sebah ne Salmuna nie. Wɔn nti na motwaa me adapaa sɛ, ‘Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wose yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo?’”+ 16 Ɛnna ɔkyee kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔde serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo hwee Sukot mmarima no maa wɔn ho baee wɔn.*+ 17 Na ɔdwirii Penuel+ abantenten no gui, na ɔkunkum kurom hɔ mmarima.
18 Afei ɔbisaa Sebah ne Salmuna sɛ: “Mmarima bɛn saa na mokunkum wɔn wɔ Tabor no?” Wɔbuaa sɛ: “Wɔte sɛ wo ara; wɔn mu biara te sɛ ɔhene ba.” 19 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ me nuanom, me maame mma mmarima. Sɛ́ Yehowa te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenku mo.” 20 Na ɔka kyerɛɛ ne ba panin Yeter sɛ: “Sɔre, kum wɔn.” Nanso aberanteɛ no antwe ne sekan. Ná ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so ara yɛ abarimaa. 21 Ɛnna Sebah ne Salmuna kaa sɛ: “Sɛ obi yɛ ɔbarima a, n’ahoɔden na ɛkyerɛ.* Wo ara sɔre ku yɛn.” Enti Gideon sɔree, na ɔkunkum Sebah ne Salmuna,+ na ɔyiyii agudeɛ a ɛte sɛ bosome a ɛdeda wɔn yoma kɔn mu no.
22 Akyire yi, Israelfoɔ ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Di yɛn so, wo ne wo mma ne wo mmanana nyinaa, ɛfiri sɛ wo na wogyee yɛn firii Midianfoɔ nsam.”+ 23 Nanso Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merenni mo so, na me ba nso renni mo so. Yehowa na ɔbɛdi mo so.”+ 24 Gideon toaa so kaa sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ biribi ma me: Obiara mfa hwenem kawa a ɔnyaa wɔ ɛko mu no baako mma me.” (Ɛsiane sɛ na wɔn atamfo no yɛ Ismaelfoɔ+ nti, na wɔwɔ sika kɔkɔɔ hwenem nkawa.) 25 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛde bɛma wo dodo.” Enti wɔde ntoma sɛɛ fam, na obiara de hwenem kawa a ɔnyaa wɔ ɛko mu no baako too so. 26 Sika kɔkɔɔ hwenem nkawa a ɔgyeeɛ no nko ara mu duro yɛ sika kɔkɔɔ nnwetɛbena* 1,700; agudeɛ a ɛte sɛ bosome ne asomuadeɛ ne ntaadeɛ afasebire a na ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, ne kɔnmuadeɛ a ɛdeda yoma kɔn mu no+ nka ho.
27 Gideon de yɛɛ efɔd,*+ na ɔde kɔkyerɛɛ wɔ ne kurom Ofra.+ Nanso Israelfoɔ nyinaa de yɛɛ onyame somee,*+ na ɛyɛɛ fidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.+
28 Na Israelfoɔ dii Midianfoɔ+ so nkonim, na wɔantumi ne Israelfoɔ anko* bio. Na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40 wɔ Gideon berɛ so.+
29 Enti Yoas ba Yerubaal+ san kɔɔ ne fie kɔtenaa hɔ.
30 Gideon woo mma mmarima 70,* ɛfiri sɛ na ne yerenom dɔɔso. 31 Ne mpena* bi a ɔwɔ Sekem nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo ne din Abimelek.+ 32 Yoas ba Gideon nyini kyɛe paa ansa na ɔrewu, na ɛda a wɔsiee ne papa Yoas wom wɔ Abiesarfoɔ+ kuro Ofra mu no, ɛhɔ ara na wɔsiee ɔno nso.
33 Berɛ a Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no san ne Baal ahoni+ kɔbɔɔ adwaman bio, na wɔde Baal-Berit+ yɛɛ wɔn nyame. 34 Na Israelfoɔ ankae Yehowa wɔn Nyankopɔn+ a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam no.+ 35 Na nneɛma pa a Yerubaal a ɔno ara ne Gideon yɛɛ wɔ Israel nyinaa akyi no, Israelfoɔ anna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi ankyerɛ ne fiefoɔ.+
9 Akyire yi, Yerubaal ba Abimelek+ kɔɔ ne maame nua mmarima nkyɛn wɔ Sekem, na ɔka kyerɛɛ wɔne ne nanabarima abusuafoɔ nyinaa* sɛ: 2 “Mepa mo kyɛw, mommisa Sekem mpanimfoɔ* nyinaa sɛ, ‘Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo? Mopɛ sɛ Yerubaal+ mma mmarima 70 no nyinaa di mo so, anaa mopɛ sɛ onipa baako na ɔdi mo so? Monkae sɛ meyɛ mo ara mo dompe ne mo honam.’”*
3 Enti ne maame nuanom no kɔkaa n’asɛm no kyerɛɛ Sekem mpanimfoɔ nyinaa, na wɔn akoma dane kɔdii Abimelek akyi, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ yɛn ara yɛn nua.” 4 Ɛnna wɔyii nnwetɛbena 70 firii Baal-Berit+ abosomfie* de maa no, na Abimelek de bɔɔ mmarima akwasampafoɔ bi a wɔnni dwuma bi die paa sɛ wɔnni n’akyi. 5 Afei ɔkɔɔ ne papa fie wɔ Ofra,+ na ɔkɔkunkum ne nuanom,+ Yerubaal mma mmarima 70 no wɔ ɛboɔ baako so. Ɛkaa Yerubaal ba kumaa Yotam nko ara, ɛfiri sɛ ɔde ne ho sieeɛ.
6 Enti Sekem mpanimfoɔ nyinaa ne Bet-Milofoɔ nyinaa hyiae, na wɔsii Abimelek hene+ wɔ dua kɛseɛ no ho wɔ edum a ɛsi Sekem no nkyɛn.
7 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ Yotam no, ntɛm ara na ɔkɔgyinaa Gerisim Bepɔ+ so, na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sekem mpanimfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso bɛtie mo:
8 “Berɛ bi, nnua nyinaa kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi de no asi wɔn so hene. Enti wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ, ‘Di yɛn so hene.’+ 9 Na ngodua bisaa wɔn sɛ, ‘Me ngo* a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, mopɛ sɛ megyae yɛ na mekɔdi nnua a aka no so hene* anaa?’ 10 Ɛnna nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’ 11 Na borɔdɔma dua no bisaa wɔn sɛ, ‘Aba pa dɛdɛɛdɛ a meso no, mopɛ sɛ megyae na mekɔdi nnua a aka no so hene anaa?’ 12 Afei nnua no kɔka kyerɛɛ bobe dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’ 13 Ɛnna bobe dua no bisaa wɔn sɛ, ‘Bobesa foforɔ a ɛma Onyankopɔn ne nnipa ani gye no, mopɛ sɛ megyae yɛ na mekɔdi nnua a aka so hene anaa?’ 14 Ɛwiee aseɛ no, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ-nkasɛɛ dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’+ 15 Ɛnna nkasɛɛ-nkasɛɛ dua ka kyerɛɛ nnua no sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa sɛ mopɛ sɛ mosra me si mo so hene a, ɛnneɛ mommra me nwunu ase mmɛhome. Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya mfiri nkasɛɛ-nkasɛɛ dua mu na ɛmmɛhye Lebanon sida nnua.’
16 “Abimelek a mode no asi hene yi,+ enti mohwɛ a ɛfata, na ɛfiri mo akomam paa? Mohwɛ a, mo ne Yerubaal ne ne fiefoɔ adi no yie? Deɛ ɔyɛeɛ no, ɛho akatua nie? 17 Berɛ a me papa ko maa mo no,+ ɔde ne nkwa* too ne nsam gyee mo firii Midian nsam.+ 18 Nanso ɛnnɛ, moasɔre atia me papa fiefoɔ, na moakunkum ne mma, mmarima 70 wɔ ɛboɔ baako so.+ Mowieeɛ a, mode n’abaawa ba Abimelek+ asi Sekem mpanimfoɔ so hene, ɛsiane sɛ ɔyɛ mo nua nti. 19 Enti deɛ mode adi Yerubaal ne ne fiefoɔ nnɛ no, sɛ ɛfata, na sɛ ɛfiri mo akomam paa a, ɛnneɛ monni Abimelek ho ahurisie na ɔno nso nni mo ho ahurisie. 20 Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekem mpanimfoɔ ne Bet-Milo+ mpanimfoɔ, na egya mfiri Sekem mpanimfoɔ ne Bet-Milo mpanimfoɔ mu mmɛhye Abimelek.”+
21 Afei Yotam+ dwane kɔɔ Beer, na ne nua Abimelek nti ɔtenaa hɔ.
22 Na Abimelek dii Israel so hene* mfeɛ mmiɛnsa. 23 Afei Onyankopɔn maa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam sɛee,* na Sekem mpanimfoɔ ne Abimelek dii no nwononwoonwono. 24 Ɔyɛɛ saa de tuaa kum a Abimelek kum Yerubaal mma mmarima 70 yayaaya no so ka, na ama wɔn mogya abɛgu wɔn nua Abimelek tiri so, ɛfiri sɛ ɔno na ɔkum wɔn,+ na asan abɛgu Sekem mpanimfoɔ tiri so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔboaa no maa ɔkum ne nuanom no. 25 Enti Sekem mpanimfoɔ maa nkurɔfoɔ kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na obiara a ɔbɛtwam wɔ wɔn nkyɛn no, na wɔgye ne nneɛma wɔ kwan no so. Akyire yi, nkurɔfoɔ kɔkaa deɛ na wɔreyɛ no kyerɛɛ Abimelek.
26 Ɛnna Ebed ba Gaal ne ne nuanom bɛtwaam kɔɔ Sekem,+ na Sekem mpanimfoɔ de wɔn werɛ hyɛɛ ne mu. 27 Na wɔkɔɔ wuram kɔtetee wɔn bobe mfuo mu aba, na wɔkyĩ de yɛɛ nsã, na wɔdii afahyɛ. Afei wɔkɔɔ wɔn nyame fie+ kɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek. 28 Na Ebed ba Gaal bisaa sɛ: “Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no? Ɔnyɛ Yerubaal+ ba, na Sebul nyɛ ne nanmusini? Monsom Sekem papa Hamor mma mmarima! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29 Sɛ ɔman yi hyɛ m’ase a, anka matu Abimelek adeɛ so.” Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: “Pɛ asraafoɔ bebree na pue bra.”
30 Berɛ a Sebul a ɔyɛ kuro no berempɔn tee Ebed ba Gaal asɛm no, ne bo fui. 31 Enti ɔfaa akyire somaa nnipa kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na wɔama kurom hɔfoɔ nyinaa asɔre atia wo. 32 Enti wo ne nnipa a wɔka wo ho no mforo mmra anadwo, na monkɔtɛ wuram. 33 Sɛ awia pue anɔpa pɛ, sɔre ntɛm na to hyɛ kuro no so; na sɛ ɔne ne dɔm pue ba wo so a, yɛ deɛ wobɛtumi biara di ne so nkonim.”*
34 Enti Abimelek ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɔree anadwo, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo nnan, na wɔkɔtetɛɛ Sekem. 35 Berɛ a Ebed ba Gaal pue kɔgyinaa kuro no pono ano no, Abimelek ne nkurɔfoɔ a ɛka ne ho no pue firii baabi a wɔkɔtɛeɛ no. 36 Berɛ a Gaal huu nkurɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: “Hwɛ! Nnipa bi firi mmepɔ no atifi resiane.” Nanso Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na wohu no sɛ nnipa no.”
37 Akyire yi Gaal san kaa sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi asaase no mfimfini reba, na ekuo baako nam Meonenim dua kɛseɛ no kwan so reba.” 38 Ɛnna Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na na woredwa w’anom sɛ, ‘Hwan ne Abimelek a ɛsɛ sɛ yɛsom no’+ no? Ɛnyɛ saa nkurɔfoɔ yi na wopoo wɔn no? Afei pue kɔ na wo ne wɔn nkɔko.”
39 Enti Gaal dii Sekem mpanimfoɔ anim ne Abimelek kɔkoe. 40 Na Abimelek taa Gaal, na ɔdwanee, na wɔkunkum nnipa pii guu hɔ ara kɔsii kuro no pono ano.
41 Afei Abimelek kɔɔ so tenaa Aruma, na Sebul+ pamoo Gaal ne ne nuanom firii Sekem. 42 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no pue kɔɔ wuram. Na ebinom kɔka kyerɛɛ Abimelek. 43 Enti ɔfaa nkurɔfoɔ no, na ɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmiɛnsa, na wɔkɔtetɛɛ wuram. Na berɛ a ɔhuu sɛ nnipa no apue afiri kurom hɔ reba no, ɔto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn. 44 Na Abimelek ne kuo a wɔka ne ho no bɔɔ twi kɔgyinaa kuro no pono ano, na akuo mmienu no nso kɔto hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram no nyinaa so kunkum wɔn. 45 Na Abimelek ne kuro no mufoɔ koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no. Afei ɔkunkum nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔsɛee kuro no,+ na ɔde nkyene petee hɔ nyinaa.
46 Berɛ a Sekem abantenten mu mpanimfoɔ teeɛ no, ɛhɔ ara na wɔkɔhyɛɛ El-Berit fie*+ ahintaeɛ* mu. 47 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem abantenten mu mpanimfoɔ no nyinaa aboa wɔn ano no, ɛhɔ ara na 48 Abimelek ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa kɔɔ Salmon Bepɔ so. Na Abimelek faa akuma de twaa dua nkorabata bi, na ɔmaa so too ne kɔn ho. Afei ɔka kyerɛɛ nnipa a wɔka ne ho no sɛ: “Deɛ mohuu sɛ mereyɛ no, obiara nyɛ ntɛm nyɛ bi!” 49 Enti nnipa no nyinaa nso twitwaa dua nkorabata de dii Abimelek akyi. Na wɔde bɛguu ahintaeɛ a ɛwɔ aban no ase no ho, na wɔde egya toom. Enti nnipa a wɔwɔ Sekem abantenten no mu nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmaa bɛyɛ 1,000.
50 Afei Abimelek kɔɔ Tebes. Ɔkaa nnipa no hyɛɛ Tebes kuro no mu, na ɔko fae. 51 Ná abandenden bi wɔ kuro no mfimfini, enti mmarima ne mmaa ne kuro no mu mpanimfoɔ nyinaa dwane kɔhyɛɛ hɔ, na wɔtoo mu foro kɔɔ aban no atifi. 52 Abimelek kɔɔ aban no ho sɛ ɔrekɔbɔ awura mu. Na ɔkɔɔ aban no pono ano sɛ ɔde egya rekɔto mu. 53 Ɛnna mmaa no baako gyaa ɛboɔ a wɔde yam adeɛ mu bɛhwee Abimelek tirim maa ne tikwankoraa mu paeeɛ.+ 54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a ɔkura n’akodeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo sekan ku me, na nkurɔfoɔ anka sɛ, ‘Ɔbaa na ɔkuu no.’” Enti n’akoa no de ne sekan wɔɔ no maa no wui.
55 Berɛ a Israel mmarima no huu sɛ Abimelek awu no, obiara san kɔɔ ne fie. 56 Enti bɔne a Abimelek de yɛɛ ne papa a ɛne sɛ ɔkunkum ne nuanom 70 no, Onyankopɔn tuaa no ka.+ 57 Afei nso, bɔne a Sekem mmarima yɛeɛ nyinaa, Onyankopɔn maa ɛbaa wɔn ankasa tiri so. Enti Yerubaal+ ba Yotam+ nnome no baa wɔn so.
10 Abimelek akyi no, Tola na ɔsɔre bɛgyee Israelfoɔ.+ Ná ɔyɛ Dodo ba Pua ba, na na ɔfiri Isakar abusuakuo mu. Ɔtenaa Samir wɔ Efraim mmepɔ mu. 2 Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ 23, na ɔwu maa wɔsiee no wɔ Samir.
3 N’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ 22. 4 Ná ɔwɔ mma mmarima 30 a wɔtenatena mfunumu 30 so, na na wɔwɔ nkuro 30 a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asaase so. 5 Akyire yi, Yair wu maa wɔsiee no wɔ Kamon.
6 Na Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na wɔfirii aseɛ som Baal ahoni,+ ne Astoret ahoni, ne Aram* anyame, ne Sidon anyame, ne Moab anyame,+ ne Ammonfoɔ anyame,+ ne Filistifoɔ anyame.+ Wɔgyaa Yehowa hɔ, na wɔansom no. 7 Na Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Ammonfoɔ nsa.+ 8 Enti wɔmiaa Israelfoɔ no, na wɔteetee wɔn saa afe no. Mfeɛ 18 na wɔde teetee Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, asaase a na ɛyɛ Amorifoɔ asaase wɔ Gilead no. 9 Saa berɛ no, na Ammonfoɔ twa Yordan nsuo no ne Yuda ne Benyamin ne Efraim mmusuakuo kɔko, na Israelfoɔ hunuu amane paa. 10 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ wo bɔne, ɛfiri sɛ yɛagya wo a woyɛ yɛn Nyankopɔn no hɔ akɔsom Baal ahoni.”+
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Mannye mo amfiri Egyptfoɔ,+ ne Amorifoɔ,+ ne Ammonfoɔ, ne Filistifoɔ,+ 12 ne Sidonfoɔ, ne Amalek, ne Midian nsam berɛ a wɔteetee mo no anaa? Berɛ a mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam. 13 Nanso mogyaa me hɔ, na mokɔsom anyame foforɔ.+ Ɛno nti, merennye mo bio.+ 14 Monkɔ anyame a moyii wɔn no hɔ, na monkɔsu mfrɛ wɔn mma wɔmmoa mo.+ Momma wɔnnye mo wɔ mo amanehunu berɛ mu.”+ 15 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne. Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so biara, fa yɛ yɛn. Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ, gye yɛn nnɛ da yi.” 16 Na wɔyiyii ananafoɔ anyame no firii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa.+ Ɛno nti, wantumi anhwɛ Israelfoɔ amanehunu no bio.*+
17 Berɛ bi akyi no, Ammonfoɔ+ boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Gilead. Na Israelfoɔ nso boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Mispa. 18 Na Gileadfoɔ ne wɔn aberempɔn bisabisaa sɛ: “Hwan na ɔbɛdi yɛn anim ne Ammonfoɔ akɔko?+ Ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”
11 Ná Gileadni Yefta+ yɛ katakyie. Ná ɔyɛ tuutuuni baa bi ba, na na Yefta papa din de Gilead. 2 Gilead yere nso woo mma mmarima maa no. Berɛ a ne yere no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Worennya agyapadeɛ biara wɔ yɛn papa fie, ɛfiri sɛ woyɛ ɔbaa foforɔ ba.” 3 Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn, na ɔkɔtenaa Tob asaase so. Ɛnna akobɔfoɔ bi boaa wɔn ano kɔkaa Yefta ho, na wɔdii n’akyi.
4 Akyire yi, Ammonfoɔ ne Israelfoɔ bɛkoe.+ 5 Berɛ a Ammonfoɔ ne Israelfoɔ bɛkoeɛ no, Gilead mpanimfoɔ yɛɛ ntɛm kɔɔ sɛ wɔrekɔfa Yefta afiri Tob asaase so asan aba. 6 Na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Bra bɛyɛ yɛn sahene, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ne Ammonfoɔ no ako.” 7 Ɛnna Yefta bisaa Gilead mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ mo na motan me dendeenden a enti mopamoo me firii me papa fie no?+ Afei a mo ho akyere mo no, moaba me nkyɛn sɛ menyɛ mo dɛn?” 8 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Ɛno nti na seesei yɛasan aba wo nkyɛn yi. Enti sɛ wo ne yɛn kɔ na yɛne Ammonfoɔ kɔko a, wobɛyɛ yɛn so panin, na wobɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”+ 9 Ɛnna Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: “Sɛ mode me san kɔ ma me ne Ammonfoɔ kɔko, na Yehowa di wɔn so nkonim ma me a, ɛnneɛ mɛyɛ mo so panin!” 10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Sɛ yɛanyɛ deɛ woaka yi a, Yehowa nyɛ yɛne wo ntam danseni.”* 11 Enti Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no kɔe, na ɔman no de no yɛɛ wɔn so panin ne wɔn sahene. Na Yefta kaa ne nsɛm no nyinaa bio wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+
12 Ɛnna Yefta somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Ammon+ hene nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ wo* a enti woaba m’asaase so sɛ wo ne me rebɛko yi?” 13 Na Ammonfoɔ hene no ka kyerɛɛ wɔn a Yefta somaa wɔn no sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba* no, wɔfaa m’asaase,+ ɛfiri Arnon+ kɔ Yabok kɔsi Yordan ho.+ Enti sɛ wompɛ wo ho asɛm a, san fa m’adeɛ ma me bɔkɔɔ.” 14 Nanso Yefta san somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Ammonfoɔ hene no nkyɛn 15 kɔka kyerɛɛ no sɛ:
“Yefta se yɛnka nkyerɛ wo sɛ: ‘Israel amfa Moabfoɔ asaase+ ne Ammonfoɔ asaase biara.+ 16 Berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba no, wɔnante faa serɛ so bɛduruu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho,+ na wɔfiri hɔ baa Kades.+ 17 Na Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Edom hene nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so,” nanso Edom hene ampene. Wɔsoma kɔɔ Moab hene nso nkyɛn,+ na ɔno nso ampene. Enti Israelfoɔ kɔɔ so tenaa Kades.+ 18 Berɛ a wɔnam serɛ so no, wɔtwa faa Edom asaase ne Moab asaase ho.+ Wɔfaa Moab asaase no apueeɛ fam,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu. Wɔantra amma Moab asaase so,+ ɛfiri sɛ na Arnon da Moab hyeɛ so.
19 “‘Akyire yi, Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon, Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so nkɔ baabi a yɛrekɔ.”+ 20 Nanso na Sihon nnye Israelfoɔ no nni sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa n’asaase so kɛkɛ, enti Sihon boaboaa ne nkurɔfoɔ nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Yahas, na wɔne Israelfoɔ koe.+ 21 Ɛnna Israel Nyankopɔn Yehowa de Sihon ne ne nkurɔfoɔ nyinaa hyɛɛ Israelfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so nkonim, na Israelfoɔ faa nsaase a Amorifoɔ tete so wɔ saa mantam no mu nyinaa.+ 22 Enti wɔfaa Amorifoɔ nsaase nyinaa, ɛfiri Arnon kɔsi Yabok, ɛfiri serɛ so kɔsi Yordan ano.+
23 “‘Israel Nyankopɔn Yehowa na ɔtuu Amorifoɔ firii ne man Israel anim,+ ɛnna seesei wopɛ sɛ wopamo Israel firi so yi? 24 Asaase a wo nyame Kemos+ bɛma woagye no, ɛnyɛ ɛno ara na wobɛfa? Enti yɛn nso, obiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛpamo no afiri yɛn anim no, ɔno na yɛbɛfa n’asaase.+ 25 Adɛn, ɛyɛ wo sɛ wokyɛn Sipor ba Balak,+ Moab hene no anaa? Woate sɛ ɔne Israel reham anaasɛ ɔne wɔn reko pɛn? 26 Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro+ ne Aroer ne ɛho nkuro ne nkuro a ɛgu Arnon nsuo ano nyinaa mu mfeɛ 300 no, adɛn nti na saa berɛ no woanka sɛ wobɛgye afiri wɔn nsam?+ 27 Menyɛɛ wo bɔne; wo na woayɛ me bɔne sɛ wode ntɔkwa atoa me. Ma Ɔtemmufoɔ+ Yehowa mmu Israelfoɔ ne Ammonfoɔ ntam atɛn nnɛ.’”
28 Nanso Ammonfoɔ hene no antie asɛm a Yefta soma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no.
29 Ɛnna Yehowa honhom baa Yefta so,+ na ɔkɔfaa Gilead ne Manase kɔɔ Gilead a ɛwɔ Mispe,+ na ɔfiri Gilead a ɛwɔ Mispe toaa so kɔɔ Ammonfoɔ no so.
30 Na Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ+ sɛ: “Sɛ wode Ammonfoɔ hyɛ me nsa, 31 na medi Ammonfoɔ so nkonim na mesan ba asomdwoeɛ mu a, obiara a ɔbɛpue afiri me fie pono ano abɛhyia me no, mede no bɛma Yehowa,+ na mede no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama no.”+
32 Enti Yefta ne Ammonfoɔ no kɔkoe, na Yehowa de wɔn hyɛɛ ne nsa. 33 Na ɔkunkum Ammonfoɔ bebree paa firii Aroer ara kɔduruu Minit, nkuro 20; ɔkunkum wɔn ara kɔduruu Abel-Keramim. Enti Israelfoɔ dii Ammonfoɔ so nkonim.
34 Ɛnna Yefta baa ne fie wɔ Mispa.+ Na hwɛ! ne babaa de mpintin ne asa bɛhyiaa no! Ná ɔno nko ara ne ne ba. Ná ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa biara ka ne ho. 35 Berɛ a ɔhuu no no, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Ao, me babaa! Woama m’akoma abubu,* ɛfiri sɛ wo na matwa wo asu. Nanso manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti merentumi ntwe nsan.”+
36 Ɛnna ne babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Paapa, sɛ woabue w’ano ahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnneɛ sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, yɛ me saa ara,+ ɛfiri sɛ Yehowa atua w’atamfo Ammonfoɔ so ka ama wo.” 37 Na ɔsan ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Adeɛ baako pɛ na meresrɛ wo: Ma mente me ho mfiri wo ho abosome mmienu, na menkɔ bepɔ so na me ne me nnamfo mmaa nkɔsu me baabunyɛ ho.”*
38 Ɛnna ne papa kaa sɛ: “Kɔ!” Enti ɔgyaa no kwan maa no kɔɔ abosome mmienu. Na ɔne ne nnamfo no kɔɔ bepɔ so kɔsuu wɔ ne baabunuyɛ ho. 39 Berɛ a abosome mmienu no soeɛ no, ɔsan baa ne papa nkyɛn, na ne papa yɛɛ no sɛdeɛ wahyɛ bɔ no.+ Na ababaawa no ne ɔbarima biara anna da. Na ɛbɛyɛɛ amanneɛ wɔ Israel. Ɛne sɛ: 40 Afe biara, na Israel mmabaawa de nnanan kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no.
12 Na Efraim mmarima boaa wɔn ho ano, na wɔtwa kɔɔ Safon* kɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Berɛ a wɔretwa akɔ ne Ammonfoɔ akɔko no, adɛn nti na woamfrɛ yɛn amma yɛne wo ankɔ?+ Yɛbɛtwa egya ato wo fie mu ahye wo ne efie no nyinaa.” 2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ntɔkwa kɛseɛ bi sɔree wɔ me ne me nkurɔfoɔ ne Ammonfoɔ ntam. Mefrɛɛ mo sɛ mommɛboa me, nanso moammɛgye me amfiri wɔn nsam. 3 Berɛ a mehuu sɛ moremma mmɛgye me no, meyɛɛ m’adwene sɛ mede me nkwa* bɛto me nsam na me ne Ammonfoɔ no akɔko.+ Na Yehowa nso de wɔn hyɛɛ me nsa. Enti adɛn na nnɛ moaba sɛ mo ne me rebɛko yi?”
4 Ɛnna Yefta boaboaa Gilead mmarima+ nyinaa ano, na wɔne Efraimfoɔ kɔkoe. Na Gilead mmarima dii Efraimfoɔ so nkonim. Saa Efraimfoɔ no na wɔkaa sɛ: “Mo Gileadfoɔ a mowɔ Efraim ne Manase no, moyɛ Efraim akobɔfoɔ.” 5 Na Gileadfoɔ dii kan kɔsii baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no+ ansa na Efraimfoɔ no reduru hɔ. Sɛ Efraimfoɔ a wɔredwane no bi kɔduru hɔ na ɔka sɛ: “Momma mentwa nkɔ” a, na Gileadfoɔ no abisa no sɛ: “Woyɛ Efraimni?” Sɛ ɔka sɛ: “Daabi!” a, 6 na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Ka sɛ Shibolet.” Nanso ɛyɛ a ɔntumi nka no yie, enti ɔka sɛ “Sibolet.” Ɛba saa a, na wɔakye no aku no wɔ baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no. Enti saa berɛ no, Efraimfoɔ 42,000 na wɔwuwuiɛ.
7 Gileadni Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia, na ɛno akyi no ɔwui, na wɔsiee no wɔ ne kurom wɔ Gilead.
8 N’akyi no, Ibsan a ɔfiri Betlehem bɛbuu Israel atɛn.+ 9 Ná ɔwɔ mma mmarima 30 ne mma mmaa 30. Ɔmaa ne mma mmaa no waree mmarima a wɔmfiri n’abusua mu, na ɔkɔpɛɛ mmaa 30 brɛɛ ne mma mmarima no sɛ wɔnware wɔn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson. 10 Afei Ibsan wui, na wɔsiee no wɔ Betlehem.
11 N’akyi no, Sebulonni Elon bɛbuu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du. 12 Afei Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no wɔ Ayalon wɔ Sebulon asaase so.
13 N’akyi no, Piratonni Hilel ba Abdon bɛbuu Israel atɛn. 14 Ná ɔwɔ mma mmarima 40 ne mmanana mmarima 30 a wɔtenatenaa mfunumu 70 so. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe. 15 Afei Piratonni Hilel ba Abdon wui, na wɔsiee no wɔ Piraton a ɛwɔ Efraimfoɔ asaase so wɔ Amalekfoɔ+ bepɔ so.
13 Na Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na Yehowa de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ+ nsa mfeɛ 40.
2 Saa berɛ no, na ɔbarima bi wɔ Sora+ a ɔfiri Dan abusuakuo+ mu, na na ne din de Manoa.+ Ná ne yere yɛ bonini* a ɔnni ba.+ 3 Da bi, Yehowa bɔfoɔ baa ɔbaa no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, woyɛ bonini, na wonni ba. Nanso wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima.+ 4 Mmom hwɛ na woannom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na nni biribiara a ɛho nteɛ.+ 5 Hwɛ! Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ ɔyi ne ti,*+ ɛfiri sɛ sɛ wonya wo abɔfra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn. Na ɔno na ɔbɛdi animu agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”+
6 Ɛnna ɔbaa no kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no nipa bi baa me nkyɛn. Wohwɛ no a, ɔte sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, na ne ho yɛ hu paa. Mammisa no baabi a ɔfiri, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Hwɛ! Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Mmom hwɛ na woannom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara, na nni biribiara a ɛho nteɛ, ɛfiri sɛ sɛ wonya wo abɔfra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn akɔsi da a ɔbɛwuo.’”
8 Ɛnna Manoa bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Yehowa, mepa wo kyɛw. Mesrɛ wo, ma nokorɛ Nyankopɔn no nipa a wosomaa no seesei ara no nsan mmra, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a yɛbɛwo no no.” 9 Na nokorɛ Nyankopɔn no tiee Manoa, na nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ no san baa ɔbaa no nkyɛn bio. Saa berɛ no, na ɔbaa no te baabi wɔ wuram, na na ne kunu Manoa nni ne nkyɛn. 10 Na ɔbaa no yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no asan aba bio!”+
11 Ɛnna Manoa sɔreeɛ, na ɔne ne yere kɔe. Na ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Wone ɔbarima a wo ne me yere kasaeɛ no?” Na ɔkaa sɛ: “Aane, ɛyɛ me a.” 12 Ɛnna Manoa kaa sɛ: “Deɛ woaka no, ɛmmra mu! Abɔfra no bɛbɔ ne bra sɛn, na adwuma bɛn na ɔbɛyɛ?”+ 13 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Biribiara a maka akyerɛ wo yere sɛ ɔntwe ne ho mfiri ho no, ɔnni so.+ 14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛho nteɛ.+ Deɛ maka akyerɛ no nyinaa, ma no nni so.”
15 Afei Manoa ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, twɛn ma yɛmpɛ apɔnkye ba bi nyɛ aduane mma wo.”+ 16 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Sɛ metwɛn mpo a, merenni w’aduane no. Nanso sɛ wopɛ sɛ wobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa a, wobɛtumi abɔ.” Ná Manoa nnim sɛ ɔyɛ Yehowa bɔfoɔ. 17 Afei Manoa bisaa Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Wo din de sɛn,+ na sɛ deɛ woaka yi ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam?” 18 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ wohunu me din? Me din yɛ nwanwa.”
19 Enti Manoa faa apɔnkye ba no ne aduane a ɔde rekɔbɔ afɔreɛ no, na ɔde bɔɔ afɔreɛ wɔ ɔbotan no so maa Yehowa. Na Ɔyɛɛ* anwanwadeɛ; ɔreyɛ nyinaa, na Manoa ne ne yere rehwɛ. 20 Berɛ a egyaframa firi afɔrebukyia no so rekɔ soro no, Yehowa bɔfoɔ no faa gyaframa no mu kɔɔ soro. Saa berɛ no nyinaa na Manoa ne ne yere rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no. Ɛhɔ ara na wɔde wɔn anim butubutuu fam. 21 Yehowa bɔfoɔ no ansan amma Manoa ne ne yere nkyɛn bio. Ɛnna Manoa huu sɛ ɔbarima no yɛ Yehowa bɔfoɔ.+ 22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Owuo na yɛbɛwuo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na yɛde yɛn ani ahu no yi.”+ 23 Nanso ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka ɔrennye ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ mfiri yɛn nsam, anka ɔremma yɛnhunu weinom nyinaa, na anka ɔrenka weinom mu biara nso nkyerɛ yɛn.”
24 Akyire yi, ɔbaa no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Samson.+ Berɛ a abɔfra no renyini no, Yehowa kɔɔ so hyiraa no. 25 Berɛ bi akyi no, Yehowa honhom firii aseɛ pusuu no.+ Saa berɛ no, na ɔwɔ Mahane-Dan+ wɔ Sora ne Estaol+ ntam.
14 Na Samson kɔɔ* Timna, na berɛ a ɔwɔ Timna no, ɔhuu Filistini baa* bi. 2 Enti ɔkɔka* kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ: “Mahunu Filistini baa bi wɔ Timna, na mepɛ sɛ mokɔware no ma me.” 3 Nanso ne papa ne ne maame bisaa no sɛ: “Enti worennya ɔbaa biara wɔ w’abusuafoɔ ne yɛn nkurɔfoɔ nyinaa mu?+ Filistifoɔ a wɔntwaa twetia* yi mu na worekɔpɛ yere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Kɔware no ma me, ɛfiri sɛ ɔno ara na mepɛ no.”* 4 Ná ne papa ne ne maame nnim sɛ Yehowa nsa wom, ɛfiri sɛ na Ɔrehwehwɛ kwan a ɔbɛfa so anya Filistifoɔ no. Saa berɛ no, na Filistifoɔ di Israel so.+
5 Enti Samson ne ne papa ne ne maame kɔɔ* Timna. Berɛ a Samson duruu Timna bobe mfuo* mu no, ɔnkɔhwɛ a, gyata* bi na ɔrebobom ba ne so yi! 6 Ɛnna Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na ɔwaee gyata no mu mmienu sɛdeɛ obi de ne nsa wae apɔnkye ba mu no. Nanso wanka deɛ wayɛ no ankyerɛ ne papa anaa ne maame. 7 Afei ɔtoaa so kɔe, na ɔne ɔbaa no kɔkasae, na Samson huu sɛ ɔno ara ne ɔbaa a ɔpɛ no.+
8 Berɛ bi akyi no, ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔfa ɔbaa no aba fie.+ Berɛ a ɔrekɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no, na ɔhuu sɛ nwowa ne ɛwoɔ ahyɛ mu ma. 9 Enti ɔyii ɛwoɔ no bi kuraa ne nsam, na ɔrekɔ nyinaa na ɔredi. Berɛ a ɔkɔtoo ne papa ne ne maame no, ɔmaa wɔn bi dii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔyii ɛwoɔ no firii gyata a wawuo mu.
10 Na ne papa toaa so kɔduruu ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ no taa yɛ. 11 Berɛ a wɔhuu no no, wɔde mmarima 30 brɛɛ no sɛ ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛka ne ho. 12 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monim, montie akasabebuo* yi. Sɛ motumi kyerɛ aseɛ ansa na nnanson a yɛde reto pono yi aba awieeɛ a, mɛma mo nwera ntaadeɛ 30 ne ntaadeɛ ngugusoɔ nso 30. 13 Na sɛ moantumi ankyerɛ me aseɛ a, ɛnneɛ mobɛma me nwera ntaadeɛ 30 ne ntaadeɛ ngugusoɔ nso 30.” Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛntie w’akasabebuo* no.” 14 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Odidifoɔ mu na biribi a wɔdie firi baeɛ,
Na ɔhoɔdenfoɔ mu na biribi a ɛyɛ fremfrem firi baeɛ.”+
Na wɔtenaa akasabebuo* no ho nnansa a wɔantumi ankyerɛ aseɛ. 15 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ: “Daadaa wo kunu+ na ɔnkyerɛ yɛn akasabebuo* no ase. Anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wo papa fiefoɔ nyinaa. Adɛn, mode yɛn baa ha sɛ morebɛgye yɛn ho nneɛma anaa?” 16 Enti Samson yere su guu ne so sɛ: “Mahu sɛ wotan me; wonnɔ me.+ Woabu me nkurɔfoɔ bɛ,* nanso wonkyerɛɛ me aseɛ.” Ɛnna Samson ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, me ara me papa ne me maame mpo menkyerɛɛ wɔn aseɛ! Wo na menkyerɛ wo aseɛ anaa?” 17 Na nna a aka ama nnanson apontoɔ no aba awieeɛ no nyinaa, ɔbaa no su guu ne so. Afei da a ɛtɔ so nson no, ɔkyerɛɛ no aseɛ, ɛfiri sɛ na ɔredwan ne ho. Ɛnna ɔbaa no nso kɔkaa akasabebuo* no nkyerɛaseɛ kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.+ 18 Enti da a ɛtɔ so nson, ansa na awia rekɔtɔ no,* kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ no sɛ:
“Ɛdeɛn na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ?
Na ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?”+
Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
19 Ɛnna Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na ɔsiane kɔɔ Askelon+ kɔkunkum wɔn mmarima 30, na ɔyii wɔn ntaadeɛ de maa wɔn a wɔkyerɛɛ akasabebuo* no ase no.+ Na ɔde abufuo san kɔɔ* ne papa fie.
20 Na wɔde Samson yere+ no maa mmarima a na wɔka ne ho sɛ ayeforɔkunu nnamfo no baako.+
15 Berɛ bi akyi, berɛ a na wɔretwa hwiit no, Samson faa apɔnkye ba bi, na ɔkɔsraa ne yere. Na ɔkaa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ me yere nkyɛn wɔ pia mu.” Nanso ɔbaa no papa amma no ankɔ. 2 Na ɔbaa no papa kaa sɛ: “Mehwɛ a, ‘Wotan no.’+ Enti mede no ama wo nnamfo no baako, ayeforɔkunu nnamfo no.+ Wonhunu sɛ wo yere nuabaa kumaa no ho yɛ fɛ sene no anaa? Enti mepa wo kyɛw, fa ɔno mmom.” 3 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wei nko ara deɛ, sɛ meyɛ Filistifoɔ no bɔne a, obiara rentumi nka hwee nkyerɛ me.”
4 Enti Samson kɔe, na ɔkɔkyee sakraman 300. Afei ɔfaa ntɛnee,* na sɛ ɔfa sakraman mmienu biara a, na wakyekyere wɔn dua abom, na ɔde tɛnee baako ahyɛ mu. 5 Afei ɔsosɔɔ ntɛnee* no ano gya na ɔpamoo sakraman no kɔɔ Filistifoɔ no hwiit* afuo mu. Ɔhyee biribiara, hwiit* a wɔatwa aboa ano ne deɛ wɔntwaeɛ, bobe mfuo ne ngodua mfuo nyinaa.
6 Ɛnna Filistifoɔ no bisaa sɛ: “Hwan na ɔdii saa dwuma yi?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Samson, Timnani no ase no, ɛfiri sɛ wagye ne yere afiri ne nsam de no ama n’adamfo.”+ Berɛ a Filistifoɔ no tee saa no, wɔsiim kɔe, na wɔde egya kɔhyee ɔbaa no ne ne papa.+ 7 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ moayɛ yi, gye sɛ metua mo so ka ansa na me ho atɔ me.”+ 8 Na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn mmaako mmaako;* ɔkum nnipa bebree. Afei ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuro mu wɔ Etam.
9 Akyire yi, Filistifoɔ no bae, na wɔbɛkyekyeree asoɛeɛ wɔ Yuda, na wɔtee wɔn ho guu Lehi+ kuro no mu. 10 Na Yudafoɔ no bisaa sɛ: “Adɛn nti na moaba yɛn so yi?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkye* Samson, na yɛayɛ no deɛ ɔyɛɛ yɛn no bi.” 11 Enti Yudafoɔ mmarima 3,000 kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔkɔbisaa Samson sɛ: “Adɛn, wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so?+ Enti adɛn nti na woayɛ yɛn saa?” Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ wɔde yɛɛ me no, ɛno ara bi na mede ayɛ wɔn.” 12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkye* wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ no.” Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monka me ntam sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.” 13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛrebɛkyekyere wo kɛkɛ na yɛde wo akɔma wɔn; yɛrenku wo.”
Enti wɔde nhoma akɛseɛ mmienu a ɛyɛ foforɔ kyekyeree no, na wɔde no firii ɔbotan no mu pueeɛ. 14 Na berɛ a ɔduruu Lehi no, Filistifoɔ no de nteateamu ne ahurisie hyiaa no. Na Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na nhoma akɛseɛ a wɔde akyekyere ne nsa* no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde egya aka, na nhoma no tete* firii ne nsa ho.+ 15 Afei ɔhuu afunumu bi a ɔwuiɛ nkyɛeɛ apantan, na ɔtwee ne nsam fae, na ɔde kunkum mmarima 1,000.+ 16 Ɛnna Samson kaa sɛ:
“Afunumu apantan, mede akunkum wɔn asum hɔ, kuo baako, akuo mmienu!
Mede afunumu apantan akunkum mmarima 1,000.”+
17 Berɛ a ɔkasa wieeɛ no, ɔtoo apantan no twenee, na ɔtoo hɔ din Ramat-Lehi.*+ 18 Afei nsukɔm dee no paa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Wo na wonam w’akoa so ama ɔgyeɛ kɛseɛ yi aba. Seesei worebɛma sukɔm aku me ama nnipa a wɔntwaa twetia* yi akye me anaa?” 19 Enti Onyankopɔn maa tokuro bi a ɛwɔ Lehi mu baee, na nsuo firii mu bae.+ Berɛ a ɔnom nsuo no wieeɛ no, ɔsan nyaa ahoɔden,* na ne ho san sisii ne ho so. Ɛno nti, ɔtoo hɔ din En-Hakore,* na ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ.
20 Na ɔbuu Israelfoɔ atɛn mfeɛ 20 wɔ Filistifoɔ berɛ so.+
16 Da bi, Samson kɔɔ Gasa, na ɔhuu tuutuuni baa bi wɔ hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ ne fie. 2 Ɛnna nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: “Samson aba ha.” Enti baabi a na ɔwɔ no, wɔkɔtwaa ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no nyinaa wɔ kuro no pono ano. Wɔyɛɛ komm anadwo no nyinaa, na wɔkaa sɛ: “Sɛ adeɛ kye a, yɛbɛku no.”
3 Na Samson daa hɔ kɔsii anadwo dasuom. Afei ɔsɔree anadwo dasuom, na ɔkɔsɔɔ kuro no apono ne n’aponnwa mmienu no mu, na ɔtuu ɛne nnadeɛ a wɔde abram apono no akyi no nyinaa. Na ɔde too n’abati, na ɔde foro kɔɔ bepɔ a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi.
4 Ɛno akyi no, n’ani bɛgyee ɔbaa bi ho wɔ Sorek Bɔn* mu. Ɔbaa no din de Delila.+ 5 Enti Filistifoɔ ahemfo no baa ɔbaa no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Daadaa* no+ na hunu adeɛ a ɛma ɔnya ahoɔden kɛseɛ saa ne deɛ yɛyɛ a yɛbɛnya no akyekyere no, na yɛadi ne so. Woyɛ saa a, yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena 1,100.”
6 Berɛ bi akyi no, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Mepa wo kyɛw, kyerɛ me deɛ ɛma wonya ahoɔden kɛseɛ saa, ne deɛ wɔbɛtumi de akyekyere wo adi wo so.” 7 Samson ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔde nhoma* mono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ na mayɛ sɛ onipa biara.” 8 Enti Filistifoɔ ahemfo no de nhoma mono nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no. 9 Saa berɛ no, na wɔtetɛ ɔbaa no dan baako mu, na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Samson, Filistifoɔ no aba wo so!” Ɛnna ɔtetee nhoma no mu, sɛdeɛ egya ka asaawa a emu teɛ no.+ Enti wɔanhunu baabi a n’ahoɔden no firi.
10 Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Hwɛ! Woadaadaa me;* woanka nokorɛ ankyerɛ me. Mepa wo kyɛw, kyerɛ me adeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere wo.” 11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔde nhoma akɛseɛ a ɛyɛ foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma biara kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ na mayɛ sɛ onipa biara.” 12 Enti Delila faa nhoma akɛseɛ a ɛyɛ foforɔ de kyekyeree no, na ɔkaa sɛ: “Samson, Filistifoɔ no aba wo so!” (Saa berɛ no nyinaa, na nkurɔfoɔ no tetɛ ɛdan no mu.) Ɛnna Samson tetee nhoma akɛseɛ no mu firii ne nsa ho te sɛ asaawa bi.+
13 Afei Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Woadaadaa me abɛsi sɛsɛɛ, na wonkaa nokorɛ nkyerɛɛ me.+ Kyerɛ me adeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere wo.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wode ahoma a wɔde nwene ntoma nwene mmɛsa nson a ɛwɔ me tiri so no bom a, wɔbɛtumi akyekyere me.” 14 Enti ɔbaa no de paneɛ nwenee mmɛsa nson a ɛwɔ ne tiri so no boom, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Samson, Filistifoɔ no aba wo so!” Na ɔnyanee, na ɔyii paneɛ no ne ahoma no.
15 Afei ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wosɔre a wose, ‘Medɔ wo,’+ nanso wonka w’akoma mu asɛm nkyerɛ me. Wei ka ho a woadaadaa me mprɛnsa, na wonkyerɛɛ me adeɛ a ɛma wonya ahoɔden kɛseɛ saa.”+ 16 Da biara, na ɔde asɛm no dwan ne ho, na ɔteetee no. Afei deɛ, na Samson abrɛ;* ɔnyaeɛ a na anka wawu.+ 17 Enti afei deɛ, ɔkaa n’akomam asɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Menyii me ti* da, ɛfiri sɛ berɛ a wɔwoo me* ara na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn.+ Sɛ meyi me ti a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, mɛyɛ mmerɛ na mayɛ sɛ onipa biara.”
18 Berɛ a Delila huu sɛ waka n’akomam asɛm nyinaa akyerɛ no no, ntɛm ara na ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo no,+ na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ mommra, na waka n’akomam asɛm nyinaa akyerɛ me.” Enti Filistifoɔ ahemfo no baa ne nkyɛn, na wɔde sika no brɛɛ no. 19 Afei ɔbaa no dedaa Samson wɔ ne nan so. Ɛnna ɔbaa no frɛɛ ɔbarima no maa ɔbɛtwitwaa mmɛsa nson no firii ne tiri so. Ɛno akyi no, ɔbaa no firii aseɛ nyaa tumi wɔ ne so, ɛfiri sɛ na n’ahoɔden refiri ne mu. 20 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Samson, Filistifoɔ no aba wo so!” Ɛnna ɔnyaneeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mɛpue awoso me ho na magye me ho sɛdeɛ meyɛɛ kane no.”+ Nanso na ɔnnim sɛ Yehowa nka ne ho bio. 21 Enti Filistifoɔ no kyee no, na wɔtutuu n’ani. Afei wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu no. Na wɔmaa no yam hwiit* wɔ afiase. 22 Nanso berɛ a wɔyii ne ti no, ne tiri nwi no firii aseɛ fuu bio.+
23 Na Filistifoɔ ahemfo no hyiaam, na wɔbɔɔ afɔreɛ kɛseɛ maa wɔn nyame Dagon,+ na wɔgyee wɔn ani. Asɛm a na wɔreka ara ne sɛ: “Yɛn nyame no de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa!” 24 Berɛ a nkurɔfoɔ no huu no* no, wɔhyɛɛ wɔn nyame no animuonyam, na wɔkaa sɛ: “Yɛn nyame de yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsa, deɛ ɔsɛee yɛn asaase+ na ɔkunkum yɛn nkurɔfoɔ pii no.”+
25 Ɛsiane sɛ na wɔn ani agye nti, wɔkaa sɛ: “Monkɔfa Samson mmra na ɔmmɛgyegye yɛn ani.” Na wɔkɔfaa Samson firii afiase hɔ baa sɛ ɔmmɛgyegye wɔn ani; na wɔde no gyinaa adum no ntam. 26 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ abarimaa a ɔkura ne nsa no sɛ: “Ma memfa me nsa nka adum a ɛdan yi gyina so no na memfa me ho ntwere.” 27 (Saa berɛ yi, na mmarima ne mmaa ahyɛ fie hɔ ma, na na Filistifoɔ ahemfo no nyinaa wɔ hɔ. Afei nso, na mmarima ne mmaa bɛyɛ 3,000 wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson a ɔregyegye wɔn ani no.)
28 Ɛnna Samson+ ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn Yehowa, Awurade Tumfoɔ, mepa wo kyɛw, kae me; mesrɛ wo, hyɛ me den+ prɛko pɛ yi, na mentua Filistifoɔ no ka wɔ m’ani mmienu yi baako ho.”+
29 Ɛnna Samson gyinaa adum mmienu a ɛwɔ mfimfini a ɛkura ɛdan no mu no ntam, na ɔde ne nsa nifa sɔɔ edum baako mu, ɛnna ɔde ne nsa benkum nso sɔɔ baako mu. 30 Na Samson kaa sɛ: “Ma me* ne Filistifoɔ yi nwu!” Afei ɔde n’ahoɔden nyinaa piaa adum no, na ɛdan no dwiri guu ahemfo no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a ɔkum wɔn ɛda a ɔwuiɛ no, na wɔdɔɔso sene wɔn a ɔkum wɔn berɛ a ɔte aseɛ no.+
31 Akyire yi, ne nuanom ne ne papa abusuafoɔ nyinaa bae, na wɔbɛfaa no kɔe. Na wɔkɔsiee no wɔ ɛda a wɔsiee ne papa Manoa+ wom no mu wɔ Sora+ ne Estaol ntam. Samson buu Israel atɛn mfeɛ 20.+
17 Ɔbarima bi tenaa Efraim mmepɔ mu+ a ne din de Mika. 2 Ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Nnwetɛbena 1,100 a obi faeɛ a wobɔɔ dua maa meteeɛ no, hwɛ! dwetɛ no wɔ me hɔ. Me na mefaeɛ.” Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Yehowa nhyira me ba yi.” 3 Enti ɔsan de nnwetɛbena 1,100 no maa ne maame, nanso ne maame kaa sɛ: “Deɛ ɛteɛ biara, mɛhyira dwetɛ a ɛwɔ me nsam no so ama Yehowa, na me ba yi de ayɛ ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi.*+ Enti meresan de ama wo.”
4 Berɛ a ɔsan de dwetɛ no maa ne maame no, ne maame yii mu nnwetɛbena 200, na ɔde maa obi a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma.* Ɔde yɛɛ ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi,* na wɔde sisii Mika fie. 5 Saa Mika yi, na ɔwɔ abosomfie bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ efɔd*+ ne terafim ahoni,*+ na ɔmaa ne ba baako yɛɛ ɔsɔfoɔ* maa no.+ 6 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ deɛ ɛyɛ wɔ ɔno ara n’ani so.*+
7 Ná aberanteɛ bi te Betlehem+ wɔ Yuda a ɔfiri Yuda abusua mu. Ná ɔyɛ Lewini,+ na na watena hɔ akyɛ kakra. 8 Aberanteɛ no firii Betlehem kuro a ɛwɔ Yuda no mu sɛ ɔrekɔhwehwɛ baabi atena. Berɛ a ɔrekɔ no, ɔkɔpuee Mika fie wɔ Efraim mmepɔ mu.+ 9 Ɛnna Mika bisaa no sɛ: “Wofiri he?” Na ɔkaa sɛ: “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda, na merekɔpɛ baabi atena.” 10 Enti Mika ka kyerɛɛ no sɛ: “Tena me nkyɛn, na memfa wo nyɛ me papa* ne me sɔfoɔ. Afe biara, mɛma wo nnwetɛbena du, na mɛma wo asɔfotaadeɛ ne aduane a wobɛdie.” Ɛno nti, Lewini no wuraa fie hɔ. 11 Na Lewini no penee so ne Mika tenae, na ɔfaa Lewini no sɛ ne mma no mu baako. 12 Afei nso, Mika de Lewini no yɛɛ ne sɔfoɔ,*+ na ɔtenaa Mika fie. 13 Ɛnna Mika kaa sɛ: “Afei na mahu sɛ Yehowa ne me bɛdi no yie, ɛfiri sɛ manya Lewini no de no ayɛ me sɔfoɔ.”
18 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Na saa nna no mu no, na Dan abusuakuo+ no rehwehwɛ baabi atena,* ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no, na wɔnnyaa agyapadeɛ biara wɔ Israel mmusua no mu.+
2 Enti Danfoɔ no somaa wɔn abusua no mu mmarima akokoɔdurofoɔ nnum firii Sora ne Estaol+ sɛ wɔnkɔkyinkyini asaase no so nhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, monkɔkyinkyini asaase no so.” Berɛ a wɔkɔduruu Mika fie wɔ Efraim mmepɔ mu no,+ wɔdaa hɔ maa adeɛ kyee. 3 Berɛ a wɔbɛn Mika fie no, wɔtee Lewini aberanteɛ no nne,* enti wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔde wo baa ha? Woreyɛ dɛn wɔ ha? Deɛn na agye wo aka ha?” 4 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sei ne sei na Mika yɛ maa me, na wabɔ me paa sɛ menyɛ ne sɔfoɔ.”+ 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bisa Onyankopɔn ma yɛn na yɛnhu sɛ ɛkwan a yɛrekɔ no bɛsi yɛn yie anaa.” 6 Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asomdwoeɛ nkɔ. Yehowa ka mo ho wɔ mo akwantuo no mu.”
7 Enti mmarima nnum no siim kɔe, na wɔkɔduruu Lais.+ Wɔhuu sɛ nkurɔfoɔ no nhia biribiara mfiri obiara hɔ te sɛ Sidonfoɔ no. Ná wɔte hɔ dwoodwoo a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na na otirimuɔdenfoɔ biara mmaa asaase no so mmɛteetee wɔn. Ná wɔne Sidonfoɔ ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho.
8 Berɛ a wɔsan baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol+ no, wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: “Ɛkɔɔ sɛn?” 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛnsɔre nkɔto nhyɛ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛakɔhu sɛ asaase no yɛ. Mote hɔ retwɛn deɛn? Monnsɛe berɛ; monkɔfa asaase no. 10 Sɛ moduru hɔ a, mobɛhu sɛ nkurɔfoɔ no te hɔ a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na asaase no so paa. Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa, na biribiara a mopɛ wɔ asaase so biara, mobɛnya bi wɔ hɔ.”+
11 Afei Dan abusuakuo no mu mmarima 600 a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho siim firii Sora ne Estaol kɔe.+ 12 Wɔforo kɔɔ Kiriat-Yearim+ wɔ Yuda, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ hɔ. Enti wɔtoo hɔ din Mahane-Dan,*+ na saa na wɔfrɛ hɔ de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam. 13 Wɔfiri hɔ kɔɔ Efraim mmepɔ mu, na wɔkɔduruu Mika fie.+
14 Ɛnna mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ Lais asaase no+ ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Monim sɛ efɔd* ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi*+ wɔ saa afie yi mu? Mo ara monhwɛ deɛ mobɛyɛ.” 15 Enti wɔgyinae wɔ hɔ, na wɔkɔɔ Lewini aberanteɛ no+ fie wɔ Mika fie hɔ, na wɔbisaa no sɛdeɛ ne ho teɛ. 16 Saa berɛ no nyinaa, na Danfoɔ mmarima 600+ a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɛpono no ano. 17 Na mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ asaase no+ wuraa fie hɔ sɛ wɔrekɔfa ohoni a wɔasene ne efɔd+ ne terafim ahoni*+ ne dadeɛ honi*+ no. (Saa berɛ no, na ɔsɔfoɔ no+ ne mmarima 600 a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɛpono no ano.) 18 Na wɔkɔɔ Mika fie hɔ kɔfaa ohoni a wɔasene ne efɔd ne terafim ahoni* ne dadeɛ honi* no. Ɛnna ɔsɔfoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?” 19 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ komm. Fa wo nsa to w’ano, na wo ne yɛn nkɔ, na yɛmfa wo nyɛ yɛn papa* ne yɛn sɔfoɔ. Wohwɛ a, sɛ́ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ ama onipa baako fie+ ne sɛ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ ama abusuakuo ne abusua bi wɔ Israel, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ?”+ 20 Enti ɔsɔfoɔ no penee so, na ɔfaa efɔd ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasene no,+ na ɔne nnipa no kɔe.
21 Afei wɔsii kwan so toaa wɔn akwantuo no so, na wɔmaa mmɔfra, wɔn nyɛmmoa, ne wɔn agyapadeɛ dii wɔn anim. 22 Berɛ a wɔfiri Mika fie kɔɔ akyiri kakra no, mmarima a wɔtete afie a ɛbɛn Mika fie no bɛhyiae, na wɔtaa Danfoɔ no kɔtoo wɔn. 23 Berɛ a wɔteaam frɛɛ Danfoɔ no, wɔtwaa wɔn ani hwɛɛ wɔn, na wɔbisaa Mika sɛ: “Ɛyɛ deɛn asɛm? Ɛdɔm bebrebe yi nso ɛ?” 24 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Moafa m’anyame a mayɛ, na ɔsɔfoɔ no nso mode no kɔ. Moafa me biribiara. Enti adɛn nti na moresan abisa me sɛ, ‘Ɛyɛ deɛn asɛm?’” 25 Ɛnna Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nteateam ngu yɛn so. Anyɛ saa a, mmarima a wɔn bo afu* no bɛto ahyɛ mo so, na wɔbɛku wo* na wɔakum wo fiefoɔ nso.”* 26 Enti Danfoɔ no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Berɛ a Mika huu sɛ wɔn ho yɛ den sene no no, ɔsan n’akyi kɔɔ ne fie.
27 Berɛ a wɔfaa nneɛma a Mika ayɛ, ne ne sɔfoɔ no, wɔkɔɔ Lais,+ baabi a na nkurɔfoɔ no te hɔ dwoodwoo a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn no.+ Wɔde sekan kunkum wɔn, na wɔde egya hyee kuro no. 28 Obiara nni hɔ a na ɔbɛgye wɔn, ɛfiri sɛ na kuro no ne Sidon ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho. Afei nso, na kuro no da Bet-Rehob+ asaasetraa no so.* Na Danfoɔ no san kyekyeree kuro no tenaa mu. 29 Afei wɔde kuro no too wɔn papa Dan+ a Israel woo no no, enti wɔfrɛɛ hɔ Dan.+ Nanso kane no deɛ, na wɔfrɛ kuro no Lais.+ 30 Ɛno akyi no, Danfoɔ no de ohoni a wɔasene+ no sii hɔ fae. Na Yonatan+ a ɔyɛ Mose ba Gersom+ ba no ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuo no asɔfoɔ kɔsii da a wɔtuu nnipa a wɔtete asaase no so kɔeɛ. 31 Enti wɔde Mika honi a wɔasene no sii hɔ, na berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no fie da so wɔ Silo+ no nyinaa, na ɛwɔ wɔn nkyɛn.
19 Saa nna no mu, berɛ a na ɔhene biara nni Israel+ no, Lewini bi a na ɔte Efraim+ mmepɔ mu akyirikyiri baabi kɔwaree ɔbaa* bi firii Betlehem+ wɔ Yuda. 2 Nanso ne yere* no kɔbɔɔ adwaman, na ɔgyaa ne kunu no hɔ kɔtenaa ne papa fie wɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda. Ɔdii abosome nnan wɔ hɔ. 3 Ɛnna ne kunu no toaa no wɔ hɔ sɛ ɔne no rekɔka no bɔkɔɔ na wasan de no aba. Ɔrekɔ no, ɔde ne somfoɔ* ne mfunumu mmienu kaa ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ ne papa fie. Berɛ a ɔbaa no papa huu aberanteɛ no, ɛyɛɛ no dɛ sɛ wahu no. 4 Enti ababaawa no papa, n’ase no, ne no ka maa ɔtenaa hɔ nnansa. Nnansa no nyinaa, wɔdidi nomee, na ɔdaa hɔ.
5 Ɛda a ɛtɔ so nnan no, berɛ a wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ no, ababaawa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Di biribi kakra na nya ahoɔden,* wowie a na mokɔ.” 6 Enti wɔtenaa ase, na wɔn mmienu didi nomee. Berɛ a wɔwieeɛ no, ababaawa no papa ka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, da ma adeɛ nkye, na gye w’ani.”* 7 Berɛ a aberanteɛ no sɔree sɛ ɔrekɔ no, n’ase no paa no kyɛw ara sɛ ɔnsan, enti ɔsan da maa adeɛ kyee.
8 Da a ɛtɔ so nnum a ɔsɔree anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔ no, ababaawa no papa kaa sɛ: “Mepa wo kyɛw, di biribi kakra na nya ahoɔden.”* Enti wɔtenatenaa hɔ ara maa enwunu dwoe, na wɔn mmienu toaa so didii. 9 Berɛ a aberanteɛ no sɔree sɛ ɔne ne yere* ne ne somfoɔ no rekɔ no, ababaawa no papa, n’ase no, ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adeɛ reyɛ asa. Mepa wo kyɛw, monna mma adeɛ nkye. Awia na ɛrekɔtɔ yi. Enti da ma adeɛ nkye, na gye w’ani. Ɔkyena na moasɔre anɔpatutuutu atu mo kwan no, na wokɔ wo fie.”* 10 Nanso na aberanteɛ no mpɛ sɛ ɔsan da hɔ ma adeɛ kye, enti ɔsɔre siim kɔduruu Yebus anaa Yerusalem.+ Berɛ a ɔrekɔ no, na ne mfunumu mmienu a wahyehyɛ wɔn no, ne ne yere* no, ne ne somfoɔ no ka ne ho.
11 Berɛ a wɔbɛn Yebus no, na adeɛ asa ara ne sa. Enti ɔsomfoɔ no bisaa ne wura sɛ: “Yɛnkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ anadwo yi anaa?” 12 Ɛnna ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ananafoɔ a wɔnyɛ Israelfoɔ kurom. Ma yɛntwam nkɔ Gibea.”+ 13 Na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ma yɛmmɔ mmɔden nkɔduru nkuro yi baako mu. Yɛbɛda Gibea anaa Rama.”+ 14 Enti wɔtoaa so kɔe, na berɛ a wɔbɛn Benyaminfoɔ kuro Gibea no, na awia rekɔtɔ.
15 Enti wɔmane kɔwuraa Gibea sɛ wɔrekɔda hɔ ama adeɛ akye. Berɛ a wɔwuraa kuro no mu no, wɔkɔtenaa kuro no abɔnten, nanso obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda mma adeɛ nkye.+ 16 Akyire yi, akɔkoraa bi a ɔfiri afuo mu reba bɛpuee hɔ saa anwummerɛ no. Ná ɔfiri Efraim mmepɔ mu,+ na na wabɛsoɛ Gibea kakra. Kurom hɔfoɔ deɛ, na wɔyɛ Benyaminfoɔ.+ 17 Berɛ a akɔkoraa no too n’ani a ɔhuu sɛ aberanteɛ kwantuni no te kuro no abɔnten so no, ɔbisaa aberanteɛ no sɛ: “Wofiri he, na worekɔ he?” 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda, na yɛrekɔ Efraim mmepɔ mu tɔnn. Ɛhɔ na mefire. Mekɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda,+ na merebɛsen akɔ Yehowa fie,* nanso mennya obiara mfa me nkɔ ne fie. 19 Yɛwɔ serɛ ne mmoa aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu no,+ na me ne ɔbaa no ne yɛn somfoɔ no nso wɔ yɛn paanoo+ ne yɛn nsã.* Yɛwɔ biribiara.” 20 Ɛnna akɔkoraa no kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo! Deɛ wohia biara, mɛyɛ ama wo. Na mmom abɔnten ha deɛ, monnna ha.” 21 Enti ɔde no kɔɔ ne fie, na ɔmaa mfunumu no aduane.* Afei wɔhohoroo wɔn nan ase, na wɔdidi nomee.
22 Berɛ a wɔgu so regye wɔn ani no, kurom hɔ mmarima akwasampafoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae. Wɔpempem pono no, na wɔkaa no mprɛ pii kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a waba wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+ 23 Ɛnna fiewura no pue kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Daabi, me nuanom, monnni awurukasɛm saa.* Mepa mo kyɛw, ɔbarima yi abɛsoɛ me. Monnyɛ aniwudeɛ a ɛte saa. 24 Me babaa a ɔyɛ ɔbaabunu nie, na ɔbarima yi nso yere* nie. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na sɛ basabasa ara na mopɛ sɛ moyɛ wɔn a, mo deɛ monyɛ.*+ Na ɔbarima yi deɛ, mommfa aniwudeɛ a ɛte saa nnyɛ no.”
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no sɔɔ ne yere* no mu de no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ.+ Wɔtoo no mmonnaa, na wɔyɛɛ no basabasa anadwo no nyinaa maa adeɛ kyee. Na berɛ a animu retete no, wɔgyaa no maa no kɔe. 26 Na adeɛ reyɛ akye no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee akɔkoraa no fie kwan ano, baabi a ne wura wɔ no, na ɔdaa hɔ kɔsii sɛ animu teteeɛ. 27 Berɛ a ne wura sɔree anɔpa a ɔbuebuee fie no apono sɛ ɔrepue atoa n’akwantuo so no, ɔhuu sɛ ɔbaa no, ne yere* no, da efie no aboboano a ne nsa gu pono no ano. 28 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre; ma yɛnkɔ.” Nanso wannye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no so, na ɔsiim kɔɔ ne kurom.
29 Berɛ a ɔduruu fie no, ɔfaa sekan,* na ɔfaa ne yere* no twitwaa ne mu asinasini 12, n’apɔ so n’apɔ so, na ɔde baako kɔɔ Israel asaase biara so. 30 Na obiara a ɔhunuiɛ no kaa sɛ: “Ɛfiri berɛ a Israelfoɔ firii* Egypt baeɛ yi, biribi a ɛte sei nsii da, na yɛnhunuu bi saa da. Monnwene ho,* montu agyina,+ na monkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ.”
20 Enti Israelfoɔ nyinaa pue bae, ɛfiri Dan+ kɔsi Beer-Seba ne Gilead asaase so,+ na asafo no nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+ 2 Ɛnna Israel man ne mmusuakuo no nyinaa mu atitire bɛgyinaa Onyankopɔn man asafo no mu. Wɔyɛ asraafoɔ 400,000 a wɔnam fam a sekan hyehyɛ wɔn ho.+
3 Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ no aforo kɔ Mispa.
Ɛnna Israelfoɔ no kaa sɛ: “Monka nkyerɛ yɛn; ɛyɛɛ dɛn na awudisɛm a ɛnte sɛɛ siiɛ?”+ 4 Ɛnna Lewini no,+ ɔbarima a wɔkum ne yere no kaa sɛ: “Me ne me yere* kɔɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu sɛ yɛrekɔpɛ baabi ada. 5 Ɛnna Gibeafoɔ* baa me so, na wɔbɛtwaa efie a mewom no ho hyiaa anadwo no. Ná wɔpɛ sɛ wɔku me, nanso me yere* mmom na wɔtoo no mmonnaa maa no wuiɛ.+ 6 Enti mefaa me yere* no funu no, na metwitwaa mu; ɛnna mede bi kɔɔ Israel asaase nyinaa so,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ adeɛ a ɛyɛ aniwu na ɛyɛ asefem wɔ Israel. 7 Enti Israelfoɔ, mo nyinaa monkyerɛ mo adwene+ na monkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ seesei ara.”
8 Ɛnna ɔman no nyinaa boom sɔreeɛ,* na wɔkaa sɛ: “Yɛn mu baako mpo renkɔ ne ntomadan mu, na obiara rensan nkɔ ne fie. 9 Deɛ yɛde bɛyɛ Gibea nie: Yɛbɛbɔ ntonto na yɛaforo akɔ wɔn so.+ 10 Israel mmusuakuo nyinaa mu, yɛbɛyi mmarima 10 afiri mmarima 100 biara mu, mmarima 100 afiri mmarima 1,000 biara mu, mmarima 1,000 afiri mmarima 10,000 biara mu ama wɔakɔfa aduane abrɛ asraafoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asraafoɔ no bɛkɔ akɔto ahyɛ Benyaminfoɔ kuro Gibea so, ɛfiri sɛ wɔayɛ aniwudeɛ wɔ Israel.” 11 Enti Israel mmarima nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuro no so.
12 Afei Israel mmusuakuo no somaa mmarima kɔɔ Benyamin abusuakuo no nyinaa nkyɛn kɔbisaa sɛ: “Awudisɛm bɛn na asi mo mu saa no? 13 Monyi mmarima akwasampafoɔ a wɔwɔ Gibea+ no mmra mma yɛnku wɔn, na yɛnyi mmusuo biara mfiri Israel.”+ Nanso Benyaminfoɔ no antie deɛ na wɔn nuanom Israelfoɔ reka no.
14 Na Benyaminfoɔ no boaboaa wɔn ho ano firii wɔn nkuro mu kɔɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko. 15 Saa da no, Benyaminfoɔ boaboaa asraafoɔ 26,000 ano firii wɔn nkuro ahodoɔ mu, asraafoɔ a sekan hyehyɛ wɔn ho. Weinom akyi no, wɔsan boaboaa Gibeafoɔ mmarima 700 ano. 16 Asraafoɔ no, na emu mmarima 700 a wɔayi wɔn no yɛ abenkumma. Sɛ nwi mpo sɛn hɔ a, wɔn mu biara bɛtumi ato ataaboɔ ate a ɔrento mfom.
17 Woyi Benyaminfoɔ firi mu a, Israelfoɔ mmarima a wɔboaboaa wɔn ano no si mmarima 400,000 a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ Ná wɔn mu biara yɛ ɔsabarima a waben wɔ ɛko mu. 18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔforo kɔɔ Betel kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ.+ Na Israelfoɔ no bisaa sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔnni kan mforo ne Benyaminfoɔ nkɔko?” Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda nni kan nkɔ.”
19 Ɛno akyi no, Israelfoɔ sɔree anɔpa, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ sɛ wɔne Gibea rekɔko.
20 Na Israelfoɔ siim sɛ wɔne Benyaminfoɔ rekɔko. Wɔhyehyɛɛ wɔn ho, na wɔne wɔn kɔkoo wɔ Gibea. 21 Na saa da no, Benyaminfoɔ no firi Gibea bɛkunkum Israelfoɔ mmarima 22,000. 22 Nanso Israelfoɔ asraafoɔ no nyaa akokoɔduro, na wɔsan hyehyɛɛ wɔn ho kɔɔ baabi a wɔkoo da a ɛdi kan no. 23 Na Israelfoɔ no foro kɔe, na wɔkɔsuu wɔ Yehowa anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa Yehowa sɛ: “Yɛnsan ne yɛn nuanom Benyaminfoɔ nkɔko anaa?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Momforo nkɔ wɔn so.”
24 Enti da a ɛtɔ so mmienu no, Israelfoɔ no bɔ pinii Benyaminfoɔ no. 25 Ɛnna Benyaminfoɔ no firii Gibea bɛhyiaa wɔn da a ɛtɔ so mmienu no. Na saa da no nso, wɔkunkum Israelfoɔ 18,000.+ Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho. 26 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa foro kɔɔ Betel. Wɔsui, na wɔtenatenaa Yehowa anim wɔ hɔ,+ na saa da no, wɔyɛɛ akɔnkyene*+ kɔsii anwummerɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim. 27 Ɛno akyi no, Israelfoɔ no kɔbisaa Yehowa akwankyerɛ,+ ɛfiri sɛ saa nna no mu no, na nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no wɔ hɔ. 28 Saa berɛ no, na Finehas,+ Aaron ba Eleasar ba no na ɔsom wɔ* adaka no anim. Enti wɔbisaa no sɛ: “Yɛnsan nkɔ ne yɛn nuanom Benyaminfoɔ no nkɔko anaa yɛnnyae?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Momforo nkɔ, ɛfiri sɛ ɔkyena mede wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 29 Enti Israel maa mmarima kɔtetɛɛ+ Gibea ho nyinaa hyiae.
30 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Israelfoɔ foro kɔɔ Benyaminfoɔ so, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho sɛ wɔne Gibeafoɔ rekɔko sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.+ 31 Berɛ a Benyaminfoɔ pue bɛhyiaa Israelfoɔ asraafoɔ no, Israelfoɔ asraafoɔ no maa wɔdii wɔn akyi kɔsii sɛ wɔtwee Benyaminfoɔ no firii kuro no ho.+ Na sɛdeɛ Benyaminfoɔ no yɛɛ kane no, wɔfirii aseɛ to hyɛɛ Israelfoɔ no so kunkum nnipa no bi wɔ akwantempɔn no so, akwantempɔn a baako foro kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea no. Na wɔkunkum Israel mmarima bɛyɛ 30 wɔ wuram.+ 32 Enti Benyaminfoɔ no kaa sɛ: “Wɔredi nkoguo wɔ yɛn anim te sɛ kane no.”+ Na Israelfoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: “Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no ho nkɔ akwantempɔn no so.” 33 Enti Israelfoɔ no nyinaa sɔre firii baabi a wɔwɔ, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔ Baal-Tamar, ɛnna Israelfoɔ a wɔakɔtetɛ Gibea mpɔtamu no nso pue firii baabi a wɔtetɛ no. 34 Ɛnna mmarima 10,000 a wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ nyinaa mu no baa Gibea anim, na ɛko no mu yɛɛ den. Nanso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ asɛm rebɛto wɔn.
35 Na Yehowa de Benyaminfoɔ+ no hyɛɛ Israelfoɔ nsa maa wɔdii wɔn so nkonim. Na saa da no, Israelfoɔ kunkum Benyaminfoɔ 25,100; wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho.+
36 Benyaminfoɔ no deɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔbɛdi Israelfoɔ so nkonim, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ no redwane afiri Benyaminfoɔ no anim.+ Nanso deɛ enti a Israelfoɔ no dwaneeɛ ne sɛ, na wɔn ani da wɔn a wɔkɔtetɛɛ Gibea nkyɛn baabi no so.+ 37 Na wɔn a wɔkɔtetɛeɛ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Gibea. Afei wɔto hyɛɛ kuro no so, na wɔbɔ wuraa kuro no mu baabiara de sekan kunkum wɔn nyinaa.
38 Ná Israelfoɔ no ne mmarima a wɔkɔtetɛeɛ no ahyehyɛ ho sɛ wɔbɛma wisie afiri hɔ aforo akɔ wiem de ayɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn.
39 Berɛ a Israelfoɔ dwane firii akono no, Benyaminfoɔ no firii aseɛ to hyɛɛ wɔn so kunkum Israelfoɔ bɛyɛ 30,+ na wɔkaa sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ wɔresan adi nkoguo bio wɔ yɛn anim sɛdeɛ wɔdii nkoguo kane no.”+ 40 Nanso wisie kumɔnn* a ɛyɛ sɛnkyerɛnne no firii aseɛ foro firii kuro no mu kɔɔ wiem. Enti berɛ a Benyaminfoɔ no twaa wɔn ani no, wɔhuu sɛ egya da kuro no nyinaa mu ama wisie ayɛ kumɔnn wɔ wiem. 41 Ɛnna Israel mmarima no danee wɔn ho, na Benyaminfoɔ no bɔɔ hu, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ asɛm ato wɔn. 42 Enti wɔdwane firii Israelfoɔ no anim de wɔn ani kyerɛɛ serɛ so. Nanso Israelfoɔ no de ɛko no toaa wɔn, na Israelfoɔ a wɔfiri kuro no mu reba no bɛkaa ho kunkum wɔn. 43 Wɔtwaa Benyaminfoɔ no ho hyiae, na wɔtaa wɔn dendeenden a wɔannyae. Wɔtiatiaa wɔn so wɔ Gibea anim pɛɛ, baabi a ɛhwɛ apueeɛ fam no. 44 Ɛwiee aseɛ no, Benyaminfoɔ 18,000 wuwui; wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyie.+
45 Afei Benyaminfoɔ no danee wɔn ho dwane kɔɔ serɛ so, na wɔkɔɔ Rimon botan so.+ Na Israelfoɔ no kunkum wɔn mu 5,000* wɔ akwantempɔn no so. Wɔtaa wɔn ara kɔduruu Gidom, na wɔkunkum mmarima 2,000 kaa ho. 46 Saa da no, Benyaminfoɔ a wɔwuwuiɛ nyinaa dodoɔ si 25,000. Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyie a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ 47 Nanso wɔn mu 600 dwane kɔɔ serɛ so, na wɔkɔɔ Rimon botan so. Na wɔtenaa Rimon botan no so abosome nnan.
48 Afei Israelfoɔ no san wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde sekan bɛkunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, biribiara a ɛkaeɛ biara. Na kuro biara a wɔpuee so no, wɔde egya hyee.
21 Ná Israel mmarima aka ntam wɔ Mispa+ sɛ: “Yɛn mu biara nni hɔ a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni barima awareɛ.”+ 2 Na ɔman no baa Betel+ bɛtenaa nokorɛ Nyankopɔn no anim kɔsii anwummerɛ, na wɔtee nisuo suu yayaaya. 3 Na wɔkaa sɛ: “O Israel Nyankopɔn Yehowa, adɛn nti na asɛm a ɛnte sɛɛ asi wɔ Israel? Adɛn nti na nnɛ, abusuakuo baako ayera afiri Israel yi?” 4 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no sɔree ntɛm sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ hɔ.
5 Ɛnna Israelfoɔ no bisaa sɛ: “Israel mmusuakuo nyinaa, hwan na amma Yehowa anim wɔ adwabɔ no ase?” Ɛfiri sɛ na wɔaka ntam kɛseɛ sɛ obiara a wamma Yehowa anim wɔ Mispa no, deɛ ɛteɛ biara wɔbɛku no. 6 Na Israelfoɔ no dii deɛ ato wɔn nua Benyamin no ho awerɛhoɔ. Wɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel. 7 Seesei a yɛaka Yehowa ntam+ sɛ yɛremfa yɛn babaa biara mma wɔn awareɛ yi, yɛbɛyɛ dɛn anya mmaa ama wɔn a aka no aware?”+
8 Na wɔbisaa sɛ: “Israel mmusuakuo no, hwan na amma Yehowa anim wɔ Mispa?”+ Ɛnna wɔhuu sɛ obiara amfiri Yebes-Gilead amma asoɛeɛ hɔ, baabi a na asafo no ahyia no. 9 Berɛ a wɔkan nnipa no, wɔhuu sɛ Yebes-Gileadfoɔ no biara nni hɔ. 10 Enti asafo no somaa mmarima akatakyie mu akatakyie 12,000 kɔɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa sekan nkɔkunkum Yebes-Gileadfoɔ; mmaa ne mmɔfra mpo, monkunkum wɔn.+ 11 Deɛ monyɛ nie: Monkum ɔbarima biara. Ɔbaa biara a ɔne ɔbarima ada pɛn nso, monku no.” 12 Na wɔnyaa mmabaawa 400 wɔ Yebes-Gileadfoɔ no mu a wɔyɛ mmaabunu a wɔne mmarima nnaa da. Enti wɔde wɔn baa wɔn asoɛeɛ hɔ wɔ Silo+ a ɛwɔ Kaanan asaase so no.
13 Afei asafo no nyinaa somaa nnipa kɔɔ Benyaminfoɔ no nkyɛn wɔ Rimon botan so,+ na wɔne wɔn kɔkasa maa asomdwoeɛ bae. 14 Enti Benyaminfoɔ no san baa saa berɛ no. Na wɔde Yebes-Gileadfoɔ+ mmaa a wɔanku wɔn no maa wɔn, nanso anso wɔn nyinaa so. 15 Na ɔman no dii awerɛhoɔ wɔ deɛ ato Benyamin no ho,+ ɛfiri sɛ na Yehowa ama mpaapaamu aba Israel mmusuakuo no mu. 16 Na asafo no mu mpanimfoɔ no bisaa sɛ: “Seesei a wɔakunkum Benyaminfoɔ mmaa nyinaa yi, ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya mmaa ama mmarima a aka no aware?” 17 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no nya agyapadeɛ, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel. 18 Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mmaa mma wɔn awareɛ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ aka ntam sɛ: ‘Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bɛma Benyaminni awareɛ.’”+
19 Afei wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Afe biara wɔdi Yehowa afahyɛ bi wɔ Silo+ a ɛwɔ Betel atifi, kwantempɔn a ɛfiri Betel foro kɔ Sekem no apueeɛ, wɔ Lebona anaafoɔ.” 20 Enti wɔka kyerɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: “Monkɔ nkɔtetɛ bobe mfuo no mu. 21 Na sɛ mohu sɛ Silo mmabaawa* no aba sɛ wɔrebɛsa wɔn kanko asa no a, mo mu biara mfiri bobe mfuo no mu mmra mmɛkye Silo mmabaawa no bi mfa no nyɛ ne yere, na monsan nkɔ Benyamin asaase so. 22 Na sɛ ɛba sɛ wɔn papanom ne wɔn nua mmarima ne yɛn bɛtwe manso a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yɛn anim nhu wɔn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ berɛ a yɛkɔkoeɛ no, yɛannya yere amma wɔn nyinaa.+ Na mo nso morentumi mma wɔn mmaa nware. Anka mobɛdi fɔ.’”+
23 Enti Benyaminfoɔ no yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ, na wɔkyee mmabaawa a wɔbɛsaeɛ no bi maa obiara nyaa ne yere. Afei wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔsan kɔkyekyeree wɔn nkuro+ no tenatenaa mu.
24 Na Israelfoɔ no nso firii hɔ kɔɔ saa berɛ no, na obiara kɔɔ n’abusuakuo ne n’abusua mu, na wɔfirii hɔ, na obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.
25 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ deɛ ɛyɛ wɔ ɔno ara n’ani so.*
Nt., “Israel mma.”
Anaa “ahyɛ ne nsa.”
Anaa “mforo nkɔ.”
Nt., “ɛyɛ me kyɛfa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Aksa bɔɔ ne nsam berɛ a ɔte afunumu no so no.”
Anaa “Negeb.”
Ɛkyerɛ, “Asɛn (Nkyɛnsee) a Nsuo Wom.”
Anaa “foro baa.”
Ɛkyerɛ, “Ɔsɛeɛ.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam.”
Nt., “yɛbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ wo.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Nt., “nsa.”
Anaa “Mede mo foro firii.”
Ɛkyerɛ, “Wɔn a Wɔsuiɛ.”
Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.
Nt., “Yehowa nsa di tiaa wɔn.”
Anaa “wɔsii apini.”
Anaa “ɔnuu ne ho.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Aram-Naharaim.”
Nt., “Aram.”
Anaa “asaase no homee.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ basafa tiatia a ne tenten yɛ sɛnt. 38 (ntk. 15). Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae aboɔ.”
Anaa “n’adwa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “tokuwa no mu.”
Anaa “ɔreyɛ ne ho yie.” Nt., “ɔrekata ne nan ho.”
Nt., “asaase so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae aboɔ.”
Anaa “asaase no homee.”
Ɛyɛ abaa a ano yɛ feafea a wɔde ka anantwie.
Anaa “amanaman no Haroset.”
Nt., “ɔwɔ.”
Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam 900.”
Anaa “ɔdii Israelfoɔ no ani.”
Kyerɛ sɛ, na ɔka Onyankopɔn atemmuo kyerɛ ɔman no.
Nt., “Debora abɛdua.”
Anaa “Fa wo mmarima no kɔgu.”
Anaa “Kison subɔn.”
Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam 900.”
Anaa “amanaman no Haroset.”
Anaa “Kison subɔn.”
Anaa “Barak sekan anim.”
Anaa “amanaman no Haroset.”
Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Anaa “Ɛsiane asahene a wɔgyaa wɔn tiri nwi guu so.”
Anaa “Mɛbɔ nnwom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wosoo.”
Anaa “asaasetraa so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn a wɔkura atwerɛfoɔ nneɛma.”
Anaa “ɛbɔn no mu.”
Anaa “Ruben mmusua no mufoɔ adwene ansi wɔn pi.”
Anaa “Ruben mmusua no mufoɔ adwene ansi wɔn pi.”
Anaa “amma wɔn kra anhia wɔn.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sisera bisaa.”
Anaa “Yael tenee.”
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Anaa “Sisera maame.”
Nt., “awotwaa.”
Nt., “awotwaa.”
Anaa “asaase no homee.”
Anaa “Midianfoɔ nsa yɛɛ den wɔ Israelfoɔ so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔde nneɛma sie wɔ asaase ase.”
Nt., “moantie me nne.”
Nt., “m’apem.”
Bɛyɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Asomdwoeɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Ɛkyerɛ, “Momma Baal Nka N’asɛm (Momma Baal Nko Ne Ko).”
Anaa “wɔtwaa nsuo no.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “bɛfiraa Gideon.”
Anaa “wɔ ɛbɔn no mu.”
Nt., “wo nsa bɛyɛ den.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Nt., “ɔwɛn berɛ a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ.” Ɛfiri aseɛ bɛyɛ anadwo nnɔn 10 kɔsi dasuom nnɔn 2.
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Nt., “wɔn honhom bo amfu no bio.”
Anaa “wɔn atamfo no.”
Anaa “ɔde serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo kyerɛɛ Sukot mmarima no nyansa paa.”
Anaa “Sɛdeɛ ɔbarima teɛ no, saa ara na n’ahoɔden teɛ.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ See Nkh. B14.
Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Israelfoɔ nyinaa ne no bɔɔ adwaman wɔ honhom mu.”
Nt., “wɔantumi amma wɔn ti so.”
Anaa “asaase no homee.”
Nt., “nyaa mma mmarima 70 a wɔfiri n’asene mu.”
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “ne papa maame fie abusua.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
Anaa “me ne mo yɛ mogya baako.”
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “aba pii a meso.”
Nt., “mekɔhinhim me ho wɔ nnua a aka no so.”
Anaa “kra.”
Anaa “Abimelek yɛɛ ne ho sɛ ɔberempɔn wɔ Israel so.”
Nt., “Onyankopɔn somaa honhommɔne baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam.”
Anaa “deɛ wo nsa bɛtumi biara, fa yɛ no.”
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “abandenden.”
Anaa “Siria.”
Anaa “Israelfoɔ amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.”
Nt., “deɛ ɔretie.”
Nt., “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?”
Anaa “foro firii Egypt a wɔreba.”
Nt., “Woabrɛ me ase paa.”
Anaa “na me ne me nnamfonom nkɔsu, ɛfiri sɛ merenware da.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔtwa kɔɔ atifi fam.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔbaa a ɔnwo.”
Anaa “yiwan ka ne ti.”
Nt., “sɛ abɔfra no pue firi awotwaa mu.”
Nt., “sɛ abɔfra no pue firi awotwaa mu.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn.
Anaa “siane kɔɔ.”
Nt., “Filistifoɔ mma mmaa no mu baako.”
Anaa “ɔforo kɔka.”
Anaa “dua.”
Nt., “ɔno na ɔfata wɔ m’ani so.”
Anaa “siane kɔɔ.”
Anaa “bobe nturo.”
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Anaa “aborɔme.”
Anaa “w’aborɔme.”
Anaa “aborɔme.”
Anaa “aborɔme.”
Anaa “Woato me nkurɔfoɔ aborɔme.”
Anaa “aborɔme.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ansa na ɔrekɔ pia mu no.”
Anaa “nantwibedeɛ a ɔnnyinii pii.”
Anaa “m’aborɔme.”
Anaa “aborɔme.”
Anaa “foro kɔɔ.”
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “ɔbobɔɔ wɔn nan ne wɔn srɛ.”
Anaa “yɛrebɛkyekyere.”
Anaa “yɛrebɛkyekyere.”
Anaa “n’abasa.”
Anaa “nan.”
Ɛkyerɛ, “Apantan Bepɔ.”
Anaa “dua.”
Anaa “ne honhom san baeɛ.”
Ɛkyerɛ, “Ɔfrɛfoɔ Asutire.”
Anaa “Subɔn.”
Anaa “Dɛfɛdɛfɛ.”
Anaa “ntini.”
Anaa “Woredi me ho fɛ.”
Anaa “Samson kra abrɛ.”
Anaa “Yiwan nkaa me ti.”
Nt., “ɛfiri me maame awotwaa mu.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ohoni no.
Anaa “me kra.”
Anaa “ohoni a wɔaguo.”
Anaa “dwetɛ dwumfoɔ.”
Anaa “ohoni a wɔaguo.”
Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Nt., “ɔde tumi hyɛɛ ne ba baako nsa sɛ ɔsɔfoɔ.”
Anaa “deɛ n’adwene kyerɛ no sɛ ɛyɛ.”
Anaa “me fotufoɔ.”
Nt., “de tumi hyɛɛ Lewini no nsa sɛ ɔsɔfoɔ.”
Nt., “agyapadeɛ atena so.”
Anaa “sɛdeɛ aberanteɛ no kasa.”
Ɛkyerɛ, “Dan Asoɛeɛ.”
Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “ohoni a wɔaguo.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “ohoni a wɔaguo.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “ohoni a wɔaguo.”
Anaa “yɛn fotufoɔ.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “mmarima a wɔn kra bo afu.”
Anaa “wobɛhwere wo kra.”
Anaa “wo fiefoɔ nso bɛhwere wɔn kra.”
Anaa “ɛbɔn no mu.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Anaa “n’aberanteɛ a ɔsom no.”
Anaa “na fa dwodwo w’akoma.”
Anaa “na ma w’akoma ani nnye.”
Anaa “na fa dwodwo w’akoma.”
Nt., “mpena.”
Nt., “ntomadan mu.”
Nt., “mpena.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na mesom wɔ Yehowa fie.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “mmoa aduane a wɔde afrafra.”
Anaa “monnyɛ bɔne kɛseɛ saa.”
Nt., “mpena.”
Anaa “mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn deɛ ɛyɛ wɔ mo ani so.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Anaa “sekan a wɔde kum mmoa.”
Nt., “mpena.”
Anaa “foro firii.”
Anaa “Momfa mo akoma nsi so.”
Nt., “te sɛ onipa baako.”
Nt., “mpena.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Gibea nsaasewuranom.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Nt., “sɔree te sɛ onipa baako.”
Nt., “boaa wɔn ho ano sɛ onipa baako.”
Anaa “wɔdii mmuada.”
Nt., “ɔgyina.”
Anaa “wisie dum.”
Nt., “sesaa wɔn mu 5,000 sɛ nnɔbaeɛ ase.”
Nt., “mma mmaa.”
Anaa “deɛ n’adwene kyerɛ no sɛ ɛyɛ.”