Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 2 Ahene 1:1-25:30
  • 2 Ahemfo

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Ahemfo
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Ahemfo

AHEMFO NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU

1 Ahab wuo akyi no, Moab+ tee atua tiaa Israel.

2 Saa berɛ no, Ahasia firi ne fie a ɛwɔ Samaria no atifi dan mu bɛhwee fam, na ɔpiraeɛ. Enti ɔsomaa nkurɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ nkɔbisa mma me sɛ pira a mapira yi, mɛsan anya ahoɔden anaa.”+ 3 Nanso Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia*+ sɛ: “Sɔre kɔhyia nkurɔfoɔ a Samaria hene asoma wɔn no, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi?+ 4 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.”’” Ɛnna Elia firii hɔ kɔeɛ.

5 Berɛ a nkurɔfoɔ a ɔsomaa wɔn no san baa ne nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasan aba?” 6 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Onyankopɔn nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Wei nti mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’”’”+ 7 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔbarima a ɔbɛhyiaa mo a ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mo no, na ɔte sɛn?” 8 Na wɔbuaa no sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ,+ na ɔde aboa nwoma abɔsoɔ* abɔ ne mu.”+ Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Tisbini Elia.”

9 Na ɔhene somaa 50 so panin ne n’asraafoɔ 50 kɔɔ ne nkyɛn. Berɛ a ɔkɔeɛ no, ɔkɔtoo no sɛ ɔte bepɔ no so. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa,+ ɔhene se, ‘Siane bra.’” 10 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ 50 so panin no sɛ: “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya mfiri soro mmɛhye wo ne w’asraafoɔ 50 no.” Na egya firii soro+ bɛhyee ɔne n’asraafoɔ 50 no.

11 Afei ɔhene somaa 50 so panin foforɔ ne n’asraafoɔ 50 kɔɔ ne nkyɛn. Ɔno nso kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɔhene se, ‘Siane bra ntɛm.’” 12 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya mfiri soro mmɛhye wo ne w’asraafoɔ 50 no.” Na Onyankopɔn gya firii soro bɛhyee ɔne n’asraafoɔ 50 no.

13 Ɛnna ɔhene san somaa 50 so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’asraafoɔ 50. Berɛ a 50 so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa no kɔeɛ no, ɔkɔbuu nkotodwe wɔ Elia anim paa no kyɛw sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, mesrɛ wo, ma me nkwa ne wo nkoa 50 yi nkwa* nsom bo wɔ w’ani so. 14 Egya firii soro bae, na ɛbɛhyee 50 so mpanimfoɔ mmienu a wɔdii kan baeɛ no ne asraafoɔ 50 a wɔn mu biara de wɔn baeɛ no. Nanso me deɛ, ma me nkwa* nsom bo wɔ w’ani so.”

15 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Siane na wo ne no nkɔ. Nsuro no.” Enti ɔsɔreeɛ, na ɔsiane ne no kɔɔ ɔhene nkyɛn. 16 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wosomaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ abisa. Onyankopɔn nni Israel anaa?+ Adɛn nti na woammisa n’anom asɛm? Wei nti mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’” 17 Enti ɔwuiɛ, na Yehowa asɛm a Elia kaeɛ no baa mu. Na ɛsiane sɛ na ɔnni ɔbabarima nti, Yehoram*+ bɛdii n’adeɛ wɔ Yuda hene Yehosafat ba Yehoram ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no mu.+

18 Ahasia+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.

2 Berɛ a Yehowa rebɛfa Elia+ akɔ soro* wɔ ahum mu+ no, Elia ne Elisa+ firii Gilgal+ kɔe. 2 Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔsiane kɔɔ Betel.+ 3 Ɛnna adiyifoɔ mma* a wɔwɔ Betel no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ?”+ Na ɔkaa sɛ: “Menim dada. Monnyae ho asɛm ka.”

4 Afei Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Elisa, mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yeriko.”+ Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔsiim kɔɔ Yeriko. 5 Ɛnna adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Menim dada. Monnyae ho asɛm ka.”

6 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yordan ano.” Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔn mmienu siim kɔe. 7 Wɔn mmienu no kɔgyinaa Yordan ano, na adiyifoɔ mma no mu 50 nso kɔgyinagyinaa akyiri hwɛɛ wɔn. 8 Ɛnna Elia yii n’ataadeɛ,*+ na ɔbobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na nsuo no mu pae kɔɔ ha ne ha maa wɔn mmienu no faa asaase kesee so twae.+

9 Berɛ a wɔtwaeɛ ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka deɛ menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn.” Na Elisa kaa sɛ: “Mesrɛ wo, wo honhom+ no mɛnya kyɛfa* mmienu+ anaa?” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Woabisa adeɛ a ɛyɛ den. Sɛ wohu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wobɛnya; sɛ woanhunu deɛ a, ɛnneɛ worennya.”

11 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ a wɔrekasa no, mpofirim ara na egya teaseɛnam ne egya apɔnkɔ+ bɛtetee wɔn mmienu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.*+ 12 Berɛ a Elisa gu so rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no, ɔteaam sɛ: “Me papa, me papa! Hwɛ, Israel ɛko teaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so!”+ Akyire yi a ɔnhu no bio no, ɔsɔɔ ɔno ara n’ataadeɛ mu na ɔsuan mu mmienu.+ 13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia ataadeɛ*+ a afiri ne ho agu fam no, na ɔsan kɔgyinaa Yordan ano. 14 Ɛnna ɔde Elia ataadeɛ* a ɛfirii ne ho guu fam no bɔɔ nsuo no mu, na ɔkaa sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?” Berɛ a ɔde bɔɔ nsuo no mu no, emu pae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.+

15 Berɛ a adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no huu no wɔ akyirikyiri no, wɔkaa sɛ: “Elia honhom aba Elisa so.”+ Ɛnna wɔkɔhyiaa no, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam wɔ n’anim. 16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nkoa wɔ mmarima akantinka 50 wɔ ha. Yɛsrɛ wo, ma wɔnkɔhwehwɛ wo wura. Ebia Yehowa honhom* ama ne so akɔto bepɔ bi so anaa ɛbɔn bi mu.”+ Nanso ɔkaa sɛ: “Monnsoma wɔn.” 17 Na wɔkae ara maa afei deɛ na ɛha no, enti ɔkaa sɛ: “Monsoma ɛ.” Ɛnna wɔsomaa mmarima 50 kɔeɛ, na wɔkɔhwehwɛɛ no nnansa, nanso wɔanhu no. 18 Berɛ a wɔsan baa ne nkyɛn no, na ɔwɔ Yeriko.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ’?”

19 Akyire yi, kuro no mu mmarima bɛka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Sɛdeɛ me wura ani tua yi, kuro yi da baabi pa,+ nanso nsuo no nyɛ, na asaase no nso aba.”* 20 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Momfa kyɛnsee ketewa a ɛyɛ foforɔ na momfa nkyene ngu mu mmrɛ me.” Na wɔkɔfa brɛɛ no. 21 Afei ɔkɔɔ nsuo no ti de nkyene kɔguu mu,+ na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Nsuo yi, masa no yareɛ. Ɛrenkum obiara bio, na ɛremma obiara nyɛ bonini bio.’”* 22 Elisa asɛm no baa mu, na nsuo no anya ayaresa abɛsi nnɛ.

23 Ɔfirii hɔ sɛ ɔreforo akɔ Betel, na berɛ a ɔnam kwan so no, mmarimaa bi firi kuro no mu bae, na wɔfirii aseɛ dii ne ho agorɔ+ kaa sɛ: “Wo tiri so a apa, foro kɔ! Wo tiri so a apa, foro kɔ!” 24 Ɛduruu baabi no, ɔdanee n’ani hwɛɛ wɔn, na ɔdomee wɔn wɔ Yehowa din mu. Ɛnna sisire* mmienu+ firi wuram bɛtetee mmɔfra no bi mu; ná wɔyɛ 42.+ 25 Na ɔtoaa so kɔduruu Karmel Bepɔ+ so, na ɔfirii hɔ san kɔɔ Samaria.

3 Yuda hene Yehosafat ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, Ahab ba Yehoram+ bɛyɛɛ Israel hene wɔ Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ 12. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, nanso anto ne papa ne ne maame deɛ no, ɛfiri sɛ Baal bosom dum a ne papa yɛeɛ no,+ ɔyi firii hɔ. 3 Nanso bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ. Wantwe ne ho amfiri ho.

4 Moab hene Mesa nso, na ɔwɔ nnwan, na na ɔde bi tua toɔ ma Israel hene; ná ɔma no nnwan mma 100,000 ne adwennini a wɔntwitwaa wɔn ho nwi 100,000. 5 Berɛ a Ahab wuiɛ no,+ ɛhɔ ara na Moab hene tee atua tiaa Israel hene.+ 6 Enti saa berɛ no, Ɔhene Yehoram firii Samaria kɔboaboaa Israel nyinaa ano. 7 Afei nso, ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: “Moab hene ate atua atia me. Wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.+ Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+ 8 Afei ɔbisaa no sɛ: “Ɛkwan bɛn na yɛmfa so?” Na ɔno nso kaa sɛ: “Edom serɛ so kwan no.”

9 Israel hene ne Yuda hene ne Edom+ hene siim kɔe; berɛ a wɔde nnanson nantenanteeɛ no, afei na wɔnnya nsuo mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyi no nnom. 10 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Awerɛhosɛm! Yehowa aboa ahemfo mmiɛnsa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa!” 11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ biara nni ha a yɛbɛtumi afa ne so abisa Yehowa anom asɛm anaa?”+ Na Israel hene nkoa no baako buaa sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsuo gu Elia nsa so*+ no wɔ ha.” 12 Ɛnna Yehosafat kaa sɛ: “Yehowa asɛm wɔ n’anom.” Enti Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene kɔɔ ne nkyɛn.

13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm ma wo papa ne wo maame no hɔ.”+ Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, ɛfiri sɛ ahemfo mmiɛnsa yi, Yehowa na waboaboa yɛn ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa.” 14 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat+ na mede m’ani ato n’anim a, anka merenhwɛ wo mpo na mahu wo.+ 15 Monkɔpɛ sankubɔfoɔ* mmrɛ me.”+ Berɛ a sankubɔfoɔ no firii aseɛ bɔɔ sankuo no, Yehowa honhom* baa ne so.+ 16 Na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montutu amena wɔ subɔn yi mu baabiara; 17 na Yehowa aka sɛ: “Mframa remmɔ na nsuo nso rentɔ, nanso nsuo bɛhyɛ subɔn yi ma,+ na mo ne mo nyɛmmoa ne mo mmoa a aka nyinaa bɛnom emu nsuo.”’ 18 Nanso wei yɛ ade ketewa wɔ Yehowa ani so,+ na ɔde Moabfoɔ nso bɛhyɛ mo nsa.+ 19 Kuro a wɔabɔ ho ban+ ne kuro pa biara, monsɛe no. Montwa dua pa biara ntwene, nsuo aniwa nyinaa monsisi no, na momfa aboɔ nsɛe asaase pa biara.”+

20 Berɛ a ɛduruu anɔpa a wɔbɔ aduane afɔreɛ no,+ deɛ wɔhunuiɛ ara ne sɛ nsuo firi Edom reba, na nsuo no bɛhyɛɛ asaase no so ma.

21 Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no aba sɛ wɔne wɔn rebɛko. Enti wɔfrɛfrɛɛ mmarima a wɔtumi kɔ ɛko* nyinaa, na wɔkɔgyinagyinaa wɔn hyeɛ so. 22 Berɛ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na awia atɔ nsuo no so, na Moabfoɔ a wɔgyinagyina ɛfã nohoa no huu sɛ nsuo no ayɛ kɔɔ sɛ mogya. 23 Wɔkaa sɛ: “Mogya! Ahemfo no de sekan akunkum wɔn ho. Enti Moabfoɔ, monkɔfom wɔn nneɛma!”+ 24 Berɛ a wɔbaa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ no, ɛhɔ ara na Israelfoɔ no sɔre to hyɛɛ Moabfoɔ no so firii aseɛ kunkum wɔn, na wɔdwane firii wɔn anim.+ Wɔkɔɔ Moabfoɔ asaase so, na wɔrekɔ nyinaa na wɔrekunkum Moabfoɔ no. 25 Wɔsɛee nkuro no, na asaase pa biara a ɛda hɔ no, wɔn mu biara soaa aboɔ guu so de hyɛɛ so ma; wɔsisii nsuo aniwa nyinaa,+ na wɔtwitwaa nnua pa nyinaa gui.+ Kir-Hareset+ aboɔ afasuo no nko ara na ɛkaeɛ, na wɔn a wɔto ataaboɔ* kɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ sɛee no.

26 Berɛ a Moab hene huu sɛ wadi nkoguo no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima 700 a wɔkurakura sekan sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi. 27 Ɛnna ɔfaa n’abakan a ɔbɛdi n’adeɛ de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ wɔ ɔfasuo no ho. Na nkurɔfoɔ faa Israel ho abufuo kɛse, enti wɔgyaee ɛko no na wɔsan kɔɔ wɔn asaase so.

4 Adiyifoɔ mma+ no baako yere bɛsu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu awu, na wo ara wonim sɛ berɛ a w’akoa te ase no, na ɔsuro Yehowa.+ Mede obi ka, na waba sɛ ɔrebɛfa me mma mmienu no akɔyɛ nkoa.” 2 Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo? Ka kyerɛ me, ɛdeɛn na wowɔ wɔ fie?” Na ɔkaa sɛ: “W’afenaa nni hwee wɔ fie sɛ ngo ahina baako.”+ 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Kɔ abɔnten kɔsrɛ nhina a hwee nni mu firi wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn. Dodoɔ biara a wobɛnya no, gye. 4 Afei wo ne wo mma mmarima no nkɔhyɛ dan mu na monto pono mu, na hwiehwie ngo no gu nhina no nyinaa mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, fa si nkyɛn.” 5 Ɔkaa saa no, ɔbaa no firii ne nkyɛn kɔe.

Ɔne ne mma mmarima no kɔhyɛɛ dan mu too pono mu, na sɛ wɔde nhina no ma no a, na ɔno nso ahwiehwie ngo no agu mu.+ 6 Berɛ a nhina no yeyɛɛ ma no, ɔka kyerɛɛ ne ba baako sɛ: “Fa ahina foforɔ brɛ me.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ahina biara nni hɔ bio.” Ɛnna ngo no twaeɛ.+ 7 Enti ɔbaa no kɔka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔno nso kaa sɛ: “Kɔtɔn ngo no na fa tuatua wo ho aka, na deɛ ɛbɛka no, wo ne wo mma no mfa nhwɛ mo ho.”

8 Da bi, Elisa kɔɔ Sunem.+ Ná ɔbaa animuonyamfoɔ bi wɔ hɔ, na ɔbaa no kae ara sɛ ɔmmɛdidi wɔ ne fie.+ Ɛno akyi no, berɛ biara a ɔbɛkɔ hɔ no, na ɔfa hɔ kɔdidi. 9 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Menim sɛ ɔbarima a ɔba yɛn nkyɛn daa yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron. 10 Mesrɛ wo, ma yɛnyɛ atifi dan+ ketewa bi mma no, na yɛmfa mpa, ɛpono, adwa, ne kaneadua nsisi mu mma no, na da biara a ɔbɛba yɛn nkyɛn no, wanya baabi atena.”+

11 Da bi, odiyifoɔ no baa hɔ sɛdeɛ ɔyɛ daa no, na ɔkɔɔ atifi dan no mu kɔdaa hɔ. 12 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi+ sɛ: “Frɛ Sunemni+ baa yi bra.” Enti ɔfrɛɛ no bɛgyinaa n’anim. 13 Afei ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: “Mesrɛ wo, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woaha wo ho ayɛ wei nyinaa ama yɛn.+ Ɛdeɛn na yɛn nso yɛnyɛ mma wo?+ Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ meka kyerɛ ɔhene+ anaa asraafoɔ panin no ma wo anaa?’” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Me nkurɔfoɔ mu na mete, enti menni haw.” 14 Enti odiyifoɔ no bisaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɛnna Gehasi kaa sɛ: “Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɔnni ɔbabarima,+ na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.” 15 Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Frɛ no bra.” Enti ɔkɔfrɛɛ no, na ɔbaa no bɛgyinaa kwan no ano. 16 Ɛnna odiyifoɔ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ na woturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɛrenyɛ yie! Me wura, nka asɛm a ɛnyɛ nokorɛ nkyerɛ w’afenaa.”

17 Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na sɛdeɛ Elisa ka kyerɛɛ no no, afe pɛpɛɛpɛ na ɔwoo ɔbabarima. 18 Abɔfra no nyinii, na da bi a ne papa wɔ atwafoɔ no nkyɛn wɔ afuo mu no, abɔfra no kɔɔ ne nkyɛn. 19 Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Me ti, me ti!” Ɛnna papa no ka kyerɛɛ ne somfoɔ sɛ: “Fa no kɔma ne maame.” 20 Enti ɔmaa abɔfra no so de no kɔmaa ne maame. Ɔdaa ne maame nan so kɔsii awia,* na ɔwuiɛ.+ 21 Ɛnna ɔbaa no foro de no kɔtoo nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no mpa so, na ɔtoo pono no mu firii adi. 22 Afei ɔfrɛɛ ne kunu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asomfoɔ no baako ne afunumu baako, na memmɔ hwii nkɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn mmra.” 23 Ɛnna ne kunu bisaa sɛ: “Adɛn nti na worekɔ ne nkyɛn nnɛ? Ɛnnɛ nyɛ bosome foforɔ+ anaa Homeda.” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee.” 24 Enti ɔbaa no hyehyɛɛ afunumu no, na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ka wo ho. Nka sɛ me nti woreto wo bo ase, gye sɛ meka sɛ to wo bo ase.”

25 Enti ɔbaa no siim kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ Karmel Bepɔ so. Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no huu no wɔ akyirikyiri no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi sɛ: “Hwɛ! Sunemni baa no na ɔreba no. 26 Mesrɛ wo, tu mmirika kɔhyia no na bisa no sɛ, ‘Wo ho yɛ? Wo kunu ho yɛ? Abɔfra no ho yɛ?’” Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ.” 27 Berɛ a ɔbaa no kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɛhɔ ara na ɔbaa no bɛsɔɔ ne nan.+ Ɛnna Gehasi baa sɛ ɔrebɛpia no afiri hɔ, nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: “Gyaa no, na awerɛhoɔ ahyɛ ne so.* Yehowa anka ankyerɛ me; ɔde ahinta me.” 28 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Me na mekaa sɛ me wura mma me ɔba anaa? Manka sɛ, ‘Mmɛdaadaa me’?”+

29 Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: “Fa w’ataadeɛ kyekyere w’asene+ na fa me poma kura na kɔ hɔ. Obiara a wobɛhyia no wɔ kwan so no, nkyea no; sɛ obi kyea wo nso a, nnye so. Fa me poma no kɔto abɔfra no anim.” 30 Ɛnna abɔfra no maame kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennya wo hɔ nkɔ.”+ Enti ɔsɔree, na ɔne ɔbaa no kɔe. 31 Gehasi dii kan kɔɔ hɔ de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso wankasa na wankeka ne ho.+ Ɔsan n’akyi kɔhyiaa Elisa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Abɔfra no annyane.”

32 Berɛ a Elisa bɛduruu fie hɔ no, na abɔfra no awu ama wɔde no akɔto ne mpa so.+ 33 Ɛnna ɔkɔɔ mu kɔtoo pono no mu, na berɛ a ɛkaa wɔn mmienu pɛ no, ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ.+ 34 Afei ɔforoo mpa no kɔdaa abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsayam totoo ne nsayam, na wansɔre amfiri abɔfra no so kɔsii sɛ abɔfra no ho firii aseɛ yɛɛ hye.+ 35 Afei, ɔdii akɔneaba wɔ fie hɔ, na ɔsan foroo mpa no kɔbutuu abɔfra no so. Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛ nson, na abɔfra no buee n’ani.+ 36 Afei Elisa frɛɛ Gehasi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Frɛ Sunemni baa no bra.” Enti ɔfrɛɛ no maa ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no kɔ.”+ 37 Ɛnna ɔbaa no baa mu bɛhwee ne nan ase butuu fam, na ɔfaa ne ba no kɔe.

38 Berɛ a Elisa san kɔɔ Gilgal no, na ɛkɔm aba asaase no so.+ Ná adiyifoɔ mma+ no tete n’anim, na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ+ no sɛ: “Fa kukuo kɛseɛ no si gya so yɛ forɔeɛ ma adiyifoɔ mma no.” 39 Enti wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔtete ɛfan, na ɔkɔhunuu afifideɛ bi wɔ wuram, na ɔtetee ɛferɛ a ɛwɔ so no bi guu ne ntoma mu maa no yɛɛ ma. Ɛnna ɔbɛtwitwa guu kukuo a ɛsi gya so no mu; nanso na ɔnnim n’adeban. 40 Akyire yi wɔtete maa mmarima no sɛ wɔnni. Berɛ a wɔde forɔeɛ no bi kaa wɔn ano ara pɛ, wɔteaam kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, awuduro wɔ kukuo no mu.” Na wɔantumi anni. 41 Enti ɔkaa sɛ: “Momma me esiam.” Berɛ a ɔde guu kukuo no mu no, ɔkaa sɛ: “Montete mma wɔn na wɔnni.” Afei, na biribiara nni kukuo no mu a ɛbɛtumi aha wɔn.+

42 Ɔbarima bi firi Baal-Salisa+ bae, na ɔde paanoo 20 a wɔde baali*+ aba a ɛdi kan ayɛ brɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no, na ɔde baali mono nso kaa ho baeɛ; ná ɛyɛ kotokuo baako.+ Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni.” 43 Nanso ne somfoɔ no kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede wei asi mmarima 100 anim?”+ Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wɔbɛdi ama ebi aka.’”+ 44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim, na sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔdi maa ebi kaeɛ.+

5 Ná Siria hene wɔ ɔsahene bi a wɔfrɛ no Naaman. Ná ɔyɛ onipa kɛseɛ a ne wura bu no, ɛfiri sɛ na Yehowa nam ne so ama Siriafoɔ adi nkonim.* Ná ɔbarima no yɛ ɔkatakyie, nanso na ɔyare kwata.* 2 Berɛ bi Siriafoɔ bɛto hyɛɛ Israelfoɔ so, na wɔkyee abaayewa kumaa bi firii Israelfoɔ asaase so kɔe, na ɔkɔyɛɛ Naaman yere abaawa. 3 Abaayewa no ka kyerɛɛ ne maame a ɔne no te no sɛ: “Sɛ anka me wura bɛkɔ odiyifoɔ+ a ɔwɔ Samaria no anim a, anka ɔbɛsa ne kwata no+ ama no.” 4 Enti ɔkɔɔ* ne wura hɔ kɔbɔɔ no amanneɛ, na ɔkaa deɛ abaayewa a ɔfiri Israel no kaeɛ nyinaa kyerɛɛ no.

5 Ɛnna Siria hene kaa sɛ: “Sim kɔ seesei ara! Mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ* du, sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 6,000, ne ntaadeɛ ahodoɔ du, na ɔsiim kɔe. 6 Ɔde krataa yi kɔmaa Israel hene sɛ: “Krataa yi akyi no, meresoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn na woasa ne kwata no ama no.” 7 Berɛ a Israel hene kenkan krataa no ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Adɛn, meyɛ Onyankopɔn na matumi akum onipa anaa mama onipa nkwa?+ Monhwɛ sɛ wasoma ɔbarima yi sɛ mensa ne kwata mma no. Mo ara motumi hu sɛ ntɔkwa ara na ɔrepɛ me.”

8 Nanso berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asuan n’ataadeɛ mu no, ɛhɔ ara na ɔsoma kɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na woasuan w’ataadeɛ mu? Mesrɛ wo, ma no mmra me nkyɛn, na ɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.”+ 9 Enti Naaman de n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a ɔde kɔ ɛko bae, na ɔbɛgyinaa Elisa fie kwan ano. 10 Nanso Elisa tuu ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔdware wɔ Yordan+ mu mprɛ nson,+ na wo honam bɛsi ne dada mu ama wo ho ate.” 11 Ɛnna Naaman bo fuu dendeenden, na ɔdanee ne ho sɛ ɔrekɔ, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mekaa no me tirim sɛ, ‘Ɔbɛpue aba me nkyɛn, na ɔbɛbɔ Yehowa, ne Nyankopɔn no din, na ɔde ne nsa afefa kwata no so asa me yareɛ.’ 12 So Abana ne Farpar nsubɔnten a ɛwɔ Damasko+ no nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Enti anka merentumi nnware mu mma me ho nte?” Ɔkaa saa no, ɔde abufuo siim sɛ ɔrekɔ.

13 Ɛnna ne nkoa twe bɛn no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Papa, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo sɛ yɛ a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Dware na wo ho nte’ a, ɛno na wontumi nyɛ?” 14 Wɔkaa saa no, ɔkɔeɛ na ɔkɔtɔɔ* Yordan mu mprɛ nson sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no ka kyerɛɛ no no, na ne honam ani yɛɛ tonomtonom kama te sɛ abɔfra ketewaa honam,+ na ne ho teeɛ.+

15 Ɛnna ɔsan n’akyi ne ne dɔm* nyinaa kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn, na ɔkɔgyinaa n’anim kaa sɛ: “Afei na mahunu ampa sɛ Onyame biara nni asaase so baabiara, gye sɛ Israel.+ Mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ* yi firi w’akoa nsam.” 16 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa a mesom no* no te ase yi, merennye.”+ Ɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnye, nanso wannye. 17 Afei Naaman kaa sɛ: “Sɛ saa a, ɛnneɛ ma wɔmma w’akoa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa, ɛfiri sɛ w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ biara mma onyame foforɔ biara bio, gye Yehowa nko ara. 18 Mmom adeɛ baako na mɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura kɔ Rimon fie* sɛ ɔrekɔkoto no wɔ hɔ, na sɛ ɔtwere me nsa so a, ɛbɛma makoto wɔ Rimon fie hɔ bi. Sɛ mekoto wɔ Rimon fie saa a, ɛnneɛ mesrɛ sɛ Yehowa mfa nkyɛ w’akoa.” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” Berɛ a ɔfirii ne nkyɛn twaa kwan kakra no, 20 Gehasi+ a ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa+ somfoɔ no kaa no ne tirim sɛ: ‘Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ama no kɔ kwa, na wannye deɛ ɔde baeɛ no. Sɛ́ Yehowa te ase yi, mɛtu mmirika ati no na makɔgye biribi afiri ne hɔ.’ 21 Enti Gehasi de mmirika tii Naaman. Berɛ a Naaman huu sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no, na ɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?” 22 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ. Me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Seesei ara na mmeranteɛ mmienu bi a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim mmepɔ mu aba me nkyɛn. Enti mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ dwetikɛseɛ baako ne ntaadeɛ mmienu.’”+ 23 Naaman kaa sɛ: “Gye dwetikɛseɛ mmienu mpo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ na afei ɔkyekyeree dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu wɔ nkotokuo mmienu mu de ntaadeɛ mmienu kaa ho, na ɔde maa n’asomfoɔ mmienu, na wɔsoa dii n’anim.

24 Berɛ a ɔduruu Ofel* no, ɔgyee nneɛma no firii wɔn nsam de kɔguu fie, na ɔgyaa wɔn kwan. Wɔkɔeɛ no, 25 ɔkɔɔ ne wura nkyɛn. Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Gehasi, ɛhe na wofiri reba yi?” Na ɔbuaa sɛ: “W’akoa nkɔɔ baabiara.”+ 26 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Berɛ a ɔbarima no si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, wonnim sɛ na m’akoma di w’akyi anaa? Saa berɛ yi na ɛsɛ sɛ yɛgye dwetɛ, ntaadeɛ, ngodua mfuo, bobefuo,* nnwan, anantwie, nkoa, anaa mfenaa?+ 27 Ɛno nti Naaman kwata+ no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa.” Ɛhɔ ara na ɔfirii n’anim kɔeɛ, na na kwata adware no fitaa te sɛ sukyerɛmma.+

6 Adiyifoɔ mma+ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ! Baabi a yɛne wo teɛ yi sua dodo ma yɛn. 2 Yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ Yordan ho na yɛn mu biara nkɔpɛ dua baako na yɛmfa nyɛ baabi a yɛbɛtena wɔ hɔ.” Ɔkaa sɛ: “Monkɔ ɛ.” 3 Wɔn mu baako bisaa no sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa bɛkɔ anaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.” 4 Enti ɔne wɔn kɔe, na berɛ a wɔkɔduruu Yordan ho no, wɔfirii aseɛ twaa nnua no. 5 Berɛ a ɔbaako retwa dua no, akuma no hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɛnna ɔteaam sɛ: “O me wura, yɛkɔsrɛe!” 6 Nokorɛ Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔeɛ?” Na ɔkyerɛɛ no. Ɛnna ɔtwaa dua ketewa bi to too hɔ, na akuma no bɛtɛɛ nsuo no ani. 7 Ɔkaa sɛ: “Yi firi nsuo no mu.” Enti ɔtenee ne nsa yii.

8 Na ɛbaa sɛ Siria hene yɛɛ sɛ ɔne Israel rekɔko,+ na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: “Ɛha ne ha na me ne mo bɛboa yɛn ho ano.” 9 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no soma kɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Hwɛ yie na woamfa ha, ɛfiri sɛ ɛha na Siriafoɔ bɛfa aba.” 10 Enti faako a nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa ho asɛm kyerɛɛ Israel hene no, ɔhene no kɔbɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no kɔkɔ. Odiyifoɔ no bɔɔ ɔhene kɔkɔ mprɛ pii, enti wankɔ hɔ.+

11 Wei hyɛɛ Siria hene abufuo,* na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ me deɛ ɔwɔ yɛn mu a ɔwɔ Israel hene afã.” 12 Na ne nkoa no baako kaa sɛ: “Me wura ɔhene, yɛn mu biara nni n’afã. Mmom ɛyɛ odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no; ɔno na nsɛm a woka wɔ wo pia mu mpo,+ ɔka kyerɛ Israel hene.” 13 Ɔkaa sɛ: “Monkɔhwehwɛ faako a ɔwɔ na mensoma nkɔkye no.” Akyire yi, wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Ɔwɔ Dotan.”+ 14 Ɛhɔ ara na ɔsoma maa wɔde apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam ne asraafoɔdɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ. Wɔduruu hɔ anadwo, na wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ.

15 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ sɔree anɔpa na ɔpueeɛ no, ɔhuu sɛ asraafoɔdɔm bi ne apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Ɛhɔ ara na ne somfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura! Yɛbɛyɛ dɛn?” 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Nsuro!+ Ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na ɔnhunu deɛ ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani; ɔnkɔhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi.

18 Berɛ a Siriafoɔ no yɛɛ sɛ wɔreba Elisa so no, ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Mesrɛ wo, ma nkurɔfoɔ* yi ani mfira.”+ Enti ɔmaa wɔn ani firae sɛdeɛ Elisa srɛeɛ no. 19 Afei Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ kwan no nie, na ɛnyɛ kuro no nie. Monni m’akyi na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.” Nanso ɔdii wɔn anim de wɔn kɔɔ Samaria+ mmom.

20 Berɛ a wɔduruu Samaria no, Elisa kaa sɛ: “O Yehowa, bue nkurɔfoɔ yi ani na wɔnhunu adeɛ.” Enti Yehowa buee wɔn ani, na wɔhuu sɛ wɔwɔ Samaria mfimfini. 21 Berɛ a Israel hene huu wɔn no, ɔbisaa Elisa sɛ: “Menkunkum wɔn anaa, me papa, menkunkum wɔn anaa?” 22 Nanso ɔkaa sɛ: “Nkunkum wɔn. Sɛ wode wo sekan ne w’agyan ko na wokye nkurɔfoɔ a, ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn anaa? Ma wɔn aduane* ne nsuo na wɔnnidi nnom,+ na wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23 Enti ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn; wɔdidi nomee, na ɛno akyi no ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn wura nkyɛn. Siriafoɔ dɔm a wɔfom nkurɔfoɔ nneɛma+ no ansan amma Israel asaase so bio.

24 Wei akyi no, Siria hene Ben-Hadad boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano kɔtwaa Samaria ho hyiae.+ 25 Enti ɛkɔm kɛseɛ+ baa Samaria. Wɔtwaa ho hyiaeɛ kɔsii sɛ afei ɛduruu baabi no, na afunumu ti+ mpo boɔ yɛ nnwetɛbena 80, na aburuburo bini nsa ma mmienu* boɔ yɛ nnwetɛbena 5. 26 Berɛ a Israel hene nam ɔfasuo no so retwam no, ɔbaa bi teaam ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura ɔhene, boa yɛn!” 27 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Sɛ Yehowa ammoa wo a, ɛhe na mɛnya mmoa ama wo? Ayuporobea, anaasɛ baabi a wɔkyĩ nsã anaa ngo?” 28 Afei ɔhene bisaa no sɛ: “Wo haw ne sɛn?” Na ɔbaa no buaa sɛ: “Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo ba bra ma yɛnwe no nnɛ, na ɔkyena me nso mede me ba bɛba ama yɛawe no.’+ 29 Enti yɛnoaa me ba no wee.+ Adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nso fa wo ba no bra ma yɛnwe.’ Nanso ɔde ne ba no kɔsieeɛ.”

30 Berɛ a ɔhene tee ɔbaa no asɛm no, ntɛm ara na ɔsuan n’ataadeɛ mu;+ berɛ a ɔnam ɔfasuo no so retwam no, ɔmanfoɔ no huu sɛ ɔfira awerɛhoɔ ntoma* wɔ n’ataadeɛ ase. 31 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ sɛ mante Safat ba Elisa ti amfiri so a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho!”+

32 Ná Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn, ɛnna ɔhene no dii kan somaa obi kɔɔ hɔ. Bɔfoɔ no nnya nnuruu hɔ no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: “Moahu sɛ wudini+ ba no asoma sɛ wɔmmɛtwa me ti? Sɛ bɔfoɔ no bɛduru a, monhwɛ nto pono no mu, na monnyina akyire mpia, na wantumi amma mu. Enti ne wura di n’akyi reba yi, monte ne nan ase?” 33 Ɔgu so ne wɔn rekasa no, bɔfoɔ no bɛduruu ne nkyɛn. Ɛnna ɔhene no nso baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mmusuo yi firi Yehowa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Yehowa?”

7 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Montie Yehowa asɛm. Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɔkyena sɛsɛɛ, esiam muhumuhu seah susudeɛ* baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena* baako, na baali* seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.’”*+ 2 Ɛhɔ ara na ɔhene boafoɔ a ɔgye no di no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Wode w’ani bɛhunu,+ nanso ebi renka w’ano.”+

3 Ná mmarima akwatafoɔ nnan bi wɔ kuro no pono ano,+ na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha wuo? 4 Ɛkɔm wɔ kuro no mu,+ enti sɛ yɛka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ kuro no mu’ a, yɛbɛwuwu wɔ hɔ. Na sɛ yɛtena ha nso a, yɛbɛwuwu. Enti momma yɛmmɔ nwura Siriafoɔ asoɛeɛ no mu. Sɛ wɔkora yɛn so a, yɛbɛtena nkwa mu, na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na yɛawu.” 5 Ɛnna wɔsɔree anwummerɛ a esum reba, na wɔkɔɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ. Berɛ a wɔkɔduruu Siriafoɔ asoɛeɛ no ano no, na obiara nni hɔ.

6 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, na Yehowa ama Siriafoɔ no ate ɛko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafoɔdɔm kɛseɛ nka wɔ wɔn asoɛeɛ hɔ.+ Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene akɔbɔ Hitifoɔ ahemfo ne Egypt ahemfo paa ama wɔreba yɛn so!” 7 Ntɛm ara na wɔsɔre dwanee anwummerɛ a anim rebiribiri no, na wɔgyaa wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu hɔ dwane gyee wɔn ho nkwa.* Wɔgyaa asoɛeɛ hɔ saa ara kɔeɛ.

8 Berɛ a akwatafoɔ yi bɛduruu asoɛeɛ no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu, na wɔdidi nomee, na wɔsesaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne ntaadeɛ firii hɔ de kɔsieeɛ. Ɛno akyi no, wɔsan kɔɔ ntomadan foforɔ mu, na wɔsesaa nneɛma firii hɔ de kɔsieeɛ.

9 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Anigyesɛm yi deɛ, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfoɔ te ho asɛm! Sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase, na yɛtena hɔ ma adeɛ kye a, asɛm bɛto yɛn. Enti momma yɛnkɔbɔ amanneɛ wɔ ahemfie.” 10 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ kuro pono ano ahwɛfoɔ no sɛ: “Yɛkɔɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ, nanso yɛanhunu obiara na yɛante obiara nka wɔ hɔ. Deɛ yɛkɔtoe ara ne apɔnkɔ ne mfunumu a wɔamantam wɔn ne ntomadan a wɔagya hɔ saa ara.” 11 Ɛhɔ ara na apono ano ahwɛfoɔ no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ ahemfie.

12 Ntɛm ara na ɔhene sɔree anadwo, na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: “Mesrɛ mo, momma menka deɛ Siriafoɔ pɛ sɛ wɔde yɛ yɛn nkyerɛ mo. Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn,+ enti wɔafiri wɔn asoɛeɛ hɔ akɔhinta wuram, na wɔaka sɛ, ‘Sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛbɛkye wɔn animono, na yɛabɔ awura kuro no mu.’”+ 13 Ɛnna n’asomfoɔ no baako kaa sɛ: “Kuro no mu apɔnkɔ a aka no, mesrɛ wo, ma mmarima bi mfa nnum nkɔ hɔ. Hwɛ! Wɔn nso deɛ ɛbɛto Israelfoɔ a wɔaka kuro yi mu no, ɛno ara bi na ɛbɛto wɔn. Wɔn nso bɛyɛ sɛ Israelfoɔ dodoɔ a wɔawuwu no ara. Ma yɛnsoma wɔn na wɔnkɔhwɛ.” 14 Enti wɔfaa nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene somaa wɔn sɛ wɔnkɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ. Ɔkaa sɛ: “Monkɔhwɛ.” 15 Ɛnna wɔdii wɔn anammɔn akyi ara kɔduruu Yordan ho, na wɔhuu sɛ ntaadeɛ ne nneɛma a ahoperɛ nti Siriafoɔ a wɔredwane no atoto agu no ayɛ kwan no so nyinaa ma. Mmarima no san bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ.

16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔsesaa Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ nneɛma; enti esiam muhumuhu seah susudeɛ baako boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako, na baali seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 17 Ɔhene boafoɔ a ɔgye no di no, ɔhene yii no sɛ ɔnhwɛ kuro pono no ano, nanso ɔman no twi faa ne so wɔ ɛpono no ano tiatiaa no so maa no wuiɛ, na ɛmaa asɛm a nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ berɛ a ɔhene baa ne nkyɛn no baa mu. 18 Deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no baa mu saa sɛ: “Ɔkyena sɛsɛɛ, baali seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako, na esiam muhumuhu seah susudeɛ baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.”+ 19 Nanso saa berɛ no, ɔboafoɔ no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?” Elisa nso kaa sɛ: “Wode w’ani bɛhunu, nanso ebi renka w’ano.” 20 Saa pɛpɛɛpɛ nso na ɛtoo no, ɛfiri sɛ ɔman no twi faa ne so wɔ kuro pono no ano tiatiaa ne so maa no wuiɛ.

8 Elisa ka kyerɛɛ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima* no+ sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fiefoɔ, na kɔyɛ hɔhoɔ wɔ baabiara a wobɛnya, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ ɛkɔm bɛba,+ na ɛbɛba asaase yi so mfeɛ nson.” 2 Enti ɔbaa no sɔree, na ɔyɛɛ deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ no. Ɔne ne fiefoɔ kɔe, na wɔkɔtenaa Filistifoɔ asaase+ so mfeɛ nson.

3 Berɛ a mfeɛ nson no baa awieeɛ no, ɔbaa no firii Filistifoɔ asaase so san bae, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsu akyerɛ ɔhene sɛ wɔmfa ne fie ne n’asaase mma no. 4 Saa berɛ no, na ɔhene ne nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ Gehasi rekasa, na ɔhene no kaa sɛ: “Me pa wo kyɛw, nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ nyinaa,+ ka kyerɛ me.” 5 Berɛ a ɔgu so reka sɛdeɛ Elisa nyanee obi a wawuo no,+ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima no baa ɔhene no nkyɛn, na ɔsu kyerɛɛ no sɛ wɔmfa ne fie ne n’asaase mma no.+ Ɛhɔ ara na Gehasi kaa sɛ: “Me wura ɔhene, ɔbaa no nie, na ne babarima yi na Elisa nyanee no no.” 6 Ɛnna ɔhene bisaa ɔbaa no deɛ ɛsiiɛ, na ɔno nso kaa asɛm no kyerɛɛ no. Afei ɔhene yii ahemfie panin bi sɛ ɔmmoa ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔpanin no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ ɔbaa no dea no, fa ma no. Na ɛfiri da a ɔfirii asaase yi so kɔeɛ bɛsi nnɛ, deɛ afiri n’afuo no mu aba nyinaa, fa ka ho ma no.”

7 Na Elisa kɔɔ Damasko.+ Saa berɛ no, na Siria hene Ben-Hadad+ yare. Enti wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no aba ha.” 8 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael+ sɛ: “Fa akyɛdeɛ na kɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ ɔmmisa Yehowa mma me sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 9 Enti Hasael faa akyɛdeɛ kɔhyiaa no, ɔfaa Damasko nneɛma pa nyinaa bi; yoma 40 na ɛsoaa nneɛma no. Na ɔkɔgyinaa Elisa anim kaa sɛ: “Wo ba Ben-Hadad, Siria hene no na asoma me wo nkyɛn. Ɔse memmɛbisa wo sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 10 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛtɔ wo,’ nanso Yehowa ayi akyerɛ me sɛ owuo na ɔbɛwuo.”+ 11 Na ɔhwɛɛ no* dinn kɔsii sɛ ɔyɛɛ basaa. Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no sui. 12 Ɛnna Hasael bisaa no sɛ: “Adɛn nti na me wura resu?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ.+ Wode gya bɛhye wɔn nkuro a ɛyɛ den, wode sekan bɛkunkum wɔn mmarima a wɔnim ko, wobɛtete wɔn mma mu, na wɔn mmaa a wɔnyenyem nso, wobɛpaapae wɔn mu.”+ 13 Ɛnna Hasael kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa, ɔkraman te sɛ me ayɛ adeɛ a ɛte saa?” Nanso Elisa kaa sɛ: “Yehowa ayi akyerɛ me sɛ wo na wobɛyɛ Siria hene.”+

14 Ɛnna ɔgyaa Elisa hɔ, na ɔsan kɔɔ ne wura nkyɛn. Na ne wura bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ wo ho bɛtɔ wo.”+ 15 Nanso adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa kuntu bɔɔ nsuo mu de kataa ɔhene no anim, na ɔde tuaa no ahome kɔsii sɛ ɔwuiɛ.+ Na Hasael bɛdii n’adeɛ.+

16 Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu+ no, berɛ a na Yehosafat di adeɛ wɔ Yuda no, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram+ bɛdii hene. 17 Berɛ a ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 32, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. 18 Ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no,+ ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab babaa.+ Ɔyɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so.+ 19 Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda ɛsiane n’akoa Dawid nti,+ ɛfiri sɛ na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn+ ama ɔne ne mma daa.

20 Ne berɛ so no, Edomfoɔ tee atua tiaa Yuda,+ na wɔsii wɔn ankasa hene.+ 21 Enti Yehoram kɔɔ Sair, ɔne ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa, na ɔsɔree anadwo kɔkunkum Edomfoɔ a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no, na nkurɔfoɔ no dwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu. 22 Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so ate Yuda so atua abɛsi nnɛ. Saa berɛ no ara, Libnafoɔ+ nso tee atua.

23 Yehoram ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 24 Ɛnna Yehoram ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. Na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.

25 Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahennie afe a ɛtɔ so 12 mu no, Yuda hene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene.+ 26 Ahasia bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Israel hene Omri+ banana.* 27 Ɔfaa Ahab+ fiefoɔ akwan so, na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab fie, na ɔne wɔn bɛbɔɔ abusua.+ 28 Enti ɔne Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael kɔkoo wɔ Ramot-Gilead,+ nanso Siriafoɔ no piraa Yehoram.+ 29 Enti Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ+ no, Siriafoɔ no piraa no wɔ Rama. Yuda hene Ahasia a ɔyɛ Yehoram ba no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram, ɛfiri sɛ na wapira.*

9 Ɛnna odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa ntoma kyekyere w’asene, na yɛ ntɛm fa ngo toa yi kɔ Ramot-Gilead.+ 2 Sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu. 3 Afei fa ngo toa no na hwie ngo no gu ne tirim, na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Masra wo asi wo hene wɔ Israel so.”’+ Wowie a, bue pono no na dwane firi hɔ ntɛm.”

4 Enti odiyifoɔ no somfoɔ sii kwan so kɔɔ Ramot-Gilead. 5 Berɛ a ɔduruu hɔ no, na asahene no tete hɔ, na ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ wo.” Ɛnna Yehu bisaa no sɛ: “Yɛn mu hwan?” Na ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, ɛyɛ wo ara.” 6 Enti Yehu sɔre kɔɔ fie hɔ, na ɔsomfoɔ no hwiee ngo no guu ne tirim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Masra wo asi wo hene wɔ Yehowa man Israel so.+ 7 Kunkum wo wura Ahab fiefoɔ, na mɛma Yesebel atua me nkoa adiyifoɔ no ne Yehowa nkoa a ɔkunkum wɔn no nyinaa mogya ho ka.+ 8 Na Ahab fiefoɔ nyinaa bɛwuwu; ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fie no, mɛku no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no.+ 9 Na mɛsɛe Ahab fie sɛdeɛ mesɛee Nebat ba Yeroboam+ fie ne Ahiya ba Baasa+ fie no. 10 Na Yesebel deɛ, nkraman na ɛbɛdi ne nam wɔ Yesreel asaase no so,+ na obiara rensie no.’” Ɔkaa saa no, ɔbuee pono no dwaneeɛ.+

11 Berɛ a Yehu san kɔɔ ne wura nkoa no nkyɛn no, wɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa? Adɛn nti na bɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara monim ɔbarima yi ne sɛdeɛ ɔkeka ne nsɛm.” 12 Nanso wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ! Yɛsrɛ wo, deɛ ɔkaeɛ no, ka kyerɛ yɛn.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔka kyerɛɛ me nie, ɛnna ɔka kaa ho sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka ne sɛ: “Masra wo asi wo hene wɔ Israel so.”’”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntoma, na wɔde sesɛɛ fam wɔ stɛps no so maa no,+ na wɔbɔɔ abɛn kaa sɛ: “Yehu abɛyɛ ɔhene!”+ 14 Ɛnna Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ bɔɔ Yehoram ho pɔ.

Saa berɛ no, Siria hene Hasael+ nti, na Yehoram ne Israel nyinaa rebɔ Ramot-Gilead+ ho ban. 15 Akyire yi, Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no,+ Siriafoɔ piraa no.

Afei Yehu kaa sɛ: “Sɛ mowɔ m’afã* a, ɛnneɛ mommma obiara nnnwane mmfiri kuro no mu nnkɔbɔ amanneɛ wɔ Yesreel.” 16 Ɛnna Yehu tenaa ne teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na Yehoram apira da hɔ, na Yuda hene Ahasia nso kɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Yehoram. 17 Ná ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel aban no so, na ɔhuu sɛ Yehu ne ne dɔm reba. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Mehu nnipadɔm bi sɛ wɔreba.” Yehoram kaa sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefoɔ ma no nkɔhyia wɔn na ɔmmisa sɛ, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” 18 Enti obi a ɔte pɔnkɔ so kɔhyiaa no na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’? Dane wo ho bɛdi m’akyi!”

Ɛnna ɔwɛmfoɔ no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbɔfoɔ no kɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma.” 19 Enti ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefoɔ a ɔtɔ so mmienu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’? Dane wo ho bɛdi m’akyi!”

20 Ɛnna ɔwɛmfoɔ no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma, na mehwɛ sɛdeɛ teaseɛnam no reba no a, ɛte sɛ deɛ Nimsi banana* Yehu na ɔreka; ɔka no sɛdeɛ wabɔ dam.” 21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Siesie teaseɛnam no!” Enti wɔsiesiee teaseɛnam a ɔde kɔ ɛko no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu sɛ wɔrekɔhyia Yehu. Wɔkɔtoo no wɔ Yesreelni Nabot asaase+ no so.

22 Berɛ a Yehoram huu Yehu no, ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Yehu, wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?” Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Berɛ a wo maame Yesebel+ adwamammɔ ne n’asumansɛm+ bebrebe no da so wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoeɛ aba?” 23 Ntɛm ara na Yehoram danee ne ho sɛ ɔredwane, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: “Ahasia, wanya yɛn!” 24 Ɛnna Yehu twee agyan to wɔɔ Yehoram akyi maa no kɔpuee n’akomam, na ɔtwa hwee ne teaseɛnam no mu. 25 Afei ɔka kyerɛɛ ne boafoɔ Bidkar sɛ: “Ma ne so to no twene Yesreelni Nabot+ asaase no so. Kae sɛ me ne wo nyinaa na na yɛka teaseɛnam di ne papa Ahab akyi berɛ a Yehowa kaa atemmusɛm yi tiaa no sɛ:+ 26 ‘“Ampa, ɛnnora mehuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya,” Yehowa asɛm nie, “asaase yi ara so na mɛtua wo ka,”+ Yehowa asɛm nie.’ Enti ma ne so to no twene asaase no so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.”+

27 Berɛ a Yuda hene Ahasia+ hunuu deɛ ɛrekɔ no, ɔdwane faa turo fie kwan no so. (Akyire yi, Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: “Monkum ɔno nso!” Enti berɛ a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no, wɔpiraa no. Nanso ɔtoaa so ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ. 28 Ɛnna ne nkoa de no too teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne damena mu kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. 29 Ahab ba Yehoram ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu na Ahasia+ bɛdii Yuda so hene.)

30 Berɛ a Yehu bɛduruu Yesreel+ no, Yesebel+ teeɛ. Enti ɔde adubire kekaa n’ani akyi, na ɔsiesiee ne tiri ho, na ɔgyinaa mpomma mu hwɛɛ fam. 31 Berɛ a Yehu wuraa kuro no pono mu baeɛ no, ɔbaa no bisaa no sɛ: “Simri a ɔkum ne wura no, ɛsii no yie anaa?”+ 32 Ɛnna ɔno nso maa n’ani so hwɛɛ mpomma no mu, na ɔbisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ m’afã? Hwan?”+ Ɛhɔ ara na nhenkwaa mmienu anaa mmiɛnsa bɛgyinaa hɔ hwɛɛ no wɔ fam hɔ. 33 Ɔkaa sɛ: “Monto no nhwe fam!” Enti wɔtoo no hwee fam, na ne mogya no bi bɔ petee ɔfasuo no ne apɔnkɔ no ho, na n’apɔnkɔ no tiatiaa ne so. 34 Afei ɔkɔɔ mu kɔdidii na ɔnomee, na ɔkaa sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔfa ɔbaa busuyɛfoɔ no na monsie no. Anyɛ hwee koraa ɔyɛ ɔhene babaa.”+ 35 Nanso berɛ a wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, wɔanhu ne ho hwee sɛ ne tikwankoraa ne ne nan ase ne ne nsayam.+ 36 Berɛ a wɔsan bɛbɔɔ no amanneɛ no, ɔkaa sɛ: “Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Tisbini Elia so kaeɛ no na aba mu+ no. Ɔkaa sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asaase no so.+ 37 Na Yesebel funu bɛyɛ sɛ sumina* wɔ Yesreel asaase no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obi renka sɛ: “Yesebel nie.”’”

10 Ná Ahab+ wɔ mma mmarima 70 wɔ Samaria. Enti Yehu twerɛɛ krataa de soma kɔɔ Samaria kɔmemaa Yesreel atitire, mpanimfoɔ,+ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mma so* no sɛ: 2 “Mo wura mma wɔ mo nkyɛn, na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nso wɔ mo nsam. Enti sɛ mo nsa ka krataa yi a, 3 monyi mo wura mma no mu deɛ ɔdi mu na ɔfata paa,* na momfa no nsi ne papa adwa so, na monko mma mo wura fie.”

4 Nanso ehu kaa wɔn, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Ahemfo mmienu mpo antumi annyina n’anim,+ na yɛn na yɛbɛtumi?” 5 Enti ahemfie* panin, kuro so hwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mma so no soma kɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn biara, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so biara, yɛ.”

6 Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn krataa a ɛtɔ so mmienu sɛ: “Mowɔ m’afã na sɛ mobɛtie me a, ɛnneɛ montwitwa mo wura mma mmarima a wɔwɔ mo nkyɛn no ti, na momfa mmrɛ me ɔkyena saa berɛ yi wɔ Yesreel.”

Saa berɛ no, na ɔhene mma 70 wɔ kuro no mu atitire nkyɛn a wɔrehwɛ wɔn. 7 Berɛ a wɔn nsa kaa krataa no ara pɛ, wɔfaa ɔhene mma mmarima 70 no kunkum wɔn,+ na wɔde wɔn ti guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel. 8 Ɛnna obi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde ɔhene mma no ti aba.” Na ɔkaa sɛ: “Mommoaboa ano akuo mmienu mfa ngu ɛkwan no ano nkɔsi anɔpa.” 9 Ɛduruu anɔpa a ɔpueeɛ no, ɔbɛgyinaa nkurɔfoɔ no nyinaa anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ho nni asɛm.* Me na mebɔɔ me wura ho pɔ kum no,+ nanso hwan na ɔkum weinom nyinaa? 10 Enti monhu sɛ Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fiefoɔ a ɛremma mu.*+ Yehowa na wama asɛm a ɔnam n’akoa Elia so kae no aba mu.”+ 11 Afei nso, Yehu kunkum Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ Yesreel nyinaa ne n’akunini, ne nnamfo, ne n’asɔfoɔ+ nyinaa, na ne ho nipa biara anka.+

12 Ɛnna ɔsɔre siim sɛ ɔrekɔ Samaria. Ná efie* bi wɔ kwan no so a nnwanhwɛfoɔ twitwa wɔn nnwan ho nwi wɔ hɔ. 13 Na Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia+ nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Moyɛ hwannom?” Wɔbuaa sɛ: “Yɛyɛ Ahasia nuanom, na yɛrekɔ akɔhwɛ sɛ ɔhene ne ɔhemmaa* mma no ho yɛ anaa.” 14 Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Monkye wɔn anikan!” Ɛnna wɔkyee wɔn anikan na wɔkunkum wɔn wɔ abura ho wɔ baabi a nnwanhwɛfoɔ twitwa wɔn nnwan ho nwi no; ná wɔyɛ mmarima 42. Wannya baako mpo.+

15 Ɔfiri hɔ rekɔ no, ɔhuu Rekab+ ba Yehonadab+ sɛ ɔrebɛhyia no. Ɔkyeaa* no, na ɔbisaa no sɛ: “W’akoma di mu wɔ me ho sɛdeɛ m’akoma di mu wɔ wo ho no anaa?”

Yehonadab kaa sɛ: “Aane.”

“Sɛ saa a, ɛnneɛ fa wo nsa to me nsayam.”

Enti ɔde ne nsa too ne nsayam. Na Yehu maa no foro bɛkaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu. 16 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛsene kɔgya me na kɔhwɛ sɛdeɛ mereko ama Yehowa.”*+ Enti wɔmaa no kaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu ne no kɔe. 17 Ɔkɔduruu Samaria, na ɔkunkum Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ Samaria nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase,+ na ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Elia no baa mu.+

18 Bio nso, Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahab som Baal kakraa bi.+ Yehu deɛ, ɔbɛsom no paa. 19 Enti Baal adiyifoɔ no nyinaa,+ wɔn a wɔsom no nyinaa ne asɔfoɔ no nyinaa,+ momfrɛfrɛ wɔn mmra me nkyɛn. Monnnya baako mpo, ɛfiri sɛ merebɛbɔ afɔreɛ kɛseɛ ama Baal. Obiara a wamma aseɛ no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ ɔfa nyansakwan so kunkum Baal asomfoɔ no nti na ɔyɛɛ saa.

20 Yehu toaa n’asɛm no so sɛ: “Momfa nto dwa na wɔnyɛ nhyiamu titire mma Baal.” Enti wɔde too dwa. 21 Ɛno akyi no, Yehu de nkra kɔɔ Israel nyinaa, na Baal asomfoɔ no nyinaa bɛhyiaam. Baako mpo anka a wamma bi. Wɔbaa Baal fie hɔ* maa Baal fie+ hɔ nyinaa yɛɛ ma. 22 Afei ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntaadeɛ so no sɛ: “Fa ntaadeɛ brɛ Baal asomfoɔ no nyinaa.” Enti ɔde ntaadeɛ no brɛɛ wɔn. 23 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab+ baa Baal fie hɔ. Na ɔka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ: “Monhwɛ mu yie na Yehowa somfoɔ biara ammɛfra mo mu; momma no nka Baal asomfoɔ nko ara.” 24 Afei wɔbaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ, na na Yehu de mmarima 80 agyinagyina abɔnten aka akyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi dwane a, ɛnneɛ ɔde ne nkwa bɛtwa so.”*

25 Berɛ a ɔwiee ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ* ne akunini no sɛ: “Mommra mmɛkunkum wɔn! Mommma obiara nnnwane.”+ Ɛnna awɛmfoɔ ne akunini no firii aseɛ de sekan kunkum wɔn, na wɔtotoo wɔn afunu guu abɔnten, na wɔkunkum wɔn ara kɔduruu Baal fie no pia* mu. 26 Ɛnna wɔyiyii Baal fie hɔ abosom adum+ no firii adi, na wɔhyee ne nyinaa.+ 27 Afei wɔbubuu Baal bosom dum+ no, na Baal fie+ no nso, wɔbubuiɛ, na wɔde yɛɛ agyananbea de bɛsi nnɛ.

28 Wei ne ɛkwan a Yehu faa so tuu Baal ase firii Israel. 29 Nanso Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no deɛ, Yehu antwe ne ho amfiri ho; sika kɔkɔɔ nantwie mma a na baako si Betel na baako nso si Dan no, wanyi amfiri hɔ.+ 30 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Ɛsiane sɛ woadi asɛmpa na woayɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, na woayɛ deɛ na ɛwɔ m’akomam sɛ mede bɛyɛ Ahab fiefoɔ nyinaa+ nti, w’asefoɔ bɛtena Israel ahennwa so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.”+ 31 Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni Yehowa, Israel Nyankopɔn Mmara so.+ Wantwe ne ho amfiri bɔne a Yeroboam maa Israel yɛeɛ no ho.+

32 Saa berɛ no, Yehowa maa kwan maa nkurɔfoɔ faa Israel nsaase nkakrankakra; Hasael tuu n’ani sii wɔn so wɔ Israel asaase nyinaa so,+ 33 ɛfiri Yordan ho kɔsi apueeɛ fam, Gileadfoɔ nsaase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ+ deɛ, ɛfiri Aroer a ɛbɛn Arnon Bɔn no ne Gilead ne Basan+ nso.

34 Yehu ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 35 Ɛnna Yehu ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria, na ne ba Yehoahas+ bɛdii n’adeɛ. 36 Mfeɛ* dodoɔ a Yehu de dii Israel so hene wɔ Samaria no si mfeɛ 28.

11 Berɛ a Ahasia maame Atalia+ huu sɛ ne ba no awuo no,+ ɔsɔre kunkum adehyeɛ mma* no nyinaa.+ 2 Nanso Ɔhene Yehoram babaa Yehoseba a ɔyɛ Ahasia nuabaa no wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no firii ɔhene mma a na wɔrebɛkunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no* kɔsiee pia mu. Wɔde no hintaa Atalia, enti wannya no anku no. 3 Ɔne no tenaa Yehowa fie hɔ mfeɛ nsia a obiara anhu no. Saa berɛ no, Atalia na na ɔdi ɔman no so.

4 Afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma kɔfrɛɛ Karia awɛmfoɔ ne ahemfie awɛmfoɔ+ no ɔhaha so mpanimfoɔ baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fie, na ɔne wɔn yɛɛ apam maa wɔkaa ntam wɔ Yehowa fie hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.+ 5 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ monyɛ nie: Monkyɛ mo mu mmiɛnsa na nkyɛmu baako mmra Homeda, na wɔmmɛwɛn ɔhene fie* no yie;+ 6 nkyɛmu baako nso nkɔ Nnyinasoɔ Pono no ano, na nkyɛmu baako a aka no nso mmɛgyina ɛpono a ɛwɔ ahemfie awɛmfoɔ no akyi no ano; obiara nnyina ne gyinabea nwɛn fie no. 7 Mo mu akuo mmienu a wɔawie wɔn adwuma Homeda no, wɔn nso nwɛn Yehowa fie no yie, na wɔmmɔ ɔhene no ho ban. 8 Momfa mo akodeɛ nkurakura mo nsam na montwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba awɛmfoɔ no mu no, monku no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”

9 Enti ɔha biara so panin+ yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no bae, na wɔbaa ɔsɔfoɔ Yehoiada+ nkyɛn. 10 Afei ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no maa ɔhaha so mpanimfoɔ no. 11 Na ahemfie awɛmfoɔ+ no faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na wɔgyinagyinaa efie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia no+ ho ne efie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 12 Ɛnna Yehoiada de ɔhene ba+ no pue baeɛ, na wɔhyɛɛ no ahenkyɛ,* na wɔde Adanseɛ+ nwoma* no too ne tiri so, na wɔsraa no sii no hene. Afei wɔbɔɔ wɔn nsam kaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+

13 Berɛ a Atalia tee sɛ ɔmanfoɔ no retu mmirika no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ.+ 14 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ɔgyina aboboano adum no baako ho sɛdeɛ amanneɛ teɛ yi!+ Saa berɛ no, na mpanimfoɔ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntotorobɛnto+ no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurisie na wɔrehyɛn ntotorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataadeɛ mu, na ɔteaam sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 15 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada ka kyerɛɛ ɔhaha so mpanimfoɔ+ a wɔdeda asraafoɔ ano no sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa sekan nku no!” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no wɔ Yehowa fie.” 16 Enti wɔyeree no, na berɛ a wɔde no duruu ɛpono a apɔnkɔ fa mu wura ɔhene fie*+ hɔ no, wɔkum no wɔ hɔ.

17 Ɛnna Yehoiada ne Yehowa ne ɔhene ne ɔman no nyinaa yɛɛ apam+ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa; na ɔmaa ɔhene no ne ɔman no nso yɛɛ apam.+ 18 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie* kɔbubuu n’afɔrebukyia+ na wɔdwirii n’ahoni guiɛ,+ na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no+ wɔ afɔrebukyia no anim.

Ɛnna ɔsɔfoɔ no de ahwɛfoɔ sisii Yehowa fie so.+ 19 Afei ɔfaa ɔhaha so mpanimfoɔ,+ Karia awɛmfoɔ, ahemfie awɛmfoɔ,+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfiri Yehowa fie hɔ mmra. Enti wɔfaa ahemfie awɛmfoɔ pono no mu kɔɔ ɔhene fie* hɔ, na ɔbɛtenaa ahennwa no so.+ 20 Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuro no mu, ɛfiri sɛ na wɔde sekan akum Atalia wɔ ɔhene fie hɔ.

21 Yehoas+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ nson.+

12 Yehu+ ahennie afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoas+ bɛdii hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ 40 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya, na na ɔfiri Beer-Seba.+ 2 Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nna a ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no no nyinaa. 3 Mmom sorɔnsorɔmmea*+ no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.

4 Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Afɔrebɔdeɛ kronkron+ sika a wɔde ba Yehowa fie nyinaa,+ ankorankoro toɔ, sika* a wɔn a wɔaka ntam no tua, ne sika biara a obi akoma bɛka no ama no de aba Yehowa fie no,+ monnyegye ne nyinaa. 5 Momma asɔfoɔ no nnyegye mfiri wɔn a wɔde bɛba no* nkyɛn, na wɔmfa nsiesie baabiara a asɛe* wɔ fie no mu.”+

6 Ɛduruu Ɔhene Yehoas ahennie afe a ɛtɔ so 23 no, na asɔfoɔ no nsiesiee mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.+ 7 Enti Ɔhene Yehoas frɛɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ne asɔfoɔ a aka no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na monsiesiee mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no? Ɛno nti afei monnnyegye sika biara mmfiri wɔn a wɔde ba no nkyɛn bio, gye sɛ sika a wɔde bɛsiesie fie no nko ara.”+ 8 Ɛnna asɔfoɔ no gye toom sɛ wɔrennyegye sika mfiri ɔman no nkyɛn bio, na ɛnyɛ wɔn na wɔbɛhwɛ ama wɔasiesie mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.

9 Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi,+ na ɔtuu ne mmuasoɔ no mu tokuro de sii afɔrebukyia no nkyɛn. Sɛ obi firi abɔnten reba Yehowa fie hɔ a, na adaka no si nifa so. Emu na na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono ano no de sika a wɔde ba Yehowa fie no nyinaa gu.+ 10 Berɛ biara a wɔbɛhu sɛ sika pii aba adaka no mu no, ɔhene twerɛfoɔ ne ɔsɔfo panin no yi,* na wɔkan ntoboa a aba Yehowa fie hɔ no.+ 11 Afei wɔde sika a wɔakan no hyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie no nsa, na wɔn nso de tua wɔn a wɔyɛ nnua ho adwuma ne adansifoɔ a wɔreyɛ Yehowa fie hɔ adwuma no ka.+ 12 Wɔde bi nso tua abantofoɔ ne abopaefoɔ no ka, na wɔde bi tɔ nnua a wɔapae ne aboɔ a wɔapae a wɔde bɛsiesie mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde bi nso tuatua ɛka biara a wɔbɔ de siesie fie no.

13 Nanso sika a wɔde ba Yehowa fie no, wɔamfa bi anyɛ Yehowa fie hɔ dwetɛ asɛn, adumgya, nkyɛnsee, ntotorobɛnto,+ sika kɔkɔɔ nneɛma, ne dwetɛ nneɛma no.+ 14 Mmom no, adwumayɛfoɔ no nko ara na wɔde sika no maa wɔn, na wɔn nso de siesiee Yehowa fie no. 15 Nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no, wɔne wɔn ammu ho akonta, ɛfiri sɛ na wɔyɛ anokwafoɔ.+ 16 Afɔdie afɔreɛ sika+ ne bɔne ho afɔreɛ sika no deɛ, wɔamfa amma Yehowa fie hɔ; ná ɛyɛ asɔfoɔ no dea.+

17 Saa berɛ no na Siria hene Hasael+ kɔɔ Gat+ so ne no kɔkoeɛ, na ɔdii kuro no so nkonim. Ɛno akyi no, Hasael yɛɛ sɛ ɔne Yerusalem rebɛko.*+ 18 Ɛnna Yuda hene Yehoas sesaa afɔrebɔdeɛ kronkron a ne nananom Yehosafat, Yehoram, ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo no ahyira so no nyinaa, ne n’afɔrebɔdeɛ kronkron ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fie ne ɔhene fie* akoradeɛ hɔ nyinaa, na ɔde kɔmaa Siria hene+ Hasael. Enti ɔgyaa Yerusalem hɔ kɔeɛ.

19 Yehoas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 20 Nanso Yehoas nkoa sɔre yɛɛ baako bɔɔ ne ho pɔ,+ na wɔkum no wɔ Esie*+ dan no mu wɔ ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. 21 Simat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad a na wɔyɛ ne nkoa no na wɔkum no.+ Wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.+

13 Yuda hene Ahasia+ ba Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so 23 mu no, Yehu+ ba Yehoahas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 17. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔyɛeɛ. Wantwe ne ho amfiri ho. 3 Enti Yehowa bo fuu+ Israel paa,+ na wɔn nna nyinaa no, ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael+ ne Hasael ba Ben-Hadad+ nsa.

4 Akyire yi, Yehoahas su frɛɛ Yehowa,* na Yehowa tiee no; ɔhunuu sɛdeɛ Siria hene hyɛɛ Israel so.+ 5 Enti Yehowa maa ɔgyefoɔ bi bɛgyee Israelfoɔ+ firii Siriafoɔ nsam, na Israelfoɔ tenatenaa wɔn afie mu sɛ kane no.* 6 (Nanso bɔne a Yeroboam fiefoɔ yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no+ deɛ, wɔantwe wɔn ho amfiri ho. Saa bɔne no ara bi na wɔyɛeɛ;* wɔanyi abosonnua*+ no nso amfiri Samaria.) 7 Deɛ na Yehoahas wɔ ara ne nnipa 50 a wɔtete apɔnkɔ so, nteaseɛnam 10, ne mmarima 10,000 a wɔnam fam, ɛfiri sɛ na Siria hene ayɛ wɔn pasaa;+ ná wayɛ wɔn sɛ ayuporobea mfuturo.+

8 Yehoahas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 9 Yehoahas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria,+ na ne ba Yehoas bɛdii n’adeɛ.

10 Yuda hene Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so 37 mu no, Yehoahas ba Yehoas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 16. 11 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri emu biara ho. Saa bɔne no ara bi na ɔyɛeɛ.*

12 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ+ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 13 Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na Yeroboam*+ bɛtenaa n’adwa so, na wɔsiee Yehoas wɔ Samaria kaa Israel ahemfo ho.+

14 Berɛ a Elisa+ yare a ɔregye nna awuo no, Israel hene Yehoas kɔɔ ne nkyɛn kɔsu guu ne so, na ɔkaa sɛ: “Me papa, me papa! Hwɛ, Israel ɛko teaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so!”+ 15 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa agyan ne mmɛmma bra.” Enti ɔfaa agyan ne mmɛmma kuraeɛ. 16 Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Ma agyan no so.” Ɛnna ɔmaa so, na Elisa nso sɔɔ ɔhene no nsa. 17 Afei ɔkaa sɛ: “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Ɛnna Elisa kaa sɛ: “To agyan no!” Na ɔtoeɛ. Afei ɔkaa sɛ: “Yehowa nkonimdie* agyan nie; Siria so nkonimdie agyan nie! Wobɛdi Siria so nkonim* wɔ Afek+ akɔsi sɛ wobɛwie wɔn koraa.”

18 Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Sesa mmɛmma no.” Ɛnna ɔsesaeɛ. Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Fa bobɔ fam.” Ɛnna ɔde bɔɔ hɔ mprɛnsa na ɔgyaeeɛ. 19 Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no bo fuu no, na ɔkaa sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ wode bɔ hɔ mprɛ nnum anaa nsia! Ɛno deɛ, anka wobɛdi Siria so nkonim awie wɔn koraa, nanso seesei wobɛdi Siria so nkonim mprɛnsa pɛ.”+

20 Ɛno akyi no, Elisa wui na wɔsiee no. Afe no mfitiaseɛ no,* na Moabfoɔ asraafoɔdɔm+ taa bɛto hyɛ asaase no so. 21 Berɛ bi, na nkurɔfoɔ rɛkɔsie ɔbarima bi, ɛnna wɔhuu sɛ dɔm no bi reba. Ɛhɔ ara na wɔtoo ɔbarima no too baabi a wɔsiee Elisa no, na wɔdwaneeɛ. Berɛ a ɔbarima no funu kaa Elisa nnompe no, ɔnyaneeɛ+ na ɔsɔre gyinaa ne nan so.

22 Yehoahas nna nyinaa mu no, Siria hene Hasael+ hyɛɛ Israel so.+ 23 Nanso apam a Yehowa ne Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ yɛeɛ nti, ɔdom wɔn huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani bɛhwɛɛ wɔn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsɛe wɔn; wanto wɔn antwene bɛsi nnɛ. 24 Berɛ a Siria hene Hasael wuiɛ no, ne ba Ben-Hadad bɛdii n’adeɛ. 25 Nkuro a Hasael gye firii Yehoahas nkyɛn wɔ ɛko mu no, Yehoahas ba Yehoas san gye firii Ben-Hadad nsam. Yehoas dii ne so nkonim* mprɛnsa,+ na ɔsan gyee Israel nkuro no.

14 Israel hene Yehoahas ba Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Yehoas ba Amasia bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadin, na na ɔfiri Yerusalem.+ 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nanso wanto ne nana Dawid.+ Deɛ ne papa Yehoas yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ.+ 4 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Berɛ a ahennie no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na ɔkunkum ne nkoa a wɔkum ne papa a na ɔdi hene no.+ 6 Awudifoɔ no mma deɛ, wanku wɔn, na ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Monnkum agyanom ɛsiane wɔn mma bɔne nti, na monnkum mma ɛsiane wɔn agyanom bɔne nti; deɛ wayɛ bɔne no na ɛsɛ sɛ wɔku no.”+ 7 Ɔkunkum Edomfoɔ+ mmarima 10,000 wɔ Nkyene Bɔn+ no mu. Saa berɛ no ara nso na ɔko faa Sela,+ na wɔtoo hɔ din Yokteel, na saa na wɔafrɛ hɔ de bɛsi nnɛ.

8 Ɛnna Amasia tuu abɔfoɔ kɔɔ Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+ 9 Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awareɛ.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so sɛee no pasaa. 10 Woaka Edom agu,+ enti w’akoma ama ne ho so. Woanya animuonyam a fa na hwɛ so tena wo fie.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?” 11 Nanso Amasia antie.+

Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so.+ 12 Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim maa obiara dwane kɔɔ ne fie.* 13 Israel hene Yehoas kyee Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Ahasia ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no basafa 400* guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ no ano kɔsi Ntwea So Pono+ no ano. 14 Ɔsesaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa fie nyinaa ne deɛ ɛwɔ ɔhene fie* akoraeɛ hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria.

15 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 16 Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria+ kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam*+ bɛdii n’adeɛ.

17 Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas+ wuo akyi no, Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfeɛ 15 kaa ho. 18 Amasia ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 19 Akyire yi, nkurɔfoɔ bɔɔ ne ho pɔ+ wɔ Yerusalem, enti ɔdwane kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kɔtii no wɔ Lakis kɔkum no wɔ hɔ. 20 Enti wɔde no too apɔnkɔ so bɛsiee no wɔ Yerusalem kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu.+ 21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria*+ a wadi mfeɛ 16+ no, na wɔsii no hene maa no dii ne papa Amasia adeɛ.+ 22 Ɔno na ɔsan kyekyeree Elat+ maa no bɛdii Yuda nsam bio, berɛ a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdaeɛ no.+

23 Yuda hene Yehoas ba Amasia ahennie afe a ɛtɔ so 15 mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bɛdii hene wɔ Samaria mfeɛ 41. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ nyinaa,+ wantwe ne ho amfiri ho. 25 Ɔhwɛ maa Israel ahyeɛ dedaa baabi a kane no na ɛwɔ, ɛfiri Lebo-Hamat*+ kɔsi ɛpo a ɛwɔ Araba+ no ano.* Ɛno maa asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn nam n’akoa odiyifoɔ Yona+ so kaeɛ no baa mu. Ná Yona yɛ Amitai ba, na na ɔfiri Gat-Hefer.+ 26 Amanehunu pii a Israel faa mu no,+ Yehowa hunuiɛ. Israelfoɔ annya obiara a ɔbɛboa wɔn, onipahunu anaa deɛ wɔmfa no nyɛ hwee mpo wɔannya. 27 Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrempepa Israel din mfiri ɔsoro ase.+ Enti ɔnam Yehoas ba Yeroboam nsa so gyee wɔn.+

28 Yeroboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, sɛdeɛ ɔdii ako na ɔsan de Damasko+ ne Hamat+ maa Yuda wɔ Israel no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 29 Yeroboam ne n’agyanom Israel ahemfo no kɔdae, na ne ba Sakaria+ bɛdii n’adeɛ.

15 Israel hene Yeroboam* ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Yuda hene Amasia+ ba Asaria*+ bɛdii hene.+ 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 16, na ɔdii adeɛ mfeɛ 52 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia, na na ɔfiri Yerusalem. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no.+ 4 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Yehowa maa ɔhene no yaree kwata+ kɔsii sɛ ɔwuiɛ, na ɔtee ne ho kɔtenaa fie bi mu.+ Ne ba Yotam+ na ɔhwɛɛ ahemfie* no so, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.+ 6 Asaria ho nsɛm a aka+ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 7 Asaria ne n’agyanom kɔdae,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.

8 Yuda hene Asaria+ ahennie afe a ɛtɔ so 38 mu no, Yeroboam ba Sakaria+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria abosome nsia. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 10 Ɛnna Yebes ba Salum bɔɔ ne ho pɔ, na ɔkum no+ wɔ Yibleam,+ na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Sakaria ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 12 Ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Yehu no baa mu. Ɔkaa sɛ: “W’asefoɔ bɛtena Israel ahennwa so+ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.”+ Na saa ara na ɛbaeɛ.

13 Yuda hene Usia+ ahennie afe a ɛtɔ so 39 mu no, Yebes ba Salum bɛdii hene wɔ Samaria, na ɔdii adeɛ bosome baako. 14 Ɛnna Gadi ba Menahem firi Tirsa+ kɔɔ Samaria, na ɔkɔkum Yebes ba Salum+ wɔ Samaria, na ɔbɛdii n’adeɛ. 15 Salum ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔe no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 16 Saa berɛ no na Menahem firi Tirsa kɔsɛee Tifsa ne deɛ ɛwom nyinaa ne ɛhɔ nsaase, ɛfiri sɛ wɔammue wɔn pono amma no. Emu apemfoɔ nso, ɔpaapaee wɔn nyinaa mu.

17 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 39 mu no, Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ du. 18 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Ne nna nyinaa mu no, bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ nyinaa,+ wantwe ne ho amfiri ho. 19 Asiria hene Pul+ baa asaase no so. Enti Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ* 1,000 sɛ ɔmmoa no mma n’ahennie no ntim.+ 20 Israelfoɔ nkyɛn na Menahem nyaa dwetɛ no; ɔgyegye firii atitire a wɔyɛ adefoɔ+ no hɔ. Ɔgyee obiara hɔ dwetɛ nnwetɛbena* 50 de maa Asiria hene. Ɛnna Asiria hene firii asaase no so kɔeɛ. 21 Menahem+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 22 Menahem ne n’agyanom kɔdae, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ.

23 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 50 mu no, Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ mmienu. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 25 Na ne boafoɔ Remalia ba Peka+ bɔɔ ne ho pɔ, na ɔne Argob ne Arie kum no wɔ ɔhene fie* abantenten no mu wɔ Samaria. Ná Gileadfoɔ mmarima 50 ka ne ho, na berɛ a ɔkum no no, ɔbɛdii n’adeɛ. 26 Pekahia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.

27 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 52 mu no, Remalia ba Peka+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 20. 28 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 29 Israel hene Peka berɛ so no, Asiria hene Tiglat-Pilesa+ bɛko faa Eyon, Abel-Bet-Maaka,+ Yanoa, Kedes,+ Hasor, Gilead,+ ne Galilea, kyerɛ sɛ, Naftali+ asaase nyinaa, na ɔsoaa emu nnipa kɔɔ Asiria.+ 30 Ɛnna Ela ba Hosea+ bɔɔ Remalia ba Peka ho pɔ, na ɔkum no, na ɔbɛdii n’adeɛ wɔ Usia ba Yotam+ ahennie afe a ɛtɔ so 20 mu. 31 Peka ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.

32 Israel hene Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bɛdii hene. 33 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii hene mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babaa.+ 34 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no.+ 35 Mmom sorɔnsorɔmmea no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ hɔ. Ɔno na ɔsii atifi pono a ɛwɔ Yehowa fie no.+ 36 Yotam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 37 Saa berɛ no, Yehowa maa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ kɔɔ Yuda so.+ 38 Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

16 Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so 17 mu no, Yuda hene Yotam ba Ahas+ bɛdii hene. 2 Ahas bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 20, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ deɛ ɛtene wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 3 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ.+ Afei nso, ɔhyee ɔno ara ne ba mpo wɔ gya mu;*+ enti akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔyɛeɛ. 4 Ɔsan bobɔɔ afɔreɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea,*+ nkokoɔ so, ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+

5 Saa berɛ no mu na Siria hene Resin ne Remalia ba Peka a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔne Yerusalem rebɛko,+ na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi amfa kuro no. 6 Saa berɛ no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfoɔ, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat maa Edomfoɔ no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ. 7 Enti Ahas tuu abɔfoɔ kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa ne wo ba, enti bra bɛgye me firi Siria hene ne Israel hene nsam, ɛfiri sɛ wɔne me reko.” 8 Ɛnna Ahas sesaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fie ne ahemfie* akoraeɛ no, na ɔde kɔtuaa adanmudeɛ* maa Asiria hene.+ 9 Na Asiria hene tiee no, na ɔkɔɔ Damasko kɔko fae; ɔkyee emu nnipa kɔɔ Kir,+ na ɔkum Resin.+

10 Ɛnna Ɔhene Ahas kɔhyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa wɔ Damasko. Berɛ a Ɔhene Ahas huu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, ɔsoma maa wɔde afɔrebukyia no nsususoɔ kɔmaa ɔsɔfoɔ Uriya de kyerɛɛ no kwan a wɔfaa so yɛɛ afɔrebukyia no.+ 11 Afɔrebukyia no ho akwankyerɛ a Ɔhene Ahas de ho nkra firi Damasko brɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya+ no, ɔdii akyire pɛpɛɛpɛ sii afɔrebukyia.+ Ɔsɔfoɔ Uriya wiee ansa na Ɔhene Ahas refiri Damasko aba. 12 Berɛ a ɔhene no firi Damasko baeɛ a ɔhuu afɔrebukyia no, ɔkɔɔ afɔrebukyia no anim kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ so.+ 13 Na ɔtoaa so bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so; ɔhwiee afɔrebɔ nsa guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔreɛ mogya nso wɔ so. 14 Afei kɔbere afɔrebukyia+ a ɛsi Yehowa anim wɔ fie no anim no, ɔyi firii n’afɔrebukyia no ne Yehowa fie no ntam, na ɔde bɛsii n’afɔrebukyia no nkyɛn wɔ atifi fam. 15 Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya+ sɛ: “Anɔpa ɔhyeɛ afɔreɛ, anwummerɛ aduane afɔreɛ,+ ɔhene ɔhyeɛ afɔreɛ, ɔhene aduane afɔreɛ, ne ɔman no nyinaa ɔhyeɛ afɔreɛ, wɔn aduane afɔreɛ, ne wɔn nsã afɔreɛ no, bɔ ne nyinaa wɔ afɔrebukyia kɛseɛ no so.+ Ɔhyeɛ afɔreɛ ho mogya ne afɔreɛ a aka no ho mogya nyinaa nso, fa pete so. Kɔbere afɔrebukyia no deɛ, mɛhwɛ deɛ mede bɛyɛ.” 16 Na ɔsɔfoɔ Uriya yɛɛ deɛ Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no no nyinaa.+

17 Bio nso, trɔk a wɔde twe nsuo no ho nhyehyɛmu ntraantraa no, Ɔhene Ahas twitwaa mu+ asinasini, na ɔyiyii asɛn no firii so.+ Ɛpo a ɛsi kɔbere anantwie so no, ɔyi firii wɔn so,+ na ɔde sii fam wɔ aboɔ nsɛeɛ so.+ 18 Deɛ wɔde akuru Homeda abrannaa no so no, ɔyi firii hɔ, na ɛkwan a ɛfiri ahemfie kɔ Yehowa fie hɔ nso, ɔsii no. Ne nyinaa Asiria hene nti na ɔyɛɛ saa.

19 Ahas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 20 Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Hesekia*+ bɛdii n’adeɛ.

17 Yuda hene Ahas ahennie afe a ɛtɔ so 12 mu no, Ela ba Hosea+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na mmom anto Israel ahemfo a wɔdii no kan no. 3 Asiria hene Salmaneser baa ne so,+ na Hosea bɛyɛɛ n’akoa a ɔtua toɔ ma no.+ 4 Nanso Asiria hene huu sɛ Hosea pɛ sɛ ɔte atua, ɛfiri sɛ ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Egypt hene a wɔfrɛ no So nkyɛn,+ na toɔ a mfeɛ bi a atwam no na ɔtua ma Asiria hene no nso, wantua. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase.

5 Asiria hene de dɔm baa asaase no so, na ɔbaa Samaria bɛtwaa ho hyiaa mfeɛ mmiɛnsa. 6 Hosea ahennie afe a ɛtɔ so nkron mu no, Asiria hene kɔko faa Samaria.+ Afei ɔsoaa Israelfoɔ kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan+ ho ne Mediafoɔ nkuro mu.+

7 Deɛ ɛmaa no baa saa ne sɛ, Yehowa wɔn Nyankopɔn a ɔyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, wɔyɛɛ bɔne tiaa no, na wɔkɔsom* anyame foforɔ;+ 8 Amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no amammerɛ na wɔdii so, na Israel ahemfo amammerɛ a wɔn ara hyehyɛeɛ na wɔdii so.

9 Israelfoɔ yɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn ani so bɔne. Wɔsisii sorɔnsorɔmmea* wɔ wɔn nkuro nyinaa mu,+ ɛfiri awɛmfoɔ aban so kɔsi nkuro a wɔabɔ ho ban so.* 10 Wɔsisii abosom adum ne abosonnua*+ wɔ nkokoɔ atenten so ne nnua kusuu nyinaa bi ase;+ 11 wɔkɔɔ so hyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ te sɛ amanaman a Yehowa tuu wɔn ase firii hɔ no.+ Wɔyɛɛ nneɛma bɔne de hyɛɛ Yehowa abufuo.

12 Wɔkɔɔ so som abosom fĩ,*+ nanso na Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ: “Monnyɛ saa!”+ 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ ne adehunufoɔ no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifoɔ no so de brɛɛ mo no nyinaa, monni so.” 14 Nanso wɔantie, na wɔyɛɛ asoɔden* te sɛ wɔn agyanom a wɔannye Yehowa wɔn Nyankopɔn anni no.+ 15 Wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no,+ na wɔkɔdii abosonhunu akyi,+ na wɔn nso bɛyɛɛ nnipahunu,+ na aman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa kaa sɛ mma wɔnnyɛ sɛ wɔn no, wɔn na wɔsuasuaa wɔn.+

16 Wɔgyaa Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔde dadeɛ yɛɛ nantwie mma ahoni* mmienu,+ wɔyɛɛ ɔbosom dua,*+ wɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa,+ na wɔsom Baal.+ 17 Afei nso, wɔhyee wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ gya mu,*+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa, na wɔsii wɔn bo* sɛ wɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne de ahyɛ no abufuo.

18 Enti Yehowa bo fuu Israel paa, na ɔpoo wɔn koraa.+ Wamma obiara anka asaase no so, gye Yuda abusuakuo no nko ara.

19 Yuda mpo anni Yehowa wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so,+ na mmom Israel ahemfo amammerɛ na wɔn nso dii so.+ 20 Yehowa poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔguu wɔn anim ase de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔfom wɔn nneɛma kɔsii sɛ ɔpoo wɔn koraa. 21 Ɔtee Israel firii Dawid fie ho, na wɔsii Nebat ba Yeroboam hene.+ Nanso Yeroboam twee Israel firii Yehowa ho, na ɔmaa wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ. 22 Na bɔne a Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na Israelfoɔ nso yɛeɛ.+ Wɔantwe wɔn ho amfiri ho, 23 kɔsii sɛ Yehowa poo Israel, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti wɔtuu Israelfoɔ firii wɔn asaase so kɔɔ Asiria,+ na wɔatena hɔ de abɛsi nnɛ.

24 Ɛnna Asiria hene de nnipa firi Babilon ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwayim+ bɛtenatenaa Samaria nkuro mu, na wɔbɛsii Israelfoɔ ananmu; wɔfaa Samaria nkuro tenatenaa mu. 25 Berɛ a wɔbɛtenaa hɔ no, na wɔnsom* Yehowa. Enti Yehowa maa agyata baa wɔn mu+ bɛkunkum wɔn mu binom. 26 Nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Asiria hene amanneɛ sɛ: “Amanaman a wode wɔn akɔgu Samaria nkuro mu no, ɛsiane sɛ wɔnnim sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame nti, ɔma agyata ba wɔn mu bɛkunkum wɔn, ɛfiri sɛ obiara nnim sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame.”

27 Ɛnna Asiria hene kaa sɛ: “Momfa asɔfoɔ a mofaa wɔn firii hɔ kɔeɛ no baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔtena hɔ nkyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame.” 28 Enti asɔfoɔ a wɔde wɔn firii Samaria kɔeɛ no, wɔmaa baako kɔɔ hɔ, na ɔkɔtenaa Betel+ kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛsom* Yehowa.+

29 Nanso amanaman no biara yɛɛ ne nyame,* na wɔde sisii sorɔnsorɔmmea hɔ adan a Samariafoɔ sisiiɛ no mu. Ɔman biara yɛɛ ne deɛ wɔ kuro a wɔte mu no mu. 30 Babilonfoɔ yɛɛ Sakot-Benot, Kutfoɔ yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ+ nso yɛɛ Asima. 31 Awafoɔ yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwayimfoɔ hyee wɔn mma wɔ gya mu maa Sefarwayimfoɔ+ anyame Adramelek ne Anamelek. 32 Wɔsuroo Yehowa deɛ, nanso na wɔtumi de obiara a ɔwɔ ɔman no mu yɛ ɔsɔfoɔ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ ma no di wɔn anim som wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ adan no mu.+ 33 Ná wɔsuro Yehowa deɛ, nanso wɔn ara wɔn anyame na wɔsom wɔn, sɛdeɛ amanaman a wɔyii wɔn firii wɔn mu baa hɔ no som teɛ.+

34 Ɛnnɛ yi nyinaa, wɔda so ara som te sɛ kane no. Wɔn mu biara nsom* Yehowa, na n’ahyɛdeɛ, n’atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a Yehowa de maa Yakob, a wɔsesaa ne din frɛɛ no Israel no,+ ne mma no mu biara nni so. 35 Berɛ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moansuro anyame foforɔ, monnkoto wɔn, monnsom wɔn, na mommmɔ afɔreɛ mmma wɔn.+ 36 Na mmom Yehowa a ɔde tumi kɛseɛ ne basa a watene mu yii mo firii Egypt no,+ ɔno na monsom* no,+ na ɔno na monkoto no na mommɔ afɔreɛ mma no. 37 Na ahyɛdeɛ, atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a ɔtwerɛ maa mo no,+ monhwɛ nni so daa, na monnsom* anyame foforɔ. 38 Apam a me ne mo ayɛ no nso mommma mo werɛ mmfi,+ na monnsom* anyame foforɔ. 39 Yehowa mo Nyankopɔn mmom na monsom* no, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfo nyinaa nsam.”

40 Nanso wɔantie, na mmom wɔkɔɔ so som te sɛ kane no.+ 41 Enti amanaman yi suroo Yehowa deɛ,+ nanso na wɔsan som wɔn ahoni. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso ayɛ de abɛsi nnɛ.

18 Israel hene Ela ba Hosea+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Ahas+ ba Hesekia+ bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abi,* na na ɔyɛ Sakaria ba.+ 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 4 Ɔno na ɔyiyii sorɔnsorɔmmea* no+ bubuu abosom adum no pasaa, na ɔtwitwaa ɔbosom dua* no guiɛ.+ Kɔbere ɔwɔ a Mose yɛeɛ no+ nso, ɔbubuu no pasaa, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no, na Israelfoɔ no hye afɔrebɔdeɛ wɔ anim, na na wɔfrɛ no kɔbere ɔwɔ honi.* 5 Ɔde ne ho too Yehowa, Israel Nyankopɔn so.+ Yuda ahemfo a wɔdii no kan ne wɔn a wɔbaa n’akyi no, na obiara nte sɛ ɔno. 6 Ɔbataa Yehowa ho.+ Wamfiri n’akyi; ɔkɔɔ so dii Yehowa mmara nsɛm a ɔde maa Mose no so. 7 Na Yehowa dii n’akyi. Biribiara a ɔyɛeɛ no, ɔde nyansa na ɛyɛeɛ. Ɔtee Asiria hene so atua, na wansom no.+ 8 Afei nso, ɔkunkum Filistifoɔ+ kɔduruu Gasa ne n’ahyeɛ so, ɛfiri awɛmfoɔ aban so kɔsi nkuro a wɔabɔ ho ban so.*

9 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so nnan no, na ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea+ ahennie afe a ɛtɔ so nson. Saa berɛ no, Asiria hene Salmaneser baa Samaria so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+ 10 Mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Asiriafoɔ no dii so nkonim.+ Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so nsia a ɛyɛ Israel hene Hosea ahennie afe a ɛtɔ so nkron mu na wɔdii Samaria so nkonim. 11 Ɛnna Asiria hene soaa Israelfoɔ kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan ho ne Mediafoɔ nkuro mu.+ 12 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, wɔantie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne, na mmom wɔbuu n’apam so. Deɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa,+ wɔantie na wɔanyɛ.

13 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro ba bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+ 14 Afei Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Manyɛ no yie. San kɔ, na ɛboɔ a wobɛtwa ama me biara, mɛtua.” Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ* 300 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 30. 15 Ɛnna Hesekia de dwetɛ a ɛwɔ Yehowa fie ne ɔhene fie* akoradeɛ mu no nyinaa maa no.+ 16 Saa berɛ no, Hesekia tutuu* Yehowa asɔrefie no apono+ ne aponnwa a Yuda hene Hesekia ankasa de sika kɔkɔɔ faa ho no,+ na ɔde maa Asiria hene.

17 Na Asiria hene somaa Tartan,* Rabsaris,* ne Rabsake* firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem.+ Wɔforo kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔeɛ no, baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no, ɛhɔ na wɔkɔgyinaa wɔ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so.+ 18 Berɛ a wɔfrɛɛ ɔhene no sɛ ɔmpue mmra no, Hilkia ba Eliakim+ a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye na wɔbɛhyiaa wɔn.

19 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ ɔhenkɛseɛ, Asiria hene, aka nie: “Ɛdeɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 20 Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a mɛtumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hwan koraa na wode wo ho ato ne so a enti woayɛ aniammɔnho ate atua atia me yi?+ 21 Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato ne so, demmire* a emu abu a sɛ onipa twere a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi!+ Saa na Egypt hene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho ato ne so nyinaa. 22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto no wɔ Yerusalem’ no?”’+ 23 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene nto nkyea: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wobɛtumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa.+ 24 Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu kumaa koraa? 25 Wogye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe ha? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’”

26 Ɛnna Hilkia ba Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no so no nnte.”+ 27 Nanso Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mogye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasuo no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wɔbɛdi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwonsɔ te sɛ mo ara.”

28 Afei Rabsake gyinaa yie, na ɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa mu sɛ: “Montie ɔhenkɛseɛ, Asiria hene no asɛm.+ 29 Deɛ ɔhene aka nie, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri me nsam.+ 30 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so nnka sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛgye yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 31 Monntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mongo mo ho mma me na mommra me nkyɛn,* na obiara bɛdi ɔno ara ne bobe ne ne borɔdɔma, na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo 32 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ara mo asaase so,+ asaase a hwiit* ne bobesa foforɔ wɔ so, asaase a aduane* ne bobefuo* wɔ so, asaase a ngodua ne ɛwoɔ wɔ so. Ɛno bɛma moatena nkwa mu, na moanwuwu. Monntie Hesekia ɛfiri sɛ sɛ ɔka sɛ, ‘Yehowa bɛgye yɛn’ a, na ɔredaadaa mo. 33 Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfoɔ afiri Asiria hene nsam pɛn? 34 Hamat+ ne Arpad anyame no wɔ he? Sefarwayim,+ Hena, ne Iwa anyame no nso wɔ he? Wɔatumi agye Samaria afiri me nsam anaa?+ 35 Aman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+

36 Nanso nkurɔfoɔ no yɛɛ komm na wɔamma no mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ 37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.

19 Berɛ a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* kɔɔ Yehowa fie hɔ.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,+ na na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyerɛ ne animka* ne animguaseɛ da; ɛfiri sɛ yɛayɛ sɛ ɔbaa a awoɔ aka no* nanso ɔnni ahoɔden a ɔde bɛwo.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akonta. Ɛno nti, bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”

5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mma nsɛm a woteeɛ no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+ 7 Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ ɔno ara n’asaase so; na mɛma wɔde sekan aku no wɔ ɔno ara n’asaase so.”’”+

8 Berɛ a Rabsake tee sɛ Asiria hene afiri Lakis+ no, ɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔkɔtoo sɛ ɔne Libna reko.+ 9 Afei ɔhene no tee sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Enti ɔsan somaa nnipa bi+ sɛ wɔnkɔ Hesekia nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Deɛ Asiria ahemfo de yɛɛ nsaase no nyinaa ne sɛdeɛ wɔsɛee wɔn pasaa no, woate dada.+ Wo na wobɛnya wo tiri adidi mu anaa? 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame tumi gyee wɔn anaa? Ɛhe na Gosan, Haran,+ Resef, ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Tel-Asar no wɔ? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim ne Hena ne Iwa nkuro so ahemfo no wɔ?’”+

14 Ɛnna Hesekia gyee nwoma no firii nkurɔfoɔ a wɔsomaa wɔn no nsam kenkaneeɛ, na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ wɔ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,*+ wo nko ara ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ asaase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 16 O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’ani na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia. 17 O Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18 Afei nso, wɔato wɔn anyame agu gya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ; ɛno nti na wɔtumi sɛee wɔn no. 19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+

20 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Asiria hene Senaherib+ ho mpaeɛ a wobɔɔ me no, mate.+ 21 Yehowa asɛm a waka atia no nie:

“Sion babaa, ɔbaabunu no, abu wo animtia, na wo ho yɛ no sere.

Yerusalem babaa no awoso ne ti akyerɛ wo.

22 Hwan na woabu no animtia aka abususɛm atia no yi?+

Hwan na woateateam agu ne so+

Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi?

Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+

23 Wonam w’abɔfoɔ so+ abu Yehowa animtia+ aka sɛ,

‘Ɛko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,

Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,

Lebanon akyirikyiri.

Mɛtwitwa sida nnua atenten ne papao nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu.

Mɛkɔ mmeaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne ne kwaeɛbirentuo mu.

24 Mɛtutu mmura na manom amannɔne nsuo;

Mede me nan* bɛma Egypt nsubɔnten* nyinaa awe.’

25 Wontee anaa? Ɛfiri tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.*+

Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+

Afei mɛma no aba mu.+

Wobɛma nkuro a wɔabɔ ho ban adane amamfo.*+

26 Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;

Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.

Wɔbɛyɛ sɛ asaase so wura ne serɛ mono,+

Wɔbɛyɛ sɛ ɛdan so serɛ a apueeɛ mframa ama no ahye.*

27 Berɛ a wote hɔ ne berɛ a worekɔ ba nyinaa m’ani tua,+

Na w’ani bere me so nso a, mehunu,+

28 Ɛfiri sɛ sɛdeɛ w’ani abere me so+ na worebobom no, mate.+

Enti mede me daawa bɛwura wo hwenem, na mede me nnareka+ ato w’ano,

Na ɛkwan a wofaa so baeɛ no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”+

29 “‘Wei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mobɛdi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛtɔ so mmienu no nso, mobɛdi hwiit a ɛno ara afifi;+ nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mobɛgu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuo* na moadi mu aba.+ 30 Yuda fiefoɔ a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu, wɔn a wɔbɛka no,+ wɔn nhini bɛwurawura fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba. 31 Na nkaefoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛfiri Sion Bepɔ so aba. Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.+

32 “‘Enti deɛ Yehowa aka afa Asiria hene ho nie:+

“Ɔremma kuro yi mu,+

Na ɔrento agyan mma ha;

Ɔremfa ɛkyɛm mma ha,

Na ɔrensi akoban* wɔ ho.+

33 Ɛkwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛfa akɔ,

Na ɔremma kuro yi mu,” Yehowa na aka.

34 “Me din+ ne m’akoa Dawid nti,+

Mɛko agye kuro yi.”’”+

35 Anadwo no ara, Yehowa bɔfoɔ pue kɔɔ Asiriafoɔ asoɛeɛ hɔ kɔkunkum mmarima 185,000.+ Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 36 Enti Asiria hene Senaherib firii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 37 Na berɛ a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fie* kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat asaase so.+ Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.

20 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yɛ ntotoeɛ wɔ wo fie, ɛfiri sɛ wobɛwu; wo ho rentɔ wo.’”+ 2 Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ dan, na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia firii aseɛ suu pii.

4 Berɛ a Yesaia nnya nnuruu ahemfie adihɔ hɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ:+ 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie: “Mate wo mpaebɔ no. Mahunu wo nisuo,+ na mɛsa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+ 6 Mede mfeɛ 15 bɛka wo nkwa nna* ho, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam,+ na mɛbɔ kuro yi ho ban, me din ne m’akoa Dawid nti.”’”+

7 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Momfa borɔdɔma a awo a wɔabɔ no toa mmra.” Enti wɔkɔfa de bɛtaree pɔmpɔ no so, na nkakrankakra, ne ho tɔɔ no.+

8 Ná Hesekia adi kan abisa Yesaia sɛ: “Ɛdeɛn ne sɛnkyerɛnne+ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛsa me yareɛ na mɛforo akɔ Yehowa fie ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa?” 9 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Wei ne sɛnkyerɛnne a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no: Wopɛ sɛ sunsum no kɔ anim wɔ stɛps* no so anammɔn du anaa ɛsan n’akyi anammɔn du?”+ 10 Hesekia kaa sɛ: “Ɛyɛ mmerɛ sɛ sunsum bɛkɔ anim anammɔn du sene sɛ ɛbɛsan n’akyi anammɔn du.” 11 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia maa ne nne so frɛɛ Yehowa, na ɔmaa sunsum a ɛda Ahas stɛps no so a asiane dada no kɔɔ n’akyi anammɔn du.+

12 Saa berɛ no, Babilon hene Berodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma maa wɔde nkrataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.+ 13 Hesekia gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akodeɛ, ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.

14 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Na Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asaase bi so, wɔfiri Babilon.”+ 15 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhuu no wo fie?”* Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhuu biribiara a ɛwɔ me fie.* Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.”

16 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie Yehowa asɛm yi,+ 17 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie* nyinaa, ne deɛ w’agyanom de asie abɛsi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon.+ Biribiara renka,’ Yehowa na aka. 18 ‘Na wɔbɛfa wo ara wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ+ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfie.’”+

19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.”+ Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me berɛ so* a, ɛnneɛ ɛyɛ.”+

20 Hesekia ho nsɛm a aka ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ tadeɛ+ ne suka, na ɔde nsuo baa kuro no mu+ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 21 Hesekia ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Manase+ bɛdii n’adeɛ.+

21 Manase+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 12, na ɔdii adeɛ mfeɛ 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔhene no yɛɛ Yehowa ani so bɔne; akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim+ yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubuiɛ no,+ ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal; ɔsii ɔbosom dua*+ sɛdeɛ Israel hene Ahab yɛeɛ no;+ ɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Ɔsan sisii afɔrebukyia wɔ Yehowa fie;+ ná Yehowa aka efie no ho asɛm sɛ: “Yerusalem ne kuro a mede me din bɛto so.”+ 5 Afei nso, ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa+ wɔ Yehowa fie adihɔ mmienu hɔ.+ 6 Ɔno ara ne ba mpo, ɔhyee no wɔ gya mu,* na ɔdii nkonyaayie akyi, ɔkɔɔ abisa,+ na ɔyiyii akɔmfoɔ ne asumanfoɔ.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.

7 Ɔde ɔbosom dua*+ a wasene no sɛ ohoni no kɔsii efie a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayi efie yi ne Yerusalem afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ mede me din bɛto so afebɔɔ.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di deɛ maka akyerɛ wɔn no nyinaa so, kyerɛ sɛ, wɔdi Mmara a m’akoa Mose de maa wɔn no nyinaa so a,+ me nso meremma wɔmfiri asaase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkɔkyinkyini bio.” 9 Nanso wɔantie, na Manase maa wɔtee atua, na wɔyɛɛ bɔne senee aman a Yehowa sɛee wɔn firii Israelfoɔ anim no.+

10 Yehowa nam ne nkoa adiyifoɔ no so ne wɔn kasaa daa+ sɛ: 11 “Yuda hene Manase ayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa; wayɛ bɔne kyɛn Amorifoɔ+ a wɔdii n’anim no nyinaa,+ na n’abosom fĩ* no nti, wama Yuda ayɛ bɔne. 12 Ɛno nti deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Hwɛ, mede mmusuo reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛte no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 13 Na susuhoma+ a wɔde too Samaria so+ ne prumo* a wɔde too Ahab fie so+ no, ɛno na mɛtwe mu wɔ Yerusalem so; mɛpepa Yerusalem korakora sɛdeɛ obi pepa kyɛnsee mu na ɔdane butu no.+ 14 Na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no,+ na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔn atamfo bɛsoa wɔn akɔ, na wɔasesa wɔn nneɛma nyinaa,+ 15 ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔahyɛ me abufuo firi da a wɔn agyanom firi Egypt baeɛ no de abɛsi nnɛ da yi.’”+

16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree gui. Ɔkunkum nnipa firii Yerusalem tire kɔsii tire,+ ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no. 17 Manase ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 18 Manase ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne mfikyifuo mu, Usa mfikyifuo no mu,+ na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.

19 Amon+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no.+ 21 Deɛ ne papa yɛeɛ nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; ɔsom abosom fĩ a ne papa someeɛ no.+ 22 Enti ɔgyaa Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no, na wannante Yehowa kwan so.+ 23 Ɛwiee aseɛ no, Ɔhene Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔ, na wɔkum no wɔ ɔno ara ne fie. 24 Nanso asaase no sofoɔ kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔ no nyinaa, na wɔsii ne ba Yosia hene maa no dii n’adeɛ.+ 25 Amon ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 26 Na wɔsiee no wɔ ne damena mu wɔ Usa mfikyifuo no mu,+ na ne ba Yosia+ bɛdii n’adeɛ.

22 Yosia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔdii adeɛ mfeɛ 31 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Yedida, na na ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat+ no ba. 2 Ɔhene no yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na deɛ ne nana Dawid yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3 Ɔhene Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, ɔsomaa Mesulam ba Asalia ba ɔtwerɛfoɔ Safan kɔɔ Yehowa fie+ sɛ: 4 “Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia+ nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ sika a wɔde ba Yehowa fie+ hɔ a apono ano ahwɛfoɔ no aboaboa ano afiri ɔman no nkyɛn no, ɔnnyegye ne nyinaa.+ 5 Ma wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no nsa, na wɔn nso mfa mma adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie hɔ no na wɔmfa nsiesie mmeaeɛ a asɛesɛe* wɔ fie hɔ no,+ 6 kyerɛ sɛ, adwumfoɔ, adansifoɔ, ne abantofoɔ no, na wɔmfa bi ntɔ nnua a wɔapae ne aboɔ a wɔapae na wɔmfa nsiesie efie no.+ 7 Nanso sika a wɔde bɛhyɛ wɔn nsa no, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔbu ho akonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ anokwafoɔ.”+

8 Akyire yi, ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ:+ “Mmara nwoma no,+ makɔhu no Yehowa fie hɔ.” Enti Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔfirii aseɛ kenkaneeɛ.+ 9 Na ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sika a ɛwɔ fie hɔ no, wo nkoa ahwie de ahyɛ wɔn a wɔdeda adwuma ano no nsa wɔ Yehowa fie hɔ.”+ 10 Afei nso, ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma+ bi ama me.” Ɛnna Safan firii aseɛ kenkan no ɔhene anim.

11 Berɛ a ɔhene tee Mmara nwoma no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu.+ 12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mikaia ba Akbor, ɔtwerɛfoɔ Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 13 “Nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, monkɔbisa Yehowa anom asɛm mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, na Yehowa abufuo a aba yɛn so no so,+ ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ deɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no nyinaa.”

14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan, ne Asaia kɔɔ odiyifoɔbaa Hulda+ nkyɛn. Ná ɔyɛ ntaadeɛ sohwɛfoɔ Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem Kuro Foforɔ no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 16 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mede mmusuo bɛba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so, na nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Yuda hene akenkan no+ mu nyinaa, mede reba. 17 Ɛsiane sɛ wɔagya me akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuo nti,+ m’abufuo bɛdɛre wɔ kuro yi so, na ɛrennum.’”+ 18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no, 19 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase+ wɔ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahoyera ne nnome ama wɔn, na wosuan w’ataadeɛ mu+ suu m’anim nti, me nso matie wo, Yehowa asɛm nie. 20 Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhu mmusuo a mede reba kuro yi so no.’”’” Ɛnna wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene.

23 Enti ɔhene de nkra kɔe, na wɔfrɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa baeɛ.+ 2 Afei Yuda mmarima nyinaa, Yerusalemfoɔ nyinaa, asɔfoɔ, ne adiyifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, ɔhene ne wɔn kɔɔ Yehowa fie hɔ. Apam+ nwoma a wɔhuu no Yehowa fie hɔ+ no, ɔkenkan emu nsɛm no nyinaa kyerɛɛ wɔn.+ 3 Ɔhene gyinaa edum no ho, na ɔyɛɛ apam* wɔ Yehowa anim+ sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi na ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa adi ne mmara nsɛm, ne nkaesɛm, ne n’ahyɛdeɛ so, na wadi apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no so. Na ɔman no nyinaa penee so sɛ wɔbɛdi apam no so.+

4 Afei ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia+ ne asɔfoɔ a wɔdi hɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no sɛ anwenneɛ a wɔyɛ maa Baal, ɔbosom dua*+ no, ne ɔsoro asafo nyinaa no, wɔnyiyi mfiri Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron ho mfuo mu wɔ Yerusalem kurotia, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+ 5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔmaa wɔgyaee wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal, awia, bosome, sodiak nsorommakuo, ne ɔsoro asafo nyinaa+ nso, ɔmaa wɔgyaee wɔn adwuma no. 6 Ɔyii ɔbosom dua*+ no firii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Kidron Bɔn no mu wɔ Yerusalem kurotia kɔhyee+ no Kidron Bɔn no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtoo mfuturo no guu ɔmanfoɔ asieeɛ.+ 7 Bio nso, tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie hɔ no,+ ɔbubuu wɔn adan a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, baabi a na mmaa no nwene ntomadan ma ɔbosom dua* no.

8 Ɛnna ɔyiyii asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu, na sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri Geba+ kɔsi Beer-Seba+ no, ɔguu ho fĩ. Afei nso, sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ kuro sohwɛfoɔ Yosua pono ano a sɛ obi rewura kuro no mu a ɛwɔ benkum so no, ɔbubuiɛ. 9 Sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no deɛ, wɔammɛsom wɔ Yehowa afɔrebukyia anim wɔ Yerusalem,+ nanso wɔne wɔn nuanom dii paanoo a mmɔka* nnim no bi. 10 Tofet+ a ɛwɔ Hinom Mma Bɔn*+ mu no nso, ɔguu ho fĩ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara renhye ne babarima anaa ne babaa wɔ gya mu* mma Molek.+ 11 Afei nso, apɔnkɔ a Yuda ahemfo hyiraa so maa* awia no, wamma wɔamfa ahemfie panin Natan-Melek adekoradan* a ɛwɔ abrannaa no so amma Yehowa fie hɔ bio, na ɔde gya hyee nteaseɛnam a wɔahyira so ama awia+ no. 12 Afɔrebukyia a Yuda ahemfo yeyɛeɛ a ɛwowɔ Ahas aborosan so pia atifi+ ne afɔrebukyia a Manase sisii no Yehowa fie adihɔ mmienu no,+ ɔhene bubui, na ɔyam no hɔ, na ɔtoo mfuturo no guu Kidron Bɔn no mu. 13 Sorɔnsorɔmmea a ɛwowɔ Yerusalem anim wɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ* no anaafoɔ fam* a Israel hene Solomon sisi maa Sidonfoɔ bosom fĩ Astoret ne Moabfoɔ bosom fĩ Kemos ne Ammonfoɔ bosom fĩ+ Milkom+ no, ɔhene guu ho fĩ. 14 Ɔbubuu abosom adum no mu asinasini, ɔtwitwaa abosonnua*+ no gui, na ɔde nnipa nnompe hyɛɛ hɔ ma. 15 Betel afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam yɛeɛ a ɛmaa Israel yɛɛ bɔne+ no, ɔbubuu saa afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea no, ɔhyee sorɔnsorɔmmea no, na ɔyam no muhumuhu, ɛnna ɔhyee ɔbosom dua*+ no.

16 Berɛ a Yosia twaa n’ani a ɔhuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so no, ɔsoma maa wɔkɔfaa adamena no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so de guu ho fĩ, na ɛno maa Yehowa asɛm a nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka too hɔ no baa mu.+ 17 Afei ɔbisaa sɛ: “Ɛda* bɛn na mehunu no ha yi?” Ɛnna kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda+ baeɛ a ɔkaa deɛ wode ayɛ Betel afɔrebukyia yi ho asɛm too hɔ no damena.” 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Momma no nhome. Mma obiara mmfa ne nsa nnka ne nnompe.” Enti wɔamfa wɔn nsa anka ɔne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.+

19 Bio nso, sorɔnsorɔmmea adan a ɛwowɔ Samaria nkuro mu+ a Israel ahemfo sisi de hyɛɛ Onyankopɔn abufuo no, Yosia yiyii ne nyinaa, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ Betel deɛ no pɛpɛɛpɛ.+ 20 Enti asɔfoɔ a na wɔwɔ sorɔnsorɔmmea hɔ no, ɔkunkum wɔn nyinaa* wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ so.+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.

21 Afei ɔhene ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no,+ monni Twam+ mma Yehowa mo Nyankopɔn.” 22 Ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu atɛn wɔ Israel no berɛ so ne Israel ne Yuda ahemfo nyinaa berɛ so no, na wɔnnii Twam bi a ɛte sɛ wei da.+ 23 Nanso Ɔhene Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, wɔdii Twam yi maa Yehowa wɔ Yerusalem.

24 Afei nso, akɔmfoɔ, asumanfoɔ,+ terafim ahoni,*+ abosom fĩ,* ne atantanneɛ a abɛpue Yuda asaase so ne Yerusalem no, Yosia tuu aseɛ na ama no adi Mmara no mu nsɛm so,+ deɛ wɔatwerɛ no nwoma a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhuu no Yehowa fie hɔ mu+ no. 25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dane baa Yehowa nkyɛn sɛdeɛ Mose mmara no teɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa antwe n’abufuo kɛseɛ no ansan, ɛfiri sɛ nneɛma bɔne a Manase yɛ de huruu ne bo no maa ne bo fuu Yuda dendeenden.+ 27 Yehowa kaa sɛ: “Yuda nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ no;+ Yerusalem kuro a mayi yi, ne efie a mekaa ho asɛm sɛ, ‘Me din bɛkɔ so atena hɔ’+ no, mɛto atwene.”

28 Yosia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 29 Ne berɛ so na Egypt hene Farao Neko baa Asiria hene nkyɛn wɔ Asubɔnten Eufrate ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani, nanso berɛ a Neko huu no no, ɔkum no wɔ Megido.+ 30 Enti ne nkoa de ne funu too teaseɛnam mu firii Megido kɔɔ Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne damena mu. Ɛnna asaase no sofoɔ faa Yosia ba Yehoahas, na wɔsraa no sii no hene maa no dii ne papa adeɛ.+

31 Yehoahas+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 23, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 32 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne nananom yɛeɛ no ara.+ 33 Farao Neko+ de no too afiase wɔ Ribla,+ Hamat asaase so, na wamma no anni hene bio wɔ Yerusalem, na ɔmaa asaase no sofoɔ tuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ baako.+ 34 Afei nso, Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene maa no dii ne papa Yosia adeɛ, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas deɛ, ɔde no kɔɔ Egypt,+ na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ.+ 35 Yehoiakim de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no maa Farao. Ɔgyegyee toɔ firii ɔman no* nkyɛn ansa na ɔrenya de akɔtua dwetɛ a Farao twa maa no no. Ɔtwaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ dodoɔ a ɔmanfoɔ no biara bɛtua maa wɔn, na ɔde maa Farao Neko.

36 Yehoiakim+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Sebida, na na ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma no ba. 37 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ ne nananom yɛeɛ no ara.+

24 Yehoiakim berɛ so na Babilon hene Nebukadnesar+ to hyɛɛ kuro no so, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa mfeɛ mmiɛnsa. Nanso ɔtwaa ne ho sɔre tiaa no. 2 Ɛnna Yehowa somaa dɔm a wɔfom nkurɔfoɔ nneɛma firii Kaldea,+ Siria, Moab, ne Ammon baa wɔn so; daa na ɔsoma wɔn ba Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, na saa na na Yehowa nam ne nkoa adiyifoɔ no so aka.+ 3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkaa sɛ ɔbɛto wɔn afiri n’anim atwene+ ɛsiane bɔne a Manase yɛeɛ nyinaa+ 4 ne mogya a ɛdi bem a ɔhwie guiɛ nti,+ ɛfiri sɛ ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+

5 Yehoiakim ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 6 Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ.

7 Egypt hene amfiri n’asaase so ankɔ obiara so bio da, ɛfiri sɛ Babilon hene faa Egypt hene asaase nyinaa,+ ɛfiri Egypt Subɔn+ ho kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.+

8 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no ara. 10 Saa berɛ no, Babilon hene Nebukadnesar nkoa baa Yerusalem so, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ.+ 11 Berɛ a Babilon hene Nebukadnesar nkoa bɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ no, ɔbaa hɔ.

12 Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfoɔ, n’adehyeɛ, ne n’ahemfie mpanimfoɔ,+ na Babilon hene ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, Babilon hene no kyee no de no kɔeɛ.+ 13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ɔhene fie* akoradeɛ nyinaa kɔe,+ na ɔtwitwaa sika anwenneɛ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu+ no nyinaa mu asinasini. Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ nkɔm no, saa ara na ɛbaeɛ. 14 Ɔsoaa Yerusalemfoɔ nyinaa, mpanimfoɔ+ no nyinaa, akatakyie no nyinaa, adwumfoɔ, ne atomfoɔ*+ no nyinaa kɔeɛ; nnipa 10,000. Wɔannya obiara, gye asaase no so ahiafoɔ paa no.+ 15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne asaase no so atitire nso, ɔde wɔn nyinaa firii Yerusalem kɔɔ Babilon. 16 Afei nso, Babilon hene de akatakyie no nyinaa, nnipa 7,000, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* 1,000 kɔɔ Babilon; ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka a wɔkɔ ɛko. 17 Babilon hene yɛɛ Yehoiakin+ papa nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+

18 Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 19 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.+ 20 Yehowa abufuo nti na weinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+

25 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar+ ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so.+ Ɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na ɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+ 2 Wɔkaa kuro no mufo hyɛɛ mu kɔsii Ɔhene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu. 3 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den+ wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+

8 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so nson, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ a ɔyɛ Babilon hene akoa no baa Yerusalem.+ 9 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie*+ no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyee otitire biara fie.+ 10 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+ 11 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene no, ne ɔmanfoɔ a wɔaka no kɔeɛ.+ 12 Nanso awɛmfoɔ so panin no gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuo mu adwuma ne nkoadwuma.+ 13 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsuo,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde kɔbere no kɔɔ Babilon.+ 14 Na deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, adumgya, nkuruwa, ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no nyinaa, wɔsesaa ɛno nso kɔe. 15 Nkyɛnsee a wɔde gya gu mu ne nkyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa+ ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔe. 16 Na adum mmienu no, Ɛpo no, ne trɔk a wɔde twe nsuo a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fie no, kɔbere a wɔde yɛeɛ no dodoɔ nti, wɔantumi ankari.+ 17 Adum no biara tenten yɛ basafa* 18,+ na kɔbere na wɔde yɛeɛ; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum; atena ne granate akutuo* a ɛtwa ntaasoɔ no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa.+ Edum a ɛtɔ so mmienu no ne ɛho granate akutuo no nyinaa nso, saa ara na na ɛteɛ.

18 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne n’abadiakyire ɔsɔfoɔ Sefania+ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no de wɔn kɔe.+ 19 Nnipa a ɔfaa wɔn firii kuro no mu kɔeɛ no bi nso ne ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ no ano, mmarima nnum a wɔwɔ kuro no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kuro no mu. 20 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 21 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla wɔ Hamat+ asaase so. Saa na ɛyɛeɛ a wɔtuu Yudafoɔ ase firii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+

22 Ɔmanfoɔ a Babilon hene Nebukadnesar gyaa wɔn wɔ Yuda asaase so+ no, ɔyii Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔnni wɔn so. 23 Berɛ a asahene no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene ayi Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Wɔn a wɔbaeɛ nie: Netania ba Ismael, Karea ba Yohanan, Tanhumet a ɔyɛ Netofani no ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, wɔne wɔn mmarima.+ 24 Ɛnna Gedalia kaa ntam kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asaase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.”+

25 Bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua* mu no baeɛ, ɔne mmarima du, na wɔkum Gedalia, na wɔkunkum Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho wɔ Mispa+ no nso. 26 Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, ne asahene no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Egypt,+ ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.+

27 Berɛ a wɔkyee Yuda hene Yehoiakin+ kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so 37, bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛtɔ so 27 no, Babilon hene Ewil-Merodak afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ɔyii Yuda hene Yehoiakin* firii afiase.+ 28 Ɔne no kasaa kama, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a aka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa. 29 Enti Yehoiakin yii n’afiase ntaadeɛ, na ne nkwa nna nyinaa, ɔdidii wɔ ɔhene pono so daa. 30 Wɔde aduane firi ɔhene nkyɛn brɛɛ no da biara, ne nkwa nna nyinaa.

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Yehowa.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ma me kra ne wo nkoa 50 yi akra.”

Anaa “kra.”

Kyerɛ sɛ, Ahasia nuabarima.

Anaa “wiem.”

Anaa “wo kra nso te ase.”

Sɛ wɔka sɛ “adiyifoɔ mma” a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ adesuakuo a wɔtete adiyifoɔ wom anaa adiyifoɔ nkabom kuo.

Anaa “wo kra nso te ase.”

Anaa “wo kra nso te ase.”

Anaa “ne diyifoɔ ataadeɛ.”

Anaa “abupɛn.”

Anaa “ewiem.”

Anaa “diyifoɔ ataadeɛ.”

Anaa “diyifoɔ ataadeɛ.”

Anaa “mframa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “asaase no ma nyinsɛn sɛe.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛremma obiara nyinsɛn nsɛe bio.”

Nt., “asisire bedeɛ.”

Anaa “na ɔyɛ Elia somfoɔ.”

Nt., “megyina n’anim.”

Anaa “ɔdwontofoɔ.”

Nt., “nsa.”

Anaa “mmarima a wɔtumi kura akodeɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “owigyinaeɛ.”

Anaa “ne kra aboto wɔ ne mu.”

Anaa “wo kra nso te ase.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “anya nkwagyeɛ.”

Anaa “na ɔwɔ ɔhonam ani yareɛ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Naaman.

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔde ne ho kɔnuu.”

Nt., “n’asoɛeɛ.”

Nt., “nhyira.”

Nt., “megyina n’anim.”

Anaa “abosom dan mu.”

Ɛyɛ beaeɛ bi a ɛwɔ Samaria; ɛbɛtumi ayɛ kokoɔ anaa abandenden bi.

Anaa “bobeturo.”

Nt., “akoma abufuo.”

Nt., “ɔman.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “kab susudeɛ baako mu nkyɛmu nnan.” Kab baako yɛ lita 1.22 (magyirin konko 2 ne kakra). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Seah susudeɛ baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “dwa so.”

Anaa “wɔn kra nkwa.”

Anaa “ɔnyanee ne babarima baa nkwa mu.”

Anaa “ɔhwɛɛ Hasael.”

Nt., “babaa.”

Anaa “ɔyare.”

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Anaa “mo kra wɔ m’afã.”

Nt., “ba.”

Anaa “bɔɔla.”

Nt., “wɔn a wɔhwɛ Ahab so.”

Anaa “asɛm biara nni ne ho.”

Nt., “efie.”

Anaa “Moyɛ ateneneefoɔ.”

Nt., “ɛbɛtɔ fam.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ yɛ baabi a na wɔmantam nnwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtwitwa wɔn ho nwi.

Anaa “ɔbaapanin.”

Anaa “Ɔhyiraa.”

Anaa “kɔhwɛ ninkunu a meretwe ama Yehowa.”

Anaa “abosom dan no mu.”

Anaa “ne kra bɛsi onii no kra ananmu.”

Nt., “ammirikatufoɔ.”

Nt., “kurow,” ebia ɛyɛ dan bi a ɛte sɛ abandenden.

Nt., “Nna.”

Nt., “ahennie aba.”

Kyerɛ sɛ, ɔbaa a ɔhwɛ no ma no nufoɔ no.

Anaa “ahemfie.”

Nt., “Ɔhene nkorɔeɛ ne ne mmaeɛ mu.”

Anaa “wɔbɔɔ no ahemmotire.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nwoma mmobɔeɛ a Onyankopɔn Mmara no wom.

Ɛkyerɛ pɔ bɔne a nkurɔfoɔ bɔ wɔ obi ho.

Anaa “ahemfie.”

Anaa “abosom dan mu.”

Anaa “ahemfie.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔkra sika.”

Anaa “wɔn amannifoɔ.”

Anaa “apaapae.”

Anaa “de gu kotokuo mu.” Nt., “kyekyere.”

Nt., “tuu n’ani sii Yerusalem so.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Bet-Milo.”

Anaa “bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo Yehowa bo.”

Kyerɛ sɛ, na wɔte hɔ dwoodwoo na na wɔn asom dwo wɔn.

Nt., “Ɛno ara mu na wɔnanteeɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “no ara mu na ɔnanteeɛ.”

Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔtɔ so mmienu.

Anaa “nkwagyeɛ.”

Anaa “Wobɛbɔ Siria.”

Nt., “Afe no kɔ bɛhyiaeɛ no,” ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ berɛ a nneɛma fefɛ.

Anaa “bobɔɔ no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “yɛnko.”

Anaa “w’ahemfie.”

Nt., “ntomadan mu.”

Ɛbɛyɛ mita 178 (anm. 584). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahemfie.”

Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔtɔ so mmienu.

Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa Yɛn.” Wɔfrɛ no Usia wɔ 2Ah 15:13; 2Be 26:1-23; Yes 6:1; ne Sak 14:5.

Nt., “ɔhene no.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awuo.

Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔtɔ so mmienu.

Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa Yɛn.” Wɔfrɛ no Usia wɔ 2Ah 15:13; 2Be 26:1-23; Yes 6:1; ne Sak 14:5.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “efie.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahemfie.”

Nt., “ɔmaa ɔno ara ne ba mpo faa gya mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔhene fie.”

Anaa “braeb.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Na Ɔma Ahoɔden.”

Nt., “wɔsuroo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, baabiara, mmeaeɛ a nnipa pii nni hɔ ne mmeaeɛ a nnipa ayɛ hɔ ma nyinaa.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Anaa “wɔsenee wɔn kɔn.”

Anaa “na wɔguu nantwie mma ahoni.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Nt., “wɔmaa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa faa gya mu.”

Nt., “wɔtɔn wɔn ho.”

Nt., “wɔnsuro.”

Nt., “wɔbɛsuro.”

Anaa “yɛɛ anyame.”

Nt., “nsuro.”

Anaa “monsuro.”

Anaa “monnsuro.”

Anaa “monnsuro.”

Anaa “monsuro.”

Ɛyɛ edin Abia a wɔatwa no tia.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔfrɛ no Nehustan.”

Kyerɛ sɛ, baabiara, mmeaeɛ a nnipa pii nni hɔ ne mmeaeɛ a nnipa ayɛ hɔ ma nyinaa.

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahemfie.”

Nt., “twitwaa.”

Anaa “ɔsahene.”

Anaa “ahemfie panin paa.”

Anaa “nsahyɛfoɔ panin.”

Anaa “ahemfie.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “Siria kasa.”

Nt., “Mo ne me nyɛ nhyira na mommra me nkyɛn.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “paanoo.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemfie.”

Anaa “adapaatwa.”

Nt., “ɔbaa a mma abɛduru n’awotwaa ano.”

Nt., “Mede honhom bi bɛhyɛ ne mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wote kerubim mfimfini.”

Anaa “nammuromu; nammɔn mu.”

Anaa “Nil nsuka.”

Nt., “Ɛfiri tete na meyɛeɛ.”

Anaa “adane afaboɔ akuakuo.”

Anaa “awoɔ.”

Kyerɛ sɛ, Hesekia.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “aba a agu fam na afifi.”

Anaa “bobeturo.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “abosomfie.”

Nt., “wo nna.”

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde saa stɛps yi hwɛ berɛ. Wɔhwɛ deɛ awia sunsum da a, ɛma wɔhunu berɛ a abɔ.

Anaa “tiee wɔn.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “w’ahemfie.”

Anaa “m’ahemfie.”

Anaa “w’ahemfie.”

Anaa “nokorɛ.”

Nt., “me nna mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Nt., “ɔmaa ɔno ara ne ba faa gya mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Ɛyɛ ahoma bi a dadeɛ hyɛ ano a wɔde susu ɛdan hwɛ sɛ ɛdan no tene anaa.

Anaa “apaapae.”

Nt., “womaa w’akoma yɛɛ mmerɛ.”

Wei yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.

Anaa “ɔhyɛɛ apam no mu den.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”

Nt., “remma ne babarima anaa ne babaa mfa gya mu.”

Nt., “ahemfo de maa.”

Anaa “adidibea.”

Kyerɛ sɛ, Ngodua Bepɔ, titire bepɔ no anaafoɔ paa a wɔsan frɛ hɔ Mfomsoɔ Bepɔ no.

Nt., “nifa.” Kyerɛ sɛ, obi ani kyerɛ apueeɛ fam a, ɛwɔ anaafoɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Anaa “Nkaeɛboɔ.”

Anaa “ɔde wɔn nyinaa bɔɔ afɔreɛ.”

Anaa “abusua abosom; ahoni.”

Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “asaase no sofoɔ.”

Anaa “ahemfie.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abantofoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abantofoɔ.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “ahemfie.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “pomegranate.”

Nt., “ahennie aba.”

Nt., “ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane