Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Amos 1:1-9:15
  • Amos

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amos
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Amos

AMOS

1 Amos* a ɔka Tekoa nnwanhwɛfoɔ ho no nsɛm nie.+ Ɔnyaa nsɛm no berɛ a ɔnyaa anisoadehunu bi faa Israel ho no. Ɔnyaa no wɔ Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no berɛ so, mfeɛ mmienu ansa na asaasewosoɔ no reba.+ 2 Ɔkaa sɛ:

“Yehowa bɛbobom wɔ Sion,

Na ɔbɛteam wɔ Yerusalem.

Nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea no bɛwo,*

Na Karmel bepɔ so nwura bɛhye.”*+

 3 “Deɛ Yehowa aka nie,

‘“Damasko bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔde dadeɛ a wɔde poro ayuo faa Gilead so.+

 4 Enti mede egya bɛto Hasael fie mu,+

Na ɛbɛhye Ben-Hadad aban a ɛyɛ den no.+

 5 Mɛbubu nnadeɛ a ɛgu Damasko apono akyi;+

Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,

Ne deɛ ɔdi hene* wɔ Bet-Eden no.

Na wɔbɛtu Siriafoɔ ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm nie.’

 6 Deɛ Yehowa aka nie,

‘“Gasa bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu+ kɔmaa Edom.

 7 Enti mede egya bɛto Gasa fasuo mu,+

Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.

 8 Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+

Ne deɛ ɔdi hene* wɔ Askelon no;+

Na mɛtene me nsa wɔ Ekron so,*+

Na Filistifoɔ a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’

 9 Deɛ Yehowa aka nie,

‘Tiro bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu kɔmaa Edom,

Na wɔankae anuanom apam no.+

10 Enti mede egya bɛto Tiro fasuo mu,

Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.’+

11 Deɛ Yehowa aka nie,

‘Edom bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+

Na wanhu no mmɔbɔ.

Ɔde abufuo tetee wɔn mu daa,

Na ne bo fuu wɔn dendeenden berɛ nyinaa.+

12 Enti mede egya bɛto Teman,+

Na ɛbɛhye Bosra aban a ɛyɛ den no.’+

13 Deɛ Yehowa aka nie,

‘“Ammonfoɔ bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔpaapaee Gilead mmaa a wɔnyem mu de trɛɛ wɔn ahyeɛ mu.+

14 Enti mede egya bɛto Raba fasuo mu,+

Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.

Berɛ a ɛko nteateamu rekɔ so ɛko da no,

Berɛ a mframa kɛseɛ rebɔ ɛda a ahum bɛtu no.

15 Na wɔbɛtu wɔn hene ase akɔ obi man so, ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa,”+ Yehowa asɛm nie.’

2 “Deɛ Yehowa aka nie,

‘“Moab bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ ɔhyee Edom hene nnompe de yɛɛ akaadoo.

 2 Enti mede egya bɛto Moab, na ɛbɛhye Keriot aban a ɛyɛ den no.+

Moab bɛwu wɔ dede mu,

Ɔbɛwu wɔ ɛko nteateamu ne abɛn nnyegyeeɛ mu.+

 3 Mɛtwa ɔhene* no afiri ne mu,

Na mɛkum emu mpanimfoɔ nyinaa aka ne ho,”+ Yehowa asɛm nie.’

 4 Deɛ Yehowa aka nie,

‘Yuda bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔpoo Yehowa mmara,*

Na wɔanni n’ahyɛdeɛ so.+

Mmom, atorɔ a wɔn agyanom dii akyire no,* ɛno ara na wɔadi akyire afom kwan.+

 5 Enti mede egya bɛto Yuda,

Na ɛbɛhye Yerusalem aban a ɛyɛ den no.’+

 6 Deɛ Yehowa aka nie,

‘Israel bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

Ɛfiri sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ,

Na wɔtɔn ohiani gye mpaboa.+

 7 Wɔtiatia mmɔborɔwafoɔ tiri so hyɛ mfuturo mu,+

Na wɔsi ahobrɛasefoɔ kwan.+

Ɔbarima ne ne papa ne ɔbaa baako da,*

Na wɔde gu me din kronkron no ho fĩ.

 8 Ntoma a wɔma nkurɔfoɔ de bɛsi awowa no, ɛno na wɔda so wɔ afɔrebukyia biara ho,+

Na nsã a wɔabɔ ebinom ka ama wɔde aba no na wɔnom wɔ wɔn anyame fie.’*

 9 ‘Nanso me na mesɛee Amorini no wɔ wɔn anim,+

Amorini a na ne tenten te sɛ sida dua, a ne ho yɛ den sɛ odum no;

Mesɛee n’aba a ɛwɔ so, ne ne nhini a ɛwɔ fam no.+

10 Meyii mo firii Egypt asaase so,+

Na memaa monantee serɛ so mfeɛ 40,+

Na memaa mokɔgyee Amorini no asaase fae.

11 Memaa mo mma no bi bɛyɛɛ adiyifoɔ,+

Na memaa mo mmeranteɛ no bi bɛyɛɛ Nasirifoɔ.+

Ɛnte saa anaa, O Israelfoɔ?’ Yehowa asɛm nie.

12 ‘Nanso mode nsã* puapuaa Nasirifoɔ no,+

Na moka kyerɛɛ adiyifoɔ no sɛ: “Monnhyɛ nkɔm.”+

13 Enti mɛyam mo wɔ baabi a mowɔ,

Sɛdeɛ teaseɛnam a wɔde hwiit* a wɔatwa no foforɔ ahyɛ no ma yam biribiara a ɛfa so no.

14 Deɛ ne ho yɛ hare rennya baabi nnwane nkɔ,+

Na deɛ ne ho yɛ den ahoɔden bɛsa,

Na ɔsabarima biara rentumi nnwane mpere ne nkwa.*

15 Deɛ ɔkura agyan rentumi nnyina,

Na deɛ ne nan ase yɛ hare rentumi nnwane,

Na deɛ ɔte pɔnkɔ so rentumi nnwane mpere ne nkwa.*

16 Ɔsabarima a ɔwɔ akokoɔduro paa* mpo,

Ɔde ne ho kwaterekwa* na ɛbɛdwane saa da no,’+ Yehowa asɛm nie.”

3 “O Israelfoɔ, montie asɛm a Yehowa aka afa mo ho yi. Ɛyɛ asɛm a ɛfa abusua a meyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no nyinaa ho. Ɛne sɛ:

 2 ‘Asaase so mmusua nyinaa, mo nko ara na menim mo.+

Ɛno nti na mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho no.+

 3 Wohwɛ a, nnipa mmienu bɛtumi abom anante berɛ a wɔnyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛhyia?

 4 Gyata bɛbobom wɔ kwaeɛ mu berɛ a ɔnnyaa aboa biara?

Na gyata* a ne ho yɛ den bɛpɔ wɔ baabi a ɔda berɛ a ɔnkyee aboa biara?

 5 Anomaa bɛtɔ fidie mu wɔ fam berɛ a wɔnsum no fidie?*

Na fidie bɛhwan berɛ a ɛnyii biribiara?

 6 Sɛ wɔbɔ abɛn wɔ kuro mu a, nnipa ho rempopo anaa?

Na sɛ amanehunu ba kuro mu a, ɛnyɛ Yehowa na wama aba?

 7 Na Awurade Tumfoɔ Yehowa renyɛ biribi,

Gye sɛ waka ne tirim asɛm* akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.+

 8 Gyata abobom!+ Hwan na ɔrensuro?

Awurade Tumfoɔ Yehowa akasa! Hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?’+

 9 ‘Mommɔ no dawuro wɔ Asdod aban a ɛyɛ den so,

Na mommɔ no dawuro wɔ aban a ɛyɛ den wɔ Egypt asaase so no so.

Monka sɛ: “Mommoa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;+

Monhwɛ basabasa a ɛrekɔ so wɔ hɔ,

Ne asisie a ɛrekɔ so wɔ hɔ no.+

10 Ɛfiri sɛ wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ adepa,” Yehowa asɛm nie,

“Na nneɛma a wɔnam atirimuɔden ne ɔsɛeɛ so anya no, ɛno na wɔboaboa ano wɔ wɔn aban a ɛyɛ den mu.”’

11 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,

‘Ɔtamfo bi bɛba abɛtwa asaase no ho ahyia,+

Na ɔbɛma w’ahoɔden asa,

Na ɔbɛfom w’aban a ɛyɛ den mu nneɛma.’+

12 Deɛ Yehowa aka nie,

‘Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim aboa nan mmienu anaa n’aso fã bi firi gyata anom no,

Saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ akɔ,

Israelfoɔ a seesei wɔtete mpa fɛfɛɛfɛ ne mpa kamakama* so wɔ Samaria no.’+

13 ‘Montie na mommɔ Yakob fie kɔkɔ,’* Awurade Tumfoɔ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm nie.

14 ‘Na da a mɛtwe Israel aso wɔ ne bɔne* nyinaa ho no,+

Mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso;+

Na wɔbɛtwitwa mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no agu fam.+

15 Na mɛbubu awɔ berɛ mu fie no ne ahuhuro berɛ mu fie no nyinaa.’

‘Afie a wɔde asonse* ayɛ nyinaa bɛsɛe,+

Na afie akɛseɛ* no bɛsɛe koraa,’+ Yehowa asɛm nie.”

4 “Montie asɛm yi, mo, Basan anantwie,

Mo a mogu Samaria bepɔ so,+

Mo, mmaa a mosisi mmɔborɔwafoɔ+ na mohyɛ ahiafoɔ so,

Mo a moka kyerɛ mo kununom* sɛ, ‘Momfa biribi mmrɛ yɛn mma yɛnnom!’ no.

 2 Awurade Tumfoɔ Yehowa de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,

‘“Hwɛ! Nna bi reba. Saa berɛ no, ɔde nnaawa akɛseɛ bɛtwe mo akɔ,

Na mo a mobɛka nso, ɔde nnaawa nketewa bɛtwe mo akɔ.

 3 Na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na obiara bɛfa tokuro a ɛwɔ n’anim tẽẽ no mu.

Na wɔbɛto mo atwene Harmon,” Yehowa asɛm nie.’

 4 ‘Mommra Betel na mommɛto mmara,*+

Mommra Gilgal na mommɛto mmara no bi nka ho!+

Momfa mo afɔreɛ mmra+ anɔpa,

Na momfa mo ntotosoɔ du du* mmra+ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no.

 5 Monhye paanoo a mmɔka* wom, na momfa mmɔ aseda afɔreɛ;+

Mommɔ mo ayamyɛ afɔreɛ dawuro mma obiara nte!

Na saa na mopɛ, O Israelfoɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

 6 ‘Na me deɛ, mamma mo aduane biara anni* wɔ mo nkuro no biara mu,

Na memaa aduane ho yɛɛ den wɔ mo afie nyinaa mu;+

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.

 7 ‘Afei nso, mamma nsuo antɔ amma mo abosome mmiɛnsa ansa na twaberɛ reduru;+

Memaa nsuo tɔɔ kuro baako mu, na mamma bi antɔ wɔ kuro foforɔ mu.

Nsuo tɔ guu asaase baako so,

Na asaase a mamma nsuo antɔ angu so no, ɛso woo wesee.

 8 Nkuro mmienu anaa mmiɛnsa mu nnipa kyinkyini kɔpɛ nsuo nom wɔ kuro baako mu,+

Nanso ɛnso wɔn;

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.

 9 ‘Memaa awia hyee mo mfuo, na yareɛ te sii so.+

Moyeyɛɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ pii,

Nanso ntutummɛ wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+

Nanso ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.

10 ‘Memaa nsanyareɛ a ɛdi awuo a ɛte sɛ deɛ ɛbaa Egypt no bi baa mo so.+

Mede sekan kunkum mo mmeranteɛ,+ na mefaa mo apɔnkɔ.+

Memaa mo asoɛeɛ bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm nie.

11 ‘Medanee mo butui,

Sɛdeɛ Onyankopɔn danee Sodom ne Gomora butuiɛ no.+

Na moyɛɛ sɛ dua a wɔahwim afiri gya mu;

Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.

12 Enti deɛ mede bɛyɛ wo nie, O Israel.

Deɛ mede rebɛyɛ wo nti,

Boaboa wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn, O Israel.

13 Ɛfiri sɛ hwɛ! Ɔno na ɔnwenee mmepɔ+ na ɔbɔɔ mframa;+

Ɔka Ne tirim asɛm kyerɛ nnipa,

Ɔma adekyeeɛ dane sum,+

Na ɔtiatia asaase so nkokoɔ so;+

Ne din ne Yehowa, asafo Nyankopɔn no.”

5 “O Israel fie, montie mo ho awerɛhoɔ dwom* a merebɛto yi:

 2 ‘Ɔbaabunu Israel ahwe ase;

Ɔrentumi nsɔre bio.

Wɔagya no ato ɔno ankasa asaase so;

Na obiara nni hɔ a ɔbɛma ne so.’

3 “Na deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

‘Kuro a ɛde nnipa 1,000 bɛkɔ ɛko no, ɛbɛka nnipa 100;

Na kuro a ɛde nnipa 100 bɛkɔ ɛko no, ɛbɛka nnipa 10. Wei ne deɛ ɛbɛto Israel fie.’+

4 “Na deɛ Yehowa aka akyerɛ Israel fie nie:

‘Monhwehwɛ me, na monnya nkwa.+

 5 Monnhwehwɛ Betel,+

Monnkɔ Gilgal,+ na monntwam nnkɔ Beer-Seba,+

Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtu Gilgal ase akɔ obi man so,+

Na Betel bɛdane adehunu.*

 6 Monhwehwɛ Yehowa na monnya nkwa,+

Anyɛ saa a, ɔbɛba Yosef fie so te sɛ egya,

Na ɔbɛhye Betel, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi adum no.

 7 Moma atɛntenenee dane awɔnwono,

Na moto tenenee twene fam.+

 8 Deɛ ɔyɛɛ Kima nsorommakuo* ne Kesil nsorommakuo,*+

Deɛ ɔma sum kabii dane adekyeeɛ,

Deɛ ɔma adekyeeɛ yɛ tumm sɛ anadwo,+

Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano

Na ɔhwie gu asaase so no,+

Ne din ne Yehowa.

 9 Ɔde ɔsɛeɛ bɛba ɔhoɔdenfoɔ so,

Na ɔbɛsɛe aban a ɛyɛ den.

10 Wɔn a wɔtwe nkurɔfoɔ aso wɔ kuro pono ano no, wɔtan wɔn,

Na wɔkyiri wɔn a wɔka nokorɛ.+

11 Ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ* firi ohiani hɔ,

Na mogye ne hwiit* firi ne nsam de yɛ toɔ nti,+

Adan a moapae aboɔ de asisi no, morentena mu bio,+

Na bobe mfuo fɛfɛɛfɛ a moayɛ no, morennya nsã* wom nnom bio.+

12 Na menim sɛdeɛ mo amumuyɛ* dɔɔso,

Ne sɛdeɛ mo bɔne yɛ akɛseɛ.

Moteetee ɔteneneeni,

Mogye adanmudeɛ,*

Na motiatia ahiafoɔ fahodie so wɔ kuro pono ano.+

13 Enti wɔn a wɔwɔ nhunumu no bɛyɛ komm saa berɛ no,

Ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ amanehunu berɛ.+

14 Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,+

Na moanya nkwa.+

Moyɛ saa a, Yehowa, asafo Nyankopɔn no ne mo bɛtena,

Sɛdeɛ moaka sɛ ɔne mo teɛ no.+

15 Monkyiri bɔne na monnɔ papa,+

Na mommu atɛntenenee wɔ kuro pono ano.+

Ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn no,

Bɛhu Yosef asefoɔ a wɔbɛka no mmɔbɔ.’+

16 “Enti deɛ Yehowa, asafo Yehowa Nyankopɔn no aka nie:

‘Nkurɔfoɔ bɛsu dendeenden wɔ mmɔnten so baabiara,

Na mmorɔno nyinaa so, nnipa bɛteateam, “Buei! Buei!”

Na wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu,

Na wɔafrɛ wɔn a wɔnim su yie ama wɔabɛbɔ bena.’

17 ‘Nnipa bɛsu dendeenden wɔ bobefuo* biara mu,+

Ɛfiri sɛ mɛba abɛtwam wɔ wo mu,’ Yehowa asɛm nie.

18 ‘Wɔn a wɔrehwɛ Yehowa da no kwan dendeenden no, asɛm ato wɔn!+

Sɛ Yehowa da no ba a, mohwɛ a, ɛdeɛn na ɛbɛsi?+

Ɛbɛyɛ sum, na ɛrenyɛ hann.+

19 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔdwane firii gyata anim na ɔkɔhyiaa sisire,

Afei ɔkɔɔ ne fie de ne nsa kɔsɔɔ ɔfasuo mu a, ɔwɔ aka no.

20 Yehowa da no bɛyɛ sum, ɛrenyɛ hann;

Ɛbɛyɛ kusuu, na ɛrenhyerɛn.

21 Mekyiri mo afahyɛ ahodoɔ no; ɛyɛ me tan.+

Na mo nhyiamu kronkron no ase hwa no, m’ani nnye ho koraa.

22 Na sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne akyɛdeɛ afɔreɛ ma me mpo a,

M’ani rennye ho;+

Na sɛ mode mmoa a wɔadɔre sradeɛ bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, merenhwɛ mpo.+

23 Monnyae mo dwom no, na ɛtuatua m’aso;

Mo sankudwom no, mempɛ atie mpo.+

24 Momma atɛntenenee nhwie sɛ nsuo,+

Na tenenee ntene daa sɛ asubɔnten.

25 O Israel fie, mfeɛ 40 a na monam serɛ so no,+

Mobɔɔ afɔreɛ maa me, na mode akyɛdeɛ afɔreɛ brɛɛ me anaa?

26 Seesei, mobɛsoa mo hene Sakut ne Kaiwan* akɔ,

Mo ahoni no, mo nsoromma anyame a moyɛeɛ no.

27 Na mɛtu mo ase akɔ obi man so wɔ Damasko akyi nohoa,’+ deɛ ne din de Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm nie.”+

6 “Wɔn a wɔgye wɔn ho di a wɔte Sion no, asɛm ato wɔn!

Wɔn a wɔn ho adwo wɔn wɔ Samaria bepɔ so no, asɛm ato wɔn!+

Amanaman adikanfoɔ mu atitire,

Wɔn a Israel firi kɔ wɔn nkyɛn no, asɛm ato wɔn!

 2 Montwa nkɔ Kalne na monkɔhwɛ.

Momfiri hɔ na monkɔ Hamat Kɛseɛ,+

Na monsiane nkɔ Filistifoɔ kuro Gat mu.

Mohwɛ a, wɔyɛ sene ahennie ahodoɔ yi?*

Anaa wɔn asaase sõ sene mo asaase?

 3 Moayi amanehunu da no afiri mo tirim+

Ɛnna moakɔfa awudisɛm ahennie* anaa?+

 4 Wɔdeda mpa a wɔde asonse* ayɛ so,+ na wɔdwodwo wɔn ho wɔ wɔn mpa so,+

Na wɔwe wɔn nnwan mu adwennini ne anantwie mma* a wɔadɔre sradeɛ.+

 5 Wɔto nnwom de gyegye sankuo ho,+

Na wɔyɛ nneɛma a wɔde bɔ nnwom, sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no.+

 6 Wɔnom nsã wɔ nkuruwa akɛseɛ mu,+

Na wɔsra ngo pa,

Nanso Yosef amanehunu no deɛ, ɛmfa wɔn ho.*+

 7 Ɛno nti, nkurɔfoɔ a wɔbɛtu wɔn ase akɔ obi man so no, wɔn na wɔbɛdi animu,+

Na wɔn a wɔdwodwo wɔn ho no dede nyinaa to bɛtwa.

 8 ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ɔno ara ne ho* ntam,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm nie,

‘“Mekyiri Yakob ahantan,+

Metan n’aban a ɛyɛ den no,+

Na mede kuro yi ne deɛ ayɛ mu ma nyinaa bɛma n’atamfo.+

9 “‘“Na sɛ ɛka nnipa du wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. 10 Na obusuani* bi bɛba abɛyi wɔn apue, na wahye wɔn mmaako mmaako. Na ɔde wɔn nnompe bɛpue afiri fie hɔ. Afei, ɔbɛbisa obiara a ɔwɔ pia mu sɛ, ‘Obi foforɔ ka wo ho anaa?’ Na ɔbɛbua sɛ, ‘Obiara nka me ho!’ Ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ komm! Na ɛnyɛ saa berɛ yi koraa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din.’”

11 Yehowa na ɔde ahyɛdeɛ yi ama,+

Na ɔbɛbubu efie kɛseɛ no pasaa,

Na wabubu efie ketewa no asinasini.+

12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?

Anaa obi de anantwie funtum abotan so?

Moama atɛntenenee adane awuduro,

Na moama tenenee aba adane awɔnwono.+

13 Modi adehunu ho ahurisie,

Na moka sɛ, “Yɛn ankasa ahoɔden na ama yɛanya tumi.”*+

14 Ɛno nti, O Israel fie, mɛma ɔman bi aba mo so,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm nie,

‘Na wɔbɛteetee mo afiri Lebo-Hamat*+ hyeɛ so asiane akɔduru Araba Subɔn no ano.’”

7 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa yi kyerɛɛ me nie: Hwɛ! Berɛ a aba a ɛdi akyire* no firii aseɛ sɛ ɛrefifi no, ɔmaa ntutummɛ bebree bae. Wei yɛ aba a ɛdi akyire a na wɔdua berɛ a wɔatwa ɔhene serɛ a ɔde ma ne mmoa awie no. 2 Na berɛ a ntutummɛ no wee asaase no so afifideɛ wieeɛ no, mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mepa wo kyɛw, fa kyɛ wɔn!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Ɔnni ahoɔden!”+

3 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Yehowa kaa sɛ, “Ɛrennya mma.”

4 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa yi kyerɛɛ me nie: Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa de egya twee ne man aso. Ɛmaa ebunu kɛseɛ no mu nsuo nyinaa wee, na ɛhyee asaase no fã bi. 5 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mepa wo kyɛw, mma wei mmma!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Ɔnni ahoɔden!”+

6 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Awurade Tumfoɔ Yehowa kaa sɛ, “Ɛno nso rennya mma.”

7 Wei na ɔyi kyerɛɛ me: Hwɛ! Ná Yehowa gyina ɔfasuo bi so. Ná ɛyɛ ɔfasuo a wɔde prumo* ato ho asi, na na prumo hyɛ ne nsam. 8 Afei Yehowa bisaa me sɛ: “Amos, ɛdeɛn na wohunu yi?” Ɛnna mekaa sɛ: “Ɛyɛ prumo.” Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede prumo rebɛto me man Israel ho. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+ 9 Isak sorɔnsorɔmmea* nyinaa+ bɛsɛe pasaa na Israel kronkronbea bɛsɛesɛe;+ na mede sekan bɛba Yeroboam fie so.”+

10 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia+ soma kɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Yeroboam+ sɛ: “Amos rebɔ wo ho pɔ wɔ Israel fie pɛɛ.+ Ne nsɛm no nyinaa ano yɛ den ma asaase no.+ 11 Na deɛ Amos aka nie, ‘Sekan na wɔde bɛkum Yeroboam, na deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛtu Israel afiri n’asaase so akɔ obi man so.’”+

12 Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “O ɔdehunufoɔ, kɔ, dwane kɔ Yuda asaase so; kɔpɛ w’ano aduane* wɔ hɔ, na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.+ 13 Na nhyɛ nkɔm wɔ Betel ha bio,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene tenabea kronkron+ ne abankɛseɛ mu.”*

14 Ɛnna Amos ka kyerɛɛ Amasia sɛ: “Ná menyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ ba; mmom na mehwɛ mmoa,+ na na meyɛ borɔdɔma ho adwuma.* 15 Nanso Yehowa maa megyaee mmoa no hwɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ, na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.’+ 16 Enti afei tie deɛ Yehowa aka: ‘Woreka sɛ, “Nhyɛ nkɔm ntia Israel,+ na nka asɛm biara+ ntia Isak fie.” 17 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Wo yere bɛyɛ tuutuuni wɔ kuro no mu. Na wɔde sekan bɛkunkum wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Na wɔbɛtwe susuhoma ato w’asaase so akyɛ afa. Na wo deɛ, wobɛwu wɔ asaase a ɛho nteɛ so, na deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛtu Israel afiri n’asaase so akɔ obi man so.”’”+

8 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa yi kyerɛɛ me nie: Hwɛ! Mehuu kɛntɛn a ahuhuro berɛ mu nnuaba wom. 2 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Amos, ɛdeɛn na wohunu yi?” Na mekaa sɛ: “Kɛntɛn a ahuhuro berɛ mu nnuaba wom.” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Me man Israel awieeɛ aba. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+ 3 ‘Saa da no, asɔrefie nnwom bɛdane esu ne nteateamu,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Na wɔbɛtoto afunu bebree agugu baabiara.+ Ma hɔ nyɛ komm!’

 4 Montie, mo a motiatia ahiafoɔ so,

Mo a moma asaase so ahobrɛasefoɔ sã,+

 5 Mo a moka sɛ, ‘Da bɛn na bosome foforɔ afahyɛ no bɛtwam+ ama yɛatɔn yɛn hwiit?*

Da bɛn na Homeda+ bɛtwam ama yɛatɔn hwiit?

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ efa* susukuruwa no ketewa,

Na ne boɔ akɔ soro,

Na yɛakyea yɛn nsenia* de asisi nkurɔfoɔ,+

 6 Na yɛde dwetɛ atɔ mmɔborɔwa,

Na yɛatɔn ohiani agye mpaboa,+

Na yɛatɔn hwiit* a ɛnyɛ.’

 7 Yehowa, Yakob Animuonyam no, aka ne ho ntam+ sɛ,

‘Me werɛ remfi wɔn nnwuma no biara da.+

 8 Wei nti asaase no bɛwoso,

Na obiara a ɔte so bɛdi awerɛhoɔ.+

Wɔbɛbu afa so te sɛ Nil a ayiri,

Wɔbɛbu afa so, na wɔatwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.’+

 9 ‘Saa da no,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie,

‘Mɛma awia akɔtɔ awia ketee,

Na mama sum aba asaase no so awiaberɛ.+

10 Mɛma mo afahyɛ adane awerɛhoɔ,+

Na mo nnwom nyinaa adane awerɛhoɔ nnwom.

Mɛma obiara de awerɛhoɔ ntoma* asi n’asene, na mama obiara tiri so apa;

Mɛma ayɛ sɛ deɛ obi redi ne ba baako pɛ wuo ho awerɛhoɔ,

Na saa da no awieeɛ bɛyɛ awerɛhoɔ nko ara.’

11 ‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

‘Saa berɛ no, mɛma ɛkɔm aba asaase no so,

Ɛnyɛ aduanekɔm, ɛnna ɛnyɛ sukɔm,

Na mmom Yehowa asɛm ho kɔm.+

12 Na wɔde wɔn tiri bɛpempem afiri po ano akɔ po ano,

Na wɔafiri atifi akɔ apueeɛ.

Wɔbɛkyinkyini ahwehwɛ Yehowa asɛm, nanso wɔrenhunu.

13 Saa da no, sukɔm nti, mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ bɛtwitwa ahwe,

Na mmeranteɛ nso bɛtwitwa ahwe;

14 Wɔn a wɔde Samaria bɔne ka ntam+ na wɔka sɛ,

“O Dan, sɛ́ wo nyame te ase yi!”+

Na wɔka sɛ, “Sɛ́ Beer-Seba kwan wɔ hɔ yi!”+

Saa nkurɔfoɔ no, wɔbɛhwehwe ase a wɔrensɔre bio.’”+

9 Mehuu sɛ Yehowa+ gyina afɔrebukyia no atifi, na ɔkaa sɛ: “Bɔ adum no atifi ma aseɛ no nwoso. Twitwa wɔn ti firi so, na mede sekan bɛkunkum wɔn a ɛbɛka no. Deɛ ɔredwane no rennya baabi nnwane mfa, na deɛ ɔrepɛ baabi afa no rennya baabiara nkɔ.+

 2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a,

Mede me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;

Na sɛ wɔforo kɔ soro a,

Mɛtwe wɔn afiri hɔ aba fam.

 3 Sɛ wɔkɔhinta Karmel Bepɔ atifi a,

Mɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afiri hɔ aba.+

Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhyɛ po ase mpo a,

Mɛma ɔwɔ akɔkeka wɔn wɔ hɔ.

 4 Sɛ wɔn atamfo kye wɔn kɔ a,

Mɛma sekan akɔkunkum wɔn wɔ hɔ.+

Mede m’ani bɛsi wɔn so, na mama awie wɔn bɔne, na ɛnyɛ papa.+

 5 Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa na ɔde ne nsa aka asaase no,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛnane+ ama ɛsofoɔ nyinaa adi awerɛhoɔ;+

Na asaase no nyinaa bɛbu afa so te sɛ Nil,

Na ɛbɛtwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.+

 6 ‘Deɛ ɔyɛ ne stɛps wɔ soro,

A ɔde ne dan* tim asaase atifi,

Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano,

Na ɔhwie gu asaase so no,+

Ne din ne Yehowa.’+

 7 ‘O Israelfoɔ, mote sɛ Kusfoɔ wɔ m’ani so, ɛnte saa?’ Yehowa asɛm nie.

‘Ɛnyɛ me na meyii Israel firii Egypt asaase so?+

Ɛnyɛ me na meyii Filistifoɔ firii Kreta,+ na meyii Siriafoɔ nso firii Kir?’+

 8 ‘Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa ani wɔ ahennie bɔne no so,

Na ɔbɛsɛe no afiri asaase so.+

Nanso merensɛe Yakob fie korakora,’+ Yehowa asɛm nie.

 9 ‘Hwɛ! Merehyɛ ato hɔ,

Na mɛwoso Israel fie wɔ aman nyinaa mu+

Sɛdeɛ obi woso sɔneeɛ no,

Na aba baako mpo rentɔ fam.

10 Wɔde sekan bɛkunkum me man mu abɔnefoɔ nyinaa,

Wɔn a wɔka sɛ: “Mmusuo no renka yɛn, na ɛremmɛn yɛn” no.’

11 ‘Saa da no, mɛma Dawid apata*+ a ahwe ase no so asi hɔ,

Mɛtuatua emu* ntokuro.

Na mɛma deɛ adwiri agu no asi ne dada mu bio;

Mɛkyekyere ama ayɛ sɛ tete mmerɛ no,+

12 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa deɛ ɛbɛka ama Edom,+

Na wɔafa aman a me din da wɔn so no nyinaa,’ Yehowa a ɔreyɛ wei no asɛm nie.

13 ‘Hwɛ! Mmerɛ bi reba,’ Yehowa asɛm nie,

‘Saa berɛ no, deɛ ɔfuntum asaase bɛkɔ akɔto deɛ ɔtwa nnɔbaeɛ,

Na deɛ ɔkyĩ bobe bɛkɔ akɔto deɛ ɔgu aba;+

Na nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afiri mmepɔ mu,+

Na ɛbɛtene afa nkokoɔ nyinaa so.*+

14 Me man Israelfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+

Na wɔbɛsan akyekyere nkuro a asɛe no, na wɔatena mu.+

Wɔbɛyeyɛ bobe mfuo na wɔanom mu nsã,*+

Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+

15 ‘Na mede wɔn bɛdua wɔn asaase so,

Na obiara rentu wɔn bio

Mfiri asaase a mede ama wɔn no so,’+ Yehowa wo Nyankopɔn no asɛm nie.”

Ɛkyerɛ, “Ɔyɛ Adesoa” anaa “Ɔso Adesoa.”

Anaa “bɛdi awerɛhoɔ.”

Anaa “bɛkusa.”

Anaa “atuateɛ.”

Nt., “deɛ ɔkura ahempoma.”

Anaa “atuateɛ.”

Nt., “deɛ ɔkura ahempoma.”

Anaa “mɛtwe Ekron aso.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “ɔtemmufoɔ.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “anyame a wɔn agyanom dii wɔn akyi no.”

Anaa “atuateɛ.”

Anaa “kɔ ɔbaa baako ho; fa ɔbaa baako.”

Anaa “asɔrefie.”

Anaa “bobesa.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “Ɔsabarima a ne bo yɛ duru.”

Anaa “adagya; ne ho saa ara.”

Anaa “gyatanini.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “berɛ a aduane biara nni mu?”

Anaa “kokoam asɛm.”

Anaa “Damasko mpa.”

Anaa “monni adanseɛ ntia Yakob fie.”

Anaa “n’atuateɛ.”

Anaa “ɔsono se.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “afie pii.”

Anaa “mo wuranom.”

Anaa “mommɛte atua.”

Anaa “taet.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “mamma aduane anka mo se.”

Anaa “kwadwom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “bɛdane abusudeɛ.”

Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuo no mu no.

Anaa “Nwenwenente.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuo no.

Anaa “asaase ho toɔ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “bobesa.”

Anaa “mo atuateɛ.”

Anaa “braeb.”

Anaa “bobeturo.”

Saa anyame mmienu yi, ɛbɛtumi akyerɛ okyinnsoromma Saturn a na ebinom de ayɛ onyame som no no.

Ɛbɛyɛ sɛ Yuda ne Israel ahennie no ho asɛm na ɛreka.

Nt., “akonnwa.”

Anaa “ɔsono se.”

Anaa “anantwinini nkumaa.”

Nt., “Yosef amanehunu no mmɔɔ wɔn yareɛ.”

Anaa “ne kra.”

Nt., “Ne papa nuabarima.”

Nt., “ama yɛanya mmɛn.”

Anaa “Hamat kwan ano.”

Kyerɛ sɛ, deɛ wɔdua no January ne February bosome mu no.

Nt., “agyina hɔ?”

Anaa “nuu ne ho.”

Nt., “agyina hɔ?”

Anaa “nuu ne ho.”

Ɛyɛ ahoma bi a dadeɛ hyɛ ano a wɔde susu ɛdan hwɛ sɛ ɛdan no tene a.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “di paanoo.”

Anaa “ahennie fie.”

Anaa “na na mefitifiti sikamɔɔ ho.” Ná ɛyɛ borɔdɔma bi a ɛwɔ Israel a wɔfrɛ no sikamɔɔ.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Hwɛ Nkh. B14.

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne soro a akontono.”

Anaa “sese; ntomadan.”

Anaa “wɔn.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “nkokoɔ nyinaa bɛnane.”

Anaa “bobesa.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane