MIKA
1 Yuda ahemfo+ Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ berɛ so no, Yehowa asɛm baa Mika*+ a ɔfiri Moreset nkyɛn. Ɔnyaa anisoadehunu a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho sɛ:
2 “Aman nyinaa, montie!
Asaase ne deɛ ɛwom nyinaa, monyɛ aso,
Na momma Awurade Tumfoɔ Yehowa nni adanseɛ ntia mo+
Wɔ Yehowa asɔrefie kronkron mu hɔ.
3 Hwɛ! Yehowa firi ne tenabea reba;
Ɔbɛsiane aba, na wabɛtiatia asaase so nkokoɔ so.
4 Mmepɔ bɛnane wɔ ne nan ase,+
Na abɔn* mu bɛpaapae
Sɛdeɛ egya nane ɛwoɔkyɛm no,
Sɛdeɛ nsuo a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ siane teɛ no.
Deɛn ne Yakob atuateɛ?
Ɛnyɛ Samaria?+
Na deɛn ne Yuda nkokoɔ?+
Ɛnyɛ Yerusalem?
6 Mɛma Samaria adane aboɔ akuakuo,*
Baabi a wɔdua bobe;
Mɛto* n’aboɔ agu bɔn mu,
Na mɛma ne fapem ho ada hɔ.
Mɛsɛe n’abosom nyinaa.
Ɔde tuutuusie sika na ɛnyaeɛ,
Na ɛbɛdane tuutuufoɔ foforɔ akatua.”
Mɛsu te sɛ sakraman,
Na mabɔ bena te sɛ nsohori.
Ne yareɛ no atrɛ abɛduru me man kuro pono ano, abɛduru Yerusalem.+
10 “Mommmɔ so wɔ Gat;
Monnsu koraa.
Mommunimuni mfuturo mu wɔ Bet-Afra.*
11 Mo a mote* Safir, momfa adagya ne aniwuo mmɛsene.
Wɔn a wɔte* Saanan deɛ, wɔmpueeɛ.
Wɔbɛbɔ bena wɔ Bet-Esel, na ɔrennyina w’akyi bio.
12 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔte* Marot no hwɛɛ biribi pa kwan,
Nanso bɔne na ɛsiane firii Yehowa hɔ baa Yerusalem pono ano.
13 O, mo a mote* Lakis,+ momfa teaseɛnam nsã apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare no kɔn mu.
Wo na woyɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ,
Na wo mu na wɔhuu Israel atuateɛ.+
14 Enti wobɛma Moreset-Gat nkradie* akyɛdeɛ.
Na Aksib afie+ ama Israel ahemfo nsa asi fam.
15 O, mo a mote* Maresa,+ mɛma obi abɛdi mo so nkonim.+
Israel animuonyam bɛkɔ ara akɔduru Adulam.+
16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti, bɔ tikwa, werɛ wo tiri ho nyinaa.
Ma wo tiri ho nyɛ kwabokwabo sɛ pɛtɛ,*
Ɛfiri sɛ wɔatu wɔn ase
afiri wo nkyɛn kɔ obi man so.”+
2 “Wɔnnue! Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne,
Wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn mpa so no!
Adeɛ kye a, deɛ wɔabɔ ho pɔ no, wɔyɛ,
Ɛfiri sɛ tumi wɔ wɔn nsam.+
2 Wɔn ani bere mfuo, na wɔgye;+
Wɔn ani bere afie nso, na wɔfa;
Wɔsisi ɔbarima gye ne fie,+
Na wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.
3 Enti deɛ Yehowa aka nie:
‘Merepɛ mmusuo bi de aba abusua yi so,+ na morentumi nnwane mfiri mu.*+
Morentumi nnante ahantan so bio,+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ amanehunu berɛ.+
Wɔbɛka sɛ: “Wɔayɛ yɛn pasaa!+
Wɔama me man kyɛfa akɔdi nnipa foforɔ nsam; wɔagye afiri me nsam!+
Wɔde yɛn nsaase ama nkontomponi.”
5 Enti worennya obiara a ɔbɛtwe susuhoma no mu,
Akyekyɛ asaase no wɔ Yehowa asafo mu.
7 O Yakob fie, wɔka sɛ:
“Yehowa honhom nni aboterɛ bio anaa?
Weinom yɛ ne nneyɛɛ anaa?”
Me nsɛm mfa adepa mmrɛ wɔn a wɔnante tenenee mu no anaa?
8 Nanso nnansa yi, me ankasa me nkurɔfoɔ asɔre sɛ ɔtamfo.
Wɔn a wɔde ahotɔsoɔ retwam, te sɛ wɔn a wɔfiri ɛko reba no,
Moyi adeɛ fɛfɛɛfɛ a ɛka wɔn ntaadeɛ ho no.*
9 Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛɛfɛ mu;
Na nneɛma akɛseɛ a mede ahyira wɔn no, mogye firi wɔn mma nsam korakora.
10 Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ ɛha nyɛ baabi a wɔhome.
Ɛsiane ɔbra fĩ* nti,+ ɔsɛeɛ reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.+
11 Sɛ ɔbarima bi di mframa ne nkontompo akyi, na ɔdi atorɔ sɛ:
“Mɛka nsã* ne nsã a ano yɛ den ho asɛm akyerɛ mo” a,
Ɛnneɛ, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔman yi sɛnkafoɔ!*+
Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nnwan a wɔwɔ nnwammuo mu,
Te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea;+
Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+
13 Deɛ ɔbɛbubu de abɔ kwan no bɛdi wɔn anim,
Wɔbɛbɔ twi afa ɛkwan no mu; wɔbɛfa pono no mu, na wɔafa mu apue.+
Wɔn hene bɛdi wɔn kan afa mu,
Na Yehowa bɛdi wɔn anim.”+
Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛtene?
3 Mowe me nkurɔfoɔ honam nso,+
Na moworɔ wɔn wedeɛ firi wɔn ho,
Mobubu wɔn nnompe mu, na motwitwa mu nketenkete,+
Te sɛ nnompe a wɔde gu dadesɛn* mu noa, te sɛ nam a ɛgu kwansɛn mu.
4 Saa berɛ no, wɔbɛsu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,
Nanso ɔremmua wɔn.
5 Wei ne asɛm a Yehowa aka atia adiyifoɔ a wɔdi me nkurɔfoɔ anim ma wɔfom kwan no,+
Wɔn a wɔnya biribi de wɔn se ka* a,+ wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ!’+
Nanso sɛ obi amfa biribi anhyɛ wɔn anom a, wɔde ɛko tentam no:*
6 ‘Adeɛ bɛsa mo;+ morennya anisoadehunu biara;+
Esum nko ara na ɛbɛba mo so, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ bio.
Awia bɛtɔ wɔ adiyifoɔ no so,
Na adekyeeɛ adane sum ama wɔn.+
Wɔn nyinaa bɛkata wɔn mfemfem so,*
Ɛfiri sɛ wɔrennya mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ.’”
8 Nanso me deɛ, Yehowa honhom ama tumi ayɛ me ma;
Ama atɛntenenee ne akokoɔduro ayɛ me ma,
Sɛ menka Yakob atuateɛ nkyerɛ no, na memma Israel nhunu ne bɔne.
9 Mepa mo kyɛw montie wei, mo, Yakob fie atitire
Ne mo, Israel fie atumfoɔ,+
Mo a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,+
10 Mo a mode mogyahwieguo kyekyere Sion na mode amumuyɛ kyekyere Yerusalem.+
Nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so* ka sɛ:
“Ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho yi?+
Mmusuo biara remma yɛn so.”+
2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,
Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+
Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,
Na yɛbɛnante n’akwan so.”
Na Sion na mmara* bɛfire,
Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.
Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,
Na wɔrensua akodie bio.+
4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase,+
Na obiara renhunahuna wɔn,+
Ɛfiri sɛ asafo Yehowa ano na aka.
5 Na aman no mu biara bɛnante ne nyame din mu,
Na yɛn deɛ, yɛbɛnante Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu+ daa daa.
6 Asɛm a Yehowa aka nie “:Saa da no,
Mɛboaboa wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so no ano,
Na maka wɔn* a wɔahwete no aboa ano,+
Ɛne wɔn a memaa wɔhunuu amane no.
7 Wɔn* a na wɔtɔ gu wɔn nan so a wɔaka no, mɛkora wɔn so,+
Na wɔn a wɔapamo wɔn kɔ akyirikyiri no, mɛyɛ wɔn ɔman kɛseɛ;+
Na Yehowa bɛdi wɔn so hene wɔ Sion Bepɔ so,
Firi nnɛ akɔsi daa.
8 Na wo, O aban a wɔgyina so bɔ nnwan ho ban,
Sion babaa bepɔ ketewa,+
Wo nkyɛn na ɛbɛba, aane, wo nkyɛn na tumidie a ɛdi kan* no bɛba,+
Ahennie a ɛyɛ Yerusalem babaa deɛ no.+
9 Adɛn nti na woreteateam dendeenden saa?
11 Afei aman pii bɛboa wɔn ho ano aba wo so;
Wɔbɛka sɛ, ‘Ma ne ho ngu fĩ,
Na ma yɛmfa yɛn ani nhunu sɛ wei ato Sion.’
12 Nanso wɔnnim Yehowa adwene,
Na wɔnnim ne tirim asɛm;*
Ɛfiri sɛ ɔbɛboaboa wɔn ano sɛ hwiit* a wɔatwa no foforɔ aboa ano akuakuo agu ayuporobea.
13 O Sion babaa, sɔre na poro;+
Na mɛma wo mmɛn adane dadeɛ,
Na wo nan adane kɔbere,
Na wobɛyam aman pii.
Wobɛhyira wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa,+
Na woahyira wɔn ahodeɛ so ama nokorɛ Awurade a ɔdi asaase nyinaa so no.”+
Wɔde abaa hwe Israel temmufoɔ no asom.+
Wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo aka Yuda mpempem* ho,
Wo mu na obi bɛfiri abɛyɛ Israel hene ama me.+
Ɔno na n’ase firi teteete, tete mmerɛ no.
3 Enti ɔbɛyi wɔn ama
Akɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwoɔ.
Na ne nuanom a aka no bɛsan abɛka Israelfoɔ ho.
Na sɛ Asiria to hyɛ yɛn asaase so na ɔtiatia yɛn abandenden so a,+
Yɛbɛyi nnwanhwɛfoɔ nson, nnipa mu aberempɔn* nwɔtwe, na wɔne no adi asie.
Na sɛ Asiria to hyɛ yɛn asaase so, na ne nan tia yɛn hyeɛ so a,
Ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.+
7 Yakob nkaefoɔ no bɛtena aman bebree mu
Te sɛ bosuo a ɛfiri Yehowa nkyɛn,
Te sɛ nsuo a ɛgugu afifideɛ so
A ɛmfa n’ani nto onipa so
Na ɛntwɛn nnipa mma.
8 Yakob nkaefoɔ no bɛtena aman bebree mu,
Wɔ amanaman bebree mfimfini,
Te sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛ mu mmoa mu,
Te sɛ gyata* a ne ho yɛ den a ɔwɔ nnwankuo mu.
Ɔfa wɔn mu, na ɔto hyɛ wɔn so tete wɔn mu;
Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye wɔn.
9 Wobɛma wo nsa so wɔ w’atamfo so,
Na wɔbɛsɛe w’atamfo nyinaa.”
10 Yehowa aka sɛ, “Saa da no,
Mɛkunkum w’apɔnkɔ afiri wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam.
11 Mɛsɛe w’asaase so nkuro,
Na madwiri wo nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa agu.
15 Mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtwe
Aman a wɔanyɛ setie no aso.”
6 Mepa mo kyɛw, montie deɛ Yehowa reka.
Monsɔre, na monka mo asɛm wɔ mmepɔ anim,
Na nkokoɔ nte mo nne.+
2 O mmepɔ, montie Yehowa asɛm,*
Asaase nnyinasoɔ a ɛtim hɔ, montie,+
Ɛfiri sɛ Yehowa ne ne nkurɔfoɔ anya asɛm;
Israel na ɔne no bɛdi asɛm:+
3 “Me man, deɛn na mede ayɛ wo?
Na deɛn na mede ayɛ wo a ama woabrɛ?+
Ka ma obiara nte.*
4 Hwɛ, me na meyii wo firii Egypt asaase so;+
Megyee wo firii nkoafie.+
Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.+
5 Me man, mepa wo kyɛw, kae deɛ Moab hene Balak bɔɔ pɔ sɛ ɔbɛyɛ no,+
Ɛne mmuaeɛ a Beor ba Baalam de maa no no,+
Deɛ ɛsiiɛ firi Sitim+ kɔsi Gilgal+ no,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu Yehowa tenenee nnwuma.”
6 Deɛn na memfa mmra Yehowa anim?
Deɛn na memfa mmɛkoto Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?
Memmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma no?
Anaa memfa anantwie mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+
Memfa me babarima a ɔyɛ m’abakan mmɛtua m’atuateɛ ka?
8 O onipa, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.
Na deɛn na Yehowa rehwehwɛ afiri wo hɔ?
9 Yehowa nne refrɛ kuro no;
Wɔn a wɔnim nyansa bɛsuro wo din.
Montie abaa no ne deɛ ɔde abaa no baeɛ no.+
10 Agyapadeɛ a wɔbɔɔ apoo nyaeɛ no, ebi da so wɔ abɔnefoɔ fie anaa?
Na efa susudeɛ* a wɔabɔ toɔ a ɛyɛ abusudeɛ nso ɛ?
11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfoɔ a, m’abrabɔ ho bɛte* anaa?
Na mewɔ kotokuo a asisie nkariboɔ wom nso a, m’abrabɔ ho bɛte anaa?+
12 Awudisɛm ahyɛ kuro no mu asikafoɔ ma,
Na emufoɔ ka atosɛm;+
Wɔn kɛtrɛma a ɛda wɔn anom no, nnaadaa ayɛ no ma.+
Wobɛtwe wo nneɛma, nanso worentumi nkora so,
Na deɛ wobɛkora so mpo, mede bɛma sekan.
15 Wobɛdua aba, nanso worentwa.
Wobɛkyi ngodua aba mu,* nanso worentumi mfa ngo no nyɛ hwee;
Wobɛyɛ bobesa foforɔ, nanso worennya bobesa biara nnom.+
Ɛno nti, mɛma wo ho ayɛ tan,
Na obiara a ɔbɛhunu kuro no mufoɔ no bɛbɔ hwerɛma;+
Na amanaman no fɛdie a wɔde bɛba mo so no, mobɛsoa.”+
7 Asɛm ato me! Mayɛ sɛ obi a
Watete ahuhuro berɛ mu nnuaba,
Na wasesa bobe ase nkaeɛ,
Nanso mennya bobe a mɛdie,
Na borɔdɔma a ɛdi kan a me* kɔn dɔ mpo abɔ me.
Wɔn nyinaa tetɛ sɛ wɔbɛhwie mogya agu.+
Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.
4 Wɔn mu nipa a ɔyɛ paa no te sɛ nkasɛɛ,
Nkasɛɛ a wɔde agye ban mpo, ɛyɛ sene wɔn mu deɛ ɔtene paa.
Ɛda a w’awɛmfoɔ kaa ho asɛm ne berɛ a wobɛbu akonta no bɛba.+
Afei wɔn ho bɛpopo.+
Deɛ ɔda wo kokom mpo, hwɛ w’ano yie wɔ ne ho.
6 Ɛfiri sɛ ɔbabarima bu ne papa animtia,
Ɔbabaa sɔre tia ne maame,+
Na ɔbaa warefoɔ sɔre tia n’asebaa;+
Onipa fiefoɔ na wɔyɛ n’atamfo.+
7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no kwan.+
Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn* me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+
Me Nyankopɔn bɛtie me.+
8 Me tamfo,* nni me ho ahurisie.
Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre;
Mete sum mu deɛ, nanso Yehowa bɛyɛ me hann.
9 Mɛsoa Yehowa abufuo,
Ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne.+
Mɛsoa akɔsi sɛ ɔbɛdi m’asɛm ama me na wabu atɛntenenee ama me.
Ɔde me bɛba hann mu,
Na mɛhunu ne tenenee.
10 Me tamfo no nso bɛhunu,
Na aniwuo pɔtɔɔ bɛka deɛ ɔbisaa me sɛ,
“Wo Nyankopɔn Yehowa no wɔ he?”+ no.
Mede m’ani bɛhwɛ no.
Afei wɔbɛtiatia ne so te sɛ kwan so atɛkyɛ.
12 Saa da no, wɔbɛba wo nkyɛn.
Wobɛfiri Asiria ne Egypt nkuro mu tɔnn na aba.
Ɛfiri Egypt kɔsi Asubɔnten no* ho tɔnn na wobɛfiri aba.
Ɛfiri ɛpo kɔsi ɛpo, ne bepɔ kɔsi bepɔ; wobɛfiri hɔ nyinaa aba.+
14 Fa wo poma yɛn wo man, wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no,+
Wɔn a na wɔn nko ara te kwaeɛ mu, wɔ turo mfimfini no.
Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete mmerɛ no mu.
16 Aman bɛhunu, na wɔn ahoɔden nyinaa akyi, wɔn ani bɛwu.+
Wɔde wɔn nsa bɛto wɔn ano;
Wɔn aso bɛsi.
17 Wɔbɛtafere dɔteɛ te sɛ ɔwɔ;+
Wɔde ahopopoɔ bɛpue afiri wɔn abandenden mu aba te sɛ asaase so mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.
Wɔde ehu bɛba Yehowa yɛn Nyankopɔn anim,
Na wɔbɛsuro wo.”+
18 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,
Deɛ ɔde mfomsoɔ kyɛ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ a aka no mmarato so?+
Ɔrenkura n’abufuo mu daa,
Ɛfiri sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ nkurɔfoɔ.+
19 Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ;+ ɔbɛdi yɛn mfomsoɔ so nkonim.*
Wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn.+
20 Wobɛdi Yakob nokorɛ,
Na woada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ Abraham,
Sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete mmerɛ no.+
Ɛyɛ edin Mikael (ɛkyerɛ “Hwan Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”) anaa Mikaia (ɛkyerɛ “Hwan Na Ɔte Sɛ Yehowa?”) a wɔatwa no tia”
Anaa “asaasetraa.”
Anaa “aboɔ akuakuo wɔ wuram.”
Nt., “Mɛhwie.”
Anaa “ne tuutuusie akatua nyinaa.”
Anaa “Afra fie.”
Nt., “Ɔbaa a wote.”
Nt., “Ɔbaa a wote.”
Nt., “ɔbaa a wote.”
Nt., “ɔbaa a wote.”
Anaa “ntetemu.”
Nt., “ɔbaa a wote.”
Hebri asɛmfua no tumi kyerɛ ɔkɔdeɛ nso.
Nt., “morentumi nyi mfiri mo kɔn mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adeɛ fɛfɛ a ɛbobɔ wɔn ntaadeɛ mu no.”
Anaa “afideɛ.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “nkɔmhyɛni!”
Anaa “dadesɛn a ano so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛ wɔnya biribi we.”
Nt., “wɔhyira ɛko wɔ ne so.”
Anaa “bɛkata wɔn ano.”
Nt., “etire.”
Anaa “braeb.”
Anaa “dwetɛ.”
Anaa “wɔka sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so.”
Anaa “asɔrefie no bepɔ.”
Anaa “Awieeɛ mmerɛ.”
Anaa “akwankyerɛ.”
Anaa “nsekan a wɔde kɔ ɛko.”
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.
Nt., “ɔbaa no.”
Nt., “ɔbaa no.”
Nt., “ɔbaa no.”
Anaa “wo nkyɛn na kane tumidie.”
Anaa “n’atirimpɔ; n’agyinatuo.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “mmusua.”
Anaa “ne kɛseyɛ.”
Anaa “akannifoɔ.”
Anaa “gyatanini.”
Nt., “mɛtu afiri wo nsam.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “asɛm wɔ asɛnnibea; nkurobɔ.”
Anaa “Di adanseɛ tia me.”
Anaa “aba a ɛfiri me nipadua mu.”
Anaa “me kra.”
Anaa “wobɛbu atɛntenenee; wobɛdi nokorɛ.”
Anaa “woafiri ayamyɛ ne nokorɛdie mu adɔ afoforɔ.” Nt., “wobɛdɔ ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”
Hwɛ Nkh. B14.
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “mɛdi bem.”
Anaa “mɛsɛe wo.”
Anaa “Wɔbɛboro ngodua aba.”
Anaa “me kra.”
Anaa “ne kra kɔn dɔ.”
Nt., “wɔbom nwene.”
Anaa “Mede ɔtwɛn honhom bɛtwɛn.”
Hebri mu no, asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa “tamfo” no kyerɛ sɛ ɔbaa ho asɛm na wɔreka.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “asɛm no bɛwɔ akyirikyiri.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Nt., “Ɛsiane wɔn nneyɛɛ so aba no nti.”
Anaa “ɔbɛtiatia yɛn mfomsoɔ so; ɔbɛbrɛ yɛn mfomsoɔ ase.”