Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Nahum 1:1-3:19
  • Nahum

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nahum
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Nahum

NAHUM

1 Niniwe ho atemmusɛm:+ Nahum* a ɔfiri Elkos no anisoadehunu nwoma:

 2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho,+ na ɔtua bɔne so ka;

Yehowa tua bɔne so ka, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuo adi.+

Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie no ka,

Na ɔboaboa abufuo ano twɛn n’atamfo.

 3 Yehowa bo mfu ntɛm+ na ne tumi sõ,+

Nanso sɛ obi fata asotwe a, Yehowa remma no mfa ne ho nni da.+

Ɔreba a, mframa a ɛsɛe adeɛ ne ahum na ɛdi n’akyi,

Na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+

 4 Ɔka ɛpo anim+ ma no we;

Ɔma nsubɔnten nyinaa wewe.+

Basan ne Karmel afifideɛ twintwam+

Na Lebanon nhwiren nso twintwam.

 5 Ne nti mmepɔ woso,

Na nkokoɔ nane.+

Asaase hu n’anim a, ɛbɔ birim;

Ɛne wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa.+

 6 Hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuo ano?+

Na hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuhyeɛ ano?+

N’abufuo bɛdɛre sɛ gya,

Na ne nti abotan bɛdwiri agu.

 7 Yehowa yɛ,+ na ɔyɛ abandenden wɔ ahohia berɛ mu.+

Wɔn a wɔde no yɛ wɔn dwankɔbea no, n’ani

ku wɔn ho.*+

 8 Ɔbɛma nsuo ayiri ahohoro n’asaase* koraa,

Na wama esum ati n’atamfo.

 9 Pɔ bɛn na mobɛtumi abɔ atia Yehowa?

Ɔde ɔsɛeɛ pasaa reba.

Ahohia no rensan mma bio.+

10 Wɔanwene wɔn sɛ nkasɛɛ

Na wɔayɛ sɛ deɛ nsã* aboro wɔn,

Nanso wɔbɛhye te sɛ serɛ a awoɔ.

11 Deɛ ɔbɔ Yehowa ho pɔ bɔne

Ne deɛ ɔma afotu bɔne nyinaa bɛfiri wo mu aba.

12 Deɛ Yehowa aka nie:

“Ná wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso,

Nanso wɔbɛtwitwa wɔn agu ama wɔn ase ahye.*

Mama mo ho ahiahia mo,* nanso meremma mo ho nhiahia mo bio.

13 Afei deɛ kɔndua a ɛda wo so no, mɛbubu mu,+

Na nhoma a wɔde akyekyere wo no, mɛte mu mmienu.

14 Deɛ Yehowa aka sɛ ɛbɛba wo* so nie,

‘W’ase bɛhye ama wo din ayera.

Ahoni a woasene ne deɛ wode nnadeɛ ayɛ* a ɛwɔ w’anyame fie* no, mɛsɛe ne nyinaa.

Mɛyɛ adamena ama wo, ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni wo so.’

15 Hwɛ, deɛ ɔde asɛmpa nam no firi mmepɔ so reba;

Deɛ ɔka asomdwoeɛ asɛm no.+

O Yuda, di w’afahyɛ.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so,

Ɛfiri sɛ ohuhuni biara rentwam wɔ w’asaase so bio.

Wɔbɛsɛe no pasaa.”

2 Deɛ ɔbɔ nnipa hwete no aba wo* so.+

Bɔ abandenden no ho ban.

Wɛn kwan no.

Mia w’abɔsoɔ mu na gyina yie.

 2 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛsan de Yakob animuonyam ama no,

Na ɔde Israel nso animuonyam ama no;

Adesɛefoɔ abɛsɛe wɔn,+

Na wɔasɛe wɔn bobe mman.

 3 Wɔaka n’akatakyie akyɛm ho kɔɔ,

Na n’akatakyie hyehyɛ ntaade kɔkɔɔ.

Ɛda a ɔsiesie ne ho ma ɛko no,

Ne nteaseɛnam ho nnadeɛ pa yerɛyerɛ sɛ gya,

Na wɔkurakura mpea a wɔde papao dua ayɛ.

 4 Nteaseɛnam no ate praka wɔ mmorɔno so.

Wɔde mmirika di mmɔnten so akɔneaba.

Wɔhyerɛn te sɛ tɛnee,* na wɔtu mmirika te sɛ anyinam.

 5 Ɔbɛfrɛ n’aberempɔn.

Wɔrenante a, wɔbɛsunti.

Wɔde mmirika kɔ ne fasuo ho;

Wɔsisi akoban.*

 6 Wɔbɛbuebue nsubɔnten no ano apono,

Na ahemfie no bɛdwiri agu.*

 7 Wɔahyɛ ato hɔ: Wɔapa ne ho ntoma na wɔatam no kɔ;

Ne mmaawa redi abooboo te sɛ mmuruburo a wɔresu,

Na wɔpempem wɔn koko.

 8 Niniwe+ te sɛ tadeɛ firi tete,

Nanso afei deɛ wɔredwane.

“Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”

Nanso obiara nsan n’akyi.+

 9 Monsesa dwetɛ; monsesa sika kɔkɔɔ,

Ɛfiri sɛ nneɛma a wakora so nni ano.

Na ahodeɛ a ɛyɛ fɛ pii wɔ hɔ.

10 Obiara afiri kuro no mu, asɛe, na adane amamfo!+

Ehu ama wɔn akoma atu, wɔn nkotodwe rekeka bom, wɔte yea wɔ wɔn sisi mu,

Na wɔn nyinaa anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

11 Ɛhe na agyata teɛ,+ na ɛhe na agyatanini* kɔ adidie?

Ɛhe na agyata a obiara ntumi nhunahuna wɔn no

De wɔn mma kɔ?

12 Gyata tetee nam mu maa ne mma,

Na ɔkum mmoa maa agyatabedeɛ.

Ɔkum mmoa hyɛɛ n’amena mu ma,

Na ɔde mmoa a watete wɔn mu hyɛɛ ne bɔn mu ma.

13 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, me ne wo anya,+

Na mɛhye wo nteaseɛnam dwerɛbee.+

Na w’agyata* no, sekan bɛdi wɔn nam.

Meremma wonnya nam nwe wɔ asaase so bio,

Na wɔn a wosomasoma wɔn no, obiara rente wɔn nka bio.”+

3 Kuro a ɛhwie mogya guo, due!

Nnaadaa ne korɔno ahyɛ no ma.

Daa ɔfom nneɛma.

 2 Apɔnkɔ abaa ne nteaseɛnam nan ase gyegye wɔ hɔ;

Apɔnkɔ a wɔretu mmirika dendeenden ne nteaseɛnam a ɛrehurihuri ba.

 3 Ɔpɔnkɔsotefoɔ abɛduru, sekan ano repa gya, na pea ano repa yerɛyerɛ;

Nnipa pii awuwu, na afunu sum hɔ;

Awufoɔ no dodoɔ nni ano.

Nkurɔfoɔ nan pempem afunu.

 4 Ne nyinaa firi tuutuuni no adwamammɔ bebrebe no,

Ɔbaa nimuonyamfoɔ a ne ho yɛ fɛ, asumansɛm hemmaa no;

Ɔno na ɔde n’adwamammɔ sum aman fidie na ɔde n’asumansɛm nya mmusua.

 5 Asafo Yehowa aka sɛ: “Hwɛ, me ne wo* anya!+

Mɛpagya w’ataadeɛ akɔduru wo tiri;

Mɛma amanaman ahu w’adagya,

Na ahennie ahu w’animguaseɛ.

 6 Mɛhwie nneɛma fĩ agu wo so,

Mɛgu w’anim ase pɔtɔɔ,

Na nkurɔfoɔ ahwɛ wo asua nyansa.+

 7 Obiara a ɔbɛhu wo no bɛdwane afiri wo ho+ na waka sɛ,

‘Niniwe abɔ!

Hwan na ɔbɛgyam no?’

Ɛhe na mɛnya awerɛkyekyefoɔ ama wo?

 8 No-Amon*+ a ɛwɔ Nil asuasu ho+ no, wokyɛn no anaa?

Ɔno na na nsuo atwa ne ho ahyia;

Ɛpo na na ɛyɛ n’ahodeɛ; ɛpo na na ɛyɛ n’afasuo.

 9 Etiopia ne Egypt hɔ na ɔnyaa ahoɔden a ɛnni ano.

Put+ ne Libiafoɔ nso boaa wo.+

10 Ne nyinaa akyi, wɔkyee no kɔe;

Wɔde no kɔɔ obi man so.+

Ne mma nso, wɔtetee wɔn mu wɔ mmɔnten so baabiara.

Wɔbɔɔ ne mmarima animuonyamfoɔ so ntonto,

Na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu n’atitire nyinaa.

11 Wo nso wobɛboro nsã,+

Na wobɛdwane akɔtɛ.

Na wo tamfo hɔ na wobɛhwehwɛ dwankɔbea.

12 W’abandenden nyinaa te sɛ borɔdɔma aba a ɛdi kan;

Sɛ wɔwoso a, ɛporo gu adifoɔ anom.

13 Hwɛ, wo dɔm bɛdane mmaa.

Wɔbɛbue w’asaase apono ato hɔ ama w’atamfo.

Egya bɛhye nnadeɛ a ɛbrambram w’apono akyi no.

14 Fa nsuo sie ma da a wɔbɛka mo ahyem no.+

Hyɛ w’abandenden mu den.

Kɔ atɛkyɛ mu na kɔwɔ dɔteɛ,

Na sɔ adeɛ a wɔde twa birikisi mu.

15 Ɛhɔ mpo egya bɛhye wo.

Na sekan bɛdi wo nam.+

Ɛbɛsɛe wo te sɛ deɛ ntutummɛ sɛe adeɛ.+

Ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ ntutummɛ mma;

Ampa, ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ ntutummɛ.

16 Woama w’adwadifoɔ adɔɔso asene ɔsoro nsoromma.

Ntutummɛ mma worɔ wɔn ho gu hɔ, na wɔtu kɔ.

17 W’awɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ,

Na wo mpanimfoɔ te sɛ ntutummɛ manyamanya.

Wɔtetare ban ho awɔ da,

Nanso awia bɔ pɛ na wɔatu kɔ,

Na obiara nhunu baabi a wɔwɔ bio.

18 O Asiria hene, wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko;

W’atumfoɔ adwodwo wɔn ho wɔ wɔn atenaeɛ.

Wo manfoɔ ahwete wɔ mmepɔ so,

Na obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa wɔn ano.+

19 Worennya ahotɔ biara wɔ w’amanehunu mu.

Wo kuro renwu da.

Wɔn a wɔbɛte wo ho nsɛm nyinaa bɛbɔ wɔn nsam;+

Ɛfiri sɛ atirimuɔdensɛm a wode dii nkurɔfoɔ daa no, hwan na woamfa bi anni no?”+

Ɛkyerɛ, “Ɔwerɛkyekyefoɔ.”

Anaa “ɔhwɛ wɔn so.” Nt., “ɔnim wɔn.”

Kyerɛ sɛ, Niniwe asaase.

Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na ɔbɛtwam akɔ.”

Kyerɛ sɛ, Mama Yuda ho ahiahia no.

Kyerɛ sɛ, Asiria.

Anaa “ne ahoni a wɔaguo.”

Anaa “w’abosomfi.”

Kyerɛ sɛ, Niniwe.

Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “bɛnane.”

Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Anaa “w’agyatanini a wɔn ho yɛ den.”

Kyerɛ sɛ, Niniwe.

Kyerɛ sɛ, Thebes.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane