HABAKUK
1 Atemmusɛm a odiyifoɔ Habakuk* nyaa ho anisoadehunu nie:
2 O Yehowa, mensu nkɔsi da bɛn na woatie me?+
Mensrɛ wo hɔ mmoa nkɔsi da bɛn ansa na woagye me afiri amumuyɛsɛm mu?+
3 Adɛn nti na daa woma mehu adebɔne?
Adɛn nti na wohwɛ ma nhyɛsoɔ kɔ so?
Adɛn nti na m’ani tua adesɛeɛ ne amumuyɛsɛm?
Na adɛn nti na ɔham ne ntɔkwa abu so saa?
4 Wei nti mmara nyɛ adwuma,
Na obiara mmu atɛntenenee.
Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ atwa ateneneefo ho ahyia,
Ɛno nti na wɔkyea atemmuo.+
5 “Monhwɛ amanaman no mu, na monhwɛ deɛ ɛbɛsi!
Montɛɛ mo anom nhwɛ na mo ho nnwiri mo,
Ɛfiri sɛ biribi bɛsi wɔ mo berɛ so,
Na sɛ wɔka kyerɛ mo mpo a, morennye nni.+
Wotwi fa asaase tɛtrɛɛ so
Kɔgye afie a ɛnyɛ wɔn dea fa.+
7 Wɔyɛ ahunuabɔbirim, na obiara suro wɔn.
Wɔhyehyɛ wɔn ankasa mmara, na wɔn tumi* na ɛyɛ adwuma.+
Wɔn apɔnkɔ de mmirika kitikiti,
Na wɔfiri akyirikyiri reba.
Wɔtu fãã te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔde ahoɔherɛ rekɔdidi.+
9 Wɔn nyinaa de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛdi amumuyɛsɛm.+
Sɛ wɔka bom na wɔreba a, wɔn anim te sɛ apueeɛ mframa,+
Na wɔkye nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ anwea de wɔn kɔ.
12 O Yehowa, wonni hɔ firi tete anaa?+
O me Nyankopɔn, me Kronkronni, wonwu da.*+
14 Adɛn nti na woma nnipa yɛ sɛ ɛpo mu mpataa,
Ne mmoa a wɔwea a obiara nni wɔn so?
15 Ɔde* daawa yi weinom nyinaa;
Ɔde n’asau twe wɔn,
Na ɔboaboa wɔn ano wɔ n’atena mu.
Ɛno nti ɔdi ahurisie kɛse.+
16 Ɛno nti na ɔbɔ afɔreɛ ma n’asau
Na ɔbɔ afɔreɛ* ma n’atena,
Ɛfiri sɛ saa nneɛma no na ɛma no nya ne ho,*
Na ɔnya aduane pa.
17 Enti n’asau no, daa ɔbɛkɔ so abɔ no ma anaa?*
Ɔbɛkɔ so ara akunkum amanaman a ahummɔborɔ nnim anaa?+
Mɛkɔ so awɛn na matie asɛm a ɔde bɛsoma me,
Ne deɛ ɔtene me so a, mɛka.
2 Ɛnna Yehowa buaa me sɛ:
Sɛ ɛkyɛ* mpo a, kɔ so ara twɛn.*+
Ɛfiri sɛ ɛkwan biara so ɛbɛba mu.
Ɛrenka akyi.
Ɔteneneeni deɛ, ne nokorɛdie* na ɛbɛma no anya nkwa.+
5 Ɛsiane sɛ nsã yɛ nkontomponi nti,
Ɔbarima a ɔyɛ ahomasoɔ rennuru ne botaeɛ ho.
Daa ɔboaboa amanaman no ano,
Na ɔka aman nyinaa boa ano ba ne nkyɛn.+
6 Enti weinom nyinaa remmu no bɛ, wɔremmɔ no akutia, na wɔrenkasa ntwi* no anaa?+
Wɔbɛka sɛ:
‘Deɛ ɔsesa nneɛma a ɛnyɛ ne deɛ nnue
—Ɛnkɔsi da bɛn?—
Deɛ ɔma ne ho aka dɔɔso nnue!
7 Wɔn a wode wɔn ka no, wɔrensɔre nnyina mpofirim anaa?
8 Ɛsiane sɛ woafom aman pii ho nneɛma nti,
Aman a aka nyinaa nso bɛfom wo ho nneɛma,+
Ɛfiri sɛ wokaa nnipa mogya guiɛ,
Na wode atirimuɔdensɛm dii nsaase,
Nkuro, ne emu nnipa nyinaa.+
9 Deɛ ɔpɛ mfaso bɔne ma ne fiefoɔ,
Na ɔyɛ ne pirebuo wɔ beaeɛ a ɛkorɔn,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛgye ne ho afiri mmusuo mu no, ɔnnue!
10 Woabɔ pɔ bɔne ama no de animguaseɛ aba wo fie,
Woakunkum nnipa pii de ayɛ bɔne atia wo ho.*+
11 Ɛboɔ bɛsu wɔ ɔfasuo mu,
Na mpuna agye so wɔ ɛdan no so.
12 Deɛ ɔde mogya kyekyere kuropɔn
Na ɔnam amumuyɛ so ma kuro tim no, ɔnnue!
13 Hwɛ, ɛnyɛ asafo Yehowa na ɔma nnipa yɛ adwumaden ma no kɔwie egya mu,
Na ɔma amanaman brɛ kwa anaa?+
15 Deɛ ɔma ne yɔnko biribi nom,
Na ɔde abufuo ne aniberɛ ka ho ma no bo
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ n’adagya no, ɔnnue!
16 Animguaseɛ na ɛbɛmee wo, ɛnyɛ animuonyam.
Wo nso nom bi na wɔnhu sɛ wɔntwaa wo twetia.*
Kuruwa a ɛwɔ Yehowa nsa nifa mu no bɛba wo so,+
Na animguaseɛ bɛkata w’animuonyam so.
17 Atirimuɔdensɛm a wode dii Lebanon no bi bɛba wo so,
Na ɔsɛeɛ a wode bɔɔ mmoa hu no bi bɛba wo so,
Ɛfiri sɛ wokaa nnipa mogya gui
Na wode atirimuɔdensɛm dii nsaase,
Nkuro, ne emu nnipa nyinaa.+
18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a,
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ so?
Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ odwumfoɔ de ne ho bɛto deɛ wayɛ so;
Anyamehunu a ɛntumi nkasa?+
19 Deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyane!”
Na ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnkasa sɛ: “Sɔre! Kyerɛkyerɛ yɛn!” no, ɔnnue!
20 Yehowa deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+
Asaase nyinaa, monyɛ komm wɔ n’anim!’”+
3 Odiyifoɔ Habakuk mpaeɛ a ɔbɔɔ no te sɛ awerɛhoɔ nnwom:*
2 O Yehowa, mate wo ho asɛm.
O Yehowa, wo nnwuma yɛ me nwanwa;
Ma no mmra wɔ mfeɛ no mu!*
Ma no nna adi wɔ mfeɛ no mu.*
Basabasayɛ berɛ no duru a, kae na da wo mmɔborɔhunu adi.+
N’animuonyam kataa ɔsoro,+
Na n’ayeyie hyɛɛ asaase so ma.
4 Ná Ɔhyerɛn te sɛ awia hann.+
Hann mmienu pue firii ne nsam bae,
Na emu na na n’ahoɔden hyɛ.
6 Ɔte gyinae, na ɔwosoo asaase.+
Ɔhwɛɛ aman no, na ɛmaa wɔn ho popoeɛ.+
Mmepɔ a ɛwɔ hɔ daa no dwiri gui,
Na nkokoɔ a atim hɔ firi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+
N’akwan firi teteete.
7 Mehuu sɛ amanehunu aba Kusan ntomadan mu.
Ntomadan a ɛwɔ Midian asaase so wosoeɛ.+
8 O Yehowa, nsubɔnten nti anaa,
Nsubɔnten na ama w’abufuo redɛre anaa?
Ɛpo nti na wo bo afuo?+
9 W’agyan ho da hɔ na ayɛ krado.
W’akodeɛ* ayɛ krado sɛ ɛbɛyɛ adwuma sɛdeɛ wɔaka ntam no.* (Sela)
Wode nsubɔnten paapae asaase mu.
10 Mmepɔ huu wo no, wɔn ho yeraa wɔn.+
Nsuo tɔɔ kɛse twi faa asaase no so.
Subunu de nne kɛseɛ teaam.+
Na ɛmaa ne nsa so kɔɔ soro.
11 Awia ne bosome gyinaa wɔ wɔn tenabea kokuroo hɔ.+
W’agyan a ɛpa yerɛyerɛ no twaam;+
Wo pea hyerɛnee te sɛ anyinam.
12 Wode abufuo bɛfaa asaase so.
Na wode abufuo tiatiaa* amanaman no so.
13 Wofirii adi sɛ worekɔgye wo man, sɛ worekɔgye deɛ woasra no no.
Ɔpanin* a ɔda ɔbɔnefoɔ
fie ano no, wobubuu no pasaa.
Efie no fapem ho daa hɔ kɔsii n’atifi.* (Sela)
14 Berɛ a wɔtu baa me so sɛ ahum sɛ wɔrebɛbɔ me ahwete no,
Wode ɔno ara n’akodeɛ hwiree n’asraafoɔ tiri mu.
Wɔn ani gyee paa sɛ wɔkɔtɛɛ baabi to hyɛɛ ɔbrɛfoɔ so.
15 Wode w’apɔnkɔ faa ɛpo mu;
Wode faa nsuo pii a ɛrebu fa so mu.
Me nnompe hodwoeɛ,+
Na me nan wosowosoeɛ.
Nanso mɛyɛ dinn atwɛn ahohia da,+
Ɛfiri sɛ ɛbɛba nkurɔfoɔ a wɔto hyɛ yɛn so no so.
17 Ɛbɛtumi aba sɛ borɔdɔma rengu nhyerɛnee
Na bobe renso aba;
Ɛbɛtumi aba sɛ wɔrennya hwee mfiri ngodua so,
Na mfuo remma aduane;
Ɛbɛtumi aba sɛ nnwan bɛsã wɔ nnwammuo mu,
Na anantwie asã wɔ buo mu;
18 Nanso me deɛ, mɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu,
Na m’ani agye me nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.+
19 Awurade Tumfoɔ Yehowa ne m’ahoɔden;+
Ɔbɛma me nan ayɛ sɛ wansane deɛ,
Na ɔde me bɛfa beaeɛ a ɛwɔ soro.+
Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa me sankuo mmɔ.
Ɛbɛtumi akyerɛ, “Anigyeɛ Kɛseɛ a Wɔde Yɛ Atuu.”
Anaa “animuonyam.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn tumi ne wɔn nyame.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛrenwu.”
Anaa “kasakyerɛ.”
Kyerɛ sɛ, atamfo a wɔyɛ Kaldeafoɔ no.
Anaa “ɔhye aduhwam.”
Nt., “aduane sɔkyee.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Enti ɔbɛkɔ so atwe ne sekan anaa?”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “ɛbɛkɔ yɔɔ.”
Anaa “aba awieeɛ.”
Anaa “ɛyɛ sɛ deɛ akyɛ.”
Anaa “twɛn no dendeenden.”
Anaa “Hwɛ! Ne kra ahoman.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ne gyidie.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “biribiara mmee ne kra.”
Anaa “wɔrento aborɔme mfa ntwi.”
Anaa “nneɛma a wɔnya wɔ ɛko mu.”
Anaa “wo kra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na kɔ afã-afã.”
Anaa “kwadwom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛn berɛ yi mu.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛn berɛ yi mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkwagyeɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “W’agyan.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔaka ntam a ɛfa mmusua no ho no.”
Nt., “poroo.”
Nt., “Eti.”
Nt., “ne kɔn.”
Nt., “me yam hyehyee me.”