Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Sefania 1:1-3:20
  • Sefania

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sefania
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Sefania

SEFANIA

1 Yehowa asɛm baa Sefania* a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba no nkyɛn. Ɛbaa ne nkyɛn wɔ Amon ba+ Yosia+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ so. Asɛm no nie:

 2 “Mɛpra biribiara afiri asaase so akɔ; ɛrenka hwee wɔ so,” Yehowa asɛm nie.+

 3 “Mɛpra onipa ne aboa akɔ.

Mɛpra wiem nnomaa ne po mu mpataa,+

Ne suntidua*+ ne abɔnefoɔ nyinaa akɔ.

Na mɛpra nnipa afiri asaase so,” Yehowa asɛm nie.

 4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda so,

Ne Yerusalemfoɔ nyinaa so,

Na mɛpra Baal ho biribiara afiri ha,+

Na wɔrenkae akɔmfoɔ* ne asɔfoɔ no din bio.+

 5 Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkoto ɔsoro asafo no akɔ.+

Na wɔn a wɔkoto Yehowa na wɔka no ntam,+

A wɔtwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;

 6 Mɛpra wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri Yehowa ho no akɔ,+

Ne wɔn a wɔnhwehwɛ Yehowa, ne wɔn a wɔnhwehwɛ n’akwankyerɛ nyinaa.”+

 7 Monyɛ komm wɔ Awurade Tumfoɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ Yehowa da no abɛn.+

Yehowa asiesie afɔreɛ, na wate wɔn a wafrɛ wɔn no ho.

 8 “Sɛ da a Yehowa bɛbɔ afɔreɛ no duru a, mɛtwe adehyeɛ aso,

Na matwe ahemfo mma+ ne wɔn a wɔhyɛ ahɔhoɔ ntaadeɛ nyinaa aso.

 9 Saa da no, mɛtwe obiara a ɔforo bamma* aso,

Na matwe wɔn a wɔde basabasayɛ ne nnaadaasɛm hyɛ wɔn wuranom afie ma no aso.

10 Saa da no,” Yehowa asɛm nie,

“Wɔbɛte esũ dendeenden wɔ Mpataa Pono no ano,+

Na wɔbɛte esũ ne nteateamu wɔ kuro no Fã a Ɛtɔ So Mmienu no mu,+

Na wɔbɛte ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ nkokoɔ no so.

11 Maktesfoɔ,* monsu nteateam,

Ɛfiri sɛ wɔakunkum adwadifoɔ no nyinaa,*

Na wɔasɛe wɔn a wɔkari dwetɛ no nyinaa.

12 Saa berɛ no, mɛto me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kuro no mu.

Na wɔn a wɔgye wɔn ho die* a wɔka no wɔ wɔn akomam sɛ,

‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso.

13 Nkurɔfoɔ bɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔn afie bɛsɛe pasaa.+

Wɔbɛsisi adan, nanso wɔrentena mu;

Wɔbɛyeyɛ bobe mfuo,* nanso wɔrennya emu nsã nnom.+

14 Yehowa da kɛseɛ no abɛn!+

Abɛn, na ɛde mmirika reba!*+

Yehowa da no nnyegyeeɛ yɛ hu sɛ.+

Ɛhɔ na ɔsabarima bɛteateam.+

15 Saa da no yɛ abufuhyeɛ da,+

Amanehunu ne ahoyera da,+

Mframa kɛseɛ ne ɔsɛeɛ pasaa da,

Esum ne kusuu da,+

Mununkum ne esum kabii da,+

16 Abɛn ne ɛko nteamu da,+

Na ɛbɛba nkuro a wɔabɔ ho ban ne ntwea so aban atenten so.+

17 Mɛma nnipa ho ayera wɔn,

Na wɔanante sɛ anifirafoɔ,+

Ɛfiri sɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne.+

Na wɔbɛhwie wɔn mogya agu te sɛ mfuturo,

Na wɔn honam* ayɛ sɛ tiafi.+

18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Yehowa abufuo da no;+

Na n’ani a abere sɛ gya no bɛma asaase no nyinaa ahye,+

Ɛfiri sɛ ɔde ɔsɛeɛ kɛseɛ bɛba; ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu paa na ɔde bɛkunkum wɔn a wɔtete asaase so nyinaa.”+

2 Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mo ho mmom,+

Ɔman a mo ani nwu adeɛ.+

 2 Atemmuo a wɔahyɛ ato hɔ no nnya mmaeɛ yi,

Ɛda no nnya ntwaam sɛ ntɛtɛ yi,

Yehowa abufuhyeɛ nnya mmaa mo so yi,+

Yehowa abufuo da no nnya mmaa mo so yi,

 3 Monhwehwɛ Yehowa,+ asaase sofoɔ a mobrɛ mo ho ase* nyinaa,

A modi n’ahyɛdeɛ* a ɛtene so no.

Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ.*

Ebia wɔbɛbɔ mo ho ban,* Yehowa abufuo da no.+

 4 Ɛfiri sɛ wɔbɛgya Gasa kuro no ato hɔ,

Na wɔbɛsɛe Askelon pasaa.+

Wɔbɛpamo Asdod awia ketee,

Na wɔatu Ekron ase.+

 5 “Mo a motete mpoano, Keretifoɔ man, asɛm ato mo!+

Yehowa ne mo wɔ asɛm.

O Kaanan, Filistifoɔ asaase, mɛsɛe wo,

Na obiara renka.

 6 Mpoano asaase no bɛdane mmoa adidibea,

Baabi a nnwanhwɛfoɔ mmura wɔ, baabi a wɔde aboɔ ayɛ nwammuo.

 7 Na ɛbɛyɛ Yudafoɔ a aka no asaase,+

Na ɛhɔ na wɔbɛdidie.

Wɔbɛdeda Askelon afie mu anwummerɛ.

Na Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ wɔn,

Na ɔbɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, na ɔde wɔn asan aba.”+

 8 “Mate Moab animtiabuo+ ne Ammonfoɔ adapaatwa no.+

Wɔdidi me man atɛm, na wɔde ahantan ka sɛ wɔbɛgye me man asaase.+

 9 Enti mete ase yi deɛ,” asafo Yehowa Israel Nyankopɔn no asɛm nie,

“Moab bɛyɛ sɛ Sodom,+

Na Ammon ayɛ sɛ Gomora.+

Ɛbɛyɛ nsansono asaase, ne nkyene amena, na ɛbɛsɛe a obiara rentena hɔ bio da.+

Na me nkurɔfoɔ a aka no bɛfom wɔn nneɛma,

Na me manfoɔ a aka no bɛgye wɔn asaase afiri wɔn nsam.

10 Wɔn ahantan nti na weinom nyinaa bɛto wɔn,+

Ɛfiri sɛ wɔdidii asafo Yehowa man atɛm, na wɔmemaa wɔn ho so kyerɛɛ wɔn.

11 Yehowa ho bɛyɛ wɔn nwanwa,*

Ɛfiri sɛ ɔbɛbrɛ asaase so anyame nyinaa ase,*

Na nsuano aman a ɛyɛ amanaman no deɛ nyinaa bɛkoto* no,+

Obiara bɛfiri baabi a ɔwɔ aba.

12 Mo, Etiopiafoɔ nso, mede me sekan bɛkunkum mo.+

13 Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam na wasɛe Asiria.

Ɔbɛma Niniwe asɛe pasaa,+ na ɛhɔ bɛwo wesee sɛ serɛ so.

14 Mmoa nyinaa, wura mu mmoa nyinaa bi bɛba abɛda hɔ.

Na nsuo so dabodabo ne kɔtɔkɔ bɛdeda n’adum* so anadwo.

Wɔbɛte nnomaa su* wɔ mpomma mu.

N’aponnwa bɛsɛe,

Na ɔbɛma sida nnua a wɔde ayɛ dan no mu no ho ada hɔ.

15 Ahantan kuro a na ne ho adwo no no nie,

Kuro yi na na ɛka wɔ n’akomam sɛ, ‘Mene no; m’akyi no, obiara nni hɔ bio.’

Hwɛ sɛdeɛ ɛnnɛ wadane biribi huhuuhu,

Baabi a wuram mmoa bɛda!

Obiara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ,* na ɔbɛpoma twɛdeɛ.”+

3 Kuro tuatefoɔ, kuro a ne ho agu fĩ, kuro a ɔyɛ nhyɛsoɔ, asɛm ato wo!+

 2 Wantie obiara asɛm,+ na wantie kasakyerɛ.*+

Wamfa ne ho anto Yehowa so;+ wammɛn ne Nyankopɔn.+

 3 Ne mpanimfoɔ a wɔwɔ ne mu yɛ agyata a wɔbobom.+

N’atemmufoɔ yɛ anadwo mpataku.

Wɔwe biribiara; dompe mpo, wɔnnya bi mma adeɛ nkye so.

 4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ,* na nnaadaa ayɛ wɔn ma.+

N’asɔfoɔ gu nneɛma kronkron ho fĩ;+

Wɔmfa mmara no nyɛ hwee.+

 5 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ kuro no mu;+ ɔnyɛ bɔne.

Anɔpa biara ɔma wɔhunu n’atemmuo.+

Ɛte sɛ adekyeeɛ; ɛnni hwammɔ.

Nanso ɔbɔnefoɔ nnim aniwuo.+

 6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so abantenten yɛɛ pasaa.

Mesɛee wɔn akwan, na obiara amfa so.

Wɔn nkuro asɛe pasaa; obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+

 7 Mekaa sɛ, ‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wobɛsuro me na woatie kasakyerɛ,’*+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensɛe ne tenabea.+

Mɛtwe n’aso wɔ deɛ wayɛ nyinaa ho.*

Nanso afei koraa na na wɔn ani abere redi bɔne.+

 8 ‘Enti momfa ntoboaseɛ ntwɛn me,’*+ Yehowa asɛm nie,

Nkɔsi sɛ mɛsɔre abɛsesa nneɛma a wɔanya afiri ɛko mu,*

Ɛfiri sɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom, na maboaboa ahennie nyinaa ano.

Na mɛhwie m’abufuo, m’abufuhyeɛ nyinaa agu wɔn so.+

Na m’ani a abere sɛ gya no bɛma asaase no nyinaa ahye.+

 9 Afei mɛsesa aman no kasa ama wɔaka kasa kronkron bi,*

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din,

Na ama wɔde baakoyɛ asom no.’*+

10 Na wɔn a wɔrepa me kyɛw, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ wɔn ahwete no babaa no

De akyɛdeɛ bɛfiri Etiopia nsubɔnten ho abrɛ me.+

11 Saa da no, nneɛma a woyɛ de te me so atua no,+

W’ani renwu wɔ ho bio.

Ɛfiri sɛ mɛyi ahantanfoɔ a wɔhoahoa wɔn ho no afiri wo mu,

Na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔ kronkron no so.+

12 Mɛma ahobrɛasefoɔ ne mmɔborɔwafoɔ aka wɔ wo mu,+

Na wɔde Yehowa din bɛyɛ wɔn dwankɔbea.

13 Israelfoɔ a wɔbɛka no+ renyɛ adebɔne;+

Wɔrenni atorɔ, na wɔrennaadaa nkurɔfoɔ;*

Wɔbɛdidi na wɔadwodwo wɔn ho, na obiara renhunahuna wɔn.”+

14 O Sion babaa, di ahurisie!

O Israel, bɔ ose!+

O Yerusalem babaa, ma w’ani nnye na firi w’akoma mu nyinaa di ahurisie!+

15 Yehowa ayi atemmuo a ɛtia wo no afiri hɔ.+

Wama wo tamfo asan n’akyi.+

Israel hene Yehowa ka wo ho.+

Worensuro amanehunu biara bio.+

16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:

“O Sion, nsuro.+

Na mma w’aba mu mmmu.*

17 Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+

Ɔyɛ Otumfoɔ, na ɔbɛgye nkwa.

N’ani bɛgye na wadi wo ho ahurisie.+

Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm.*

Na wo nti, ɔde anigyeɛ bɛbɔ ose.

18 Wɔn a wɔnni w’afahyɛ ase nti wɔredi awerɛhoɔ no, mɛboaboa wɔn ano;+

Wɔnka wo ho, ɛfiri sɛ n’animguaseɛ da wɔn so.+

19 Hwɛ! Saa berɛ no, wɔn a wɔhyɛ wo so nyinaa, me ne wɔn bɛdi.+

Mɛgye deɛ ɔtɔ gu so no,+

Na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano.+

Na mɛma nkurɔfoɔ ayi wɔn ayɛ na wɔagye din

Wɔ asaase a wɔn anim guu ase wɔ so no nyinaa so.

20 Sɛ meboaboa mo ano saa berɛ no a,

Saa berɛ no na mede mo bɛba.

Na sɛ meboaboa mo nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano de wɔn brɛ mo a,

Mɛma moagye din, na nkurɔfoɔ ayi mo ayɛ+ wɔ asaase sofoɔ nyinaa mu,” Yehowa na aka.+

Deɛ ɛkyerɛ ne “Yehowa De Asie (Wɔde Ahinta).”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abosonsom ho nneɛma.

Anaa “anyame foforɔ asɔfoɔ.”

Anaa “pato.” Ɛbɛtumi akyerɛ baabi a ɔhene adwa sie.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Yerusalem kuro no fã a ɛbɛn Mpataa Pono no.

Anaa “wɔama adwadifoɔ no nyinaa ayɛ komm.”

Nt., “wɔn a wɔte sɛ nsã a ada aseɛ.”

Anaa “bobe nturo.”

Anaa “ɛde mmirikatɛntɛ reba!”

Nt., “nsono.”

Anaa “modwo.”

Nt., “n’atemmuo.”

Anaa “ɔdwoɔ.”

Anaa “wɔbɛkora mo so.”

Anaa “bɛyɛ wɔn hu.”

Anaa “ɔbɛma asaase so anyame nyinaa afonfɔn.”

Anaa “bɛsom.”

Anaa “n’adum ntaasoɔ.”

Anaa “wura mu mmoa su; mframa a ɛreyɛ dede.”

Nt., “Obiara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛhwɛ abɔ hwerɛma.”

Anaa “ntenesoɔ.”

Anaa “N’adiyifoɔ mmu hwee.”

Anaa “woagye ntenesoɔ.”

Anaa “Mɛma no abu deɛ wayɛ nyinaa ho akonta.”

Anaa “nhwɛ me kwan.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Nkɔsi sɛ mɛsɔre sɛ ɔdanseni.”

Anaa “kasa bi a wɔmfraa mu.”

Anaa “mmati korɔ asom no.”

Anaa “wɔrenhunu nnaadaa kɛtrɛma wɔ wɔn anom.”

Anaa “mma wo nsam nngo.”

Anaa “n’akoma bɛtɔ ne yam.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane