Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Hagai 1:1-2:23
  • Hagai

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hagai
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hagai

HAGAI

1 Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, Yehowa faa odiyifoɔ Hagai* so+ ka kyerɛɛ Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin no sɛ:

2 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɔman yi ka sɛ, “Berɛ nnya nsoe sɛ yɛsi* Yehowa fie* no.”’”+

3 Na Yehowa asɛm san faa odiyifoɔ Hagai+ so baa sɛ: 4 “Mo deɛ, berɛ aso ama mo sɛ motena adan a mode nnua asiesie mu no mu berɛ a efie yi abubuo, ɛnte saa?+ 5 Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Deɛ moreyɛ no, monnwene ho yie.* 6 Modua aba pii, nanso nnɔbaeɛ kakraa bi na motwa.+ Modidi, nanso mommee. Monom, nanso ɛnso mo. Mofira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye. Ɔpaani de n’akatua gu kotokuo a aseɛ nyinaa atutu ntokuro mu.’”

7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Deɛ moreyɛ no, monnwene ho yie.’*

8 “‘Momforo nkɔ bepɔ so nkɔbu nnua mmra,+ na monsi fie no,+ na m’ani bɛgye ho, na ɛbɛhyɛ me animuonyam,’+ Yehowa asɛm nie.”

9 “‘Mohwɛɛ nneɛma pii kwan, nanso kakraa bi na mo nsa kaeɛ; na berɛ a mode baa fie no, mehu guiɛ.+ Adɛn ntira?’ asafo Yehowa asɛm nie. ‘Ɛfiri sɛ me fie abubu, nanso mo deɛ, obiara di akɔneaba de hwɛ ne fie yie.+ 10 Ɛno nti, ɔsoro amma mo bosuo, na asaase nso amma mo nnɔbaeɛ. 11 Na mefrɛɛ ɛpɛ fitaa baa asaase so, ne mmepɔ so, ne hwiit,* ne bobesa foforɔ so, ne ngo so, ne asaase so afifideɛ so, ne onipa so, ne nyɛmmoa so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so.’”

12 Sealtiel ba+ Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔmanfoɔ a aka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn, na wɔtiee odiyifoɔ Hagai nsɛm no, ɛfiri sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfoɔ no firii aseɛ suroe.

13 Ɛnna Yehowa somafoɔ Hagai de asɛm a Yehowa de asoma no no too ɔman no anim sɛ: “‘Meka mo ho,’+ Yehowa asɛm nie.”

14 Afei Yehowa kanyan+ Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ɔkanyan Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no, na ɔkanyan ɔmanfoɔ a aka no nyinaa. Na wɔbae, na wɔfiri aseɛ yɛɛ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie no ho adwuma.+ 15 Ná ɛyɛ Ɔhene Dario+ ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so 24.

2 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 21 no, Yehowa faa odiyifoɔ Hagai so+ kaa sɛ: 2 “Mepa wo kyɛw, bisa Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ne Yehosadak+ ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no, ne ɔmanfoɔ a aka no sɛ: 3 ‘Mo mu hwan na waka a ɔhuu sɛdeɛ na efie* yi animuonyam teɛ kane no?+ Seesei nso mohu no sɛn? Sɛ mode toto kane deɛ no ho a, monhunu sɛ ɛnsɛ hwee koraa?’+

4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm nie, ‘na Yehosadak ba ɔsɔfo panin Yosua nso, hyɛ wo ho den.’

“‘Na asaase no sofoɔ nyinaa nso, monhyɛ mo ho den,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na monyɛ adwuma.’

“‘Ɛfiri sɛ meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 5 ‘Monkae ɛbɔ a mehyɛɛ mo berɛ a mofirii Egypt no,+ na me honhom da so ka mo ho.*+ Monnsuro.’”+

6 “Ɛfiri sɛ deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛrenkyɛ koraa, mɛwoso ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne asaase a ɛso awo.’+

7 “‘Na mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo* bɛba;+ na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma,’+ asafo Yehowa asɛm nie.

8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika kɔkɔɔ nso yɛ me dea,’ asafo Yehowa asɛm nie.

9 “‘Animuonyam a efie yi bɛnya daakye no bɛsene kane deɛ no,’+ asafo Yehowa na aka.

“‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha,’+ asafo Yehowa asɛm nie.”

10 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hagai+ sɛ: 11 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mepa wo kyɛw, bisa asɔfoɔ no asɛm yi fa mmara no ho sɛ:+ 12 “Sɛ obi de nam kronkron gu n’ataadeɛ mu, na ɔde n’ataadeɛ no ka paanoo anaa forɔeɛ anaa bobesa anaa ngo anaa aduane foforɔ biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa?”’”

Na asɔfoɔ no buaa sɛ: “Daabi!”

13 Ɛnna Hagai bisaa sɛ: “Sɛ obi a efunu* ama ne ho agu fĩ de ne nsa ka saa nneɛma yi bi a, adeɛ no ho bɛgu fĩ anaa?”+

Na asɔfoɔ no buaa sɛ: “Ɛho bɛgu fĩ.”

14 Enti Hagai kaa sɛ: “‘Saa ara na nkurɔfoɔ yi teɛ, saa ara na ɔman yi teɛ wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na saa ara na wɔn nsa ano adwuma nyinaa teɛ; biribiara a wɔde ba hɔ no ho agu fĩ.’

15 “‘Enti mepa mo kyɛw, ɛfiri saa da yi rekɔ, monnwene asɛm yi ho yie:* Ansa na wɔde ɛboɔ reto ɛboɔ so wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no,+ 16 na nneɛma te sɛn? Sɛ obi ba hwiit* a wɔaboa ano ho sɛ ɔbɛnya susukuruwa 20 a, 10 pɛ na na ɔnya; na sɛ obi ba amena a wɔkyĩ nsã wom ho sɛ ɔrebɛsa nsã susukuruwa 50 a, 20 pɛ na na ɔnya.+ 17 Mede ɛhyew a ano yɛ den baa mo so, na memaa yareɛ te sii mo mfuo so,+ na memaa asukɔtweaa baa mo so, ne mo nsa ano adwuma nyinaa so, nanso mo mu baako mpo ansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm nie.

18 “‘Mepa mo kyɛw, ɛfiri saa da yi rekɔ, monnwene asɛm yi ho yie,* ɛfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 24, ɛfiri da a wɔtoo Yehowa asɔrefie no fapem no;+ monnwene wei ho yie:* 19 Aba bi da so ara wɔ adekoradan* no mu anaa?+ Na ɛbɛsi nnɛ, bobe ne borɔdɔma ne granate akutuo* ne ngodua nnya nsoo aba, ɛnte saa? Ɛfiri saa da yi rekɔ mɛhyira mo.’”+

20 Na bosome no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa nam Hagai so kaa ne mprenu so+ sɛ: 21 “Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ, ‘Merebɛwoso ɔsoro ne asaase.+ 22 Na mɛka ahennie ahennwa abutu, na masɛe amanaman no ahennie ahoɔden;+ na mɛbutu teaseɛnam na mayi wɔn a wɔtete mu no ahwe, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so bɛhwehwe ase, na obiara bɛwu ne nua sekan ano.’”+

23 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘mɛfa wo, Sealtiel+ ba Serubabel,+ m’akoa,’ Yehowa asɛm nie; ‘na mede wo bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ kawa, ɛfiri sɛ wo na mayi wo,’ asafo Yehowa asɛm nie.”

Ɛkyerɛ, “Deɛ Wɔwoo No Afahyɛ Da.”

Anaa “yɛsan si.”

Anaa “asɔrefie.”

Anaa “momfa mo akoma nsi mo akwan so.”

Anaa “momfa mo akoma nsi mo akwan so.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “asɔrefie.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “berɛ a na me honhom gyina mo mu no.”

Anaa “nneɛma a ɛyɛ papa.”

Anaa “ɔkra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “momfa mo akoma nsi asɛm yi so.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “momfa mo akoma nsi asɛm yi so.”

Anaa “momfa mo akoma nsi wei so.”

Anaa “amena a wɔkora hwiit wom.”

Anaa “pomegranate.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane