SAKARIA
1 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu,+ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Sakaria*+ a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no sɛ: 2 “Yehowa bo fuu mo agyanom dendeenden.+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na aka.”’
4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom; wɔn na tete adiyifoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mepa mo kyɛw, monsan mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne ho.’”’*+
“‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’+ Yehowa asɛm nie.
5 “‘Seesei, mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no nso, wɔtenaa ase afebɔɔ anaa? 6 Mmara a mepɛ sɛ mo agyanom di so no, mede maa wɔn. Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔanni m’asɛm no so a, sei ne sei na ɛbɛto wɔn. Deɛ mekaeɛ no nyinaa baa mu maa mo agyanom hunui, ɛnte saa?’+ Enti wɔsan baa me nkyɛn, na wɔkaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ yɛn no, saa pɛpɛɛpɛ na wayɛ; watua yɛn ka sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nnwuma teɛ.’”+
7 Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu,+ bosome a ɛtɔ so 11 a wɔfrɛ no Sebat* no da a ɛtɔ so 24 no, Yehowa asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no nkyɛn, na ɔkaa sɛ: 8 “Menyaa anisoadehunu bi anadwo. Mehunuu sɛ ɔbarima bi te pɔnkɔ kɔkɔɔ so, na na ɔgyina ohwam nnua no mu wɔ subɔn no mu. Ná apɔnkɔ gyinagyina n’akyi; ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ kɔkɔɔ a ani dum, ɛnna ebi nso yɛ fitaa.”
9 Enti mebisaa sɛ: “Me wura, weinom nso ɛ?”
Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mɛkyerɛ wo baabi a weinom fire.”
10 Afei ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua no mu no kaa sɛ: “Weinom na Yehowa asoma wɔn sɛ wɔmmɛkyinkyini asaase so no.” 11 Na wɔka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ a na ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ: “Yɛakyinkyini asaase so, na hwɛ! asaase nyinaa so ayɛ dinn, na asomdwoeɛ wɔ so.”+
12 Enti Yehowa bɔfoɔ no bisaa sɛ: “O asafo Yehowa, da bɛn koraa na wobɛhu Yerusalem ne Yuda nkuro no mmɔbɔ,+ nkuro a wo bo afu wɔn mfeɛ 70 yi?”+
13 Ɛnna Yehowa de nsɛm a ɛyɛ dɛ ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no. 14 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Team ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Mede ahokeka bɛdi ama Yerusalem ne Sion; aane, ahokeka kɛseɛ na mede bɛyɛ.+ 15 Me bo afu aman a wɔn ho adwo wɔn no dendeenden,+ ɛfiri sɛ me bo fuu me man kakraa bi,+ nanso wɔmaa me man amanehunu yɛɛ kɛse.”’+
16 “Wei nti, deɛ Yehowa aka nie: ‘“Mede mmɔborɔhunu* bɛsan akɔ Yerusalem.+ Na wɔbɛsi me fie wɔ hɔ.+ Na wɔde susuhoma bɛsusu Yerusalem,” asafo Yehowa asɛm nie.’+
17 “San team bio na ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nneɛma pa bɛsan abu so wɔ me nkuro mu bio; na Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ,+ na ɔbɛsan ayi Yerusalem bio.”’”+
18 Afei mehwɛɛ soro, na mehuu mmɛn nnan.+ 19 Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Weinom yɛ deɛn?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Weinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda+ ne Israel+ ne Yerusalem+ hweteeɛ no.”
20 Afei Yehowa kyerɛɛ me adwumfoɔ* nnan. 21 Na mebisaa sɛ: “Ɛdeɛn na weinom rebɛyɛ?”
Na ɔkaa sɛ: “Weinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda hweteeɛ a obiara antumi amma ne tiri so no. Na weinom nso bɛba abɛma wɔabɔ hu, na wɔatutu aman no mmɛn, aman a wɔmaa wɔn mmɛn so tiaa Yuda asaase maa wɔbɔ hweteeɛ no.”
2 Na mehwɛɛ soro, na mehuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma+ wɔ ne nsam. 2 Enti mebisaa no sɛ: “Ɛhe na worekɔ?”
Ɛnna ɔkaa sɛ: “Merekɔsusu Yerusalem ahwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ.”+
3 Na hwɛ! Ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no pueeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no. 4 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘“Nnipa bɛtena Yerusalem+ te sɛ kuro bi a ɔfasuo nni ho, ɛsiane nnipa ne nyɛmmoa bebree a ɛwɔ hɔ nti.+ 5 Na mɛyɛ me ho egya fasuo atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia,+ na mɛma m’animuonyam ahyɛ hɔ ma,”+ Yehowa asɛm nie.’”
6 “Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asaase no so,”+ Yehowa asɛm nie.
“Ɛfiri sɛ mabɔ mo ahwete ɔsoro mframa nnan no mu,”+ Yehowa asɛm nie.
7 “Sion, bra! Wo a wo ne Babilon babaa teɛ, dwane.+ 8 Berɛ a wɔhyɛɛ asafo Yehowa animuonyam wieeɛ no, ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfom mo nneɛma no nkyɛn,+ na ɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’ani kosua.*+ 9 Ɛfiri sɛ seesei merema me nsa so atia wɔn, na wɔn ankasa nkoa bɛfom wɔn nneɛma.’+ Na mobɛhunu ampa sɛ asafo Yehowa na asoma me.
10 “O Sion babaa, bɔ ose,+ ɛfiri sɛ mereba,+ na mɛtena wo mu,”+ Yehowa asɛm nie. 11 “Saa da no, aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho,+ na wɔbɛyɛ me man; na mɛtena wo mu.” Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me aba wo nkyɛn. 12 Na Yehowa bɛfa Yuda de ayɛ ne kyɛfa wɔ asaase kronkron no so, na ɔbɛsan ayi Yerusalem bio.+ 13 Ɔhonam* nyinaa, monyɛ komm wɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ wakeka ne ho, na ɔfiri ne tenabea kronkron hɔ reba.
3 Na ɔmaa mehuu ɔsɔfo panin Yosua.+ Ná ɔgyina Yehowa bɔfoɔ no anim, na na Satan+ nso gyina Yosua nsa nifa so a ɔpɛ sɛ ɔsi no kwan. 2 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan+ sɛ: “Yehowa nka w’anim, Satan; aane, Yehowa a wayi Yerusalem+ no nka w’anim! Wei nyɛ dua a wɔahwim afiri egya mu anaa?”
3 Saa berɛ no, na Yosua hyɛ ataade fĩ gyina ɔbɔfoɔ no anim. 4 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina n’anim no sɛ, “Monyi n’ataade fĩ no mfiri ne ho.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne* afiri wo ho, na wɔde ataadeɛ a ani teɛ* bɛhyɛ wo.”+
5 Enti mekaa sɛ: “Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ ne ti.”+ Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ ne ti, na wɔhyɛɛ no ataadeɛ; saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina nkyɛn hɔ baabi. 6 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Sɛ wonante m’akwan so, na woyɛ adwuma a mede ama wo no a, ɛnneɛ wobɛyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me fie+ na woahwɛ m’adihɔ so;* na mɛma woanya kwan aba me nkyɛn te sɛ wɔn a wɔgyinagyina ha yi.’
8 “‘O Ɔsɔfo Panin Yosua, mepa wo kyɛw, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtena w’anim no, montie, ɛfiri sɛ saa mmarima no gyina hɔ ma deɛ ɛbɛsi daakye. Hwɛ! Mede m’akoa+ a ne din de Mfefɛeɛ+ no reba! 9 Hwɛ ɛboɔ a mede ato Yosua anim no! Ɛboɔ baako pɛ yi so na ani nson wɔ; na meretwerɛ* biribi agu so,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na mede da koro bɛyi asaase no bɔne* afiri hɔ.’+
10 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘mo mu biara bɛfrɛ ne yɔnko akɔ ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase.’”+
4 Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no san bae, na ɔnyanee me te sɛ deɛ ɔrenyane obi a wada. 2 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”
Na mekaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu kaneadua bi a wɔde sika kɔkɔɔ nko ara+ na ayɛ a kyɛnsee si so. Nkanea nson sisi so,+ aane, nson; na nkanea a ɛsisi so no wowɔ dorobɛn nson. 3 Na ngodua mmienu sisi ho;+ baako wɔ kyɛnsee no nifa so, ɛnna baako nso wɔ benkum so.”
4 Afei mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, weinom nyinaa kyerɛ sɛn?” 5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no nso bisaa me sɛ: “Enti wonnim deɛ weinom nyinaa kyerɛ?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mennim, me wura.”
6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔreka akyerɛ Serubabel nie: ‘“Ɛnyɛ asraafoɔdɔm anaa nnipa ahoɔden,+ na mmom me honhom na menam so bɛyɛ weinom nyinaa,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 7 O bepɔ kɛseɛ, woyɛ hwan? Wobɛdane asaasetraa+ wɔ Serubabel anim.+ Na ɔde atifi boɔ no bɛba berɛ a wɔrebɔ ose. Wɔbɛbɔ ose aka sɛ: “Hwɛ ne fɛ! Hwɛ ne fɛ!”’”
8 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 9 “Serubabel nsa na ɛtoo efie yi fapem,+ na ɔno ara ne nsa na ɛbɛwie.+ Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. 10 Mma obiara mmmu ɛda a adwuma no firii aseɛ nketenkete no animtia.+ Ɛfiri sɛ wɔbɛdi ahurisie, na wɔbɛhunu prumo* wɔ Serubabel nsam. Nson yi yɛ Yehowa ani a ɛkyini fa asaase nyinaa so no.”+
11 Na mebisaa no sɛ: “Ngodua mmienu a ɛsisi kaneadua no nifa ne ne benkum yi kyerɛ sɛn?”+ 12 Ɛnna mebisaa no ne mprenu so sɛ: “Ngodua nkorabata* mmienu yi, deɛ ɛhwie ngo a ani te sɛ sika kɔkɔɔ fa sika kɔkɔɔ dorobɛn mmienu mu no, ɛkyerɛ sɛn?”
13 Na ɔbisaa me sɛ: “Enti wonnim deɛ weinom kyerɛ?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mennim, me wura.”
14 Enti ɔkaa sɛ: “Weinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn a wɔgyina asaase nyinaa Wura no nkyɛn no.”+
5 Afei mehwɛɛ soro bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem. 2 Na ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”
Ɛnna mekaa sɛ: “Mehunu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem. Ne tenten yɛ basafa* 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10.”
3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne nnome a apue rekɔ asaase nyinaa so, ɛfiri sɛ nwoma mmobɔeɛ no fã baako kasa tia korɔno, nanso obiara a ɔbɔ korɔno+ afa ne ho adi. Nwoma mmobɔeɛ no fã baako a aka no kasa tia ntam hunu, nanso obiara a ɔka ntam hunu+ afa ne ho adi. 4 ‘Me na memaa no pue kɔeɛ,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na ɛbɛkɔ korɔmfoɔ fie na akɔ deɛ ɔde me din ka ntam hunu no fie; na ɛbɛtena saa fie no mu na asɛe fie no ne emu nnua ne emu aboɔ nyinaa.’”
5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no san baa me nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma w’ani so na hwɛ deɛ apue rekɔ yi.”
6 Ɛnna mebisaa sɛ: “Ɛyɛ deɛn?”
Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ efa susudeɛ* na apue rekɔ no.” Na ɔtoaa so sɛ: “Sei na wɔteɛ wɔ asaase nyinaa so.” 7 Na mehunuu sɛ wɔapagya mmuasoɔ kurukuruwa a wɔde sumpii* ayɛ no, na na ɔbaa bi te susudeɛ no mu. 8 Enti ɔkaa sɛ: “Amumuyɛ nie.” Na ɔkaa no hyɛɛ efa susudeɛ no mu, na ɔde sumpii a emu yɛ duru no kataa ano.
9 Afei mehwɛɛ soro, na mehuu mmaa mmienu bi a wɔatu fãã nam mframa mu reba. Ná wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban. Na wɔmaa susudeɛ no so faa wiem.* 10 Enti mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susudeɛ no rekɔ?”
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde no rekɔ Sinar* asaase so+ akɔsi dan ama no. Na sɛ wɔsi wie a, wɔde no bɛtena hɔ, baabi a ɛfata no no.”
6 Afei mehwɛɛ soro bio, na mehuu sɛ nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu ntam reba, na na mmepɔ no yɛ kɔbere mmepɔ. 2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔ tuntum+ na na ɛretwe. 3 Teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔ fitaa na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ damedame ne nsisiinsisii+ na na ɛretwe.
4 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, weinom nso ɛ?”
5 Ɛnna ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: “Weinom yɛ ɔsoro ahonhom nnan no.+ Wɔbɛgyinagyinaa asaase nyinaa Wura no anim,+ na wɔapue rekɔ. 6 Deɛ* apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ atifi fam asaase so;+ apɔnkɔ fitaa no rekɔ po agya, ɛnna apɔnkɔ damedame no rekɔ anaafoɔ fam asaase so. 7 Na apɔnkɔ nsisiinsisii no deɛ, na wɔrepɛ ntɛm apue akɔkyinkyini asaase so.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monkɔ, monkɔkyinkyini asaase so.” Na wɔfirii aseɛ kyinkyinii asaase so.
8 Ɛnna ɔteaam frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asaase so no ama Yehowa honhom ahome wɔ atifi fam asaase no so.”
9 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 10 “Gye deɛ Heldai ne Tobiya ne Yedaia de firi wɔn a wɔatu wɔn ase kɔ obi man so hɔ baeɛ no; na saa da no, wo ne wɔn a wɔfiri Babilon aba no nkɔ Sefania ba Yosia fie. 11 Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛ,* na fa hyɛ Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin no ti.+ 12 Na ka kyerɛ no sɛ,
“‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wei ne ɔbarima a ne din de Mfefɛeɛ+ no. Ɔbɛfefɛ wɔ ne tenabea, na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie no.+ 13 Ɔno na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie no, na ɔno na ɔbɛnya animuonyam no. Ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene, na ɔbɛsan ayɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahennwa so,+ na asomdwoeɛ bɛtena mmienu no ntam.* 14 Na ahenkyɛ* no bɛyɛ nkaeɛ adeɛ ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen wɔ Yehowa asɔrefie hɔ. 15 Na nnipa a wɔfiri akyirikyiri bɛba, na wɔabɛsi Yehowa asɔrefie no bi.” Na mobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm a, weinom nyinaa bɛba mu.’”
7 Na Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew* no da a ɛtɔ so nnan no, Yehowa ne Sakaria+ kasae. 2 Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ, 3 na wɔmmisa asafo Yehowa fie* asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no mu,+ na menyɛ akɔnkyene* sɛdeɛ mayɛ mfeɛ pii no anaa?”
4 Na asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 5 “Bisa asaase no sofoɔ ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Berɛ a moyɛɛ akɔnkyene na mosuu bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson no mu+ mfeɛ 70 no,+ moyɛɛ akɔnkyene no maa me anaa? 6 Na berɛ a modidiiɛ na monomeeɛ no, ɛnyɛ mo ara na modidiiɛ na monom faeɛ? 7 Asɛm a Yehowa nam tete adiyifoɔ so de too dwa no,+ ɛnsɛ sɛ motie anaa? Saa berɛ no, na nnipa tete Yerusalem ne ɛho nkuro mu, na na wɔwɔ asomdwoeɛ. Negeb ne Sefela nso, na nnipa tete hɔ.’”
8 Yehowa asɛm san baa Sakaria nkyɛn bio sɛ: 9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mommu atɛntenenee,+ na obiara nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko+ na ɔnhu no mmɔbɔ. 10 Monhwɛ na moansisi okunafoɔ anaa agyanka+ anaa ɔhɔhoɔ+ anaa ohiani,+ na obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔ bɔne wɔ n’akomam.’+ 11 Nanso wɔantie,+ na wɔyɛɛ asoɔden,*+ na wɔsisii wɔn aso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente.+ 12 Wɔmaa wɔn akoma yɛɛ sɛ dɛnkyɛmmoɔ,*+ na wɔantie mmara* ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom so de faa tete adiyifoɔ no so no.+ Enti asafo Yehowa bo fuu wɔn dendeenden.”+
13 “‘Sɛdeɛ mefrɛe a wɔantie no,+ saa ara na wɔn nso bɛfrɛ, na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 14 ‘Na memaa mframa a ano yɛ den bɔɔ wɔn hwete kɔɔ aman a wɔnnim so no nyinaa so,+ na asaase no daa mpan wɔ wɔn akyi; obi nkɔ, obi mma.+ Na wɔmaa asaase fɛfɛɛfɛ no danee biribi a ɛyɛ hu.’”
8 Asafo Yehowa asɛm san baa bio sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mede ahokeka kɛseɛ bɛdi ama Sion,+ na mede abufuo kɛseɛ bɛdi ama no.’”
3 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛsan aba Sion+ na mabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokorɛ kuro,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔ no sɛ bepɔ kronkron.’”+
4 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Nkɔkoraa ne mmerewa bɛsan abɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio, na nyinkyɛ nti* obiara bɛkura ne poma.+ 5 Na mmarimaa ne mmaayewa bɛhyɛ kuro no mmɔnten so ma, na wɔadi agorɔ wɔ hɔ.’”+
6 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɔman yi mu nnipa a aka saa berɛ no, sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn a, me nso ɛbɛyɛ den ama me anaa?’ asafo Yehowa asɛm nie.”
7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛgye me man afiri apueeɛ asaase so ne atɔeɛ asaase so.*+ 8 Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni no.’”
9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monhyɛ mo nsam den,*+ mo a seesei mote nsɛm yi firi adiyifoɔ no anom no,+ nsɛm a wɔkaa no da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no. 10 Ɛfiri sɛ ansa na saa berɛ no reba no, na akatua biara nni hɔ mma onipa ne aboa;+ na ɔtamfo no nti, na ɛyɛ hu ma deɛ ɔrekɔ ne deɛ ɔreba nyinaa, ɛfiri sɛ memaa nnipa nyinaa tentan wɔn ho.’
11 “‘Na seesei deɛ, me ne nnipa a aka yi renni sɛdeɛ me ne wɔn dii tete no,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 12 ‘Wɔbɛdua asomdwoeɛ aba; bobe bɛso n’aba, na asaase bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na ɔsoro bɛma ne bosuo. Na mede weinom nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13 O Yuda fie ne Israel fie, sɛdeɛ moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na mɛgye mo, na mobɛyɛ nhyira.+ Monnsuro!+ Monhyɛ mo nsam den.’*+
14 “Na deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Mebɔɔ me tirim sɛ mede mmusuo bɛba mo so, ɛfiri sɛ mo agyanom hyɛɛ me abufuo,” asafo Yehowa asɛm nie, “na mannu me ho.+ 15 Na seesei deɛ, mabɔ me tirim sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fie bɛdi no yie.+ Enti monnsuro!”’+
16 “‘Deɛ monyɛ nie: Obiara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokorɛ ne asomdwoeɛ mmu atɛn wɔ mo kuro apono ano.+ 17 Obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔ bɔne wɔ n’akomam,+ na mommma mo ani nnnye ntam hunu ho,+ ɛfiri sɛ mekyiri weinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie.”
18 Asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 19 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Akɔnkyene* a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nnan,+ akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nnum,+ akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nson,+ ne akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so du mu+ nyinaa bɛyɛ anigyeɛ ne ahurisie berɛ ama Yuda fie; ɛbɛyɛ afahyɛ ahodoɔ a ɛyɛ anigyeɛ.+ Enti monni nokorɛ na monhwehwɛ asomdwoeɛ.’
20 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɛbɛba sɛ aman ne nkuro pii mufoɔ bɛba; 21 na kuro baako mu nnipa bɛkɔ kuro foforɔ mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ na yɛnkɔsrɛ Yehowa sɛ ɔnhu yɛn mmɔbɔ, na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan. Me nso mɛkɔ bi.”+ 22 Na aman pii ne aman akɛseɛ bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkoto asrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ.’
23 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Saa berɛ no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa hodoɔ nyinaa+ bɛsosɔ Yudani* baako ataadeɛ* mu, aane, wɔbɛsosɔ mu dendeenden aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+
9 Atemmusɛm:
“Wei yɛ Yehowa asɛm a ɛtia Hadrak asaase,
Na Damasko paa na ɛkɔ ma no,*+
Ɛfiri sɛ Yehowa ani wɔ nnipa so,+
Na n’ani wɔ Israel mmusuakuo nyinaa so.
Ɔboaboaa dwetɛ pii ano te sɛ mfuturo,
Na ɔboaboaa sika kɔkɔɔ pii ano te sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+
5 Askelon bɛhunu, na ɔbɛsuro;
Gasa ho bɛyera no paa,
Ekron nso ho bɛyera no paa, ɛfiri sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ ne mu no anim agu ase.
Ɔhene bɛyera afiri Gasa,
Na obiara rentena Askelon.+
7 Mɛyi nneɛma a mogya akekã mu no afiri n’anom,
Na mɛyi nneɛma a ɛyɛ tan no afiri ne se mu,
Na wɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn;
Ɔbɛyɛ sɛ abusuapanin wɔ Yuda,+
Na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.+
8 Mɛyɛ me ho ɔwɛmfoɔ* na mabɔ me fie ho ban;+
Obiara rentwam mfa hɔ, na obiara remfiri hɔ mma.
Na nhyɛsofoɔ biara remfa hɔ bio,+
Ɛfiri sɛ seesei me ara mede m’ani ahunu.*
9 O Sion babaa, ma w’ani nnye paa.
O Yerusalem babaa, team bɔ ose.
Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+
10 Mɛyi ɛko teaseɛnam afiri Efraim,
Na mayi pɔnkɔ afiri Yerusalem.
Wɔbɛyi agyan a wɔde kɔ ɛko no afiri hɔ.
Na ɔbɛka asomdwoeɛsɛm akyerɛ aman;+
Ɔbɛdi hene afiri po so akɔ po so,
12 Mo, nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ, monsan mmra aban a ɛyɛ den no mu.+
Mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ,
‘O ɔbaa, mɛma wo akatua mmɔho.+
13 Na mɛkuntunu Yuda mu* te sɛ m’agyan.
Mede Efraim bɛhyɛ mu,*
Na mɛkanyan wo mma mmarima, O Sion,
Ama wɔaba wo mma mmarima so, O Greece,
Na mede wo bɛyɛ sɛ ɔsabarima sekan.’
14 Yehowa bɛma ada adi sɛ ɔka wɔn ho,
Na n’agyan bɛpue akɔ te sɛ anyinam.
Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛbɔ abɛn,+
Na ɔbɛfa anaafoɔ fam mframa a ano yɛ den mu akɔ.
Wɔbɛnom na wɔayɛ hagyahagya te sɛ deɛ wɔanom nsã;
Wɔbɛyɛ sɛ kuruwa a nsã ayɛ no ma,
Na wɔayɛ sɛ mogya a wɔahwie agu afɔrebukyia ntwea so.+
16 Saa da no, Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn
Sɛ ne man nnwan;+
Ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ ahenkyɛ* mu aboɔden aboɔ hyɛnhyɛn wɔ n’asaase so.+
Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ frɔmfrɔm,
Na bobesa foforɔ ama mmaabunu ho ayɛ fɛ.”+
10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma nsuo ntɔ wɔ fefɛ berɛ* mu.
Yehowa na ɔyɛ mununkum a ɛde suframa ne aprannaa ba,
Na ɔno na ɔma nsuo tɔ ma nnipa,+
Na ɔma obiara nya afuo mu aduane.
Adaeɛ hunu na wɔka ho asɛm,
Na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.
Wei nti, wɔbɛkyinkyini te sɛ nnwan.
Wɔbɛhunu amane, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ.
3 Me bo afu nnwanhwɛfoɔ no dendeenden,
Na atumfoɔ a wɔn tirim yɛ den* no bɛyi wɔn ano akyerɛ me;
Ɛfiri sɛ asafo Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ ne nnwan,+ watwa n’ani abɛhwɛ Yuda fie.
Na wayɛ wɔn sɛ pɔnkɔ nimuonyamfoɔ a ɔde no kɔ ɛko.
4 Ne mu na otitire* no bɛfiri aba,
Ne mu na sodifoɔ a ɔyɛ kyigyinafoɔ* no bɛfiri aba,
Ne mu na agyan a wɔde kɔ ɛko no bɛfiri aba;
Ne mu na ɔhwɛfoɔ* biara bɛpue akɔ; wɔn nyinaa bɛbom afiri ne mu.
5 Wɔbɛyɛ sɛ akatakyie
A wɔtiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɛko mu.
Mɛma wɔasi wɔn dada mu bio,
Ɛfiri sɛ mɛhu wɔn mmɔbɔ;+
Na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentoo wɔn ntwenee da;+
Ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.
Wɔn mma bɛhunu wei na wɔadi ahurisie;
Wɔn akoma ani bɛgye wɔ Yehowa mu.+
8 ‘Mɛbɔ hwerɛma afrɛ wɔn, na maboa wɔn ano;
Ɛfiri sɛ mɛgye wɔn,+ na wɔbɛyɛ bebree,
Na wɔbɛkɔ so ara adɔɔso.
9 Mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman hodoɔ so,
Nanso berɛ a wɔwɔ akyirikyiri mpo wɔbɛkae me;
Wɔne wɔn mma bɛgyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.
10 Mede wɔn bɛfiri Egypt asaase so aba,
Na maboaboa wɔn ano afiri Asiria aba.+
Mede wɔn bɛba Gilead+ ne Lebanon asaase so,
Na ɛhɔ mpo, wɔn dodoɔ nti wɔrenkɔ hɔ.+
11 Ɔbɛfa ɛpo no mu, na ɔbɛma ɛpo no ho ayera no;
Na ɔde adeɛ bɛbɔ asorɔkye no wɔ ɛpo no mu;+
Nil bɛwe akɔduru aseɛ tɔnn.
Deɛ Asiria de hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase,
Na Egypt ahempoma bɛkɔ.+
12 Mɛma wɔayɛ den wɔ Yehowa mu,+
Na wɔbɛnante ne din mu,’+ Yehowa asɛm nie.”
11 “O Lebanon, buebue w’apono,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a egya bɛhye wo sida nnua.
2 O papao dua, su teateam, ɛfiri sɛ sida dua no ahwe ase;
Wɔasɛe nnua akɛseɛ no!
Basan odum nnua, monsu nteateam,
Ɛfiri sɛ kwaeɛbirentuo no asɛe!
3 Montie! Nnwanhwɛfoɔ resu teateam,
Ɛfiri sɛ wɔasɛe wɔn animuonyam.
Montie! Agyata* a wɔn ho yɛ den rebobom,
Ɛfiri sɛ wɔasɛe Yordan kwaeɛbirentuo no.
4 “Deɛ Yehowa me Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so,+ 5 nnwan a wɔn a wɔtɔ wɔn no ku wɔn,+ nanso wɔfa wɔn ho die no. Na wɔn a wɔtɔn wɔn no+ ka sɛ, “Ayeyie nka Yehowa, ɛfiri sɛ mɛnya sika.” Na wɔn ahwɛfoɔ nni ayamhyehyeɛ biara mma wɔn.’+
6 “‘Merenhu asaase no sofoɔ mmɔbɔ bio,’ Yehowa asɛm nie. ‘Enti mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko nsa, ne ne hene nsa. Na wɔbɛsɛe asaase no, na merennye obiara mfiri wɔn nsam.’”
7 Na mefirii aseɛ hwɛɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so,+ O nnwan a mo asɛm yɛ mmɔbɔ; mehwɛɛ mo so. Enti mefaa poma mmienu. Metoo baako din Anisɔ, ɛnna metoo baako nso din Nkabom,+ na mefirii aseɛ hwɛɛ nnwan no so. 8 Na meyii nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa adi wɔ bosome baako mu, ɛfiri sɛ mannya* wɔn ho akoma bio. Na wɔn nso, na wɔkyiri* me. 9 Na mekaa sɛ: “Merenhwɛ mo so bio. Ma deɛ ɔrewuo no nwu. Na ma deɛ ɔresɛe no nsɛe. Na wɔn a aka no deɛ, ma obiara nwe ne yɔnko nam.” 10 Enti mefaa me poma a metoo din Anisɔ no,+ na metwitwaa mu. Meyɛɛ saa de twaa apam a na me ne ɔman no nyinaa ayɛ no mu. 11 Enti apam no mu twaa saa da no, na nnwan a wɔayɛ mmɔbɔ a na wɔrehwɛ deɛ mereyɛ no hunuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.
12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so a, momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, monnyae.” Enti wɔde* m’akatua maa me; wɔmaa me nnwetɛbena 30.+
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To gu sika akoraeɛ hɔ, ɛfiri sɛ ɛno ne animuonyam boɔ a wɔatwa ato me so.”+ Enti mefaa nnwetɛbena 30 no, na meto guu Yehowa fie sika akoraeɛ hɔ.+
14 Afei metwitwaa me poma a ɛtɔ so mmienu a metoo din Nkabom no mu.+ Meyɛɛ saa de sɛee Yuda ne Israel nuayɛ no.+
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Afei fa adeɛ a odwanhwɛfoɔ a mfasoɔ biara nni ne so no de yɛ adwuma no.+ 16 Ɛfiri sɛ mɛma odwanhwɛfoɔ bi aba asaase no so. Ɔrenhwɛ nnwan a wɔrewuwuo no.+ Nnwan nkumaa no, ɔrenhwehwɛ wɔn, na wɔn a wɔapirapira no nso,+ ɔrensa wɔn yareɛ. Wɔn a wɔgyina wɔn nan so no, ɔremma wɔn aduane. Mmom, nnwan a wɔadɔre sradeɛ no, ɔbɛwe wɔn nam,+ na watwitwa wɔn nan a ɛsisi fam no.+
17 Me dwanhwɛfoɔ a mfasoɔ biara nni ne so+ a wagya nnwan no hɔ no nnue!+
Sekan bɛtwa ne basa ne n’ani nifa.
Ne basa no bɛwu kodwoo tɔ,
Na n’ani nifa bɛfira korakora.”*
12 Atemmusɛm:
“Wei yɛ Yehowa asɛm a ɛfa Israel ho,” Yehowa asɛm nie,
Deɛ ɔtrɛɛ ɔsoro mu,+
Na ɔtoo asaase fapem,+
Na ɔyɛɛ honhom* a ɛwɔ onipa mu no.
2 “Hwɛ, mɛma Yerusalem ayɛ kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ afã-afã, na wɔbɛka Yuda ne Yerusalem ahyɛ mu.+ 3 Saa da no, mɛma Yerusalem ayɛ ɛboɔ a emu yɛ duru* ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa bɛpira paa,+ na asaase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba ne so.”+ 4 Deɛ Yehowa aka nie: “Saa da no, mɛma ehu aka apɔnkɔ nyinaa, na wɔn a wɔtete wɔn so no bɛbobɔ adam. Mɛma m’ani akɔ Yuda fie so, na amanaman no apɔnkɔ deɛ, mɛma wɔn nyinaa ani afirafira. 5 Na Yuda abusua mpanimfoɔ bɛka no wɔ wɔn akomam sɛ, ‘Yerusalemfoɔ ne m’ahoɔden, asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn nti.’+ 6 Saa da no, mɛma Yuda abusua mpanimfoɔ ayɛ sɛ kukuo a egya wom wɔ nnua ntam, na wɔbɛyɛ sɛ tɛnee* wɔ hwiit* a wɔatwa agu hɔ akuakuo mu.+ Na ɛbɛhye aman a atwa ne ho ahyia wɔ benkum ne nifa nyinaa,+ na nkurɔfoɔ bɛsan atena wɔn tenabea bio wɔ Yerusalem.*+
7 “Na Yehowa bɛdi kan agye Yuda ntomadan, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam renyɛ kɛseɛ nsene Yuda. 8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfoɔ ho ban;+ saa da no, deɛ ɔbɛsunti* wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyame, te sɛ Yehowa bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim no.+ 9 Saa da no, aman a wɔbɛba Yerusalem so nyinaa, sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛhye wɔn ase.+
10 “Mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔbɛhwɛ deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no,+ na wɔbɛsu no pii te sɛ deɛ wɔresu wɔn ba baako pɛ a wawuo, na wɔbɛsu no paa te sɛ deɛ wɔresu wɔn abakan a wawuo. 11 Saa da no, wɔbɛsu ateateam pii wɔ Yerusalem te sɛ deɛ wɔsu teateaam wɔ Hadadrimon wɔ Megido Asaasetraa so+ no. 12 Asaase no nyinaa bɛsu, abusua biara bɛsu ne su; Dawid fie abusua bɛsu, na wɔn mmaa nso asu; Natan fie abusua+ bɛsu, na wɔn mmaa nso asu; 13 Lewi fie abusua+ bɛsu, na wɔn mmaa nso asu; Simeifoɔ abusua+ bɛsu, na wɔn mmaa nso asu; 14 na mmusua a aka nyinaa bɛsu, abusua biara bɛsu ne su, na wɔn mmaa nso asu.
13 “Saa da no, wɔbɛtu abura bi ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ, na wɔde bɛte wɔn ho afiri bɔne ne efĩ ho.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛpepa ahoni din afiri asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ ne honhom fĩ nyinaa afiri asaase no so.+ 3 Na sɛ obi hyɛ nkɔm bio a, ne maame ne ne papa a wɔwoo no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wobɛwu, ɛfiri sɛ wode Yehowa din atwa atorɔ.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne maame ne ne papa a wɔwoo no de adeɛ bɛwɔ ne mu.+
4 “Saa da no, odiyifoɔ biara bɛfɛre sɛ ɔbɛka anisoadehunu de ahyɛ nkɔm. Na wɔrenhyɛ nwi ataadeɛ+ mfa nnaadaa nkurɔfoɔ bio. 5 Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ obi a ɔdɔ, na berɛ a meyɛ abɔfra na obi tɔɔ me.’ 6 Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Na akuro a ɛwowɔ wo mmati* yi nso ɛ?’ Ɔbɛka sɛ, ‘Me nnamfo* fie na mepiraeɛ.’”
7 “O sekan, sɔre bra me dwanhwɛfoɔ no so,+
Sɔre bra ɔbarima no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko no,” asafo Yehowa asɛm nie.
8 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Asaase no sofoɔ nyinaa,
Wɔbɛkyɛ wɔn mu mmiɛnsa na wɔatwa emu mmienu agu ama wɔasɛe;*
Na baako a aka no, wɔbɛgya wɔ so.
9 Na baako a aka a mɛgya wɔn wɔ so no, mede wɔn bɛfa egya mu;
Na mɛnane wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ no,
Na mɛsɔ wɔn ahwɛ te sɛ deɛ wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+
Wɔbɛbɔ me din,
Na me nso magye wɔn so.
Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man,’+
Na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”
14 “Hwɛ! Ɛda bi reba; ɛyɛ Yehowa da. Saa da no, nneɛma a wɔanya* afiri wo* mu no, wɔbɛkyɛ no wɔ wo mu. 2 Mɛboaboa aman nyinaa ano ama wɔne Yerusalem abɛko; na wɔbɛfa kuro no, na wɔafom emu adan, na wɔato mmaa mmonnaa. Na wɔbɛsoa kuro no fã akɔ, na wɔn a ɛbɛka no, wɔrenku wɔn* mfiri kuro no mu.
3 “Yehowa bɛpue ne saa aman no akɔko+ te sɛ ɛda a ɔrekɔ ɛko.+ 4 Saa da no, ne nan bɛsi Ngodua Bepɔ*+ a ɛsi Yerusalem anim wɔ apueeɛ fam no so, na Ngodua Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ* akɔsi atɔeɛ.* Na ɛbɛma ɛbɔn kɛseɛ paa abɛda hɔ, na bepɔ no fã bɛtwe akɔ atifi, na ɛfã akɔ anaafoɔ. 5 Na mobɛdwane akɔ me mmepɔ bɔn no mu, ɛfiri sɛ mmepɔ bɔn no bɛkɔ akɔduru Asel tɔnn. Na mobɛdwane sɛdeɛ asaasewosoɔ a ɛsii wɔ Yuda hene Usia berɛ so nti,+ modwaneeɛ no. Na Yehowa me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.+
6 “Saa da no, hann kɛseɛ biara renhyerɛn,+ na nneɛma bɛkyenkyene.* 7 Na ɛbɛyɛ da baako bi a wɔnim sɛ ɛyɛ Yehowa dea.+ Adekyeeɛ nni hɔ, na adesaeɛ nni hɔ; na anwummerɛ mpo bɛyɛ hann. 8 Saa da no, nkwa nsuo+ bɛtene afiri Yerusalem;+ ɛfã bɛkɔ apueeɛ po* mu,+ na ɛfã akɔ atɔeɛ po* mu.+ Ɛbɛba ahuhuro berɛ ne awɔ berɛ mu. 9 Na Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ asaase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ baako,+ na ne din ayɛ baako.+
10 “Asaase no nyinaa bɛyɛ sɛ Araba,+ afiri Geba+ akɔsi Rimon+ wɔ Yerusalem anaafoɔ fam; ɔbɛsɔre, na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ afiri Benyamin Pono no ano+ akɔsi Ɛpono a Ɛdi Kan no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akɔsi Ntwea So Pono no ano, na ɛbɛfiri Hananel Abantenten no ho+ akɔsi ɔhene amena a wɔkyĩ nsa wom no ho. 11 Nnipa bɛba abɛtena mu, na wɔrennome no mma ɛnsɛe bio da,+ na nnipa bɛtena Yerusalem dwoodwoo.+
12 “Aman a wɔbɛko atia Yerusalem no, ɔhaw a Yehowa de bɛba wɔn so nie:+ Wɔn honam bɛporɔ berɛ a wɔda so gyina wɔn nan so, wɔn ani bɛporɔ wɔ wɔn ani tokuro mu, na wɔn kɛtrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anom.
13 “Saa da no, Yehowa bɛma wɔn nyinaa ho ayera wɔn; na obiara bɛsɔ ne yɔnko nsa, na obiara bɛma ne nsa so atia ne yɔnko nsa.*+ 14 Ɛko a ɛbɛkɔ so wɔ Yerusalem no, Yuda nso bɛko bi, na wɔbɛboaboa aman a atwa kuro no ho ahyia nyinaa ahodeɛ ano, sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne ntaadeɛ bebree.+
15 “Na ɔhaw a ɛte saa ara bi na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ ne yoma ne mfunumu ne nyɛmmoa biara a ɛwɔ asoɛeɛ hɔ bɛhyia.
16 “Aman a wɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no nyinaa, obiara a ɔbɛka wom no, afe biara, ɔbɛforo akɔ Yerusalem+ akɔkoto* Ɔhene no, asafo Yehowa,+ na wadi Apata* Afahyɛ no.+ 17 Na asaase so mmusua nyinaa mu, sɛ wɔn mu bi amforo ankɔ Yerusalem ankɔkoto asafo Yehowa, Ɔhene no a, nsuo rentɔ mma wɔn.+ 18 Na sɛ Egypt abusua amforo ankɔ ankɔwura kuro no mu a, nsuo rentɔ mma wɔn. Mmom, ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔankɔdi Apata* Afahyɛ no so no, ɔde bi bɛba wɔn so. 19 Wei na ɛbɛyɛ Egypt bɔne ho asotwe ne aman a wɔankɔdi Apata* Afahyɛ no nyinaa bɔne ho asotwe.
20 “Saa da no, wɔbɛtwerɛ agu apɔnkɔ dɔn no so sɛ, ‘Yehowa Ne Ɔkronkronni no!’+ Na nnadesɛn*+ a ɛwɔ Yehowa fie bɛyɛ sɛ nkyɛnsee+ a ɛwɔ afɔrebukyia anim no. 21 Na dadesɛn* biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron, na ɛbɛyɛ asafo Yehowa dea, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔreɛ no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kaananni* biara wɔ asafo Yehowa fie bio.”+
Ɛkyerɛ, “Yehowa Akae.”
Anaa “monsan mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne ho mmra.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “ayamhyehyeɛ.”
Anaa “atomfoɔ.”
Anaa “m’ani kurutiawisi.”
Anaa “Nnipa.”
Anaa “afɔdie.”
Anaa “adehyetaadeɛ.”
Anaa “woawɛn m’adihɔ.”
Anaa “merekurukyire.”
Anaa “afɔdie.”
Nt., “ɛboɔ no, sanyaa no.” Ɛyɛ ahoma bi a dadeɛ hyɛ ano a wɔde susu ɛdan hwɛ sɛ ɛdan no tene anaa.
Kyerɛ sɛ, dua no nkorabata a aso dɔsɔɔ no.
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “efa.” Ɛha yi, ɛyɛ kɛntɛn anaa kyɛnsee bi a wɔde susu adeɛ wɔ efa mu. Efa baako yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.
Nt., “Wɔmaa susudeɛ no so faa asaase ne ɔsoro ntam.”
Kyerɛ sɛ, Babilonia.
Kyerɛ sɛ, teaseɛnam no.
Anaa “ahenkyɛ kɛseɛ.”
Kyerɛ sɛ, asomdwoeɛ bɛtena adwuma a ɔyɛ sɛ ɔhene ne ɔsɔfoɔ no ntam.
Anaa “ahenkyɛ kɛseɛ.”
Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “menni mmuada.”
Anaa “wɔyɛɛ asoɔden danee wɔn akyi.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛboɔ dendeenden;” ɛte sɛ ɛboɔ a yɛde se sekan.
Anaa “akwankyerɛ.”
Nt., “nna dodoɔ nti.”
Anaa “afiri awiapueeɛ asaase so ne awiatɔeɛ asaase so.”
Anaa “Monnya akokoɔduro.”
Anaa “Monnya akokoɔduro.”
Anaa “Mmuadadie.”
Nt., “Yudani barima.”
Anaa “ataadeɛ mmuano.”
Nt., “ɛyɛ ne homebea.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Hadrak asaase anaa Damasko ho.
Anaa “ɛfiri sɛ ɛyɛ wɔn sɛ wɔnim nyansa paa.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔ po so.”
Anaa “awɛmfoɔ dɔm.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa amanehunu a ne nkurɔfoɔ refa mu ho.
Anaa “na wadi nkonim; na wagye nkwa.”
Anaa “afunumunini.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Nt., “mɛtia Yuda so.”
Kyerɛ sɛ, te sɛ bɛmma.
Anaa “ahemmotire.”
Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “abususɛm; ahonhonsɛm.”
Nt., “mpɔnkyenini.”
Nt., “aban a ɛsi ntwea so.” Ɛgyina hɔ ma ɔbarima a ne ho hia paa; panin.
Nt., “dua a wɔasene ano a wɔde bɔ biribi tim fam.” Ɛgyina hɔ ma obi a ɔyɛ okyitaafoɔ; ɔkannifoɔ.
Anaa “deɛ ɔhwɛ adwuma so.”
Anaa “Agyatanini.”
Anaa “me kra annya.”
Anaa “wɔn kra kyiri.”
Nt., “wɔkarii.”
Nt., “bɛyɛ wisiwisi; bɛyɛ kusuu.”
Anaa “home.”
Anaa “adesoa.”
Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Yerusalem bɛsan atena ne tenabea bio wɔ Yerusalem hɔ ara.”
Anaa “deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa.”
Nt., “wo nsa ntam.” Kyerɛ sɛ, wo koko so ne w’akyi.
Anaa “M’adɔfo.”
Anaa “nnwankuo.”
Anaa “wɔn a wɔnsɛ hwee.”
Anaa “ama wɔawuwu.”
Anaa “asadeɛ a wɔanya.”
Kyerɛ sɛ, kuro a wɔaka ho asɛm wɔ nky. 2 no.
Anaa “wɔrentwa wɔn.”
Anaa “Ngo Bepɔ.”
Anaa “awiapueeɛ.”
Nt., “ɛpo no.”
Anaa “renkeka wɔn ho,” ɛbɛyɛ te sɛ deɛ awɔ ama ayɛ bawee.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Anaa “na obiara bɛto ahyɛ ne yɔnko so.”
Anaa “akɔsom.”
Anaa “Asese.”
Anaa “Asese.”
Anaa “Asese.”
Anaa “nnadesɛn a ano soso.”
Anaa “dadesɛn a ano so.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “odwadini.”