Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Malaki 1:1-4:6
  • Malaki

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Malaki
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Malaki

MALAKI

1 Atemmusɛm:

Asɛm a Yehowa nam Malaki* so ka kyerɛɛ Israel nie:

2 “Makyerɛ sɛ medɔ mo,”+ Yehowa asɛm nie.

Nanso mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na wode akyerɛ sɛ wodɔ yɛn?”

“Ɛnyɛ Yakob nua ne Esau?”+ Yehowa asɛm nie. “Medɔɔ Yakob, 3 na Esau deɛ, metan no.+ Memaa ne mmepɔ danee amamfo,+ na mede n’agyapadeɛ maa ɛserɛ so sakraman.”+

4 “Edom reka sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akɔkyekyere deɛ asɛe no.’ Enti deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Wɔbɛkyekyere, nanso mɛdwiri agu. Na nkurɔfoɔ bɛfrɛ wɔn “amumuyɛ asaase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ afebɔɔ.”+ 5 Mo ara mode mo ani bɛhunu, na mobɛka sɛ: “Wɔmma Yehowa so wɔ Israel asaase nyinaa so.”’”

6 “‘Ɔba di n’agya ni,+ na akoa di ne wura ni. Enti sɛ meyɛ agya a,+ anidie a ɛfata me no wɔ he?+ Na sɛ meyɛ owura* a, suro* a ɛfata me no wɔ he?’ Deɛ asafo Yehowa reka akyerɛ mo nie, mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia no.+

“‘Nanso mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de abu wo din animtia?’”

7 “‘Ɛne sɛ mode aduane* a ɛho agu fĩ ba m’afɔrebukyia so.’

“‘Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de agu wo ho fĩ?”’

“‘Ɛne sɛ moka sɛ: “Yehowa pono+ yɛ adehunu.” 8 Sɛ mode aboa a n’ani abɔ bɛbɔ afɔreɛ a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.” Na sɛ mode aboa a ɔyɛ apakye anaa aboa a ɔyare ba a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.”’”+

“Wopɛ a, fa kɔma w’amrado hwɛ. Wogye di sɛ ɔbɛpɛ w’asɛm, anaa ɔbɛhwɛ w’anim?” asafo Yehowa asɛm nie.

9 “Enti afei, mepa mo kyɛw, monsrɛ Onyankopɔn* na ɔnhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ saa nneɛma yi na ɛwɔ mo nsam a mode rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔbɛhwɛ mo anim anaa?” asafo Yehowa asɛm nie.

10 “Mo mu hwan na ɔbɛyi ne yam atoto apono* no mu?+ Ɛfiri sɛ m’afɔrebukyia so gya mpo, mosɔ a, mogye biribi.+ M’ani nnye mo ho, na mo nsam akyɛdeɛ afɔreɛ biara nni hɔ a m’ani gye ho,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

11 “Ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ,* me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhye afɔrebɔdeɛ wɔ baabiara, na wɔabɔ afɔreɛ de ahyɛ me din animuonyam sɛ akyɛdeɛ a ɛho teɛ, ɛfiri sɛ me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

12 “Nanso mobu no animtia*+ ka sɛ, ‘Yehowa pono ho agu fĩ; aba a ɛwɔ so, kyerɛ sɛ, ɛso aduane yɛ adehunu.’+ 13 Mosan ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbrɛ bɛn nie!’ Mohwɛ a, na moanyinya mo anim,” asafo Yehowa asɛm nie. “Mode mmoa a moakɔwia, ne mmoa a wɔyɛ mpakye, ne mmoa a wɔyare na ɛba. Aane, akyɛdeɛ a ɛtete saa na mode brɛ me! Wei na mopɛ sɛ megye wɔ mo nsam anaa?”+ Yehowa asɛm nie.

14 “Nnome nka onitefoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔ wɔ ne nnwan mu, nanso sɛ ɔhyɛ bɔ a ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔreɛ ma Yehowa. Meyɛ Ɔhenkɛseɛ,+ na me din bɛma amanaman no abɔ hu,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

2 “Afei mo, asɔfoɔ, deɛ mereka akyerɛ mo nie.+ 2 Sɛ moantie na moamma no anna mo akoma so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo so,+ na mɛma mo nhyira adane nnome.+ Deɛ ɛwom mpo ne sɛ, mama mo nhyira adane nnome dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa asɛm nie.

3 “Hwɛ! Mo nti mɛsɛe aba a moaguo no,*+ na mɛbɔ tiafi apete mo anim, mo afahyɛ tiafi no. Na wɔbɛsoa mo akɔ hɔ.* 4 Afei mobɛhunu sɛ me na mede ahyɛdeɛ yi ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a apam a me ne Lewi ayɛ no bɛgyina daa,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

5 “Apam a me ne no yɛeɛ no, ɛmaa ɔnyaa nkwa ne asomdwoeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsuro me.* Ɔsuroo me, ampa, ɔnyaa obuo kɛseɛ maa me din. 6 Ná nokorɛ mmara* wɔ n’anom,+ na wamfa n’ano anka biribiara a ɛntene. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne tenenee mu,+ na ɔmaa nnipa pii twee wɔn ho firii bɔne ho. 7 Ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano bɔ nimdeɛ ho ban, na nnipa hwehwɛ mmara* firi n’anom.+ Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, ɔyɛ asafo Yehowa somafoɔ.

8 “Nanso mo deɛ, moamane afiri ɛkwan no so. Moama mmara* no ato nnipa pii suntidua.+ Moasɛe Lewi apam no,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 9 “Wei nti, me nso mɛma mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa nyinaa anim, ɛfiri sɛ moamfa m’akwan so, na moyɛɛ animhwɛ wɔ asɛnnie mu.”+

10 “Ɛnyɛ agya baako na yɛn nyinaa wɔ?+ Ɛnyɛ Onyankopɔn baako no ara na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnneɛ adɛn nti na yɛn mu biara twa ne yɔnko nkontompo+ de gu yɛn agyanom apam ho fĩ? 11 Yuda atwa nkontompo, na akyiwadeɛ bi akɔ so wɔ Israel ne Yerusalem. Ɛfiri sɛ Yehowa kronkronyɛ* a Ɔnni ho agorɔ no, Yuda agu ho fĩ,+ na wakɔware ananafoɔ nyame bi babaa.+ 12 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, sɛ ɔyɛ hwan oo, sɛ ɔyɛ hwan oo,* sɛ ɔde akyɛdeɛ afɔreɛ brɛ asafo Yehowa mpo a, Yehowa bɛku no* afiri Yakob ntomadan mu.”+

13 “Ade foforɔ* bi nso wɔ hɔ a moyɛ. Ama nisuo ne esũ ne ahomeguo akata Yehowa afɔrebukyia no so. Enti ɔnhwɛ mo akyɛdeɛ afɔreɛ bio, na mo nsam biribiara nni hɔ a n’ani gye ho.+ 14 Na mobisa sɛ, ‘Adɛn ntira?’ Ɛne sɛ, Yehowa na ɔyɛ danseni wɔ wo ne ɔbaa a wowaree no wo mmeranteberɛm no ntam, wo yere a woatwa no nkontompo no. Nanso ɔno na ɔyɛ wo hokafoɔ ne wo yere a wo ne no yɛɛ apam.*+ 15 Nanso obi wɔ hɔ a wanyɛ saa, ɛfiri sɛ na ɔwɔ honhom a aka no bi. Ɛdeɛn na na onii no rehwehwɛ? Onyankopɔn aseni.* Enti monhwɛ mo suban yie, na monntwa mmaa a mowaree wɔn mo mmeranteberɛm no nkontompo. 16 Ɛfiri sɛ mekyiri* awaregyaeɛ,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa asɛm nie. “Na mekyiri deɛ ɔde awudisɛm ayɛ n’ataadeɛ,”* asafo Yehowa asɛm nie. “Monhwɛ mo suban yie, na monntwa nkontompo.+

17 “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ.+ Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛayɛ de ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ, moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no tene wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ na moka nso sɛ, ‘Atɛntenenee Nyankopɔn no wɔ he?’”

3 “Hwɛ! Meresoma me somafoɔ, na ɔbɛdi m’anim asiesie kwan mu.*+ Na mpofirim ara na nokorɛ Awurade a morehwehwɛ no no bɛba n’asɔrefie hɔ,+ na apam no somafoɔ a mo ani agyina no no bɛba. Hwɛ! Sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛba,” asafo Yehowa asɛm nie.

2 “Nanso da a ɔbɛba no, hwan na ɔbɛtumi atintim? Na sɛ ɔyi ne ti a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ te sɛ egya a wɔde nane dadeɛ yiyi mu fĩ, na ɔbɛyɛ sɛ samina* a wɔde si nneɛma.+ 3 Na ɔbɛtena ase te sɛ obi a ɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ,+ na ɔbɛyiyi Lewifoɔ mu fĩ. Ɔbɛte wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, na wɔbɛba abɛyɛ nnipa a wɔde akyɛdeɛ afɔreɛ brɛ Yehowa wɔ tenenee mu. 4 Afei Yehowa ani bɛgye Yuda ne Yerusalem akyɛdeɛ afɔreɛ ho te sɛ tete mmerɛ no, te sɛ mfeɛ a atwam no.+

5 “Mɛba mo nkyɛn abɛbu atɛn, na mede ahoɔherɛ bɛdi adanseɛ atia asumanfoɔ,+ ne awaresɛefoɔ, ne wɔn a wɔka ntam hunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafoɔ apoo,+ ne wɔn a wɔsisi akunafoɔ ne nnyanka,+ na mɛdi adanseɛ atia wɔn a wɔmmoa ahɔhoɔ.*+ Saa nkurɔfoɔ no nsuro me,” asafo Yehowa asɛm nie.

6 “Ɛfiri sɛ mene Yehowa; mensakra.*+ Na mone Yakob mma; monnya nsae. 7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na momane firii m’ahyɛdeɛ ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

Nanso mobisa sɛ: “Ɛkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”

8 “Mohwɛ a, onipa dasani bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno? Nanso mobɔ me korɔno.”

Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de abɔ wo korɔno?”

“Mobɔ me korɔno wɔ ntotosoɔ du du* ne afɔrebɔdeɛ mu. 9 Wɔadome mo,* ɛfiri sɛ mobɔ me korɔno. Aane, ɔman mu no nyinaa bɔ me korɔno. 10 Momfa ntotosoɔ du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane bɛwɔ me fie.+ Mepa mo kyɛw, momfa wei nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma ɛmmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm nie.

11 “Na mɛtwi ɔsɛefoɔ* no anim ama mo, na ɔrensɛe mo asaase so aba, na aba rensa wɔ bobe a ɛwɔ mo afuo mu no so,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

12 “Na aman nyinaa bɛka sɛ mowɔ anigyeɛ,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛ anigyeɛ asaase,” asafo Yehowa asɛm nie.

13 Yehowa se: “Moakasa atia me yayaaya.”

Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛakasa atia wo?”+

14 “Moka sɛ, ‘Mfasoɔ biara nni so sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn.+ Berɛ a yɛnantee mmɔbɔmmɔbɔ wɔ asafo Yehowa anim na yɛdii n’ahyɛdeɛ so yi, mfasoɔ bɛn na yɛanya? 15 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ yi, yɛbɛka sɛ ahantanfoɔ na wɔn ani gye. Afei nso, wɔn a wɔdi bɔne no na ɛsi wɔn yie.+ Wɔsi wɔn bo sɔ Onyankopɔn hwɛ, nanso wɔfa wɔn ho di.’”

16 Saa berɛ no, wɔn a wɔsuro Yehowa no ne wɔn ho kasae; obiara ne ne yɔnko kasae, na Yehowa yɛɛ aso, na ɔtiee deɛ wɔkaeɛ no. Na wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ n’anim.+ Ɛfa wɔn a wɔsuro Yehowa ne wɔn a wɔdwendwene ne din ho* no ho.+

17 Asafo Yehowa asɛm nie: “Ɛda a mede wɔn bɛyɛ agyapadeɛ titire*+ no, wɔbɛyɛ me dea.+ Na me yam bɛhyehye me ama wɔn, sɛdeɛ agya yam hyehye no ma ne babarima a ɔsom no no.+ 18 Afei mobɛsan ahunu nsonsonoeɛ a ɛda onipa tenenee ne onipabɔnefoɔ ntam,+ ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.”

4 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ! Ɛda bi reba, na ɛredɛre te sɛ fononoo mu gya.+ Saa da no, ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi bɔne nyinaa bɛyɛ sɛ ɛserɛ.* Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, na wɔn nhini anaa wɔn nkorabata mpo renka. 2 Nanso mo a mohyɛ me din animuonyam* no deɛ, awia a ɛde tenenee ba a ayaresa wɔ ne hann mu* no bɛhyerɛn mo so. Na mobɛhurihuri te sɛ nantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.”

3 “Ɛda a mɛkeka me ho no, mobɛtiatia abɔnefoɔ so, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ mfuturo wɔ mo nan ase,” asafo Yehowa asɛm nie.

4 “Monkae m’akoa Mose Mmara no, ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mekaa no wɔ Horeb sɛ Israelfoɔ nyinaa nni so no.+

5 “Hwɛ! Meresoma odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn+ ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.+ 6 Na ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so,+ na wadane mma akoma aba agyanom so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a meremma mmɛbɔ asaase no nsɛe no.”

(Hebri ne Aram Twerɛnsɛm no nkyerɛaseɛ no awieeɛ nie; Greek Twerɛnsɛm no toa so)

Ɛkyerɛ, “Me Somafoɔ.”

Anaa “owura kunini.”

Anaa “obuo.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “monhwehwɛ Onyankopɔn anim adom.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ asɔrefie no apono a wɔde ahyɛ ebinom nsa.

Anaa “awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mobu me animtia.”

Nt., “mɛtwi aba a moaguo no anim.”

Kyerɛ sɛ, wɔbɛsoa wɔn akɔ baabi a wɔto mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔreɛ tiafi guo no.

Anaa “ɔbɛbu me; ɔbɛdi me ni.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “tenabea kronkron.”

Nt., “deɛ wanyane ne deɛ ɔma mmuaeɛ.”

Anaa “bɛtwa no.”

Nt., “Adeɛ a ɛtɔ so mmienu.”

Anaa “wo yere a wowaree no mmara kwan so.”

Nt., “aba.”

Nt., “ɔkyiri.”

Nt., “deɛ ɔde awudisɛm kata n’ataadeɛ so.” Anaa “deɛ ɔdi awuo.”

Anaa “ɔbɛdi m’anim apae kwan.”

Anaa “dɔw.”

Anaa “wɔn a wɔtiatia ahɔhoɔ fahodie so.”

Anaa “mensakraeɛ.”

Anaa “taet.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Nnome na mode dome me.”

Anaa “taet.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ntummoa a wɔsɛe adeɛ.

Anaa “wɔsusu ne din ho.” Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn a ne din som bo ma wɔn.”

Anaa “agyapadeɛ a ɛda m’akoma so.”

Wei yɛ hwiit anaa baali dua a ɛka afuo mu berɛ a wɔatwa ɛso aba awie.

Nt., “mo a mosuro me din.”

Nt., “ne ntaban mu.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane