Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Yohane 1:1-21:25
  • Yohane

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Yohane

YOHANE TWERƐTOHƆ

1 Mfitiaseɛ no, na Asɛm no+ wɔ hɔ. Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ,+ na na Asɛm no yɛ onyame.*+ 2 Wei na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 Nneɛma nyinaa nam ne so na ɛbaeɛ,+ na adeɛ baako mpo ankwati no amma.

Deɛ ɛbaeɛ a 4 ɛnam ne so no yɛ nkwa, na nkwa no ne nnipa hann.+ 5 Na hann no hyerɛn sum mu,+ na sum no ntumi mmu mfaa so.

6 Ɔbarima bi baeɛ a Onyankopɔn somaa no sɛ ne nanmusini; na ne din de Yohane.+ 7 Ɔbarima yi baa sɛ ɔrebɛdi adanseɛ. Ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa ahodoɔ nyinaa bɛfa ne so agye adi. 8 Ná ɛnyɛ ɔno ne hann no,+ na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.

9 Ná nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahodoɔ nyinaa no rebɛba wiase.+ 10 Ná ɔwɔ wiase,+ na wiase nam ne so na ɛbaeɛ,+ nanso na wiase nnim no. 11 Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfoɔ annye no. 12 Na wɔn a wɔgyee no no, ɔmaa wɔn nyinaa kwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ ɛfiri sɛ wɔgyee ne din dii.+ 13 Na ɛnyɛ mogya anaa deɛ ɔhonam pɛ anaa deɛ ɔbarima pɛ so na wɔnam woo wɔn, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+

14 Enti Asɛm no bɛyɛɛ honam,+ na ɔbɛtenaa yɛn mu. Na yɛhuu n’animuonyam, animuonyam a agya de ma ne ba a ɔwoo no koro;+ na Onyankopɔn adom ne nokorɛ hyɛɛ no ma. 15 (Yohane dii ne ho adanseɛ, aane, ɔteaam sɛ: “Wei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi m’akyi reba no adi m’anim, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’”)+ 16 Adom a ahyɛ no ma nti, yɛn nyinaa anya adom pii* afiri ne hɔ. 17 Wɔnam Mose so na ɛde Mmara no maeɛ,+ na adom+ ne nokorɛ no deɛ, wɔnam Yesu Kristo so na ɛde maeɛ.+ 18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+

19 Na Yudafoɔ no somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firii Yerusalem baa Yohane nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Woyɛ hwan?”+ Wei ne adanseɛ a ɔde maeɛ. 20 Wamfa ansie, na mmom ɔkaa nokorɛ sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.” 21 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ hwan? Wone Elia+ anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ me a.” “Wone Odiyifoɔ no?”+ Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Daabi!” 22 Enti wɔbisaa no sɛ: “Woyɛ hwan? Ka kyerɛ yɛn, na yɛnnya biribi nkɔka nkyerɛ wɔn a wɔsomaa yɛn no. Ɛdeɛn na woka fa wo ho?” 23 Ɔkaa sɛ: “Mene deɛ ɔreteam* wɔ serɛ so sɛ, ‘Momma Yehowa* kwan nyɛ tee,’+ sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.”+ 24 Wɔn a wɔsomaa wɔn no, na wɔfiri Farisifoɔ no nkyɛn. 25 Enti wɔbisaa no sɛ: “Sɛ ɛnyɛ wone Kristo no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ nkurɔfoɔ asu?” 26 Yohane buaa wɔn sɛ: “Me deɛ, mebɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu. Nanso obi gyina mo mfimfini a monnim no; 27 ɔno ne deɛ ɔdi m’akyi reba no. Ne mpaboa ahoma mpo, memfata sɛ mesane.”+ 28 Weinom sii wɔ Betania wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ nkurɔfoɔ asu no.+

29 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhuu sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ no nie, deɛ ɔyi wiase+ bɔne firi hɔ+ no! 30 Wei ho asɛm na mekaa sɛ: ‘Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’+ 31 Me mpo, na menni no. Nanso mebɛbɔɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyi no adi akyerɛ Israel.”+ 32 Yohane dii adanseɛ nso sɛ: “Mehuu sɛ honhom no resiane sɛ aburuburo firi soro, na ɛbɛsii ne so.*+ 33 Me mpo, na menni no. Nanso Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wobɛhunu sɛ honhom no asiane abɛsi* ne so+ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu honhom kronkron mu+ no.’ 34 Na mahunu, na madi ho adanseɛ sɛ, wei ne Onyankopɔn Ba no.”+

35 Adeɛ kyeeɛ no, na Yohane san gyina hɔ a n’asuafoɔ mmienu ka ne ho. 36 Berɛ a ɔhuu sɛ Yesu nam hɔ no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ no nie!” 37 Berɛ a asuafoɔ mmienu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. 38 Afei Yesu danee ne ho, na berɛ a ɔhuu sɛ wɔdi n’akyi no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na morehwehwɛ?” Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛaseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”), ɛhe na woteɛ?” 39 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔkɔhuu baabi a ɔteɛ, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no; ná ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so du.* 40 Asuafoɔ mmienu a wɔtee deɛ Yohane kaeɛ a wɔdii Yesu akyi no, baako ne Simon Petro nua Andrea.+ 41 Deɛ ɛdi kan no, ɔhuu ɔno ara ne nua Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Mesia+ no” (a ne nkyerɛaseɛ ne “Kristo”), 42 na ɔdii n’anim kɔɔ Yesu nkyɛn. Berɛ a Yesu hwɛɛ no no, ɔkaa sɛ: “Wone Simon,+ Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa” (a ne nkyerɛaseɛ ne “Petro”).+

43 Adeɛ kyeeɛ no, na Yesu pɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea. Na ɔhuu Filipo+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” 44 Ná Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. 45 Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifoɔ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no: Yesu, Yosef+ ba a ɔfiri Nasaret no.” 46 Nanso Natanael bisaa no sɛ: “Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” 47 Yesu hunuu sɛ Natanael reba ne nkyɛn, na ɔka faa ne ho sɛ: “Hwɛ, Israelni ankasa a nnaadaa nni ne mu nie.”+ 48 Natanael bisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohuu me?” Yesu buaa no sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ wo, berɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase no, na mahu wo.” 49 Natanael ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no, wone Israel Hene.”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka a meka kyerɛɛ wo sɛ mehuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na woagye adi yi? Wobɛhunu deɛ ɛkyɛn weinom.” 51 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane wɔ onipa Ba no so.”+

2 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ayeforɔhyia apontoɔ bi kɔɔ so wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na na Yesu maame wɔ hɔ bi. 2 Yesu ne n’asuafoɔ no nso, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ayeforɔhyia apontoɔ no ase.

3 Berɛ a nsã* no saeɛ no, Yesu maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔnni nsã.”* 4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, ɛno nso deɛ, ɛfa me ne wo ho sɛn?* Me berɛ nnya nsoe.” 5 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ: “Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.” 6 Saa berɛ no, na nsuhina nsia a wɔde aboɔ ayɛ sisi hɔ sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira ho mmara teɛ+ no, na na emu biara bɛtumi afa susuhina* mmienu anaa mmiɛnsa. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsuo ngu nhina no mu mma ɛnyɛ ma.” Na wɔde nsuo guguu mu maa ne nyinaa yeyɛɛ ma tɛnn.* 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei monsa bi, na momfa nkɔma deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no.” Enti wɔde kɔe. 9 Ɛnna deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no kaa nsuo a adane nsã* no bi hwɛeɛ. Ná ɔnnim baabi a ɛfire (nanso asomfoɔ a wɔsaa nsuo no deɛ, na wɔnim). Enti deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no frɛɛ ayeforɔkunu no, 10 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara de nsã* pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ nkurɔfoɔ bobo a, afei na ɔde deɛ ɛnyɛ no aba. Wo deɛ, wode nsã* pa no asie abɛsi sɛsɛɛ.” 11 Yesu yɛɛ wei wɔ Kana wɔ Galilea. Ɛno ne sɛnkyerɛnne a ɛdi kan a ɔyɛeɛ, na ɔmaa n’animuonyam daa adi,+ na n’asuafoɔ no gyee no dii.

12 Wei akyi no, ɔne ne maame ne ne nuanom+ ne n’asuafoɔ no kɔɔ Kapernaum,+ nanso wɔantena hɔ ankyɛ.*

13 Saa berɛ no, na Yudafoɔ Twam+ no abɛn, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 14 Na ɔhuu sɛ ebinom tete asɔrefie hɔ a wɔretɔn anantwie ne nnwan ne mmuruburo,+ ɛnna ebinom nso resesa sika. 15 Enti ɔfaa nhoma, na ɔde yɛɛ abaa* pamoo wɔn a wɔde nnwan ne anantwie aba asɔrefie hɔ no nyinaa firii hɔ, na ɔhwiee wɔn a wɔsesa sika no sika gui, na ɔkaa wɔn apono butubutui.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmuruburo no sɛ: “Momfa weinom mfiri ha nkɔ! Monnyae sɛ mode m’Agya fie ayɛ adwadie fie!”*+ 17 Ɛnna n’asuafoɔ no kaee sɛ, wɔatwerɛ sɛ: “Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛmene me.”+

18 Na Yudafoɔ no bisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ wowɔ tumi+ sɛ woyɛ weinom?” 19 Yesu buaa wɔn sɛ: “Monnwiri asɔrefie yi ngu, na mede nnansa bɛma so asi hɔ.”*+ 20 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: “Asɔrefie a wɔde mfeɛ 46 siiɛ no, wode nnansa bɛma so asi hɔ?” 21 Nanso ɔno deɛ, berɛ a ɔkaa asɔrefie no, ne nipadua ho asɛm na na ɔreka.+ 22 Berɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ na ɔtaa ka saa,+ na wɔgyee twerɛnsɛm no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no dii.

23 Na berɛ a ɔwɔ Twam Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no, nnipa pii huu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, na wɔgyee ne din dii. 24 Nanso Yesu deɛ, wamfa ne werɛ anhyɛ wɔn mu, ɛfiri sɛ na ɔnim wɔn nyinaa. 25 Afei nso, na ɛnhia no sɛ obiara di onipa ho adanseɛ, ɛfiri sɛ na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.+

3 Ná Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo+ a na ɔyɛ Yudafoɔ panin. 2 Ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yɛnim sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wofiri Onyankopɔn nkyɛn aba, ɛfiri sɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+ 3 Na Yesu buaa no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio*+ a, ɔrentumi nhunu Onyankopɔn Ahennie+ no.” 4 Nikodemo bisaa no sɛ: “Obi a wanyini deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi awo no? Ɔbɛtumi asan akɔ ne maame yam bio ama wɔawo no anaa?” 5 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔamfa nsuo+ ne honhom+ anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 6 Deɛ wɔfiri honam mu awo no no yɛ honam, na deɛ wɔfiri honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. 8 Mframa bɔ kɔ deɛ ɛpɛ biara. Mote sɛ ɛrebɔ, nanso monnim baabi a ɛfiri ne baabi a ɛrekɔ. Saa ara na obiara a wɔfiri honhom mu awo no+ no teɛ.”

9 Ɛnna Nikodemo bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na weinom atumi ayɛ yie?” 10 Yesu buaa no sɛ: “Wokyerɛkyerɛ Israelfoɔ, ɛnna wonnim weinom? 11 Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ, nanso mo deɛ, monnye adanseɛ a yɛdie no ntom. 12 Sɛ maka asaase so nsɛm akyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? 13 Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro,+ gye deɛ ɔsiane firii ɔsoro+ no, onipa Ba no. 14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ serɛ no so+ no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so,+ 15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔbɛgye no adi no bɛnya daa nkwa.+

16 “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro+ no mae, na obiara a ɔgye no di no ansɛe,* na mmom wanya daa nkwa.+ 17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.+ 18 Obiara a ɔgye no die no, wɔremmu no atɛn.+ Deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ wannye Onyankopɔn Ba+ a ɔwoo no koro no din anni. 19 Deɛ enti a wɔbu atɛn* ne sɛ: hann no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sene hann no, ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20 Na obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ no tan hann no, na ɔmma hann no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne nnwuma renna adi.* 21 Na obiara a ɔyɛ adepa* no ba hann no ho,+ na ada adi sɛ ne nnwuma sɔ Onyankopɔn ani.”

22 Wei akyi no, Yesu ne n’asuafoɔ no kɔɔ Yudea nkuraa ase, na ɔne wɔn tenaa hɔ kakra, na ɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu.*+ 23 Ná Yohane nso rebɔ nkurɔfoɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ na nsuo pii wɔ hɔ,+ na nnipa kɔɔ so baa hɔ maa ɔbɔɔ wɔn asu.+ 24 Saa berɛ no, na wɔnnya mfaa Yohane nkɔtoo afiase.+

25 Na akyinnyegyeɛ bi baa Yohane asuafoɔ ne Yudani bi ntam. Ná ɛfa ahodwira ho. 26 Enti wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, ɔbarima a na ɔne wo wɔ Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ+ no, hwɛ, ɔrebɔ nkurɔfoɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” 27 Yohane buaa wɔn sɛ: “Onipa rentumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no. 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ, ‘Ɛnyɛ mene Kristo no,+ na mmom wɔasoma me adi n’anim.’+ 29 Deɛ ayeforɔ no wɔ no no, ɔno ne ayeforɔkunu+ no. Na ayeforɔkunu no adamfo deɛ, sɛ ɔgyina hɔ, na ɔte ayeforɔkunu no nne a, n’ani gye paa. Enti m’anigyeɛ adi mu. 30 Ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔre,* na me deɛ, me so hwan.”*

31 Deɛ ɔfiri soro+ no, ɔsene obiara. Deɛ ɔfiri asaase so no firi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Deɛ ɔfiri soro no, ɔsene obiara.+ 32 Deɛ wahunu na wate no, ɛno na ɔdi ho adanseɛ,+ nanso obiara nnye n’adanseɛ no ntom.+ 33 Deɛ ɔgye n’adanseɛ no di no de n’ahyɛnsodeɛ atim so* sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.+ 34 Ɛfiri sɛ deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm,+ na Onyankopɔn de honhom no ma ma ɛboro so.* 35 Agya no dɔ Ɔba no,+ na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no wɔ daa nkwa;+ deɛ ɔntie Ɔba no rennya* nkwa,+ na Onyankopɔn abufuhyeɛ remfiri ne so da.+

4 Na Awurade bɛhuu sɛ Farisifoɔ no ate sɛ Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu+ sene Yohane. 2 Deɛ ɛwom ne sɛ, Yesu ankasa ammɔ nkurɔfoɔ asu. Mmom, n’asuafoɔ no na wɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu. 3 Berɛ a Yesu huu sɛ Farisifoɔ no ate no, ɔfirii Yudea, na ɔde n’ani kyerɛɛ Galilea bio. 4 Nanso na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Enti ɔkɔduruu Samaria kuro bi so; wɔfrɛ hɔ Sikar, na na ɛbɛn asaase a Yakob de maa ne ba Yosef no.+ 6 Ɛhɔ nso na na Yakob abura no wɔ.+ Ná akwantuo no ama Yesu abrɛ, enti ɔtenaa abura no ho. Saa berɛ no, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.*

7 Ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ sɛ ɔrebɛsa nsuo. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi nnom.” 8 (Ná n’asuafoɔ no kɔ kurom rekɔtɔ aduane.) 9 Ɛnna Samariani baa no bisaa no sɛ: “Adɛn na wo a woyɛ Yudani rebisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?” (Ná Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.*)+ 10 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma kwa,+ ne onipa a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.”+ 11 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, wonni adeɛ a wɔde sa nsuo* mpo, na abura no nso, emu dɔ. Enti ɛhe na wonya saa nkwa nsuo yi firi? 12 Yɛn agya Yakob a ɔde abura yi maa yɛn, a ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nom bi no, woyɛ kɛseɛ sene no anaa?” 13 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, sukɔm bɛde no bio. 14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da.+ Mmom, nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire wɔ ne mu, na ɛbɛpu ama wanya daa nkwa.”+ 15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ma me nsuo yi bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sukɔm renne me, na mankɔ so amma ha ammɛsa* nsuo.”

16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ na kɔfrɛ wo kunu na mommra ha.” 17 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Menni kunu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woaka no yie sɛ wose, ‘Menni kunu.’ 18 Ɛfiri sɛ woaware kununom nnum, na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no, ɔnyɛ wo kunu. Enti woaka nokorɛ.” 19 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.+ 20 Yɛn agyanom somee wɔ bepɔ yi so, nanso mo deɛ, mose Yerusalem ne baabi a ɛsɛ sɛ nkurɔfoɔ som.”+ 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, gye me di, berɛ bi reba a, ɛnyɛ bepɔ yi so anaa Yerusalem na mobɛsom Agya no. 22 Mosom deɛ monnim;+ yɛn deɛ, yɛsom deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ firi Yudafoɔ mu.*+ 23 Nanso berɛ bi reba, na aduru, sɛ nokorɛ asomfoɔ bɛsom Agya no honhom ne nokorɛ mu, na nnipa a wɔte saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.+ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokorɛ mu.”+ 25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ Mesia reba, deɛ wɔfrɛ no Kristo no. Na sɛ ɔnya ba a, ɔbɛka nneɛma nyinaa akyerɛ yɛn pefee.” 26 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”+

27 Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa rekasa. Nanso obiara ammisa sɛ: “Deɛn na worehwehwɛ?” anaa “Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa?” 28 Na ɔbaa no gyaa n’ahina hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ: 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me. Gyama wei ne Kristo no anaa?” 30 Wɔfirii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ baa ne nkyɛn.

31 Saa berɛ no nyinaa, na n’asuafoɔ no reka kyerɛ no sɛ: “Rabi,+ didi.” 32 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ aduane bi di a monnim.” 33 Enti asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduane ne sɛ mɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ,+ na mawie n’adwuma.+ 35 Ɛyɛ a moka sɛ aka abosome nnan ansa na twaberɛ aduru, ɛnte saa? Hwɛ! Mereka akyerɛ mo sɛ: Momma mo ani so nhwɛ mfuo no, na mobɛhunu sɛ nnɔbaeɛ no awo* sɛ wɔtwa.+ Seesei, 36 deɛ ɔtwa no regye akatua, na ɔreboaboa aba ano ama daa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ ɔgu ne deɛ ɔtwa nyinaa ani bɛgye.+ 37 Wei ma asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Ɔbaako yɛ ogufoɔ, na ɔbaako nso yɛ ɔtwafoɔ. 38 Mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ monyɛɛ ho adwuma. Ebinom ayɛ adwuma, na mo na moanya wɔn adwuma no so mfasoɔ.”

39 Na asɛm a ɔbaa no ka de dii adanseɛ sɛ, “Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me”+ no nti, Samariafoɔ a wɔfiri saa kuro no mu pii gyee Yesu dii. 40 Enti berɛ a Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu. 41 Wei nti, afoforɔ pii gyee no dii, ɛfiri sɛ wɔtiee ne nsɛm. 42 Na wɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Afei deɛ, ɛnyɛ deɛ wokaeɛ no nko ara nti na yɛgye die; ɛfiri sɛ yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ ampa, onipa yi ne wiase agyenkwa+ no.”

43 Nnanu no akyi no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea. 44 Nanso Yesu ankasa dii adanseɛ sɛ, odiyifoɔ nni anidie wɔ ɔno ara ne kurom.+ 45 Enti berɛ a ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no gyee no, ɛfiri sɛ wɔkɔɔ afahyɛ a wɔdii wɔ Yerusalem no bi,+ na wɔhunuu nneɛma a ɔyɛɛ wɔ afahyɛ+ no ase no nyinaa.

46 Na ɔsan baa Kana a ɛwɔ Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsã*+ no. Ná ahemfie panin bi wɔ hɔ a ne babarima yare wɔ Kapernaum. 47 Berɛ a ɔbarima yi tee sɛ Yesu afiri Yudea aba Galilea no, ɔkɔɔ ne nkyɛn. Na ɔkɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra,* na ɔmmɛsa ne ba no yareɛ, ɛfiri sɛ na ɔreyɛ awu. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo deɛ, sɛ moanhunu sɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ a, monnye nni da.” 49 Ahemfie panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra na me ba ketewa no anwu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sim kɔ; wo ba no te ase.”+ Ɔbarima no gyee asɛm a Yesu kae no dii, na ɔkɔeɛ. 51 Na berɛ a ɔnam kwan so rekɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no te nkwa mu.* 52 Enti ɔbisaa wɔn berɛ a ne ho tɔɔ no. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnora, dɔn a ɛtɔ so nson* na atiridii no gyaeeɛ.” 53 Ɛhɔ na papa no hunuu sɛ saa berɛ no ara na Yesu kaa sɛ: “Wo ba no te ase.”+ Enti ɔne ne fiefoɔ nyinaa gye dii. 54 Wei ne sɛnkyerɛnne+ a ɛtɔ so mmienu a Yesu yɛeɛ berɛ a ɔfiri Yudea baa Galilea no.

5 Wei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ+ bi durui, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 2 Tadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwan Pono+ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betsata, na abrannaa nnum wɔ ho. 3 Ɛhɔ na na nnipa pii a wɔyɛ ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye, ne wɔn a wɔn fã adwodwo deda. 4 *—— 5 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wayare mfeɛ 38. 6 Yesu hunuu sɛ ɔbarima yi da hɔ, na na ɔnim sɛ wayare berɛ tenten. Enti ɔbisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo anaa?”+ 7 Ɛnna ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: “Owura, menni obiara a sɛ nsuo no hono a, ɔde me bɛkɔ akɔto tadeɛ no mu. Sɛ meyɛ sɛ merekɔtɔ mu a, na obi adi m’anim akɔtɔ mu.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre! Fa wo kɛtɛ,* na nante.”+ 9 Ɛhɔ ara na ɔbarima no ho tɔɔ no, na ɔfaa ne kɛtɛ* firii aseɛ nantee.

Ná saa da no yɛ Homeda. 10 Enti Yudafoɔ no firii aseɛ ka kyerɛɛ ɔbarima a wɔasa no yareɛ no sɛ: “Ɛyɛ Homeda, na mmara mma kwan sɛ wobɛsoa kɛtɛ* no.”+ 11 Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔsaa me yareɛ no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ* na nante.’” 12 Wɔbisaa no sɛ: “Onipa bɛn na ɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’ no?” 13 Nanso na ɔbarima a wɔasa no yareɛ no nnim onipa korɔ, ɛfiri sɛ na Yesu afra nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no mu.

14 Weinom akyi no, Yesu huu no wɔ asɔrefie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo ho atɔ wo. Nyɛ bɔne bio, na biribi a ɛsene wei anyɛ wo.” 15 Ɔbarima no firii hɔ kɔe, na ɔkɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 16 Asɛm yi nti, Yudafoɔ no tan Yesu ani, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ weinom Homeda. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abɛsi sɛsɛɛ, na me nso, mekɔ so yɛ adwuma.”+ 18 Wei koraa na ɛmaa Yudafoɔ no ani bere hwehwɛɛ sɛ wɔbɛku no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ Homeda nko na na ɔrebu so, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya,+ de yɛɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.+

19 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, Ɔba no ankasa rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ ɔhunu sɛ Agya no yɛ.+ Na biribiara a Agya no yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20 Agya no pɛ Ɔba no asɛm,+ na ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ankasa yɛ nyinaa, na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene weinom ama no ayɛ mo nwanwa.+ 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ na ɔma wɔn nkwa no,+ saa ara na Ɔba no nso ma obiara a ɔpɛ ba nkwa mu.+ 22 Na Agya no mmu obiara atɛn, na mmom ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,+ 23 na ama obiara adi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, ɔnni Agya a ɔsomaa no no ni.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔtie m’asɛm na ɔgye Deɛ ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa,+ na wɔremmu no atɛn, na mmom wafiri owuo mu aba nkwa mu.+

25 “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ no reba, na aduru, sɛ awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔayɛ aso atie no, wɔbɛnya nkwa. 26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa wɔ ɔno ankasa mu*+ no, saa ara na wama Ɔba no nso anya nkwa wɔ ɔno ankasa mu.+ 27 Na Agya no ama no tumi sɛ ɔmmu atɛn,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ onipa Ba.+ 28 Mommma wei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ berɛ no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne,+ 29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.+ 30 Merentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee. Deɛ mete firi Agya no hɔ no, ɛno ara na megyina so bu atɛn. Na atɛn a mebuo no tene,+ ɛfiri sɛ menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.+

31 “Sɛ me nko ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.+ 32 Obi foforɔ wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi wɔ me ho no yɛ nokorɛ.+ 33 Moasoma nnipa akɔ Yohane hɔ, na wadi nokorɛ no ho adanseɛ.+ 34 Nanso mennye adanseɛ mfiri nnipa hɔ, na meka weinom na moanya nkwa. 35 Ná saa ɔbarima no yɛ kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn, na mo deɛ, na mopɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ne hann mu kakra.+ 36 Nanso, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no, ɛfiri sɛ nnwuma a m’Agya de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no, saa nnwuma a mereyɛ yi, ɛno ara na ɛdi adanseɛ sɛ Agya no na ɔsomaa me.+ 37 Na Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wadi me ho adanseɛ.+ Mo deɛ, montee ne nne da, na monhuu sɛdeɛ ɔteɛ nso,+ 38 na n’asɛm nni mo mu, ɛfiri sɛ monnye deɛ ɔsomaa no no mpo nni.

39 “Mohwehwɛ Twerɛnsɛm no mu,+ ɛfiri sɛ mosusu sɛ ɛno na ɛbɛma moanya daa nkwa; ɛno ara* nso na ɛdi me ho adanseɛ.+ 40 Nanso, mompɛ sɛ moba me nkyɛn,+ na moanya nkwa. 41 Mennye animuonyam mfiri nnipa hɔ, 42 na menim yie sɛ monni Onyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43 M’Agya din mu na mebaeɛ, nanso monnye me. Sɛ obi foforɔ ba ɔno ara ne din mu a, ɔno deɛ, mobɛgye no. 44 Mo mu biara gye animuonyam firi ne yɔnko nkyɛn, na animuonyam a ɛfiri Onyankopɔn koro pɛ no nkyɛn deɛ, monnye.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na moagye adi? 45 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo soboɔ akyerɛ Agya no. Baako pɛ na ɔbɔ mo soboɔ; ɔno ne Mose,+ deɛ mode mo ani ato ne so no. 46 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ ɔtwerɛɛ me ho asɛm.+ 47 Na sɛ monnye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na moagye nsɛm a meka no adi?”

6 Weinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea Po* anaa Tiberia Po no agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛseɛ bi kɔɔ so dii n’akyi,+ ɛfiri sɛ wɔhuu anwanwadeɛ a ɔyɛ de saa ayarefoɔ yareɛ no.+ 3 Enti Yesu foro kɔɔ bepɔ bi so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Saa berɛ no, na Yudafoɔ afahyɛ a wɔfrɛ no Twam+ no abɛn. 5 Berɛ a Yesu maa n’ani so hunuu sɛ nnipadɔm kɛseɛ bi reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”+ 6 Nanso ɔkaa wei de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔnim deɛ ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: “Paanoo denare* 200 renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya ketewaa bi mpo.” 8 N’asuafoɔ no baako, Simon Petro nua Andrea ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ baali* paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu. Nanso nnipa bebrebe yi, wei bɛyɛ wɔn dɛn?”+

10 Yesu kaa sɛ: “Momma nkurɔfoɔ no ntenatena ase.” Ná serɛ pii wɔ hɔ, enti nnipa no tenatenaa ase. Ná wɔn dodoɔ bɛyɛ 5,000.+ 11 Ɛnna Yesu faa paanoo no, na berɛ a ɔdaa ase no, ɔkyekyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no. Saa ara nso na ɔyɛɛ mpataa nketewa no, na dodoɔ a wɔpɛ biara, wɔnyae. 12 Afei berɛ a wɔdidi meeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano, na biribiara ansɛe kwa.” 13 Enti wɔboaboaa ano. Na baali paanoo nnum a nkurɔfoɔ no diiɛ no, deɛ ɛkaa aseɛ no yɛɛ nkɛntɛn 12 mama.

14 Berɛ a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ampa, wei ne Odiyifoɔ a ɔreba wiase no.”+ 15 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔkye no yɛ no ɔhene. Enti ɔtwee ne ho,+ na ɔno nko ara+ kɔhyɛɛ bepɔ no so bio.

16 Ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ* ɛpo no ano,+ 17 na wɔforo tenaa kodoɔ bi mu sɛ wɔretwa po no akɔ Kapernaum. Saa berɛ no, na esum aba, nanso na Yesu mmaa wɔn nkyɛn.+ 18 Afei nso, na mframa rebɔ dendeenden, enti na ɛpo no rebu fa so.+ 19 Afei berɛ a wɔharee kodoɔ no bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa nnan* no, wɔhunuu sɛ Yesu nam po no so a ɔrebɛn kodoɔ no, na ehu kaa wɔn. 20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ me a; monnsuro!”+ 21 Afei wɔde anigyeɛ maa no bɛtenaa kodoɔ no mu, na ankyɛ koraa na kodoɔ no duruu asaase a wɔrekɔ so no so.+

22 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔkaa ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ. Na anka kodoɔ ketewa bi na ɛwɔ hɔ, nanso Yesu anka n’asuafoɔ no ho antena saa kodoɔ no mu, ɛfiri sɛ na n’asuafoɔ no nko ara kɔ. 23 Na akodoɔ firi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase maa wɔdii paanoo no nkyɛn hɔ baabi. 24 Enti berɛ a nnipadɔm no hunuu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ no mu biara nni hɔ no, wɔkɔtenatenaa wɔn akodoɔ mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.

25 Na berɛ a wɔhuu no wɔ ɛpo no agya no, wɔbisaa no sɛ: “Rabi,+ berɛ bɛn na wobaa ha?” 26 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a mohunuiɛ nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo a modi meeɛ+ no ntira. 27 Monnyɛ aduane a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduane a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa+ a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma. Ɛfiri sɛ ɔno na Agya no, Onyankopɔn ankasa, de n’ahyɛnsodeɛ atim ne so de akyerɛ sɛ wagye no atom.”+

28 Enti wɔbisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?” 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn adwuma ne sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adi.”+ 30 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛyɛ+ na ama yɛahunu na yɛagye wo adi? Ɛdeɛn na wobɛyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana wɔ serɛ so+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɔmaa wɔn paanoo a ɛfiri soro maa wɔdiiɛ.’”+ 32 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, Mose amma mo paanoo a ɛfiri soro; m’Agya mmom na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no. 33 Na Onyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro a ɔma wiase nkwa no.” 34 Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn saa paanoo yi bi daa.”

35 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na obiara a ɔgye me di no, sukɔm renne no da.+ 36 Na sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahu me, nanso monnye nni.+ 37 Wɔn a Agya no de wɔn ama me nyinaa bɛba me nkyɛn, na deɛ ɔba me nkyɛn no, merempamo no da;+ 38 ɛfiri sɛ mesiane firii soro baa+ sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ me ara m’apɛdeɛ.+ 39 Deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ na wɔn a ɔde wɔn ama me no, obiara anyera, na ɛda a ɛdi akyire no, manyane wɔn.+ 40 Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔgye Ɔba no tom, na ɔgye no die no bɛnya daa nkwa,+ na ɛda a ɛdi akyire no, mɛnyane no.”+

41 Afei Yudafoɔ no firii aseɛ kasakasaa sɛ Yesu aka sɛ: “Mene paanoo a ɛsiane firii soro no.”+ 42 Na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ɛnyɛ Yesu, Yosef ba a yɛnim ne papa ne ne maame no nie?+ Ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔreka sɛ, ‘Mesiane firii soro na ɛbaeɛ’ yi?” 43 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnyae akasakasa no. 44 Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no,+ na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.+ 45 Wɔatwerɛ wɔ Adiyifoɔ no mu sɛ: ‘Yehowa* bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’+ Obiara a watie Agya no, na wagye ne nkyerɛkyerɛ atom no ba me nkyɛn. 46 Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahunu Agya no;+ deɛ ɔfiri Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahunu Agya no.+ 47 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye di no wɔ daa nkwa.+

48 “Mene nkwa paanoo no.+ 49 Mo agyanom dii mana wɔ serɛ so, nanso wɔwuwui.+ 50 Wei ne paanoo a ɛsiane firii soro no, sɛ́ obiara nni bi, na wanwu. 51 Mene paanoo a ɛte ase a ɛsiane firii soro baeɛ no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na nokwasɛm ne sɛ, paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagyeɛ nti mede bɛma.”+

52 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ gyee akyinnyeɛ wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn ama yɛadi?” 53 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa wɔ mo mu.+ 54 Obiara a ɔdi me honam, na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no+ ɛda a ɛdi akyire no; 55 ɛfiri sɛ me honam yɛ aduane ankasa, na me mogya nso yɛ anonneɛ ankasa. 56 Obiara a ɔdi me honam na ɔnom me mogya no, ɔne me yɛ baako daa, na me nso me ne no yɛ baako.+ 57 Sɛdeɛ Agya a ɔte ase no somaa me, ná Agya no nti na mete ase no, saa ara na deɛ ɔdi me honam no, me nti, ɔno nso bɛtena ase.+ 58 Wei ne paanoo a ɛsiane firii soro baeɛ no. Ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ nanso wɔwuwuiɛ no. Obiara a ɔdi saa paanoo yi bi no, ɔbɛtena ase daa.”+ 59 Ɔkaa weinom berɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu* wɔ Kapernaum no.

60 Berɛ a n’asuafoɔ no mu pii tee wei no, wɔkaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hye; hwan na ɔbɛtumi atie?” 61 Nanso Yesu huu wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ no rekasakasa wɔ wei ho, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Wei to mo suntidua anaa? 62 Na sɛ mohunu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kane no+ nso ɛ? 63 Honhom no na ɛma nkwa;+ honam deɛ, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom, na ɛyɛ nkwa.+ 64 Nanso mo mu bi nnye nni.” Asɛm no ne sɛ, ɛfiri mfitiaseɛ no, na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie ne deɛ na ɔbɛyi no ama.+ 65 Ɔtoaa so kaa sɛ: “Wei nti na maka akyerɛ mo sɛ, obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no kwan.”+

66 Wei nti, n’asuafoɔ no bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyire no ho,+ na wɔne no annante bio. 67 Enti Yesu bisaa Dumienu no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” 68 Simon Petro buaa no sɛ: “Awurade, hwan nkyɛn na yɛnkɔ?+ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.+ 69 Yɛagye adi, na yɛabɛhunu sɛ wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no.”+ 70 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ me na meyii mo nnipa dumienu yi?+ Nanso mo mu baako yɛ dinsɛefoɔ.”*+ 71 Deɛ na ɔreka ne ho asɛm ankasa ne Yuda, Simon Iskariot ba no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Dumienu no mu baako+ deɛ, nanso na ɔrebɛyi no ama.

7 Wei akyi no, Yesu kɔɔ so kyini faa Galilea, na na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no repɛ no aku no.+ 2 Nanso na Yudafoɔ Apata* Afahyɛ+ no abɛn. 3 Enti ne nua mmarima+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi ha na kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’asuafoɔ no nso bɛhunu nnwuma a woreyɛ no bi. 4 Obiara nni hɔ a sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ adeɛ ma nkurɔfoɔ hu no a, ɔbɛyɛ no kokoam. Sɛ wotumi yɛ weinom a, ɛnneɛ fa wo ho kyerɛ wiase no.” 5 Asɛm no ara ne sɛ, na ne nua mmarima no nnye no nni.+ 6 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me berɛ nnya nsoe,+ na mo deɛ, berɛ biara yɛ ma mo. 7 Wiase no nni biribiara a ɛbɛgyina so atan mo, na me deɛ, ɛtan me, ɛfiri sɛ medi adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.+ 8 Mo deɛ, monkɔ afahyɛ no ase, na me deɛ, mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, ɛfiri sɛ me berɛ nnya nsoe.”+ 9 Na berɛ a ɔkaa weinom kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔtenaa Galilea.

10 Nanso berɛ a ne nuanom kɔɔ afahyɛ no ase no, ɔno nso kɔe, nso wanyi ne ho adi. Mmom ɔde ne ho sieeɛ. 11 Enti Yudafoɔ no firii aseɛ hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase, na wɔbisaa sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” 12 Na huhuhuhu kɔɔ so wɔ nnipadɔm no mu wɔ Yesu ho. Ebinom kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Ɛnna ebi nso se: “Ɛnyɛ nokorɛ, mmom ɔdaadaa nnipadɔm no.”+ 13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.+

14 Berɛ a afahyɛ no duruu mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. 15 Wei yɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim Twerɛnsɛm* no saa+ berɛ a ɔnkɔɔ sukuu* biara?”+ 16 Yesu nso buaa wɔn sɛ: “Deɛ mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no dea.+ 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn hɔ+ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa. 18 Obiara a ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara n’animuonyam; na obiara a ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no,+ ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ ɛntene biara nni ne mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara+ no anaa? Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morepɛ me aku me?”+ 20 Nnipadɔm no buaa sɛ: “Wowɔ honhommɔne. Hwan na ɔrepɛ wo aku wo?” 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Adeɛ baako pɛ a meyɛeɛ na ayɛ mo nyinaa nwanwa yi? 22 Wei nti na Mose ama mo twetiatwa,*+ ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose berɛ so, na mmom ɛfiri agyanom berɛ so;+ na motwa nnipa twetia homeda. 23 Sɛ wɔtumi twa obi twetia homeda sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrento Mose Mmara no a, ɛnneɛ adɛn nti na mo bo afu me dendeenden sɛ mama obi ho atɔ no homeda?+ 24 Deɛ mo ani hunu na mogyina so bu atɛn; monnyae saa, na mommu atɛn wɔ tenenee mu.”+

25 Ɛnna Yerusalemfoɔ no bi firii aseɛ bisaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na wɔrepɛ no aku no no?+ 26 Nanso hwɛ! ɔgyina nnipa mu rekasa, nso wɔnka hwee nkyerɛ no. Adɛn, atumfoɔ no abɛhunu sɛ ɔno ara ne Kristo no anaa? 27 Yɛnim baabi a ɔbarima yi firi;+ nanso Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, ɛnsɛ sɛ obiara hunu baabi a ɔfiri.” 28 Na berɛ a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no, ɔteaam sɛ: “Moni me, na monim baabi a mefiri nso. Ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ.+ Mmom Deɛ ɔsomaa me no yɛ obi a ɔwɔ hɔ paa, nanso monni no.+ 29 Me deɛ, meni no,+ ɛfiri sɛ mebaa sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” 30 Enti wɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akye no,+ nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne berɛ nnya nsoe.+ 31 Wei nyinaa akyi, nnipadɔm no mu pii gyee no dii.+ Na wɔkaa sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asene deɛ ɔbarima yi ayɛ yi anaa?”

32 Farisifoɔ no tee sɛ nnipadɔm no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa Yesu ho. Enti asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no somaa awɛmfoɔ sɛ wɔnkɔkye no. 33 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn kakra ansa na makɔ Deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.+ 34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 35 Ɛno nti, Yudafoɔ no kekaa wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛhe na ɔbarima yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛrenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a wɔahwete Greecefoɔ mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Greecefoɔ no anaa? 36 Asɛm a ɔkaeɛ yi kyerɛ sɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ’?”

37 Na ɛda a ɛtwa toɔ a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteaam sɛ: “Sɛ sukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.+ 38 Obiara a ɔgye me die no, sɛdeɛ twerɛsɛm no aka no: ‘Ne mu tɔnn na nkwa asubɔnten bɛtene afiri.’”+ 39 Nanso honhom+ no na na ɔreka ho asɛm, honhom a na wɔn a wɔgye no die no rebɛnya no. Saa berɛ no, na honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ na wɔnhyɛɛ Yesu animuonyam.+ 40 Ɛnna nnipadɔm no mu bi a wɔtee nsɛm yi firii aseɛ kaa sɛ: “Ampa, wei ne Odiyifoɔ+ no.” 41 Ná ebi nso reka sɛ: “Wei ne Kristo no.”+ Ɛnna ebinom rebisa sɛ: “Galilea na Kristo no bɛfiri aba anaa?+ 42 Twerɛnsɛm no se, Dawid+ aseni no mu na Kristo no bɛfiri aba, na ɔbɛfiri Betlehem+ na aba, akuraa a na Dawid te mu+ no, ɛnte saa?” 43 Na ne nti, nnipadɔm no mu kyɛe. 44 Ná wɔn mu bi pɛ sɛ wɔkye no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45 Enti awɛmfoɔ no san kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no hɔ, na wɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Awɛmfoɔ no buaa sɛ: “Obiara nkasaa saa da.”+ 47 Ɛnna Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso wɔadaadaa mo anaa? 48 Atumfoɔ no anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?+ 49 Na nnipadɔm yi a wɔnnim Mmara no, wɔadome wɔn.” 50 Ɛnna Nikodemo, Farisini a berɛ bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no bisaa wɔn sɛ: 51 “Sɛ yɛnnii kan ntiee obi anom asɛm nhunuu deɛ ɔreyɛ a, yɛn Mmara tumi bu no atɛn anaa?”+ 52  Wɔbuaa no sɛ: “Adɛn, wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara nni hɔ a ɔbɛfiri Galilea aba.”*

8 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a ɔdi m’akyi no rennante sum mu da, mmom ɔbɛnya nkwa hann.”+ 13 Enti Farisifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara na wodi wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.” 14 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Sɛ me ara na medi me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekɔ.+ Na mo deɛ, monnim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekɔ. 15 Nnipa adwene* na mode bu atɛn;+ me deɛ, memmu onipa biara atɛn koraa. 16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.+ 17 Afei nso, wɔatwerɛ wɔ mo ara mo Mmara mu sɛ: ‘Nnipa mmienu adanseɛ yɛ nokorɛ.’+ 18 Medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”+ 19 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buaa sɛ: “Monnim me, na saa ara nso na monnim m’Agya.+ Sɛ monim me a, anka mobɛhunu m’Agya nso.”+ 20 Berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no na ɔkaa weinom wɔ baabi a wɔyi ntoboa+ no. Nanso obiara ankye no, ɛfiri sɛ na ne berɛ nnya nsoe.+

21 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, nanso mobɛwu wɔ mo bɔne mu.+ Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 22 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Adɛn, ɔpɛ sɛ ɔku ne ho anaa? Ɛfiri sɛ ɔse, ‘Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.’” 23 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro.+ Mofiri wiase yi mu; me deɛ, memfiri wiase yi mu. 24 Ɛno nti na meka kyerɛɛ mo sɛ: Mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ mene no a, ɛnneɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu.” 25 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Wone hwan?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti koraa na me ne mo rekasa? 26 Mewɔ nsɛm pii a ɛsɛ sɛ meka fa mo ho, na mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mebu ho atɛn. Nokwasɛm nie, Deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ mete firii ne nkyɛn no ara na mereka wɔ wiase.”+ 27 Wɔante aseɛ sɛ Agya no ho asɛm na na ɔreka akyerɛ wɔn. 28 Na Yesu kaa sɛ: “Sɛ monya ma onipa Ba no so+ a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na deɛ Agya no akyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. 29 Na Deɛ ɔsomaa me no ka me ho; wannya me nko ara, ɛfiri sɛ daa meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.”+ 30 Berɛ a ɔreka saa nsɛm no, nnipa pii gyee no dii.

31 Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ Yudafoɔ a na wɔagye no adi no sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafoɔ ampa, 32 na mobɛhunu nokorɛ no,+ na nokorɛ no bɛyi mo afiri nkoasom mu.”*+ 33 Wɔbuaa no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefoɔ, na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Wɔbɛyi mo afiri nkoasom mu?”* 34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ bɔne akoa.+ 35 Afei nso, akoa nka fie daa; ɔba na ɔka fie daa. 36 Enti sɛ Ɔba no yi mo firi nkoasom mu* a, ɛnneɛ na monyɛ nkoa bio* ampa. 37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ. Nanso morepɛ me aku me, ɛfiri sɛ monnye me nkyerɛkyerɛ ntom.* 38 Deɛ mehunuiɛ berɛ a mewɔ m’Agya nkyɛn no,+ ɛno na meka; na mo nso, deɛ moate afiri mo agya hɔ no, ɛno na moyɛ.” 39 Wɔbuaa no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma. 40 Nanso seesei morepɛ me aku me, onipa a maka nokorɛ a mete firii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no.+ Abraham anyɛ wei. 41 Mo agya nnwuma na moreyɛ.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo yɛn adwamammɔ* mu; yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Onyankopɔn.”

42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ ɛfiri sɛ mefiri Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 43 Adɛn nti na monte deɛ mereka no ase? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm. 44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛdeɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+ 45 Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ kyerɛ mo nti, monnye me nni. 46 Mo mu hwan na ɔbɛtumi abu me atɛn sɛ mayɛ bɔne? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nni? 47 Deɛ ɔfiri Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.+ Deɛ enti a montie ne sɛ, momfiri Onyankopɔn.”+

48 Ɛnna Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ yɛkaeɛ no na ɛda hɔ no, ‘Woyɛ Samariani,+ na wowɔ honhommɔne.’”+ 49 Yesu buaa sɛ: “Menni honhommɔne, na mmom medi m’Agya ni, na mo deɛ, mogu m’anim ase.* 50 Nanso menhwehwɛ animuonyam mma me ho;+ Onyankopɔn na ɔpɛ sɛ menya animuonyam, na Ɔno na ɔbu atɛn. 51 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛdi m’asɛm so no, ɔrenwu da.”*+ 52 Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei paa na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wui, na adiyifoɔ no nso saa ara. Nanso wo deɛ, wose, ‘Obiara a ɔbɛdi m’asɛm so no, ɔrenka owuo nhwɛ koraa.’ 53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Adiyifoɔ no nso, wɔwuwui. Wosusu sɛ woyɛ hwan?” 54 Yesu buaa sɛ: “Sɛ me ara mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya na ɔhyɛ me animuonyam,+ deɛ moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no. 55 Nanso monni no,+ na me deɛ, meni no.+ Sɛ meka sɛ menni no a, na meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso meni no, na medi n’asɛm so. 56 Ná mo agya Abraham wɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛhu me da no, na n’ani gyee paa; ɔhunui, na ɔdii ahurisie.”+ 57 Ɛnna Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonnii mfeɛ 50 mpo na wose woahu Abraham yi?” 58 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”+ 59 Ɛno nti, wɔtasee aboɔ sɛ wɔrebɛtoto aboro no; nanso Yesu de ne ho sieeɛ, na ɔfirii asɔrefie hɔ kɔe.

9 Berɛ a ɔretwam no, ɔhuu ɔbarima bi a wɔwoo no nifirani. 2 Ɛnna n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Rabi,+ hwan na ɔyɛɛ bɔne a enti wɔwoo ɔbarima yi nifirani? Ɛyɛ ɔno ara, anaa n’awofoɔ?” 3 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi anaa n’awofoɔ mu biara na ɛyɛɛ bɔne, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu Onyankopɔn nnwuma ntira.+ 4 Berɛ a adekyeeɛ wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Deɛ ɔsomaa me no nnwuma.+ Anadwo reba, na obiara rentumi nyɛ adwuma. 5 Berɛ tenten a mewɔ wiase yi deɛ, mene wiase hann.”+ 6 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo too fam, na ɔde ntasuo no fraa dɔteɛ, ɛnna ɔde sraa ɔbarima no ani so.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔhohoro wɔ tadeɛ Siloam (a ne nkyerɛaseɛ ne “Wɔasoma”) no mu. Enti ɔkɔe, na ɔkɔhohoroe; ɔsan baeɛ no, na ɔhunu adeɛ.+

8 Na mpɔtamu hɔfoɔ ne wɔn a kane no na wɔhu no sɛ ɔsrɛsrɛ adeɛ no firii aseɛ kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no nie?” 9 Ebinom kaa sɛ: “Ɛyɛ ɔno a.” Ɛnna ebinom nso se: “Daabi, sɛ na ɔsɛ no.” Ɔbarima no deɛ, deɛ na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛyɛ me ara.” 10 Enti wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?” 11 Ɔbuaa sɛ: “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfetee dɔteɛ de sraa m’ani so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ Siloam mu na kɔhohoro.’+ Enti mekɔe, na mekɔhohoroe, na mehunuu adeɛ.” 12 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” Na ɔkaa sɛ: “Mennim.”

13 Ɛnna wɔde ɔbarima a na anka n’ani afira no kɔɔ Farisifoɔ no hɔ. 14 Yɛreka yi, ɛda a Yesu fetee dɔteɛ na ɔbuee n’ani no,+ na ɛyɛ Homeda.+ 15 Enti afei, Farisifoɔ no nso firii aseɛ bisaa no deɛ ɛyɛeɛ a ɔhunuu adeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔfetee dɔteɛ de yɛɛ m’ani so, ɛnna mekɔhohoroeɛ, ɛnna mehunuu adeɛ.” 16 Ɛnna Farisifoɔ no bi firii aseɛ kaa sɛ: “Onipa yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ ɔnni Homeda.”+ Na ebinom nso kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔyɛ ɔbɔnefoɔ atumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte saa?”+ Enti wɔn mu paapaee.+ 17 Ɛnna wɔbisaa nifirani no bio sɛ: “Wo na wabue w’ani, enti deɛn na woka fa ne ho?” Ɔbarima no kaa sɛ: “Ɔyɛ odiyifoɔ.”

18 Nanso Yudafoɔ no annye anni sɛ na n’ani afira, ɛnna afei wahunu adeɛ, kɔsii sɛ wɔkɔfrɛɛ ɔbarima a afei deɛ ɔhunu adeɛ no awofoɔ baeɛ. 19 Na wɔbisaa wɔn sɛ: “Mo ba a moka sɛ mowoo no nifirani no nie? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ?” 20 N’awofoɔ no buaa sɛ: “Yɛnim sɛ yɛn ba nie. Yɛwoo no no, na n’ani afira. 21 Nanso deɛ ɛyɛeɛ a seesei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim, na onipa a ɔbuee n’ani no nso, yɛnnim. Mommisa no. Wanyini. Ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔka n’asɛm.” 22 Deɛ enti a n’awofoɔ kaa wei ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ no.+ Ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no abɔ pɔ sɛ, sɛ obi gye Yesu tom sɛ ɔno ne Kristo a, wɔbɛtu no afiri hyiadan no mu.+ 23 Wei na ɛmaa n’awofoɔ kaa sɛ: “Wanyini. Mommisa no” no.

24 Enti wɔfrɛɛ ɔbarima a na n’ani afira no ne mprenu so, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ Onyankopɔn animuonyam; yɛnim sɛ saa ɔbarima no yɛ ɔbɔnefoɔ.” 25 Ɔno nso kaa sɛ: “Sɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ a, me deɛ mennim. Adeɛ baako na menim, ɛne sɛ na meyɛ nifirani, nanso afei deɛ, mehunu adeɛ.” 26 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Deɛn na ɔyɛɛ wo? Ɔyɛɛ dɛn na ɔbuee w’ani?” 27 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo dada, nanso moantie. Adɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ moyɛ n’asuafoɔ anaa?” 28 Ɛnna wɔdidii no atɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na woyɛ saa ɔbarima no suani, na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. 29 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, na saa ɔbarima yi deɛ, yɛnnim baabi a ɔfiri.” 30 Ɔbarima no buaa wɔn sɛ: “Asɛm yi yɛ nwanwa paa, sɛ monnim baabi a ɔfiri, nanso wabue m’ani. 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na sɛ obi suro Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno mmom na ɔtie no.+ 32 Ɛfiri tete bɛsi nnɛ, yɛntee sɛ obi abue deɛ wɔawo no nifirani ani da. 33 Sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.”+ 34 Wɔbuaa no sɛ: “Wo a bɔne mu nko na wɔwoo wo yi, wo na worekyerɛkyerɛ yɛn?” Ɛnna wɔpamoo no firii hɔ!+

35 Yesu tee sɛ wɔapamo no. Na berɛ a Yesu huu no no, ɔbisaa no sɛ: “Wogye onipa Ba no di anaa?” 36 Ɔbarima no buaa sɛ: “Owura, ɔne hwan, na mennye no nni?” 37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu no, na nokwasɛm ne sɛ, ɔno ara na ɔne wo rekasa yi.” 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, megye no di.” Na ɔkotoo n’anim. 39 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Atemmuo yi nti na mebaa wiase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnhunu adeɛ no bɛhunu adeɛ,+ na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ.”+ 40 Farisifoɔ a na wɔwɔ hɔ no mu bi tee nsɛm yi, na wɔbisaa no sɛ: “Yɛn nso, yɛyɛ anifirafoɔ anaa?” 41 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka bɔne nni mo ho. Nanso seesei moka sɛ, ‘Yɛhunu adeɛ.’ Enti mo bɔne no aka hɔ.”+

10 “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo no mu, na ɔforo fa baabi foforɔ no, saa onipa no yɛ korɔmfoɔ ne obi a ɔfom nneɛma.+ 2 Na deɛ ɔfa ɛpono ano ba mu no, ɔno ne nnwan no hwɛfoɔ.+ 3 Ɔno na ɛpono ano hwɛfoɔ no bue no,+ na nnwan no tie ne nne.+ Ɔbobɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn, na ɔdi wɔn anim de wɔn pue. 4 Sɛ ɔde ne nnwan no nyinaa pue a, ɔdi wɔn anim, na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. 5 Ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi da. Mmom, wɔbɛdwane afiri ne nkyɛn, ɛfiri sɛ wɔnnim ahɔhoɔ nne.” 6 Yesu yɛɛ saa ntotoho yi kyerɛɛ wɔn, nanso wɔante asɛm a na ɔreka akyerɛ wɔn no ase.

7 Enti Yesu kaa bio sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mene nnwan no pono no.+ 8 Wɔn a wɔde me din aba nyinaa yɛ awifoɔ ne akorɔmfo-werɛmfoɔ; na nnwan no antie wɔn. 9 Mene ɛpono no; obiara a ɔfa me so kɔ mu no, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu na waba na wanya adidibea.+ 10 Korɔmfoɔ remma, gye sɛ ɔrebɛwia adeɛ, adi awu, na wasɛe adeɛ.+ Me deɛ, maba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nkwa, na wɔanya ama aboro so. 11 Mene odwanhwɛfoɔ pa+ no; odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa* to hɔ ma nnwan no.+ 12 Ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, a nnwan no nyɛ ne dea no, sɛ ɔhu sɛ pataku reba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane, na pataku no kye nnwan no, na ɔbɔ wɔn hwete. 13 Deɛ enti a ɔpaani no dwane ne sɛ, paa na wɔabɔ no, enti nnwan no ho nhia no. 14 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan, na me nnwan nso nim me;+ 15 ɛte sɛ deɛ Agya no nim me, na me nso minim Agya no+ ara pɛ. Na mede me nkwa* to hɔ ma nnwan no.+

16 “Mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu;+ wɔn nso, ɛsɛ sɛ mede wɔn ba mu. Wɔbɛtie me nne, na wɔabɛyɛ kuo baako anya ɔhwɛfoɔ baako.+ 17 Wei nti na Agya no dɔ me,+ ɛfiri sɛ mede me nkwa* to hɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me nsa bɛka bio. 18 Obiara rennye mfiri me nsam, na mmom me ara na mede to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ M’Agya na ɔde saa ahyɛdeɛ yi maa me.”

19 Asɛm yi nti, Yudafoɔ no mu paapaee+ bio. 20 Wɔn mu pii kaa sɛ: “Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam. Adɛn nti na motie no?” 21 Ebinom nso kaa sɛ: “Wei nyɛ nsɛm a ɛfiri obi a ɔwɔ honhommɔne hɔ. Mohwɛ a, honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani ama no ayɛ yie?”

22 Saa berɛ no, na Asɔrefie-So-Hyira Afahyɛ* no rekɔ so wɔ Yerusalem. Ná ɛyɛ awɔ berɛ, 23 na na Yesu nenam asɔrefie hɔ wɔ Solomon abrannaa+ no so. 24 Ɛnna Yudafoɔ no kɔtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Wobɛma yɛatwɛn* akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, ka no pen kyerɛ yɛn.” 25 Yesu buaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo, nanso monnye nni. Nnwuma a meyɛ wɔ m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.+ 26 Nanso monnye nni, ɛfiri sɛ monyɛ me nnwan.+ 27 Me nnwan tie me nne, na menim wɔn, na wɔdi m’akyi.+ 28 Mɛma wɔn daa nkwa,+ na wɔrensɛe wɔn da, na obiara renhwim wɔn mfiri me nsam.+ 29 Nnwan a m’Agya de ama me no som bo sene ade foforɔ biara, na obiara rentumi nhwim wɔn mfiri Agya no nsam.+ 30 Me ne Agya no yɛ baako.”*+

31 Ɛnna Yudafoɔ no sesaa aboɔ bio sɛ wɔrebɛtoto aboro no. 32 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ nnwuma pa pii a ɛfiri Agya no nkyɛn akyerɛ mo. Nnwuma no mu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?” 33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Ɛnyɛ adwuma pa bi nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na mmom abususɛm a woaka+ ntira; ɛfiri sɛ woyɛ onipa, nanso woyɛ wo ho onyame.” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔntwerɛɛ wɔ mo Mmara mu sɛ, ‘Mekaa sɛ: “Moyɛ anyame”’?+ 35 Na yɛnim sɛ wosesa twerɛsɛm no a, ɛrenyɛ yie. Enti sɛ Onyankopɔn frɛɛ wɔn a n’asɛm kasa tiaa wɔn no mpo ‘anyame’+ a, 36 ɛnneɛ me a Agya no ate me ho, na wasoma me aba wiase no, adɛn nti na moka kyerɛ me sɛ, ‘Woka abususɛm’ ɛsiane sɛ mekaa sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba’+ nti? 37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, monnnye me nnni. 38 Na sɛ meyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ, sɛ me na monnye me nni a, monnye nnwuma+ no nni, na moahunu, na moakɔ so ahunu sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.”+ 39 Enti wɔsan yɛɛ sɛ wɔrekye no, nanso ɔfirii hɔ kɔe a wɔn nsa anka no.

40 Na ɔsiim bio kɔtwaa Yordan, na ɔkɔɔ baabi a kane no na Yohane bɔ nkurɔfoɔ asu+ no, na ɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa bebree baa ne nkyɛn, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne baako mpo, nanso deɛ Yohane ka faa ɔbarima yi ho nyinaa yɛ nokorɛ.”+ 42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

11 Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lasaro yare. Ná ɔfiri Betania, akuraa a Maria ne ne nuabaa Marta+ firi mu no. 2 Maria yi, ɔno na ɔhwiee ngo hwamhwam guu Awurade ho, na ɔde ne tiri nwi pepaa ne nan ase+ no. Ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no. 3 Enti ne nua mmaa no de nkra kɔmaa Yesu sɛ: “Awurade, hwɛ! deɛ wopɛ n’asɛm no yare.” 4 Na berɛ a Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Saa yareɛ yi nyɛ yareɛ a ɛde no bɛkɔ wuo mu, na mmom Onyankopɔn animuonyam ntira,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn Ba no animuonyam.”

5 Ná Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa ne Lasaro. 6 Nanso berɛ a ɔtee sɛ Lasaro yare no, ɔtenaa baabi a na ɔwɔ no nnanu kaa ho. 7 Na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio.” 8 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ nnaano yi ara na anka Yudafoɔ no resi wo aboɔ,+ ɛnna woresan akɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwere 12 na ɛwɔ adekyeeɛ mu?+ Sɛ obi nante awia a, ne nan mpem hwee,* ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann. 10 Na sɛ obi nante anadwo a, ne nan pem adeɛ,* ɛfiri sɛ ɔnni hann mu.”*

11 Berɛ a ɔkaa weinom no, ɔka kaa ho sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada,+ na merekɔ hɔ akɔnyane no.” 12 Ɛnna asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wada a, ɛnneɛ ne ho bɛtɔ no.” 13 Yesu deɛ, ne wuo ho asɛm na na ɔreka. Nanso na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nna ankasa ho asɛm na ɔreka. 14 Enti afei deɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu,+ 15 na mo nti, ɛyɛ me dɛ sɛ na menni hɔ, na ama moagye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Enti Toma a na wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu.”+

17 Berɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ na Lasaro adi nnanan dada wɔ ɛda no mu. 18 Ná Betania bɛn Yerusalem. Ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ akwansini* mmienu. 19 Ɛno nti, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn rebɛkyekye wɔn werɛ, wɔn nua no nti. 20 Berɛ a Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria+ deɛ, ɔtenaa fie. 21 Ɛnna Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu. 22 Na seesei mpo, menim sɛ adeɛ biara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre wɔ owusɔreɛ no mu.”+ 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa.+ Deɛ ɔgye me di no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛba nkwa mu; 26 na obiara a ɔte ase a ɔgye me di no, ɔrenwu da.+ Wogye wei di anaa?” 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, megye di sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba no, deɛ ɔreba wiase no.” 28 Berɛ a ɔkaa wei wieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria. Ɔka guu n’asom sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ+ no aba, na ɔrefrɛ wo.” 29 Berɛ a Maria tee saa no, ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

30 Saa berɛ no, na Yesu nnya nkɔɔ akuraa no ase, na mmom na ɔda so wɔ baabi a Marta bɛhyiaa no no. 31 Berɛ a Yudafoɔ a na wɔne Maria wɔ fie hɔ rekyekye ne werɛ no huu sɛ wasɔre prɛko pɛ apue no, wɔdii n’akyi. Ná wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɔrekɔ ɛda+ no so akɔsu wɔ hɔ. 32 Berɛ a Maria duruu baabi a Yesu wɔ a n’ani bɔɔ ne so no, ɔhwee ne nan ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” 33 Berɛ a Yesu huu sɛ Maria resu, a Yudafoɔ a wɔkaa ne ho baeɛ no nso resu no, ɔguu ahome kɛse,* na ne ho yeraa no. 34 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na mode no toeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ.” 35 Yesu sui.+ 36 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ na ɔpɛ n’asɛm!” 37 Nanso wɔn mu bi kaa sɛ: “Ɔbarima yi a ɔbuee nifirani no ani+ no, enti wantumi anhwɛ ama wei awu?”

38 Afei berɛ a Yesu guu ahome bio no, ɔbaa ɛda no so. Ná ɛyɛ ɔbodan, na na ɛboɔ twere ano. 39 Yesu kaa sɛ: “Monyi boɔ no.” Ɛnna Marta a ne nua awu no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, ɛfiri sɛ wadi nnanan.” 40 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”+ 41 Enti wɔyii boɔ no firii hɔ. Afei Yesu maa n’ani so hwɛɛ soro,+ na ɔkaa sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Menim paa sɛ wotie me daa; nanso nnipadɔm a wɔgyinagyina ha no nti na mereka wei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”+ 43 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Lasaro, pue bra!”+ 44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue baeɛ. Ná wɔde ntoma akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntoma bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsane no, na momma no nkɔ.”

45 Enti Yudafoɔ a na wɔaba Maria nkyɛn a wɔhuu deɛ Yesu yɛeɛ no bebree gyee Yesu dii.+ 46 Nanso wɔn mu bi kɔɔ Farisifoɔ no hɔ, na wɔkɔkaa deɛ Yesu ayɛ no kyerɛɛ wɔn. 47 Ɛno nti, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no frɛɛ Sanhedrin no bɛhyiae, na wɔkaa sɛ: “Deɛn koraa na yɛnyɛ, ɛfiri sɛ ɔbarima yi yɛ nsɛnkyerɛnne+ bebree? 48 Sɛ yɛgyaa no saa a, wɔn nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ no bɛba abɛfa yɛn ha yi* ne yɛn man no nyinaa.” 49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa,+ a na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim hwee koraa. 50 Enti monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔmanfoɔ no, sene sɛ ɔman mu no nyinaa bɛsɛe?” 51 Nanso ɛnyɛ ɔno ara na ɔde n’adwene kaa wei. Mmom, na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no. Ɛno nti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu wu ma ɔman no. 52 Ɛnyɛ ɔman no nko ara, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛboaboa Onyankopɔn mma a wɔabɔ wɔn ahwete no ano ayɛ wɔn baako. 53 Enti ɛfiri saa da no ara wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku no.

54 Ɛno nti, Yesu annante badwam bio wɔ Yudafoɔ no mu, mmom ɔfirii hɔ kɔɔ baabi a ɛbɛn serɛ so, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim+ mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ. 55 Saa berɛ no, na Yudafoɔ Twam+ Afahyɛ no abɛn. Na nnipa bebree firi nkuraaseɛ foro kɔɔ Yerusalem ansa na Twam Afahyɛ no reduru so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akɔdwira wɔn ho. 56 Ná wɔrehwehwɛ Yesu, na berɛ a wɔgyinagyina asɔrefie hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Modwene ho sɛn? Ɔremma afahyɛ no ase koraa anaa?” 57 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no ahyɛ mmara sɛ, sɛ obi hu baabi a Yesu wɔ a, ɔmmɛbɔ wɔn amanneɛ na wɔnkɔkye no.

12 Berɛ a aka nnansia ama Twam no aduru no, Yesu baa Betania; ɛhɔ na na Lasaro+ a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. 2 Enti wɔyɛɛ anwummerɛ aduane maa no wɔ hɔ, na na Marta resom wɔn.+ Lasaro deɛ, na ɔka wɔn a wɔne no redidi no ho.* 3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den paa, nardo ngo hwamhwam papa bi, bɛyɛ toa baako.* Na ɔhwie guu Yesu nan ho, na ɔde ne tiri nwi pepae. Na ngo hwamhwam+ no gyee efie hɔ nyinaa. 4 Nanso Yuda Iskariot+ a na ɔyɛ asuafoɔ no mu baako, a na ɔrebɛyi no ama no kaa sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare* 300 amfa amma ahiafoɔ?” 6 Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa saa, mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ. Ná sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa wiawia sika a wɔde gu mu no bi. 7 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa no mma ɔnyɛ amanneɛ yi mma da a wɔbɛsie me.+ 8 Ahiafoɔ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me deɛ, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.”+

9 Na nnipadɔm bi a wɔyɛ Yudafoɔ huu sɛ Yesu wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko ara nti na wɔbaa hɔ, na mmom wɔbɛhwɛɛ Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no nso. 10 Afei asɔfoɔ mpanimfoɔ no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku Lasaro nso, 11 ɛfiri sɛ ɔno nti, Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ, na wɔgyee Yesu dii.+

12 Ɛda a ɛdi hɔ no, nnipadɔm kɛseɛ a wɔbaa afahyɛ no ase no tee sɛ Yesu reba Yerusalem. 13 Enti wɔfaa berɛ, na wɔpue kɔhyiaa no. Ɛnna wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no! Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Nhyira ne Israel Hene+ no!” 14 Na Yesu huu afunumu ba bi, na ɔtenaa ne so,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: 15 “Sion babaa, nsuro. Hwɛ! Wo hene reba; ɔte afunumu ba so.”+ 16 Mfitiaseɛ no, n’asuafoɔ no ante weinom ase. Nanso berɛ a wɔhyɛɛ Yesu animuonyam+ no, wɔkaee sɛ, na wɔatwerɛ weinom afa ne ho, na wɔyɛ maa no.+

17 Na nnipadɔm a na wɔka ne ho berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii ɛda+ no mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no kɔɔ so dii adanseɛ.+ 18 Ɛno nso nti na nnipadɔm no kɔhyiaa Yesu no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne yi. 19 Ɛnna Farisifoɔ no kekaa sɛ: “Moahunu? Morentumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase nyinaa atu adi n’akyi.”+

20 Yɛreka yi, nnipa a na wɔaba sɛ wɔrebɛsom wɔ afahyɛ no ase no, na Greecefoɔ bi ka ho. 21 Saa Greecefoɔ yi baa Filipo+ nkyɛn, Filipo a na ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no, na wɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ: “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhu Yesu.” 22 Filipo kɔka kyerɛɛ Andrea, na Andrea ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.

23 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ no aso sɛ wɔhyɛ onipa Ba no animuonyam.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ hwiit* aba baako antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ baako; na sɛ ɛwu+ a, ɛso aba pii. 25 Obiara a ɔpɛ ne nkwa* no, ɔsɛe no, na deɛ ɔtan ne nkwa*+ wɔ wiase yi mu no, ɔbɛbɔ ho ban de akɔ daa nkwa+ mu. 26 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, ma onni m’akyi. Na baabi a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba.+ Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bɛdi no ni. 27 Seesei me ho yera me,*+ na deɛn na menka? Agya, gye me firi saa berɛ* yi mu.+ Nanso wei nti na maba berɛ* yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnna nne+ bi firi soro baa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam, na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”+

29 Nnipadɔm a wɔgyina hɔ no tee, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ aprannaa abom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.” 30 Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi baeɛ, na mmom mo ntira. 31 Seesei wɔrebu wiase yi atɛn; seesei wɔrebɛyi deɛ ɔdi wiase yi so+ no afiri hɔ.+ 32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asaase so+ a, mɛtwe nnipa ahodoɔ nyinaa bi aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa wei de kyerɛɛ owuo korɔ a na ɔrebɛwuo.+ 34 Enti nnipadɔm no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛte firii Mmara no mu sɛ Kristo no wɔ hɔ daa.+ Adɛn nti na woreka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so?+ Onipa Ba bɛn na woreka ne ho asɛm yi?” 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann no bɛtena mo mu kakra. Berɛ a mowɔ hann yi, monnante, na esum anni mo so; obiara a ɔnam sum mu no nnim baabi a ɔrekɔ.+ 36 Berɛ a mowɔ hann yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.”+

Berɛ a Yesu kaa weinom no, ɔfirii hɔ kɔe, na ɔde ne ho siee wɔn. 37 Ɛwom sɛ na wayɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim, nanso na wɔnnye no nni. 38 Ɛmaa asɛm a odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no baa mu. Ɔkaa sɛ: “Yehowa,* hwan na wagye deɛ wate afiri yɛn nkyɛn no adi?+ Na hwan na wɔayi Yehowa* basa akyerɛ no?”+ 39 Yesaia san kaa deɛ enti a wɔantumi annye anni no. Ɔkaa sɛ: 40 “Wafira wɔn ani, na wama wɔn akoma ayɛ den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhunu, na wɔremfa wɔn akoma nte aseɛ, na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”+ 41 Yesaia kaa weinom ɛfiri sɛ ɔhuu Kristo no animuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm.+ 42 Wei nyinaa akyi no, nnipa pii, a sodifoɔ mpo ka ho, gyee no dii,+ nanso Farisifoɔ no nti, wɔampae mu anka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentu wɔn mfiri hyiadan no mu;+ 43 ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam mmom sene Onyankopɔn animuonyam.+

44 Na Yesu maa ne nne so kaa sɛ: “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na mmom ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di;+ 45 na obiara a ɔhu me no, ɔhu Deɛ ɔsomaa me no nso.+ 46 Maba sɛ hann wɔ wiase,+ na obiara a ɔgye me di no antena sum mu.+ 47 Sɛ obi te me nsɛm na wanni so a, memmu no atɛn; ɛfiri sɛ mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mmom mebaa sɛ merebɛgye wiase nkwa.+ 48 Obiara a ɔmmu me, na ɔnni m’asɛm so no wɔ obi a ɔbɛbu no atɛn. Asɛm a maka no, ɛno na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no. 49 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me ara na mede me pɛ kasaeɛ, na mmom Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wakyerɛ me deɛ menka ne deɛ menkyerɛkyerɛ.*+ 50 Afei nso, menim sɛ deɛ wakyerɛ me* no ma daa nkwa.+ Enti deɛ meka biara, ɛyɛ deɛ Agya no aka akyerɛ me sɛ menka no ara.”+

13 Ansa na Twam Afahyɛ no rebɛdu no, na Yesu nim sɛ ne berɛ aso+ sɛ ɔfiri wiase na ɔkɔ Agya no nkyɛn.+ Ɛsiane sɛ na Yesu dɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.+ 2 Ná wɔredi anwummerɛ aduane no, na na Ɔbonsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot+ akomam dada sɛ ɔnyi Yesu mma.+ 3 Ná Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Ná ɔnim nso sɛ ɔfiri Onyankopɔn hɔ, na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Enti 4 ɔsɔre firii anwummerɛ aduane no ho, na ɔyii n’ataadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, ɛnna ɔfaa mpepaho de sii n’asene.+ 5 Ɛno akyi no, ɔde nsuo guu kyɛnsee bi mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɛbɔ ne mu no pepaa wɔn nan ho. 6 Berɛ a ɔduruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wo na worehohoro me nan ho?” 7 Yesu buaa no sɛ: “Deɛ mereyɛ yi, seesei deɛ worente aseɛ, na weinom akyi na wobɛte aseɛ.” 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho+ a, wonni m’afa.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, nhohoro me nan ho nko ara, mmom hohoro me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a wadware no, ɛnhia sɛ wɔhohoro ne ho baabiara ka ne nan ho, ɛfiri sɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.” 11 Ná ɔnim onipa a ɔbɛyi no ama.+ Ɛno nti na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi” no.

12 Berɛ a ɔhohoroo wɔn nan ho wieeɛ no, ɔhyɛɛ n’ataadeɛ ngugusoɔ no, na ɔkɔtenaa ɛpono no ho bio. Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛ mayɛ ama mo yi, mote aseɛ? 13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so, ɛfiri sɛ meyɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade.+ 14 Enti sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho+ a, mo nso, ɛsɛ sɛ* obiara hohoro ne yɔnko nan ho.+ 15 Na magya mo nhwɛsoɔ* sɛ, sɛdeɛ mayɛ ama mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 16 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura. Saa ara nso na deɛ wɔasoma no no nsene deɛ ɔsomaa no no. 17 Sɛ monim weinom na moyɛ a, mo ani bɛgye.+ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka mo ho asɛm; menim wɔn a mayi wɔn. Na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm yi bɛba mu ntira.+ Ɛka sɛ: ‘Deɛ na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.’*+ 19 Ɛfiri saa berɛ yi, mereka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi sɛ mene no.+ 20 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye deɛ mesoma no no, ɔgye me nso.+ Na obiara a ɔgye me no gye Deɛ ɔsomaa me no nso.”+

21 Berɛ a Yesu kaa wei wieeɛ no, ne ho yeraa no, na ɔkaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Asuafoɔ no mu biara firii aseɛ hwɛɛ ne yɔnko anim, na na wɔnhunu onipa a ɔreka ne ho asɛm.+ 23 Ná asuafoɔ no baako, deɛ na Yesu dɔ no no,+ te Yesu nkyɛn pɛɛ.* 24 Enti Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛ yɛn deɛ ɔreka ne ho asɛm no.” 25 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no pa tweree Yesu kokom, na ɔbisaa no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hwan?”+ 26 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei ɔde paanoo sini no bɔɔ mu, na ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Berɛ a Yuda gyee paanoo sini no, Satan bɛhyɛɛ ne mu.+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm.” 28 Wɔn a wɔtete ɛpono no ho deɛ, na obiara nnim deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Yuda na na ɔkura sika adaka no,+ enti ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ Yesu reka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nneɛma a yɛde bɛdi afahyɛ no,” anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ. 30 Berɛ a ɔgyee paanoo sini no, ntɛm ara na ɔfirii hɔ. Ná ɛyɛ anadwo.+

31 Berɛ a ɔpueeɛ no, Yesu kaa sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa Ba no animuonyam,+ na ne nti, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Na Onyankopɔn ankasa bɛhyɛ no animuonyam,+ na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm. 33 Mma nkumaa, me ne mo bɛtena kakra. Mobɛhwehwɛ me; na sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no morentumi mma hɔ’+ no, saa ara na seesei mereka akyerɛ mo nso. 34 Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.”+

36 Simon Petro bisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Baabi a merekɔ no, worentumi nni m’akyi seesei, nanso akyire yi, wobɛdi akyire aba.”+ 37 Petro bisaa no sɛ: “Awurade, adɛn nti na merentumi nni w’akyi seesei? Mede me nkwa* bɛto hɔ ama wo.”+ 38 Yesu buaa sɛ: “Wode wo nkwa* bɛto hɔ ama me? Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+

14 “Mommma mo akoma nntu.+ Monnye Onyankopɔn nni;+ me nso, monnye me nni. 2 Tenabea* pii wɔ m’Agya fie. Sɛ ɛnte saa a, anka mɛka akyerɛ mo. Merekɔ akɔsiesie baabi ama mo.+ 3 Na sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛsan aba bio na mabɛfa mo akɔ me fie, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ bi.+ 4 Baabi a merekɔ no, monim kwan no.”

5 Ɛnna Toma+ bisaa no sɛ: “Awurade, yɛnnim baabi a worekɔ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu kwan no?”

6 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ɛkwan+ no, ne nokorɛ+ no, ne nkwa+ no. Obiara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.+ 7 Sɛ monim me a, anka monim m’Agya nso. Ɛfiri seesei rekɔ, monim no, na moahu no.”+

8 Ɛnna Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara yɛ ma yɛn.”

9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Filipo, enti berɛ tenten a me ne mo atena yi nyinaa, wonnya nhuu me? Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.+ Adɛn nti na woreka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya no’? 10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, ɛnna Agya no nso wɔ me mu+ anaa? Nsɛm a meka kyerɛ mo no, ɛnyɛ me ara m’adwene na mede ka.+ Mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma. 11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ ɛnte saa nso a, monhwɛ nnwuma no na monnye nni.+ 12 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔgye me die no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛseɛ asene weinom,+ ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn.+ 13 Afei nso, biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ, na Ɔba no nti, wɔahyɛ Agya no animuonyam.+ 14 Sɛ mobisa biribiara wɔ me din mu a, mɛyɛ.

15 “Sɛ modɔ me a, mobɛdi m’ahyɛdeɛ so.+ 16 Na mɛsrɛ Agya no, na ɔbɛma mo ɔboafoɔ* foforɔ a ɔne mo bɛtena daa.+ 17 Ɛno ne nokorɛ no honhom+ a wiase no ntumi nnya, ɛfiri sɛ wiase no nhu no, na ɛnnim no nso.+ Mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɛwɔ mo nkyɛn, na ɛte mo mu. 18 Merennya mo sɛ nnyanka. Mereba mo nkyɛn.+ 19 Aka kakra, wiase no renhu me bio. Nanso mo deɛ, mobɛhu me,+ ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20 Saa da no, mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya mu, na mowɔ me mu, na me nso mewɔ mo mu.+ 21 Obiara a ɔtie m’ahyɛdeɛ na ɔdi so no, ɔno na ɔdɔ me. Na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mɛyi me ho adi akyerɛ no pefee.”

22 Yuda,+ ɛnyɛ Iskariot, bisaa no sɛ: “Awurade, deɛn na asi a enti wopɛ sɛ woyi wo ho adi kyerɛ yɛn pefee, na ɛnyɛ wiase no?”

23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn na yɛde hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.*+ 24 Obiara a ɔnnɔ me no, ɔnni m’asɛm so. Asɛm a mote no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.+

25 “Maka weinom akyerɛ mo berɛ a mewɔ mo nkyɛn yi. 26 Nanso ɔboafoɔ no, honhom kronkron no, deɛ Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo deɛ maka akyerɛ mo nyinaa.+ 27 Mede asomdwoeɛ gya mo; mede m’asomdwoeɛ ma mo.+ Ɛnyɛ sɛdeɛ wiase no de asomdwoeɛ ma na mede ma. Mommma mo akoma nntu, na mommma no mmmɔ hu. 28 Motee sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, na mɛsan aba mo nkyɛn.’ Sɛ modɔ me a, mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ Agya no yɛ kɛse sene me.+ 29 Enti madi kan aka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi.+ 30 Me ne mo renkasa pii bio, ɛfiri sɛ deɛ ɔdi wiase so+ no reba. Na ɔnni me so tumi.+ 31 Deɛ ɛbɛyɛ na wiase no ahunu sɛ medɔ Agya no, deɛ Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.+ Monsɔre, momma yɛmfiri ha nkɔ.

15 “Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. 2 Nkorabata biara a ɛwɔ me ho a ɛnso aba no, ɔyi firi hɔ, na nkorabata biara a ɛso aba no deɛ, ɔyiyi ho kama sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛtumi aso aba pii.+ 3 Mo deɛ, asɛm a maka akyerɛ mo no nti, mo ho ate dada.+ 4 Montena me mu, na me nso mɛtena mo mu. Nkorabata no ara rentumi nso aba gye sɛ ɛfam bobe no ho. Saa ara na mo nso, morentumi nso aba gye sɛ motena me mu.+ 5 Mene bobe no, na mone nkorabata no. Obiara a ɔtena me mu, na me nso metena ne mu no, ɔso aba pii;+ ɛfiri sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtwa no twene te sɛ nkorabata, na ɛwu. Na nnipa boaboa saa nkorabata no ano kɔgu egya mu ma ɛhye. 7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ, na mobɛnya.+ 8 Deɛ ɛhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ mobɛkɔ so aso aba pii, na moakyerɛ sɛ moyɛ m’asuafoɔ.+ 9 Sɛdeɛ Agya no dɔ me no,+ saa ara na me nso medɔ mo; montena me dɔ mu. 10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi Agya no ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu no.

11 “Maka weinom akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya m’anigyeɛ no bi,* na mo ani agye aboro so.*+ 12 M’ahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.+ 13 Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa* to hɔ ma ne nnamfo.+ 14 Ahyɛdeɛ a mede rema mo no, sɛ modi so a, na moyɛ me nnamfo.+ 15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ deɛ mate afiri m’Agya hɔ nyinaa, mama moahunu. 16 Ɛnyɛ mo na moyii me, na mmom me na meyii mo. Meyii mo sɛ monkɔ, na monkɔ so ara nso aba, na mo aba no ntena hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛbisa Agya no wɔ me din mu no, ɔde bɛma mo.+

17 “Merema mo ahyɛdeɛ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛdodɔ mo ho.+ 18 Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.+ 19 Sɛ moka wiase no ho a, anka mobɛyɛ wiase no dea, na wiase no bɛpɛ mo asɛm. Ɛsiane sɛ monka wiase no ho,*+ na mayi mo afiri wiase no mu nti, wiase no tan mo.+ 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani;+ sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wɔbɛdi mo deɛ so. 21 Na me din nti na wɔbɛyɛ weinom nyinaa atia mo, ɛfiri sɛ wɔnnim Deɛ ɔsomaa me no.+ 22 Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.+ 23 Obiara a ɔtan me no, ɔtan m’Agya nso.+ 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei wɔahu me, na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. 25 Nanso ɛbaa saa, na ama asɛm a wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara mu yi aba mu. Ɛka sɛ: ‘Wɔtan me kwa.’+ 26 Sɛ ɔboafoɔ a mɛsoma no afiri Agya no nkyɛn no ba a, saa honhom no, nokorɛ no honhom+ a ɛfiri Agya no hɔ no, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;+ 27 na mo nso, ɛsɛ sɛ modi me ho adanseɛ,+ ɛfiri sɛ mo ne me atena firi mfitiaseɛ.

16 “Maka weinom akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara rento mo suntidua. 2 Nkurɔfoɔ bɛtu mo afiri hyiadan mu.+ Nokwasɛm nie, berɛ bi reba a, obiara a ɔbɛku mo+ no, n’adwene bɛyɛ no sɛ ɔreyɛ saa de asom Onyankopɔn. 3 Nanso wɔbɛyɛ weinom, ɛfiri sɛ wɔnnim Agya no, na me nso, wɔnnim me.+ 4 Na maka weinom akyerɛ mo, na sɛ berɛ so na ɛba a, moakae sɛ meka kyerɛɛ mo.+

“Mfitiaseɛ no manka weinom ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na mewɔ mo nkyɛn. 5 Seesei merekɔ Deɛ ɔsomaa me no nkyɛn,+ nanso mo mu baako mpo mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6 Na ɛsiane sɛ maka weinom akyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.+ 7 Mereka nokorɛ akyerɛ mo, ɛyɛ ma mo sɛ merekɔ. Ɛfiri sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ+ no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ deɛ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8 Na sɛ ɔboafoɔ no ba a, ɔbɛma wiase no adanseɛ a ɛdi mu afa bɔne ne tenenee ne atemmuo ho: 9 deɛ ɛdi kan no, ɔbɛma adanseɛ a ɛdi mu afa bɔne ho,+ ɛfiri sɛ wɔnni me mu gyidie;+ 10 afei ɔbɛma adanseɛ a ɛdi mu afa tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na morenhu me bio; 11 afei ɔbɛma adanseɛ a ɛdi mu afa atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu deɛ ɔdi wiase yi so no atɛn.+

12 “Meda so ara wɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei. 13 Nanso sɛ ɔno,* kyerɛ sɛ, nokorɛ no honhom+ no ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɔrenka deɛ ɔno ankasa pɛ. Mmom nsɛm a ɔteɛ no, ɛno na ɔbɛka, na ɔbɛka deɛ ɛreba akyerɛ mo.+ 14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ me dea no, ɛno bi na ɔbɛfa aka akyerɛ mo.+ 15 Nneɛma a Agya no wɔ nyinaa yɛ me dea.+ Ɛno nti na mekaa sɛ ɔbɛfa deɛ ɛyɛ me dea no bi aka akyerɛ mo no. 16 Aka kakraa bi, morenhu me bio,+ nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me.”

17 Ɛnna n’asuafoɔ no bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ɔse, ‘Aka kakraa bi, morenhu me bio, nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me.’ Ɔsan kaa sɛ, ‘ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ Asɛm a ɔreka kyerɛ yɛn yi kyerɛ sɛn?” 18 Enti, na wɔrebisabisa sɛ: “‘Aka kakraa bi’ a ɔreka no, ɛkyerɛ sɛn? Yɛnnim deɛ ɔreka ho asɛm.” 19 Ná Yesu nim sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no ho asɛm, enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Asɛm a mekaa sɛ: ‘Aka kakraa bi, morenhu me bio, nanso aka kakraa bi, mobɛsan ahu me’ no, ɛno nti na morebisabisa mo ho nsɛm yi? 20 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mobɛsu abɔ bena, nanso wiase bɛdi ahurisie; mobɛdi awerɛhoɔ, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.+ 21 Sɛ ɔbaa rewo a, ɔte yea,* ɛfiri sɛ ne berɛ aso. Nanso ɔwo wie a, ɔnkae n’amanehunu no bio, ɛfiri sɛ n’ani agye sɛ wawo onipa aba wiase. 22 Mo nso, seesei moredi awerɛhoɔ; nanso mɛhu mo bio ama mo akoma adi ahurisie,+ na obiara rentumi nnye mo anigyeɛ no mfiri mo nsam. 23 Na saa da no, moremmisa me asɛm biara. Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mobɛbisa Agya no,+ ɔde bɛma mo wɔ me din mu.+ 24 Ɛbɛsi saa berɛ yi, mommisaa adeɛ baako mpo wɔ me din mu. Mommisa, na mo nsa bɛka, na mo anigyeɛ adi mu.

25 “Mede ntotoho na aka nsɛm yi akyerɛ mo. Berɛ bi reba a, meremfa ntotoho nkasa nkyerɛ mo bio. Mmom mɛka Agya no ho asɛm akyerɛ mo pefee. 26 Saa da no, mobɛbisa Agya no biribi wɔ me din mu. Meka saa a, ɛnyɛ deɛ mereka ne sɛ, me na mɛbisa Agya no ama mo. 27 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, Agya no ankasa pɛ mo asɛm, ɛfiri sɛ mopɛ m’asɛm,+ na mogye di sɛ mebaa sɛ Onyankopɔn nanmusini.*+ 28 Mebaa wiase sɛ Agya no nanmusini.* Seesei, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.”+

29 N’asuafoɔ no kaa sɛ: “Hwɛ! Afei deɛ, worekasa pefee, na wonyɛ ntotoho biara. 30 Afei yɛahunu sɛ wonim biribiara, na ɛho nhia sɛ wotwɛn ma obi bisa wo asɛm mpo. Wei nti yɛgye di sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.” 31 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Seesei deɛ, mogye di? 32 Hwɛ, berɛ bi reba, na nokwasɛm ne sɛ, aduru mpo, sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fie na moagya me nko ara.+ Nanso ɛnkaa me nko ara, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.+ 33 Maka weinom akyerɛ mo, na monam me so anya asomdwoeɛ.+ Mobɛhunu amane wɔ wiase deɛ, nanso monnya akokoɔduro! Madi wiase so nkonim.”+

17 Berɛ a Yesu kaa weinom no, ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: “Agya, berɛ no aso. Hyɛ wo ba no animuonyam, na wo ba no nso nhyɛ wo animuonyam,+ 2 ɛfiri sɛ woama no ɔhonam* nyinaa so tumi,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn ama no no nyinaa daa nkwa.+ 3 Sɛ obi bɛnya daa nkwa+ a, ɛsɛ sɛ ɔhu wo a woyɛ nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ+ no, na ɔhu Yesu Kristo+ a wosomaa no no nso. 4 Adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no, mayɛ awie de ahyɛ wo animuonyam wɔ asaase so.+ 5 Enti afei, Agya, animuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no, san fa ma me wɔ wo nkyɛn.+

6 “Nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no, mama wɔahunu wo din.*+ Ná wɔyɛ wo dea, ɛnna wode wɔn maa me, na wɔatie w’asɛm.* 7 Afei wɔabɛhunu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa firi wo nkyɛn; 8 ɛfiri sɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye atom, na wɔabɛhunu ampa sɛ mebaa sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 9 Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase no, na mmom mesrɛ ma wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea; 10 na biribiara a mewɔ no yɛ wo dea, na wo nso wo deɛ yɛ me dea,+ na manya animuonyam wɔ wɔn mu.

11 “Menni wiase bio, na wɔn deɛ, wɔwɔ wiase,+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti, hwɛ wɔn so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako* sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako*+ no. 12 Berɛ a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ ɛsiane wo ara wo din a wode ama me nti; na mabɔ wɔn ho ban, na wɔn mu baako mpo nsɛee+ gye ɔsɛeɛ ba no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm no bɛba mu.+ 13 Nanso seesei mereba wo nkyɛn, na mereka weinom wɔ wiase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya anigyeɛ a mewɔ no bi pɛpɛɛpɛ.+ 14 Mede w’asɛm ama wɔn. Na wiase no tan wɔn, ɛfiri sɛ wɔnka wiase no ho+ sɛdeɛ me nso menka wiase no ho no.

15 “Mensrɛ sɛ yi wɔn firi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so ɛsiane ɔbɔnefoɔ no nti.+ 16 Wɔnka wiase no ho,+ sɛdeɛ me nso menka wiase no ho no.+ 17 Fa nokorɛ no te wɔn ho;*+ w’asɛm yɛ nokorɛ.+ 18 Sɛdeɛ wosomaa me baa wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19 Wɔn nti, merete me ho,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nokorɛ no bɛma wɔn nso ho ate.*

20 “Ɛnyɛ weinom nko ara nti na meresrɛ, na mmom meresrɛ ama obiara a ɔnam wɔn asɛm so gye me di no, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya, wo ne me yɛ baako na me nso me ne wo yɛ baako+ no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wiase no bɛgye adi sɛ wo na wosomaa me. 22 Mede animuonyam a wode ama me no ama wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.+ 23 Me ne wɔn yɛ baako, na wo nso wo ne me yɛ baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako korakora,* na ama wiase no ahunu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no. 24 Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ wɔbɛka me ho wɔ baabi a mewɔ no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu animuonyam a wode ama me no, ɛfiri sɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.*+ 25 Tenenee Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me deɛ, menim wo,+ na weinom abɛhunu sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahunu wo din na mɛma wɔahunu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wode dɔɔ me no bɛtena wɔn mu, na me ne wɔn ayɛ baako.”+

18 Berɛ a Yesu kaa weinom wieeɛ no, ɔne n’asuafoɔ no pue kɔtwaa Kidron Bɔn+ no, na wɔkɔɔ baabi a turo bi wɔ. Na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ turo no mu.+ 2 Ná Yuda a ɔrebɛyi no ama no nso nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. 3 Enti Yuda de asraafoɔdɔm ne awɛmfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ, na na wɔkurakura tɛnee* ne nkanea ne akodeɛ.+ 4 Ná Yesu nim deɛ ɛrebɛto no nyinaa. Enti ɔbɛgyinaa animu, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” 5 Wɔbuaa no sɛ: “Nasaretni+ Yesu.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie.” Saa berɛ no, na Yuda a ɔrebɛyi no ama no ne wɔn na ɛgyina hɔ.+

6 Berɛ a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menie” no, wɔpinii wɔn akyi, na wɔhwehwee ase.+ 7 Enti ɔbisaa wɔn bio sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Nasaretni Yesu.” 8 Yesu buaa sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ menie. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, ɛnneɛ momma mmarima yi nkɔ.” 9 Wei maa asɛm a ɔkaeɛ no baa mu sɛ: “Wɔn a wode wɔn ama me no, memmaa wɔn mu baako mpo nyerae.”+

10 Ɛnna Simon Petro a na sekan hyɛ ne ho no tweeɛ, na ɔde twaa ɔsɔfo panin no akoa aso nifa firii hɔ.+ Ná akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa sekan no hyɛ ne bɔha* mu.+ Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ menom anaa?”+

12 Afei asraafoɔ no ne ɔsahene no ne Yudafoɔ awɛmfoɔ no kyee Yesu, na wɔkyekyeree no. 13 Wɔdii kan de no kɔɔ Anas hɔ, ɛfiri sɛ na n’ase ne Kaiafa+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no.+ 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.+

15 Saa berɛ no, na Simon Petro ne osuani foforɔ di Yesu akyi.+ Ná ɔsɔfo panin no nim saa osuani no, na osuani no ne Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no adihɔ hɔ. 16 Petro deɛ, na ɔgyina abɔnten pono no akyi.* Enti osuani a na ɔsɔfo panin no nim no no pueeɛ, na ɔne deɛ ɔhwɛ ɛpono no ano no kɔkasae, na ɔde Petro baa mu. 17 Na abaawa a ɔhwɛ ɛpono no ano no bisaa Petro sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka ɔbarima yi asuafoɔ no ho? Anaa?” Ɔkaa sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 18 Saa berɛ no, na awɔ wom. Ɛno nti, na nkoa ne awɛmfoɔ no de gyabidie asɔ gya gyinagyina ho reto. Ná Petro nso gyina wɔn nkyɛn reto gya no bi.

19 Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu asɛm faa n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20 Yesu buaa no sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wiase no wɔ badwam. Mekyerɛkyerɛɛ daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefie,+ baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia, na manka biribiara wɔ kokoam. 21 Adɛn nti na worebisa me? Bisa wɔn a wɔtee deɛ meka kyerɛɛ wɔn no. Hwɛ! Weinom nim deɛ mekaeɛ.” 22 Berɛ a ɔkaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako a na ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu asom+ kaa sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wobua ɔsɔfo panin?” 23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manka no yie a, kyerɛ me deɛ mekaeɛ a manka no yie; na sɛ mekaa no yie a, adɛn nti na wobɔɔ me?” 24 Afei Anas maa wɔkyekyeree no de no kɔmaa ɔsɔfo panin Kaiafa.+

25 Saa berɛ no, na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka n’asuafoɔ no ho? Anaa?” Wannye antom, na ɔkaa sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 26 Ɛnna ɔsɔfo panin no akoa baako, deɛ Petro twaa n’aso no busuani,+ kaa sɛ: “Mehuu sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, meboa?” 27 Nanso Petro kaa bio sɛ ɛnte saa, na ɛhɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.+

28 Afei wɔdii Yesu anim firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado no fie.+ Saa berɛ no, na ɛyɛ anɔpatutuutu. Wɔn ankasa deɛ, wɔanwura amrado no fie hɔ, ɛfiri sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔn ho gu fĩ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi adi Twam no bi. 29 Ɛnna Pilato pue baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: “Soboɔ bɛn na mode bɔ ɔbarima yi?” 30 Wɔbuaa no sɛ: “Sɛ ɔbarima yi nyɛ ɔbɔnefoɔ a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.” 31 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔ nkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ.”+ Na Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛkum obiara.”+ 32 Ná wei bɛma Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owuo korɔ a na ɔrebɛwuo no aba mu.+

33 Enti Pilato san wuraa amrado fie hɔ, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?”+ 34 Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woabɔ wo tirim reka wei, anaa nkurɔfoɔ na aka me ho asɛm akyerɛ wo?” 35 Pilato buaa sɛ: “Wohwɛ a meyɛ Yudani? Wo ara wo manfo ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woyɛeɛ?” 36 Yesu buaa sɛ:+ “M’Ahennie mfiri wiase.+ Sɛ m’Ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me amma Yudafoɔ no.+ Nanso m’Ahennie mfiri ha.” 37 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti woyɛ ɔhene anaa?” Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka sɛ meyɛ ɔhene.+ Wei nti na wɔwoo me, na wei nti na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ.+ Obiara a ɔwɔ nokorɛ no afã no tie me nne.” 38 Pilato bisaa no sɛ: “Deɛn ne nokorɛ?”

Berɛ a ɔkaa wei no, ɔsan pue kɔɔ Yudafoɔ no hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menhu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.+ 39 Bio nso, mowɔ amanneɛ bi sɛ ɛduru Twam a,+ megyaa onipa baako ma mo. Enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ Hene no ma mo anaa?” 40 Wɔteaam bio kaa sɛ: “Nnyaa ɔbarima yi, gyaa Baraba mmom!” Ná saa Baraba yi yɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+

19 Afei Pilato maa wɔfaa Yesu kɔbɔɔ no mmaa.+ 2 Na asraafoɔ no de nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde ataadeɛ afasebire bi hyɛɛ no,+ 3 na wɔbaa ne nkyɛn mprɛ pii bɛkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”* Afei nso, wɔbobɔɔ n’asom.+ 4 Ɛnna Pilato san pue kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Monhwɛ! Mede no repue abrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne ho mfomsoɔ biara.”+ 5 Enti Yesu pue bae. Ná nkasɛɛ ahenkyɛ no hyɛ no, na na ɔhyɛ ataadeɛ afasebire no nso. Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ! Ɔbarima no nie!” 6 Nanso berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no huu no no, wɔteateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔku no,* na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”+ 7 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛdeɛ mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔwu,+ ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.”+

8 Berɛ a Pilato tee asɛm a wɔreka no, ɔsuro senee kane no mpo, 9 na ɔkɔɔ amrado fie hɔ bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wofiri he?” Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara.+ 10 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa wo, na mewɔ tumi nso sɛ meku wo?”* 11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamma wo kwan amfiri soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti, onipa a ɔde me maa wo no, ɔno mmom na ne bɔne so paa.”

12 Wei nti, Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafoɔ no teateaam sɛ: “Sɛ wogyaa ɔbarima yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia* Kaesare.”+ 13 Berɛ a Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu pueeɛ, na ɔtenaa atemmuo adwa so wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Aboɔ-Nsɛeɛ, deɛ Hebri mu wɔfrɛ no Gabata no. 14 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da+ ma Twam no, na na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.* Na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Monhwɛ! Mo hene nie!” 15 Nanso wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”* Pilato bisaa wɔn sɛ: “Menkum mo hene no?”* Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara, gye Kaesare.” 16 Afei ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+

Ɛnna wɔfaa Yesu kɔeɛ. 17 Ɔno ara na ɔsoaa asɛndua* no pue kɔɔ baabi a wɔato din Tikwankoraa,+ deɛ Hebri mu wɔfrɛ hɔ Golgota no.+ 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu ne mmarima mmienu bi asɛndua mu.+ Ná baako wɔ benkum, na baako wɔ nifa, ɛnna Yesu wɔ mfimfini.+ 19 Pilato san twerɛɛ asɛm bi bɔɔ asɛndua* no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Nasaretni Yesu, Yudafoɔ Hene no.”+ 20 Yudafoɔ bebree kenkan asɛm yi, ɛfiri sɛ na baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no bɛn kuro no, na wɔtwerɛɛ no Hebri, Latin, ne Greek kasa mu. 21 Nanso Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Ntwerɛ sɛ ‘Yudafoɔ Hene,’ na mmom twerɛ sɛ, ɔno na ɔkaa sɛ, ‘Mene Yudafoɔ Hene.’” 22 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”

23 Berɛ a asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’ataadeɛ ngugusoɔ kyɛɛ mu nnan, na ɔsraani biara faa baako. Afei nso, wɔfaa n’ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no. Nanso na n’ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no nni mpameeɛ; na wɔanwene firi soro abɛsi fam. 24 Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnntete mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ deɛ ɛbɛyɛ ne dea.”+ Wei maa twerɛsɛm yi baa mu. Ɛka sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ntaadeɛ mu fae, na wɔbɔɔ m’ataadeɛ so ntonto.”+ Enti asraafoɔ no yɛɛ wei ampa.

25 Ná Yesu maame+ ne Yesu maame nua ne Klopa yere Maria ne Maria Magdalene+ gyinagyina Yesu asɛndua* no ho. 26 Enti berɛ a Yesu huu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no+ sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbaa, hwɛ! Wo babarima nie!” 27 Na ɔka kyerɛɛ osuani no nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame nie!” Na ɛfiri saa berɛ no, osuani no de no kɔɔ ɔno ankasa ne fie.

28 Wei akyi no, berɛ a Yesu huu sɛ biribiara aba awieeɛ no, deɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm no bɛba mu nti, ɔkaa sɛ: “Sukɔm de me.”+ 29 Ná ahina bi si hɔ a nsã* a emu ka ayɛ no ma. Enti wɔde sapɔ* a nsã* a emu ka ayɛ no ma tuaa sommɛ* so de kɔɔ n’ano.+ 30 Berɛ a nsã* a emu ka no kaa Yesu ano no, ɔkaa sɛ: “Asa!”+ Ɛnna ɔsii ne tiri ase, na ɔwui.*+

31 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na na Yudafoɔ no mpɛ sɛ amu no bɛsensɛn asɛndua no so+ Homeda no (ɛfiri sɛ na saa Homeda no yɛ Homeda kɛseɛ).+ Enti wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma wɔmmubu wɔn nan mu, na wɔnyiyi amu no mfiri hɔ. 32 Enti asraafoɔ no bae, na wɔbɛbubuu ɔbarima a ɔdi kan no nan mu. Afei wɔbubuu ɔbarima a ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no nso nan mu. 33 Nso berɛ a wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔhuu sɛ wawu dada, enti wɔammubu ne nan mu. 34 Nanso asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe,+ na ɛhɔ ara na mogya ne nsuo baeɛ. 35 Onipa a ɔde n’ani hunuiɛ no, ɔno na wadi adanseɛ yi, na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔnim sɛ deɛ ɔka no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, weinom sii na twerɛsɛm yi aba mu: “Wɔremmu ne dompe baako mpo mu.”+ 37 Afei ɛmaa twerɛsɛm foforɔ yi nso baa mu: “Wɔbɛhwɛ deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no.”+

38 Na weinom akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani, a Yudafoɔ no ho suro nti,+ wamma nkurɔfoɔ anhunu sɛ ɔyɛ osuani no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu no nkɔ. Pilato maa no kwan, enti ɔbɛfaa amu no kɔe.+ 39 Nikodemo,+ ɔbarima a berɛ bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso baa hɔ, na ɔde kurobo ne pɛprɛ a wɔde afra* bae. Ná emu duro bɛyɛ nkariboɔ ɔha.*+ 40 Enti wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nnuhwam no guu nwera mu de kyekyeree no+ sɛdeɛ Yudafoɔ yɛ wɔn amu ansa na wɔakɔsie no.* 41 Yɛreka yi, na turo bi wɔ baabi a wɔkum no no,* na na ɛda foforɔ+ bi wɔ turo no mu a wɔmfaa obiara ntoo mu da. 42 Ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ na ɛyɛ Yudafoɔ no Ahoboaboa da,+ na na ɛda no nso bɛn hɔ.

20 Nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, Maria Magdalene kɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu;+ ná animu ntetee. Na ɔhuu sɛ wɔayi boɔ no afiri ɛda no ano dada.+ 2 Enti ɔde mmirika kɔɔ Simon Petro ne osuani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm no+ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu,+ na yɛnnim baabi a wɔde no akɔto.”

3 Ɛnna Petro ne osuani foforɔ no siim sɛ wɔrekɔ ɛda no so. 4 Wɔn mmienu no firii aseɛ tuu mmirika, nanso na osuani baako no mmirika mu yɛ den sene Petro, enti ɔduruu ɛda no ho kane. 5 Berɛ a ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhuu sɛ nwera no gu hɔ,+ nanso wankɔ mu. 6 Simon Petro nso dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɛda no mu. Na ɔhuu sɛ nwera no gu hɔ. 7 Ntoma a wɔde kyekyeree ne ti no, na ɛnka nwera no ho. Mmom na wɔabobɔ agu nkyɛn baabi. 8 Afei osuani a ɔduruu ɛda no ho kane no nso kɔɔ mu, na ɔhunui, na ɔgye dii. 9 Ɛfiri sɛ saa berɛ no, na wɔnnya ntee twerɛsɛm no ase sɛ, ɛsɛ sɛ ɔnyane firi awufoɔ mu.+ 10 Enti asuafoɔ no san kɔɔ wɔn fie.

11 Maria deɛ, na ɔda so ara gyina ɛda no nkyɛn baabi resu. Berɛ a ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu. 12 Na ɔhuu abɔfoɔ mmienu+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa sɛ wɔtete baabi a na Yesu amu no da no. Ná ɔbaako te atifi, ɛnna ɔbaako te anaafoɔ. 13 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɔbaa, adɛn nti na woresu?” Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim baabi a wɔde no akɔto.” 14 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho, na ɔhuu sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ 15 Yesu bisaa no sɛ: “Ɔbaa, adɛn nti na woresu? Hwan na worehwehwɛ no?” Maria deɛ, na n’adwene yɛ no sɛ ɛyɛ deɛ ɔhwɛ turom hɔ no. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” 16 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria!” Na Maria danee ne ho ka kyerɛɛ no Hebri mu sɛ: “Rabuni!” (aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ!”) 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, ɛfiri sɛ mennya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom kɔ me nuanom nkyɛn,+ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya, ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn nkyɛn.’” 18 Maria Magdalene bɛkaa deɛ asi no kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Mahunu Awurade!” Na deɛ Yesu ka kyerɛɛ no no, ɔka kyerɛɛ wɔn.+

19 Saa da no, nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, na asuafoɔ no ahyiam anwummerɛ. Na Yudafoɔ no ho suro nti, na wɔatoto apono no mu. Nanso Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 20 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe kyerɛɛ wɔn.+ Na asuafoɔ no dii ahurisie sɛ wɔahu Awurade.+ 21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.+ Sɛdeɛ Agya no asoma me no,+ me nso meresoma mo.”+ 22 Berɛ a ɔkaa saa wieeɛ no, ɔhuu mframa guu wɔn so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnye honhom kronkron.+ 23 Obiara a mode ne bɔne bɛkyɛ no no, wɔde bɛkyɛ no; obiara a moamfa ne bɔne ankyɛ no no, wɔremfa nkyɛ no.”

24 Berɛ a Yesu baeɛ no, na Toma,+ Dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nka wɔn ho. 25 Enti asuafoɔ a aka no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu, na mamfa me nsa anka ne mfe mu a,+ merennye nni da.”

26 Ne nnawɔtwe akyi no, na asuafoɔ no wɔ dan mu bio, na na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam, na fa wo nsa ka me mfe, na gyae akyinnyegyeɛ na gye di.” 28 Toma ka kyerɛɛ no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” 29 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adi yi? Anigyeɛ ne wɔn a wɔnhuiɛ nanso wɔgye die.”

30 Nokwasɛm nie, Yesu san yɛɛ nsɛnkyerɛnne foforɔ bebree wɔ asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu.+ 31 Nanso wɔatwerɛ weinom ato hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na ɛsiane sɛ mogye die nti, monam ne din so anya nkwa.+

21 Wei akyi no, Yesu yii ne ho adi bio kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ Tiberia Po ho. Sɛdeɛ ɔyii ne ho adi nie: 2 Ná Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata no)+ ne Natanael+ a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea no ne Sebedeo mma+ no ne Yesu asuafoɔ foforɔ mmienu wɔ hɔ. 3 Ɛnna Simon Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekɔyi nam.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛne wo bɛkɔ.” Enti wɔpueeɛ, na wɔkɔtenaa kodoɔ mu, nanso saa anadwo no, wɔanyi nam baako mpo.+

4 Berɛ a adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa ɛpo no ano, nanso asuafoɔ no anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.+ 5 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Me mma, mowɔ biribi* di anaa?” Wɔbuaa no sɛ: “Daabi!” 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asau no wɔ kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi.” Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no.+ 7 Na osuani a na Yesu dɔ no no+ ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Berɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ n’ataadeɛ,* ɛfiri sɛ na ɔnhyɛ hwee,* na ɔtoo ne ho too po no mu. 8 Na asuafoɔ a aka no de kodoɔ ketewa no bae, na wɔtwee asau a mpataa ayɛ no ma no kaa wɔn ho bae, ɛfiri sɛ na wɔne asaase ntam kwan nware, bɛyɛ anammɔn 300* pɛ.

9 Berɛ a wɔbɛduruu mpoano no, wɔhuu sɛ wɔasɔ gya* de mpataa agu so, na na paanoo ka ho. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpataa a moyii no seesei ara no bi mmra.” 11 Ɛnna Simon Petro foroo kodoɔ no, na ɔtwee asau a mpataa akɛseɛ 153 ayɛ no ma no baa mpoano. Ná ɛdɔɔso paa deɛ, nanso asau no antete. 12 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛdi mo anɔpa aduane.” Na asuafoɔ no baako mpo annya akokoɔduro ammisa no sɛ: “Woyɛ hwan?” ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa paanoo no de maa wɔn, na ɔde mpataa no nso maa wɔn. 14 Ɛfiri berɛ a wɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no, wei ne ne mprɛnsa+ so a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no.

15 Berɛ a wɔdii anɔpa aduane no wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sene weinom anaa?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwan mma aduane.”+ 16 Yesu bisaa no ne mprenu so sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nnwan nkumaa.”+ 17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Simon, Yohane ba, wopɛ m’asɛm anaa?” Petro werɛ hoo sɛ Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Wopɛ m’asɛm?” Enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, wonim nneɛma nyinaa; wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwan nkumaa aduane.+ 18 Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, berɛ a woyɛ aberanteɛ no, na wo ara wohyɛ ataadeɛ nante kɔ baabiara a wopɛ. Nanso sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsa, na obi de ataadeɛ ahyɛ wo, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ.” 19 Yesu kaa wei de kyerɛɛ owuo korɔ a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Berɛ a Yesu kaa wei wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”+

20 Na Petro danee ne ho, na ɔhuu osuani a na Yesu dɔ no no+ sɛ ɔdi wɔn akyi. Saa osuani no na na ɔtwere Yesu kokom wɔ anwummerɛ aduane no ase a ɔbisaa sɛ: “Awurade, hwan na ɔreyi wo ama?” no. 21 Berɛ a Petro huu saa osuani no, ɔbisaa Yesu sɛ: “Awurade, ɔbarima yi nso ɛ?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛno deɛ, wode reha wo ho ayɛ dɛn? Wo deɛ, kɔ so di m’akyi.” 23 Na asɛm yi trɛɛ wɔ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu. Nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu. Mmom ɔkaa sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛno deɛ, wode reha wo ho ayɛ dɛn?”

24 Wei ne osuani+ a ɔdi saa nneɛma yi ho adanseɛ, na ɔno na watwerɛ saa nneɛma yi ho asɛm. Na yɛnim sɛ n’adanseɛ yɛ nokorɛ.

25 Nokwasɛm nie, nneɛma foforɔ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛeɛ. Sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa a, mennye nni sɛ anka nwoma mmobɔeɛ a wɔbɛtwerɛ no bɛkɔ wiase mpo.+

Anaa “te sɛ Onyankopɔn.”

Anaa “yɛn nyinaa nya adom bɔ adom so.”

Anaa “ɔda Agya no kokom.” Ɛkyerɛ hokwan bi a wɔde dom obi a wɔpɛ n’asɛm paa.

Anaa “Mene ɛnne a ɛreteam.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɛbɛtenaa ne so.”

Anaa “abɛtena.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummerɛ nnɔn 4.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Ɔbaa, deɛn na me ne wo wɔ yɛ?” Ɛyɛ kasakoa bi a ɛkyerɛ sɛ obi mpene biribi so. Asɛmfua “ɔbaa” a Yesu de yɛɛ adwuma no nkyerɛ sɛ ɔmmu adeɛ.

Ɛbɛyɛ sɛ na susuhina a wɔreka ho asɛm wɔ ha yi ne bat susuhina. Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “tɔtɔɔtɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wɔanni nna bebree wɔ hɔ.”

Anaa “mpire.”

Anaa “dwa so.”

Anaa “bɛsi.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛ wɔanwo obi amfiri soro.”

Anaa “anyera.”

Anaa “Deɛ wɔgyina so bu atɛn.”

Anaa “wɔrenyi ne nnwuma ho ntɛn.”

Anaa “ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ.”

Ɛda adi sɛ Yesu maa n’asuafoɔ no akwankyerɛ maa wɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu, na ɛnyɛ sɛ Yesu no ara na ɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu. Hwɛ Yohane 4:2.

Anaa “dɔɔso.”

Anaa “me so te.”

Anaa “asɔ ano.”

Anaa “Onyankopɔn mfa honhom no mma nketenkete; ɔnkari honhom no na ɔde ama.”

Anaa “renhu.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Anaa “nka.”

Anaa “wonni adeɛ a wɔde to nsuo.”

Anaa “ammɛto.”

Anaa “nkwagyeɛ firi aseɛ firi Yudafoɔ mu.”

Anaa “ahoa; adwan.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ɔnsiane mmra.”

Anaa “ne ba no ho retɔ no.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia dɔnko.

Hwɛ Nkh. A3.

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “mpa.”

Anaa “Agya no wɔ tumi a ɔde kyɛ nkwa wɔ ne mu.”

Kyerɛ sɛ, Twerɛnsɛm no.

Hwɛ Mt 4:18 aseɛ hɔ asɛm no.

Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “n’asuafoɔ no siane kɔɔ.”

Bɛyɛ km. nnum anaa nsia. Nt., “bɛyɛ agoprama 25 anaa 30.” Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔ badwa bi ase.”

Anaa “ɔbonsam.”

Anaa “Asese.”

Nt., “ntwerɛeɛ.”

Kyerɛ sɛ, rabifoɔ sukuu.

Anaa “aka sɛ montwa ɔbarima biara dua.”

Tete nsaano ntwerɛeɛ ne nsaano ntwerɛeɛ a wɔagye atom no pii wɔ hɔ a, ti 7, nky. 53 kɔsi ti 8, nky. 11 no nni mu.

Anaa “Ɔhonam.”

Anaa “bɛma moade mo ho.”

Anaa “Mobɛde mo ho?”

Anaa “ma mode mo ho.”

Anaa “moade mo ho.”

Anaa “m’asɛm nnya nkɔsoɔ wɔ mo mu.”

Greek por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mobɔ me ahohora.”

Anaa “ɔrenhunu owuo koraa.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “yɛn kra atwɛn.”

Anaa “Me ne Agya no adwene yɛ baako.”

Anaa “ɔnsunti.”

Anaa “ɔsunti.”

Anaa “ɛfiri sɛ hann nni ne mu.”

Bɛyɛ km. mmiɛnsa. Nt., “bɛyɛ agoprama 15.” Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ɔguu ahome kɛseɛ wɔ honhom mu.”

Kyerɛ sɛ, asɔrefie no.

Anaa “na ɔka wɔn a wɔne no te didipono ho no ho.”

Nt., “nkariboɔ baako.” Kyerɛ sɛ, Romafoɔ nkariboɔ baako, bɛyɛ gram 327. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “me kra ho yera no.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “dɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “ɔno ara na wama me deɛ menka ne deɛ menkyerɛkyerɛ no ho ahyɛdeɛ.”

Nt., “n’ahyɛdeɛ.”

Anaa “ɛyɛ mo asɛdeɛ sɛ.”

Nt., “magya mo nhwɛsodeɛ; matwa sa ama mo.”

Nt., “me paanoo.”

Anaa “wama ne nantin so atia me.”

Nt., “twere Yesu kokom.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “Daberɛ; Adan.”

Anaa “ɔwerɛkyekyefoɔ.”

Anaa “fie.”

Anaa “sɛdeɛ ɛbɛyɛ a m’anigyeɛ bɛtena mo mu.”

Anaa “na mo anigyeɛ ayɛ ma.”

Anaa “kra.”

Anaa “monyɛ wiase no fã.”

Asɛmfua “ɔno” a ɛwɔ nky. 13 ne 14 no, ɛgyina hɔ ma “ɔboafoɔ” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ nky. 7 no. Ɛwom sɛ honhom kronkron no yɛ tumi na ɛnyɛ onipa, nanso berɛ a Yesu reka ho asɛm no, ɔkaa ho asɛm te sɛ deɛ ɛyɛ onipa, na ɔde asɛmfua “ɔboafoɔ” na ɛfrɛɛ no.

Anaa “ɔdi awerɛhoɔ.”

Anaa “na mogye di sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ.”

Anaa “Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase.”

Anaa “adasamma; nnipa.”

Anaa “mada wo din adi akyerɛ wɔn.”

Anaa “wɔadi w’asɛm so.”

Anaa “wɔbɛnya adwenkorɔ.”

Anaa “yɛwɔ adwenkoro.”

Anaa “Fa nokorɛ no yɛ wɔn kronkron.”

Anaa “mereyɛ me ho kronkron.”

Anaa “bɛma wɔn nso ayɛ kronkron.”

Anaa “wɔn baakoyɛ bɛwie pɛyɛ.”

Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “ano.”

Anaa “Yudafoɔ Hene, mo!”

Anaa “Fa no sɛn dua so ku no! Fa no sɛn dua so ku no!”

Anaa “momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu.”

Anaa “mebɔ wo asɛndua mu?”

Anaa “sɔre tia.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Anaa “Fa no sɛn dua so ku no!”

Anaa “Memmɔ mo hene no asɛndua mu?”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Ɛyɛ sapɔ bi a ɛtumi nonom nsuo.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “ɛnna ɔgyaa ne honhom mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔabobɔ.”

Kyerɛ sɛ, Romafoɔ nkariboɔ. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “sɛdeɛ Yudafoɔ afunsie ho amanneɛ teɛ.”

Anaa “wɔbɔɔ no asɛndua mu no.”

Anaa “mpataa bi.”

Anaa “ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho.”

Anaa “ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Bɛyɛ mita 90. Nt., “bɛyɛ basafa 200.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔasɔ gyabidie; nnyasramma.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane