Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 2 Korintofo 1:1-13:14
  • 2 Korintofoɔ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Korintofoɔ
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Korintofoɔ

DEƐ ƐTƆ SO MMIENU A ƆDE KƆMAA KORINTOFOƆ

1 Me Paul, a Onyankopɔn pɛ nti meyɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne yɛn nua Timoteo,+ yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, ɛne akronkronfoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia baabiara.+

2 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.

3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn+ no. 4 Ɔno na ɔkyekye yɛn werɛ* wɔ yɛn amanehunu* nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nso, yɛbɛtumi de awerɛkyekyerɛ a yɛnya firi Onyankopɔn hɔ+ no akyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu biara mu no werɛ.+ 5 Na sɛdeɛ amanehunu a Kristo nti ɛto yɛn dɔɔso no,+ saa ara na awerɛkyekyerɛ a Kristo nti yɛnya no nso dɔɔso. 6 Sɛ sɔhwɛ* to yɛn a, mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ ntira; na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, mo awerɛkyekyerɛ ntira; ɛno na ɛboa mo ma motumi gyina ɔhaw a yɛn nso yɛhyia bi no ano. 7 Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ morehunu amane te sɛ yɛn ara, enti awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, mo nso mobɛnya bi.+

8 Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu+ no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. Ateetee a yɛfaa mu no, na ano yɛ den yie, na na ɛboro yɛn ahoɔden so. Enti na yɛnim sɛ yɛn nkwa mpo bɛfiri yɛn nsa.+ 9 Nokwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie. Wei baa saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so.+ 10 Ɛkaa dɛ, anka yɛrewu, nanso ɔgyee yɛn, na ɔbɛgye yɛn nso; yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so ara agye yɛn.+ 11 Deɛ mo nso mobɛtumi ayɛ aboa yɛn ne sɛ mobɛkoto asrɛ ama yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛda ase ama yɛn wɔ adom a nnipa pii mpaebɔ nti, wɔde adom yɛn no ho.+

12 Deɛ yɛde hoahoa yɛn ho nie: Yɛn ahonim* di adanseɛ sɛ, yɛde kronkronyɛ ne nokorɛdie a ɛfiri Onyankopɔn na abɔ yɛn bra wɔ wiase, ɛnkanka ɛkwan a yɛfaa so ne mo diiɛ no. Ɛnyɛ nnipa nyansa na yɛde yɛɛ saa,+ na mmom Onyankopɔn adom. 13 Ɛnyɛ biribi foforɔ biara na yɛretwerɛ mo; ɛyɛ deɛ mobɛtumi akenkan ate aseɛ.* Mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛkɔ so ate saa nneɛma yi ase yie paa,* 14 sɛdeɛ moate ase ɛkwan bi so sɛ mobɛtumi de yɛn ahoahoa mo ho no. Saa ara na yɛn nso, yɛde mo bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu da no mu.

15 Ahotɔsoɔ yi na na mewɔ, enti mebɔɔ me tirim sɛ mɛdi kan aba mo nkyɛn, na ama mo ani agye ne mprenu so;* 16 ɛfiri sɛ meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na sɛ mefiri Makedonia reba nso a, masan aba mo nkyɛn, na ɛno akyi no, moagya me kwan akɔ Yudea.+ 17 Berɛ a mebɔɔ me tirim saa no, mamfa no aniberesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔ no, ɛyɛ a mebɔ no ɔhonam mu ma enti meka “Aane, aane” na afei maka “Daabi, daabi” anaa? 18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, enti deɛ yɛka kyerɛ mo no, ɛnyɛ sɛ yɛreka “aane” nanso na ɛyɛ “daabi.” 19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a wɔnam yɛn so, kyerɛ sɛ, wɔnam me ne Silwano* ne Timoteo so kaa ne ho asɛm wɔ mo mu no,+ ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ “aane” nanso na ɔyɛ “daabi,” na mmom ne fam deɛ, “aane” abɛyɛ “aane.” 20 Na Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam ne so ayɛ “aane.”+ Ɛno nso nti, ɛnam ne so na yɛka “Amen” kyerɛ Onyankopɔn+ de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21 Na deɛ wasi no pi sɛ mo ne yɛn nyinaa yɛ Kristo dea, a ɔsraa yɛn no, ɔno ne Onyankopɔn.+ 22 Wasan nso de n’ahyɛnsodeɛ atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn akomam de ayɛ deɛ ɛbɛba no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+

23 Afei, meyi Onyankopɔn sɛ me* danseni sɛ, ba a memmaa Korinto nyinaa, ɛyɛ mo werɛ a mempɛ sɛ ɛho ntira. 24 Yɛnyɛ atumfoɔ wɔ mo gyidie so,+ na mmom yɛyɛ mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ a yɛboa ma mo ani gye, ɛfiri sɛ mo gyidie na ama mogyina hɔ.

2 Mayɛ m’adwene sɛ meremma mo nkyɛn mma monni awerɛhoɔ bio. 2 Na sɛ mema mo werɛ ho a, hwan na ɔbɛma m’ani agye? Ɛnyɛ mo a mama mo werɛ aho no ara? 3 Deɛ metwerɛ brɛɛ mo no, metwerɛeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ meba a, merenni awerɛhoɔ wɔ wɔn a ɛsɛ sɛ medi wɔn ho ahurisie no ho; ɛfiri sɛ mewɔ awerɛhyɛmu sɛ deɛ ɛma m’ani gye no, ɛno ara na ɛma mo nyinaa monya m’anigyeɛ no bi. 4 Mede akomam ahometeɛ ne ɛyea pii ne nisuo bebree na ɛtwerɛɛ mo; ɛnyɛ sɛ na mepɛ sɛ mo werɛ ho,+ mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo.

5 Na sɛ obi ayɛ ama awerɛhoɔ aba a,+ ɛnyɛ me na wama me werɛ aho, na mmom ɛkwan bi so no, wama mo nyinaa mo werɛ aho. Nanso mempɛ sɛ meka biribi a ɛbɛsɛe asɛm no koraa. 6 Animka a nnipa dodoɔ no de ama saa onipa no, ɛno ara dɔɔso ma no. 7 Enti afei monyi mo yam mfa nkyɛ no, na monkyekye ne werɛ,+ na awerɛhoɔ bebrebe anhyɛ ne so.*+ 8 Ɛno nti metu mo fo sɛ, momma no nhu sɛ modɔ no ampa.+ 9 Na wei nso nti na meretwerɛ mo. Ɛne sɛ, mepɛ sɛ mehu sɛ moyɛ setie wɔ adeɛ nyinaa mu anaa. 10 Sɛ obi yɛ biribi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm biara a mede akyɛ no (sɛ mede asɛm bi akyɛ a), mo nti na meyɛɛ saa wɔ Kristo anim, 11 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Satan rennya yɛn,*+ ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.*+

12 Afei berɛ a meduruu Troa+ sɛ merekɔka Kristo ho asɛmpa, a wɔbuee pono maa me Awurade mu no, 13 me nua Tito+ a manhu no nti, mannya ahotɔ.* Enti mekraa wɔn, na mefirii hɔ kɔɔ Makedonia.+

14 Nanso aseda nka Onyankopɔn. Ɔno na ɔdi yɛn anim daa ma yɛne Kristo to santen wɔ nkonimdie mu. Na ɔnam yɛn so ma ne ho nimdeɛ ho hwa gye baabiara! 15 Ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo ho hwa ma Onyankopɔn, na wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan so no te ehwa no. 16 Wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan so no, yɛyɛ pampan* a ɛfiri owuo mu kɔ owuo mu ma wɔn,+ na wɔn a wɔregye wɔn no deɛ, yɛyɛ ehwa a ɛfiri nkwa mu kɔ nkwa mu ma wɔn. Na hwan na ɔfata sɛ ɔyɛ weinom? 17 Ɛyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛmfa Onyankopɔn asɛm nni dwa*+ sɛdeɛ nnipa pii yɛ no. Mmom yɛde adwempa kasa sɛ wɔn a Onyankopɔn asoma wɔn, aane, yɛkasa wɔ Onyankopɔn anim, wɔ Kristo mu.

3 Yɛnsan mfiri aseɛ nni yɛn ho adanseɛ bio anaa? Anaa sɛdeɛ ebinom yɛ no, ɛhia sɛ yɛde adansedie nkrataa brɛ mo anaa yɛnya bi firi mo hɔ? 2 Mo ara mone yɛn krataa+ a wɔatwerɛ no yɛn akoma so, a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan. 3 Biribiara kyerɛ sɛ moyɛ Kristo krataa, na yɛn a yɛyɛ asomfoɔ no, yɛn na yɛtwerɛeɛ.+ Ɛnyɛ adubire na yɛde twerɛeɛ, mmom yɛde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ. Yɛantwerɛ no abopono so;+ mmom yɛtwerɛɛ no honam apono so, wɔ akoma so.+

4 Yɛnam Kristo so na anya saa ahotɔsoɔ yi wɔ Onyankopɔn mu. 5 Ɛnyɛ deɛ yɛreka ne sɛ yɛn ara yɛfata yie sɛ yɛyɛ saa adwuma yi, na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata yie.+ 6 Ɔno na wama yɛafata yie sɛ yɛyɛ apam foforɔ+ asomfoɔ. Yɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ+ ho asomfoɔ, na mmom yɛyɛ honhom deɛ; ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ no bu nnipa fɔ kɔ owuo mu,+ na honhom no deɛ, ɛma nkwa.+

7 Mmara a ɛde owuo ba a wɔatwerɛ* no aboɔ so+ no mpo baa wɔ animuonyam mu, enti Israel mma antumi anhwɛ Mose anim ɛsiane animuonyam a na ɛwɔ n’anim no nti.+ Saa animuonyam no, na ɛbɛtwam. 8 Ɛnneɛ, honhom a wɔde ma no+ nso ɛ? N’animuonyam rennɔɔso nsene saa+ anaa? 9 Sɛ na mmara apam a ɛde afobuo ba+ no wɔ animuonyam+ a, ɛnneɛ na deɛ ɛde tenenee ba no bɛnya animuonyam a ɛkyɛn saa koraa!+ 10 Nokwasɛm ne sɛ, deɛ berɛ bi na ɛwɔ animuonyam no mpo, wɔayi ɛho animuonyam no afiri hɔ ɛsiane animuonyam a ɛboro ɛno so nti.+ 11 Sɛ deɛ na ɛbɛtwam no de animuonyam na ɛbae+ a, ɛnneɛ deɛ ɛbɛtena hɔ no animuonyam bɛkyɛn saa koraa!+

12 Ɛsiane sɛ yɛwɔ anidasoɔ a ɛte saa+ nti, yɛde ahotɔsoɔ kɛseɛ kasa; 13 na deɛ Mose yɛeɛ no, ɛnyɛ ɛno bi na yɛyɛ. Ɔno deɛ, na ɔde adeɛ kata n’anim+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel mma rennyene wɔn ani nhwɛ deɛ na ɛbɛtwam no awieeɛ. 14 Nanso, wɔn adwene daeɛ.*+ Na ɛde bɛsi nnɛ no, berɛ biara a wɔbɛkenkan apam dada no, nkataanimu no da so ara wɔ hɔ a wɔnnya nyiiɛ,+ ɛfiri sɛ ɛnam Kristo nko ara so na wɔbɛyi afiri hɔ.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, berɛ biara a wɔbɛkenkan Mose nsɛm no,+ nkataanimu da so ara kata wɔn akoma so.+ 16 Na sɛ obi dane ba Yehowa* nkyɛn a, wɔyi nkataanimu no.+ 17 Yehowa* yɛ Honhom,+ na baabi a Yehowa* honhom wɔ no, ahofadie wɔ hɔ.+ 18 Na berɛ a yɛn nyinaa de yɛn anim a yɛnkataeɛ no da Yehowa* animuonyam adi sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam a ɛkyɛn so mu, sɛdeɛ Yehowa* a ɔyɛ Honhom* no yɛ no no pɛpɛɛpɛ.+

4 Ne saa nti, ɛsiane sɛ wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛanya ɔsom adwuma yi nti, yɛmpa aba. 2 Na mmom yɛatwe yɛn ho afiri sum ase nnwuma a ɛyɛ aniwu no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu.+ Mmom yɛda nokorɛ no adi, na yɛnam so di yɛn ho adanseɛ kyerɛ nnipa* nyinaa wɔ Onyankopɔn anim.+ 3 Na sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan so no. 4 Wɔn mu na wiase yi* nyame+ afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban+ no animuonyam asɛmpa no hann renhyerɛn wɔ wɔn so.+ 5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔyɛ Awurade, na yɛn nso yɛyɛ mo nkoa ma Yesu. 6 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne deɛ ɔkaa sɛ: “Hann mfiri sum mu nhyerɛn.”+ Na Kristo anim na ɔnam so ama hann atɔ yɛn akoma so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛwɔ animuonyam no bɛhyerɛn yɛn akoma so.+

7 Nanso yɛwɔ saa agyapadeɛ+ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ* mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a tumi a ɛboro nnipa deɛ so no bɛyɛ Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ yɛn ara yɛn dea.+ 8 Akwan nyinaa mu, wɔmia yɛn dendeenden, nanso ɛnyɛ sɛ yɛntumi ntwa yɛn ho koraa; yɛn adwene tu fra, nanso ɛnyɛ sɛ yɛnnya yɛn ho ntete koraa;*+ 9 wɔtan yɛn ani, nanso wɔnnya yɛn hɔ;+ wɔbɔ yɛn hwe fam, nanso yɛnsɛeeɛ.+ 10 Owuo amanehunu a Yesu faa mu no, daa yɛfa mu bi wɔ yɛn nipadua mu,+ na ama wɔayi Yesu nkwa nso adi wɔ yɛn nipadua mu. 11 Ɛfiri sɛ yɛn a yɛte ase yi, Yesu nti, daa yɛne owuo bɔ mpunimpu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yesu nkwa bɛda adi wɔ yɛn honam a ɛwuo no nso mu. 12 Enti owuo yɛ adwuma wɔ yɛn mu, na nkwa yɛ adwuma wɔ mo mu.

13 Na ɛsiane sɛ yɛwɔ gyidie honhom te sɛ deɛ wɔatwerɛ ho asɛm sɛ: “Megye dii, na ɛmaa mekasaeɛ”+ no nti, yɛn nso yɛgye di, na ɛma yɛkasa, 14 na yɛnim sɛ Deɛ ɔnyanee Yesu no, ɔbɛnyane yɛn nso aka Yesu ho, na ɔde yɛne mo nyinaa bɛkyerɛ.+ 15 Mo nti na weinom nyinaa akɔ so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa pii aseda nti, adom bɛbu abɔ ho na akɔ so aboro so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam.+

16 Enti yɛmpa aba, na sɛdeɛ yɛteɛ wɔ nnipa ani so no resɛe mpo a, sɛdeɛ yɛteɛ wɔ yɛn mu no deɛ, ɛyɛ foforɔ da biara da. 17 Ɛwom, amanehunu* no wɔ hɔ berɛ tiaa bi na emu yɛ hare, nanso ɛde animuonyam kɛseɛ* a ɛkyɛn so brɛ yɛn, na ɛbɛtena hɔ daa;+ 18 na ɛnyɛ nneɛma a yɛhunu na yɛde yɛn ani si so, na mmom yɛde si nneɛma a yɛnhunu so.+ Ɛfiri sɛ nneɛma a yɛhunu no wɔ hɔ berɛ tiaa bi, nanso nneɛma a yɛnhunu no tena hɔ daa.

5 Na yɛnim sɛ, sɛ wɔdwiri yɛn fie a ɛwɔ asaase so yi gu, kyerɛ sɛ, sɛ wɔdwiri saa ntomadan yi gu a,+ yɛbɛnya ɛdan bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Ɛyɛ fie a wɔamfa nsa ansi+ a ɛwɔ hɔ daa wɔ soro. 2 Na fie* yi mu na yesũ di awerɛhoɔ wɔ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan dendeenden sɛ yɛbɛhyɛ deɛ ɛyɛ yɛn dea* a ɛfiri soro*+ no, 3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛnya hyɛ a, yɛrenna adagya. 4 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn a yɛte ntomadan yi mu no, yesũ di awerɛhoɔ wɔ yɛn mu, na nneɛma hyɛ yɛn so. Ɛfiri sɛ yɛmpɛ sɛ yɛworɔ wei gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene deɛ ɛwuo no.+ 5 Na Onyankopɔn ne deɛ wasiesie yɛn ama wei.+ Ɔno na ɔde honhom no ama yɛn sɛ deɛ ɛbɛba no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+

6 Enti yɛwɔ akokoɔduro daa, na yɛnim sɛ berɛ dodoɔ a nipadua no yɛ yɛn fie no, yɛnni Awurade nkyɛn,+ 7 ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ deɛ yɛhunu mu. 8 Nanso yɛwɔ akokoɔduro, na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛfiri nipadua mu na yɛne Awurade akɔtena.+ 9 Enti sɛ yɛwɔ ne nkyɛn oo, yɛnni ne nkyɛn oo, yɛde yɛ yɛn botaeɛ sɛ yɛbɛsɔ n’ani. 10 Na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔpue* Kristo atemmuo adwa no anim, na deɛ obiara yɛeɛ berɛ a ɔwɔ nipadua mu no, papa oo, bɔne oo, wanya so akatua.+

11 Enti ɛsiane sɛ yɛnim Awurade suro nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔgye yɛn di, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim yɛn yie.* Na megye di sɛ mo ahonim* nso nim yɛn yie.* 12 Ɛnyɛ sɛ yɛredi yɛn ho adanseɛ akyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ mobɛgyina so ahoahoa mo ho wɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔmfa deɛ ɛwɔ akomam nhoahoa wɔn ho,+ na mmom wɔde deɛ ani hunu hoahoa wɔn ho no, mobɛnya biribi ama wɔn mmuaeɛ. 13 Na sɛ yɛabɔ dam+ a, yɛabɔ ama Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, emu da hɔ ma mo. 14 Na ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛahunu ne sɛ, ɔbaakofoɔ wu maa obiara;+ ɛno nti obiara awu. 15 Na ɔwu maa obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio,+ na mmom wɔbɛtena ase ama deɛ ɔwu maa wɔn na wɔnyanee no no.

16 Enti ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, yɛnnim obiara wɔ honam mu.+ Sɛ mpo, na yɛnim Kristo wɔ ɔhonam mu a, afei deɛ, yɛnnim no saa bio.+ 17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ;+ nneɛma dada no atwam; hwɛ! nneɛma foforɔ na aba. 18 Na nneɛma nyinaa firi Onyankopɔn hɔ. Ɔno na ɔnam Kristo so asiesie yɛne ne ntam,+ na wama yɛn ɔsom adwuma a ɛma nnipa siesie wɔne ne ntam,+ 19 kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so resiesie Ɔne wiase bi ntam;+ ɔremmu wɔn mfomsoɔ ngu wɔn so.+ Na ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm a ɛbɛma nkurɔfoɔ asiesie wɔne ne ntam.+

20 Enti yɛyɛ ahemmɔfoɔ*+ a yɛsi Kristo anan,+ te sɛ deɛ Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ nnipa. Yɛgyina Kristo ananmu resrɛ sɛ: “Momma wɔnsiesie mo ne Onyankopɔn ntam.” 21 Deɛ na ɔnnim bɔne+ no, ɔde no yɛɛ bɔne* maa yɛn, na yɛnam ne so ayɛ ateneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.*+

6 Berɛ a yɛne no abom reyɛ adwuma+ yi, yɛtu mo fo bio sɛ monnnye Onyankopɔn adom no mmma no nnyɛ kwa.+ 2 Na ɔka sɛ: “Berɛ a ɛfata mu na metiee wo; nkwagyeɛ da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom berɛ. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.

3 Yɛnto suntidua wɔ biribiara mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrennya yɛn som adwuma no ho asɛm biara;+ 4 na mmom adeɛ nyinaa mu, yɛdi yɛn ho adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ:+ Yɛmia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyerɛ mu,+ 5 ɛhweɛ mu, afiasenna+ mu, basabasayɛ mu, adwumaden mu, yɛda a yɛnna, ɛtɔ da a yɛnnya aduane nni;+ 6 ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, aboterɛ*+ mu, ayamyɛ+ mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nyaatwom nnim mu,+ 7 nsɛm a yɛka a ɛyɛ nokorɛ mu, Onyankopɔn tumi+ mu; yɛnam tenenee akodeɛ+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa mu* ne yɛn nsa benkum mu* so, 8 yɛnam animuonyam ne animguaseɛ so, yɛnam asɛmmɔne ne asɛmpa so. Wɔbu yɛn sɛ nnaadaafoɔ, nanso yɛyɛ anokwafoɔ; 9 wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔnnim yɛn, nanso wɔnim yɛn paa; wɔbu yɛn sɛ nnipa a yɛrewuo,* nanso hwɛ! yɛte ase;+ wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔatwe yɛn aso,* nanso wɔnkum yɛn;+ 10 wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔredi awerɛhoɔ, nanso yɛn ani gye daa; wɔbu yɛn sɛ ahiafoɔ, nanso yɛma nnipa pii yɛ adefoɔ; wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔnni hwee, nanso yɛwɔ nneɛma nyinaa.+

11 Korintofoɔ, yɛabue yɛn ano akasa akyerɛ mo,* na yɛabue yɛn akomam kɛseɛ. 12 Yɛn deɛ, yɛada yɛn dɔ nyinaa adi akyerɛ mo,*+ nanso mo deɛ, monnaa mo dɔ nyinaa adi nkyerɛɛ yɛn. 13 Enti mekasa kyerɛ mo sɛ me mma. Sɛdeɛ yɛayɛ ama mo no, mo nso, mommue mo akomam kɛseɛ.*+

14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua* korɔ.+ Na ayɔnkofa bɛn na tenenee ne bɔne* wɔ?+ Anaa kyɛfa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 15 Afei nso, abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial* wɔ?+ Anaasɛ deɛn na gyidini* ne deɛ ɔnnye nnie wɔ yɛ?*+ 16 Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Ɛfiri sɛ yɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asɔrefie,+ sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no. Ɔkaa sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+ 17 “‘Enti momfiri wɔn mu, na montwe mo ho,’ Yehowa* asɛm nie, ‘na monnyae sɛ mode mo nsa ka deɛ ɛho nteɛ no’”;+ “‘na mɛgye mo.’”+ 18 “‘Na mɛyɛ mo agya,+ na mo nso mobɛyɛ me mma mmarima ne me mma mmaa,’+ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Yehowa* na aka.”

7 Adɔfo, ɛsiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ ahodoɔ yi+ nti, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahoteɛ adi mu wɔ Onyankopɔn suro mu.

2 Mommue mo akomam mma yɛn.+ Yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛmpɛɛ obiara ho mfasoɔ.*+ 3 Ɛnyɛ sɛ mereka wei de abu mo fɔ. Ɛfiri sɛ maka dada sɛ moda yɛn akoma so, na yɛne mo bɛwu na yɛne mo atena nkwa mu. 4 Metumi de ahotɔsoɔ kɛseɛ ne mo kasa. Mede mo hoahoa me ho pii. Awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; m’anigyeɛ aboro so wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu.+

5 Nokwasɛm ne sɛ, berɛ a yɛbaa Makedonia no,+ yɛn nipadua* anhome, na mmom yɛkɔɔ so hunuu amane wɔ akwan nyinaa mu; ná ntɔkwa atwa yɛn ho ahyia, ɛnna ehu nso wɔ yɛn mu. 6 Nanso Onyankopɔn a ɔkyekye wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ* werɛ+ no, ɔnam ba a Tito baeɛ no so kyekyee yɛn werɛ. 7 Nso ɛnyɛ ba a ɔbaeɛ no nko ara na ɛkyekyee yɛn werɛ, na mmom awerɛkyekyerɛ a mo nti ɔnyaeɛ no nso ntira, ɛfiri sɛ ɔbɛka kyerɛɛ yɛn sɛ mo ani agyina me,* mo werɛ aho yie, na modwene me ho paa. Ɛno nti, m’ani gye boroo so.

8 Na sɛ me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a,+ mennuu me ho. Sɛ mfitiaseɛ no menuu me ho mpo a (ɛfiri sɛ krataa no maa mo werɛ hoeɛ, ɛwom sɛ na ɛyɛ berɛ tiaa bi), 9 seesei deɛ, m’ani agye. Ɛnyɛ mo werɛ a ɛhoeɛ kɛkɛ no ntira, na mmom adwensakra a mo awerɛhoɔ no maa monyaeɛ no ntira. Ɛfiri sɛ awerɛhoɔ a modiiɛ no, ɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nti asɛmmɔne biara rento mo. 10 Sɛ obi di awerɛhoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ a, ɛma no sakra n’adwene nya nkwa,+ na ɛnyɛ ne ya sɛ ɔsakraa n’adwene. Na sɛ obi di awerɛhoɔ sɛdeɛ nnipa a wɔwɔ wiase yɛ no a, ɛde owuo na ɛba. 11 Mo werɛ a ɛhoo sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no nti, hwɛ sɛdeɛ mokekaa mo ho. Ɛyii asodie firii mo so, ɛde abufuo baeɛ, ɛde ehu baeɛ, ɛde anigyina baeɛ, ɛde nsiyɛ baeɛ, na ɛsiesiee mfomsoɔ!+ Akwan nyinaa mu, modaa mo ho adi sɛ mo ho te* asɛm yi mu. 12 Ɛwom sɛ metwerɛɛ mo deɛ, nanso ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no+ anaa deɛ wɔyɛɛ no bɔne no nti na metwerɛeɛ, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmɔden a mobɔ no yɛn ho no bɛda adi wɔ mo mu wɔ Onyankopɔn anim. 13 Wei nti na yɛn werɛ akyekye no.

Yɛde awerɛkyekyerɛ a yɛnyaeɛ no to nkyɛn a, deɛ ɛmaa yɛn ani gye boroo so koraa ne Tito anigyeɛ no, ɛfiri sɛ mo nyinaa maa n’akoma tɔɔ ne yam.* 14 Na sɛ mede mo hoahoaa me ho kyerɛɛ no a, m’ani anwu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ nsɛm a yɛka kyerɛɛ mo nyinaa yɛ nokorɛ no, saa ara na hoa a yɛde mo hoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no nso ayɛ nokorɛ. 15 Bio nso, sɛ ɔkae ɔsetie a mo nyinaa yɛeɛ,+ ne sɛdeɛ mode osuro ne ahopopoɔ gyee no no a, ɛma ɔdɔ a ɔwɔ ma mo no yɛ kɛseɛ. 16 M’ani agye, ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa mu mewɔ mo mu awerɛhyɛmu.*

8 Afei anuanom, yɛpɛ sɛ mohu adom a Onyankopɔn de adom asafo ahodoɔ a ɛwɔ Makedonia no.+ 2 Berɛ a wɔrehunu amane wɔ sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ mmorosoɔ ne wɔn hia buruburoo no maa wɔn ayamyɛ yɛɛ kɛseɛ.* 3 Ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ wɔn ahoɔden bɛtumi nyinaa.+ Aane, me ara medi adanseɛ sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛboro wɔn ahoɔden so mpo.+ 4 Na wɔn ankasa firi wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn ara sɛ, yɛmma wɔn hokwan mma wɔnyi wɔn yam mfa deɛ wɔwɔ mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmoa* a yɛde boa akronkronfoɔ a wɔakɔ ahokyerɛ mu no, wɔn nso bɛboa bi.+ 5 Deɛ na yɛn ani da so sɛ wɔbɛyɛ no, wɔyɛ boroo saa koraa. Ɛfiri sɛ wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn. 6 Enti yɛhyɛɛ Tito+ nkuran sɛ, sɛdeɛ ɔfirii adwuma yi ase wɔ mo mu no, ɔnsan nhwɛ nnyegye deɛ mofiri ayamyɛ mu de rema no nwie. 7 Ne nyinaa mu no, mowɔ adeɛ nyinaa ma no boro so: gyidie mu oo, kasa mu oo, nimdeɛ mu oo, mmɔdemmɔ nyinaa mu oo, ɔdɔ a yɛde dɔ mo mu oo, mowɔ ma no boro so. Saa ara na deɛ moreyi mo yam de ama yi nso, monyɛ mma no mmoro so.+

8 Ɛnyɛ sɛ mereka wei de ahyɛ mo, na mmom mereka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu mmɔden a ebinom rebɔ, na mahunu sɛdeɛ mo dɔ di mu fa. 9 Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no. Ɛne sɛ, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani,+ na monam ne hia so ayɛ adefoɔ.

10 M’adwene wɔ wei ho ne sɛ:+ Sɛ moyɛ deɛ mereka yi a, ɛbɛboa mo. Ɛfiri sɛ afe nie na mo ara mofirii aseɛ sɛ moreyɛ, na na mo ani abere paa sɛ mobɛyɛ nso. 11 Enti seesei, deɛ mofirii aseɛ sɛ moreyɛ no, monyɛ nwie. Sɛdeɛ na moayɛ krado sɛ mobɛyɛ no, monhwɛ deɛ mowɔ ho na momfa saa ahokeka no ara nwie. 12 Na sɛ obi akoma ka no sɛ ɔnyi bi mma a, deɛ ɛsɔ ani ne sɛ ɔde deɛ ɔwɔ bɛma,+ na ɛnyɛ deɛ ɔnni. 13 Na mempɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ ma ebinom na mo deɛ, ɛyɛ den ma mo; 14 na mmom mepɛ sɛ biribiara kyɛ pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ moanya aboro so seesei no bɛma wɔanya deɛ wɔhia, na deɛ wɔn nso anya aboro so no ama moanya deɛ mohia. Ɛno bɛma biribiara akyɛ pɛpɛɛpɛ. 15 Saa na wɔatwerɛ sɛ: “Onipa a ɔwɔ pii no annya ammoro so, na onipa a ɔwɔ ketewaa bi no nso, anhia no ammoro so.”+

16 Afei aseda nka Onyankopɔn sɛ ɔde ahyɛ Tito akomam sɛ ɔnnwene mo ho sɛdeɛ yɛdwene mo ho no,+ 17 ɛfiri sɛ nkuranhyɛ a yɛde maa no no, watie no aso pa mu. Na ɛsiane sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ deɛ yɛkaeɛ no nti, ɔno ara firi ne pɛ mu reba mo nkyɛn. 18 Nanso yɛresoma onua a asɛmpa a ɔka no nti, asafo ahodoɔ no nyinaa kamfo no no aka ne ho. 19 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom asafo ahodoɔ no ayi no sɛ ɔnka yɛn ho na yɛmfa akyɛdeɛ a wɔayi wɔn yam de ama yi nkɔ mmeammea mfa nhyɛ Awurade animuonyam, na yɛmfa nkyerɛ sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛboa. 20 Wei remma obiara nnya yɛn ho asɛm nka wɔ sɛdeɛ yɛkyekyɛ ntoboa a wɔayi wɔn yam de aba no ho.+ 21 Na yɛde ‘nokorɛdie yɛ biribiara; ɛnyɛ Yehowa* anim nko na yɛyɛ saa, na mmom nnipa anim nso.’+

22 Bio nso, yɛresoma yɛn nua baako aka wɔn ho. Yɛasɔ no ahwɛ ahu sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma pii mu, na seesei, mo mu awerɛhyɛmu kɛseɛ a ɔwɔ nti, ne mmɔdemmɔ no ayɛ kɛseɛ paa. 23 Sɛ mowɔ Tito ho asɛm bi a, deɛ mɛka ne sɛ, ɔyɛ obi a ɔka me ho a me ne no yɛ adwuma boa mo. Na sɛ yɛn nuanom no nso na mowɔ wɔn ho asɛm a, deɛ mɛka ne sɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ ne Kristo animuonyam. 24 Enti monna mo dɔ adi nkyerɛ wɔn,+ na momma asafo ahodoɔ no nhunu deɛ enti a yɛde mo hoahoaa yɛn ho no.

9 Na ɔsom a yɛde boa akronkronfoɔ no+ deɛ, ɛho nhia sɛ metwerɛ ho asɛm brɛ mo, 2 ɛfiri sɛ menim sɛ moayɛ krado, na ɛno nti mede mo hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ. Maka akyerɛ wɔn sɛ, afe nie na Akaiafoɔ yɛɛ krado sɛ wɔbɛboa, na mo ahokeka no akanyan wɔn mu dodoɔ no ara. 3 Nanso meresoma anuanom no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho sɛ mopɛ sɛ moboa no renyɛ kwa, na ɛbɛma moayɛ krado sɛ mobɛboa, sɛdeɛ mekaa sɛ mobɛyɛ no ara. 4 Anyɛ saa na sɛ Makedoniafoɔ ne me ba, na wɔbɛto sɛ monyɛɛ krado a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛn ani bɛwu sɛ yɛnyaa mo mu awerɛhyɛmu; mo nso mo ani bɛwu bi. 5 Enti mehuu sɛ ɛho hia sɛ mehyɛ anuanom no nkuran ma wɔdi kan ba mo nkyɛn, na ama moapɛ akyɛdeɛ a moyii mo yam hyɛɛ ho bɔ no ato hɔ. Ɛba saa a, yɛbɛba no, na akyɛdeɛ no wɔ hɔ dada. Ɛno bɛkyerɛ sɛ mo ara na moyii mo yam de maeɛ, na ɛnyɛ sɛ yɛhyɛɛ mo.

6 Asɛm no ara ne sɛ, obiara a ɔgu no pɛpɛɛ so no, ɔbɛtwa no pɛpɛɛ so, na obiara a ɔgu pii no, ɔbɛtwa pii.+ 7 Obiara nyɛ no sɛdeɛ wasusu wɔ n’akomam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn dɔ deɛ ɔde anigyeɛ kyɛ adeɛ.+

8 Bio nso, Onyankopɔn bɛtumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a berɛ nyinaa mobɛnya deɛ ɛbɛso mo wɔ biribiara mu, na moanya pii nso de ayɛ adwuma pa biara.+ 9 (Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wakyɛ adeɛ pii;* wama ahiafoɔ adeɛ. Ne tenenee wɔ hɔ daa.”+ 10 Na Deɛ ɔma ogufoɔ nya aba pii, na ɔma nkurɔfoɔ paanoo di no, ɔbɛma aba a mogu no adɔɔso, na wama moatwa mo tenenee so aba bebree.) 11 Biribiara mu, monya mo ho na ama moayɛ adɔeɛ wɔ akwan nyinaa so, na ɛnam yɛn so ama Onyankopɔn anya aseda; 12 ɛfiri sɛ ɔsom a yɛde boa nkurɔfoɔ yi, ɛnyɛ akronkronfoɔ nko ara na ɛma wɔnya deɛ wɔhia biara,+ na mmom ɛma nnipa nya nneɛma pii a wɔbɛgyina so de aseda bebree ama Onyankopɔn. 13 Mmoa* a yɛde boa wɔn a wɔakɔ ahokyerɛ mu no ma wɔnya adanseɛ de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. Ɛfiri sɛ sɛdeɛ moboa nkurɔfoɔ no kyerɛ sɛ mo ara mode asɛmpa a moka fa Kristo ho no bɔ mo bra. Ɛnyɛ ɛno nko. Mmom mosan yi mo yam de mo ntoboa kɔma wɔn ne obiara.+ 14 Na wɔbɔ mpaeɛ* ma mo de kyerɛ sɛ wɔdɔ mo, ɛsiane Onyankopɔn adom a ɛboro so wɔ mo so no nti.

15 Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛso bi nni no ho.

10 Afei, me Paul, mede ɔdwoɔ a Kristo wɔ ne n’ayamyɛ+ resrɛ mo. Sɛ mewɔ mo nkyɛn a, menyɛ onipa titire biara,+ nanso menni hɔ a, meyɛ kokoɔdurofoɔ ma mo.+ 2 Meresrɛ, na sɛ meba a, mamfa akokoɔduro amma sɛdeɛ mehwɛ kwan no, na mankasa aniberɛ so ankyerɛ wɔn a wɔbu yɛn sɛ yɛnante ɔhonam mu no. 3 Na yɛnam ɔhonam mu deɛ, nanso yɛnkɔ ɛko wɔ ɔhonam mu. 4 Ɛfiri sɛ akodeɛ a yɛde kɔ ɛko no nyɛ ɔhonam mu deɛ,+ nanso Onyankopɔn ma no yɛ den,+ na yɛtumi de tutu nneɛma a aseɛ atim dendeenden* no gu. 5 Na yɛretutu nsusuiɛ ne biribiara a ayɛ osiakwan a ɛmma nkurɔfoɔ nnya Onyankopɔn ho nimdeɛ no agu,+ na yɛde nsusuiɛ nyinaa ayɛ nkoa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ ɔsetie ama Kristo; 6 na yɛayɛ krado sɛ, sɛ monya yɛ ɔsetie wie* ara pɛ, yɛde asotwe bɛma obiara a ɔbɛyɛ asoɔden no.+

7 Mohwɛ nneɛma aniani. Sɛ obi gye ne ho di sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ ma no nsan nsusu nokwasɛm yi ho: Sɛdeɛ ɔyɛ Kristo dea no, saa ara na yɛn nso yɛyɛ Kristo dea. 8 Awurade ama yɛn tumi sɛ yɛmfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ yɛmfa mmu mo abam.+ Sɛ mede saa tumi no hoahoa me ho boro so kakra mpo a, m’ani renwu. 9 Na mempɛ sɛ ɛyɛ te sɛ deɛ mede me nkrataa no rehunahuna mo. 10 Na wɔka sɛ: “Ne nkrataa mu nsɛm mu yɛ duru na tumi wom, nanso sɛ ɔno ara wɔ ha a, ɔyɛ mmerɛ, na mfasoɔ biara nni ne nsɛm a ɔka so.” 11 Ma saa onipa no nhu sɛ, sɛ yɛnni mo nkyɛn a, deɛ yɛka wɔ krataa mu no, ɛno ara na sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛbɛyɛ.*+ 12 Na yɛmpɛ sɛ yɛkan yɛn ho fra wɔn a wɔkamfo wɔn ho no, na yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn ho koraa.+ Saa nkurɔfoɔ no de wɔn ho ayɛ susudua; obiara de ne ho susu ne yɔnko, na obiara de ne ho toto ne yɔnko ho. Deɛ wɔyɛ no kyerɛ sɛ wɔnni nteaseɛ.+

13 Nanso yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho ntra ɛhyeɛ a wɔde ama yɛn no, na mmom, yɛbɛhoahoa yɛn ho wɔ ɛhyeɛ a Onyankopɔn asusu ama yɛn no* mu, na ɛba ara bɛsi mo so.+ 14 Nokorɛm no, ɛnyɛ sɛ yɛretwe yɛn mu atra so te sɛ deɛ gyama yɛannuru mo nkyɛn no. Ɛfiri sɛ yɛn na yɛdii kan de Kristo ho asɛmpa no bae ara bɛduruu baabi a mowɔ no.+ 15 Daabi, ɛnyɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho atra ɛhyeɛ a wɔde ama yɛn no akɔ obi adwuma mu. Mmom yɛn ani da so sɛ, berɛ a mo gyidie reyɛ kɛse no, deɛ yɛayɛ no bɛyɛ kɛse wɔ yɛn asaasesini mu. Ɛno ansa na yɛbɛtumi ayɛ bi aka ho, 16 na yɛakɔka asɛmpa no akyerɛ aman foforɔ wɔ mo akyi nohoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa deɛ obi ayɛ wɔ n’asaasesini mu nhoahoa yɛn ho. 17 “Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+ 18 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔkamfo ne ho na ɔfata,+ na mmom deɛ Yehowa* kamfo no no,+ ɔno na ɔfata.

11 Mereyɛ m’adeɛ te sɛ obi a ɔnni adwene, nanso mepɛ sɛ mote me ase. Na ampa ara nso, moate me ase! 2 Na metwe mo ho ninkunu te sɛ Onyankopɔn,* ɛfiri sɛ mahyɛ bɔ sɛ mede mo bɛma ɔbarima baako awareɛ, na mede mo bɛma Kristo sɛ ɔbaabunu a efĩ nkaa no.+ 3 Nanso mesuro sɛ ɛkwan bi so no, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso, wɔbɛsɛe mo adwene afiri nokorɛdie ne kronkronyɛ* a ɛfata Kristo no ho.+ 4 Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm wɔ deɛ yɛkaa ne ho asɛm no akyi, anaasɛ monya honhom foforɔ bi wɔ deɛ monyaeɛ no akyi, anaa asɛmpa foforɔ wɔ deɛ mogyeeɛ no akyi+ a, mogye saa onipa no tom ntɛm so. 5 Na mahu sɛ wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafoɔ ahotefoɔ no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 6 Na sɛ m’ano ntee wɔ kasa mu+ mpo a, nimdeɛ deɛ, mewɔ bi. Nokwasɛm ne sɛ, yɛmaa mohunuu wei wɔ akwan nyinaa mu ne biribiara mu.

7 Adɛn, meyɛɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛma mo so? Anaa meyɛɛ bɔne sɛ mede anigyeɛ kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa?+ 8 Asafo afoforɔ nneɛma na mefomeeɛ,* kyerɛ sɛ, megyee nneɛma* firii wɔn hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi asom mo.+ 9 Na berɛ a mewɔ mo nkyɛn a ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa, ɛfiri sɛ anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me deɛ mehia maa no boroo so.+ Aane, mehwɛɛ sɛ merenyɛ mo so adesoa wɔ biribiara mu, na mɛkɔ so ayɛ saa ara.+ 10 Berɛ tenten a Kristo nokorɛ no wɔ me mu deɛ, merennyae m’ahohoahoa yi+ wɔ Akaia nsaase so da. 11 Adɛn ntira? Mennɔ mo nti anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.

12 Na deɛ mereyɛ no, mɛkɔ so ayɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔrepɛ biribi agyina so ne yɛn ayɛ pɛ no rennya deɛ wɔbɛgyina so ahoahoa wɔn ho wɔ nneɛma* a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 13 Na saa nnipa no yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nkontompofoɔ a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafoɔ.+ 14 Na ɛnyɛ nwanwa, ɛfiri sɛ Satan mpo kɔ so ara yɛ ne ho sɛ hann bɔfoɔ.+ 15 Enti sɛ n’asomfoɔ nso yɛ wɔn ho sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ biribi a ɛyɛ nwanwa. Nanso ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+

16 Meka bio sɛ: Mma obiara nnsusu sɛ menni adwene. Sɛ mosusu saa mpo a, mo deɛ, momfa me sɛ obi a ɔnni adwene, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me nso mɛhoahoa me ho kakra. 17 Deɛ meka no seesei no, ɛnyɛ Awurade na meresuasua no aka, na mmom mereka no te sɛ obi a ɔgye ne ho di a ɔhoahoa ne ho a ɔnni adwene. 18 Ɛsiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho wɔ ɔhonam mu* nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. 19 Ɛsiane sɛ “monim nyansa” nti, mode anigyeɛ gye wɔn a wɔnni adwene. 20 Nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔde mo yɛ nkoa, obiara a ɔdidi mo ho, obiara a ɔhwim mo nneɛma, obiara a ɔma ne ho so wɔ mo so, ne obiara a ɔbɔ mo ani so no, mogye no tom.

21 Meka wei de hyɛ yɛn aniwuo, ɛfiri sɛ ɛte sɛ deɛ yɛyɛ mmerɛ.

Nanso sɛ ebinom de akokoɔduro yɛ biribi a, ɛnneɛ mekasa sɛ obi a ɔnni adwene: Me nso meyɛ m’adeɛ akokoɔduro so. 22 Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi.+ Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ* anaa? Me nso meyɛ bi.+ 23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Meyi ano te sɛ bɔdamfoɔ. Meyɛ Kristo somfoɔ kyɛn so: Mayɛ adwumaden pii sene wɔn,+ mada afiase mprɛ pii sene wɔn,+ wɔahwe me mprɛ pii, na me ne owuo abɔ mpunimpu mprɛ pii.+ 24 Mprɛ nnum na Yudafoɔ bɔɔ me mmaa. Emu biara, ɛkaa baako maa anka wɔbɔɔ me 40,+ 25 wɔde mmaa aboro me*+ mprɛnsa, wɔasi me aboɔ+ pɛnkoro, matena po so hyɛn mu ama no abɔ+ mprɛnsa, madi ɛpo mfimfini anadwo ne awia; 26 akwantuo pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfoɔ mu asiane mu, me ara me manfoɔ mu asiane mu,+ amanaman mu asiane mu,+ kuro mu asiane mu,+ wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu. Mprɛ pii, meda a menna,+ ɛkɔm ne sukɔm dee me,+ mannya aduane anni mprɛ pii,+ awɔ dee me, na mannya ataadeɛ anhyɛ.*

28 Nneɛma a ɛbaa me so no da nkyɛn a, deɛ ɛhyɛ me so da biara da nso wɔ hɔ. Ɛno ne asafo no nyinaa ho adwendwene.+ 29 Hwan na ɔyɛ mmerɛ a menyɛ mmerɛ bi? Hwan na wɔto no suntidua a ɛnhyɛ me abufuo?

30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, nneɛma a ɛma me mmerɛyɛ da adi na mede bɛhoahoa me ho. 31 Awurade Yesu Agya ne ne Nyankopɔn, Deɛ ɔfata ayeyie daa no, ɔnim sɛ ɛnyɛ atorɔ na meredi. 32 Berɛ a mewɔ Damasko no, na amrado a ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no rewɛn Damaskofoɔ kuro no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya me akye me, 33 nanso wɔde me sii kɛntɛn mu faa mpomma bi mu wɔ kuro no fasuo ho, na wɔgyaagyaa me maa mesii fam+ dwaneeɛ, na ne nsa anka me.

12 Ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Mfasoɔ nni so, nanso merebɛka anisoadehunu+ ne yikyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ+ ho asɛm. 2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a mfeɛ 14 nie wɔhwim no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam mu oo, mennim; Onyankopɔn na ɔnim. 3 Aane, menim saa onipa no. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam oo, mennim; Onyankopɔn na ɔnim. 4 Wɔhwim no kɔɔ paradise, na ɔtee nsɛm a wɔntumi nka, a mmara mma kwan sɛ onipa bɛka. 5 Onipa a ɔte saa na mede no bɛhoahoa me ho, na me ara deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ na mede bɛhoahoa me ho. 6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ menni adwene, ɛfiri sɛ deɛ mɛka no yɛ nokorɛ. Nanso merenhoahoa me ho, na amma obi ammu me ankyɛn deɛ ɔhunu wɔ me ho anaa deɛ ɔte firi me hɔ 7 ɛsiane yikyerɛ a ɛyɛ nwanwa a menya nti.

Deɛ ɛbɛyɛ a meremma me ho so mmoro so nti, wɔama me ɔhonam mu kasɛɛ,+ Satan bɔfoɔ, sɛ ɔnkɔ so mpaapae m’asom* na mamma me ho so ammoro so. 8 Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa wɔ ho, sɛ ɛmfiri me so. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “M’adom dɔɔso ma wo, ɛfiri sɛ mmerɛyɛ mu na me tumi wie pɛyɛ.”*+ Enti mede anigyeɛ kɛseɛ bɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo ahoɔden bɛtena me so sɛ ntomadan. 10 Ɛno nti, mmerɛyɛ ne adapaatwa ne ohia ne tan a nkurɔfoɔ tan m’ani ne ahokyerɛ a Kristo nti mehyia no yɛ anigyesɛm ma me. Ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛno mmom na menya ahoɔden.+

11 Mayɛ obi a ɔnni adwene. Mo na moama mayɛ saa, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ anka mokamfo me. Na sɛ mensɛ hwee mpo a, wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafoɔ ahotefoɔ no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 12 Mo ara mohuu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ no. Mohuu animia kɛseɛ+ ne nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne ahoɔden nnwuma*+ no. 13 Ɛyɛɛ dɛn na asafo ahodoɔ no nyaa hokwan bi a mo deɛ moannya bi? Ɛno ara ne sɛ, manyɛ adesoa amma mo.+ Mesrɛ mo, momfa mfomsoɔ yi nkyɛ me.

14 Hwɛ! Wei ne ne mprɛnsa so a mayɛ krado sɛ mereba mo nkyɛn, na merenyɛ mo so adesoa. Na ɛnyɛ mo ahodeɛ na merehwehwɛ,+ na mmom mo na merehwehwɛ mo. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma+ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adeɛ gu hɔ ma wɔn awofoɔ, na mmom awofoɔ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adeɛ gu hɔ ma wɔn mma. 15 Na me deɛ, mede anigyeɛ kɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa bɛma, na mede me ho ama mo* korakora.+ Sɛdeɛ medɔ mo boro so yi, ɛnsɛ sɛ mo nso modɔ me saa ara bi anaa? 16 Ne nyinaa mu no, manyɛ mo so adesoa.+ Nanso moka sɛ mede “nyansakwan” ne “nnɛɛdɛɛ” na ɛnyaa mo. 17 Wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no, menam wɔn mu bi so didii mo ho anaa? 18 Mesrɛɛ Tito, na mesomaa onua no kaa ne ho. Tito didii mo ho anaa? Daabida.+ Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ? Ɛnyɛ anammɔn korɔ no ara na yɛtuiɛ?

19 Saa berɛ yi nyinaa, na mo adwene yɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa wɔ Kristo mu. Nanso adɔfo, hyɛ a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mo den nti na yɛyɛ biribiara. 20 Na mesuro sɛ, sɛ meba a, ebia meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso, morenhu me sɛdeɛ mopɛ. Mmom anhwɛ a deɛ mɛba abɛto so ne mansotwe, ahoɔyaa, abufuo, twe-ma-mentwe, anoɔyaa, huhuhuhu,* ahomasoɔ, ne sakasaka. 21 Ebia mesan ba mo nkyɛn a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo anim. Na wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔnsakraa wɔn adwene wɔ wɔn bra fĩ,* ne wɔn adwamammɔ,* ne wɔn ahohwisɛm* ho no, ebia mɛdi wɔn mu pii ho awerɛhoɔ.

13 Wei ne ne mprɛnsa so a mereba mo nkyɛn. “Ɛsɛ sɛ asɛm biara gyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ* so.”+ 2 Ɛwom sɛ seesei menni hɔ deɛ, nanso ɛte sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ne mprenu so. Meredi kan abɔ wɔn a wɔayɛ bɔne, ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ sɛ, sɛ mesan ba bio a, merenhu wɔn mmɔbɔ, 3 ɛfiri sɛ morehwehwɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Kristo nam me so kasa ampa, Kristo a ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu no. 4 Ampa, wɔbɔɔ no asɛndua mu ɛsiane mmerɛyɛ nti, nanso Onyankopɔn tumi nti, ɔte ase.+ Ɛyɛ ampa nso sɛ, yɛyɛ mmerɛ te sɛ deɛ na ɔyɛ mmerɛ no, nanso tumi a mo nti Onyankopɔn da no adie+ no nti, yɛne no bɛtena ase.+

5 Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ* mo mu nhwɛ sɛdeɛ moteɛ ankasa.+ Anaa monnye ntom sɛ Yesu Kristo wɔ mo mu? Gye sɛ ebia momfata. 6 M’ani da so paa sɛ mobɛhu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛfata.

7 Afei yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ na moanyɛ bɔne biara. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfoɔ hu yɛn sɛ yɛfata ntira, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ nkurɔfoɔ hu yɛn sɛ yɛmfata mpo a, mo deɛ, mobɛyɛ adepa. 8 Yɛrentumi nyɛ biribiara ntia nokorɛ no, na mmom, deɛ yɛyɛ biara, yɛyɛ ma nokorɛ no. 9 Berɛ biara a yɛbɛyɛ mmerɛ na moayɛ den no, yɛn ani gye yie. Na wei ne deɛ yɛbɔ ho mpaeɛ, sɛ wɔbɛkɔ so agye mo asi yie. 10 Ɛno nti na berɛ a menni mo nkyɛn yi, meretwerɛ weinom abrɛ mo no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, tumi a Awurade de ama me no, meremfa nni dwuma dendeenden.+ Ɛfiri sɛ ɔde maa me sɛ memfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ memfa mmu mo abam.

11 Ne korakora no, anuanom, monkɔ so nni ahurisie, momma wɔnnye mo nsi yie, momma wɔnkyekye mo werɛ,+ monnya adwenkorɔ,+ montena asomdwoeɛ mu.+ Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena. 12 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. 13 Akronkronfoɔ no nyinaa kyeakyea mo.

14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne honhom kronkron a ɛreboa mo no nka mo nyinaa.

Anaa “ɔhyɛ yɛn nkuran.”

Anaa “sɔhwɛ.”

Anaa “amanehunu.”

Anaa “tiboa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ monim dada.”

Nt., “akɔsi awieeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mfasoɔ mprenu.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.

Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoaseɛ); deɛ ɛbɛba akyire yi ho anohoba (bɔhyɛ).”

Anaa “me kra.”

Anaa “ammene no.”

Anaa “rennaadaa yɛn.”

Anaa “n’adwene; ne nsusuiɛ.”

Nt., “me honhom annya ahotɔ.”

Anaa “ehwa.”

Anaa “yɛntɔn Onyankopɔn asɛm; yɛmfa Onyankopɔn asɛm mpɛ mfasoɔ.”

Anaa “wɔakurukyire.”

Anaa “adwene ano kumiiɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛdeɛ Yehowa honhom.”

Nt., “nnipa ahonim; nnipa tiboa.”

Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkukuo ne nhina.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “yɛmpa aba.”

Anaa “sɔhwɛ.”

Nt., “animuonyam a emu yɛ duru.”

Anaa “tenabea.”

Anaa “yɛbɛhyɛ yɛn tenabea.”

Anaa “yɛn soro tenabea.”

Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoaseɛ); deɛ ɛbɛba akyire yi ho anohoba (bɔhyɛ).”

Anaa “wɔda yɛn nyinaa adi.”

Anaa “wɔada yɛn adi akyerɛ Onyankopɔn.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “wɔada yɛn adi nso akyerɛ mo ahonim.”

Anaa “ɔhene ananmusifoɔ.”

Anaa “bɔne ho afɔreɛ.”

Anaa “ayɛ Onyankopɔn tenenee.”

Anaa “abodwokyɛreɛ.”

Ebia ɛno na wɔde ko.

Ebia ɛno na wɔde bɔ wɔn ho ban.

Anaa “yɛfata wuo.”

Anaa “wɔatene yɛn so.”

Anaa “yɛaka deɛ ɛsɛ sɛ yɛka biara akyerɛ mo.”

Anaa “yensi mo kwan yɛn akomam.”

Anaa “mo nso montrɛ mo akomam.”

Greek asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wɔretwe kɔndua no, wɔn ahoɔden ne wɔn tenten nyɛ pɛ.

Anaa “mmarato.”

Ɛfiri Hebri asɛmfua bi mu. Ɛkyerɛ “Obi a Ne So Nni Mfasoɔ Biara.” Wɔde ka Satan ho asɛm.

Anaa “ɔnokwafoɔ.”

Anaa “kyɛfa bɛn na gyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ?”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “yɛnnidii obiara ho.”

Nt., “honam.”

Anaa “wɔabotoɔ.”

Nt., “mobɔ me ho mmɔden.”

Anaa “mo abrabɔ ho te; asɛm biara nni mo ho.”

Nt., “ne honhom ho dwoo no.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo nti mewɔ akokoɔduro.”

Anaa “boroo so.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Wayi ne yam akyɛ adeɛ.”

Anaa “Ɔsom adwuma.”

Anaa “wɔkoto srɛ.”

Anaa “agye nhini.”

Anaa “mo setie nya di mu.”

Nt., “ɛno ara na yɛbɛyɛ wɔ nneyɛɛ mu.”

Anaa “asusu atwa ama yɛn no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “Onyankopɔn nnamyɛ.”

Anaa “ahoteɛ.”

Nt., “mewiaeɛ.”

Anaa “mmoa.”

Anaa “diberɛ.”

Kyerɛ sɛ, nnipa fam.

Nt., “aba.”

Anaa “wɔaka me mpire.”

Nt., “medaa adagya.”

Anaa “mmobɔ me.”

Anaa “di mu.”

Anaa “ahoɔdenneɛ.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “nsekuro; nkɔnkɔnsa.”

Anaa “afideɛ.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “aniwudeɛ.” Ɛfiri Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ano.”

Anaa “mpɛɛpɛɛ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane