ƆDE KƆMAA GALATIFOƆ
1 Me Paul na meretwerɛ krataa yi. Meyɛ ɔsomafoɔ, nanso ɛnyɛ nnipa na wɔyii me na ɛnnam onipa bi so, na mmom Yesu Kristo+ ne Agya Onyankopɔn+ a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no na wɔyii me; 2 me ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de krataa yi rekɔma Galatia asafo ahodoɔ:
3 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo. 4 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ+ na ama wagye yɛn afiri wiase bɔne* a ɛwɔ hɔ seesei yi mu,+ ɛfiri sɛ saa na yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no pɛ;+ 5 ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.
6 Deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no, ɛyɛ me nwanwa sɛ moretwe mo ho* ntɛm saa afiri ne ho akɔ asɛmpa foforɔ ho.+ 7 Nanso ɛnyɛ sɛ asɛmpa foforɔ bi wɔ hɔ; ɛno ara ne sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔreha mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔkyea Kristo asɛmpa no. 8 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no akyi no, sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfoɔ bi firi soro bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo a, ɔnnue. 9 Sɛdeɛ yɛadi kan aka no, meresan aka bio sɛ, asɛmpa a moagye atom yi akyi no, sɛ obi bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo a, ɔnnue.
10 Enti nnipa na seesei mepɛ sɛ wɔgye me tom anaa Onyankopɔn? Mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so sɔ nnipa ani a, anka menyɛ Kristo akoa. 11 Anuanom, merema moahu sɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no, ɛmfiri nnipa hɔ;+ 12 deɛ ɛteɛ ne sɛ, mannya no nnipa nkyɛn, na ɛnyɛ obi nso na ɔkyerɛkyerɛɛ me; Kristo mmom na ɔyii no adi kyerɛɛ me.
13 Ɛnyɛ dɛn ara a, moate me kan abrabɔ a na mewom wɔ Yudasom mu no;+ ɛne sɛ, metuu m’ani sii Onyankopɔn asafo no so* dendeenden,* na medii wɔn bɔne kɛse.+ 14 M’atipɛnfoɔ a wɔwɔ me man mu no, mekɔɔ m’anim wɔ Yudasom mu senee wɔn mu pii, na mebɔɔ m’agyanom amammerɛ ho mmɔden kyɛn so koraa.+ 15 Nanso berɛ a Onyankopɔn a ɔmaa me maame woo me,* na ɔnam n’adom so frɛɛ me+ no huu sɛ ɛyɛ 16 sɛ ɔfa me so yi ne Ba no adi na meka ne ho asɛmpa kyerɛ amanaman no,+ me ne onipa dasani* biara antu agyina saa berɛ no. 17 Saa ara nso na mankɔ wɔn a wɔbɛyɛɛ asomafoɔ ansa na merebɛyɛ bi no nkyɛn wɔ Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan baa Damasko bio.+
18 Afei mfeɛ mmiɛnsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem+ kɔsraa Kefa,*+ na medii nnafua 15 wɔ ne nkyɛn. 19 Nanso manhu asomafoɔ a aka no mu biara, gye Awurade nua Yakobo.+ 20 Seesei deɛ meretwerɛ mo yi, mɛtumi agyina Onyankopɔn anim aka sɛ ɛnyɛ atorɔ na meredi.
21 Ɛno akyi no, mekɔɔ Siria ne Kilikia amantam mu.+ 22 Nanso na Kristo asafo ahodoɔ a ɛwɔ Yudea no nhuu m’anim da. 23 Deɛ na wɔate ara ne sɛ: “Onipa a berɛ bi na ɔtan yɛn ani no,+ afei deɛ, ɔka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no+ no ho asɛmpa.” 24 Na me nti wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.
2 Ɛno akyi mfeɛ 14 no, mesan ne Barnaba kɔɔ Yerusalem,+ na mefaa Tito nso kaa me ho.+ 2 Menyaa yikyerɛ sɛ menkɔ hɔ nti na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no ho asɛm too mpanimfoɔ a anuanom bu wɔn no nko ara anim, ɛfiri sɛ na mempɛ sɛ mmirika a matu anaa meretu no yɛ kwa. 3 Tito+ a na ɔka me ho no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia,*+ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Greeceni no. 4 Deɛ ɛkɔfaa asɛm no baeɛ ne anuanom atorofoɔ a wɔayɛ kodɛɛ aba asafo no mu;+ wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛsɛe ahofadie+ a Kristo Yesu nti yɛwɔ no, na wɔde yɛn ayɛ nkoa koraa.+ 5 Deɛ ɛbɛyɛ a mobɛtena asɛmpa no ho nokorɛ no mu nti, yɛango yɛn ho amma saa nnipa no;+ yɛango yɛn ho kakraa bi* mpo.
6 Anuanom a wɔbu wɔn no deɛ,+ sɛdeɛ berɛ bi na wɔteɛ no, ɛnyɛ ɛno na ɛhia me, ɛfiri sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ obi teɛ wɔ nnipa ani so na Onyankopɔn hwɛ. Deɛ ɛwom ne sɛ, saa anuanom a wɔdi nneɛma anim yi ankyerɛ me biribi foforɔ biara. 7 Mmom wɔbɛhuu sɛ wɔde ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wɔntwaa twetia+ sɛdeɛ wɔde asɛmpa no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn a wɔatwa twetia no. 8 Deɛ ɔmaa Petro tumi a ɔde yɛɛ asomafoɔ adwuma maa wɔn a wɔatwa twetia no, ɔno ara na ɔmaa me nso tumi a mede reyɛ adwuma wɔ amanaman mufoɔ mu.+ 9 Enti berɛ a Yakobo+ ne Kefa* ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum no huu adom a wɔde adom me+ no, wɔkyeaa me ne Barnaba+ nsam penee so* sɛ yɛnkɔ amanaman mufoɔ mu, na wɔn nso nkɔ wɔn a wɔatwa twetia no mu. 10 Adeɛ a wɔsrɛeɛ ara ne sɛ yɛnkae ahiafoɔ berɛ nyinaa, na mabɔ mmɔden paa nso de ayɛ adwuma.+
11 Nanso, berɛ bi a Kefa*+ baa Antiokia+ no, meka sii n’anim sɛ wayɛ biribi a ɛmfa kwan mu.* 12 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ansa na nnipa bi a wɔfiri Yakobo+ hɔ reba no, na ɔne amanaman mufoɔ didi,+ nanso berɛ a wɔbaeɛ no, ɛsiane sɛ na ɔsuro wɔn a wɔatwa twetia no+ nti, ɔgyaeeɛ, na ɔtwee ne ho firii amanaman mufoɔ no ho. 13 Yudafoɔ a aka no nso kɔkaa ne ho wɔ ne nyaatwom no mu, na Barnaba mpo kɔdii wɔn nyaatwom no akyi. 14 Nanso berɛ a mehuu sɛ wɔamfa asɛmpa no ho nokorɛ anyɛ adwuma no,+ meka kyerɛɛ Kefa* wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Wo a woyɛ Yudani no, sɛ woanyɛ w’adeɛ sɛ Yudani na mmom wobɔ wo bra sɛ amanaman muni a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛ Yudafoɔ?”+
15 Yɛn a yɛfiri awoɔ mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔfiri amanaman mu no, 16 yɛnim sɛ ɛnyɛ mmara nnwuma na ɛbu onipa bem, na mmom Kristo Yesu+ mu gyidie+ nko ara na ɛbu obi bem. Enti yɛagye Kristo Yesu adi, na ama wɔafa Kristo mu gyidie so abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma, ɛfiri sɛ ɛkaa mmara nnwuma nko a, anka wɔremmu obiara* bem.+ 17 Afei sɛ yɛn nso wɔbu yɛn sɛ abɔnefoɔ a ɛhia sɛ wɔfa Kristo so bu yɛn bem a, ɛno kyerɛ sɛ Kristo yɛ ɔsomfoɔ a ɔboa bɔne anaa? Daabida! 18 Sɛ mesan si deɛ berɛ bi medwiri guiɛ no a, ɛno kyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ. 19 Ɛsiane sɛ medii mmara no so nti, made me ho afiri mmara no ho,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu. 20 Wɔabɔ me ne Kristo nyinaa asɛndua mu.+ Ɛnyɛ me na mete ase bio,+ na mmom ɛyɛ Kristo na ɔte me mu. Ampa, te a mete ase ɔhonam mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no mu gyidie mu;+ ɔno na ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.+ 21 Onyankopɔn adom+ deɛ, merempo,* ɛfiri sɛ sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ anka Kristo awu kwa.+
3 O Galatifoɔ a monni nteaseɛ, mo a wɔmaa mohunuu pefee sɛ wɔabɔ Yesu Kristo asɛndua mu+ no, hwan na ɔgyegyee mo kɔɔ bɔne mu saa?+ 2 Adeɛ baako a mepɛ sɛ mebisa mo* ne sɛ: Honhom a monyaeɛ no, monam mmara nnwuma so na ɛnyaeɛ, anaasɛ monam asɛm a motieeɛ na mogye diiɛ no so na ɛnyaeɛ?+ 3 Enti monni nteaseɛ koraa saa? Mfitiaseɛ no, momaa honhom no kyerɛɛ mo kwan;* afei deɛ ɔhonam na mode rewie anaa?+ 4 Amane bebrebe a mohunuiɛ no, mfasoɔ biara amma so anaa? Mennye nni sɛ mfasoɔ biara amma so. 5 Ɛnneɛ deɛ ɔma monya honhom, na ɔyɛ anwanwadeɛ+ wɔ mo mu no, mmara nnwuma a moyɛ nti na ɔyɛ saa anaasɛ asɛm a moteeɛ na mogye diiɛ no ntira? 6 Saa ara na Abraham “gyee Yehowa* dii, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.”+
7 Monim paa sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie no, wɔn na wɔyɛ Abraham mma.+ 8 Afei ɛsiane sɛ Twerɛnsɛm no ka too hɔ sɛ ɛnam gyidie so na Onyankopɔn bɛbu amanaman mufoɔ bem nti, Onyankopɔn dii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Aman nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”+ 9 Enti wɔn a wɔwɔ gyidie no, wɔne Abraham a ɔnyaa gyidie no+ nyinaa nya nhyira.
10 Wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma so nyinaa hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nnome nka obiara a ɔmfa deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma yi mu nyinaa nyɛ adwuma na ɔnni so daa.”+ 11 Afei nso, ɛda adi pefee sɛ ɛkaa mmara nko a, anka wɔremmu obiara sɛ ɔtene wɔ Onyankopɔn anim,+ ɛfiri sɛ “ɔteneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa.”+ 12 Mmara no nnyina gyidie so, na mmom “obiara a ɔdi so no nam so bɛnya nkwa.”+ 13 Kristo tɔɔ yɛn+ gyee yɛn+ firii Mmara nnome ase, na ɔsii yɛn ananmu bɛyɛɛ deɛ wɔadome no, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Obiara a wɔasɛn no dua so no, nnome wɔ ne so.”+ 14 Ná atirimpɔ no ne sɛ Abraham nhyira bɛfa Yesu Kristo so aba amanaman no so,+ na yɛnam yɛn gyidie so anya honhom a wɔde ahyɛ bɔ+ no.
15 Anuanom, mede mfatoho a ɛfa nnipa asetena ho reka asɛm: Sɛ wɔhyɛ apam bi mu den na sɛ apam no yɛ onipa deɛ mpo a, obiara ntumi mmɔ ngu anaa ɔmfa bi nka ho. 16 Abraham ne n’aseni* na wɔhyɛɛ wɔn bɔ.+ Ɛnka sɛ, “w’asefoɔ,”* a ɛkyerɛ nnipa bebree, na mmom ɛka sɛ, “w’aseni,”* a ɛkyerɛ baako, kyerɛ sɛ, Kristo.+ 17 Bio nso meka wei: Apam a Onyankopɔn ahyɛ mu den no deɛ, Mmara a mfeɛ 430 akyi ɛbaeɛ+ no ntumi mmɔ ngu, na ɛrentumi ntwa bɔhyɛ no mu. 18 Na sɛ agyapadeɛ no gyina mmara so a, ɛnneɛ ɛnyɛ bɔhyɛ bio; nanso Onyankopɔn nam bɔhyɛ so na ɔde agyapadeɛ no adom Abraham.+
19 Ɛnneɛ Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi+ akɔsi sɛ aseni* a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba;+ na wɔnam abɔfoɔ so+ de faa ntamgyinafoɔ bi so+ maa nnipa. 20 Ɔbaakofoɔ ka asɛm a, ntamgyinafoɔ mma mu. Saa ara na ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam; bɔhyɛ no yɛ ɔno nko ara anom asɛm. 21 Enti Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Daabida! Na sɛ mmara a ɛtumi ma nkwa na wɔde maa nnipa a, ɛnneɛ anka tenenee nam mmara so na ɛbɛba. 22 Nanso Twerɛnsɛm no de nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnya gyidie no bɛnya bɔhyɛ a ɛgyina Yesu Kristo mu gyidie so.
23 Nanso ansa na gyidie no reba no, wɔde mmara wɛn yɛn de yɛn sieeɛ, na yɛtwɛn gyidie a na wɔrebɛyi no adi no.+ 24 Enti Mmara no bɛyɛɛ yɛn kwankyerɛfoɔ a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a gyidie nti wɔbɛbu yɛn bem.+ 25 Afei a gyidie no aba no,+ yɛnni kwankyerɛfoɔ ase bio.+
26 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Kristo Yesu mu gyidie a mowɔ+ nti mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma.+ 27 Na mo a wɔbɔɔ mo asu kɔɔ Kristo mu nyinaa, moahyɛ Kristo.+ 28 Yudani nni hɔ na Greeceni nni hɔ,+ akoa nni hɔ na ɔdehyeɛ nni hɔ,+ ɔbarima nni hɔ na ɔbaa nni hɔ;+ ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ onipa baako wɔ Kristo Yesu mu.+ 29 Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ*+ ampa, adedifoɔ*+ a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.+
4 Afei deɛ meka ne sɛ, sɛ obi a ɔdi adeɛ* yɛ abɔfra ketewa a, ɛmfa ho sɛ ɔyɛ nneɛma nyinaa wura no, nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam, 2 na mmom mmɔfra so ahwɛfoɔ ne afiehwɛfoɔ na wɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ kɔsi da a n’agya ahyɛ ato hɔ. 3 Yɛn nso, berɛ a yɛyɛ mmɔfra no, wiase no nneɛma hunu de yɛn yɛɛ nkoa.+ 4 Nanso berɛ a wɔahyɛ no soo pɛpɛɛpɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba maa ɔbaa woo no+ wɔ mmara ase+ 5 sɛ ɔmmɛtɔ wɔn a wɔwɔ mmara ase+ no, na Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne mma.+
6 Na ɛsiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma nti, wasoma ne Ba no honhom+ aba yɛn akomam,+ na ɛteam sɛ: “Abba!”* kyerɛ sɛ, “Agya.”+ 7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba; na sɛ woyɛ ɔba deɛ a, ɛnneɛ na wonam Onyankopɔn so yɛ obi a ɔdi adeɛ* nso.+
8 Nanso berɛ a na monnim Onyankopɔn no, moyɛɛ nkoa maa wɔn a wɔnyɛ anyame. 9 Na afei a moabɛhu Onyankopɔn, anaasɛ afei a Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na moresan akɔyɛ nneɛma hunu+ a mfasoɔ biara nni so, na mopɛ sɛ ɛde mo yɛ nkoa bio?+ 10 Nna ne abosome ne mmerɛ ne mfirinhyia na modi no frenkyemm.+ 11 Mesuro sɛ ɛkwan bi so no, mabrɛ mo ho kwa.
12 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ me nso berɛ bi na mete sɛ mo,+ na berɛ a mebaa mo nkyɛn no, moanyɛ me bɔne biara. 13 Nanso monim sɛ honam mu yareɛ bi nti na berɛ a ɛdi kan no, menyaa kwan kaa asɛmpa no kyerɛɛ mo. 14 Ɛwom, deɛ ɛyɛɛ me ɔhonam mu no, na ɛyɛ sɔhwɛ ma mo, nanso moammu me animtia anaa moammu me sɛ atantanneɛ;* mmom no mogyee me sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ, mogyee me sɛ Kristo Yesu. 15 Anigyeɛ a na mowɔ no afa he? Ɛfiri sɛ megye di paa sɛ, monyaeɛ a, anka mobɛtutu mo ani mpo ama me.+ 16 Nokorɛ a meka kyerɛ mo nti madane mo tamfo anaa? 17 Wɔn ani abere pɛ sɛ wɔnya mo kɔ wɔn afã, nanso ɛnyɛ adwempa ntira; mmom wɔpɛ sɛ wɔsɛe me ne mo ntam, na ama moakɔdi wɔn akyi. 18 Nanso sɛ obi kura adwempa na ɔpɛ sɛ mo ne no yɛ baako a, asɛm biara nni ho; mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa berɛ nyinaa, na ɛnyɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko. 19 Me mma nkumaa,+ mo nti mete yea te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, na yea no bɛkɔ so akɔsi sɛ mobɛyɛ sɛ Kristo. 20 Me yam a, anka saa berɛ yi mewɔ mo nkyɛn rekasa kwan foforɔ so, ɛfiri sɛ mo nti, menhunu deɛ menyɛ.
21 Mo a mopɛ sɛ modi mmara no so no, monka ma mentie, monnim deɛ Mmara no aka? 22 Wɔatwerɛ wom sɛ Abraham woo mma mmarima mmienu, baako yɛ abaawa no ba,+ na baako yɛ ɔbaa a ɔde ne ho no ba;+ 23 sɛdeɛ wɔwo abɔfra biara no, saa na wɔwoo abaawa no ba no;*+ ɔbaa a ɔde ne ho no ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.+ 24 Weinom nyinaa gyina hɔ ma biribi; mmaa yi gyina hɔ ma apam mmienu, baako firi Sinai Bepɔ+ so, na saa apam no mma yɛ nkoa; ɛte sɛ Hagar. 25 Hagar gyina hɔ ma Sinai+ bepɔ a ɛwɔ Arabia, na ɛte sɛ Yerusalem a ɛwɔ hɔ nnɛ, ɛfiri sɛ ɛne ne mma yɛ nkoa. 26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ soro no deɛ, ɛde ne ho, na ɛno ne yɛn maame.
27 Na wɔatwerɛ sɛ: “Bonini a wonwo, ma w’ani nnye; ɔbaa a wonte awoɔ yea, fa anigyeɛ team; ɛfiri sɛ ɔbaa a wɔapo no no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.”+ 28 Anuanom, mo deɛ, moyɛ bɔhyɛ mma te sɛ Isak.+ 29 Abɔfra a wɔwoo no sɛdeɛ wɔwo abɔfra biara no,* sɛdeɛ ɔfirii aseɛ teetee deɛ wɔnam honhom so woo no no,+ saa ara na ɛnnɛ nso ɛteɛ.+ 30 Nanso, ɛdeɛn na Twerɛsɛm no ka? Ɛka sɛ: “Pamo abaawa no ne ne ba no, ɛfiri sɛ abaawa no ba no, ɔne ɔbaa a ɔde ne ho no ba ntumi mmom nni adeɛ.”+ 31 Enti anuanom, yɛnyɛ abaawa mma, na mmom yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.
5 Ahofadie a ɛte saa nti na Kristo ama yɛanya yɛn ho ateteɛ. Enti monnyina pintinn;+ monhwɛ na moanyɛ nkoa ansoa kɔndua bio.+
2 Hwɛ! Me Paul, mereka ama moate sɛ, sɛ motwa twetia* a, deɛ Kristo ayɛ no, mfasoɔ biara remma so mma mo.+ 3 Afei nso, onipa biara a wɔtwa no twetia* no, medi no adanseɛ sɛ ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.+ 4 Mo mu biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde mmara bɛbu ne ho bem+ no, watwe ne ho afiri Kristo ho; wawae afiri n’adom ho. 5 Yɛn deɛ, tenenee a yɛn gyidie nti yɛn nsa bɛka no, yɛnam honhom so retwɛn dendeenden. 6 Kristo Yesu mu deɛ, sɛ wɔtwa obi twetia oo, wɔantwa no twetia oo, ɛnka hwee;+ deɛ ɛhia ne gyidie a ɛgyina ɔdɔ so.
7 Ná moretu mmirika no yie.+ Hwan na ɔsii mo kwan a afei deɛ monyɛ aso mma nokorɛ no bio yi? 8 Deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɛnyɛ saa na ɔkyerɛɛ mo. 9 Mmɔreka* kakraa bi na ɛma esiam no nyinaa ka.+ 10 Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mo a mowɔ Awurade mu+ no, mo ne me bɛyɛ adwene; na deɛ ɔreha mo+ biara, sɛ ɔyɛ hwan mpo a, ɔbɛnya atemmuo a ɛsɛ no. 11 Anuanom, me deɛ, sɛ twetiatwa ho asɛm na meda so ka a, ɛnneɛ adɛn nti na nkurɔfoɔ da so tan m’ani? Sɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ asɛndua* no nyɛ suntidua+ mma wɔn bio. 12 Me yam a, anka mmarima a wɔpɛ sɛ wɔsɛe mo adwene no adane mmarima a wɔasa wɔn.*
13 Anuanom, wɔafrɛ mo aba ahofadie mu, nanso mommfa ahofadie yi nnni ɔhonam akɔnnɔ akyi,+ na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.+ 14 Na Mmara no nyinaa ba mu* wɔ ahyɛdeɛ baako mu. Ɛne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 15 Nanso sɛ mokɔ so keka mo ho na momemene mo ho+ a, ɛnneɛ anhwɛ a obiara bɛsɛe ne yɔnko.+
16 M’asɛm ara ne sɛ, monkɔ so nnante honhom mu,+ na ɛremma monni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.+ 17 Na ɔhonam akɔnnɔ ne honhom no di asie, na honhom no ne ɔhonam di asie; mmienu no nka. Ɛno nti deɛ mopɛ sɛ moyɛ no, montumi nyɛ.+ 18 Afei nso, sɛ moma honhom no kyerɛ mo kwan a, ɛnneɛ na monni mmara ase.
19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne adwamammɔ,*+ ɔbra fĩ,* ahohwie,*+ 20 abosonsom, ahonhonsɛm,*+ nitan, mansotwe, ahoɔyaa, koko bɔne, twe-ma-mentwe, mpaapaemu, mate-me-ho akuo, 21 aniberɛ, nsaweɛ,+ apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye, ne nneɛma a ɛtete saa.+ Saa nneɛma yi ho na merebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ madi kan abɔ mo kɔkɔ no; ɛne sɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn Ahennie no.+
22 Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, aboterɛ,* ayamyɛ, papayɛ,+ gyidie, 23 ɔdwoɔ, ahohyɛsoɔ.*+ Mmara biara ntia weinom. 24 Afei nso, wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no, ɔhonam akɔnnɔ ne deɛ ɔhonam pɛ nyinaa, wɔabɔ no asɛndua mu.+
25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, ɛnneɛ momma yɛnkɔ so nni honhom no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.+ 26 Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so,*+ mommma yɛne yɛn ho nnsi akan,+ na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.
6 Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomsoɔ ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa* no, mommɔ mmɔden mfa ɔdwoɔ*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yie. Nanso monhwɛ mo ho so yie,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+ 2 Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.+ Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ moredi Kristo mmara+ no so. 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ obiara a,+ na ɔredaadaa ne ho. 4 Mmom ma obiara nhwɛ sɛdeɛ ɔno ara ne nnwuma teɛ.+ Ɛno na ɔbɛnya biribi agyina so adi ahurisie wɔ deɛ ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.+ 5 Ɛfiri sɛ obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.*+
6 Bio nso, obiara a wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ma ɔne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no nnya kyɛfa wɔ nneɛma pa nyinaa mu.+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wɔdi ne ho fɛ, ɛfiri sɛ deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa;+ 8 deɛ ɔdua no sɛdeɛ ne honam kyerɛ no no, ɔnam ne honam so bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔdua no sɛdeɛ honhom no kyerɛ no no, ɔnam honhom no so bɛtwa daa nkwa.+ 9 Enti sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa aba, ɛfiri sɛ yɛampa aba* a, berɛ a ɛsɛ mu, yɛbɛnya so akatua.+ 10 Ne saa nti, berɛ biara a yɛbɛnya hokwan* no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.
11 Monhwɛ sɛ me ara mede ntwerɛeɛ akɛseɛ atwerɛ krataa yi abrɛ mo.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya nnipa anim* animuonyam no, wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwa twetia,* na wɔyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo asɛndua* nti, nkurɔfoɔ rentan wɔn ani. 13 Na wɔn a wɔtwa twetia no ara mpo nni Mmara no so,+ nanso wɔpɛ sɛ motwa twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nipadua nti, wɔbɛhoahoa wɔn ho. 14 Nanso me deɛ, mempɛ sɛ mede biribiara hoahoa me ho, gye sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua.*+ Ne nti m’ani so no, wiase no awu,* na wiase no ani so no, me nso mawu. 15 Na sɛ obi twa twetia oo, wantwa twetia oo, emu biara nka hwee;+ deɛ ɛhia ne abɔdeɛ foforɔ.+ 16 Na wɔn a wɔnam saa kwan yi so bɔ wɔn bra yie no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Israel+ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu nka wɔn nyinaa.
17 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ, mma obiara nnha m’adwene, ɛfiri sɛ manya ahyɛnsodeɛ wɔ me honam mu a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu akoa.+
18 Anuanom, berɛ a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho. Amen.
Anaa “mmerɛ bɔne.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔretwe mo.”
Anaa “metaa Onyankopɔn asafo no.”
Nt., “maa no traa so.”
Nt., “ɔyii me firii me maame yam.”
Nt., “honam ne mogya.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “ɔntwa ne dua.”
Nt., “dɔnhwere baako.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “de kyerɛɛ ayɔnkofa.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “ɛma no di fɔ.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Nt., “ɔhonam biara.”
Nt., “mawu ama mmara no.”
Anaa “merentumi mpia nto nkyɛn.”
Nt., “mesua firi mo hɔ.”
Nt., “mode honhom firii aseɛ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ adeɛ baako, nanso ɛtumi gyina hɔ ma dodoɔ kabea.
Nt., “aba.”
Anaa “adehyeɛ.”
Anaa “ɔdehyeɛ.”
Ɛyɛ Hebri anaa Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “O Agya!”
Anaa “ɔdehyeɛ.”
Anaa “moante me so ntasuo.”
Nt., “ɔhonam kwan so na wɔwoo no.”
Nt., “ɔhonam kwan so no.”
Anaa “motwa mo dua.”
Anaa “ne dua.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “asa wɔn ho; adane ayitotofoɔ.” Ɛba saa a, mmara a wɔagye agyina mu no, wɔremfata mpo sɛ wɔyɛ ho adwuma bio.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mmara no nyinaa, wɔabɔ no mua.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afideɛ.”
Anaa “aniwudeɛ.” Ɛfiri Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkonyaayie; nnusɛm.”
Anaa “abodwokyɛreɛ.”
Anaa “ahosodie.”
Anaa “mmpɛ animuonyamhunu.”
Nt., “honhom mufoɔ.”
Anaa “ɔdwoɔ honhom.”
Anaa “asɛdeɛ a ɛda ne so.”
Anaa “yɛammrɛ.”
Anaa “berɛ a ɛfata.”
Anaa “ɔhonam mu.”
Anaa “moatwa mo dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔabɔ wiase no asɛndua mu.”