ƆDE KƆMAA EFESOFOƆ
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ no, meretwerɛ akɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Efeso+ a wɔyɛ anokwafoɔ wɔ Kristo Yesu mu:
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa bi ahyira yɛn Kristo mu wɔ soro.+ 4 Ɛno nti na ɔyii yɛn kaa ne* ho ansa na wɔrehyɛ wiase ase, sɛ yɛnnya ɔdɔ na yɛnyɛ kronn a dɛm biara nni yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn anim. 5 Na ɛsiane sɛ ɛyɛ ne pɛ na ɛsɔ n’ani+ nti, ɔhyɛ too hɔ+ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛgye yɛn aba ne nkyɛn sɛ ɔno ara ne mma,+ 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ bɛkamfo Onyankopɔn adom+ kɛseɛ a ɔnam deɛ ɔdɔ no no+ so de adom yɛn no. 7 Ɛnam deɛ ɔdɔ no no mogya so+ na yɛanya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ,+ sɛdeɛ n’adom bebrebe no teɛ.
8 Adom yi, ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu. 9 Deɛ ɔyɛeɛ ne sɛ, ahintasɛm kronkron+ a ɛfa n’apɛdeɛ ho no, ɔyii no adi kyerɛɛ yɛn. Ɛsiane sɛ ɛsɔ n’ani nti, ɔno ara bɔɔ ne tirim sɛ, 10 berɛ a wahyɛ no so a, ɔbɛdi nneɛma ho dwuma* na waka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asaase so.+ Ne mu na ɔbɛka nneɛma nyinaa abom. 11 Ɔno na yɛne no ayɛ baako, na wɔayɛ yɛne no nyinaa adedifoɔ,*+ ɛfiri sɛ deɛ ɔtumi yɛ biribiara a ɔpɛ ma n’atirimpɔ ba mu no ahyehyɛ no saa, 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛn a yɛadi kan anya Kristo mu anidasoɔ no nti, nkurɔfoɔ bɛyi Onyankopɔn ayɛ na wɔahyɛ no animuonyam. 13 Na mo nso berɛ a motee nokorɛ no, kyerɛ sɛ, mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no, monyaa anidasoɔ wɔ ne mu. Berɛ a monyaa ne mu gyidie no, wɔnam ne so de honhom kronkron a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no hyɛɛ mo nso.+ 14 Saa honhom no yɛ agyapadeɛ a yɛn nsa bɛka daakye no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+ Deɛ enti a wɔahyɛ mo nso ne sɛ, ɛbɛma Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ*+ anya ɔgyeɛ,+ na ɛde ayeyie ne animuonyam abrɛ no.
15 Wei nti me nso, ɛfiri berɛ a metee sɛ mowɔ Awurade Yesu mu gyidie na moakyerɛ sɛ modɔ akronkronfoɔ nyinaa no, 16 daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Megu so ara bɔ mo din wɔ me mpaebɔ mu; 17 mesrɛ sɛ animuonyam Agya a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn no bɛma mo tumi a mode bɛhu nyansa na moate nneɛma a ɔyi kyerɛ yɛn no ase, na moanya nokorɛ nimdeɛ.+ 18 Onyankopɔn abue mo akomam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu anidasoɔ a ɔde ama mo, ne nneɛma pa a ɛkyɛn so a ɔde ahyɛ akronkronfoɔ bɔ+ no, 19 na moahunu sɛdeɛ ne tumi ne n’ahoɔden yɛ kɛseɛ boro so ma yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no.+ Saa ahoɔden no da adi wɔ sɛdeɛ ne tumi yɛ adwuma no mu; 20 Ɛno na ɔde di boaa Kristo, berɛ a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ wɔ soro no; 21 ɔde no tenaa baabi a ɛkorɔn koraa sene aban, tumi, ahoɔden, ne mpaninnie nyinaa, ne edin biara,+ ɛnyɛ wiase yi* mu nko, na mmom deɛ ɛreba no nso mu. 22 Ɔde nneɛma nyinaa nso guu ne nan ase,+ na ɔyɛɛ no biribiara so panin* wɔ asafo no mu;+ 23 asafo no ne ne nipadua,+ na ɔno a ɔhyɛ adeɛ nyinaa mã no, ɔno na ɔhyɛ asafo no mã.
2 Afei nso, na moawu wɔ mo mfomsoɔ ne mo bɔne mu, nanso Onyankopɔn ama moaba nkwa mu.+ 2 Berɛ bi, na monante sɛdeɛ wiase yi teɛ;*+ ɔpanin a ɔde ne tumi akɛntɛn mframa a ɛrebɔ no so+ no, monantee sɛdeɛ ɔpɛ. Saa mframa no ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no. 3 Yɛn nyinaa, berɛ bi, saa na yɛbɔɔ yɛn bra; yɛdii yɛn honam akɔnnɔ akyi,+ na yɛyɛɛ deɛ yɛn honam ne yɛn nsusuiɛ kyerɛɛ yɛn.+ Afei nso, na yɛyɛ abufuo mma+ firi awoɔ mu te sɛ wɔn a aka no ara. 4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso+ no, ɛsiane ɔdɔ kɛseɛ a wayi no adi akyerɛ yɛn+ nti, 5 berɛ mpo a na yɛawu wɔ mfomsoɔ mu+ no, ɔmaa yɛne Kristo nyaa nkwa; wɔnam adom so na agye mo. 6 Bio nso, Onyankopɔn ama yɛanya nkwa, na wama yɛn baabi a yɛbɛtena wɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ wama yɛne Kristo Yesu nyinaa ayɛ baako.+ 7 Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wiase a ɛreba* no mu no, n’ayamyɛ* nti, ɔbɛyi n’adom bebrebe* no adi akyerɛ yɛn a yɛne Kristo Yesu ayɛ baako no.
8 Adom yi nti wɔnam gyidie so agye mo nkwa.+ Ɛnyɛ mo ara mo mmɔdemmɔ ntira, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. 9 Daabi, ɛnnyina nnwuma a obi yɛ so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya biribi nnyina so nhoahoa ne ho. 10 Yɛyɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma, na ɔbɔɔ yɛn+ wɔ Kristo Yesu mu+ sɛ yɛnyɛ nnwuma pa, nnwuma a Onyankopɔn hyɛ too hɔ sɛ yɛnyɛ no.*
11 Enti monkae sɛ berɛ bi a atwam no, na moyɛ amanaman mufoɔ firi awoɔ mu,* na wɔn a nnipa atwa wɔn twetia* a wɔfrɛ wɔn “twetiafoɔ” no frɛɛ mo “momonotofoɔ.”* 12 Saa berɛ no, na monnim Kristo; ná moyɛ nkurɔfoɔ a wɔne Israel man no ntam ateteɛ; bɔhyɛ no ho apam+ ahodoɔ no nso, na monka ho. Afei nso, na mowɔ wiase no mu a monni anidasoɔ biara, na na monnim Onyankopɔn.+ 13 Nanso mo a berɛ bi na mowɔ akyirikyiri no, afei mo ne Kristo Yesu ayɛ baako, na monam Kristo mogya so abɛn Onyankopɔn. 14 Kristo na wama yɛn asomdwoeɛ,+ na wayɛ akuo mmienu no baako+ adwiri fasuo a na ɛtwa wɔn ntam no agu.+ 15 Ɔde ne nipadua bɛsɛee nitan no, kyerɛ sɛ, Mmara nsɛm a ahyɛdeɛ ahodoɔ wom no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma akuo mmienu no nyinaa ne no abom ayɛ onipa foforɔ,+ na ɛde asomdwoeɛ aba; 16 ɛno bɛma wafa asɛndua* no so asiesie akuo mmienu no ne Onyankopɔn ntam,+ na akuo no abom wɔ nipadua korɔ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne nipadua kum nitan no.+ 17 Na ɔbɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a berɛ bi na mowɔ akyirikyiri ne wɔn a na wɔbɛn Onyankopɔn no, 18 ɛfiri sɛ akuo mmienu no nyinaa, ɔno na yɛnam ne so ba Agya no nkyɛn ɛsiane honhom korɔ no nti.
19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio,+ na mmom mo ne akronkronfoɔ a wɔaka nyinaa yɛ ɔman mma,+ na moyɛ Onyankopɔn fiefoɔ,+ 20 na moayɛ sɛ ɛdan a wɔasi no fapem a ɛno ne asomafoɔ ne adiyifoɔ no so,+ na Kristo Yesu ankasa ne ntwea so boɔ titire no.+ 21 Yɛne no ayɛ baako, na ɛdan no ho biribiara akeka asi ani pɛpɛɛpɛ+ ma no reyɛ asɔrefie kronkron ama Yehowa.*+ 22 Waka mo ne Kristo abom ayɛ baako, na wɔresi mo nso abom ama no ayɛ baabi a Onyankopɔn nam ne honhom so bɛtena.+
3 Me Paul, Kristo Yesu ne mo a moyɛ amanaman mufoɔ no nti na meda afiase.+ 2 Ampa ara moate sɛ Onyankopɔn de adwuma+ ahyɛ me nsa sɛ memmoa mo na monnya n’adom no so mfasoɔ. 3 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Onyankopɔn ayi n’ahintasɛm kronkron no adi akyerɛ me, sɛdeɛ madi kan atwerɛ mo ɛho asɛm kakra no. 4 Enti sɛ mokenkan saa asɛm yi a, mobɛhu sɛ mete Kristo ahintasɛm kronkron+ no ase. 5 Awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene kɔ mu no, wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛdeɛ seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.+ 6 Ahintasɛm no ne sɛ asɛmpa no bɛma amanaman mufoɔ ne Kristo Yesu abɛyɛ baako, na wɔn nso abɛyɛ adedifoɔ* ne nipadua no akwaa,+ na wɔne yɛn nyinaa abom anya bɔhyɛ no mu kyɛfa. 7 Onyankopɔn adom nti, mebɛyɛɛ ahintasɛm yi ho somfoɔ. Akyɛdeɛ yi, ɔde maa me de kyerɛɛ sɛdeɛ ne tumi yɛ adwuma.+
8 Akronkronfoɔ nyinaa mu no, me a mensɛ hwee koraa+ no, me na wɔde adom yi ama me+ sɛ menka Kristo nhyira a ɛnni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no, 9 na memma nnipa nyinaa nhunu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no reda ahintasɛm kronkron no adi;+ saa ahintasɛm no, ahinta wɔ Onyankopɔn mu firi teteete. 10 Ne saa nti, wɔnam asafo no so+ bɛma aban ne tumi a ɛwowɔ soro ahu Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ akwan pii so no.+ 11 Wei ne daa atirimpɔ a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so bɛdi ho dwuma no hyia;+ 12 ɔno na yɛnam ne so kasa a yɛnsuro, na ne mu gyidie a yɛwɔ nti yɛtumi de ahotɔsoɔ kɔ Onyankopɔn anim.+ 13 Enti mesrɛ mo, mommma ahohia a mo nti merehyia no mmmu mo abam, ɛfiri sɛ animuonyam na ɛde bɛbrɛ mo.+
14 Wei nti mebu nkotodwe wɔ Agya no anim; 15 ne hɔ na abusua biara a ɛwɔ soro ne asaase so nyaa ne din firiiɛ. 16 Mebɔ mpaeɛ sɛ n’animuonyam bebrebe nti, ɔde ne honhom no tumi bɛma mo akoma ne mo adwene* anya ahoɔden,+ 17 na afei mo gyidie nti, Kristo atena mo akomam na ɔdɔ nso atena mo mu.+ Mesrɛ nso sɛ mobɛgye nhini,+ na moatim wɔ fapem no so,+ 18 na mo ne akronkronfoɔ nyinaa atumi ahu nokorɛ no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛdeɛ emu dɔ no yie, 19 na moahu Kristo dɔ+ a ɛkyɛn nimdeɛ no, na su a Onyankopɔn de dom nnipa no ayɛ mo ma.
20 Deɛ ne tumi a ɛyɛ adwuma wɔ yɛn mu+ no nti, ɔtumi yɛ adeɛ ma no boro deɛ yɛsrɛ anaa yɛsusu koraa no,+ 21 ɔno na animuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.
4 Enti me a Awurade nti meda afiase+ no, mesrɛ mo sɛ mommɔ mo bra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a frɛ a wɔafrɛ mo no bɛfata mo.+ 2 Momfa ahobrɛaseɛ*+ nyinaa ne ɔdwoɔ ne aboterɛ+ mmɔ mo bra, na obiara ne ne yɔnko ntena wɔ ɔdɔ+ mu, 3 na monyere mo ho dendeenden nkura baakoyɛ a honhom no ama moanya no mu, na montena asomdwoeɛ a aka mo abom no mu.+ 4 Nipadua baako na ɛwɔ hɔ+ ne honhom baako,+ sɛdeɛ wɔafrɛ mo ama moabɛnya anidasoɔ baako no;+ 5 yɛwɔ Awurade baako,+ gyidie baako, asubɔ baako, 6 Onyankopɔn baako a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya; ɔno na ɔdi obiara so, ɔtumi de obiara yɛ adwuma, na ne tumi yɛ adwuma wɔ obiara mu.
7 Afei yɛn nyinaa anya Onyankopɔn adom, na ɛgyina sɛdeɛ Kristo asusu akyɛdeɛ no de ama yɛn mu biara+ so. 8 Enti Twerɛsɛm no ka sɛ: “Berɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nkoa kɔeɛ; ɔde nnipa yɛɛ akyɛdeɛ+ maa asafo no.” 9 Sɛ ɛka sɛ ‘ɔforo kɔeɛ’ a, ɛkyerɛ sɛn? Deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔsiane baa fam nso, kyerɛ sɛ, asaase so. 10 Deɛ ɔsianeeɛ no, ɔno ara nso na ɔforo kɔɔ+ baabi a ɛkorɔn kyɛn ɔsoro+ nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma nneɛma nyinaa adi mũ.
11 Na wayɛ ebinom asomafoɔ,+ ebinom adiyifoɔ,+ ebinom asɛmpakafoɔ,+ ebinom ahwɛfoɔ* ne akyerɛkyerɛfoɔ,+ 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie* akronkronfoɔ ama ɔsom adwuma no, na wɔde ahyɛ Kristo nipadua no den,*+ 13 akɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ baako wɔ gyidie ne Onyankopɔn Ba no ho nokorɛ nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima mua,+ na yɛadi mu sɛ Kristo pɛpɛɛpɛ. 14 Enti mommma yɛnnkɔ so nnyɛ sɛ nkɔkoaa a nkyerɛkyerɛ* biara+ woso wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba no; wɔn na wɔma nnipa de nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛsɛm to wɔn bradɛ. 15 Mmom momma yɛnka nokorɛ na yɛnnya ɔdɔ. Ɛba saa a yɛbɛnyini wɔ nneɛma nyinaa mu, na yɛayɛ sɛ Kristo a ɔne nipadua no ti+ no. 16 Ɛnam ne so na nipadua kwaa biara yɛ deɛ ɛhia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nipadua no nyinaa+ bɛkeka asi ani pɛpɛɛpɛ, na ayɛ adwuma abom. Sɛ kwaa biara yɛ n’adwuma yie a, ɛma nipadua no nyini, na ɛyɛ den wɔ ɔdɔ mu.+
17 Enti deɛ meka na medi ho adanseɛ wɔ Awurade mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mokɔ so nante sɛdeɛ amanaman no nante+ wɔn adwenhunu* mu+ no bio. 18 Wɔn adwene aduru sum, na wɔatwe wɔn ho afiri nkwa a Onyankopɔn de ma no ho, ɛfiri sɛ wɔnni nimdeɛ na wɔn akoma apirim. 19 Ɛsiane sɛ wɔn ahonim* awuo nti, wɔde wɔn ho maa ahohwibra*+ na wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi,* na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbra fĩ* nyinaa bi mu.
20 Nanso mo deɛ, moansua sɛ saa na Kristo teɛ, 21 ɛfiri sɛ ampa ara motee ne nsɛm, na wɔnam ne so kyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. 22 Wɔkyerɛɛ mo sɛ monyi suban dada no ngu;+ suban a kane na mowɔ mu a nnaadaa akɔnnɔ resɛe no+ no. 23 Na momma wɔnkɔ so nyɛ mo adwene* foforɔ,+ 24 na monhyɛ suban foforɔ+ a Onyankopɔn bɔɔ no sɛdeɛ ɔpɛ no; suban a ɛgyina tenenee ne nokorɛdie a ɛdi mũ so no.
25 Enti afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko,+ ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ akwaa a ɛbom yɛ nipadua baako.+ 26 Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne;+ mommma abufuo no nntena hɔ nnkɔsi sɛ awia bɛtɔ;+ 27 mommma Ɔbonsam kwan.+ 28 Mma korɔmfoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa.+ Ɛno bɛma no anya biribi ama deɛ ahia no.+ 29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom monka nsɛm a ɛfata na ɛhyɛ nkurɔfoɔ den. Ɛno bɛma wɔn a wɔtie no anya so mfasoɔ.+ 30 Bio nso, monnho Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ;+ ɛno na wɔde ahyɛ mo nso+ ama da a wɔnam agyedeɛ so bɛgye mo no.+
31 Monyi weinom nyinaa mfiri mo mu: ɔtan biara,+ abufuo, koko bɔne, nkekamu, abususɛm,+ ne biribiara a ɛnyɛ.+ 32 Mmom no, obiara nna ayamyɛ adi nkyerɛ ne yɔnko, nnya ayamhyehyeɛ+ mma ne yɔnko, na monyi mo yam mfa mo yɔnko bɔne nkyɛ no, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so yii ne yam de mo bɔne kyɛɛ mo+ no.
5 Enti monsuasua Onyankopɔn,+ ɛfiri sɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo, 2 na monkɔ so nnante ɔdɔ mu+ sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ yɛn*+ na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn* no; ɔde ne ho yɛɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔreɛ hwamhwam maa Onyankopɔn.+
3 Adwamammɔ* ne ɔbra fĩ* biara anaa adufudepɛ* deɛ, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu,+ ɛfiri sɛ ɛmfata nnipa kronkron;+ 4 ɛmfata nso sɛ aniwudeɛ, ahuhusɛm anaa nsɛnkwaa a kasafĩ wom+ kɔ so wɔ mo mu. Mmom no, momfa aseda mma Onyankopɔn.+ 5 Na monim wei, na mo ara mogye tom sɛ, odwamammɔfoɔ* biara+ anaa obi a ɔde ne ho hyɛ ɔbra fĩ* mu anaa odufudepɛfoɔ biara,+ kyerɛ sɛ, ɔbosonsonni, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie mu.+
6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo, na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuo reba asoɔden mma so. 7 Enti monhwɛ na moankɔdi wɔn akyi; 8 na kane no na moyɛ sum, nanso afei deɛ moyɛ hann,+ ɛfiri sɛ moyɛ Awurade dea.+ Monkɔ so nnante sɛ hann mma, 9 ɛfiri sɛ aba a hann so ne papayɛ, tenenee, ne nokorɛ nyinaa.+ 10 Monhwɛ nhu sɛ deɛ moyɛ nyinaa sɔ Awurade ani;+ 11 nnwuma funu a wɔyɛ wɔ sum mu no, ɛnsɛ sɛ mode mo ho hyɛ mu,+ na mmom mompa ho ntoma. 12 Nneɛma a wɔyɛ no sum ase no, ɛyɛ aniwu mpo sɛ yɛbɛka ho asɛm. 13 Na nneɛma a wɔma no da adi* nyinaa, hann na ɛma no da adi, ɛfiri sɛ biribiara a wɔda no adi no yɛ hann. 14 Enti Twerɛnsɛm no ka sɛ: “O wo a woada, sɔre, na nyane firi owuo mu,+ na Kristo bɛma woahunu hann.”+
15 Enti monhwɛ mo abrabɔ yie paa na sɛdeɛ monante no anyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa na mmom sɛ anyansafoɔ, 16 na momfa mo berɛ nyɛ nneɛma a ɛho hia,*+ ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne. 17 Wei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa* apɛdeɛ.+ 18 Afei nso, mommmoro nsã,*+ ɛfiri sɛ ɛma nnipa yɛ basabasa; mmom monkɔ so mma honhom no nhyɛ mo ma. 19 Obiara mfa nnwontoɔ ne ayeyie ne nnwom kronkron nkasa nkyerɛ ne yɔnko,* na monto nnwom+ na monyi Yehowa* ayɛ+ mo akoma mu.+ 20 Daa monna yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya ase+ biribiara mu wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.+
21 Ɛsiane sɛ mosuro Kristo nti, obiara mmrɛ ne ho ase mma ne yɔnko.+ 22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom+ te sɛ deɛ moreyɛ ama Awurade, 23 ɛfiri sɛ ɔyere ti ne ne kunu,+ sɛdeɛ asafo no ti ne Kristo+ no; ɔno ne nipadua yi agyenkwa. 24 Enti sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɔyerenom nso nyɛ mma wɔn kununom wɔ biribiara mu. 25 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom+ sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne nkwa too hɔ maa asafo no,+ 26 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde asɛm no bɛyɛ nsuo ahohoro asafo no ho ate ho.+ 27 Ɛno bɛma asafo no ho aba nyam wɔ n’ani so, a nkekaeɛ anaa mpomponoeɛ anaa biribiara saa nni ho,+ na mmom ayɛ kronkron a dɛm biara nni ho.+
28 Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara wɔn nipadua. Deɛ ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, 29 na onipa biara ntan ɔno ara ne nipadua;* mmom ɔhwɛ so yie na n’ani ku ho sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no, 30 ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.+ 31 “Wei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata* ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ honam korɔ.”+ 32 Ahintasɛm kronkron+ yi so. Deɛ mereka ho asɛm yi fa Kristo ne asafo no ho.+ 33 Nanso mo mu biara nnɔ ne yere+ sɛ ne ho; na ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ mma ne kunu.+
6 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ sɛdeɛ Awurade pɛ, na wei na ɛtene. 2 “Di wo papa ne wo maame ni”;+ wei ne mmara a ɛdi kan a bɔhyɛ yi ka ho: 3 “Ɛbɛsi wo yie,* na woatena ase akyɛ wɔ asaase so.” 4 Agyanom nso, monnhyɛ mo mma abufuo,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa* ntenesoɔ+ ne ne kasakyerɛ*+ mu.
5 Nkoa, momfa osuro ne ahopopoɔ a ɛfiri akoma nyinaa mu ntie mo wuranom a wɔwɔ asaase so,*+ sɛdeɛ moreyɛ ama Kristo, 6 ɛnyɛ berɛ a nnipa rehwɛ mo nko, na ankɔyɛ sɛ deɛ moresɔ nnipa ani,*+ na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔde wɔn kra* nyinaa yɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 7 Monyɛ nkoa a mode suban pa som te sɛ deɛ moreyɛ ama Yehowa,*+ na ɛnyɛ nnipa, 8 na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, ɔyɛ akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɔbɛnya so akatua afiri Yehowa* hɔ.+ 9 Mo awuranom, mo nso monkɔ so nyɛ wɔn saa ara, na monnhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo nyinaa Wura wɔ soro,+ na ɔnyɛ animhwɛ.
10 Afei, momma Awurade mfa n’ahoɔden kɛseɛ no nhyɛ mo den.+ 11 Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɛko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ; 12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na ɛredi asie,*+ na mmom yɛne aban ahodoɔ, atumfoɔ, wiase yi sum mu mpanimfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm+ a wɔwɔ soro. 13 Wei nti nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɛko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na sɛ da bɔne no ba a, moatumi ako, na mototo biribiara wie a, moagyina hɔ pintinn.
14 Enti monnyina hɔ pintinn na momfa nokorɛ nyɛ abɔsoɔ* mmɔ mo asene,+ na momfa tenenee nyɛ nkataboɔ,+ 15 na monhyɛ mpaboa na ama moayɛ krado akɔka asomdwoeɛ asɛmpa no.+ 16 Ne nyinaa da nkyɛn a, momfa gyidie kyɛm kɛseɛ no;+ ɛno na mobɛtumi de adum ɔbɔnefoɔ no agyan* a ɛredɛre no nyinaa.+ 17 Afei nso, monhyɛ nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ+ na momfa honhom no sekan a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no, 18 na momfa mpaebɔ+ ne nkotosrɛ nyinaa bi mmɔ mpaeɛ berɛ nyinaa wɔ honhom no tumi so.+ Ne saa nti, monwɛn daa na monkɔ so nsrɛ mma akronkronfoɔ nyinaa. 19 Me nso mommɔ mpaeɛ mma me, na sɛ mebue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotɔsoɔ aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfoɔ;+ 20 saa asɛmpa yi, meyɛ ho nanmusini*+ a meda afiase. Mepɛ sɛ metumi de akokoɔduro ka ho asɛm sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
21 Afei deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm ahunu deɛ ɛrekɔ so no, onua dɔfoɔ Tikiko+ a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ Awurade mu no bɛka biribiara akyerɛ mo.+ 22 Wei ara nti na meresoma no mo nkyɛn, na moate yɛn nka na wama mo akoma atɔ mo yam.
23 Asomdwoeɛ nka anuanom na wɔnnya ɔdɔ ne gyidie mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ. 24 Wɔn a yɛn Awurade Yesu Kristo ho dɔ a wɔwɔ nsa da no, adom nka wɔn nyinaa.
Kyerɛ sɛ, Kristo.
Anaa “ɔbɛtoto nneɛma.”
Anaa “adehyeɛ.”
Anaa “yɛn nsa bɛka no ho sika a wɔde ato aseɛ (ntoaseɛ); deɛ ɛbɛba akyire yi ho anohoba (bɔhyɛ).”
Nt., “agyapadeɛ.”
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nneɛma nyinaa ti.”
Anaa “wiase yi kwan so.”
Anaa “mmerɛ a ɛreba.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne papayɛ.”
Anaa “n’adom ahonya.”
Anaa “yɛnnante mu no.”
Nt., “wɔ ɔhonam mu.”
Anaa “dua.”
Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “adehyeɛ.”
Anaa “mo mu nipa.”
Anaa “ahobrɛaseɛ adwene.”
Anaa “nnwanhwɛfoɔ.”
Anaa “wɔbɛtete.”
Anaa “wɔde asi Kristo nipadua no.”
Anaa “nkyerɛkyerɛ mframa.”
Anaa “adwene a ɛnnim hwee.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “aniwudeɛ.” Ɛfiri Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔkɔɔ so de aniberɛ dii wɔn akɔnnɔ akyi.”
Anaa “afideɛ.”
Anaa “tumi a ɛkanyan mo adwene.” Nt., “mo adwene honhom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afideɛ.”
Anaa “aniberɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Anaa “afideɛ.”
Anaa “wɔka ho asɛm.”
Nt., “montɔ berɛ a mobɛnya biara.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “bobesa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ne ho.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “honam.”
Anaa “akɔfam.”
Anaa “Ɛbɛwie wo yie.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “nkyerɛkyerɛ; akwankyerɛ.”
Nt., “honam fam wuranom.”
Nt., “na ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “aperepereɛ.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “mmɛmma.”
Anaa “ɔhemmɔfoɔ.”