ƆDE KƆMAA FILIPIFOƆ
1 Paul ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa; yɛde krataa yi rekɔma Filipi+ akronkronfoɔ a wɔwɔ Kristo Yesu mu nyinaa, ahwɛfoɔ ne asafo mu asomfoɔ+ nyinaa ka ho:
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
3 Berɛ biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase 4 wɔ me nkotosrɛ nyinaa mu. Mede anigyeɛ srɛ ma mo,+ 5 ɛfiri sɛ ɛfiri da a ɛdi kan bɛsi nnɛ, moaboa ama asɛmpa no anya nkɔsoɔ. 6 Awerɛhyɛmu a mewɔ ne sɛ, deɛ ɔfirii adwuma pa ase wɔ mo mu no, Kristo Yesu da no bɛba+ no, na wawie.+ 7 Moda m’akoma so, enti sɛ menya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho a, ɛyɛ ne kwan so, ɛfiri sɛ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,+ ne asɛmpa no a mebɔ ho ban mmara kwan so+ no nyinaa mu no, motaa m’akyi, enti me ne mo nyinaa anya adom no mu kyɛfa.
8 Onyankopɔn ne me dansefoɔ sɛ m’ani agyina mo nyinaa. Sɛdeɛ Kristo Yesu pɛ mo asɛm no, saa ara na me nso mepɛ mo asɛm. 9 Me mpaebɔ ne sɛ mo dɔ nkɔ so nyɛ kɛse,+ na monnya nokorɛ nimdeɛ+ ne nteaseɛ a ɛkɔ akyiri nso.+ 10 Mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛhwehwɛ mu ahu nneɛma a ɛhia paa+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a dɛm biara remma mo ho, na moanto afoforɔ suntidua+ kɔsi Kristo da no. 11 Afei nso, me mpaebɔ ne sɛ tenenee aba+ a Yesu Kristo ama moaso no, ɛso mmra mfasoɔ pii mma mo, na monam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, na moayi no ayɛ.
12 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohu sɛ deɛ ato me no ama asɛmpa no anya nkɔsoɔ mmom, 13 ɛfiri sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a Kristo nti wɔde agu me+ no, Aban Awɛmfoɔ nyinaa ne nnipa a aka nyinaa ate ho asɛm.+ 14 Wɔn a wɔwɔ Awurade mu no, m’afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn no ama wɔn mu dodoɔ no ara anya ahotɔsoɔ, na saa anuanom no nyinaa de akokoɔduro kɛseɛ reka Onyankopɔn asɛm a wɔnsuro.
15 Ɛwom, ebinom de aniberɛ ne ahoɔyaa na ɛreka Kristo ho asɛm, nanso ebinom de adwempa na ɛreka. 16 Wɔn a wɔde adwempa ka no, ɔdɔ nti na wɔbɔ Kristo ho dawuro, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ wɔayi me sɛ mennyina asɛmpa no akyi;+ 17 nanso wɔn a wɔde aniberɛ ne ahoɔyaa reyɛ saa no yɛ mansotwefoɔ a wɔnkura adwempa, na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma me ho ahiahia me wɔ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 18 Ɛdeɛn na afiri mu aba? Ɛno ara ne sɛ akwan nyinaa mu no, sɛ nnaadaa na wɔde yɛ oo, nokorɛdie na wɔde yɛ oo, wɔrebɔ Kristo ho dawuro, na medi wei ho ahurisie. Na mɛkɔ so adi ho ahurisie, 19 ɛfiri sɛ menim sɛ wei bɛma manya nkwa ɛsiane mo nkotosrɛ+ ne Yesu Kristo honhom+ nti. 20 Ɛno na mehwɛ kwan dendeenden na m’ani da so, na menim sɛ m’ani renwu kwan biara so, na mmom sɛdeɛ akɔ so abɛsi nnɛ no, nkwa mu oo, owuo mu oo, menam me nipadua so de akokoɔduro bɛkamfo Kristo.+
21 Na me deɛ, sɛ mete ase a, mete ase ma Kristo;+ sɛ mewu nso a, ɛyɛ mfasoɔ ma me.+ 22 Na sɛ mekɔ so tena ase honam mu a, m’adwuma no bɛso aba, nanso deɛ mepɛ paa deɛ, menka ho asɛm. 23 Nneɛma mmienu yi, menhunu deɛ ɛyɛ ma me, ɛfiri sɛ me yam a, anka manya me ho atete akɔka Kristo ho,+ na anka ɛno mpo na ɛyɛ.+ 24 Nanso mo nti, ɛhia sɛ mekɔ so tena ase honam mu. 25 Awerɛhyɛmu a mewɔ wɔ wei mu nti, menim sɛ mɛtwɛn ne mo nyinaa atena honam mu, na moanya nkɔsoɔ ne anigyeɛ wɔ gyidie no mu, 26 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, berɛ a maba mo nkyɛn bio no, me nti mobɛdi ahurisie aboro so wɔ Kristo Yesu mu.
27 Deɛ mepɛ ara ne sɛ mobɛma mo abrabɔ afata Kristo asɛmpa no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba bɛhu mo anaasɛ menni hɔ mpo a, mɛte mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn wɔ honhom korɔ mu, na mode ɔkra korɔ*+ di apereɛ ma gyidie a ɛgyina asɛmpa no so no, 28 berɛ a mommma mo atamfo nnhunahuna mo ɛkwan biara so. Wei yɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn,+ nanso ɛkyerɛ nkwagyeɛ ma mo,+ na ɛfiri Onyankopɔn hɔ, 29 ɛfiri sɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na wɔamfa amma mo sɛ monnya ne mu gyidie kɛkɛ; wɔde maa mo sɛ monsi n’ananmu nhunu amane nso.+ 30 Deɛ ɛwom ne sɛ, aperepereɛ a mohuu sɛ meredi+ na megu so redi no, ɛno ara bi na morefa mu.
2 Enti sɛ mowɔ Kristo mu nkuranhyɛ bi a, sɛ mobɛtumi de ɔdɔ akyekye nkurɔfoɔ werɛ a, sɛ Kristo mu fekubɔ bi wɔ hɔ a, sɛ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ a, 2 ɛnneɛ monnya adwenkorɔ na monnodɔ mo ho, na monka mmom dendeenden nyɛ baako,* na monkura adwene baako,+ na ama m’anigyeɛ adi mũ. 3 Mommfa mansotwe+ anaa ahomasoɔ+ nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase* na mommu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo.+ 4 Monnnwene mo nko ara mo ho,+ na mmom monnwene afoforɔ nso ho bi.+
5 Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu.+ 6 Ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ+ no, wannya adwene mpo sɛ ɔbɛpere na ɔne Onyankopɔn ayɛ pɛ.+ 7 Daabi. Mmom ɔpenee so maa biribiara firii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea+ bɛyɛɛ onipa.*+ 8 Deɛ ɛsene saa koraa ne sɛ, berɛ a ɔbɛyɛɛ onipa* no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie kɔsii owuo mu,+ asɛndua* so wuo+ mu mpo. 9 Wei nso nti na Onyankopɔn pagyaa no maa no diberɛ kɛseɛ,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.+ 10 Enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa koto, wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asaase so ne wɔn a wɔwɔ asaase ase nyinaa,+ 11 na ɛsɛ sɛ kɛtrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade+ de hyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
12 Enti m’adɔfo, sɛdeɛ mewɔ hɔ a moyɛ ɔsetie berɛ nyinaa, na sɛ menni hɔ mpo a moyɛ ma no sene saa no, monkɔ so mfa osuro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma. 13 Na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo sɛdeɛ ɛsɔ n’ani, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛdeɛ. 14 Biribiara a mobɛyɛ no, mommma anwiinwii+ ne akyinnyegyeɛ mmma mu,+ 15 na moayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma+ a dɛm biara nni wɔn ho wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a akontono na akyea+ mu a morehyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nkanea wɔ wiase+ no. 16 Monsɔ nkwa asɛm+ no mu dendeenden na ama manya biribi agyina so adi ahurisie Kristo da no; ɛno bɛma mahu sɛ mantu mmirika hunu anaa mammrɛ angu. 17 Nanso sɛ wɔrehwie me sɛ nsã afɔreɛ+ agu mo afɔreɛ+ ne adwuma kronkron* a gyidie nti moreyɛ no so mpo a, ɛyɛ anigyesɛm ma me, na me ne mo nyinaa di ahurisie. 18 Mo nso momma mo ani nnye na mo ne me nni ahurisie.
19 M’ani da so sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade Yesu pɛ a, mɛsoma Timoteo+ aba mo nkyɛn ntɛm, na sɛ mete mo nka a, ahyɛ me nkuran. 20 Na menni obiara a ne suban te sɛ ɔno a ɔbɛyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. 21 Wɔn a aka nyinaa dwene wɔn ara wɔn ho; wɔnnwene Yesu Kristo ho. 22 Nanso monim sɛdeɛ na ɔbɔ ne ho mmɔden. Ɔne me somee te sɛ abɔfra+ ne ne papa maa yɛtrɛɛ asɛmpa no mu. 23 Enti m’ani da so sɛ, menya hu me ho ano pɛ a, ɔno na mɛsoma no. 24 Me ara nso, sɛ Awurade ma kwan a, ɛrenkyɛ mɛba mo nkyɛn.+
25 Nanso, seesei deɛ, mehu sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito ba mo nkyɛn. Ɔyɛ me nua a me ne no yɛ adwuma ne me yɔnko sraani a motuu no sɛ ɔmmɛsom me.+ 26 N’ani agyina mo nyinaa, na waboto, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ moate sɛ ɔyareeɛ. 27 Ampa, ɔyare maa anka ɔreyɛ awu, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ; ɛnyɛ ɔno nko, na mmom me nso, na awerɛhoɔ ammene me. 28 Ne saa nti, meresoma no ntɛm aba mo nkyɛn, na sɛ mohu no a, moadi ahurisie bio na ama me nso m’adwendwene so ate. 29 Enti momfa anigyeɛ kɛseɛ nnye no sɛdeɛ motaa yɛ ma Awurade akyidifoɔ no; na monkɔ so mmu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔsom bo,+ 30 ɛfiri sɛ Kristo* adwuma nti, ɛkaa ketekete anka ɔrewu; ɔde ne nkwa* too ne nsam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsi mo ananmu asom me, ɛfiri sɛ monni ha na moayɛ saa.+
3 Afei me nuanom, monkɔ so nni ahurisie wɔ Awurade mu.+ Sɛ metwerɛ ade korɔ no ara ho asɛm brɛ mo a, ɛnha me; ɛyɛ ahobammɔ mmom ma mo.
2 Monhwɛ mo ho yie wɔ nkraman no ho; monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔdi nkurɔfoɔ aborɔ no ho; monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔagye twetiatwa agyinam* no ho.+ 3 Ɛfiri sɛ yɛn na wɔatwa yɛn twetia ankasa,+ na yɛnam Onyankopɔn honhom so reyɛ ɔsom adwuma; yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu,+ nanso yɛmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4 Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho* ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me.
Sɛ onipa foforɔ biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ deɛ ɛkyɛn saa. 5 Wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe,+ meyɛ Israelni a mefiri Benyamin abusuakuo mu, meyɛ Hebrini a Hebrifoɔ na ɛwoo me;+ ɛba mmara so di a, meyɛ Farisini;+ 6 yɛreka mmɔdemmɔ* a, meyeree me ho tan asafo no ani;+ yɛreka tenenee a ɛgyina mmara so a, na meyɛ obi a asɛm biara nni me ho. 7 Nanso nneɛma a na mfasoɔ wɔ so ma me no, Kristo nti mabu no sɛ ɛso nni mfasoɔ.*+ 8 Asɛm no ara ne sɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so nti, mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu. Ɔno nti na mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu ne nwura dodoɔ* na matumi anya Kristo, 9 na wɔahu me sɛ me ne no ayɛ baako, nanso ɛnyɛ me ara me tenenee a ɛgyina Mmara no so nti, na mmom tenenee a ɛnam Kristo+ mu gyidie+ so, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn tenenee a ɛgyina gyidie so.+ 10 Deɛ mepɛ ara ne sɛ mɛhu no, na mahu tumi a wɔde nyanee no+ no, na manya n’amanehunu mu kyɛfa+ awu ne wuo no bi,+ 11 na mahwɛ sɛ ebia mɛtumi anya owusɔreɛ a ɛdi kan+ no mu kyɛfa anaa.
12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka botaeɛ no anaa mawie pɛyɛ, na mmom atirimpɔ a enti Kristo Yesu ayi me*+ no, merebɔ mmɔden+ ahwɛ sɛ mɛduru ho anaa. 13 Anuanom, memmu no sɛ me nsa anya aka, na mmom deɛ meyɛ ne sɛ, mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyire no,+ na meyere me ho duru nneɛma a ɛwɔ m’anim no ho.+ 14 Mebɔ mmɔden sɛ mɛduru botaeɛ no ho. Botaeɛ no ne ɔsoro frɛ+ no, na ɛno ne abasobɔdeɛ*+ a Onyankopɔn de bɛma wɔn a ɔnam Kristo Yesu so afrɛ wɔn no. 15 Enti momma yɛn a yɛn ho akokwa+ no nnya saa adwene yi, na sɛ mokura adwene foforɔ biara a, Onyankopɔn bɛkyerɛ mo adwene a ɛfata. 16 Asɛm no ara ne sɛ, baabi a yɛanya nkɔsoɔ akɔduru no, momma yɛnkɔ so nnante saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.
17 Anuanom, mo nyinaa monsuasua me,+ na monhwɛ wɔn a wɔnante sɛdeɛ yɛayɛ ho nhwɛsoɔ akyerɛ mo no nso. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei deɛ mebɔ wɔn din a na adane nisuo, ɛfiri sɛ wɔabɛyɛ Kristo asɛndua* no ho atamfo. 19 Wɔn awieeɛ yɛ ɔsɛeɛ, na wɔn nyame ne wɔn yafunu; aniwuo mmom na ɛyɛ wɔn animuonyam, na wɔde wɔn adwene asi asaase so nneɛma+ so. 20 Nanso yɛn deɛ, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na yɛretwɛn dendeenden sɛ ɔgyefoɔ, Awurade Yesu Kristo, bɛfiri hɔ aba;+ 21 ɔno na ɔbɛma yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛ no ayɛ sɛ ne nipadua a ɛwɔ animuonyam+ no. Ne tumi kɛseɛ a ɛma no ka nneɛma nyinaa hyɛ n’ase+ no, ɛno na ɔde bɛyɛ saa.
4 Enti, me nuanom a medɔ mo a m’ani agyina mo, monnyina pintinn+ saa wɔ Awurade mu. M’adɔfo, mone m’anigyeɛ ne m’abotire.+
2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnnya adwenkorɔ Awurade mu.+ 3 Aane, me yɔnko pa a me ne wo yɛ adwuma,* wo nso mesrɛ wo, kɔ so boa saa mmaa yi, na wɔne me abom ayɛ adwumaden* wɔ asɛmpa no ho; wɔne Klement ne me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ a aka nyinaa. Wɔn nyinaa din wɔ nkwa nwoma+ no mu.
4 Monni ahurisie wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, Monni ahurisie!+ 5 Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.+ Awurade abɛn. 6 Mommma dadwene nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu.+ Mmom adeɛ nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim;+ 7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro nteaseɛ nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene ho ban.+
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokorɛ, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛtene, biribiara a ɛho teɛ, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyie no, saa nneɛma yi na monkɔ so nnwene* ho.+ 9 Nneɛma a mosuaeɛ, mogye toom, moteeɛ na mohunuu no me ho no, ɛno na monyɛ,+ na asomdwoeɛ Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
10 Medi ahurisie kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ afei moafiri aseɛ redwene me ho bio;+ ɛwom, na moredwene me ho, nanso moannya ho kwan anyɛ biribi amfa ankyerɛ. 11 Ɛnyɛ sɛ adeɛ ahia me nti na mereka saa, ɛfiri sɛ masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ deɛ mewɔ.*+ 12 Menim sɛdeɛ yɛdi hia,+ na menim sɛdeɛ yɛnya ma no bu so nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmee ne ɛkɔm, masua sɛdeɛ yɛnya ma no bu so ne sɛdeɛ yɛdi hia. 13 Deɛ ɔhyɛ me den no adaworoma, menya ahoɔden wɔ biribiara mu.+
14 Nanso mobɔɔ mmɔden sɛ monyaa m’ahohia mu kyɛfa. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, mo Filipifoɔ, monim sɛ berɛ a mogyee asɛmpa no foforɔ na mefirii Makedonia no, asafo biara ne me annya adekyɛ mu kyɛfa, gye mo nko ara;+ 16 ɛfiri sɛ berɛ a mewɔ Tesalonika no, mobrɛɛ me biribi maa mede yɛɛ deɛ mehia, moamfa amma pɛnkoro na mmom mprenu. 17 Ɛnyɛ sɛ merepɛ akyɛdeɛ, na mmom aba a ɛbɛma moanya mfasoɔ* pii na ɛhia me. 18 Nanso manya deɛ mehia nyinaa ama no abu so mpo. Afei a Epafrodito+ de nneɛma a ɛfiri mo hɔ abrɛ me yi deɛ, biribiara nhia me bio. Deɛ mode baeɛ no yɛ adeɛ a ɛyɛ hwam,+ afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yie. 19 Mo nso, me Nyankopɔn a n’ahonya dɔɔso no nam Kristo Yesu so bɛma mo deɛ mohia nyinaa.+ 20 Afei animuonyam nka yɛn Nyankopɔn ne Agya no daa daa. Amen.
21 Ɔkronkronni biara a ɔbata Kristo Yesu ho no, monkyea no mma me. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo. 22 Akronkronfoɔ nyinaa kyeakyea mo, titire wɔn a wɔwɔ Kaesare fie+ no.
23 Berɛ a moreda suban pa adi yi, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho.
Anaa “mode baakoyɛ.”
Anaa “nyɛ baako wɔ ɔkra mu.”
Anaa “monnya ahobrɛaseɛ adwene.”
Nt., “bɛyɛɛ sɛ onipa dasani.”
Nt., “berɛ a ɔhuu sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔsom adwuma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Awurade.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “wɔn a wɔtwitwa ɔhonam.”
Nt., “ɔde ne ho bɛto so.”
Anaa “nnamyɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mato ne nyinaa agu.”
Anaa “bɔɔla.”
Nt., “Yesu nsa aka me.”
Anaa “nkonimboɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “yɔnko kɔnduasoafoɔ nokwafoɔ.”
Anaa “adi apereɛ.”
Anaa “monkɔ so nsusu.”
Anaa “mɛpene deɛ mewɔ so.”
Anaa “moanya honhom fam ahonyadeɛ.”