ƆDE KƆMAA KOLOSEFOƆ
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, 2 meretwerɛ krataa yi akɔma akronkronfoɔ ne anuanom anokwafoɔ a wɔwɔ Kristo mu wɔ Kolose:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.
3 Berɛ biara a yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, 4 ɛfiri sɛ gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne ɔdɔ a mowɔ ma akronkronfoɔ nyinaa no, yɛate ho asɛm; 5 anidasoɔ a Onyankopɔn de asie ama mo wɔ ɔsoro+ no nti na moda suban a ɛte saa adi. Nokwasɛm a ɛfa asɛmpa no ho a wɔka kyerɛɛ mo no, ɛno na monam so tee saa anidasoɔ yi ho asɛm. 6 Saa asɛmpa yi na aduru mo nkyɛn no, na sɛdeɛ ɛreso aba na ɛrenya nkɔanimu wɔ wiase nyinaa+ no, saa ara na ɛfiri da a motee Onyankopɔn adom ho asɛm na mohunuu deɛ ɛkyerɛ ankasa no, ɛrekɔ so wɔ mo nso mo mu. 7 Ɛno na mosua firii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no no hɔ. Ɔyɛ Kristo somfoɔ nokwafoɔ a ɔyɛ adwuma ma yɛn. 8 Ɔdɔ a monam honhom so anya* no nso, ɔno na waka ho asɛm akyerɛ yɛn.
9 Wei nso nti ɛfiri da a yɛtee ho asɛm no, yɛnnyaee sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo.+ Ɛyɛ a yɛsrɛ sɛ n’apɛdeɛ ho nokorɛ nimdeɛ nhyɛ mo mã,+ na moanya nyansa ne honhom mu nteaseɛ nyinaa,+ 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnante ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so aso aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokorɛ nimdeɛ pii.+ 11 Yɛsan srɛ sɛ Onyankopɔn mfa n’animuonyam tumi mma mo ahoɔden pii+ na ama mode aboterɛ ne anigyeɛ amia mo ani agyina mu akɔsi aseɛ, 12 na moada Agya no ase, ɛfiri sɛ agyapadeɛ a ɛda hɔ ma akronkronfoɔ+ a wɔwɔ hann mu no, ɔno na wama moafata sɛ monya mu kyɛfa.
13 Wagye yɛn afiri sum tumi ase+ de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahennie mu, 14 na ɔno na yɛnam ne so anya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ.+ 15 Ɔno ne Onyankopɔn a wɔnhu no no suban,+ abɔdeɛ nyinaa mu abakan;+ 16 ɛfiri sɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu,+ nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, anaa tumidie. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no. 17 Bio nso, na ɔwɔ hɔ ansa na nneɛma a aka nyinaa reba,+ na ne so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa, 18 na ɔno ne nipadua no ti, kyerɛ sɛ, asafo no ti.+ Ɔno ne mfitiaseɛ, deɛ ɔdi kan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfoɔ wɔ nneɛma nyinaa mu; 19 ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛma ne Ba no adi mu korakora,+ 20 na ɔnam ne so, kyerɛ sɛ, ne mogya+ a ɔhwie guu asɛndua* no so nti, wasan aka nneɛma nyinaa abom bio,+ asaase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa, na ama asomdwoeɛ aba Onyankopɔn ne wɔn ntam.
21 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ bi, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware, na na moyɛ n’atamfo ɛfiri sɛ na mo adwene wɔ nnwuma bɔne so. 22 Nanso afei deɛ, ɔnam deɛ ɔwuiɛ no honam nipadua so aka mo ne no abom bio, na ama ɔde mo akɔma Onyankopɔn sɛ nnipa kronkron a dɛm nni wɔn ho na asɛm biara nni wɔn ho;+ 23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ na mogyina fapem no so pintinn,+ na motintim+ a momma biribiara ntwe mo mfiri anidasoɔ a monam asɛmpa no so nyaeɛ no ho; saa asɛmpa no, wɔaka ho asɛm wɔ abɔdeɛ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu,+ na ɛno na me Paul, mabɛyɛ ho somfoɔ.+
24 Afei ɛmfa ho sɛ merehunu amane ma mo+ no, meredi ahurisie. Na mehu sɛ amanehunu a Kristo nipadua no fã a meyɛ,+ kyerɛ sɛ, asafo no+ fã a meyɛ nti ɛsɛ sɛ mefa mu no, ɛnnya nnii mu. 25 Onyankopɔn ama me fiehwɛ adwuma+ bi sɛ mensom asafo yi. Mo nti na wɔde adwuma yi maa me sɛ menka Onyankopɔn asɛm no nkɔsi aseɛ; 26 ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awoɔ ntoatoasoɔ a aba kɔ no. Nanso afei deɛ wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfoɔ.+ 27 Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfoɔ no ahu ahintasɛm kronkron a ɛnni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidasoɔ sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa animuonyam.+ 28 Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuro, yɛtu onipa biara fo, na yɛde nyansa a emu dɔ kyerɛkyerɛ obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔne Kristo ayɛ baako no, yɛde no bɛma Onyankopɔn sɛ obi a ɔdi mũ.+ 29 Wei ho na meyɛ adwumaden, na ɛsiane ne tumi a ɛyɛ adwuma dendeenden wɔ me mu no nti, meyere me ho.+
2 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ kɛseɛ a meredi ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔmfaa wɔn ani nhuu me* no nyinaa. 2 Wei bɛma wɔanya awerɛkyekyerɛ+ na wɔabom ayɛ baako wɔ ɔdɔ mu,+ na ama wɔanya mfasoɔ ɛsiane nteaseɛ a ɛdi mu a wɔanya nti, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no,+ wɔbɛnya ho nokorɛ nimdeɛ. 3 Ɔno mu na wɔakora nyansa ne nimdeɛ ademudeɛ nyinaa so.+ 4 Mereka wei na obiara amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo. 5 Ɛwom sɛ menni hɔ ɔhonam mu deɛ, nanso me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani agye sɛ mate sɛ mototo nneɛma yie+ na mowɔ gyidie kɛse wɔ Kristo mu.+
6 Enti sɛdeɛ moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so ne no mmom nnante, 7 na wɔnto mo nsi ne so na monnye nhini+ na montintim wɔ gyidie no mu+ sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na monna Onyankopɔn ase daa.+
8 Monhwɛ yie, anyɛ saa a, obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu+ a ɛnnyina Kristo so, na mmom ɛgyina nnipa atetesɛm ne wiase no nneɛma hunu so bɛtwetwe mo de mo ayɛ nkoa; 9 ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyankopɔn suban ayɛ ma.+ 10 Enti ɔno a ɔyɛ nnisoɔ ne tumidie nyinaa ti+ no, monam ne so ayɛ ma. 11 Ɔno a mo ne no bɔeɛ no ama mo nso wɔatwa mo twetia* a wɔamfa nsa na ɛtwaeɛ, na mmom wɔnam Kristo mu twetiatwa+ so yii ɔhonam nipadua no firii hɔ.+ 12 Na wɔsiee mo ne no wɔ n’asubɔ mu,+ na ɔno a mo ne no bɔeɛ no ama wɔanyane mo+ abom nso, ɛfiri sɛ monyaa gyidie wɔ Onyankopɔn nnwuma akɛseɛ mu; ɔno na ɔnyanee no firii awufoɔ mu.+
13 Bio nso, berɛ bi, mo mfomsoɔ ne twetia a montwaeɛ nti, na moawuwu, nanso Onyankopɔn maa mo ne Kristo baa nkwa mu bio.+ Ɔdom yɛn de yɛn mfomsoɔ nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14 na ɔpepaa nsaano ntwerɛeɛ+ a ahyɛdeɛ ayɛ no ma+ a na ɛko tia yɛn+ no firii hɔ. Ɔde bɔɔ asɛndua* mu yi firii kwan mu.+ 15 Wapa nnisoɔ ne tumidie ahodoɔ no ho ntoma, na wafa wɔn sɛ nkoa agu wɔn anim ase wɔ badwam,+ na ɔnam asɛndua no* so ama ada adi pefee sɛ wadi wɔn so nkonim.
16 Enti mommma obiara mmmu mo atɛn wɔ deɛ modi ne deɛ monom ho,+ anaa afahyɛ anaa bosome foforɔ+ anaa homeda+ ho. 17 Saa nneɛma no yɛ deɛ ɛreba no sunsum;+ papa no deɛ, ɛno ne Kristo.+ 18 Mommma obi nnyɛ mmma abasobɔdeɛ* no mmmɔ mo;+ obi a ɔwɔ kraman ahobrɛaseɛ na ɔpɛ abɔfosom a deɛ n’ani tua na “ɔgye gyina mu.”* Ɛsiane sɛ ɔsusu nneɛma ho ɔhonam mu nti, ɔma ne ho so, nanso nteaseɛ biara nnim. 19 Ɔmmata ti+ no ho; eti a nipadua no nyinaa nam n’akwaa ne ne ntini ahodoɔ so nya deɛ ɛhia na ama atoatoam wɔ koroyɛ mu no. Eti no na ɛma nipadua no kɔ so nyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.+
20 Sɛ mo ne Kristo wuu wɔ wiase no nneɛma hunu+ ho a, adɛn nti na moyɛ mo adeɛ te sɛ deɛ moda so wɔ wiase na mode ahyɛdeɛ ahodoɔ yi to mo ho so bio+ sɛ: 21 “Monnsɔ mu, monnka nnhwɛ, na mommfa mo nsa nnka”? 22 Saa nneɛma no nyinaa, wɔde yɛ deɛ wɔde bɛyɛ wie a, na asɛe; ɛgyina nnipa ahyɛdeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ+ so. 23 Saa nneɛma no nyinaa ayɛ sɛ deɛ nyansa wom, nanso ɛyɛ wɔn ankasa som mu nneɛma, kraman ahobrɛaseɛ a ɛma wɔde wɔn ankasa nipadua mpo fa ahoyera mu,+ nanso mfasoɔ biara nni so, ɛfiri sɛ ɛmma wɔntumi nko ntia ɔhonam akɔnnɔ.
3 Sɛ wɔanyane mo ne Kristo+ a, ɛnneɛ monkɔ so nhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ soro, baabi a Kristo teɛ wɔ Onyankopɔn nsa nifa so+ no. 2 Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so,+ na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asaase so,+ 3 ɛfiri sɛ mowuiɛ, na wɔde mo nkwa ahyɛ Kristo nsa* wɔ Onyankopɔn mu. 4 Sɛ wɔda Kristo a ɔyɛ yɛn nkwa+ no adi a, mo nso wɔbɛda mo adi aka ne ho wɔ animuonyam mu.+
5 Enti, monku mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asaase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwamammɔ,* ɔbra fĩ,* nna ho akɔnnɔ a wɔntumi nhyɛ so,+ akɔnnɔ bɔne, ne adufudepɛ* a ɛyɛ abosonsom renni mo so. 6 Saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuo reba. 7 Mo nso berɛ bi a atwam no, saa ara na mobɔɔ mo bra.*+ 8 Nanso afei koko bɔne oo, abufuo oo, nneɛma bɔne+ oo, ɔkasatia+ oo, monto ne nyinaa ngu; mommma kasafĩ+ mmpue mmfiri mo anom. 9 Monnni atorɔ nnkyerɛ mo ho.+ Monyi suban* dada no+ ne ne nneyɛɛ ngu, 10 na monhyɛ suban foforɔ+ a wɔnam nokorɛ nimdeɛ so reyɛ no foforɔ no, na ama ɛne deɛ ɔbɔeɛ no suban asɛ.+ 11 Ɛba saa a, Greeceni anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ,* ɔnanani, Skiteni,* akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɛfiri sɛ Kristo na biribiara gyina ne so, na yɛn nyinaa ne no yɛ baako.+
12 Moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo,+ akronkronfoɔ ne adɔfoɔ. Enti momfa ayamhyehyeɛ,+ ayamyɛ, ahobrɛaseɛ,*+ ɔdwoɔ,+ ne aboterɛ+ nyɛ ataadeɛ nhyɛ. 13 Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a,+ ɔnkɔ so nnya ne ho aboterɛ na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.+ Sɛdeɛ Yehowa* ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 14 Weinom nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ nyɛ ataadeɛ nhyɛ,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoma a ɛdi mu a ɛde nkabom ba.+
15 Afei nso, momma Kristo asomdwoeɛ nni mo akoma so,+ ɛfiri sɛ saa asomdwoeɛ no na wɔfrɛɛ mo baa mu wɔ nipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔkyerɛ anisɔ.* 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so, na moanya nyansa nyinaa bi. Obiara nkɔ so mfa nnwom,+ ayeyie, ne nnwom kronkron a wɔde anisɔ to* nkyerɛkyerɛ ne yɔnko mfa nhyɛ ne yɔnko nkuran,* na monto nnwom mo akoma mu mma Yehowa.*+ 17 Na biribiara a moyɛ no, kasa oo, adwuma oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu, na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.+
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom,+ sɛdeɛ ɛsɔ Awurade ani. 19 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom,+ na mommma mo bo mmfu wɔn dendeenden.*+ 20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm adeɛ nyinaa mu,+ na wei na ɛsɔ Awurade ani. 21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo+ na wɔn abam ammu. 22 Nkoa, adeɛ nyinaa mu no, montie mo wuranom a wɔwɔ asaase so.*+ Ɛnyɛ berɛ a wɔhunu deɛ moyɛ nko na ɛsɛ sɛ moyɛ saa, na ankɔyɛ sɛ deɛ moresɔ nnipa ani,* na mmom momfa akoma a emu teɛ nyɛ no Yehowa* suro mu. 23 Sɛ moreyɛ biribiara a, momfiri ɔkra* nyinaa mu nyɛ no sɛdeɛ moreyɛ ama Yehowa*+ na ɛnyɛ nnipa, 24 ɛfiri sɛ monim sɛ agyapadeɛ a wɔde bɛtua mo ka no firi Yehowa* hɔ.+ Monyɛ nkoa a mosom Owura Kristo no. 25 Nokorɛm no, deɛ ɔyɛ bɔne no bɛnya adebɔne a ɔyɛeɛ no so akatua,+ na animhwɛ biara remma mu.+
4 Mo awuranom, mo ne mo nkoa nni no yie, kyerɛ sɛ, ɛkwan a ɛtene na ɛfata so; monhu sɛ mo nso mowɔ Owura bi wɔ soro.+
2 Mommɔ mpaeɛ daa,+ monkura mu dendeenden mfa nwɛn, na monna ase.+ 3 Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma yɛn+ na Onyankopɔn mmue ɛpono mma yɛn, na yɛatumi aka Kristo ho ahintasɛm kronkron no; ɛno ho na wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ afiase yi.+ 4 Mommɔ mpaeɛ mma me nso, na matumi aka no yie sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
5 Wɔn a wɔnka mo ho no, monkɔ so mfa nyansa mmɔ mo bra wɔ wɔn mu, na momfa mo berɛ nyɛ nneɛma a ɛho hia.*+ 6 Momma mo anom kasa nyɛ dɛ berɛ nyinaa na nkyene mmra mu,+ na moahunu sɛdeɛ mobɛbua obiara.+
7 Me nua Tikiko+ a medɔ no no yɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne me yɔnko akoa wɔ Awurade mu; ɔbɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo. 8 Meresoma no aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛte yɛn ho asɛm na wakyekye mo werɛ. 9 Ɔne me nua Onesimo+ a medɔ no no na ɛreba; ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔfiri mo mu. Wɔbɛma moate ha nsɛm nyinaa.
10 Aristarko+ a me ne no da afiase no kyea mo, na Barnaba busuani Marko+ nso kyea mo (ɔno na monyaa nkra sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no+ no); 11 ɔne Yesu a wɔfrɛ no Yusto no; wɔn nyinaa yɛ Yudafoɔ.* Weinom nko ara na wɔne me bom yɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma, na wɔakyekye me werɛ paa.* 12 Kristo Yesu akoa Epafra+ a ɔfiri mo mu no kyea mo; daa ɔyere ne ho bɔ mpaeɛ ma mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛkɔ so agyina pintinn, na moanya ahotɔsoɔ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu. 13 Medi ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛ adwumaden pii de boa mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli no.
14 Yɛn dɔfo duruyɛfoɔ Luka+ ne Dema+ kyea mo. 15 Monkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea no mma me, na monkyea onuawa Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie+ no nso. 16 Sɛ mokenkan krataa yi wɔ mo hɔ wie a, monyɛ nhyehyɛeɛ mma wɔnkenkan+ no Laodikea asafo no nso mu, na mo nso monkenkan Laodikea deɛ no. 17 Afei nso, monka nkyerɛ Arkipo+ sɛ: “Ɔsom adwuma a wogyee no Awurade mu no, ma w’ani nkũ ho na yɛ no yie.”
18 Me Paul, me nkyea a mede me ara me nsa atwerɛ nie.+ Monkɔ so nkae sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu me.+ Adom nka mo.
Nt., “moanya wɔ honhom mu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “awufoɔ sɔreɛ mu abakan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmerɛ a atwam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “wɔnhuu me ɔhonam mu.”
Anaa “dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔnam Kristo.”
Anaa “nkonimboɔ.”
Wɔfaa asɛm yi firii abosonsomfoɔ nsɛm mu. Ná wɔka saa asɛm yi berɛ a wɔreyɛ amanneɛ de obi aba abosonsom mu no.
Anaa “ahinta Kristo mu.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afideɛ.”
Anaa “aniberɛ.”
Anaa “saa ara na monanteeɛ.”
Nt., “onipa.”
Anaa “obi a wɔatwa ne dua anaasɛ obi a wɔntwaa ne dua nni hɔ.”
Sɛ obi ka sɛ “Skiteni” a, ɛkyerɛ atetekwaa.
Anaa “ahobrɛaseɛ adwene.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔwɔ ayɛ.”
Anaa “ɛho wɔ nyam.”
Anaa “ntu ne yɔnko fo.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “mommpoopoo mo ani nnkyerɛ wɔn.”
Nt., “honam fam wuranom.”
Nt., “na ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “montɔ berɛ a mobɛnya biara.”
Nt., “wɔfiri wɔn a wɔatwa wɔn dua mu.”
Anaa “wɔabɛyɛ aboafoɔ a wɔhyɛ me den.”