Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 2 Tesalonikafo 1:1-3:18
  • 2 Tesalonikafoɔ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Tesalonikafoɔ
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Tesalonikafoɔ

DEƐ ƐTƆ SO MMIENU A ƆDE KƆMAA TESALONIKAFOƆ

1 Me Paul, me ne Silwano,* ne Timoteo,+ yɛde krataa yi rekɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu no:

2 Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.

3 Anuanom, yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ mo nti yɛda Onyankopɔn ase daa. Wei fata, ɛfiri sɛ mo gyidie reyɛ kɛse paa,* na ɔdɔ a mo mu biara wɔ ma ne yɔnko no reyɛ kɛse.+ 4 Ɛno nti, yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ no mu, ɛfiri sɛ tan a nkurɔfoɔ retan mo ani, ne amanehunu* a morehyia nyinaa, mode animia gyina mu, na moda gyidie adi.+ 5 Wei yɛ Onyankopɔn atemmuo a ɛtene ho adanseɛ, na ɛma wɔbu mo sɛ mofata sɛ mokɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛno nti morehunu amane no mu.+

6 Deɛ enti a wei te saa ne sɛ, ɛtene wɔ Onyankopɔn ani so sɛ ɔde amanehunu bɛtua wɔn a wɔma mohunu amane no ka.+ 7 Na mo a mohunu amane no deɛ, mo ne yɛn nyinaa bɛnya home berɛ a wɔada Awurade Yesu adi+ afiri soro a n’abɔfoɔ a wɔwɔ tumi ka ne ho+ 8 wɔ ogyaframa mu no, berɛ a ɔde asotwe* bɛba wɔn a wɔnnim Onyankopɔn ne wɔn a wɔntie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so no.+ 9 Wɔn a wɔte saa no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ+ de atwe wɔn aso, na wɔbɛyi wɔn afiri Awurade anim, na ɔremfa ne tumi kɛseɛ no mmoa wɔn bio.* 10 Berɛ a Awurade bɛba no, wɔbɛhyɛ ɔne n’akronkronfoɔ animuonyam, na da no, ne ho bɛyɛ wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa nwanwa, ɛfiri sɛ mogyee adanseɛ a yɛdiiɛ no toom.

11 Ɛno nti, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ+ no, na ɔmfa ne tumi nyɛ adepa a ɛsɔ n’ani nyinaa ne gyidie adwuma biara. 12 Ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, na wɔahyɛ mo nso animuonyam wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom teɛ no.

2 Nanso, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ+ ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔ ne nkyɛn+ no ho deɛ, yɛsrɛ mo sɛ, 2 sɛ nkurɔfoɔ keka sɛ Yehowa* da+ no aduru, na wɔkyerɛ sɛ deɛ wɔreka no yɛ honhom mu* asɛm anaa asɛm a ebinom aka anaa krataa a ɛfiri yɛn hɔ mpo a, mommma ɛnnsɛe mo adwene ntɛm na mommma ɛnntu mo akoma.+

3 Mommma obiara mmma mommfom kwan* wɔ ɛkwan biara so, ɛfiri sɛ saa da no remma gye sɛ ɔwaeɛ+ no adi kan aba ama onipa a ɔnni mmara so,+ ɔsɛeɛ ba+ no ho ada hɔ ansa. 4 Ɔyɛ ɔsɔretiafoɔ, na ɔma ne ho so sene obiara a wɔfrɛ no onyame anaa biribiara a nkurɔfoɔ som. Enti ɔtena ase wɔ Onyankopɔn asɔrefie, na ɔda ne ho adi badwam sɛ ɔyɛ onyame. 5 Mo werɛ afi sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn no, na meka nsɛm yi kyerɛ mo anaa?

6 Seesei monim deɛ ɛresi kwan a ɛmmaa ne ho nnaa hɔ kɔsi sɛ ne berɛ bɛso no. 7 Nokorɛm no, deɛ ɔnni mmara so no ho ahintasɛm afiri aseɛ dada,+ nanso ɛbɛkɔ so ayɛ ahintasɛm akɔsi sɛ deɛ seesei ɔresi no kwan no bɛfiri kwan mu. 8 Ɛno akyi na wɔbɛda deɛ ɔnni mmara so no adi; ɔno na Awurade Yesu de n’anom honhom+ bɛyi no afiri hɔ wɔ ne mmaeɛ no mu berɛ a wɔbɛda Awurade Yesu adi+ no, na ɔbɛsɛe no. 9 Na deɛ ɔnni mmara so no mmaeɛ no, Satan na ɔtaa akyire;+ ɔde ahoɔden nnwuma* nyinaa, ne atorɔ nsɛnkyerɛnne, ne anwanwadeɛ ahodoɔ,+ 10 ne nnaadaa bɔne biara+ daadaa wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan so no. Na ɛbɛyɛ asotwe ama wɔn ɛfiri sɛ wɔannya nokorɛ no ho dɔ na ama wɔagye wɔn nkwa. 11 Ɛno nti na Onyankopɔn ma nnaadaa hyɛ wɔn so no, na ama wɔagye atorɔ no adi,+ 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛbu wɔn nyinaa atɛn ɛfiri sɛ wɔannye nokorɛ no anni, na mmom wɔn ani gyee deɛ ɛntene ho.

13 Nanso, anuanom a Yehowa* dɔ mo, yɛhu sɛ mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii mo+ firii mfitiaseɛ sɛ mommɛnya nkwagyeɛ. Ne honhom a ɔde te mo ho,+ ne gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ no mu no, ɛno na ɔnam so yii mo. 14 Ɔnam asɛmpa a yɛka no so na ɛfrɛɛ mo baa nkwagyeɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam.+ 15 Enti afei, anuanom, monnyina pintinn,+ na nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaa mo no,+ sɛ ɛyɛ asɛm a yɛde yɛn ano kaeɛ oo, sɛ ɛyɛ krataa bi a ɛfiri yɛn hɔ oo, monkɔ so nkura mu. 16 Bio nso, yɛn Awurade Yesu Kristo ankasa ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔɔ yɛn,+ a n’adom nti ɔmaa yɛn awerɛkyekyerɛ a ɛboa yɛn afebɔɔ ne anidasoɔ pa+ no, 17 ɔnkyekye mo* werɛ, na ɔmma monnyina pintinn* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ nnwuma pa na moaka nsɛm a ɛyɛ.

3 Afei anuanom, monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn,+ na ama Yehowa* asɛm akɔ so atrɛ ntɛmntɛm,+ na wɔahyɛ n’asɛm no animuonyam, sɛdeɛ moreyɛ no. 2 Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma yɛn na wɔagye yɛn afiri amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsam,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.+ 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔbɛhyɛ mo den, na wabɔ mo ho ban afiri ɔbɔnefoɔ no ho. 4 Bio nso, yɛwɔ mo mu ahotɔsoɔ wɔ Awurade mu sɛ akwankyerɛ a yɛde ma mo no, mode reyɛ adwuma na mobɛkɔ so de ayɛ adwuma. 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo akoma kwan yie nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho, na ɔmma mommia mo ani,+ Kristo nti.

6 Afei anuanom, yɛrema mo akwankyerɛ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, onua biara a ɔnenam basabasa na ɔnni nsɛm* a mote* firii yɛn nkyɛn no+ so no, montwe mo ho mfiri ne ho.+ 7 Na mo ara monim sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mosuasua yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛammɔ yɛn bra basabasa wɔ mo mu, 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduane kwa.*+ Mmom yɛbirii yɛn mogya ani yɛɛ adwumaden awia ne anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛseɛ biara nto mo mu biara so.+ 9 Ɛnyɛ sɛ yɛnni tumi+ sɛ yɛgye biribi firi mo hɔ, na mmom na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho yɛ nhwɛsoɔ ma mo na mosuasua yɛn.+ 10 Nokorɛm no, berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa de ahyɛdeɛ yi ma mo sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma no nnnidi nso.”+ 11 Na yɛate sɛ ebinom nenam basabasa wɔ mo mu+ a wɔnyɛ adwuma koraa, na nsɛm a ɛmfa wɔn ho na wɔde wɔn ano to mu.+ 12 Saa nnipa no, yɛhyɛ wɔn, na yɛtu wɔn fo wɔ Awurade Yesu Kristo mu sɛ, wɔnyɛ komm nyɛ adwuma na wɔnni aduane a wɔn ankasa abrɛ anya.+

13 Anuanom, mo deɛ, mommmrɛ papayɛ mu. 14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nso, mo ne no mmmɔ+ na ama n’ani awu. 15 Nanso mommmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkɔ so ntu no fo+ sɛ onua.

16 Na asomdwoeɛ Wura no ankasa mma mo asomdwoeɛ daa wɔ akwan nyinaa mu.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.

17 Me Paul, me nkyea a mede me ara me nsa twerɛeɛ+ nie. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ me krataa biara mu; sei na metwerɛ.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.

Anaa “renyini paa.”

Anaa “ahohia; ahoyera.”

Anaa “awerɛdie.”

Anaa “ɔbɛtwa wɔn afiri n’ahoɔden a ɛwɔ animuonyam no ho.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nsɛm a honhom bi aka.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Honhom.”

Anaa “Mommma obiara nnnaadaa mo.”

Anaa “ahoɔdenneɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “mo akoma.”

Anaa “ɔnhyɛ mo den.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “akwankyerɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔte.”

Anaa “yɛanni obiara aduane a yɛantua ka.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane