Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 1 Timoteo 1:1-6:21
  • 1 Timoteo

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Timoteo
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Timoteo

DEƐ ƐDI KAN A ƆDE KƆMAA TIMOTEO

1 Me Paul a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidasoɔ no ayi me sɛ Kristo Yesu somafoɔ no,+ 2 mede krataa yi rekɔma Timoteo*+ a ɔyɛ me ba paa+ wɔ gyidie no mu no:

Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom ne mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka wo.

3 Berɛ a merebɛkɔ Makedonia no, mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso. Saa ara na seesei nso meresrɛ wo sɛ tena hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛma ebinom ate wɔn ho ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ, 4 na ɛnsɛ sɛ wɔtie atosɛm+ ne abusua santen ho nsɛm. Saa nneɛma no, mfasoɔ biara nni so.+ Deɛ ɛde ba ara ne akekakeka; ɛmma yɛnnya biribiara a ɛhyɛ gyidie den mfiri Onyankopɔn hɔ. 5 Deɛ ɛwom ne sɛ, akwankyerɛ* a mede ama yi, adwene a ɛwɔ akyire ara ne sɛ yɛbɛfiri akoma a emu teɛ, ne ahonim* pa, ne gyidie+ a nyaatwom nnim mu ada ɔdɔ adi.+ 6 Ebinom amane afiri weinom ho, enti nsɛnhunu+ na wɔkeka. 7 Wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ+ mmara, nanso nsɛm a wɔka no, wɔnte aseɛ, na deɛ wɔgye gyina mu dendeenden no nso, wɔnte aseɛ.

8 Yɛnim sɛ, sɛ obi de Mmara no yɛ adwuma yie* a, ɛnneɛ na Mmara no yɛ papa. 9 Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, ɛnyɛ ateneneefoɔ nti na wɔhyɛ mmara, na mmom wɔhyɛ mmara ma mmaratofoɔ+ ne atuatefoɔ, amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔdi afoforɔ hwammɔ* ne wɔn a wɔmfa nneɛma kronkron nyɛ hwee, wɔn a wɔkum wɔn papanom ne wɔn a wɔkum wɔn maamenom, awudifoɔ, 10 adwamammɔfoɔ,* mmarima a wɔne mmarima da, wɔn a wɔkye nkurɔfoɔ sie, atorofoɔ, wɔn a wɔka ntam hunu,* ne biribi foforɔ biara a ɛtia nkyerɛkyerɛ pa*+ no. 11 Animuonyam asɛmpa a ɛfiri anigyeɛ Nyankopɔn no nkyɛn a wɔde ahyɛ me nsa+ no, ɛno na saa nkyerɛkyerɛ pa no gyina so.

12 Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, ɛfiri sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de ɔsom adwuma bi ahyɛ me nsa.+ 13 Ɛwom, berɛ bi a atwam no mekekaa abususɛm, metan nkurɔfoɔ ani, na meyɛɛ aniammɔnho.+ Nanso wɔhuu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na mennim deɛ mereyɛ, na gyidie a na menni nti na meyɛɛ saa. 14 Nanso yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so, na na gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu nso ka ho. 15 Saa asɛm yi yɛ nokorɛ, na ɛsɛ sɛ yɛgye tom paa. Ɛne sɛ: Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebɛgye abɔnefoɔ nkwa.+ Na mene ɔbɔnefoɔ a ɔsene abɔnefoɔ nyinaa.+ 16 Nanso, wɔhuu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me a mesene abɔnefoɔ nyinaa no, Kristo Yesu bɛfa me so ayi n’aboterɛ nyinaa adi, na ɔde me ayɛ nhwɛsoɔ ama wɔn a wɔbɛgye no adi na wɔanya daa nkwa+ no.

17 Afei, mmeresanten Hene,+ deɛ ɔmporɔ,+ deɛ wɔnhu no,+ Onyankopɔn koro pɛ no,+ ɔno na anidie ne animuonyam nka no daa daa. Amen.

18 Me ba Timoteo, mede akwankyerɛ* yi rema wo, sɛdeɛ wo ho nkɔm a wɔhyɛeɛ no kyerɛ no, na nkɔmhyɛ no aboa wo ama woakɔ so ako ɛko pa no.+ 19 Berɛ a woreko ɛko pa no, kura gyidie ne ahonim pa+ mu. Ɛno na ebinom apia ato nkyɛn ama wɔn gyidie asɛe te sɛ po so hyɛn a abɔ. 20 Wɔn mu bi ne Himeneo+ ne Aleksandro, na mede wɔn ama Satan+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ntenesoɔ bɛma wɔasua sɛ wɔrenkeka abususɛm.

2 Enti deɛ ɛdi kan koraa no, m’afotuo ne sɛ momfa nkotosrɛ, mpaebɔ, srɛ a wɔsrɛ ma afoforɔ, ne aseda nni mma nnipa ahodoɔ nyinaa, 2 ahemfo ne wɔn a wɔwɔ diberɛ a ɛkorɔn* nyinaa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de onyamesom pa ne anidahɔ a ɛdi mu abɔ yɛn bra wɔ asomdwoeɛ ne kommyɛ mu.+ 3 Ɛno na ɛyɛ na ɛfata wɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn+ anim; 4 ɔno na ɔpɛ sɛ ɔgye nnipa ahodoɔ nyinaa+ na wɔnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu. 5 Na Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ,+ ne afei Onyankopɔn ne nnipa+ ntamgyinafoɔ baako.+ Ɔno ne onipa Kristo Yesu.+ 6 Ɔno na ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ a ɛfata maa obiara*+ no. Wei na wɔbɛdi ho adanseɛ wɔ ɛno ara ne berɛ mu. 7 Adanseɛ yi nti+ na wɔyii me sɛ ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ,+ ne obi a ɔkyerɛkyerɛ gyidie ne nokorɛ no kyerɛ amanaman no.+ Nokorɛ na mereka, ɛnyɛ atorɔ na meredi.

8 Enti mepɛ sɛ mmarima na wɔbɔ mpaeɛ daa* wɔ baabiara, na wɔma nsa a ɛho teɛ so+ a abufuo+ ne akyinnyegyeɛ nni mu.+ 9 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmaa hyɛ ntaadeɛ a ɛfata, na wɔde ahobrɛaseɛ ne adwene a emu da hɔ siesie wɔn ho. Ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn ti kuntann,* na wɔde sika kɔkɔɔ anaa nhwene pa anaa ntaadeɛ a ne bo yɛ den paa asiesie wɔn ho,+ 10 na mmom deɛ ɛhia ne sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa a ɛfata mmaa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.+

11 Ɔbaa nyɛ komm, na ɔmfiri ahobrɛaseɛ nyinaa mu nsua adeɛ.+ 12 Memma ɔbaa kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so tumi, na mmom ɔnyɛ komm.*+ 13 Ɛfiri sɛ wɔdii kan bɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.+ 14 Afei nso, wɔannaadaa Adam, na mmom ɔbaa no na wɔdaadaa no koraa+ maa no too mmara. 15 Nanso sɛ ɔkɔ so* tena gyidie ne ɔdɔ ne kronkronyɛ mu, na ɔma n’adwene mu da hɔ+ a, ɔnam abawoɔ so+ bɛnya ahobammɔ.

3 Asɛm yi yɛ nokorɛ: Sɛ ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛfoɔ+ a, na ɔrepɛ adwuma pa. 2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ obi a ne ho nni asɛm, ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu a ɔwɔ yere baako, ɔnyɛ nneɛma ntra so,* n’adwene mu da hɔ,*+ ɔyɛ n’adeɛ pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔtumi kyerɛkyerɛ,+ 3 ɔnyɛ kɔwensani,+ ɔmpɛ ntɔkwa,* na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔnyɛ obi a ɔne nkurɔfoɔ ham,+ ɔnyɛ sikaniberɛ,+ 4 ɔyɛ ɔbarima a ɔdi* ɔno ankasa fiefoɔ so yie, ne mma ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no+ 5 (na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔbɛdi* ɔno ankasa fiefoɔ so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?), 6 ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidie no mu foforɔ,*+ ɛfiri sɛ anhwɛ a ɔbɛyɛ ahomasoɔ na wahwe atemmuo a wɔde ama Ɔbonsam no mu. 7 Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnni asafo no mu di ne ho adanse pa,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’anim rengu ase na ɔntɔ Ɔbonsam fidie mu.

8 Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, sɛ wɔka asɛm a, ɛnsɛ sɛ wɔdane wɔn ano,* ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã boro so, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adufudepɛ hwehwɛ mfaso bɔne,+ 9 na ɛsɛ sɛ wɔde ahonim* a emu teɛ kura gyidie no ho ahintasɛm kronkron no mu.+

10 Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔdi kan sɔ weinom hwɛ sɛ wɔfata, na sɛ asɛm biara nni wɔn ho+ a, wɔama wɔasom sɛ asomfoɔ.

11 Mmaa nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, wɔnnsɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔnnyɛ nneɛma nntra so;* ɛsɛ sɛ wɔdi nokorɛ wɔ biribiara mu.+

12 Asafo mu somfoɔ nyɛ okunu a ne yere yɛ baako, obi a ɔdi ne mma ne ɔno ankasa fiefoɔ so yie. 13 Na mmarima a wɔsom yie no nya din pa,* na wɔtumi de ahotɔsoɔ kɛseɛ kasa wɔ gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.

14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn nnansa yi ara, nanso meretwerɛ weinom abrɛ wo, 15 na sɛ ɛba sɛ mekyɛ a, woahunu kwan a ɛsɛ sɛ wofa so bɔ wo bra wɔ Onyankopɔn fie,+ kyerɛ sɛ, Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛne nokorɛ no dum ne ne nnyinasoɔ no. 16 Nokorɛm no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron yi sõ: ‘Wɔyii no adi ɔhonam mu,+ wɔbuu no bem honhom mu,+ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfoɔ,+ wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,+ wɔgyee no dii wɔ wiase,+ wɔgyee no kɔɔ ɔsoro wɔ animuonyam mu.’

4 Nanso asɛm a ɛfiri honhom mu no* ka no pefee sɛ, mmerɛ bi bɛba a ebinom bɛtwe wɔn ho afiri gyidie no ho akɔdi nnaadaasɛm a ɛfiri honhom mu*+ ne ahonhommɔne* nkyerɛkyerɛ akyi. 2 Deɛ ɛbɛma aba saa ne sɛ wɔbɛtie nyaatwomfoɔ a wɔka atosɛm.+ Wɔn na wɔn ahonim* awuo; ɛte sɛ ɛtwã a dadeɛ ahye obi ama abɛda ne ho. 3 Wɔbara awareɛ,+ na nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie+ na wɔahunu nokorɛ no yie mfa aseda nni no,+ wɔka kyerɛ nkurɔfoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi.+ 4 Nanso deɛ ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ,+ na sɛ obi da ase wɔ ho a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara,+ 5 ɛfiri sɛ Onyankopɔn asɛm ne mpaeɛ a wɔbɔ gu so no ma ɛho te.

6 Sɛ wode afotusɛm yi ma anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfoɔ pa, obi a wɔde nsɛm a ɛgyina gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete no;* ɛno na woadi akyire pɛpɛɛpɛ no.+ 7 Atosɛm a ɛtia nneɛma kronkron, te sɛ deɛ mmerewa ka no, bɔ gu.+ Mmom, fa onyamesom pa si w’ani so na fa tete wo ho. 8 Ɛfiri sɛ apɔmutenetene so wɔ mfasoɔ kakra deɛ, nanso onyamesom pa so wɔ mfasoɔ adeɛ nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛboa yɛn wɔ asetena mu nnɛ, na ɛbɛboa yɛn wɔ nkwa a ɛbɛba daakye no+ nso mu. 9 Saa asɛm no yɛ nokorɛ, na ɛsɛ sɛ yɛgye tom paa. 10 Wei nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho+ no, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ no so. Ɔno na ɔyɛ nnipa ahodoɔ nyinaa+ Agyenkwa,+ ne titire no, anokwafoɔ.

11 Kɔ so fa ahyɛdeɛ ahodoɔ yi ma na fa kyerɛkyerɛ. 12 Mma obiara mmmu aberanteɛ a woyɛ no animtia* da. Mmom no, yɛ nhwɛsoɔ ma anokwafoɔ no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidie, ne ahoteɛ mu. 13 Ma w’ani nku badwam akenkan,+ afotuo,* ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba. 14 Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɛwɔ wo mu no so, deɛ wɔnam nkɔmhyɛ so maa wonyaeɛ, berɛ a mpanimfoɔ kuo no de wɔn nsa guu wo so no.+ 15 Dwendwene weinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔsoɔ. 16 Hwɛ wo ho so yie berɛ nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ+ ho daa. Yere wo ho yɛ weinom, na sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.+

5 Nkasa nkyerɛ ɔpanin yayaaya.*+ Mmom no, wo ne no nkasa sɛ agya, wo ne mmeranteɛ nkasa sɛ nua mmarima, 2 wo ne mmaa mpanimfoɔ nkasa sɛ maamenom, wo ne mmabaawa nkasa sɛ nua mmaa wɔ ahoteɛ nyinaa mu.

3 Akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ paa* no, wɔn na hwɛ wɔn.*+ 4 Nanso sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, ɛnneɛ ne mma ne ne mmanana no nsua sɛ wɔbɛdi kan ahwɛ wɔn ankasa fiefoɔ sɛdeɛ onyamesom pa hwehwɛ.+ Na wɔmfa* deɛ ɛfata wɔn awofoɔ ne wɔn nananom mma wɔn,+ ɛfiri sɛ wei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 5 Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ paa, a ahia no buruburoo no, ɔde n’ani ato Onyankopɔn so,+ na daa ɔde nkotosrɛ ne mpaebɔ kɔ n’anim awia ne anadwo.+ 6 Na okunafoɔ a ɔdi honam akɔnnɔ akyi deɛ, ɔte ase, nanso wawu.* 7 Enti kɔ so fa akwankyerɛ* ahodoɔ yi ma, na obi annya wɔn ho asɛm anka. 8 Nokwasɛm nie, sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nkurɔfoɔ, ne ne titire no, ne fiefoɔ a, wapo gyidie no, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie mpo.+

9 Sɛ wɔde okunafoɔ bi din bɛba abɛka ho a, gye sɛ wadi mfe 60 rekɔ, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a na ne kunu yɛ baako, 10 deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ deɛ ɔtetee mma,+ deɛ ɔgyee ahɔhoɔ,+ deɛ ɔhohoroo akronkronfoɔ nan ho,+ deɛ ɔboaa wɔn a wɔwɔ amanehunu mu,+ deɛ ɔfiri n’akoma nyinaa mu yɛɛ adwuma pa biara bi.

11 Nanso mfa akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ din nka ho, ɛfiri sɛ sɛ nna ho akɔnnɔ a ɛwɔ wɔn mu no yi wɔn adwene firi Kristo so a, ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔware. 12 Na wɔbɛnya atemmuo ɛfiri sɛ wɔapo gyidie a na wɔwɔ kane no.* 13 Berɛ korɔ no ara nso, wɔba bɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔmpɛ adwuma,* na wɔkyinkyini nkurɔfoɔ afie mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ adwuma nko na wɔmpɛ, na mmom wɔdi nsekuro de wɔn ho gyegye nkurɔfoɔ nsɛm mu+ nso, na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware,+ na wɔwo mma,+ na wɔhwɛ fie, na wɔamma ɔtamfo no annya yɛn ho asɛm anka. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, akunafoɔ binom amane akɔdi Satan akyi dada. 16 Sɛ ɔbaa gyidini bi wɔ abusuafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ a, ma no mmoa wɔn, na ammɛyɛ adesoa antɔ asafo no so. Ɛno bɛma asafo no atumi aboa wɔn a wɔyɛ akunafoɔ paa* no.+

17 Wɔmfa anidie mmɔho+ mma mpanimfoɔ a wɔdi nneɛma anim yie+ no, ne titire no, wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ kasa ne nkyerɛkyerɛ mu+ no. 18 Na twerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ nantwie reporo hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano,”+ na ɛsan ka sɛ, “Odwumayɛni akatua sɛ no.”+ 19 Sɛ wɔbɔ ɔpanin* bi soboɔ a, nnye ntom, gye sɛ ɛgyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.+ 20 Wɔn a wɔte bɔne mu no,+ kasa kyerɛ wɔn aniberɛ so+ wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn a aka no.* 21 Mehyɛ wo dendeenden wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim sɛ, di akwankyerɛ ahodoɔ yi so a wonyɛ nyiyim ne animhwɛ.+

22 Mpere wo ho mfa wo nsa ngu obiara so da;*+ mma ebinom bɔne nso mmmɛka wo; kɔ so bɔ ɔbra kronkron.

23 Nnom nsuo bio,* na mmom wo yafunu ne yareɛ a wotaa yare nti, nom bobesa kakra.

24 Nnipa bi bɔne da adi ma obiara hu, na ɛkɔwie atemmuo mu, na ebinom nso bɔne da adi akyire yi.+ 25 Saa ara na nnwuma pa nso da adi ma obiara hu,+ na deɛ ɛnna adi mpo no, ɛso rentumi nkata daa.+

6 Wɔn a wɔhyɛ nkoasom kɔndua ase no, ma wɔnkɔ so mmu wɔn wuranom sɛ wɔfata anidie a ɛdi mũ,+ na amma nkurɔfoɔ ankeka Onyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho nsɛmmɔne da.+ 2 Bio nso, wɔn a wɔwɔ awuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no, ɛnsɛ sɛ wɔka sɛ wɔn wuranom yɛ anuanom nti wɔremmu wɔn. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn yam som wɔn, ɛfiri sɛ wɔn a wɔnya wɔn adwuma pa so mfasoɔ no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ.

Kɔ so fa saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ, na fa afotuo yi ma. 3 Sɛ obi kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ, na wannye akwankyerɛ pa*+ a ɛfiri yɛn Awurade Yesu Kristo hɔ no antom, anaa wannye nkyerɛkyerɛ a ɛne onyamesom pa hyia+ no antom a, 4 ɔyɛ ahomasoɔ, na ɔnte hwee ase.+ Akyinnyegyeɛ ne nsɛm ho mansotwe agye n’adwene.*+ Deɛ saa nneɛma no de ba ne aniberɛ, twe-ma-mentwe, dinsɛeɛ,* nnipa ho adwemmɔne, 5 nneɛma a ɛho nhia a nnipa a wɔn adwene asɛe+ na wɔnte nokorɛ no ase bio twe ho manso daa. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ onyamesom pa yɛ adeɛ a wɔde pɛ mfasoɔ.+ 6 Deɛ ɛwom ne sɛ, sɛ obi de onyamesom pa+ bɔ ne bra na ɔma deɛ ɔwɔ sɔ n’ani a, mfasoɔ wɔ so paa. 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+ 8 Enti sɛ yɛwɔ deɛ yɛbɛdi ne deɛ yɛbɛhyɛ* a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.*+

9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafoɔ no deɛ, wɔtɔ sɔhwɛ ne fidie+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a ɛpira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.+ 10 Ɛfiri sɛ nneɛma bɔne nyinaa nhini baako ne sikaniberɛ, na ebinom adi akyire ama wɔayera afiri gyidie no ho, na wɔde yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+

11 Nanso wo Onyankopɔn nipa deɛ, dwane firi weinom ho. Mmom no, yere wo ho yɛ adetenenee, na yere wo ho di onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, animia, ne ɔdwoɔ+ akyi. 12 Ko gyidie ko pa no, na daa nkwa a ɛno nti wɔfrɛɛ wo na wokaa ho asɛm yie wɔ badwam wɔ adansefoɔ pii anim no, sɔ mu dendeenden.

13 Megyina Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa, ne Kristo Yesu, ɔdanseni a ɔgyinaa Pontio Pilato anim dii no adanseɛ kama wɔ badwam+ no anim ka kyerɛ wo sɛ, 14 di ahyɛdeɛ no so, na mma nkekaeɛ ne asɛm biara mmma wo ho* kɔsi sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi.+ 15 Na sɛ berɛ a wɔahyɛ no so a, Ɔberempɔn koro pɛ a ɔwɔ anigyeɛ no bɛda ne ho adi. Ɔno ne ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,+ 16 ɔno nko ara na ɔntumi nwu da,+ deɛ ɔte hann a wɔntumi mmɛn ho mu,+ a onipa biara nhuu no da, na obiara rentumi nhu no+ no. Ɔno na anidie ne daa tumi yɛ ne dea. Amen.

17 Ka kyerɛ* wɔn a wɔyɛ asikafoɔ wɔ wiase yi* mu sɛ, wɔnnyɛ ahomasoɔ,* na wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnkyɛ*+ so. Mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn so, deɛ ɔma yɛn nneɛma a yɛhia nyinaa ma ɛboro so+ no. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa mu, wɔmmue wɔn nsam,* wɔnkyɛ adeɛ,+ 19 na wɔmfa nto fapem pa nsie yie mma daakye,+ na ama wɔatumi asɔ nkwa ankasa no mu dendeenden.+

20 Timoteo, deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban,+ na nsɛnhunu a ɛtia deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ wɔfrɛ no “nimdeɛ” nanso ɛne nokorɛ nhyia no, twe wo ho firi ho.+ 21 Ebinom de saa nimdeɛ no hoahoaa wɔn ho, na wɔamane afiri gyidie no ho.

Adom nka mo.

Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔhyɛ Onyankopɔn Animuonyam.”

Anaa “ahyɛdeɛ.”

Anaa “tiboa.”

Nt., “sɛdeɛ mmara hwehwɛ.”

Anaa “wɔn a wɔnni ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

Anaa “wɔn a wɔka ntam a, wɔnni so.”

Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfasoɔ wɔ so.”

Anaa “ahyɛdeɛ.”

Anaa “wɔn a wɔdi tumi.”

Anaa “nnipa ahodoɔ nyinaa.”

Anaa “na wɔkura mpaebɔ mu.”

Anaa “kyenkyenenn.”

Anaa “ɔnyɛ dinn; ɔnka n’ano ntom.”

Nt., “wɔkɔ so.”

Anaa “ɔkari pɛ wɔ ne nneyɛɛ mu.”

Anaa “ɔbu atɛn pa; ɔnim nyansa.”

Anaa “ɔnto twɛdeɛ.”

Anaa “ɔhwɛ.”

Anaa “ɔbɛhwɛ.”

Anaa “ɛnsɛ sɛ ɔyɛ abɛɛfo.”

Anaa “bɔ no din pa.”

Anaa “ɛnsɛ sɛ nnaadaa ba wɔn kasa mu; ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ano nta.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “wɔnkari pɛ wɔ wɔn nneyɛɛ mu.”

Anaa “gyinabea pa.”

Nt., “honhom no.”

Nt., “nnaadaa ahonhom.”

Anaa “adaemone.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “ayɛn no.”

Anaa “abomfiaa.”

Anaa “nkuranhyɛ.”

Anaa “Ntwi ɔpanin anim.”

Anaa “Akunafoɔ a biribiara kyerɛ sɛ wɔhia mmoa”; kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnni boafoɔ biara.

Nt., “di wɔn ni.”

Anaa “wɔntua.”

Anaa “ɔyɛ teaseawuo.”

Anaa “ahyɛdeɛ.”

Anaa “wɔanni ɛbɔ a wɔhyɛɛ kane no so.”

Anaa “wɔbɛyɛ anihafoɔ.”

Anaa “akunafoɔ a biribiara kyerɛ sɛ wɔhia mmoa”; kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnni boafoɔ biara.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “asafo mu panin.”

Nt., “na ama wɔn a aka no asuro.”

Kyerɛ sɛ, mpepere wo ho nyi obiara da.

Anaa “Nnom nsuo nko ara bio.”

Anaa “akwankyerɛ a mfasoɔ wɔ so.”

Anaa “Akyinnyegyeɛ ne nsɛm ho mansotwe adidi ne mu.”

Anaa “kasatia.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a yɛde yɛn ti bɛto.” Nt., “deɛ yɛde bɛkata yɛn ho.”

Anaa “momma ɛno ara nsɔ yɛn ani.”

Anaa “mma nkekaeɛ ne asɛm biara mmma ho.”

Anaa “Hyɛ.”

Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔnnnwene akɛsesɛm.”

Anaa “ɛnni gyina.”

Anaa “wɔnyɛ adɔeɛ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane