Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 2 Timoteo 1:1-4:22
  • 2 Timoteo

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Timoteo
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Timoteo

DEƐ ƐTƆ SO MMIENU A ƆDE KƆMAA TIMOTEO

1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ sɛdeɛ nkwa a ɛnam Kristo Yesu so ho bɔhyɛ+ teɛ no, 2 mede krataa yi rekɔma me dɔba Timoteo:+

Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom ne mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka wo.

3 Meda Onyankopɔn ase. Ɔno na meresom no, sɛdeɛ m’agyanom som no no. Na mede ahonim* pa na ɛresom no. Daa mekae wo wɔ me nkotosrɛ mu awia ne anadwo. 4 Mekae wo nisuo no a, na m’ani agyina sɛ mɛhu wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anigyeɛ bɛhyɛ me ma. 5 Na mekae wo gyidie a nyaatwom nnim+ a ɛdii kan tenaa wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no. Mewɔ ahotɔsoɔ sɛ saa gyidie no da so wɔ wo mu.

6 Wei nti, merekae wo sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a mede me nsa guu wo so maa wonyaeɛ no, hyɛ mu gya.+ 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom,+ na mmom ɔmaa yɛn tumi+ ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedie+ no ho, na me a Awurade nti meyɛ deduani no nso, mma w’ani nnwu me ho. Mmom, fa wo ho to Onyankopɔn tumi so,+ na nsuro sɛ asɛmpa no nti wobɛhunu amane.+ 9 Wagye yɛn, na wafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ akronkronfoɔ,*+ ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ɔno ankasa atirimpɔ ne n’adom+ ntira. Wɔde saa adom yi maa yɛn wɔ Kristo Yesu mu firi teteete, 10 na afei deɛ wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ada no adi pefee.+ Ɔno na ɔnam asɛmpa no+ so ayi owuo afiri hɔ,+ na ɔnam asɛmpa no ara so ama yɛahunu sɛdeɛ yɛbɛnya nkwa+ ne deɛ ɛmporɔ+ no. 11 Saa asɛmpa no nti na wɔyii me sɛ ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no.+

12 Wei nso nti na merehunu amane yi,+ nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Ɛfiri sɛ menim Onii a magye no adi no, na mewɔ ahotɔsoɔ sɛ deɛ mede ahyɛ ne nsa no, ɔbɛtumi ahwɛ so akɔsi sɛ saa da no bɛba.+ 13 Nsɛmpa* ho nhwɛsoɔ*+ a wote firii me nkyɛn no, kɔ so fa gyidie ne ɔdɔ a Kristo Yesu ayɔnkofa ama woanya no kura mu. 14 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi, fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu+ no hwɛ so yie.

15 Wonim sɛ nnipa a ɛwɔ Asia+ no nyinaa atwe wɔn ho afiri me ho; Figelo ne Hermogene ka saa nkurɔfoɔ no ho. 16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me mprɛ pii, na nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu me no amma no amfɛre. 17 Mmom berɛ a ɔbaa Roma no, ɔhwehwɛɛ me dendeenden, na ɔhuu me. 18 Awurade mma no nnya Yehowa* hɔ mmɔborɔhunu saa da* no. Na wo ara wonim deɛ ɔyɛ maa me* wɔ Efeso no nyinaa.

2 Enti, me ba,+ ma adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nkɔ so nhyɛ wo den; 2 na deɛ wote firii me hɔ a nnipa pii dii ho adanseɛ no,+ ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ nsa. Ɛbɛma wɔn nso afata yie sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ ebinom. 3 Nsuro sɛ wobɛhunu amane+ sɛ Kristo Yesu sraani pa.+ 4 Ɔsraani biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔsɔ deɛ ɔfaa no sraadie mu no ani a ɔde ne ho bɛhyɛ adwadie mu.* 5 Na agodie mu mpo, sɛ obi si akan a, wɔmfa abotire no mma no, gye sɛ wasi akan no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.+ 6 Okuafoɔ a wayɛ adwumaden no, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔdi kan di aba no bi. 7 Deɛ mereka yi, kɔ so dwene ho; Awurade bɛma woate nneɛma nyinaa ase.*

8 Kae sɛ, wɔnyanee Yesu Kristo firii awufoɔ mu,+ na na ɔyɛ Dawid aseni,*+ sɛdeɛ asɛmpa a meka no teɛ no.+ 9 Asɛmpa no nti na merehunu amane a wɔde me ato afiase sɛ obi a madi bɔne+ yi. Nanso Onyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyekyeree.+ 10 Wei nti, mekɔ so de animia gyina biribiara mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti.+ Meyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ a ɛnam Kristo Yesu so no, na wɔanya daa animuonyam nso. 11 Asɛm yi yɛ nokorɛ: Sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛne no wuiɛ a, ɛnneɛ yɛne no bɛtena nkwa mu nso;+ 12 sɛ yɛkɔ so de animia gyina mu a, yɛne no bɛdi hene nso;+ na sɛ yɛka sɛ yɛnnim no a, ɔno nso bɛka sɛ ɔnnim yɛn;+ 13 sɛ yɛanni nokorɛ a, ɔno deɛ, ɔyɛ nokwafoɔ, ɛfiri sɛ ɔrentumi nyɛ biribiara a ɛne ne suban nhyia.

14 Kɔ so kae wɔn weinom, na kyerɛkyerɛ wɔn* wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔko nsɛmfua ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ biribi a mfasoɔ nni so koraa, na ɛsɛe wɔn a wɔtie no adwene. 15 Yɛ deɛ wobɛtumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a wɔgye no tom, odwumayɛni a ɔmfɛre n’adwuma ho,* na ɔkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.+ 16 Nanso nsɛnhunu a ɛtia deɛ ɛyɛ kronkron+ no, twe wo ho firi ho, ɛfiri sɛ nsɛm a ɛte saa no* kɔwie bɔne ahodoɔ pii mu, 17 na wɔn nsɛm bɛtrɛ te sɛ yare bɔne. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto.+ 18 Saa mmarima yi amane afiri nokorɛ no ho, na wɔka sɛ owusɔreɛ no aba dada,+ na wɔresɛe ebinom gyidie. 19 Nanso, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara tim hɔ, na ahyɛnsodeɛ yi wɔ ho, “Yehowa* nim wɔn a wɔyɛ ne dea,”+ afei nso, “Obiara a ɔbɔ Yehowa* din+ no, ma ɔntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.”

20 Efie kɛseɛ mu no, ɛnyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ anwenneɛ nko ara na ɛwom, na mmom nnua ne dɔteɛ anwenneɛ nso wom bi. Wɔde bi yɛ nneɛma a ɛwɔ animuonyam, na wɔde bi nso yɛ nneɛma a ɛnni animuonyam. 21 Enti sɛ obi twe ne ho firi deɛ ɛnni animuonyam no ho a, ɔbɛyɛ adeɛ* a wɔde yɛ nneɛma a ɛwɔ animuonyam, adeɛ a wɔate ho a ɛso wɔ mfasoɔ ma ne wura, a wɔasiesie ama adwuma pa biara. 22 Enti dwane firi mmabunberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ akyi, wo ne wɔn a wɔde akoma a emu teɛ frɛ Awurade no.

23 Bio nso, twe wo ho firi nkwasea akyinnyegyeɛ+ a mfasoɔ biara nni so no ho, ɛfiri sɛ wonim sɛ ɛde ntɔkwa ba. 24 Na ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ,*+ ɔtumi kyerɛkyerɛ, ɔtumi hyɛ ne ho so berɛ a obi ayɛ no bɔne,+ 25 ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔte atua.+ Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra, na wɔanya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu.+ 26 Ɛbɛma wɔn ani aba wɔn ho so, na wɔahunu sɛ Ɔbonsam akye wɔn* de wɔn reyɛ deɛ ɔpɛ,+ na wɔagye wɔn ho afiri ne fidie mu.

3 Na hunu wei sɛ awieeɛ mmerɛ no+ mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. 2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkomenya,* wɔbɛyɛ sikaniberɛ, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofoɔ asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wɔbɛdi nkurɔfoɔ hwammɔ,* 3 wɔrennya tema, nkurɔfoɔ rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfoɔ din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wɔbɛdi atirimuɔdensɛm,* wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, 4 wɔbɛyi nkurɔfoɔ ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomasoɔ, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigyeɛ mmom na wɔbɛpɛ; 5 wohu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ;*+ saa nnipa yi, twe wo ho firi wɔn ho. 6 Na wɔn mu binom bɛwiawia wɔn ho akɔ afie mu, na mmaa a wɔyɛ mmerɛ a bɔne ahyɛ wɔn so na akɔnnɔ ahodoɔ twetwe wɔn no, wɔbɛfa wɔn de wɔn ayɛ nkoa. 7 Wɔsua adeɛ daa, nanso wɔntumi nnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu no da.

8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambre ko tiaa Mose no, saa ara na saa nkurɔfoɔ no nso ko tia nokorɛ no. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa, na Onyankopɔn nnye wɔn ntom wɔ gyidie no mu. 9 Na wɔrentumi nkɔ wɔn anim bio, ɛfiri sɛ wɔn nkwaseasɛm bɛda adi pefee wɔ nnipa nyinaa anim, te sɛ deɛ ɛtoo saa mmarima mmienu no.+ 10 Nanso wo deɛ, deɛ woadi akyire pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’abrabɔ,+ deɛ ɛsi m’ani so, me gyidie, m’aboterɛ, me dɔ, ne m’animia. 11 Bio nso, tan a nkurɔfoɔ tan m’ani ne m’amanehunu, te sɛ deɛ ɛkɔɔ so wɔ Antiokia,+ Ikoniom,+ ne Listra+ no, wonim ne nyinaa. Mede animia gyinaa saa ateetee no ano, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.+ 12 Deɛ ɛwom ne sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ bɛtan wɔn ani.+ 13 Nanso nnipabɔnefoɔ ne nnaadaafoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ na nkurɔfoɔ nso adaadaa wɔn.+

14 Na wo deɛ, deɛ woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokorɛ no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ ɛfiri sɛ wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, 15 na wo mmɔfraase+ na wosuaa ntwerɛeɛ kronkron no,+ na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie so akɔ nkwagyeɛ mu.+ 16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ kasakyerɛ, nneɛma atenetene, na ɛtene yɛn so ma yɛyɛ deɛ ɛtene,+ 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛfata paa a wɔasiesie no yie ama adwuma pa biara.

4 Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ+ atɛn+ berɛ a wɔada no adi,+ ne berɛ a waba n’Ahennie mu+ no, megyina ɔno ne Onyankopɔn anim hyɛ wo dendeenden sɛ: 2 Ka asɛm no;+ yere wo ho ka, na ntwentwɛn so, ka no berɛ a ɛyɛ ne berɛ a ɛnyɛ mu, ka anim,+ fa ntenesoɔ ma, tu fo; fa aboterɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛtu mpɔn yɛ ne nyinaa.+ 3 Ɛfiri sɛ berɛ bi bɛba a wɔbɛpo nkyerɛkyerɛ pa*+ no, na wɔbɛdi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔapɛ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ.*+ 4 Wɔrentie nokorɛ no bio, mmom wɔbɛkɔ akɔtie atosɛm. 5 Nanso wo deɛ, ma w’ani nna hɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani gyina amanehunu mu,+ yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma,* yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.*+

6 Na seesei mpo, wɔrehwie me te sɛ nsã afɔreɛ,+ na ɛrenkyɛ na manya me ho atete.+ 7 Mako ɛko pa no,+ matu mmirika no awie,+ makura gyidie no mu. 8 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, deɛ ɛda hɔ retwɛn me ne tenenee abotire+ a Awurade, ɔtemmufoɔ teneneeni+ no, de bɛma me sɛ akatua saa da no,+ na ɛnyɛ me nko na mɛnya, na mmom wɔn a wɔrehwɛ kwan dendeenden sɛ wɔbɛda no adi no nyinaa nso.

9 Bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn ntɛm. 10 Ɛfiri sɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi* ho dɔ nti, Dema+ agya me hɔ kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, na Tito kɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔwɔ me nkyɛn. Fa Marko ka wo ho bra, ɛfiri sɛ ɔboa me wɔ ɔsom adwuma no mu. 12 Tikiko+ deɛ, masoma no kɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa m’ataadeɛ a mede ko awɔ no brɛ me, deɛ mede gyaa Karpo wɔ Troa no, na fa nwoma mmobɔeɛ no nso ka ho, ne titire no aboa nwoma deɛ no.

14 Aleksandro a ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ no yɛɛ me bɔne pii. Yehowa* bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+ 15 Wo nso, ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ ɔkasa tiaa yɛn asɛm no dendeenden.

16 Berɛ a ɛdi kan a wɔmaa meyii m’ano no, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa twee wɔn ho firii me ho. Mempɛ sɛ wɔde ɛho asodie bɛto wɔn so. 17 Nanso Awurade bɛgyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate;+ na wɔgyee me firii gyata anom.+ 18 Awurade bɛgye me afiri adebɔne biara mu, na ɔbɛgye me nkwa akɔ ne soro Ahennie no mu.+ Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.

19 Kyea Priska ne Akwila+ ne Onesiforo fiefoɔ+ ma me.

20 Erasto+ kaa Korinto, na Trofimo+ deɛ, ɛsiane sɛ ɔyare nti, megyaa no wɔ Mileto. 21 Yɛ deɛ wobɛtumi biara bra ansa na awɔ berɛ aduru.

Eubulo se ɔkyea wo, ɔne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa.

22 Suban pa a woda no adi nti, Awurade nka wo ho. N’adom nka mo.

Anaa “tiboa.”

Anaa “ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn.”

Anaa “Nsɛm a mfasoɔ wɔ so.”

Anaa “nhwɛsodeɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “atemmu da.”

Anaa “ɔsom a ɔsomeeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho bɛhyehyɛ efie nsɛm mu.”

Anaa “bɛma wɔanya nneɛma nyinaa mu nhunumu.”

Nt., “ɔyɛ Dawid aba.”

Nt., “di ho adanseɛ frenkyemm kyerɛ wɔn.”

Anaa “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn a wɔka saa nsɛnhunu no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “anwenneɛ.”

Anaa “ɛsɛ sɛ ɔto ne bo ase ma nnipa nyinaa.”

Anaa “akye wɔn animono.”

Anaa “ahopɛ.”

Anaa “Onyankopɔn hwammɔ.”

Anaa “wɔn ani so bɛyɛ krakra.”

Anaa “nanso wɔmfa tumi a ɛwɔ onyamesom mu no mmɔ wɔn bra.”

Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfasoɔ wɔ so.”

Anaa “wɔbɛnunu wɔn asom.”

Anaa “kɔ so ka asɛmpa no.”

Anaa “yɛ wo som adwuma no afã nyinaa.”

Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane