ƆDE KƆMAA HEBRIFOƆ
1 Tete no, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kasa kyerɛɛ yɛn agyanom. Ɔfaa akwan hodoɔ so kasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii.+ 2 Awieeɛ mmerɛ yi mu deɛ, ɔnam Ɔba no+ so na akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayi no sɛ ɔnni adeɛ wɔ nneɛma nyinaa so,+ na ɔnam ne so na ɛyɛɛ wiase.*+ 3 Ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam nsɛsoɔ,+ na ɔda ne nipaban adi pɛpɛɛpɛ,+ na ɔnam n’asɛm a tumi wom no so ma nneɛma nyinaa kɔ so tena hɔ. Berɛ a ɔdwiraa yɛn ho firii yɛn bɔne ho+ wieeɛ no, ɔkɔtenaa Otumfoɔ no nsa nifa so wɔ soro.+ 4 Ɛno nti, ɔsene abɔfoɔ no,+ ɛfiri sɛ wanya din a ɛsene wɔn deɛ no koraa.+
5 Na abɔfoɔ no mu hwan na Onyankopɔn aka akyerɛ no pɛn sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”?+ Anaasɛ: “Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba”?+ 6 Na ɛdefa berɛ a ɔbɛsan de n’Abakan+ no aba asaase so ho no, ɔka sɛ: “Ma Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nkoto no.”*
7 Bio nso, ɔka abɔfoɔ no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfoɔ sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfoɔ+ sɛ ogyaframa.”+ 8 Nanso Ɔba no deɛ, ɔka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa+ daa daa, na w’Ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma. 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+ 10 Afei nso: “O Awurade, wo na mfitiaseɛ no wotoo asaase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. 11 Ne nyinaa bɛtwam, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ daa; na ne nyinaa bɛyɛ dada te sɛ ataadeɛ, 12 na wobɛbobɔ no sɛ ntoma, te sɛ ataadeɛ, na ɛbɛsesa. Na wo deɛ, wonsesa da, na wo mfeɛ remma awieeɛ da.”+
13 Na abɔfoɔ no mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ”?+ 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛnya nkwagyeɛ no. Ɛnte saa?
2 Ɛno nti na nsɛm a yɛteɛ no, ɛhia sɛ yɛde yɛn adwene si so kyɛn sɛdeɛ yɛyɛ no daa no,+ na amma da sɛ yɛde nkakrankakra bɛfiri gyidie no ho.+ 2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ+ no timiiɛ, na sɛ mmarato ne asoɔden biara nyaa ɛho asotwe sɛdeɛ atɛntenenee hwehwɛ+ a, 3 ɛnneɛ sɛ yɛabu yɛn ani agu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sei so a, yɛbɛyɛ dɛn afa yɛn ho adi?+ Ɛfiri sɛ wɔnam yɛn Awurade so na ɛfirii aseɛ kaa saa nkwagyeɛ no ho asɛm,+ ɛnna wɔn a wɔteeɛ no nso ka too so sɛ ɛyɛ nokorɛ. 4 Onyankopɔn nso dii ho adanseɛ; ɔde nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ* ne anwanwadwuma hodoɔ+ ne honhom kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛdeɛ ɔpɛ+ no na ɛdii ho adanseɛ.
5 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔde wiase a ɛreba+ a yɛreka ho asɛm no ahyɛ wɔn ase. 6 Na mmom ɔdanseni bi kaa wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a wodwene ne ho?+ 7 Womaa no baa fam kakra senee abɔfoɔ; wode animuonyam ne anidie bɔɔ no abotire, na woyii no de wo nsa ano adwuma hyɛɛ ne nsa. 8 Wode nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Berɛ a Onyankopɔn de nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase+ no, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase.+ 9 Mmom yɛhunu Yesu a wɔama no aba fam kakra asene abɔfoɔ+ no, na ɛsiane sɛ ɔhunuu amane kɔsii owuo mu nti, seesei wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.+ Na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owuo ahwɛ ama obiara.+
10 Deɛ nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma no, na nneɛma nyinaa nam ne so baeɛ no, deɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ mma bebree animuonyam+ nti, na ɛfata sɛ ɔma wɔn nkwagyeɛ Safohene+ no hunu amane, na ama no adi mu.+ 11 Na deɛ ɔte nnipa ho ne wɔn a ɔte wɔn ho+ no nyinaa firi ɔbaakofoɔ mu,+ ɛno nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom.+ 12 Enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwom bɛyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.”+ 13 Bio: “Mɛnya ne mu ahotɔsoɔ.”+ Afei nso: “Hwɛ! Me ne mmɔfra nkumaa a Yehowa* de wɔn ama me no.”+
14 Enti ɛsiane sɛ “mmɔfra nkumaa” no yɛ mogya ne honam nti, ɔno nso bɛyɛɛ saa ara,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ne wuo no so ayi deɛ ɔtumi de owuo ba+ a ɔne Ɔbonsam+ no afiri hɔ, 15 na wama wɔn a owuo ho hu nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa no mu biara anya ahofadie.+ 16 Deɛ ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ abɔfoɔ koraa na ɔreboa wɔn, na mmom Abraham asefoɔ*+ na ɔreboa wɔn. 17 Ne saa nti, ɛho bɛhiaa sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ adeɛ nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔreɛ.+ 18 Ɛsiane sɛ ɔno ankasa hunuu amane berɛ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ+ nti, ɔbɛtumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.+
3 Enti anuanom a moyɛ kronkron a wɔafrɛ mo rekɔ soro,+ monsusu Yesu a ɔyɛ ɔsomafoɔ ne ɔsɔfo panin a yɛgye no tom* no ho.+ 2 Ɔdii Onii a ɔyii no no nokorɛ,+ sɛdeɛ Mose nso dii biribiara mu nokorɛ wɔ Onii no fie+ no. 3 Afei nso, wɔbu no* sɛ ɔfata animuonyam sene Mose,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔsi fie no wɔ anidie sene efie no. 4 Deɛ ɛwom ne sɛ, efie biara obi na ɔsi, na deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn. 5 Ná Mose yɛ ɔsomfoɔ wɔ Onii no fie, na ɔdii biribiara mu nokorɛ de dii nsɛm a wɔbɛka no akyire yi ho adanseɛ, 6 na Kristo deɛ, ɔdii nokorɛ sɛ ɔba+ a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛn ho no mu dendeenden kɔsi awieeɛ a, ɛnneɛ na yɛyɛ Onyankopɔn fie+ ampa.
7 Enti sɛdeɛ honhom kronkron ka+ no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, 8 mommpirim mo akoma te sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo dendeenden no, te sɛ da a wɔsɔɔ me hwɛɛ wɔ serɛ so hɔ,+ 9 baabi a mo agyanom gyegyee me na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no. Mereka yi, na wɔahunu me nnwuma mfeɛ 40.+ 10 Ɛno nti, awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono, na mekaa sɛ: ‘Daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu, na wɔnhuu m’akwan.’ 11 Enti mede abufuo kaa ntam sɛ: ‘Wɔrenkɔ me home mu.’”+
12 Anuanom, monhwɛ yie na akoma bɔne a ɛnni gyidie amma mo mu biara mu da, na wantwe ne ho amfiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho;+ 13 mmom monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran da biara, ɛda biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa amma mo mu biara ansene ne kɔn. 14 Ahotɔsoɔ a yɛnya firii mfitiaseɛ no, gye sɛ yɛsɔ mu dendeenden kɔsi awieeɛ ansa na yɛanya Kristo no mu kyɛfa ankasa.+ 15 Sɛdeɛ wɔka sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote ne* nne a, mommpirim mo akoma te sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo dendeenden no.”+
16 Hwannom na wɔteeɛ nanso wɔhyɛɛ no abufuo dendeenden no? Ɛnyɛ wɔn a wɔfirii Egypt a na wɔhyɛ Mose ase no nyinaa?+ 17 Bio nso, hwannom na wɔn ho yɛɛ Onyankopɔn abofono mfeɛ 40 no?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu serɛ so no?+ 18 Na hwannom na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenkɔ ne home mu no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa? 19 Enti yɛhunu sɛ gyidie a wɔannya nti na wɔantumi ankɔ mu.+
4 Enti ɛsiane sɛ bɔhyɛ da so ara wɔ hɔ sɛ yɛbɛtumi akɔ ne home mu nti, momma yɛnhwɛ yɛn ho yie,* anyɛ saa a, mo mu bi rennya* bɔhyɛ no.+ 2 Na yɛn nso, wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ te sɛ wɔn ara; nanso asɛm a wɔteeɛ no so amma wɔn mfasoɔ, ɛfiri sɛ wɔne wɔn a wɔtieeɛ no annya gyidie baako. 3 Na yɛn a yɛagye adi no deɛ, yɛkɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Ɔkaa sɛ: “Enti mede abufuo kaa ntam sɛ, ‘Wɔrenkɔ me home mu,’”+ ɛwom sɛ berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase no, na wawie ne nnwuma.+ 4 Ɛfiri sɛ waka da a ɛtɔ so nson no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no firii ne nnwuma nyinaa ho,”+ 5 ɛnna wasan aka wɔ ha sɛ: “Wɔrenkɔ me home mu.”+
6 Enti ɛsiane sɛ ɛkwan da so wɔ hɔ sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden amma wɔn a wɔdii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu nti,+ 7 berɛ tenten bi akyi no, ɔsan hyɛɛ da foforɔ, berɛ a ɔkaa wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no. Sɛdeɛ wɔaka dada no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, mommpirim mo akoma.”+ 8 Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a, anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka ɛda foforɔ ho asɛm. 9 Enti home da bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ.+ 10 Ɛfiri sɛ onipa a ɔkɔ Onyankopɔn home mu no, wahome afiri ɔno ara nso ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho+ no.
11 Enti momma yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi biara mfa nkɔ saa ɔhome no mu, na obiara ansuasua wɔn asoɔden no bi.+ 12 Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sene sekan+ anofanu biara, na ɛtumi wura mu kɔpaapae ɔkra* ne honhom,* ne dompe* ne emu hon mu mpo, na ɛtumi hunu akomam adwene ne emu nsusuiɛ. 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.
14 Enti ɛsiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a ɔkɔ soro, Onyankopɔn Ba+ Yesu, nti, momma yɛnkɔ so nka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfoɔ.*+ 15 Na ɔsɔfo panin a yɛwɔ no, ɔnyɛ obi a ɔntumi nte yɛn mmerɛyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara; nanso bɔne nni ne ho.+ 16 Enti momma yɛmfa ahotɔsoɔ mmra adom ahennwa no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛanya adom a ɛbɛboa yɛn berɛ a ɛsɛ mu.
5 Ɔsɔfo panin biara a wɔyi no firi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfoɔ ma ɔgyina nnipa ananmu yɛ Onyankopɔn som adwuma,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde akyɛdeɛ bɛma, na wabɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 2 Nnipa a wɔnnim a wɔdi mfomsoɔ* no, ɔtumi nya ayamhyehyeɛ ma wɔn,* ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔno nso wɔ mmerɛyɛ, 3 na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔreɛ, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔmanfoɔ no ara.+
4 Onipa biara rentumi mfa saa anidie yi mma ɔno ara ne ho. Sɛ obi bɛtumi anya saa anidie yi a, gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no, sɛdeɛ ɔfrɛɛ Aaron no.+ 5 Saa ara na Kristo nso teɛ. Ɛnyɛ ɔno ara na ɔhyɛɛ ne ho animuonyam+ bɛyɛɛ ɔsɔfo panin. Mmom Deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”+ no, ɔno na ɔhyɛɛ no animuonyam. 6 Saa ara na waka wɔ baabi foforɔ nso sɛ, “Woyɛ ɔsɔfoɔ daa te sɛ Melkisedek.”+
7 Berɛ a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteamu a emu yɛ den ne nisuo+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro nti, wɔtiee no. 8 Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔba deɛ, nanso ɔsuaa ɔsetie firii amanehunu a ɔfaa mu no mu.+ 9 Na berɛ a wɔmaa no wiee pɛyɛ+ no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wɔtie no no nyinaa anya nkwagyeɛ daa,+ 10 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ayi no sɛ ɔsɔfo panin te sɛ Melkisedek.+
11 Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka, nanso ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu, ɛfiri sɛ mote asɛm a, ɛkyɛ ansa na moate aseɛ. 12 Saa berɛ yi deɛ, anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, moda so ara hia obi a ɔbɛsan afiri aseɛ akyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron a modii kan suaeɛ no.*+ Moate kɔ mo akyi abɛyɛ nnipa a wɔhia nufosuo, ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔkɔ so ara nom nufoɔ no, ɔnnim tenenee asɛm no, ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra ketewa.+ 14 Na aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyini no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama ɛtumi hunu papa ne bɔne mu nsonsonoeɛ no.
6 Ɛno nti seesei, Kristo ho nsɛm a yɛdii kan suaeɛ no,+ yɛatra hɔ. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botaeɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyini wɔ gyidie no mu,+ na yɛanto fapem foforɔ a ɛne nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidie, 2 asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfoɔ so,+ owusɔreɛ+ ne daa atemmuo. 3 Wei na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, yɛbɛyɛ.
4 Na wɔn a wɔahunu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron no bi, 5 na wɔaka Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase* a ɛreba no ahoɔden ahwɛ, 6 nanso wɔawae+ no, ɛrentumi nyɛ yie sɛ wɔbɛsan ama wɔasakra wɔn adwene, ɛfiri sɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho, na wɔgu n’anim ase wɔ badwam.+ 7 Sɛ asaase nom nsuo a ɛtaa tɔ gu so no, na sɛ ɛma afifideɛ fifi ma wɔn a wɔdua maa wɔn no nya so mfasoɔ a, ɛnya Onyankopɔn hɔ nhyira. 8 Nanso sɛ ɛfifi nkasɛɛ ne nwura* a, wɔpo, na ɛfrɛfrɛ nnome, na deɛ ɛbɛkɔ akɔwie ara ne sɛ wɔbɛhye.
9 Adɔfo, ɛwom sɛ yɛrekasa wɔ saa kwan yi so deɛ, nanso yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ mo fam deɛ, ɛbɛyɛ nneɛma pa, nneɛma a ɛde nkwagyeɛ ba. 10 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔntene, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛdeɛ moasom akronkronfoɔ na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.+ 11 Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsi ne ahokeka korɔ no ara bi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mode awerɛhyɛmu a ɛdi mu bɛhwɛ mo anidasoɔ+ no kwan akɔsi sɛ ɛbɛba mu,+ 12 na amma moanyɛ aniha,+ na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidie ne aboterɛ so nya bɔhyɛ ahodoɔ no.
13 Na berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene no a ɔde no bɛka ntam nti, Onyankopɔn de ɔno ara ne ho kaa ntam,+ 14 na ɔkaa sɛ: “Ɛkwan biara so mɛhyira wo, na ɛkwan biara so mɛma w’asefoɔ ayɛ bebree.”+ 15 Enti berɛ a Abraham nyaa aboterɛ no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi. 16 Nnipa de deɛ ɔso sene wɔn na ɛka ntam, na wɔn ntam no ma akasakasa* biara to twa, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmara kwan so adanseɛ ma wɔn.+ 17 Saa ara na Onyankopɔn nso, berɛ a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma bɔhyɛ no ho adedifoɔ*+ no ahunu pefee sɛ n’atirimpɔ* rentumi nsakra no, ɔkaa ntam de sii so,* 18 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nneɛma mmienu a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atorɔ+ wom nti, yɛn a yɛadwane akɔnya dwankɔbea no bɛnya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛasɔ anidasoɔ a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn. 19 Saa anidasoɔ+ a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ* ma ɔkra;* ɛtim hɔ na ɛnhinhim. Na ɛfa ntwamutam no mu kɔ mu,+ 20 baabi a odikanfoɔ bi akɔ hɔ ama yɛn no. Ɔno ne Yesu+ a wabɛyɛ ɔsɔfo panin daa te sɛ Melkisedek+ no.
7 Saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfoɔ no na ɔkɔhyiaa Abraham hyiraa no berɛ a Abraham kɔkum ahemfo no a na ɔresan aba no.+ 2 Na Abraham kyɛɛ biribiara mu du maa no baako. Deɛ ɛdi kan no, ne din no kyerɛ, “Tenenee Hene.” Afei nso, ɔyɛ Salem hene, a ɛkyerɛ, “Asomdwoeɛ Hene.” 3 Ɔnni papa nni maame, na ɔnni abusua santen; ne nna nni mfitiaseɛ na ne nkwa nni awieeɛ. Mmom wɔayɛ no sɛ Onyankopɔn Ba no, enti ɔkɔ so di sɔfoɔ afebɔɔ.+
4 Onipa yi a abusua ti* Abraham kyɛɛ asadeɛ* a ɛyɛ paa no mu du maa no baako+ no, monhwɛ sɛdeɛ ɔyɛ kɛseɛ fa. 5 Deɛ ɛwom ne sɛ, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, mmarima a wɔfiri Lewi mma mu+ a wɔnya asɔfodwuma no wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔgye ntotosoɔ du du* firi ɔman no hɔ,+ kyerɛ sɛ, wɔgye firi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom sɛ ɔman no nso yɛ Abraham asefoɔ.* 6 Nanso ɔbarima yi a ɔmfiri saa abusua no mu no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du,* na ɔhyiraa deɛ na wɔahyɛ no bɔ no.+ 7 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, deɛ ɔyɛ kɛseɛ no, ɔno na ɔhyira deɛ ɔyɛ kumaa. 8 Asɛm baako no mu no, nnipa a wɔwu na wɔgye ntotosoɔ du du,* nanso asɛm a ɛka ho no mu deɛ, ɛyɛ obi a wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte ase+ na ɔgye. 9 Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi a ɔgye ntotosoɔ du du* no mpo, ɔnam Abraham so tuaa ntotosoɔ du du no bi. 10 Ɛfiri sɛ na Lewi wɔ ne nanabarima asene mu* berɛ a Melkisedek kɔhyiaa Lewi nanabarima+ no.
11 Enti afei, sɛ Lewi asɔfodie no na ɛma nnipa wie pɛyɛ a+ (ɛfiri sɛ na ɛyɛ biribi a ɛka Mmara a wɔde maa ɔman no ho), anka hia bɛn na ɛhia sɛ ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔte sɛ Melkisedek+ bɛba na mmom ɛnyɛ deɛ ɔte sɛ Aaron? 12 Ɛsiane sɛ wɔresesa asɔfodie no nti, ɛhia sɛ wɔsesa Mmara no nso.+ 13 Na ɔbarima a wɔaka nsɛm yi afa ne ho no, ɔfiri abusuakuo foforɔ mu, abusuakuo a obiara mfirii mu mmɛyɛɛ afɔrebukyia so adwuma da.+ 14 Na emu da hɔ paa sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade firi,+ nanso Mose anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ asɔfoɔ bɛfiri saa abusuakuo no mu aba.
15 Na deɛ ɛma emu da hɔ kɛse koraa ne berɛ a ɔsɔfoɔ foforɔ+ a ɔte sɛ Melkisedek+ baeɛ no. 16 Ɔno deɛ, ɛnyɛ abusuakuo a ɔfiri mu na ɔnam so yɛ ɔsɔfoɔ sɛdeɛ mmara hwehwɛ no, na mmom ɔnam tumi a ɛma nkwa a ɛntumi nsɛe so.+ 17 Ɛfiri sɛ wɔka de di ne ho adanseɛ sɛ: “Woyɛ ɔsɔfoɔ daa te sɛ Melkisedek.”+
18 Ɛno nti, ɛsiane sɛ mmara a ɛdi kan no yɛ mmerɛ na mfasoɔ nni so+ nti, wɔde ato nkyɛn. 19 Ɛfiri sɛ Mmara no amma biribiara anwie pɛyɛ,+ na mmom anidasoɔ a ɛkyɛn ɛno+ a ɛbaeɛ no na ama biribiara awie pɛyɛ, na ɛno na yɛnam so bɛn Onyankopɔn.+ 20 Afei nso, ɛsiane sɛ wɔkaa ntam ansa na wɔreyɛ wei nti 21 (ɛfiri sɛ deɛ ɛwom ne sɛ, mmarima bi abɛyɛ asɔfoɔ a wɔanka ntam wɔ wɔn ho, nanso wei deɛ, wɔkaa ntam faa ne ho ansa na ɔrebɛyɛ ɔsɔfoɔ, na Onii a ɔkaa ntam no kaa sɛ: “Yehowa* aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ, ‘Woyɛ ɔsɔfoɔ daa’”),+ 22 Yesu abɛyɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ apam a ɛkyɛn apam baako no bɛba mu.*+ 23 Bio nso, na ɛsɛ sɛ nnipa pii bɛyɛ asɔfoɔ+ ɛfiri sɛ owuo amma asɔfoɔ no antoa so anni sɔfo daa. 24 Nanso ɔno deɛ, ɛsiane sɛ ɔte ase daa+ nti, ɔyɛ ɔsɔfoɔ daa; obiara nni n’adeɛ. 25 Ne saa nti, ɔtumi nso gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛsrɛ ama wɔn.+
26 Na ɛyɛ sɛ yɛbɛnya ɔsɔfo panin a ɔte saa a ɔdi nokorɛ, bɔne nni ne mu, efĩ nni ne ho,+ wɔate no afiri abɔnefoɔ ho, na wɔama ne so asene ɔsoro.*+ 27 Ɛnhia sɛ da biara ɔdi kan bɔ afɔreɛ+ ma ɔno ankasa bɔne, na ɔwie a wabɔ bi nso ama ɔman no+ sɛdeɛ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ no yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔbɔɔ no prɛko berɛ a ɔde ne ho maeɛ+ no. 28 Na Mmara no yii nnipa a wɔwɔ mmerɛyɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ,+ nanso asɛm a wɔde kaa ntam+ wɔ Mmara no akyi no deɛ, ɛyii ɔba a wɔama no awie pɛyɛ+ afebɔɔ.
8 Deɛ yɛreka ho asɛm no, asɛntitire a ɛwom nie: Yɛwɔ ɔsɔfo panin a ɔte saa,+ na wakɔtena Otumfoɔ no ahennwa nifa so wɔ soro+ 2 sɛ obi a ɔsom wɔ kronkronbea+ hɔ ne ntomadan ankasa* no mu; saa ntomadan no, Yehowa* na ɔyɛeɛ, na ɛnyɛ onipa. 3 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no sɛ ɔmfa akyɛdeɛ mma, na ɔmmɔ afɔreɛ nso. Enti, na ɛhia sɛ wei nso nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔreɛ.+ 4 Na sɛ ɔwɔ asaase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ+ ɛfiri sɛ mmarima wɔ hɔ dada a wɔde akyɛdeɛ ma sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no. 5 Ɔsom kronn a mmarima yi de ma no te sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ soro+ no, na ɛyɛ ne sunsum.+ Ɛte sɛ ahyɛdeɛ a Onyankopɔn de maa Mose berɛ a na ɔrebɛsi ntomadan no. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa te sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.”+ 6 Nanso seesei Yesu nsa aka ɔsom adwuma a ɛkorɔn, ɛfiri sɛ ɔsan yɛ apam a ɛno nso korɔn+ ntamgyinafoɔ.+ Saa apam yi, bɔhyɛ ahodoɔ a ɛkyɛn so na wɔnam mmara kwan so de yɛeɛ.+
7 Sɛ mfomsoɔ biara nni apam a ɛdi kan no ho a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu.+ 8 Na ɔnyaa ɔman no ho mfomsoɔ, na ɔkaa sɛ: “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa* asɛm nie, ‘na me ne Israel fie ne Yuda fie bɛyɛ apam foforɔ. 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no da a mesosɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Egypt asaase so+ no. Ɛfiri sɛ wɔanni m’apam no so; ɛno nti, manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa* asɛm nie.”
10 “‘Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem, na mɛtwerɛ wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.+
11 “‘Na obiara renkyerɛ ne man muni ne ne nua bio sɛ: “Monhunu Yehowa!”* Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 12 Na mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn nneyɛɛ bɔne ho, na merenkae wɔn bɔne bio.’”+
13 Sɛ ɔka sɛ “apam foforɔ” a, ɛkyerɛ sɛ kane deɛ no ayɛ dada.+ Na deɛ ayɛ dada a ɛretwam* no, ɛrebɛyera.+
9 Kane apam no deɛ, na ɛwɔ ɔsom kronn ho mmara, na na ɛwɔ kronkronbea+ wɔ asaase so. 2 Wɔsii ntomadan no pia a ɛdi kan no. Emu na na kaneadua+ ne ɛpono ne paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim*+ no wɔ; wɔfrɛ hɔ Kronkronbea.+ 3 Na ntwamutam+ a ɛtɔ so mmienu no akyi na na ntomadan no pia a wɔfrɛ hɔ Kronkron Mu Kronkronbea+ no wɔ. 4 Ɛhɔ na na sika kɔkɔɔ adeɛ a wɔhye aduhwam wom+ ne apam adaka+ a wɔde sika kɔkɔɔ adura ho nyinaa+ no wɔ. Apam adaka no, sika kɔkɔɔ kuruwa a mana wom+ ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ+ ne apam abopono+ no na na ɛwɔ mu. 5 Ná kerubim* a wɔwɔ animuonyam no butu mpata mmuasoɔ no so* wɔ apam adaka no so.+ Nanso ɛnyɛ saa berɛ yi na yɛbɛka weinom ho asɛm akɔ akyiri.
6 Berɛ a wɔhyehyɛɛ nneɛma yi wiee saa no, na asɔfoɔ no taa kɔ ntomadan no pia a ɛdi kan no mu kɔyɛ ɔsom adwuma;+ 7 nanso pia a ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin no nko ara na na ɔkɔ hɔ pɛnkoro afe biara.+ Sɛ ɔrekɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔde mogya kɔ,+ na ɔde kɔbɔ afɔreɛ ma ɔno ankasa ho+ ne ne man wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ+ a wɔnnim no ho. 8 Enti honhom kronkron ma emu da hɔ pefee sɛ, berɛ a na ntomadan a ɛdi kan no wɔ hɔ no, na wɔnnya nyii ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea no adi.+ 9 Saa ntomadan yi yɛ nhwɛsoɔ ma berɛ a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛdeɛ ɛho nhyehyɛeɛ teɛ no, wɔde akyɛdeɛ ne afɔreɛ nyinaa ma.+ Nanso, wei ntumi mma deɛ ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+ 10 Mmom deɛ ɛfa ho ara ne nnuane ne anonneɛ ne asubɔ ahodoɔ.*+ Ná ɛyɛ nipadua ho nneɛma a mmara hwehwɛ,+ na na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma kɔsi sɛ berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yie no bɛba.
11 Nanso, berɛ a Kristo baa sɛ nneɛma pa a aba dada no ho sɔfo panin no, ɔfaa ntomadan a ɛso na ɛwie pɛyɛ sene kane deɛ no mu. Saa ntomadan no, ɛnyɛ nsa na wɔde siiɛ, kyerɛ sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu. 12 Ɔfaa mu kɔwuraa kronkronbea hɔ prɛko, na ɔkɔnyaa nkwagyeɛ* a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn.+ Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwie* mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya.+ 13 Mpɔnkye ne anantwinini mogya+ ne nantwibedeɛ* nsõ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ so no, ɛno mpo maa wɔn ho tee, na ɛdwiraa wɔn ho.*+ 14 Sɛ saa a, ɛnneɛ Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔreɛ a dɛm nni ho no, hwɛ sɛdeɛ ne mogya+ bɛtumi ate yɛn ahonim* ho afiri nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefoɔ no!+
15 Ɛno nti na ɔyɛ ntamgyinafoɔ ma apam foforɔ+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔafrɛ wɔn no bɛnya daa agyapadeɛ ho bɔhyɛ no.+ Wu a ɔwuiɛ no na ɛmaa weinom nyinaa yɛɛ yie, na ɛnam so na wɔnyaa agyedeɛ+ de yii wɔn firii kane apam no mmarato ase. 16 Na sɛ wɔyɛ apam a, ɛhia sɛ onipa a ɔyɛɛ apam no wuo. 17 Sɛ onipa a ɔyɛɛ apam no wu a, ɛno na ɛma apam no di mu, ɛfiri sɛ berɛ tenten a onipa a ɔyɛɛ apam no te ase no, apam no nyɛ adwuma. 18 Ɛno nti, kane apam no nso, mogya na ɛmaa ɛyɛɛ adwuma.* 19 Na berɛ a Mose kaa Mmara no mu ahyɛdeɛ nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no, ɔfaa anantwie* ne mpɔnkye no mogya ne nsuo ne ntoma kɔkɔɔ ne sommɛ,* na ɔde petee nwoma* no ne ɔman no nyinaa so, 20 na ɔkaa sɛ: “Apam a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ monni so no, ɛho mogya nie.”+ 21 Na ntomadan no ne nkukuo ne nyowa ne deɛ ɛkeka ho nyinaa a wɔde yɛ adwuma kronkron* no, ɔde mogya no petee ho.+ 22 Aane, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya na ɛte nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ wɔanhwie mogya angu a, bɔnefakyɛ rentumi mma.+
23 Enti, na ɛho hia sɛ wɔfa saa kwan yi so te nneɛma a ɛte sɛ deɛ ɛwɔ soro+ no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa deɛ, ɛhia sɛ wɔde afɔreɛ a ɛkyɛn mmoa deɛ na ɛte ho.+ 24 Na Kristo ankɔ kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ,+ a na ɛgyina hɔ ma kronkronbea paa no+ mu, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa.+ Ɛno nti seesei wakɔpue Onyankopɔn anim ama yɛn.+ 25 Wankɔ sɛ ɔde ne ho rekɔbɔ afɔreɛ mprɛ pii, te sɛ deɛ na ɔsɔfo panin no de mogya a ɛnyɛ ɔno ara ne mogya kɔ kronkronbea hɔ afe biara+ no. 26 Anyɛ saa a, anka gye sɛ ɔhunu amane mprɛ pii firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase no.* Nanso afei deɛ, wayi ne ho adi prɛko wɔ wiase yi* awieeɛ berɛ mu sɛ ɔnam afɔreɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so bɛyi bɔne afiri hɔ.+ 27 Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔwu prɛko, na ɛno akyi, wɔabu wɔn atɛn no, 28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔreɛ prɛko de soaa nnipa pii bɔne.+ Ne mprenu so a ɔbɛyi ne ho adi no deɛ, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba. Na wɔn a wɔhwɛ no kwan dendeenden repɛ wɔn nkwagyeɛ no bɛhu no.+
10 Mmara no yɛ nneɛma pa a ɛbɛba+ no sunsum,+ na ɛnyɛ sɛdeɛ nneɛma no teɛ ankasa. Ɛno nti, wɔn a wɔba Onyankopɔn nkyɛn a wɔkɔ so bɔ afɔreɛ koro no ara afe biara no, ɛrentumi* mma wɔnwie pɛyɛ da.+ 2 Ɛnte saa a, anka wɔgyaee afɔreɛ a na wɔbɔ no. Ɛfiri sɛ wɔn a na wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn no, sɛ wɔnya te wɔn ho wie a, anka wɔn ahonim* remmu wɔn fɔ wɔ bɔne ho bio. 3 Mmom no, saa afɔreɛ ahodoɔ a wɔbɔ no ma wɔkae wɔn bɔne afe biara,+ 4 ɛfiri sɛ anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ.
5 Enti berɛ a ɔbaa wiase no, ɔkaa sɛ: “‘Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ deɛ woampɛ, na mmom nipadua na wosiesie maa me. 6 Ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Hwɛ! Maba (wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ* no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ, O Onyankopɔn.’”+ 8 Ɔdii kan kaa sɛ: “Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ deɛ, w’ani ansɔ, na woampɛ”; weinom yɛ afɔreɛ a na Mmara no hwehwɛ. 9 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ.”+ Ɔyii deɛ ɛdi kan no firii hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no bɛsi hɔ. 10 Saa ‘apɛdeɛ’ no+ na wɔnam so ama Yesu Kristo nipadua a wɔde maa prɛko no ate yɛn ho.+
11 Bio nso, da biara, ɔsɔfoɔ biara kɔgyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔreɛ koro no ara mprɛ pii,+ afɔreɛ a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ korakora no.+ 12 Nanso saa ɔbarima yi deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔreɛ baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+ 13 Ɛfiri saa berɛ no, ɔretwɛn akɔsi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiasoɔ.+ 14 Na ɔnam afɔreɛ baako so ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ,+ na wɔn pɛyɛ no bɛwɔ hɔ afebɔɔ. 15 Afei nso, honhom kronkron no nso di yɛn adanseɛ, ɛfiri sɛ ɛka sɛ: 16 “‘Wei ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem.’”+ 17 Na ɛno akyi no, ɛka sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmarato bio.”+ 18 Na sɛ wɔde bɔne ne mmarato yi kyɛ a, ɛnneɛ na bɔne ho afɔrebɔ nhia bio.
19 Enti anuanom, yɛnam Yesu mogya so anya akokoɔduro* a yɛde fa ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ+ no so. 20 Ɛkwan a ɔbue maa yɛn* no yɛ ɛkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa, na ɛfa ntwamutam+ no mu, ntwamutam a ɛgyina hɔ ma ne honam no. 21 Afei nso, yɛwɔ ɔsɔfo kɛseɛ a ɔdi Onyankopɔn fie so.+ 22 Ɛno nti, momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a ɛdi mu mmra, ɛfiri sɛ wɔadwira* yɛn akoma ho ama ɛho ate afiri ahonim* bɔne ho,+ na wɔde nsuo a emu teɛ adware yɛn nipadua.+ 23 Momma yɛnsɔ anidasoɔ a yɛka ho asɛm kyerɛ nkurɔfoɔ* no mu dendeenden a yɛnhinhim,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. 24 Na momma obiara nnwene ne yɔnko ho,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan* ne yɔnko ama no ada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa.+ 25 Na mommma yɛnnnyae sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam,+ sɛdeɛ ebinom nhyia mu no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ ne titire no, berɛ a mohunu sɛ ɛda no rebɛn no.+
26 Na sɛ yɛnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu, na ɛno akyi no yɛboapa tena bɔne mu a,+ bɔne ho afɔreɛ biara nni hɔ bio.+ 27 Mmom deɛ aka ara ne sɛ yɛde ehu bɛhwɛ atemmuo ne abufuhyeɛ a ɛrebɛsɛe asɔretiafoɔ no kwan.+ 28 Obiara a ɔbu Mose mmara no animtia no, wɔgyina nnipa mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ so ku no a wɔnhu no mmɔbɔ.+ 29 Ɛnneɛ obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya+ a wɔde te ne ho no sɛ adehunu bi, na wadidi adom honhom no atɛm pɔtɔɔ no, asotwe a ɛbɛba ne so deɛ, yɛnka!+ 30 Na yɛnim Deɛ ɔkaa sɛ: “Me na metua bɔne so ka;* me ara mɛtua ka” no. Afei nso: “Yehowa* bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”+ 31 Ɛyɛ hu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no bɛtwe obi aso.*
32 Nanso, monkɔ so nkae kane nna a mohunuu hann no.+ Saa berɛ no, mode animia gyinaa ɛko a emu yɛ den ne amanehunu mu. 33 Ɛtɔ da a, na wɔgu mo anim ase, na wɔteetee mo wɔ badwam.* Ɛtɔ da nso a, na mo ne wɔn a wɔrefa saa haw no mu no bom hunu amane.* 34 Na wɔn a wɔda afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigyeɛ penee so maa wɔfom mo ahodeɛ,+ ɛfiri sɛ monim sɛ mowɔ agyapadeɛ a ɛkyɛn so a ɛwɔ hɔ daa.+
35 Enti monnto mo akokoɔduro* nntwene, ɛfiri sɛ mobɛnya so akatua kɛseɛ.+ 36 Na ɛhia sɛ mode animia gyina mu,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no. 37 Ɛfiri sɛ “aka kakraa bi”+ na “deɛ ɔreba no abɛduru, na ɔrenkyɛ.”+ 38 Na “me teneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa,”+ na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani* rennye ne ho.”+ 39 Yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛeɛ mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a yɛwɔ gyidie a ɛgye yɛn* nkwa.
11 Gyidie yɛ awerɛhyɛmu a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ adeɛ a yɛn ani da so bɛba mu.+ Ɛyɛ adanseɛ pefee* a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhunu wɔ hɔ ankasa. 2 Ɛno na wɔnam so dii tetefoɔ* no ho adanseɛ.
3 Gyidie na ɛma yɛhunu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase,* ma enti deɛ yɛhunu no firi nneɛma a yɛnhunu mu na ɛbaeɛ.
4 Gyidie nti na Habel bɔɔ afɔreɛ a ɛsom bo sene Kain deɛ no maa Onyankopɔn,+ na ɛnam saa gyidie no so na ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔyɛ ɔteneneeni, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ani sɔɔ n’akyɛdeɛ no,+ na ɛwom sɛ wawu deɛ, nanso ɔnam ne gyidie so da so ara kasa.+
5 Gyidie nti na wɔyii Enok+ firii baabi a na ɔwɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenhunu owuo. Na wɔanhu no wɔ baabiara, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii no firii baabi a na ɔwɔ no;+ na ansa na wɔreyi no afiri hɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ wasɔ Onyankopɔn ani yie. 6 Bio nso, sɛ obi nni gyidie a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yie, ɛfiri sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafoɔ.+
7 Gyidie nti na berɛ a Noa+ nsa kaa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wɔnnya nhunuiɛ+ ho no, ɔkyerɛɛ sɛ ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde bɛgye ne fiefoɔ nkwa. Na ɔnam saa gyidie yi so buu wiase no fɔ,+ na ne gyidie nti, wɔbuu no ɔteneneeni.*
8 Gyidie nti na berɛ a wɔfrɛɛ Abraham+ no, ɔtieeɛ na ɔsiim kɔɔ baabi a na ɔbɛnya sɛ agyapadeɛ no; ɛwom sɛ na ɔnnim baabi a ɔrekɔ, nanso ɔsiim kɔe.+ 9 Gyidie nti na ɔtenaa bɔhyɛ asaase no so sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte ananafoɔ asaase so.+ Ɔne Isak ne Yakob a na wɔne no nyinaa yɛ bɔhyɛ korɔ no ara ho adedifoɔ*+ no tenaa ntomadan mu.+ 10 Ɛfiri sɛ na ɔretwɛn kuro a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kuro no na ɔkyekyereeɛ.+
11 Gyidie nti na Sara nso nyaa ahoɔden de nyinsɛn aseni* berɛ a na wapa saa mfeɛ no ho mpo.+ Ɛfiri sɛ ɔbuu Deɛ ɔhyɛɛ bɔ no ɔnokwafoɔ.* 12 Enti ɔbarima baako a na ɛte sɛ deɛ wawuo no,+ ne mu na wɔnyaa* mma+ a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea a ɛnni ano.+
13 Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ a wɔanhunu sɛ bɔhyɛ ahodoɔ no aba mu;+ nanso wɔhunuu wɔ akyirikyiri+ de anigyeɛ gye toom, na wɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ* sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asaase no so. 14 Na wɔn a wɔka nsɛm a ɛte saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa dea. 15 Na sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wɔtu firiiɛ no+ a, anka wɔbɛnya kwan asan akɔ hɔ. 16 Nanso afei wɔrehwehwɛ baabi a ɛyɛ kyɛn saa, kyerɛ sɛ, deɛ ɛyɛ ɔsoro deɛ. Enti wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔbɛma wɔafrɛ no wɔn Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.+
17 Gyidie nti na berɛ a wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔreɛ wiee koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigyeɛ agye bɔhyɛ ahodoɔ no yɛɛ sɛ ɔde ne ba korɔ+ no rebɔ afɔreɛ, 18 ɛwom sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Deɛ wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 19 Nanso ɔgye dii sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo; na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+
20 Gyidie nso nti na Isak hyiraa Yakob+ ne Esau+ wɔ nneɛma a na ɛrebɛba ho no.
21 Gyidie nti na berɛ a Yakob rebɛwu no,+ ɔhyiraa Yosef mma mmarima no mu biara,+ na ɔbutuu ne poma ti so someeɛ no.+
22 Gyidie nti na berɛ a Yosef rebɛwu no, ɔkaa tu a Israel mma bɛtu afiri Egypt ho asɛm; na ɔkyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ ne nnompe.*+
23 Gyidie nti na berɛ a wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa,+ ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ abɔfra kumaa no ho yɛ fɛ,+ na wɔansuro ɔhene mmara no.+ 24 Gyidie nti na berɛ a Mose nyiniiɛ no,+ wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba+ no, 25 na mmom ɔpɛɛ sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ ani sene sɛ ɔbɛnya bɔne mu anigyeɛ berɛ tiaa bi. 26 Deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔbuu Deɛ Wɔasra No* no animguaseɛ sɛ ɛyɛ ahonyadeɛ kɛseɛ sene Egypt agyapadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde n’ani nyinaa sii akatua no so. 27 Gyidie nti na ɔfirii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuo,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ deɛ ɔhu Onii a wɔnhu no no.+ 28 Gyidie nti ɔdii Twam no, na ɔde mogya petepetee aponnwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔsɛefoɔ no renyɛ wɔn mmakan bɔne.*+
29 Gyidie nti na wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu te sɛ deɛ wɔnam asaase a ɛso awo so+ no, na berɛ a Egyptfoɔ yɛɛ sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.+
30 Gyidie nti na Yeriko afasuo no dwiri guiɛ berɛ a ɔman no twaa ho hyiaa nnanson no.+ 31 Gyidie nti na wɔansɛe tuutuuni Rahab amfra asoɔdenfoɔ no, ɛfiri sɛ ɔgyee akwansrafoɔ* no asomdwoeɛ mu.+
32 Na deɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifoɔ nkaeɛ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me. 33 Wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim,+ maa tenenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahodoɔ,+ sii agyata ano,+ 34 dwodwoo egya ano,+ nyaa wɔn ho tetee a sekan annya wɔn,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ mmarima a wɔnim akodie yie,+ yɛɛ asraafoɔ a wɔbɛto hyɛɛ wɔn so no pasaa.+ 35 Wɔnam owusɔreɛ so maa mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ.+ Nanso ebinom deɛ, wɔyɛɛ wɔn ayayadeɛ ɛfiri sɛ wɔampene amma wɔamfa agyedeɛ bi so annye wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya owusɔreɛ a ɛkyɛn saa. 36 Aane, ebinom nso sɔhwɛ a wɔhyiaeɛ ne fɛdie ne ɔhweɛ, na deɛ ɛsene saa mpo no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ebinom,+ na wɔde ebi nso guu afiase.+ 37 Wɔsii wɔn aboɔ,+ wɔsɔɔ wɔn hwɛe, wɔde sradaa paee wɔn mu,* wɔde sekan kunkum wɔn,+ wɔde nnwan nwoma yɛɛ ntaadeɛ hyɛe, wɔde mpɔnkye nwoma yɛɛ ntaadeɛ hyɛe,+ wɔdii hia, wɔhunuu amane,+ wɔdii wɔn ani;+ 38 ná wiase no mfata wɔn.* Wɔkyinkyinii serɛ so, ne mmepɔ so, ne abodan+ ne asaase so abɔn mu.
39 Ɛwom, gyidie a na wɔwɔ nti, wɔn nyinaa nyaa adanseɛ pa, nanso wɔanhunu sɛ bɔhyɛ no aba mu, 40 ɛfiri sɛ na Onyankopɔn adi kan ahunu sɛ biribi a ɛkyɛn saa da hɔ ma yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremma wɔnwie pɛyɛ a yɛnka ho.
12 Ɛno nti, ɛsiane sɛ yɛwɔ adansefoɔ mununkum kɛseɛ a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yɛnyi adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn+ no ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,+ 2 na yɛmfa yɛn ani nyinaa nsi Yesu so. Ɔno ne yɛn gyidie Safohene no ne deɛ ɔma yɛn gyidie wie pɛyɛ.+ Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔmiaa n’ani hunuu amane wɔ asɛndua* so, na ɔbuu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+ 3 Ɛno nti, deɛ ɔde animia gyinaa pintinn berɛ a nnebɔneyɛfoɔ kasa tiaa no+ de yɛɛ wɔn ankasa wɔn ho bɔne no, monsusu ne ho yie, na moammrɛ, na moampa aba.*+
4 Berɛ a mo ne saa bɔne no redi ako no, monnya nko nkɔduruu owuo mu.* 5 Na afotuo a wɔde maa mo sɛ mma no, mo werɛ afi koraa. Ɛka sɛ: “Me ba, mmu Yehowa* ntenesoɔ adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa aba; 6 na deɛ Yehowa* dɔ no na ɔtene ne so. Deɛ ɛwom ne sɛ, obiara a ɔgye no yɛ ne ba no, ɔhwe no.”*+
7 Deɛ morefa mu no, ɛhia sɛ mode animia gyina mu na mobu no sɛ ɛka mo ntenesoɔ no ho.* Onyankopɔn reyɛ mo sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntene ne so?+ 8 Na sɛ mo nyinaa nnyaa ntenesoɔ yi bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na monyɛ mma ankasa. 9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no tene yɛn so, na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yɛnya nkwa anaa?+ 10 Wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso kakraa bi sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn, na ɔno deɛ, yɛn yie mu nti na ɔyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ne kronkronyɛ no bi.+ 11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a ɛyɛ anigye seesei, mmom ɛyɛ ya.* Nanso akyire yi, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛne tenenee ma wɔn a atete wɔn no.
12 Enti monhyɛ nsa a emu ago ne nkotodwe a ahodwo den,+ 13 na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ atɔ apakye no renhwan, na mmom wɔasa no yareɛ. 14 Monhwehwɛ asomdwoeɛ wɔ mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na monhwehwɛ ahoteɛ*+ a sɛ obi kwati a, ɔrentumi nhunu Awurade no. 15 Monhwɛ yie na Onyankopɔn adom ammɔ obiara, na nhini a borɔ wom biara ampue ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ;+ 16 na monhwɛ na mo mu biara anyɛ odwamammɔfoɔ* anaa wanyɛ obi a ɔmmu nneɛma kronkron te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduane baako pɛ no.+ 17 Na monim sɛ ɛno akyi no, ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira, nanso wɔpoo no. Ɛwom sɛ ɔtee nisuo, na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene,*+ nanso ankɔsi hwee.*
18 Na moamma bepɔ no ho, bepɔ* a wɔtumi de nsa ka+ a wɔde egya ato mu,+ a mununkum kusuu ne sum kabii wɔ so na mframa a ano yɛ den+ bɔ fa ho no; 19 na moamma totorobɛnto nnyegyeeɛ+ ne ɛnne a ɛrekasa+ no ho, ɛnne a nkurɔfoɔ no teeɛ a wɔsrɛɛ sɛ wɔnnka asɛm biara nnkyerɛ wɔn bio+ no. 20 Ɛfiri sɛ na ahyɛdeɛ yi mu yɛ duru ma wɔn dodo: “Sɛ aboa mpo ho ka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.”+ 21 Bio nso, na deɛ ɛrekɔ so no yɛ hu ara ma Mose kaa sɛ: “Mesuro, na me ho repopo.”+ 22 Mmom no, moaba Sion Bepɔ+ ho ne Onyankopɔn teasefoɔ no kuro mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfoɔ mpem dudu 23 badwa anim,+ ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ obiara Temmufoɔ+ no anim, ne ateneneefoɔ a wɔde honhom no tumi bɔ wɔn bra,+ a wɔama wɔawie pɛyɛ+ no mu, 24 ne apam foforɔ+ ntamgyinafoɔ Yesu+ nkyɛn, ɛne mogya a wɔpeteeɛ a ɛkasa yie sene Habel mogya+ no ho.
25 Monhwɛ yie na moanyɛ mo adwene sɛ morentie* deɛ ɔrekasa no. Na sɛ wɔn a wɔantie deɛ ɔde Onyankopɔn kɔkɔbɔ maa wɔ asaase so no amfa wɔn ho anni a, ɛnneɛ sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛafa yɛn ho adi ama ayɛ yie!+ 26 Saa berɛ no, ne nne wosoo asaase,+ na seesei deɛ wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛnyɛ asaase nko ara na mɛwoso, na mmom mɛwoso ɔsoro nso.”+ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “ɛbɛsan aba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔwoso no afiri hɔ, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔayɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma a wɔnwoso no bɛtena hɔ. 28 Enti ɛsiane sɛ yɛnim sɛ yɛbɛnya Ahennie a wɔntumi nwoso nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛnam so som Onyankopɔn sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ mu. 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ.+
13 Monkɔ so nkyerɛ onuadɔ.+ 2 Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ,* ɛfiri sɛ ɛno na ɛmaa ebinom gyee abɔfoɔ kɔɔ wɔn fie a+ wɔanhunu mpo.+ 3 Monkae wɔn a wɔda afiase* no+ te sɛ deɛ mo ne wɔn na ɛda afiase;+ na monkae wɔn a wɔreteetee wɔn no, ɛfiri sɛ mo nso mowɔ ɔhonam mu.* 4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+ 5 Mommma sikaniberɛ mmma mo abrabɔ mu,+ mmom momma mo ani nsɔ deɛ mowɔ.+ Ɛfiri sɛ waka sɛ: “Merennya wo da, na merennane m’akyi nkyerɛ wo da biara da.”+ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa* ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
7 Monkae wɔn a wɔdi mo anim+ a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no. Momfa mo ani nto fam nhwɛ sɛdeɛ wɔn abrabɔ bɛwie, na monsuasua wɔn gyidie.+
8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ, ɛnnora, ɛnnɛ, ne daa nyinaa.
9 Monnni nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri baabi foforɔ akyi mmfom kwan, na ɛyɛ sɛ wɔde adom bɛhyɛ akoma no den sene sɛ wɔde nnuane* bɛhyɛ no den, nnuane a wɔn a ɛgye wɔn adwene no nnya so mfasoɔ biara no.+
10 Yɛwɔ afɔrebukyia a deɛ ɛwɔ so no, wɔn a wɔsom wɔ ntomadan no mu nni ho kwan* sɛ wɔdi bi.+ 11 Na mmoa a ɔsɔfo panin no de wɔn mogya kɔ kronkronbea hɔ kɔbɔ bɔne ho afɔreɛ no, wɔhye wɔn afunu wɔ asoɛeɛ no akyi.+ 12 Enti Yesu nso hunuu amane wɔ kuro no pono akyi,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde ɔno ara ne mogya bɛte nnipa ho.+ 13 Ɛno nti, momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ asoɛeɛ no akyi, na yɛnkɔsoa n’animguaseɛ no bi,+ 14 ɛfiri sɛ yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom yɛrehwɛ deɛ ɛreba no kwan dendeenden.+ 15 Momma yɛmfa ne so mmɔ ayeyie afɔreɛ mma Onyankopɔn daa,+ ɛno ne yɛn anofafa aba*+ a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfoɔ*+ no. 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfoɔ akyɛ nneɛma a mowɔ,+ ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yie.+
17 Monyɛ ɔsetie mma wɔn a wɔdi mo anim no+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔn na wɔhwɛ mo* so sɛ nnipa a wɔbɛbu ho akonta;+ ɛno bɛma wɔde anigyeɛ ayɛ wei, na ɛnyɛ ahomeguo,* anyɛ saa a ɛrensi mo yie.
18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn, na yɛgye di sɛ yɛwɔ ahonim* pa, ɛfiri sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokorɛdie bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.+ 19 Deɛ meresrɛ mo paa ne sɛ, mommɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgyaa me ama mo ntɛm.
20 Afei, asomdwoeɛ Nyankopɔn no, deɛ ɔnam daa apam no mogya so nyanee nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ,+ yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no, 21 ɔmfa adepa biara a ɛbɛma moayɛ n’apɛdeɛ mma mo, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ yɛn mu adwuma mma yɛnyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Ɔno* na animuonyam nka no daa daa. Amen.
22 Afei anuanom, mesrɛ mo, monto mo bo ase ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ krataa a matwerɛ mo yi yɛ tia. 23 Mepɛ sɛ mohunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛbom aba mo nkyɛn.
24 Monkyea wɔn a wɔdi mo anim no nyinaa ne akronkronfoɔ no nyinaa mma me. Wɔn a wɔwɔ Italy+ no kyeakyea mo.
25 Adom nka mo nyinaa.
Anaa “mmerɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmɔ wɔn mu ase mma no.”
Anaa “tenenee.”
Anaa “ɔsom adwuma.”
Anaa “ahoɔdenneɛ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “aba.”
Anaa “yɛpae mu ka ne ho asɛm.”
Kyerɛ sɛ, Yesu.
Anaa “Onyankopɔn.”
Nt., “yɛnsuro.”
Anaa “remfata mma.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “apɔ so.”
Anaa “wɔ badwam.”
Anaa “wɔfom kwan.”
Anaa “ɔtumi to ne bo ase ma wɔn; ɔtumi yɛ wɔn brɛbrɛ.”
Nt., “Nna a Kristo wɔ honam mu no.”
Anaa “mu mfitiasesɛm no.”
Anaa “berɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “ɔham.”
Anaa “adehyeɛ.”
Anaa “n’agyinatuo.”
Anaa “ɔde ntam baa mu.” Nt., “ɔde ntam bɛhyɛɛ mfimfini.”
Ɛtaa yɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn sa so; wɔgyaa mu to nsuo mu ma hyɛn no gyina faako.
Anaa “ma yɛn nkwa.”
Anaa “tete agya; agya panin.”
Anaa “nneɛma a ɔnyaa wɔ ɛko mu.”
Anaa “taet.”
Nt., “wɔn a wɔfiri Abraham asene mu.”
Anaa “taet.”
Anaa “taet.”
Anaa “taet.”
Anaa “Ɛfiri sɛ na Lewi yɛ ne nanabarima aseni a wɔnnya nwoo no.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɔrennu ne ho.”
Anaa “Yesu abɛyɛ deɛ wɔde no adi agyinamu ama apam a ɛkyɛn apam baako no.”
Ɛbɛyɛ sɛ nnipa tumidie anaa nnipa aban ho asɛm na ɛreka.
Anaa “nokorɛ ntomadan.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɛrenyini.”
Anaa “paanoo a wɔde kyerɛ.”
Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Anaa “baabi a wɔpata ma bɔne.”
Anaa “deɛ ɔsom ɔsom kronn.”
Anaa “tiboa.”
Nnipa ne nneɛma ho a wɔhohoro sɛdeɛ Mose Mmara no hwehwɛ no.
Nt., “agyedeɛ; ɔgyeɛ.”
Anaa “anantwinini.”
Anaa “nantwibedeɛ a ɔnnyinii pii.”
Anaa “wɔn honam.”
Anaa “tiboa.”
Nt., “wɔde buee ano.”
Anaa “anantwinini.”
Ɛyɛ afifideɛ bi.
Anaa “nwoma mmobɔeɛ.”
Anaa “ɔsom adwuma.”
Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.
Anaa “mmerɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nnipa rentumi.”
Anaa “tiboa.”
Nt., “nwoma no nwoma mmobɔeɛ.”
Anaa “ɔsom adwuma.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ahotɔsoɔ.”
Nt., “ɛkwan a ɔbuee ano.”
Anaa “wɔde mogya apete.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔ badwam.”
Anaa “obiara mma n’ani nku ne yɔnko ho; obiara mma ne yɔnko ho nhia no.”
Anaa “bɛpusu; bɛtwetwe.”
Anaa “Awerɛdie wɔ me.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefoɔ no nsam.”
Nt., “te sɛ deɛ mowɔ adehwɛbea.”
Anaa “moyɛ wɔn a wɔrefa saa haw no mu no mfɛfoɔ.”
Nt., “ahotɔsoɔ a mode kasa.”
Anaa “me kra ani.”
Anaa “yɛn kra.”
Anaa “adanseɛ a ɛdi mu.”
Anaa “yɛn nananom.”
Anaa “mmerɛ yi mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “na ɔbɛyɛɛ tenenee a ɛnam gyidie so ho ɔdedifoɔ.”
Anaa “wɔne no nyinaa bɛnya bɔhyɛ korɔ no ara.”
Nt., “aba.”
Anaa “sɛ ɔnni hwammɔ.”
Anaa “wɔwoo.”
Anaa “wɔkaa wɔ badwam.”
Anaa “w’aba.”
Anaa “ɔkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsie no.”
Greek, “Kristo.”
Nt., “mfa ne nsa nka wɔn mmakan.”
Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛdeɛ baabi teɛ na wɔbɛka.
Anaa “paee wɔn mu mmienu mmienu.”
Anaa “wɔnsɛ wiase.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mo kra ampa aba.”
Anaa “mmaa wɔnhwiee mo mogya ngui.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɔtwe n’aso.”
Anaa “ɛtete mo.”
Nt., “yɛn honam fam agyanom.”
Anaa “ɛyɛ awerɛho.”
Anaa “kronkronyɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Kyerɛ sɛ, ɔbɛma ne papa asesa n’adwene.
Nt., “wannya hokwan no.”
Anaa “biribi.”
Anaa “moampɛ biribi anyi mo ano ankyerɛ; moampo.”
Anaa “ahɔhoɔ a mobɛyɛ wɔn papa.”
Nt., “wɔn a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn; wɔn a wɔakyekyere wɔn.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “te sɛ deɛ mo ne wɔn na ɛrehunu amane.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Kyerɛ sɛ, aduane ho mmara bebree.
Nt., “nni tumi biara.”
Kyerɛ sɛ, yɛn anom asɛm.
Anaa “wɔ badwam.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “ahometeɛ.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “Onyankopɔn.”