Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Yakobo 1:1-5:20
  • Yakobo

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yakobo
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Yakobo

YAKOBO NWOMA

1 Me Yakobo,+ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, meretwerɛ krataa yi ama mmusuakuo 12 a moabɔ ahwete no.

Mekyea mo!

2 Me nuanom, sɛ mohyia sɔhwɛ ahodoɔ a, mommu no anigyeɛ koraa,+ 3 na monhu sɛ wɔsɔ mo gyidie hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.+ 4 Nanso momma animia no nwie n’adwuma na moawie pɛyɛ adi mu wɔ biribiara mu a hwee nhia mo.+

5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma no nkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa adeɛ a animtiabuo* biara nnim.+ 6 Nanso ma no nkɔ so mfa gyidie mmisa;+ ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ ɛfiri sɛ deɛ n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa de no di akɔneaba. 7 Mma onipa a ɔte saa nnsusu da sɛ ɔbɛnya biribi afiri Yehowa* hɔ; 8 ɔyɛ onipa a n’adwene nsi pi,+ na ɔhinhim wɔ n’akwan nyinaa mu.

9 Na ma onua a ɔyɛ mmɔborɔwa* nni ahurisie sɛ wɔama ne so,+ 10 na ɔdefoɔ nso nni ahurisie sɛ wɔabrɛ no ase,+ ɛfiri sɛ ɔdefoɔ bɛtwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Sɛdeɛ awia pue a ɛbɔ dendeenden na ɛhye wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefoɔ bɛgya nneɛma a ɔdi akyire no hɔ akɔ.+

12 Anigyeɛ ne deɛ ɔmia n’ani gyina sɔhwɛ mu,+ ɛfiri sɛ sɛ wɔgye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotire+ a Yehowa* ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ so dɔ no no.+ 13 Obiara a sɔhwɛ bɛto no no, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14 Mmom deɛ ɛsɔ obi hwɛ ne ɔno ara n’akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no bradɛ.*+ 15 Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na sɛ bɔne nya ba a, owuo na ɛdi so.+

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛdi mu biara firi soro;+ ɛfiri hann Agya no nkyɛn;+ ɔno deɛ, ɔnsakrasakra te sɛ sunsum a ɛnnyina faako.*+ 18 Ne pɛ nti, ɔde n’asɛm a ɛyɛ nokorɛ no+ woo yɛn sɛ yɛmmɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a ɛdi kan.+

19 Me nuanom adɔfo, monhunu wei: Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma no mmpere ne ho nnkasa+ anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuo,+ 20 ɛfiri sɛ onipa abufuo nna Onyankopɔn tenenee adi.+ 21 Enti monto efĩ nyinaa ne bɔne biara* ngu,+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔnnua* asɛm no wɔ mo mu, na ɛno na ɛbɛtumi agye mo* nkwa.

22 Momfa asɛm no nyɛ adwuma;+ monntie asɛm no kɛkɛ mmfa nsusuiɛ hunu nnnaadaa mo ho. 23 Na sɛ obi tie asɛm no na wamfa anyɛ adwuma a,+ ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim* wɔ ahwehwɛ mu. 24 Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi sɛdeɛ ɔteɛ. 25 Na deɛ ɔhwehwɛ ahofadie mmara a ɛwie pɛyɛ+ no mu yie na ɔtena mu no, wabɛyɛ obi a ɔde asɛm no yɛ adwuma, na ɔnyɛ obi a ɔtie asɛm no a na ne werɛ afi; n’ani bɛgye sɛ ɔreyɛ saa.+

26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn* nanso ɔnhwɛ ne kasa yie*+ a, ɔredaadaa n’akoma, na onipa a ɔte saa no som yɛ kwa. 27 Ɔsom* a ɛho teɛ na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.+

2 Me nuanom, gyidie a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn animuonyam mu no, mode animhwɛ na ɛkura mu anaa?+ 2 Yɛmfa no sɛ obi a sika kɔkɔɔ mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ ataadeɛ fɛfɛ aba baabi a moahyia, na ohiani bi nso a ɔhyɛ ataade fĩ aba hɔ. 3 Sɛ mote mo anim hwɛ deɛ ɔhyɛ ataadeɛ fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa,” na ohiani no deɛ, moka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa “Tena adwa a me nan sisi so yi nkyɛn” a,+ 4 ɛno nkyerɛ sɛ moyiyi nnipa mu,+ na moabɛyɛ atemmufoɔ a mobu atɛnkyea+ anaa?

5 Me nuanom adɔfo, montie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafoɔ na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu?+ Na ɛnyɛ wɔn na wɔayɛ wɔn adedifoɔ* wɔ Ahennie a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no+ no mu anaa? 6 Nanso mobu ahiafoɔ animtia. Ɛnyɛ adefoɔ na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea? 7 Din pa a Onyankopɔn de ama mo no, ɛnyɛ wɔn na wɔka ho asɛmmɔne? 8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ twerɛsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ modi so a, na morebɔ mmɔden paa. 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no bu mo fɔ* sɛ moyɛ mmaratofoɔ.+

10 Sɛ obi di Mmara no nyinaa so na ɔbu emu asɛm baako so a, wadi ne nyinaa ho fɔ.+ 11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: “Nsɛe awareɛ”+ no, ɔno ara na ɔkaa sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe awareɛ nanso wodi awu a, woato mmara. 12 Monkɔ so mma mo kasa ne mo nneyɛɛ nkyerɛ sɛ moade mo ho, na wɔde nnipa a wɔade wɔn ho mmara*+ na ɛbɛbu mo atɛn. 13 Na deɛ ɔnhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmuo mu.+ Mmɔborɔhunu tumi di nkonim wɔ atemmuo so.

14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie nanso nnwuma nka ho a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?+ Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa?+ 15 Sɛ onuabarima anaa onuabaa bi nni ataadeɛ a ɔbɛhyɛ* ne aduane a ɛbɛso no da no mpo, 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, na wo ho nyɛ wo hye na mee,” na moamma no deɛ nipadua no hia a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?+ 17 Saa ara na gyidie nso teɛ; sɛ nnwuma nka ho a, na awu.+

18 Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nka ho no, na me nso memfa me nnwuma nkyerɛ wo me gyidie.” 19 Wogye di sɛ Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ paa. Ahonhommɔne* nso gye di na wɔn ho popo.+ 20 O onipa a wonni nteaseɛ, wonnim sɛ gyidie a nnwuma nka ho yɛ gyidi hunu? 21 Ɛnyɛ nnwuma so na wɔnam buu yɛn agya Abraham bem berɛ a ɔde ne ba Isak kɔtoo afɔrebukyia so sɛ ɔde no rebɔ afɔreɛ no?+ 22 Wo ara wonim sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidie no ho, na nnwuma na ɛmaa ne gyidie wiee pɛyɛ,+ 23 na twerɛsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni,”+ na ɛmaa wɔfrɛɛ no Yehowa* adamfo.+

24 Moahu sɛ wɔnam nnwuma so na ɛbu onipa bem, na ɛnyɛ gyidie nko ara so. 25 Tuutuuni Rahab nso, berɛ a ɔgyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔmaa wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔeɛ no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?+ 26 Ampa, sɛdeɛ nipadua a honhom* nnim awuo+ no, saa ara na gyidie a nnwuma nka ho awu.+

3 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ sɛdeɛ monim no, yɛn paa na yɛbɛnya atemmuo a emu yɛ duru.*+ 2 Ɛne sɛ, yɛn nyinaa di mfomsoɔ* mprɛ pii.+ Sɛ obi nni mfomsoɔ wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no, bɔne nni ne ho,* na ɔtumi hyɛ ne nipadua nyinaa so.* 3 Sɛ yɛde nnareka hyɛ pɔnkɔ anom ma no tie yɛn a, yɛtumi ma aboa no yɛ deɛ yɛpɛ. 4 Hwɛ, ɛpo so hyɛn nso ɛwom sɛ ɛso, na mframa denden na ɛtumi twe no deɛ, nanso akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no kɔ baabi a ɔhyɛnkafoɔ no pɛ.

5 Saa ara na kɛtrɛma nso teɛ; ɛyɛ kwaa ketewa wɔ nipadua no mu, nanso ɛtumi hoahoa ne ho paa. Hwɛ sɛdeɛ egya ketewa tumi hye kwaeɛ kɛseɛ! 6 Kɛtrɛma nso yɛ gya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɛ ahyɛ no ma; ɛtumi gu nipadua no nyinaa ho fĩ+ na ɛsɛe nnipa abrabɔ; ɛsɛe adeɛ te sɛ Gehenna.* 7 Nkekaboa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔwɔ po mu nyinaa, nnipa tumi yɛ ara* ma wɔtie wɔn, na wɔatie nnipa firi tete. 8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ne ho yɛ ahomete; wontumi nka no nhyɛ, na ɛdi awu.+ 9 Ɛno na yɛde yi Agya Yehowa* ayɛ, na ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn wɔ “Onyankopɔn suban so”+ no. 10 Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome firi ba.

Me nuanom, ɛnyɛ papa sɛ wei bɛkɔ so saa.+ 11 Asutire baako bɛtumi apu nsuo dɛdɛ ne nsuo nwononwono afiri faako anaa? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngodua aba? Na bobe nso bɛtumi aso borɔdɔma?+ Saa ara nso na yɛrentumi nnya nsuo dɛdɛ mfiri nsuo nkyenenkyene mu.

13 Mo mu hwan na ɔyɛ onyansafoɔ na ɔwɔ nteaseɛ? Ma no mfa ɔbra pa ne ɔdwoɔ a ɛfiri nyansam nna ne nnwuma adi. 14 Nanso sɛ mowɔ ahoɔyaa+ ne mansotwe*+ wɔ mo akomam a, monhwɛ na moanhoahoa mo ho+ amfa ankyerɛ sɛ monni nokorɛ. 15 Wei nyɛ nyansa a ɛfiri soro, na mmom ɛyɛ asaase so deɛ,+ honam deɛ, ne ahonhommɔne deɛ. 16 Na baabiara a ahoɔyaa ne mansotwe* wɔ no, basabasa ne akyiwadeɛ biara bi nso wɔ hɔ.+

17 Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan, ɛho te,+ ɛpɛ asomdwoeɛ,+ ɛte asɛm ase,+ ɛyɛ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma,+ ɛnyɛ nyiyimu,+ na ɛnyɛ nyaatwom.+ 18 Bio nso, wɔdua tenenee aba wɔ asomdwoeɛ mu+ ma wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛde asomdwoeɛ ba.+

4 Aperepereɛ ne ntɔkwa a ɛrekɔ so wɔ mo ntam no, ɛhe na ɛfire? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛhyɛ mo so* no mu na ɛfire?+ 2 Deɛ mo kɔn dɔ no, monnya. Modi awu na mo ani bere adeɛ, nanso mo nsa nka deɛ mopɛ. Modi apereɛ na mokõ ntɔkwa.+ Mo nsa nka deɛ mopɛ ɛfiri sɛ mommisa. 3 Sɛ mobisa nso a, mo nsa nka, ɛfiri sɛ ɛnyɛ adwempa na mode bisa; mopɛ sɛ mode di mo honam akɔnnɔ akyi.

4 Awaresɛefoɔ,* monnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+ 5 Anaa mosusu sɛ twerɛsɛm no kaa no kwa sɛ: “Aniberɛ honhom a ɛte yɛn mu no, akɔnnɔ ahyɛ no ma”?+ 6 Nanso adom a ɔma yɛn nsa ka no kyɛn saa honhom no. Enti twerɛsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,+ na ahobrɛasefoɔ deɛ, ɔdom wɔn.”+

7 Ne saa nti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase;+ monsi Ɔbonsam kwan,+ na ɔbɛdwane afiri mo ho.+ 8 Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.+ Mo abɔnefoɔ, monhohoro mo nsa;+ mo a mo adwene nsi mo pi, monte mo akomam.*+ 9 Monni abooboo ne awerɛhoɔ na monsu.+ Momma mo sereɛ nnane awerɛhoɔ na mo anigyeɛ nnane apinisie. 10 Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa* anim,+ na ɔbɛma mo so.+

11 Anuanom, monnkasa nntia mo yɔnko bio.+ Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu ne nua atɛn no kasa tia mmara, na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, ɛnneɛ na wonyɛ obi a ɔdi mmara so; mmom woyɛ ɔtemmufoɔ. 12 Mmarahyɛfoɔ ne Ɔtemmufoɔ baako pɛ na yɛwɔ;+ ɔno na ɔtumi gye nkwa na ɔtumi kum.+ Wo deɛ, wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?+

13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ,”+ 14 nanso monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwisie; ɛpue berɛ tiaa bi a na ayera.+ 15 Mmom no, deɛ ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a,+ yɛbɛnya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.” 16 Nanso seesei deɛ ɛyɛ mo fɛ ne sɛ mobɛkeka nsɛm akɛseɛ de ahoahoa mo ho. Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti sɛ obi nim adepa na wanyɛ a, ɛyɛ bɔne ma no.+

5 Afei mo adefoɔ, montie; ahohia a ɛreba mo so nti, monsu na mommɔ bena.+ 2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na mmoaa awe mo ntaadeɛ.+ 3 Mo sika kɔkɔɔ ne mo dwetɛ awe nnaakyen asɛe, na nnaakyen no bɛyɛ adanseɛ atia mo na adi mo nam. Deɛ moakora so no bɛyɛ sɛ gya wɔ awieeɛ mmerɛ no mu.+ 4 Hwɛ! Adwumayɛfoɔ a wɔtwaa mo afuo mu nnɔbaeɛ no, wɔn akatua a mode akame wɔn no reteam, na atwafoɔ no sufrɛ aduru asafo Yehowa* asom.+ 5 Moanya asetena pa wɔ asaase so na moadi ɔhonam akɔnnɔ akyi. Moadidi ama mo akoma adɔre sradeɛ te sɛ mmoa a wɔrekɔku wɔn.+ 6 Moabu ɔteneneeni fɔ; moaku no. Ɔne* mo renni asie anaa?

7 Enti anuanom, monnya aboterɛ nkɔsi sɛ Awurade mmaeɛ+ no bɛfiri aseɛ. Hwɛ! Okuafoɔ kɔ so ara twɛn asaase so aba a ɛsom bo no, na ɔnya ho aboterɛ kɔsi sɛ ɔbɛnya nsuo a ɛdi kan ne nsuo a ɛtwa toɔ.+ 8 Mo nso monnya aboterɛ;+ monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ Awurade mmaeɛ no abɛn.+

9 Anuanom, mma obiara nnnwiinwii* nntia ne yɔnko na wɔammu mo atɛn.+ Hwɛ! Ɔtemmufoɔ no gyina pono ano. 10 Anuanom, momma adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ Yehowa* din mu+ no amanehunu+ ne wɔn aboterɛ+ nyɛ nhwɛsoɔ mma mo. 11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigyeɛ.”*+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa* maa no firii mu baeɛ;+ moabɛhu sɛ Yehowa* wɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu.+

12 Nanso, me nuanom, deɛ ɛsene ne nyinaa no, monnka ɔsoro anaa asaase ntam anaa ntam foforɔ biara. Mmom momma mo “Aane” nyɛ aane, na mo “Daabi” nyɛ daabi,+ na wɔammu mo atɛn.

13 Mo mu bi rehunu amane anaa? Ma no nkɔ so mmɔ mpaeɛ.+ Obi wɔ anigyeɛ mu? Ma no nto ayeyi nnwom.+ 14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ+ na wɔmmɔ mpaeɛ mma no, na wɔnsra no ngo+ wɔ Yehowa* din mu. 15 Na mpaeɛ a wɔde gyidie bɔ no bɛma deɛ ɔnte apɔ* no ho ayɛ no den, na Yehowa* bɛma ne so. Sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde bɛkyɛ no.

16 Enti mompae mu nka mo bɔne+ nkyerɛ mo ho, na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na moanya ayaresa. Ɔteneneeni nkotosrɛ wɔ* tumi kɛse.+ 17 Ná Elia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara, nanso ɔyeree ne ho bɔɔ mpaeɛ sɛ mma nsuo nntɔ; na ampa ara, nsuo antɔ asaase no so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.+ 18 Afei ɔsan bɔɔ mpaeɛ, na nsuo tɔ firii soro, na asaase soo n’aba.+

19 Me nuanom, sɛ mo mu bi mane firi nokorɛ no ho na sɛ obi gye no si yie a, 20 monhu sɛ obiara a ɔtwe ɔbɔnefoɔ firi ne kwammɔne so+ no bɛgye no* afiri owuo mu na wakata bɔne pii so.+

Anaa “ahohora.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “onua a ɔnni bi.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɛyi no sɛ fidie.”

Anaa “sunsum a ɛsakra na ɛdanedane nni ne mu.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ne bɔne mmorosoɔ.”

Anaa “wɔntɛ.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “n’animdua.”

Anaa “ɔyɛ onyamesomfoɔ.”

Anaa “ɔnto ne kɛtrɛma nnareka.”

Anaa “Nyamesom.”

Anaa “adehyeɛ.”

Anaa “mmara a ɛdi hene.”

Anaa “kasa kyerɛ mo.”

Nt., “ahofadie mmara.”

Nt., “da adagya.”

Anaa “Adaemone.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ahome.”

Anaa “den.”

Nt., “sunti anaa yɛhwe ase.”

Anaa “ɔwie pɛyɛ.”

Anaa “to ne nipadua nyinaa nnareka.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “dwodwo wɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na mopere diberɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “diberɛ a wɔpere.”

Nt., “ɛwɔ mo akwaa mu.”

Anaa “Mo a monni nokorɛ.”

Anaa “monnwira mo akoma ho.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn ne.”

Anaa “nnsi apini.” Nt., “nngu ahome.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “yɛbu wɔn sɛ wɔahyira wɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “tema.”

Hwɛ Nkh. A5.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ wabrɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “nkotosrɛ, sɛ ɛreyɛ adwuma a, ɛwɔ.”

Anaa “ne kra.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane