PETRO NWOMA A ƐDI KAN
1 Me, Petro a meyɛ Yesu Kristo somafoɔ,+ meretwerɛ krataa yi abrɛ mo a moabɔ ahwete Ponto, Galatia, Kapadokia,+ Asia, ne Bitinia; mo a moyɛ amamfrafoɔ a wɔayi mo. 2 Mo na Agya Nyankopɔn ayi mo sɛdeɛ ɔbɔɔ ne tirim no.+ Ɔde honhom no ate mo ho+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ ɔsetie na wɔde Yesu Kristo mogya apete mo so:+
Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo.
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu nti ɔnyanee Yesu Kristo firii awufoɔ mu,+ na ɔnam so awo yɛn foforɔ+ kɔ anidasoɔ a nkwa wom+ mu, 4 na ama yɛanya agyapadeɛ a ɛmporɔ na efĩ nni ho na ɛnsɛeɛ.+ Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo;+ 5 mo gyidie nti, Onyankopɔn nam ne tumi so hwɛ mo so kɔ nkwagyeɛ mu; saa nkwagyeɛ no na wɔrebɛyi no adi wɔ awieeɛ mmerɛ no mu. 6 Wei nti na modi ahurisie kɛse, ɛwom sɛ sɔhwɛ ahodoɔ bɛtumi ama mo werɛ aho kakra deɛ, nanso saa na ɛsɛ sɛ ɛba,+ 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a,+ mo gyidie a wɔasɔ ahwɛ+ no de ayeyie ne animuonyam ne anidie bɛba; saa gyidie no som bo sene sika kɔkɔɔ a sɛ wɔde fa gya mu yiyi mu fĩ* mpo a, ɛtumi sɛe no. 8 Ɛwom, monhuu no da, nanso modɔ no. Seesei monhu no, nanso mogye no di, na mode anigyeɛ kɛseɛ redi ahurisie paa, 9 na mo gyidie nti, mo nsa bɛka mo nkwagyeɛ*+ no.
10 Saa nkwagyeɛ yi, adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a mobɛnya ho nkɔm no bɔɔ mmɔden pɛɛpɛɛ mu, na wɔhwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri.+ 11 Ná honhom a ɛwɔ wɔn mu no adi adanseɛ sɛ Kristo bɛhunu amane+ na akyire yi wɔahyɛ no animuonyam. Enti wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ deɛ ɛbɛto Kristo ne berɛ a nsɛm no bɛsisi.+ 12 Wɔyii no adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔsom adwuma a wɔyɛeɛ no, wɔanyɛ amma wɔn ho, na mmom mo na wɔde nneɛma a wɔaka ho asɛm akyerɛ mo seesei yi som mo; ɛno ne asɛmpa a ebinom nyaa honhom kronkron firii soro+ de ka kyerɛɛ mo no. Saa nneɛma yi na abɔfoɔ pɛ sɛ wɔhunu mu yie.
13 Enti monsiesie mo adwene mma adwuma kɛseɛ,+ momma mo ani nna hɔ paa;+ momfa mo ani nto adom a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a mo nsa bɛka no so. 14 Moyɛ mma a moyɛ ɔsetie, enti akɔnnɔ a na mowɔ berɛ a monnim hwee no, monnyae akyiri die,* 15 na mmom monyɛ kronkron mo nneyɛɛ nyinaa mu+ sɛdeɛ Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no teɛ no, 16 na wɔatwerɛ sɛ: “Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.”+
17 Sɛ mosu frɛ Agya a ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ na ɔnhwɛ nnipa anim+ no a, momfa nyamesuro+ mmɔ mo bra, seesei a mote wiase sɛ ahɔhoɔ yi. 18 Na monim sɛ mo abrabɔ hunu a mo agyanom de gyaa mo* no, ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛe te sɛ dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ na wɔde gyee mo firii mu.+ 19 Mmom ɛnam Kristo+ mogya a ɛsom bo+ no so; ɛte sɛ odwan ba a ɛdɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho+ mogya. 20 Ɛwom sɛ na wɔayi no dada ansa na wɔrehyɛ wiase ase*+ deɛ, nanso mo nti wɔdaa no adi awieeɛ berɛ mu.+ 21 Monam ne so abɛgye Onyankopɔn adi;+ ɔno na ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ hyɛɛ no animuonyam+ na ama moanya gyidie ne anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu.
22 Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira mo* ho ama moanya onuadɔ a nyaatwom nnim+ yi, momfiri akomam nnodɔ mo ho dendeenden.+ 23 Na wɔawo mo foforɔ,+ nanso ɛnyɛ aba* a ɛporɔ mu, na mmom deɛ ɛmporɔ+ mu, na ɛnam Onyankopɔn teasefoɔ a ɔte hɔ daa no asɛm so.+ 24 Na “ɔhonam* nyinaa te sɛ serɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ wuram nhwiren; serɛ hye na nhwiren poro gu, 25 na Yehowa* anom asɛm deɛ, ɛwɔ hɔ daa.”+ Na asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no ne “asɛm” no.+
2 Enti monto bɔne ne nnaadaa ne nyaatwom ne aniberɛ ne anoɔyea nyinaa ngu.+ 2 Monyɛ sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn foforɔ+ na monnya asɛm no mu nufosuo a wɔmfraa mu no ho akɔnnɔ. Ɛno bɛma moanyini akɔ nkwagyeɛ mu,+ 3 ɛfiri sɛ moaka ahwɛ ahu sɛ Awurade yam yɛ.
4 Ɔno na moba ne nkyɛn; ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom a nnipa apo no,+ nanso Onyankopɔn ayi no na ɔsom bo ma no,+ 5 na mo ara nso, moyɛ aboɔ a nkwa wom a wɔde mo resi honhom mu fie+ de mo ayɛ asɔfokuo kronkron, na moafa Yesu Kristo so abɔ honhom mu afɔreɛ+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 6 Na Twerɛnsɛm no ka sɛ: “Hwɛ, mede ɛboɔ a wɔayi, ntwea so boɔ titire a ne boɔ yɛ den reto fapem wɔ Sion, na obiara a ɔnya mu gyidie no nsa rensi fam da.”*+
7 Enti mo mmom na ɔsom bo ma mo, ɛfiri sɛ moyɛ agyidifoɔ; na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, “ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no,+ ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire”*+ 8 ne “suntiboɔ ne watiri boɔ”+ ama wɔn. Ɛsiane sɛ wɔntie asɛm no nti na wɔsunti. Na saa ara na ɛbɛwie wɔn. 9 Nanso mo deɛ, moyɛ “abusua a wɔayi mo, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron,+ nnipa a Onyankopɔn de mo ayɛ ɔno ara n’agyapadeɛ,+ sɛ monka” deɛ ɔfrɛɛ mo firii sum mu baa ne hann nwanwasoɔ+ mu no “nneyɛɛ pa* nkyerɛ.”+ 10 Kane no, na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man;+ berɛ bi, na Onyankopɔn mmɔborɔhunu nni mo so, nanso seesei wahu mo mmɔbɔ.+
11 Adɔfo, moyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ,+ enti metu mo fo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfiri ɔhonam akɔnnɔ ho,+ ɛfiri sɛ ɛne mo* ko.+ 12 Monkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,+ na sɛ wɔbɔ mo soboɔ sɛ moyɛ abɔnefoɔ a, wɔbɛhu mo nnwuma pa adi ho adanseɛ,+ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no.
13 Awurade nti mommrɛ mo ho ase mma nnipa nhyehyɛeɛ nyinaa;+ mommrɛ mo ho ase mma ɔhene+ ɛsiane ne diberɛ nti, 14 ne amradofoɔ a ɔhene soma wɔn sɛ wɔnkɔtwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ adepa+ no. 15 Na deɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ mobɛyɛ adepa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa a wɔnte asɛm ase bɛgyae wɔn nsɛnhunu no keka.*+ 16 Moyɛ nnipa a moade mo ho,+ nanso ɛnsɛ sɛ mode mo ahofadie no kata mo anim* yɛ bɔne,+ na mmom momfa nsom Onyankopɔn sɛ ne nkoa.+ 17 Monni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom* nyinaa,+ monsuro Onyankopɔn,+ na monni ɔhene ni.+
18 Momma nkoa mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom, na wɔmfa obuo a ɛfata mma wɔn,+ ɛnyɛ awuranom a wɔyɛ na wɔte asɛm ase nko, na mmom wɔn a wɔn asɛm yɛ den nso. 19 Ahonim* pa a obi wɔ wɔ Onyankopɔn anim+ nti, sɛ ɔhunu amane* anaa wɔtan n’ani na ɔde animia gyina mu a, ɛyɛ adepa. 20 Na sɛ moyɛ bɔne ma wɔboro mo na mode animia gyina mu a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?+ Mmom sɛ adepa nti mohunu amane na mode animia gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+
21 Ɛno ara nso ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu, ɛfiri sɛ Kristo mpo hunuu amane maa mo,+ na ɔgyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi pɛɛ.+ 22 Wanyɛ bɔne biara,+ na wɔanhu nnaadaasɛm nso wɔ n’anom.+ 23 Berɛ a wɔdidii no atɛm* no,+ wannidi wɔn atɛm* bi.+ Berɛ a ɔrehunu amane no,+ wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee+ no nsa. 24 Ɔno na ɔde ɔno ara ne nipadua soaa yɛn bɔne+ wɔ dua no so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛgyae bɔne na yɛatena ase ayɛ adetenenee. Na “ɛnam n’akuro so na wɔsaa mo yareɛ.”+ 25 Ná mote sɛ nnwan a wɔayera;+ nanso seesei moasan aba deɛ ɔhwɛ mo kra* so+ na ɔwɛn no no nkyɛn.
3 Saa ara na mo ɔyerenom nso, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom.+ Sɛ moyɛ saa na moankasa mpo a, monam mo abrabɔ so bɛnya mo kununom a wɔnyɛ aso mma asɛm no,+ 2 ɛfiri sɛ wɔn ara de wɔn ani bɛhu mo abrabɔ pa+ ne obuo a emu dɔ no. 3 Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hunu so; ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛ obi bɛbɔ ne ti, ɔbɛhyɛ sika kɔkɔɔ agudeɛ,+ anaa ɔbɛhyɛ ntaadeɛ a ne boɔ yɛ den; 4 mmom momma no nnyina nneɛma a ɛnsɛe so, kyerɛ sɛ, akomam nipa a ahinta, honhom a ɛdwoɔ na ɛbrɛ ne ho ase;+ wei na ɛsom bo Onyankopɔn anim. 5 Saa ara na tete no, mmaa kronkron a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn so no siesiee wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom; 6 Sara yɛɛ saa, na ɔtiee Abraham frɛɛ no me wura.+ Sɛ mokɔ so yɛ papa na moammɔ hu a,+ ɛnneɛ na moabɛyɛ Sara mma.
7 Okununom, saa ara na ɛsɛ sɛ mokɔ so ne wɔn tena wɔ nimdeɛ mu.* Monni mmaa no ni+ sɛ anwenneɛ a ɛyɛ mmerɛ sene mo, na mo mpaebɔ kwan ansi, ɛfiri sɛ nkwa a wɔde adom mo no, wɔn nso anya bi.+
8 Afei mo nyinaa nyɛ adwenkorɔ,+ na monnya tema, onuadɔ, ayamhyehyeɛ,+ ne ahobrɛaseɛ.+ 9 Mommfa bɔne nntua bɔne so ka,+ na mommfa adapaatwa nntua adapaatwa so ka.+ Mmom monhyira nkurɔfoɔ+ na mo nsa aka nhyira, ɛfiri sɛ wei ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu.
10 Na “deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ n’ani gye wɔ asetenam* no, ma no nhwɛ ne kɛtrɛma yie na anka asɛmmɔne,+ na ɔnhwɛ n’ano yie na anka nnaadaasɛm. 11 Ma no ntwe ne ho mfiri bɔne ho+ na ɔnyɛ papa;+ ɔnhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.+ 12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+
13 Na sɛ mobɔ papayɛ ho mmɔden a, hwan na ɔbɛha mo?+ 14 Na sɛ tenenee nti mohunu amane mpo a, mowɔ anigyeɛ.+ Nanso nneɛma a ɛhunahuna wɔn no,* monnsuro, na mommma no mmɔ mo hu.+ 15 Mmom no, mommu Kristo wɔ mo akomam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade. Monsiesie mo ho sɛ berɛ biara a obi bɛbisa anidasoɔ a mowɔ no ho biribi no, mobɛyi no ano, nanso monyɛ no ɔdwoɔ+ ne anidie*+ mu.
16 Monkura ahonim* pa mu+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asɛmmɔne biara a nkurɔfoɔ bɛka afa mo ho no, ɔbra pa a mobɔ de kyerɛ sɛ moyɛ Kristofoɔ+ no bɛma wɔn ani awu.+ 17 Na sɛ mohunu amane adepa ho, na Onyankopɔn ma kwan saa a, ɛyɛ+ sene sɛ mobɛyɛ bɔne ahunu amane.+ 18 Bɔne nti Kristo wuu prɛko;+ ɔteneneeni wu maa abɔnefoɔ+ na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Wɔkum no ɔhonam mu+ nanso wɔmaa no tenaa ase honhom mu.+ 19 Tebea yi mu na na ɔwɔ a ɔkɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase+ no. 20 Wɔn na Noa berɛ so no,+ wɔyɛɛ asoɔden berɛ a Onyankopɔn nyaa aboterɛ twɛneeɛ* no. Saa berɛ no na wɔyɛɛ adaka+ de koraa nnipa kakra so, kyerɛ sɛ, akra* nwɔtwe, na wɔde wɔn twaa nsuyire no.+
21 Deɛ ɛte sɛ wei ne asubɔ, na seesei ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa; ɛnyɛ sɛ ɛyi yɛn honam ho fĩ, na mmom ɛyɛ adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa.+ 22 Ɔkɔɔ soro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa;+ na wɔde abɔfoɔ ne atumfoɔ ne ahoɔdenfoɔ ahyɛ n’ase.+
4 Ɛsiane sɛ Kristo hunuu amane ɔhonam mu+ nti, mo nso momfa adwenkorɔ* no ara nhyɛ mo ho den; ɛfiri sɛ obiara a ɔhunu amane ɔhonam mu no akyerɛ sɛ watwe ne ho afiri bɔne ho,+ 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ne nna a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase nyɛ nnipa akɔnnɔdeɛ,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 3 Na berɛ a mode yɛɛ deɛ amanaman no pɛ+ no ara dɔɔso. Saa berɛ no, mode mo ho hyɛɛ ahohwie,* akɔnnɔ bɔne, nsanom bebrebe, apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye, akɔwensafoɔ fekuo, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+ 4 Ɛsiane sɛ mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa nneɛma funu no mu bio nti, ɛyɛ wɔn nwanwa na wɔkasa tia mo.+ 5 Nanso saa nnipa yi bɛbu akonta akyerɛ deɛ wasiesie ne ho sɛ ɔrebɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.+ 6 Wei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ+ nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔbu wɔn atɛn ɔhonam mu wɔ nnipa ani so mpo a, Onyankopɔn ani so deɛ, honhom no bɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan.
7 Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monyɛ krado* sɛ mobɛbɔ mpaeɛ berɛ nyinaa.+ 8 Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+ 9 Obiara nsom ne yɔnko hɔhoɔ a anwiinwii biara nnim.+ 10 Akyɛdeɛ a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ efiehwɛfoɔ pa a wɔde Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛyɛ adwuma akwan hodoɔ pii so+ no ahyɛ ne nsa. 11 Sɛ asɛm bi na obi reka a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn asɛm; sɛ obi resom a, ma no mfa ne ho nto ahoɔden a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no so;+ ɛno bɛma nkurɔfoɔ afa Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ biribiara mu.+ Ɔno na animuonyam ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.
12 Adɔfo, mommma sɔhwɛ a morefa mu a ɛma mo ho hyehye mo no nnyɛ mo nwanwa+ te sɛ deɛ biribi a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, monkɔ so mma mo ani nnye+ sɛ monya Kristo amanehunu no mu kyɛfa,+ na sɛ wɔyi n’animuonyam nso adi a, mo ani agye adi ahurisie.+ 14 Sɛ Kristo din nti wɔgu mo anim ase* a, mo ani gye,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn honhom a ɛyɛ animuonyam honhom no wɔ mo so.
15 Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ wudini anaa korɔmfoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa obi a ɔde ne ho gyegye nkurɔfoɔ nsɛm mu.+ 16 Sɛ obi hunu amane sɛ Kristoni a, ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani wu,+ na mmom ɛsɛ sɛ ɔkɔ so bɔ ne bra sɛ Kristoni de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 17 Berɛ aduru sɛ atemmuo no firi aseɛ wɔ Onyankopɔn fie.+ Na sɛ ɛbɛfiri aseɛ wɔ yɛn so+ a, ɛnneɛ ɛbɛwie wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛmpa no sɛn?+ 18 “Na sɛ ɔteneneeni mpo, ɛnyɛ mmerɛ sɛ wɔbɛgye no a, ɛnneɛ omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ bɛgyina he?”+ 19 Enti wɔn a Onyankopɔn apɛdeɛ nti wɔrehunu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa.+
5 Enti mpanimfoɔ a wɔwɔ mo mu no, me a meyɛ ɔpanin te sɛ wɔn, ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ, na mewɔ kyɛfa wɔ animuonyam a wɔrebɛyi no adi+ mu no, metu wɔn fo sɛ: 2 Monyɛn Onyankopɔn nnwankuo+ a wɔhyɛ mo nsa no. Monyi mo yam nhwɛ wɔn so* mma Onyankopɔn,+ ɛnyɛ amemenemfe so anaa adufudepɛ nti,+ na mmom momfa anigyeɛ nyɛ; 3 monnhyɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapadeɛ no so,*+ na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no nsuasua.+ 4 Na berɛ a wɔbɛda odwanhwɛfoɔ panin+ no adi no, mobɛnya animuonyam abotire a ɛnsɛe da.+
5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase nhyɛ mpanimfoɔ no ase.+ Na obiara mmrɛ ne ho ase* mma ne yɔnko,* ɛfiri sɛ Onyankopɔn ko tia ahantanfoɔ, na ahobrɛasefoɔ deɛ, ɔdom wɔn.+
6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Otumfoɔ Nyankopɔn* ase na wama mo so berɛ a ɛsɛ mu,+ 7 na monto mo dadwene* nyinaa ngu ne so,+ ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.+ 8 Mo ani nna hɔ na monwɛn!+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akye no awe.+ 9 Nanso momfa gyidie nnyina hɔ pintinn ne no nko,+ na monhu sɛ amanehunu korɔ no ara na mo nuanom* a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.+ 10 Na sɛ mohunu amane kakra a, adom nyinaa Nyankopɔn a ɔnam Kristo so frɛɛ mo baa ne daa animuonyam mu+ no ankasa bɛwie mo nteteeɛ. Ɔbɛma mo ase atim,+ ɔbɛma moayɛ den,+ na ɔbɛma moagyina pintinn. 11 Ɔno na tumi wɔ no daa. Amen.
12 Menam onua Silwano*+ a mebu no ɔnokwafoɔ no so atwerɛ mo nsɛm kakra yi. Mede rebɛhyɛ mo nkuran de adi mo adanseɛ turodoo sɛ wei ne Onyankopɔn adom no ankasa. Ɛno mu na monnyina pintinn. 13 Ɔbaa* a ɔwɔ Babilon a wɔayi no sɛ mo ara no kyea mo, na me ba Marko+ nso kyea mo. 14 Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho.
Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.
Anaa “pa mu.”
Anaa “mo kra nkwagyeɛ.”
Anaa “monnsuasua bio.”
Anaa “monya firii atetesɛm mu.”
Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.
Anaa “adwira mo kra.”
Kyerɛ sɛ, aba a ɛtumi fifi anaa ɛtumi so.
Anaa “nnipa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “anim rengu ase.”
Nt., “tweatiboɔ.”
Nt., “suban pa,” kyerɛ sɛ, ne suban ne ne nneyɛɛ a ɛsɛ ayeyie.
Anaa “ɛne ɔkra no.”
Nt., “ɛbɛyɛ nnareka ama nnipa a wɔnte asɛm ase.”
Anaa “yi mo ho ano.”
Nt., “anuanom nkabom.”
Anaa “Tiboa.”
Anaa “ɔdi awerɛhoɔ; ɔdi yea.”
Anaa “wɔsopaa.”
Anaa “wansopa.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “mokɔ so te wɔn ase.”
Nt., “ɔpɛ sɛ ɔhu nna pa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn ahunahuna no.”
Anaa “obuo kɛseɛ.”
Anaa “tiboa.”
Nt., “berɛ a Onyankopɔn aboterɛ twɛneeɛ.”
Anaa “nnipa.”
Anaa “tirimbɔ korɔ.”
Anaa “aniwudeɛ.” Ɛfiri Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mo ani nna hɔ; monwɛn.”
Anaa “wɔdidi mo atɛm.”
Anaa “wɔn kra.”
Anaa “nyɛ wɔn so ahwɛfoɔ.”
Anaa “monnni wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapadeɛ no so bakoma.”
Anaa “mfa ahobrɛaseɛ mmɔ n’asene.”
Anaa “obiara nnya ahobrɛaseɛ adwene mma ne yɔnko.”
Nt., “Onyankopɔn tumi nsa.”
Anaa “haw; adwendwene.”
Anaa “anuanom nkabom.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.
Ɛbɛtumi aba sɛ “ɔbaa” a wɔaka ne ho asɛm wɔ ha no yɛ asafo bi.