Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 1 Yohane 1:1-5:21
  • 1 Yohane

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Yohane
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Yohane

YOHANE NWOMA A ƐDI KAN

1 Nkwa asɛm+ a na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no, ɛho asɛm a yɛateɛ, ɛho asɛm a yɛde yɛn ani ahunu, ɛho asɛm a yɛahwɛ no yie, ɛho asɛm a yɛde yɛn nsa aka, 2 (aane, wɔyii nkwa no adi kyerɛe, na daa nkwa+ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a wɔyii no adi kyerɛɛ yɛn no, yɛahunu, yɛredi ho adanseɛ,+ na yɛreka ho asɛm akyerɛ mo), 3 deɛ yɛahunu, ne deɛ yɛateɛ no, ɛno na yɛreka akyerɛ mo nso,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa, ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo ntam+ no bi. 4 Na yɛretwerɛ weinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛdi mu.*

5 Wei ne asɛm a yɛate afiri ne nkyɛn a yɛreka akyerɛ mo: Onyankopɔn yɛ hann,+ na esum biara nni ne mu. 6 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛne no wɔ ayɔnkofa,” na sɛ yɛkɔ so nante sum no mu a, ɛnneɛ na yɛredi atorɔ, na yɛmfa nokorɛ no mmɔ yɛn bra.+ 7 Na sɛ yɛnam hann no mu sɛdeɛ ɔno ankasa wɔ hann no mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.+

8 Sɛ yɛka sɛ, “Bɔne nni yɛn ho” a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokorɛ no nni yɛn mu. 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ɔbɛhohoro yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.+ 10 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛnyɛɛ bɔne” a, na yɛrema no ayɛ ɔtorofoɔ, na n’asɛm nni yɛn mu.

2 Me mma nkumaa, meretwerɛ weinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafoɔ* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔteneneeni+ Yesu Kristo.+ 2 Ɔyɛ mpata afɔreɛ+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara deɛ, na mmom wiase nyinaa nso deɛ ka ho.+ 3 Sɛ yɛkɔ so di n’ahyɛdeɛ so a, ɛno na ɛma yɛhunu sɛ yɛnim no. 4 Sɛ obi ka sɛ, “Menim no,” na wanni n’ahyɛdeɛ so a, ɔyɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni saa onipa no mu. 5 Na obiara a ɔdi n’asɛm so no, saa onipa yi mu na Onyankopɔn dɔ awie pɛyɛ+ ampa. Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako.+ 6 Deɛ ɔka sɛ ɔne no yɛ baako no, ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔkɔ so nante sɛdeɛ onii no nanteeɛ no.+

7 Adɔfo, deɛ meretwerɛ abrɛ mo yi, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ. Mmom ɛyɛ ahyɛdeɛ dada a monya firii mfitiaseɛ no.+ Ahyɛdeɛ dada yi ne asɛm a moteeɛ no. 8 Bio nso, meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ abrɛ mo. Saa ahyɛdeɛ no yɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo nyinaa fam, ɛfiri sɛ esum no retwam, na nokorɛ hann no rehyerɛn dada.+

9 Sɛ obi ka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan+ ne nua a, ɔda so ara wɔ sum no mu.+ 10 Deɛ ɔdɔ ne nua no, ɔte hann no mu,+ na suntidua biara nni ne mu. 11 Na obi a ɔtan ne nua deɛ, ɔte sum mu,+ na ɔnam sum mu, na ɔnnim baabi a ɔrekɔ,+ ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.

12 Mma nkumaa, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.+ 13 Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+ Mmɔfra nkumaa, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu Agya no.+ 14 Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ mo ho yɛ den,+ na Onyankopɔn asɛm te mo mu,+ na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+

15 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.+ Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no ho dɔ nni ne mu.+ 16 Ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho* no, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase. 17 Afei nso, wiase ne n’akɔnnɔ retwam,+ na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.+

18 Mmɔfra nkumaa, berɛ a ɛdi akyire no nie. Sɛdeɛ moate sɛ deɛ ɔsɔre tia Kristo* no reba+ no, seesei mpo, wɔn a wɔsɔre tia Kristo* bebree aba.+ Wei na ɛma yɛhunu sɛ berɛ a ɛdi akyire no nie. 19 Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ, nanso na wɔnka yɛn ho.*+ Sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wɔfirii yɛn mu kɔe sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ obiara na ɔka yɛn ho.+ 20 Na mo deɛ, ɔkronkronni no+ asra mo, na mo nyinaa mowɔ nimdeɛ. 21 Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no+ nti na meretwerɛ mo. Mmom deɛ enti a meretwerɛ mo ne sɛ, monim nokorɛ no, na atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu mma.+

22 Hwan ne ɔtorofoɔ? Ɔno ne deɛ ɔnnye ntom sɛ Yesu ne Kristo+ no. Wei ne deɛ ɔsɔre tia Kristo*+ no, deɛ ɔpo Agya no ne Ɔba no. 23 Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso.+ Na obiara a ɔgye Ɔba no tom+ no, ɔwɔ Agya no nso.+ 24 Mo deɛ, deɛ moate afiri mfitiaseɛ no, momma ɛntena mo mu.+ Sɛ deɛ moate afiri mfitiaseɛ no tena mo mu a, mo nso mobɛtena Ɔba no mu, na moatena Agya no mu. 25 Bio nso, wei ne adeɛ a ɔno ara de hyɛɛ yɛn bɔ no, daa nkwa.+

26 Deɛ meretwerɛ abrɛ mo yi, ɛfa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. 27 Na mo deɛ, ɔsra a monya firii ne hɔ+ no te mo mu, na ɛnhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; mmom sɛdeɛ ɔsra a monya firii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokorɛ na ɛnyɛ atorɔ no, sɛdeɛ ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne deɛ ɔsraa mo no nyɛ baako.+ 28 Enti afei, mma nkumaa, mo ne no nyɛ baako, na sɛ wɔda no adi a, yɛatumi akasa ahotɔsoɔ mu,+ na yɛamfa aniwuo amfiri n’anim wɔ ne mmaeɛ no mu. 29 Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, ɛnneɛ monim nso sɛ, obiara a ɔyɛ adetenenee no, ɔno na ɔwoo no.+

3 Monhwɛ ɔdɔ kɛseɛ a Agya no de adɔ yɛn.+ Ɛno ne sɛ, wɔafrɛ yɛn Onyankopɔn mma!+ Na yɛyɛ ne mma nso. Wei nti na wiase no nnim yɛn no,+ ɛfiri sɛ ɛnnim no.+ 2 Adɔfo, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma,+ nanso yɛnnya nhuu sɛdeɛ yɛbɛyɛ daakye.+ Nso yɛnim sɛ, sɛ ɔda ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ no ara. 3 Na obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ ne mu no ma ne ho te,+ sɛdeɛ ɔno nso ho teɛ no.

4 Obiara a ɔte bɔne mu no, ɔte mmarato mu nso, na bɔne yɛ mmarato. 5 Monim nso sɛ, wɔyii no adi sɛ ɔmmɛyi yɛn bɔne mfiri hɔ,+ na bɔne nni ne mu. 6 Obiara a ɔne no ayɛ baako no ntena bɔne mu;+ obiara a ɔte bɔne mu no nhuu no, na ɔnnim no nso. 7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo; deɛ ɔyɛ adetenenee no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ ɔno nso yɛ ɔteneneeni no. 8 Deɛ ɔte bɔne mu no firi Ɔbonsam, ɛfiri sɛ Ɔbonsam na wayɛ bɔne firi mfitiaseɛ.*+ Wei nti na wɔyii Onyankopɔn Ba no adi, sɛ ɔmmɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.+

9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn aba* te onii no mu. Ɔrentumi ntena bɔne mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na awo no.+ 10 Deɛ ɛma yɛhunu Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma nie: Obiara a ɔnyɛ adetenenee no, ɔmfiri Onyankopɔn, na deɛ ɔnnɔ ne nua no nso mfiri Onyankopɔn.+ 11 Wei ne asɛm a mote firii mfitiaseɛ no. Ɛne sɛ, yɛnnodɔ yɛn ho.+ 12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain a na ɔfiri ɔbɔnefoɔ no a ɔkum ne nua no.+ Na adɛn nti na ɔkum no? Ɛfiri sɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na na ne nua no nnwuma tene.+

13 Anuanom, mommma no nnyɛ mo nwanwa sɛ wiase no tan mo.+ 14 Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu,+ ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom.+ Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.+ 15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+ 16 Deɛ ama yɛahunu deɛ ɔdɔ kyerɛ ne sɛ, ɔde ne nkwa* too hɔ maa yɛn,+ na yɛn nso, ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛde yɛn nkwa* to hɔ ma yɛn nuanom.+ 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyadeɛ, na ɔhunu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, ɛdeɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+ 18 Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma nnnɔ,+ na mmom yɛmfa yɛn nneyɛɛ nkyerɛ yɛn dɔ,+ na yɛnnɔ wɔ nokorɛ mu.+

19 Wei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛma yɛn akoma anya awerɛhyɛmu wɔ n’anim. 20 Na sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ wɔ biribi mu mpo a, Onyankopɔn so sene yɛn akoma, na ɔnim nneɛma nyinaa.+ 21 Adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛtumi de ahotɔsoɔ kasa wɔ Onyankopɔn anim;+ 22 na biribiara a yɛbisa no, yɛnya firi ne hɔ,+ ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. 23 N’ahyɛdeɛ no ara ne sɛ, yɛbɛnya gyidie wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu,+ na yɛadodɔ yɛn ho+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a ɔde maa yɛn no kyerɛ no. 24 Bio nso, deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ so no ne no yɛ baako, na ɔno nso ne onii no yɛ baako.+ Na honhom a ɔde maa yɛn no na ɛma yɛhunu sɛ ɔne yɛn yɛ baako.+

4 Adɔfoɔ, monnnye honhom mu nsɛm+ nyinaa* nnni. Mmom monsɔ honhom mu nsɛm* no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ anaa,+ ɛfiri sɛ atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.+

2 Deɛ ɛbɛma moahunu sɛ honhom mu nsɛm no firi Onyankopɔn hɔ nie: Honhom mu nsɛm biara a ɛka sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no firi Onyankopɔn hɔ.+ 3 Na honhom mu nsɛm biara a ɛnka sɛ Yesu baa ɔhonam mu no deɛ, ɛmfiri Onyankopɔn.+ Afei nso, wei ne honhom mu nsɛm a motee sɛ ɛbɛfiri deɛ ɔsɔre tia Kristo* no hɔ aba no,+ na seesei anya aba wiase.+

4 Mma nkumaa, mofiri Onyankopɔn, na moadi wɔn* so nkonim.+ Ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo afã no+ so sene deɛ ɔwɔ wiase no afã.+ 5 Wɔn deɛ, wɔfiri wiase.+ Ɛno nti, wɔka nsɛm a ɛfiri wiase, na wiase no tie wɔn.+ 6 Yɛn deɛ, yɛfiri Onyankopɔn. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn;+ na obiara a ɔmfiri Onyankopɔn no ntie yɛn.+ Wei na yɛde hunu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokorɛ ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ atorɔ.*+

7 Adɔfoɔ, momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ firi Onyankopɔn. Na obiara a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn na awo no, na ɔnim Onyankopɔn.+ 8 Obiara a ɔnni dɔ no, ɔnnim Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne dɔ.+ 9 Wei ne ɛkwan a wɔnam so yii Onyankopɔn dɔ kyerɛɛ yɛn. Ɛne sɛ, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro+ no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.+ 10 Deɛ saa ɔdɔ yi kyerɛ nie: Ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn. Na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔreɛ+ mpata mma yɛn bɔne.*+

11 Adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔɔ yɛn a, ɛnneɛ yɛn nso, ɛsɛ sɛ* yɛdodɔ yɛn ho.+ 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da.+ Sɛ yɛkɔ so dodɔ yɛn ho a, Onyankopɔn da so ara ka yɛn ho, na ne dɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu.+ 13 Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako, na ɔno nso ne yɛn yɛ baako, ɛfiri sɛ ɔde ne honhom ama yɛn. 14 Bio nso, yɛn ara yɛahunu, na yɛadi ho adanseɛ sɛ, Agya no asoma ne Ba no sɛ wiase Agyenkwa.+ 15 Obiara a ɔgye tom sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba+ no, Onyankopɔn ne no yɛ baako, na ɔno nso ne Onyankopɔn yɛ baako.+ 16 Na yɛabɛhunu, na yɛgye di sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn.+

Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no, ɔne Onyankopɔn yɛ baako, na Onyankopɔn ne no yɛ baako.+ 17 Saa kwan yi so na ɔdɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de ahotɔsoɔ akasa+ atemmu da no, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno* teɛ no, saa ara na yɛn nso yɛteɛ wɔ wiase yi mu. 18 Ehu biara nni ɔdɔ mu.+ Ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ pamo ehu, ɛfiri sɛ ehu si yɛn kwan. Nokwasɛm ne sɛ, obi a ehu aka no no, ne dɔ nwiee pɛyɛ.+ 19 Yɛda ɔdɔ adi, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan dɔɔ yɛn.+

20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ.+ Ɛfiri sɛ deɛ ɔnnɔ ne nua+ a ɔhu no no, ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a ɔnhu no+ no. 21 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya afiri ne hɔ sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.+

5 Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na awo no.+ Na obiara a ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔdɔ deɛ Onyankopɔn awo no. 2 Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.+ Ɛne sɛ, yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi n’ahyɛdeɛ so. 3 Deɛ Onyankopɔn dɔ kyerɛ nie: Ɛno ne sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ so;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ adesoa,+ 4 ɛfiri sɛ obiara* a Onyankopɔn awo no no, ɔdi wiase so nkonim.+ Na deɛ yɛde adi wiase so nkonim ne yɛn gyidie.+

5 Hwan na ɔbɛtumi adi wiase so nkonim?+ Ɛnyɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba+ no anaa? 6 Wei ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ no, Yesu Kristo. Ɛnyɛ nsuo no nko ara+ na ɔnam so baeɛ, na mmom ɔnam nsuo no ne mogya no+ so. Na honhom no di adanseɛ,+ ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no. 7 Na nneɛma mmiɛnsa na ɛdi adanseɛ: 8 honhom+ no ne nsuo+ no ne mogya+ no; na mmiɛnsa no nyinaa adanseɛ hyia.

9 Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ tom a, ɛnneɛ Onyankopɔn adanseɛ deɛ, yɛgye tom koraa. Ɛfiri sɛ wei ne adanseɛ a Onyankopɔn de ama, adanseɛ a wadi afa ne Ba no ho no. 10 Deɛ ɔgye Onyankopɔn Ba no di no wɔ adanseɛ no wɔ ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ,+ ɛfiri sɛ adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba no ho no, wannye anni. 11 Na adanseɛ no nie: Onyankopɔn maa yɛn daa nkwa,+ na saa nkwa yi wɔ ne Ba no mu.+ 12 Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no; deɛ ɔnni Onyankopɔn Ba no nni saa nkwa no.+

13 Meretwerɛ weinom abrɛ mo a mogye Onyankopɔn Ba no+ din di no, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa.+ 14 Yɛwɔ ahotɔsoɔ wɔ Onyankopɔn mu+ sɛ,* biribiara a yɛbɛbisa a ɛne n’apɛdeɛ hyia no, ɔbɛtie yɛn.+ 15 Na ɛsiane sɛ yɛnim sɛ ɔtie biribiara a yɛbisa no nti, yɛnim sɛ yɛn nsa bɛka deɛ yɛabisa no, ɛfiri sɛ yɛabisa afiri ne hɔ.+

16 Sɛ obi hunu sɛ ne nua reyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɔ mpaeɛ* mma no, na Onyankopɔn bɛma ne nua no nkwa,+ aane, ɔde bɛma wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owuo mu.+ Saa bɔne no ho deɛ, menka sɛ ɔmmɔ mpaeɛ.* 17 Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne,+ nanso bɔne bi wɔ hɔ a, ɛnkɔ owuo mu.

18 Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu, mmom deɛ Onyankopɔn awo no no* hwɛ no so, na ɔbɔnefoɔ no ntumi mfa ne nsa nka no.*+ 19 Yɛnim sɛ yɛfiri Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.+ 20 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi anya ɔnokwafoɔ no ho nimdeɛ. Yɛnam ɔnokwafoɔ no Ba Yesu Kristo so ne ɔnokwafoɔ no ayɛ baako.+ Wei ne nokorɛ Nyankopɔn no ne daa nkwa no.+ 21 Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yie wɔ ahoni ho.+

Anaa “bɛwie pɛyɛ.”

Anaa “ɔkamafoɔ.”

Anaa “ahonyadeɛ a nnipa de hoahoa wɔn ho.”

Anaa “antikristo.”

Anaa “antikristo.”

Anaa “wɔnyɛ yɛn dea.”

Anaa “antikristo.”

Nt., “ɛfiri berɛ a ɔhyɛɛ aseɛ,” kyerɛ sɛ, ɛfiri berɛ a ɔdii kan tee atua tiaa Onyankopɔn.

Kyerɛ sɛ, aba a ɛtumi fifi anaa ɛtumi so.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Nt., “honhom biara.”

Nt., “ahonhom no.”

Anaa “antikristo.”

Kyerɛ sɛ, atorɔ adiyifoɔ.

Anaa “nnaadaa.”

Anaa “ɔmmɛyɛ mpata afɔreɛ.”

Anaa “ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ.”

Kyerɛ sɛ, Yesu Kristo.

Nt., “biribiara.”

Anaa “Deɛ ɛma yɛde ahotɔsoɔ kasa wɔ n’anim ne sɛ.”

Anaa “ɔmmisa; ɔnsrɛ.”

Anaa “ɔmmisa; ɔnsrɛ.”

Kyerɛ sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no.

Anaa “ntumi nsɔ ne mu.”

Nt., “nyansa; nhunumu; nteaseɛ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane