Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 3 Yohane 1-14
  • 3 Yohane

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 Yohane
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
3 Yohane

YOHANE NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA

1 Me ɔpanin no, me na meretwerɛ krataa yi. Meretwerɛ abrɛ wo, me dɔfo Gaio. Medɔ wo paa.

2 Me dɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ adeɛ nyinaa mu ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden, sɛdeɛ asi wo* yie no. 3 M’ani gyee paa berɛ a anuanom ba bɛdii nokorɛ a wokura mu no ho adanseɛ, ne sɛdeɛ wokɔ so nante nokorɛ no mu+ no. 4 Biribiara nni hɔ a ɛma m’ani gye* sene wei: Sɛ́ mɛte sɛ me mma da so ara nam nokorɛ no mu.+

5 M’adamfo pa, deɛ woyɛ ma anuanom no kyerɛ sɛ woyɛ nokwafoɔ. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ no, woboa wɔn.+ 6 Anuanom yi adi wo dɔ ho adanseɛ wɔ asafo no anim. Mesrɛ wo, gya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 7 Ɛfiri sɛ ne din nti na wɔnam, na wɔannye biribiara+ amfiri amanaman mufoɔ hɔ. 8 Enti ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛsom wɔn a wɔte saa no hɔhoɔ,+ na ama yɛne wɔn abom ayɛ nokorɛ no ho adwuma.+

9 Metwerɛɛ biribi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a ɔpɛ sɛ ɔdi kan wɔ wɔn mu+ no deɛ, ɔmfa obuo nnye biribiara mfiri yɛn hɔ.+ 10 Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔreyɛ no, sɛdeɛ ɔkeka yɛn ho nsɛm yayaaya*+ no. Ɛno koraa nnɔɔso mma no. Ɔmfa obuo nso nnye anuanom,+ na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn no nso, ɔyɛ deɛ ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛsi wɔn kwan na watu wɔn afiri asafo no mu.

11 Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua.+ Deɛ ɔyɛ papa no firi Onyankopɔn.+ Deɛ ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn.+ 12 Demetrio deɛ, wɔn nyinaa ka ne ho asɛmpa, na nokorɛ no ara nso di ne ho adanse pa. Ampa, yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na wonim sɛ adanseɛ a yɛdi no yɛ nokorɛ.

13 Mewɔ nneɛma pii a anka mɛtwerɛ abrɛ wo, nanso mempɛ sɛ metwerɛ no krataa so.* 14 Mmom m’ani da so sɛ ɛrenkyɛ mɛhu wo, na me ne wo akasa animu ne animu.

Asomdwoeɛ nka wo.

Nnamfonom a ɛwɔ ha no kyeakyea wo. Bobɔ nnamfonom a ɛwɔ hɔ no din mmaako mmaako, na kyea wɔn ma me.

Anaa “wo kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛma menya anisɔ kɛseɛ.”

Nt., “ɔkeka nsɛmmɔne fa yɛn ho.”

Anaa “mempɛ sɛ mede krataa ne adubire twerɛ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane