YOHANE ADIYISƐM
1 Yesu Kristo adiyisɛm;* Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm. Na ɔsomaa ne bɔfoɔ maa no nam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane.+ 2 Ɔno na asɛm a Onyankopɔn de maeɛ ne adanseɛ a Yesu Kristo de maeɛ, aane, deɛ ɔhunuiɛ nyinaa no, ɔdii ho adanseɛ. 3 Anigyeɛ ne deɛ ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den, ne wɔn a wɔtie na wɔdi deɛ wɔatwerɛ wom no so,+ ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no abɛn.
4 Me Yohane, mede nwoma yi rekɔma asafo nson+ a ɛwɔ Asia mantam mu no:
Adom ne asomdwoeɛ mfiri “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba,”+ ne ahonhom nson+ a ɛwɔ n’ahennwa no anim, 5 ne Yesu Kristo, “Ɔdansefoɔ Nokwafoɔ no,”+ “deɛ ɔdi kan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu,”+ ne “asaase so ahemfo Sodifoɔ”+ no hɔ nka mo.
Deɛ ɔdɔ yɛn+ na ɔnam ɔno ara ne mogya so gyee yɛn firii yɛn bɔne mu,+ 6 na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfoɔ+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no, aane, ɔno na animuonyam ne tumi nka no daa. Amen.
7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na ani nyinaa bɛhu no, ne wɔn a wɔde adeɛ wɔɔ no no; na ne nti, asaase so mmusuakuo nyinaa bɛdi awerɛhoɔ.+ Aane, Amen.
8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa* Nyankopɔn na aka, “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no.”
9 Me Yohane, mo nua a Yesu ayɔnkofa+ nti me ne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ amanehunu,+ ahennie,+ ne animia+ mu no, ná mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo so ɛsiane Onyankopɔn ho asɛm a mekaeɛ ne Yesu ho adanseɛ a mediiɛ nti. 10 Mebaa Awurade da no mu wɔ honhom mu, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyi te sɛ totorobɛnto.* 11 Ɛkaa sɛ: “Deɛ wuhunu no, twerɛ no nwoma mmobɔeɛ mu na fa kɔma asafo nson no: Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+
12 Na medanee m’ani sɛ merehwɛ onii a ɔne me rekasa no, na berɛ a medanee m’ani no, mehuu sika nkaneadua nson,+ 13 na mehuu obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfimfini. Ná ɔhyɛ ataadeɛ a ɛsi ne nan ase, na na sika kɔkɔɔ abɔsoɔ bɔ ne koko so. 14 Afei nso, na ne tiri nwi yɛ fitaa te sɛ odwan nwi fitaa, te sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ gyaframa,+ 15 na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛɛfɛ+ a ayɛ kɔɔ wɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsuo bebree a ɛrebu fa so. 16 Ná nsoromma nson+ wɔ ne nsa nifa mu, na sekan anofanu tenten a ano yɛ nnam+ firi n’anom, na na n’anim te sɛ awia a ɛrebɔ dendeenden paa.+ 17 Berɛ a mehuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawuo.
Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so, na ɔkaa sɛ: “Nsuro. Mene Odikanfoɔ+ ne Okyikafoɔ,+ 18 ne ɔteasefoɔ+ no, na mewuiɛ,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mekura owuo ne Adamena* nsafoa.+ 19 Enti twerɛ deɛ wohunuiɛ, ne deɛ ɛwɔ hɔ ne deɛ ɛbɛba wɔ weinom akyi no to hɔ. 20 Ahintasɛm kronkron a ɛfa nsoromma nson a wohuu no me nsa nifa mu, ne sika kɔkɔɔ nkaneadua nson ho no, deɛ ɛkyerɛ nie: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ no, na nkaneadua nson no yɛ asafo nson no.+
2 “Twerɛ kɔma Efeso+ asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Wei na deɛ ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu, na ɔnam sika nkaneadua nson+ no mfimfini no ka: 2 ‘Menim wo nnwuma, ne wo brɛ ne w’animia. Na menim nso sɛ wonsosɔ nnipabɔnefoɔ so, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ+ nanso wɔnyɛ asomafoɔ no, wosɔɔ wɔn hwɛeɛ, na wohuu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. 3 Afei nso, woda so de animia gyina mu, na me din nti,+ woagyina mu a wommrɛeɛ.+ 4 Nanso mewɔ biribi tia wo. Ɛne sɛ, ɔdɔ a na wowɔ kane no, woama no ate kɔ.
5 “‘Enti kae baabi a wofiri hwee ase no, na sakra,+ na san yɛ nnwuma a na woyɛ kane no. Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua+ no afiri baabi a ɛsi, gye sɛ wosakra.+ 6 Nanso adepa bi wɔ wo ho. Ɛne sɛ, mate-me-ho kuo a wɔfrɛ wɔn Nikolaifoɔ+ no, wokyiri wɔn nnwuma sɛdeɛ me nso mekyiri no. 7 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no:+ Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma no adi nkwa dua+ a ɛwɔ Onyankopɔn paradise mu no bi.’
8 “Twerɛ kɔma Smirna asafo no bɔfoɔ sɛ: Wei na ‘Odikanfoɔ ne Okyikafoɔ+ no,’ deɛ ɔwuiɛ na wasan aba nkwa mu bio+ no ka: 9 ‘Menim w’amanehunu ne wo hia, nanso woyɛ sikani.+ Mesan nim abususɛm a nnipa bi a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ ka tia wo no. Nanso wɔnyɛ Yudafoɔ, na mmom wɔyɛ Satan apamfoɔ.*+ 10 Nsuro amanehunu a ɛrebɛto wo no.+ Hwɛ! Ɔbonsam bɛkɔ so de mo mu bi agu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.+ 11 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie+ deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no,+ owuprenu+ no renka no da.’
12 “Twerɛ kɔma Pergamo asafo no bɔfoɔ sɛ: Wei na deɛ ɔwɔ sekan anofanu tenten a ano yɛ nnam+ no ka: 13 ‘Menim baabi a woteɛ; ɛhɔ na Satan ahennwa si. Nanso woda so ara kura me din mu dendeenden,+ na gyidie a wowɔ wɔ me mu no, woannyae mu+ wɔ me dansefoɔ nokwafoɔ+ Antipa nna no mu mpo. Ɔno na wɔkum no+ wɔ wo nkyɛn, baabi a Satan teɛ no.
14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo. Ɛne sɛ, wowɔ ebinom wɔ wo mu a wɔkura Baalam nkyerɛkyerɛ+ mu dendeenden, deɛ ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔnnaadaa Israel mma* na wɔnni nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom na wɔmmɔ adwaman*+ no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi wɔ wo mu a wɔkura Nikolaifoɔ kuo*+ no nkyerɛkyerɛ mu dendeenden. 16 Enti sakra. Anyɛ saa a, mereba wo nkyɛn ntɛm, na mede sekan tenten a ɛfiri m’anom+ no ne wɔn bɛko.
17 “‘Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no:+ Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma no mana a ahinta+ no bi, na mɛma no ɛboɔ fitaa nso. Wɔatwerɛ din foforɔ bi agu saa boɔ no so a obiara nnim, gye deɛ ne nsa bɛka no nko ara.’
18 “Twerɛ kɔma Tiatira asafo+ no bɔfoɔ sɛ: Wei na Onyankopɔn Ba a n’ani te sɛ egya a ɛredɛre+ na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛɛfɛ+ no ka: 19 ‘Menim wo nnwuma, ne wo dɔ ne wo gyidie ne wo som adwuma ne w’animia, na menim nso sɛ, nnwuma a woreyɛ seesei no sene kane deɛ no.
20 “‘Nanso mewɔ biribi tia wo. Ɛne sɛ, wososɔ saa ɔbaa Yesebel+ no so. Deɛ ɔfrɛ ne ho odiyifoɔbaa, na ɔkyerɛkyerɛ me nkoa, na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ adwaman*+ na wɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom no. 21 Memaa no berɛ sɛ ɔmfa nsakra, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra firi n’adwamammɔ* no ho. 22 Hwɛ! Merebɛto no ato yareɛ mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awareɛ no akɔ amanehunu kɛseɛ mu, gye sɛ wɔsakra firi ne nnwuma no ho. 23 Na mede owuyareɛ bɛbobɔ ne mma akunkum wɔn, na ama asafo no nyinaa ahu sɛ me na mehwehwɛ nnipa tirim adwene* ne wɔn akoma mu. Na mɛtua mo mu biara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+
24 “‘Nanso mo a moaka a mowɔ Tiatira, wɔn a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi akyi nyinaa, wɔn a wɔanhunu deɛ wɔfrɛ no “Satan nneɛma a emu dɔ”+ no, mereka akyerɛ mo sɛ: Meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so. 25 Ɛno ara ne sɛ, monkura deɛ mowɔ no mu dendeenden nkɔsi sɛ mɛba.+ 26 Na deɛ ɔdi nkonim na ɔyɛ me nnwuma kɔsi awieeɛ no, mɛma no amanaman no so tumi,+ 27 sɛdeɛ me nso menyaa tumi firii m’Agya hɔ no ara, na ɔde dadeɛ poma bɛdi nnipa no so*+ na wabubu wɔn asinasini te sɛ nhina. 28 Na mede adekyeeɛ nsoromma+ bɛma no. 29 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’
3 “Twerɛ kɔma Sardi asafo no bɔfoɔ sɛ: Wei na deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson+ ne nsoromma nson+ no ka: ‘Menim wo nnwuma sɛ wowɔ din* sɛ wote ase, nanso woawu.+ 2 Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a anka ɛreyɛ awuo no den, ɛfiri sɛ menhuu sɛ woayɛ wo nnwuma awie wɔ me Nyankopɔn anim. 3 Enti kɔ so kae deɛ woanya ne deɛ woateɛ, na kɔ so di so, na sakra.+ Na sɛ woannyane a, mɛba sɛ korɔmfoɔ,+ na berɛ* ko a mɛba wo so no, worenhunu da.+
4 “‘Nanso wowɔ nnipa kakra* wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntaadeɛ ho fĩ,+ na wɔne me bɛnante ntaade fitaa+ mu, ɛfiri sɛ wɔfata. 5 Enti deɛ ɔdi nkonim no,+ wɔde ntaade fitaa+ bɛhyɛ no. Na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma+ no mu da, na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.+ 6 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’
7 “Twerɛ kɔma Filadelfia asafo no bɔfoɔ sɛ: Wei na deɛ ɔyɛ kronkron,+ deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ,+ deɛ ɔwɔ Dawid safoa,+ a sɛ ɔbue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue no ka: 8 ‘Menim wo nnwuma, hwɛ! mede ɛpono a wɔabue+ asi w’anim a obiara rentumi ntom. Na menim sɛ wowɔ tumi kakra, na wodii m’asɛm so, na woampo me din. 9 Hwɛ! Wɔn a wɔfiri Satan apamfoɔ* mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ Yudafoɔ+ na mmom wɔredi atorɔ no, hwɛ! mɛma wɔaba abɛkoto wo nan ase na wɔahu sɛ medɔ wo. 10 Ɛsiane sɛ deɛ wote faa m’animia+ ho no, wodii so nti,* me nso, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa abɛsɔ wɔn a wɔte asaase so ahwɛ no, mɛkora wo so.+ 11 Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura deɛ wowɔ no mu dendeenden, na obi annye w’ahemmotire.+
12 “‘Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no edum wɔ me Nyankopɔn asɔrefie, na ɔremfiri hɔ nkɔ bio. Na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din,+ ne me Nyankopɔn kuro, Yerusalem Foforɔ+ a ɛfiri me Nyankopɔn hɔ siane firii soro no din, ne me ara me din foforɔ+ no wɔ ne so. 13 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’
14 “Twerɛ kɔma Laodikea asafo+ no bɔfoɔ sɛ: Wei na Amen no+ ka, ɔdansefoɔ+ nokwafoɔ a ɔnni hwammɔ,+ Onyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ+ no: 15 ‘Menim wo nnwuma, sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hye. Me yam a anka woyɛ nwunu anaa woyɛ hye. 16 Enti ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo a wonyɛ hye+ na wonyɛ nwunu+ nti, merebɛfe wo afiri m’anom. 17 Ɛfiri sɛ woka sɛ: “Meyɛ sikani,+ manya me ho, na hwee nhia me.” Nanso wonnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛho, na woyɛ ohiani ne onifirani, na woda adagya. 18 Enti metu wo fo sɛ, tɔ sika kɔkɔɔ a wɔde gya ayi mu fĩ wɔ me nkyɛn na woayɛ sikani, na tɔ ntaade fitaa na woatumi asiesie wo ho na w’adagya anna adi amma w’ani anwu,+ na tɔ ani aduro a wode bɛsra w’ani+ na woahunu adeɛ.+
19 “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa, mekasa kyerɛ wɔn, na metene wɔn so.+ Enti keka wo ho na sakra.+ 20 Hwɛ! megyina pono ano rebom. Sɛ obi te me nne na ɔbue pono no a, mɛba ne fie ne no abɛdi anwummerɛ aduane, na ɔno nso ne me adidi. 21 Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma no ne me atena m’ahennwa so,+ sɛdeɛ me nso medii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahennwa so no. 22 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’”
4 Weinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! ɛpono bi a wɔabue ano ato hɔ wɔ soro. Na ɛnne a ɛdi kan a metee sɛ ɛne me rekasa no te sɛ totorobɛnto. Ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba.” 2 Wei akyi no, honhom no baa me so ntɛm ara, na hwɛ! na ahennwa bi si soro, na na obi te ahennwa no so.+ 3 Ná Deɛ ɔte so no hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ+ ne mogyanamboɔ, na na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonoboɔ+ atwa ahennwa no ho nyinaa ahyia.
4 Ná nhennwa 24 atwa ahennwa no ho nyinaa ahyia, na mehuu sɛ mpanimfoɔ 24+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa tete nhennwa yi so, na sika kɔkɔɔ ahenkyɛ hyehyɛ wɔn ti. 5 Ná anyinam+ ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa+ firi ahennwa no mu reba. Ná egya nkanea nson redɛre wɔ ahennwa no anim, na nkanea nson no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson+ no. 6 Ná biribi wɔ ahennwa no anim a ɛte sɛ ahwehwɛ po,+ te sɛ ahwehwɛboɔ.
Ná ateasefoɔ* nnan+ wɔ ahennwa no mfimfini* ne ahennwa no ho, na na aniwa tuatua wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa. 7 Ná ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwinini,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no anim te sɛ onipa anim, ɛnna ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan+ no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔnam wiem.+ 8 Ateasefoɔ nnan no, na wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Ná aniwa tuatua wɔn ntaban no ho ne aseɛ nyinaa.+ Na daa, awia ne anadwo, wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa*+ Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba.”+
9 Na berɛ biara a ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda bɛma Deɛ ɔte ahennwa no so, Deɛ ɔte ase daa daa no,+ 10 mpanimfoɔ 24+ no hwehwe fam wɔ Deɛ ɔte ahennwa no so no anim, na wɔsom Deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔtutu wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim, na wɔka sɛ: 11 “Yehowa,* yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam+ ne anidie+ ne tumi,+ ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ nti na ɛbaeɛ na wobɔeɛ.”
5 Na mehuu nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Deɛ ɔte ahennwa no so+ no nsa nifa mu. Ná wɔatwerɛ animu ne akyire, na na wɔde ahyɛnsodeɛ nson atetare ano dendeenden. 2 Na mehuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ reteam sɛ: “Hwan na ɔfata sɛ ɔtete ahyɛnsodeɛ a ɛtetare nwoma no ano no, na ɔbue mu?” 3 Nanso ɔsoro oo, asaase so oo, asaase ase oo, obiara nni hɔ a na ɔbɛtumi abue nwoma mmobɔeɛ no mu anaa ɔbɛtumi ahwɛ mu. 4 Na mesuu paa, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma mmobɔeɛ no mu anaa ɔhwɛ mu. 5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusuakuo mu Gyata,+ Dawid+ nhini+ no, wadi nkonim,+ enti ɔbɛtumi atete nwoma mmobɔeɛ no ahyɛnsodeɛ nson no na wabue mu.”
6 Na mehuu adwammaa+ bi a ayɛ sɛ deɛ wɔaku no+ a ɔgyina ahennwa no ne ateasefoɔ* nnan no ne mpanimfoɔ no mfimfini.+ Ná ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson. Aniwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson+ a wɔasoma wɔn asaase nyinaa so no. 7 Ntɛm ara na adwammaa no baa anim, na ɔgyee nwoma mmobɔeɛ no firii Deɛ ɔte ahennwa no so no+ nsa nifa mu. 8 Na berɛ a ɔgyee nwoma mmobɔeɛ no, ateasefoɔ nnan no ne mpanimfoɔ 24 no+ butubutuu fam wɔ Adwammaa no anim. Ná wɔn mu biara kura sankuo ne sika kɔkɔɔ nkyɛnsee a aduhwam ayɛ no ma. (Aduhwam no gyina hɔ ma akronkronfoɔ no mpaebɔ.)+ 9 Na wɔtoo dwom foforɔ+ sɛ: “Wofata sɛ wogye nwoma mmobɔeɛ no na wotete n’ahyɛnsodeɛ no, ɛfiri sɛ wɔkum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa+ firii abusua ne kasa* ne nkurɔfoɔ ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfoɔ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.”+
11 Afei mehuu abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho ahyia, na metee wɔn nne nso. Ná wɔn dodoɔ yɛ mpem dudu ahodoɔ mpem dudu ne mpempem bebree,+ 12 na na wɔde nne kɛseɛ reka sɛ: “Adwammaa a wɔkum no+ no fata sɛ ɔgye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nhyira.”+
13 Na metee sɛ abɔdeɛ biara a ɛwɔ soro ne asaase so ne asaase ase+ ne po mu, ne deɛ ɛwom nyinaa reka sɛ: “Nhyira ne anidie+ ne animuonyam ne ahoɔden nka Deɛ ɔte ahennwa no so+ no ne Adwammaa no+ daa daa.”+ 14 Na ateasefoɔ nnan no kaa sɛ: “Amen!” na mpanimfoɔ no butubutuu fam, na wɔsomeeɛ.
6 Na mehuu sɛ Adwammaa no+ ate ahyɛnsodeɛ nson+ no baako, na metee sɛ ateasefoɔ* nnan+ no baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ: “Bra!” 2 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi nie. Ná deɛ ɔte ne so no kura agyan; na wɔmaa no ahenkyɛ,+ na ɔpue kɔdii nkonim sɛ ɔbɛwie ne nkonimdie koraa.+
3 Berɛ a ɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so mmienu no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu+ no reka sɛ: “Bra!” 4 Ɛnna ɔpɔnkɔ foforɔ bi a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ, na wɔmaa deɛ ɔte ne so no kwan sɛ ɔnyi asomdwoeɛ mfiri asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkunkum wɔn ho; na wɔmaa no sekan kɛseɛ bi.+
5 Berɛ a ɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa no,+ metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no reka sɛ: “Bra!” Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi nie; na deɛ ɔte ne so no kura nsenia* wɔ ne nsam. 6 Na metee nnyegyeeɛ bi te sɛ obi nne firii ateasefoɔ nnan no mfimfini a ɛreka sɛ: “Hwiit konko mmienu* yɛ denare*+ baako, na baali* olonka yɛ denare baako; na ngo ne nsã* deɛ, nyɛ no hwee.”+
7 Berɛ a ɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nnan no, metee ɔteasefoɔ a ɔto so nnan+ no nne sɛ ɔreka sɛ: “Bra!” 8 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ bi a ɔyɛ hoyaa nie; na deɛ ɔte ne so no din de Owuo. Ná Adamena* di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asaase nkyekyɛmu nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa sekan tenten ne aduanekɔm+ ne owuyareɛ ne asaase so nkekaboa nkunkum wɔn.+
9 Berɛ a ɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nnum no, mehuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne adanseɛ a wɔdiiɛ nti+ wɔkunkum wɔn no akra*+ wɔ afɔrebukyia no ase.+ 10 Wɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Awurade Tumfoɔ, ɔkronkronni ne ɔnokwafoɔ,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akɔsi da bɛn ansa na woabu wɔn a wɔte asaase so no atɛn na woatua wɔn ka wɔ yɛn mogya ho?”+ 11 Na wɔmaa wɔn mu biara ataade tenten fitaa;+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome kakra nkɔsi sɛ wɔn mfɛfoɔ asomfoɔ ne wɔn nuanom a wɔrebɛkunkum wɔn te sɛ wɔn ara no dodoɔ bɛso.+
12 Na mehuu sɛ wɔate ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nsia no, na asaasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ; na awia yɛɛ tumm sɛ awerɛhoɔ ntoma* a wɔde nwi* ayɛ, na bosome no nyinaa yɛɛ sɛ mogya,+ 13 na ɔsoro nsoromma hwehwee asaase so te sɛ borɔdɔma dua a mframa denden awoso no ama n’aba a ɛmmereeɛ atete agu. 14 Na ɔsoro firii hɔ kɔeɛ te sɛ nwoma mmobɔeɛ a wɔrebobɔ,+ na wɔtuu bepɔ ne supɔ biara firii baabi a ɛwɔ.+ 15 Ɛnna asaase so ahemfo ne atitire ne asahene ne asikafoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne akoa biara ne obiara a wade ne ho no de wɔn ho siee abodan mu ne mmepɔ mu abotan ntam.+ 16 Na wɔkɔɔ so ara ka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: “Mommɛgu yɛn so,+ na momfa yɛn nhinta mfiri Deɛ ɔte ahennwa no so+ no anim ne Adwammaa+ no abufuo ho, 17 ɛfiri sɛ wɔn abufuo da kɛseɛ no aduru,+ na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”+
7 Wei akyi no, mehuu abɔfoɔ nnan sɛ wɔgyinagyina asaase afanan. Ná wɔkurakura asaase so mframa nnan no mu dendeenden, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ mfa asaase anaa ɛpo anaa dua biara so. 2 Na mehuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ* reforo kɔ soro. Ná ɔkura Onyankopɔn teasefoɔ no ahyɛnsodeɛ; na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ abɔfoɔ nnan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asaase ne ɛpo no sɛ: 3 “Monnha asaase anaa ɛpo anaa nnua no, kɔsi sɛ yɛde ahyɛnsodeɛ bɛtintim+ yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.”+
4 Na metee wɔn a wɔahyɛ wɔn nso no dodoɔ; 144,000.+ Wɔyii wɔn firii Israel mma mmusuakuo nyinaa mu ɛnna wɔhyɛɛ wɔn nso:+
5 Yuda abusuakuo mu, wɔyii 12,000 hyɛɛ wɔn nso;
Ruben abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Gad abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
6 Aser abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Naftali abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Manase abusuakuo mu,+ wɔyii 12,000;
7 Simeon abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Lewi abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Isakar abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
8 Sebulon abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Yosef abusuakuo mu, wɔyii 12,000;
Benyamin abusuakuo mu, wɔyii 12,000 hyɛɛ wɔn nso.
9 Wei akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri aman ne mmusuakuo ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wɔkurakura berɛ wɔ wɔn nsam.+ 10 Na wɔde nne kɛseɛ kɔ so team sɛ: “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no so+ ne Adwammaa no+ hɔ.”
11 Ná abɔfoɔ no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ+ no ne ateasefoɔ* nnan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu ahennwa no anim som Onyankopɔn, 12 na wɔkaa sɛ: “Amen! Ayeyie ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa.+ Amen.”
13 Ɛnna mpanimfoɔ no baako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa+ yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?” 14 Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wonim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Weinom na wɔfiri ahohiahia kɛseɛ+ no mu, na wɔahoro wɔn ntaadeɛ na wɔama no ayɛ fitaa wɔ Adwammaa no mogya mu.+ 15 Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahennwa no anim no. Na wɔde ɔsom kronn rema no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie; na Deɛ ɔte ahennwa no so+ no bɛtrɛ ne ntomadan mu wɔ wɔn so.+ 16 Ɛkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na awia renhye wɔn,+ na ɛhyew biara renka wɔn, 17 ɛfiri sɛ Adwammaa+ a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛhwɛ wɔn,+ na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsutire ho.+ Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwam nisuo nyinaa.”+
8 Berɛ a ɔtee+ ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nson no,+ ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ dɔnhwere fã. 2 Na mehuu abɔfoɔ nson+ a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmaa wɔn ntotorobɛnto nson.
3 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi bae, na na ɔkura aduhwam kyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Ɔbɛgyinaa afɔrebukyia no ho,+ na wɔmaa no aduhwam pii+ sɛ ɔmfa nka akronkronfoɔ nyinaa mpaebɔ ho, na ɔmfa mmɔ afɔreɛ wɔ sika kɔkɔɔ afɔrebukyia+ a ɛsi ahennwa no anim no so. 4 Na aduhwam no mu wisie firii ɔbɔfoɔ no nsam, na ɛne akronkronfoɔ no mpaebɔ+ no foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5 Ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no faa aduhwam kyɛnsee no, na ɔde afɔrebukyia so gya no bi hyɛɛ no ma, na ɔto guu asaase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam+ ne asaasewosoɔ bae. 6 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura ntotorobɛnto nson+ no yɛɛ krado sɛ wɔrebɛhyɛn ntotorobɛnto no.
7 Deɛ ɔdi kan no hyɛn ne totorobɛnto no. Na asukɔtweaa ne egya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asaase so;+ na asaase no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, na wura mono nyinaa hyeeɛ.+
8 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛn ne totorobɛnto no. Na wɔtoo biribi te sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrehye too ɛpo mu.+ Na ɛpo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya;+ 9 na ɛpo mu abɔdeɛ a nkwa wom* no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ,+ na ɛpo so ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako sɛeeɛ.
10 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛn ne totorobɛnto no. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre te sɛ kanea te firii soro, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsutire so.+ 11 Nsoromma no din de Awɔnwono. Na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee awɔnwono, na nsuo no maa nnipa pii wuwuiɛ ɛfiri sɛ na ayɛ nwono.+
12 Na ɔbɔfoɔ a ɔto so nnan no hyɛn ne totorobɛnto no. Na wɔde adeɛ bɔɔ awia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako+ ne bosome nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a emu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛduru sum+ na adekyeeɛ nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako rennya hann na anadwo nso ayɛ saa ara.
13 Na mehunuiɛ, na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam wiem de nne kɛseɛ reka sɛ: “Monnue, monnue, monnue,+ mo a mote asaase so ɛsiane ntotorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmiɛnsa no rebɛhyɛn no nnyegyeeɛ nti!”+
9 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛn ne totorobɛnto no.+ Na mehuu nsoromma bi a ɛfiri soro abɛhwe asaase so, na wɔde amena donkodonko+ no ano safoa maa no.* 2 Na ɔbuee amena donkodonko no ano, na wisie firii amena no mu baa te sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie, na amena no mu wisie no maa awia yɛɛ tumm,*+ na wiem nso yɛɛ saa ara. 3 Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asaase so;+ na wɔmaa wɔn tumi, tumi a asaase so nyanyankyerɛ wɔ no ara bi. 4 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnha asaase so wura anaa ahabammono anaa dua biara, na mmom nnipa a wɔnni Onyankopɔn ahyɛnsodeɛ wɔ wɔn moma so no nko ara na wɔnha wɔn.+
5 Na wɔamma ntutummɛ no kwan sɛ wɔnku wɔn, na mmom wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayadeɛ abosome nnum. Ɛyea a wɔfaa mu no, ɛte sɛ deɛ nyanyankyerɛ ka obi ma ne ho hyehye no no.+ 6 Saa nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owuo nanso wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn ho.
7 Ná ntutummɛ no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn de wɔn rekɔ ɛko.+ Ná biribi a ɛte sɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛ hyehyɛ wɔn ti, na wɔn anim te sɛ nnipa anim, 8 na wɔwɔ tiri nwi te sɛ mmaa tiri nwi. Na wɔn se te sɛ gyata se,+ 9 na na wɔwɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ. Ná wɔn ntaban gyegye te sɛ nteaseɛnam a apɔnkɔ retwe no kiridikiridi akɔ ɛko.+ 10 Afei nso, na wɔwɔ dua a ɛwowɔ te sɛ nyanyankyerɛ; na wɔn dua mu na tumi a wɔde bɛpira nkurɔfoɔ abosome nnum+ no wɔ. 11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so; ɔno ne amena donkodonko no bɔfoɔ+ no. Ne din wɔ Hebri mu ne Abadon,* na Greek mu deɛ, ne din de Apolion.*
12 Mmusuo* baako atwam. Hwɛ! Mmusuo+ mmienu reba wɔ weinom akyi.
13 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia+ no hyɛn ne totorobɛnto no.+ Na metee nne bi firii sika kɔkɔɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu, 14 a ɛreka akyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ: “Sanesane abɔfoɔ nnan a wɔakyekyere wɔn wɔ asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ ho no.” 15 Na abɔfoɔ nnan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn no, ɛda no, bosome no, ne afe no, wɔsanesanee wɔn sɛ wɔnkunkum nnipa no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.
16 Ná asraafoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no dodoɔ yɛ mpem aduonu ahodoɔ mpem du:* Metee wɔn dodoɔ. 17 Na sɛdeɛ mehuu apɔnkɔ no ne wɔn a wɔtete wɔn so wɔ anisoadehunu no mu nie: Ná wɔwɔ nkataboɔ a ɛyɛ kɔɔ te sɛ gya ne afasebire ne akokɔsradeɛ; na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata+ ti, na egya ne wisie ne sɔfe* firii wɔn anom baeɛ. 18 Ɔhaw mmiɛnsa yi na ɛkunkum nnipa no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako: egya ne wisie ne sɔfe a ɛfiri wɔn anom baeɛ no. 19 Apɔnkɔ no anom ne wɔn dua mu na wɔn tumi wɔ. Na wɔn dua te sɛ awɔ, na ɛwɔ ti, na wei na wɔde pira nkurɔfoɔ.
20 Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho; wɔannyae ɔsom a wɔde ma ahonhommɔne* ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne kɔbere ne aboɔ ne dua ahoni a ɛntumi nhunu adeɛ, nte asɛm, na ɛntumi nnante no.+ 21 Na wɔansakra amfiri wɔn awudie ne wɔn ahonhonsɛm ne wɔn adwamammɔ* ne wɔn korɔno ho.
10 Na mehuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi sɛ ɔresiane firi soro. Ná ɔfira mununkum, na na nyankontɔn wɔ ne tiri so. Ná n’anim te sɛ awia,+ na ne nan* te sɛ egya adum. 2 Ná ɔkura nwoma mmobɔeɛ ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam. Na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum no sii asaase so. 3 Ɔde nne kɛseɛ teaam te sɛ gyata a ɔrebobom.+ Na berɛ a ɔteaam no, aprannaa+ nson no nne kasaeɛ.
4 Na berɛ a aprannaa nson no kasaeɛ no, meyɛɛ sɛ meretwerɛ, nanso metee nne bi firii soro+ sɛ: “Sɔ nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no ano, na ntwerɛ.” 5 Ɔbɔfoɔ a mehuu sɛ ɔgyina ɛpo ne asaase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6 na ɔde Deɛ ɔte ase daa daa+ a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwom ne asaase ne deɛ ɛwom ne ɛpo ne deɛ ɛwom+ no din kaa ntam sɛ: “Ɔrentwɛn bio. 7 Mmom nna a na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson+ no rebɛhyɛn ne totorobɛnto+ no, ná Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ a ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ɔno ara ne nkoa adiyifoɔ+ no aba mu awie.”
8 Na metee nne a ɛfiri soro+ no sɛ ɛne me rekasa bio, na ɛkaa sɛ: “Kɔ, kɔgye nwoma mmobɔeɛ a wɔabue mu a ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asaase so nsam no.”+ 9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma mmobɔeɛ ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwono wɔ wo yam, nanso w’anom deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.” 10 Ɛnna megyee nwoma mmobɔeɛ ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsam, na mediiɛ,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ wɔ m’anom;+ nanso medi wieeɛ no, ɛyɛɛ nwono wɔ me yam. 11 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnipa ne aman ne kasa* ne ahemfo pii ho nkɔm bio.”
11 Na wɔde demmire a ɛte sɛ dua tenten*+ bi maa me, na ɔkaa sɛ: “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea ne afɔrebukyia no ne wɔn a wɔresom wɔ hɔ no. 2 Na adihɔ a ɛwɔ asɔrefie no kronkronbea no akyi no deɛ, twa hɔ gya, na nsusu. Ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman no, na wɔde wɔn nan bɛtiatia kuro kronkron+ no so abosome 42.+ 3 Na mɛma m’adansefoɔ mmienu afirafira awerɛhoɔ ntoma* ahyɛ nkɔm nnafua 1,260.” 4 Weinom na ngodua mmienu+ ne nkaneadua mmienu+ no gyina hɔ ma wɔn, na wɔgyinagyina asaase Wura+ no anim.
5 Sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, egya firi wɔn anom ba bɛhye wɔn atamfo. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ wɔku no. 6 Weinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu+ na nsuo antɔ+ wɔ nna a wɔde hyɛ nkɔm no mu. Wɔwɔ tumi nso wɔ nsuo so sɛ wɔbɛma no adane mogya+ na wɔde ɔhaw nyinaa bi aha asaase berɛ dodoɔ biara a wɔpɛ.
7 Sɛ wɔwie wɔn adansedie no a, akekaboa a ɔbɛfiri amena donkodonko no mu aba no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na waku wɔn.+ 8 Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔnten so, deɛ honhom mu no wɔfrɛ no Sodom ne Egypt, baabi a wɔbɔɔ wɔn Wura nso asɛndua mu no. 9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa* ne aman no mufoɔ bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fã,+ na wɔremma wɔmfa wɔn afunu ngu amena* mu. 10 Na wɔn a wɔtete asaase so no bɛdi wɔn ho ahurisie na wɔagye wɔn ani, na wɔde akyɛdeɛ bɛmema wɔn ho, ɛfiri sɛ adiyifoɔ mmienu no maa wɔn a wɔtete asaase so no ho yeraa wɔn.
11 Nnansa ne fã no akyi no, nkwa honhom firii Onyankopɔn hɔ bɛhyɛɛ wɔn mu,+ na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhuu wɔn no. 12 Na wɔtee nne kɛseɛ bi firii soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha.” Na wɔforo faa mununkum mu kɔɔ soro, na wɔn atamfo huu wɔn.* 13 Saa berɛ* no mu ara, asaasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ, na kuro no mu nkyekyɛmu du mu baako sɛeeɛ, na asaasewosoɔ no kunkum nnipa 7,000, na wɔn a aka no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no animuonyam.
14 Mmusuo*+ a ɛtɔ so mmienu no atwam. Hwɛ! Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no reba ntɛm.
15 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛn ne totorobɛnto no.+ Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahennie,+ na ɔbɛdi hene daa daa.”+
16 Na mpanimfoɔ 24+ a wɔtete wɔn nhennwa so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔsom Onyankopɔn, 17 na wɔkaa sɛ: “Yɛda wo ase, Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ, wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ woafa wo tumi kɛseɛ no na woafiri aseɛ redi hene.+ 18 Nanso amanaman no bo fuiɛ, na w’abufuo baeɛ, na berɛ a wɔahyɛ no duruu sɛ wobu awufoɔ atɛn na wode akatua ma+ wo nkoa adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ, na wosɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.”+
19 Na wɔbuee Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea a ɛwɔ soro no, na wɔhuu n’apam adaka no wɔ n’asɔrefie no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam paapaeeɛ, na ɛnne ne aprannaa ne asaasewosoɔ ne asukɔtweaa kɛseɛ bi baeɛ.
12 Afei sɛnkyerɛnne kɛseɛ bi puee wɔ soro: Ná ɔbaa+ bi fira awia, na na bosome wɔ ne nan ase, ɛnna ahenkyɛ a wɔde nsoromma 12 ayɛ hyɛ ne ti. 2 Ná ɔnyem, na ɛyea a ɔrefa mu ne n’awoɔ mu amanehunu nti, na ɔreteam.
3 Sɛnkyerɛnne foforɔ nso puee wɔ soro. Hwɛ! Ɔwɔ kɛseɛ kɔkɔɔ a ne ho yɛ hu*+ bi nie. Ná ɔwɔ ti nson ne mmɛn du, na na ahemmotire nson bobɔ ne ti. 4 Ne dua twee nsoromma+ a ɛwɔ soro no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔto guu asaase so.+ Na ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no bɛgyinaa ɔbaa+ a awoɔ aka no no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.
5 Na ɔbaa no woo ɔbabarima,+ ɔbarima a ɔde dadeɛ poma bɛdi aman nyinaa so.*+ Na wɔhwim ne ba no kɔɔ baabi a Onyankopɔn ne n’ahennwa wɔ. 6 Na ɔbaa no dwane kɔɔ serɛ so, baabi a Onyankopɔn asiesie ama no no, baabi a wɔbɛma no aduane nnafua 1,260.+
7 Na ɛko baa soro: Mikael*+ ne n’abɔfoɔ ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no koeɛ, na ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no ne n’abɔfoɔ ne wɔn koeɛ, 8 nanso wɔdii nkoguo,* na wɔannya tenabea wɔ soro bio. 9 Enti wɔtoo ɔwɔ kɛseɛ a ne ho yɛ hu*+ no twenee fam, ɔwɔ dada+ no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan,+ a ɔredaadaa asaase sofoɔ nyinaa+ no; wɔtoo no twenee asaase so,+ na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ. 10 Na metee nne kɛseɛ bi wɔ soro sɛ:
“Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ+ ne n’ahoɔden ne n’Ahennie+ ne ne Kristo no tumi aba, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa asɛm to yɛn nuanom so no, wɔato no atwene fam, deɛ ɔtwa asɛm to wɔn so awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim no!+ 11 Na wɔdii ne so nkonim+ ɛsiane Adwammaa no mogya+ ne asɛm no a wɔbɔɔ no dawuro+ nti,* na ɛba sɛ wɔbɛwu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.*+ 12 Wei nti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ, momma mo ani nnye! Asaase ne ɛpo nnue,+ ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka sua.”+
13 Afei berɛ a ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no huu sɛ wɔato no atwene asaase so+ no, ɔtan ɔbaa+ a ɔwoo ɔbabarima no ani. 14 Na wɔde ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban+ mmienu no maa ɔbaa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtu afiri ɔwɔ+ no anim akɔ ne tenabea wɔ serɛ so, baabi a wɔbɛma no aduane berɛ ne mmerɛ ne berɛ fã*+ no.
15 Na ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten firii n’anom dii ɔbaa no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asubɔnten no bɛfa no. 16 Nanso asaase bɛboaa ɔbaa no, na asaase buee n’anom menee asubɔnten a ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no pu firii n’anom no. 17 Enti ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no bo fuu ɔbaa no, na ɔne ɔbaa no asefoɔ*+ a aka a wɔdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so, a wɔkura Yesu ho adansedie+ adwuma mu no kɔkoeɛ.
13 Na ɔkɔgyinaa* mpoano anwea so komm.
Na mehuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti nson sɛ ɔrepue afiri po+ mu. Ná ahemmotire du bobɔ ne mmɛn ho, na na abusudin* nso wowɔ ne tiri ho. 2 Akekaboa a mehuu no no, na ɔte sɛ sebɔ, nanso na ne nan te sɛ sisire nan, ɛnna n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne tumi kɛseɛ maa aboa no.+
3 Na mehuu sɛ ɛte sɛ deɛ wɔabɔ akekaboa no ti baako apira no paa. Nanso na wɔasa ekuro a anka ɛreyɛ aku no no.+ Na aboa no ho yɛɛ asaase nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi. 4 Na wɔsom ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no ɛfiri sɛ ɔde tumi maa akekaboa no, na wɔsom akekaboa no kaa sɛ: “Hwan na ɔte sɛ akekaboa no, na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?” 5 Na wɔmaa no ano a ɛkeka nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa nyɛ adwuma abosome 42.+ 6 Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, na ɔkaa abususɛm tiaa ne din ne baabi a ɔteɛ, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔtete ɔsoro no.+ 7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔne akronkronfoɔ no nko na ɔnni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa* ne aman nyinaa so tumi. 8 Na wɔn a wɔtete asaase so nyinaa bɛsom no. Wɔn mu biara nni hɔ a wɔatwerɛ ne din wɔ Adwammaa a wɔkum no+ no nkwa nwoma mmobɔeɛ+ mu, firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.
9 Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.+ 10 Sɛ ɛsɛ sɛ wɔkye obi kɔ a, wɔbɛkye no akɔ. Sɛ obi de sekan kum a,* ɛsɛ sɛ wɔde sekan ku no.+ Wei nti na ɛhia sɛ akronkronfoɔ+ no mia wɔn ani+ na wɔnya gyidie+ no.
11 Na mehuu akekaboa foforɔ bi sɛ ɔrepue afiri asaase mu. Ná ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ odwan ba, nanso ɔfirii aseɛ kasaa te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.*+ 12 Ɔde akekaboa+ a ɔdi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asaase ne wɔn a wɔtete so no som akekaboa a ɔdi kan no, deɛ wɔsaa ne kuro a anka ɛreyɛ aku no no.+ 13 Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ, na ɔma gya mpo firi soro ba asaase so wɔ nnipa anim.
14 Ɛsiane nsɛnkyerɛnne a wɔmaa no kwan maa no yɛɛ wɔ akekaboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asaase so no, na ɔka kyerɛ wɔn a wɔtete asaase so no sɛ, wɔnyɛ ohoni+ mma akekaboa a na wɔde sekan apira no a ne ho atɔ no no.+ 15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa ahome* mma akekaboa no honi no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akekaboa no honi no bɛkasa, na wama wɔakum wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsom akekaboa no honi no nyinaa.
16 Ɔhyɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, asikafoɔ ne ahiafoɔ, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn ahyɛnsodeɛ wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so;+ 17 obiara rentumi ntɔ anaa ɔntɔn gye deɛ ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no, aboa no din+ anaa ne din nɔma+ no. 18 Wei mu na nyansa ho hia: Ma deɛ ɔwɔ nhunumu mmu aboa no nɔma no ano, ɛfiri sɛ ɛyɛ onipa nɔma; na ne nɔma no yɛ 666.+
14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! Adwammaa+ no gyina Sion Bepɔ+ so, na 144,000+ a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din+ wɔ wɔn moma so no ka ne ho. 2 Metee nnyegyeeɛ bi firii soro te sɛ nsuo bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Na nnyegyeeɛ a meteeɛ no te sɛ nnwontofoɔ a wɔreto nnwom bɔ wɔn asankuo. 3 Ná wɔreto dwom bi a ɛte sɛ dwom foforɔ+ wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ* nnan+ no ne mpanimfoɔ no+ anim. Obiara antumi ansua saa dwom no gye 144,000+ a wɔatɔ wɔn afiri asaase so no nko ara. 4 Weinom na wɔamfa mmaa angu wɔn ho fĩ; nokwasɛm ne sɛ wɔn ho te.*+ Weinom na wɔdi Adwammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.+ Weinom na wɔtɔɔ wɔn+ firii nnipa mu sɛ aba a ɛdi kan+ maa Onyankopɔn ne Adwammaa no, 5 na wɔanhu nnaadaa biara wɔ wɔn anom; na dɛm nni wɔn ho.+
6 Mehuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam wiem, na na ɔkura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuo ne kasa* ne nkurɔfoɔ nyinaa.+ 7 Na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo berɛ* aduru,+ enti monsom Deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo+ ne nsutire no.”
8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bi, deɛ ɔtɔ so mmienu, dii akyire bɛkaa sɛ: “Wahwe ase!* Babilon Kɛseɛ+ no ahwe ase,+ deɛ ɔmaa aman nyinaa nom n’adwamammɔ* ho akɔnnɔ nsã+ no bi no!”
9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi no na ɔnya ahyɛnsodeɛ wɔ ne moma so anaa ne nsa ho+ a, 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã* a wɔmfraa mu a wɔahwie agu N’abufuo kuruwa+ mu no nso bi, na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ wɔ gya ne sɔfe*+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Adwammaa no anim. 11 Na ayayadeɛ a wɔyɛ wɔn no wisie bɛforo soro daa daa,+ na wɔrennya ɔhome biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ɔgye ne din ahyɛnsodeɛ no bi no.+ 12 Wei nti na ɛhia sɛ akronkronfoɔ no mia wɔn ani,+ akronkronfoɔ a wɔkura Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu dendeenden+ no.”
13 Na metee nne bi firii soro sɛ, “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne wɔn a wɔwu wɔ Awurade mu+ firi saa berɛ yi rekɔ. Aane, honhom no na ɛka, momma wɔnhome mfiri wɔn nnwuma ho, ɛfiri sɛ nneɛma a wɔyɛeɛ no di wɔn akyi.”*
14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! mununkum fitaa bi nie. Ná obi a ɔte sɛ onipa ba+ te mununkum no so a ɔhyɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛ, na na ɔkura kantankrankyi* a ano yɛ nnam wɔ ne nsam.
15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firii asɔrefie kronkronbea hɔ baeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no so no sɛ: “To wo kantankrankyi na twa, na berɛ* aduru sɛ wɔtwa, ɛfiri sɛ asaase no so nnɔbaeɛ abere paa.”+ 16 Na deɛ ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi no too asaase so, na wɔtwaa asaase so nnɔbaeɛ.
17 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso firii asɔrefie kronkronbea a ɛwɔ soro no baeɛ, na na ɔno nso kura kantankrankyi a ano yɛ nnam.
18 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso firii afɔrebukyia no mu baeɛ, na na ɔwɔ egya so tumi. Na ɔteaam ka kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi a ano yɛ nnam no sɛ: “To wo kantankrankyi a ano yɛ nnam no, na boaboa asaase so bobe esia esia no ano, ɛfiri sɛ n’aba no abere.”+ 19 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asaase so, na ɔboaboaa asaase so bobe no ano, na ɔto guu Onyankopɔn abufuo amena kɛseɛ a wɔkyĩ nsã* wom+ no mu. 20 Na wɔtiatiaa bobe no so wɔ kuro no akyi, na mogya firii amena a wɔkyĩ nsã wom no mu foro kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, na ɛtwaa kwan a ne tenten yɛ agoprama 1,600.*
15 Na mehuu sɛnkyerɛnne foforɔ kɛseɛ bi a ɛyɛ nwanwa wɔ soro, abɔfoɔ nson+ a wɔkurakura ɔhaw nson. Wei ne deɛ ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ ɛnam so na Onyankopɔn abufuo ba awieeɛ.+
2 Na mehuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po+ a egya fra mu. Ná wɔn a wɔadi nkonim+ wɔ akekaboa no, ne ne honi+ no, ne ne din nɔma+ no so no gyinagyina ahwehwɛ po no ho, na na wɔkurakura Onyankopɔn asankuo. 3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa+ no dwom sɛ:
“Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+ 4 Yehowa,* hwan koraa na ɔrensuro wo na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko ara ne ɔnokwafoɔ.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ a ɛtene no ada adi.”
5 Wei akyi no, mehuu sɛ wɔabue adanseɛ ntomadan+ no kronkronbea no wɔ soro,+ 6 na abɔfoɔ nson a wɔkurakura ɔhaw nson+ no pue firii kronkronbea hɔ bae a wɔhyehyɛ nwera a ani teɛ a ɛhyerɛn, na na wɔde sika kɔkɔɔ abɔsoɔ abobɔ wɔn koko. 7 Ateasefoɔ* nnan no mu baako maa abɔfoɔ nson no sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nson, na na Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo+ ahyɛ nkyɛnsee no ma. 8 Na Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi nti, wisie hyɛɛ kronkronbea hɔ ma,+ na obiara antumi ankɔ kronkronbea hɔ kɔsii sɛ abɔfoɔ nson no haw nson+ no baa awieeɛ.
16 Na metee sɛ nne kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ+ reka kyerɛ abɔfoɔ nson no sɛ: “Monkɔ, na monkɔhwie deɛ ɛwɔ Onyankopɔn abufuo nkyɛnsee nson no mu no ngu asaase so.”+
2 Ɛnna deɛ ɔdi kan no kɔeɛ, na ɔkɔhwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu asaase so.+ Na akuro bɔne a ɛyɛ hu+ tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa no ahyɛnsodeɛ+ a wɔsom ne honi no.+
3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu ɛpo mu.+ Na ɛdanee mogya,+ te sɛ onipa a wawuo mogya, na abɔdeɛ* a ɛte ase biara wui, aane, nneɛma a ɛwɔ po+ mu no.
4 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu nsubɔnten ne nsutire mu.+ Na ne nyinaa danee mogya.+ 5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafoɔ,+ wotene, ɛsiane atɛn a woabu yi nti,+ 6 ɛfiri sɛ wɔhwiee akronkronfoɔ ne adiyifoɔ mogya gui,+ na woama wɔn mogya anom;+ deɛ ɛfata wɔn na wɔanya no.”+ 7 Na metee sɛ afɔrebukyia no reka sɛ: “Aane, Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ w’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.”+
8 Deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu awia so,+ na wɔmaa awia kwan sɛ ɛmfa gya nhyehye nnipa. 9 Na ɛhyew a ano yɛ den no hyehyee nnipa, nanso Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi no, wɔkaa ne din ho abususɛm, na wɔansakra, na wɔanhyɛ no animuonyam.
10 Deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu akekaboa no ahennwa so. Na n’ahennie no yɛɛ sum,+ na ɛyea a wɔrefa mu nti, wɔfirii aseɛ wee wɔn kɛtrɛma, 11 na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm ɛsiane ɛyea a wɔrefa mu, ne wɔn akuro no nti, na wɔansakra amfiri wɔn nnwuma ho.
12 Deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ mu, na emu nsuo weeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie kwan ama ahemfo+ a wɔfiri apueeɛ* no.
13 Na mehuu sɛ honhom mu nsɛm a ɛho nteɛ* mmiɛnsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ firi ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no anom ne akekaboa no anom ne atorɔ diyifoɔ no anom apue. 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ nsɛm a ɛfiri ahonhommɔne hɔ a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asaase nyinaa so ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ+ no mu ko+ no.
15 “Hwɛ! mereba sɛ korɔmfoɔ.+ Anigyeɛ ne deɛ ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so, na wannante adagya mu amma nnipa anhu n’aniwuo.”+
16 Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.*+
17 Deɛ ɔtɔ so nson no hwiee deɛ ɛwɔ ne kyɛnsee mu no guu mframa mu. Ɛnna nne kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ,+ ahennwa no so baa sɛ: “Asa!” 18 Na anyinam paapaeeɛ, na nne ne aprannaa baeɛ, na asaasewosoɔ kɛseɛ bi a ɛfiri berɛ a nnipa baa asaase so ebi nsii saa da baeɛ,+ asaasewosoɔ kɛseɛ a ano yɛ den paa. 19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paapaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro sɛeeɛ; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde kuruwa a Onyankopɔn abufuo ne n’abufuhyeɛ nsã* wom+ no bɛma no. 20 Afei nso, supɔ biara dwaneeɛ, na wɔanhu mmepɔ.+ 21 Ɛnna asukɔtweaa akɛseɛ a emu biara mu duro bɛyɛ dwetikɛseɛ baako* firi soro bɛhwehwee nnipa no so,+ na ɔhaw a asukɔtweaa+ no de baeɛ nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm, ɛfiri sɛ na ɔhaw no so papaapa.
17 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura nkyɛnsee nson+ no baako baeɛ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo tuutuuni kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no atemmuo.+ 2 Ɔno na asaase so ahemfo ne no abɔ adwaman,*+ na n’adwamammɔ* nsã no ama wɔn a wɔtete asaase so no abobo.”+
3 Na ɔnam* honhom no tumi so de me kɔɔ serɛ so. Na mehuu ɔbaa bi sɛ ɔte akekaboa kɔkɔɔ bi so. Ná abusudin ayɛ akekaboa no ma, na na ɔwɔ ti nson ne mmɛn du. 4 Ná ɔbaa no hyɛ ataadeɛ afasebire+ ne ataade kɔkɔɔ, na na ɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden aboɔ ne abohene ahyehyɛ ne ho.+ Afei nso, na ɔkura sika kɔkɔɔ kuruwa wɔ ne nsam, na na akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ* a ɛyɛ tan ayɛ no ma. 5 Ná wɔatwerɛ din bi a ɛyɛ ahintasɛm wɔ ne moma so sɛ: “Babilon Kɛseɛ, tuutuufoɔ+ ne asaase so akyiwadeɛ maame.”+ 6 Na mehuu sɛ akronkronfoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya+ ama ɔbaa no aboro.
Berɛ a mehuu no no, me ho dwirii me paa. 7 Enti ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wo ho adwiri wo? Mɛka ɔbaa+ no ne akekaboa a ɔbaa no te ne so a ɔwɔ ti nson ne mmɛn du+ no ho ahintasɛm akyerɛ wo: 8 Aboa a wohuu no no, na ɔwɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔrebɛfiri amena donkodonko+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛeɛ mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asaase so no, kyerɛ sɛ, wɔn a ɛfiri berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase no wɔntwerɛɛ wɔn din wɔ nkwa nwoma mmobɔeɛ+ no mu no hu sɛdeɛ na aboa no wɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔbɛsan aba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa pii.
9 “Ɛhia nyansa* na obi ate asɛm yi ase: Ti nson+ no gyina hɔ ma mmepɔ nson a ɔbaa no te so no. 10 Ahemfo nson na ɛwɔ hɔ: nnum ahwe ase, baako wɔ hɔ, na foforɔ no nnya mmaeɛ; na sɛ ɔba a, ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kakra. 11 Na akekaboa a na ɔwɔ hɔ nanso ɔnni hɔ no,+ ɔsan yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu na ɛbaeɛ, na ɔbɛkɔ ɔsɛeɛ mu.
12 “Mmɛn du a wohunuiɛ no yɛ ahemfo du a wɔnnya nnyaa ahennie, nanso wɔne akekaboa no nya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako. 13 Weinom wɔ adwenkorɔ, enti wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ma akekaboa no. 14 Weinom ne Adwammaa+ no bɛko, nanso ɛsiane sɛ Adwammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene+ nti, ɔbɛdi wɔn so nkonim.+ Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi no nokorɛ no nso bɛdi nkonim.”+
15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo a wohunuiɛ a tuutuuni no te so no, ɛgyina hɔ ma nkurɔfoɔ ne nnipakuo ne aman ne kasa* hodoɔ.+ 16 Na mmɛn du+ a wohunuiɛ no, ne afei akekaboa+ no, weinom bɛtan tuutuuni+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama no ada adagya, na wɔbɛdi ne nam na wɔde gya ahye no dwerɛbee.+ 17 Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn akomam sɛ wɔmma ne nsusuiɛ mmra mu,+ aane, sɛ wɔnyɛ adwenkorɔ mfa wɔn ahennie mma akekaboa+ no nkɔsi sɛ Onyankopɔn nsɛm bɛba mu. 18 Na ɔbaa+ a wohuu no no gyina hɔ ma kuro kɛseɛ a ɛwɔ ahennie a ɛdi asaase so ahemfo so no.”
18 Wei akyi no, mehuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi sɛ ɔfiri soro resiane. Ná ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam maa asaase so hyerɛneeɛ. 2 Na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase,+ na wabɛyɛ ahonhommɔne tenabea ne baabi a honhom* fĩ biara ne anomaa biara a ne ho nteɛ na ne ho yɛ abofono tetɛ!+ 3 Na ɔde n’adwamammɔ* akɔnnɔ nsã* no anya amanaman nyinaa,+ na asaase so ahemfo ne no bɔɔ adwaman,+ na asaase so adwadifoɔ nyaa wɔn ho ɛsiane ahonyadeɛ a wapɛ asum hɔ a ɔmfɛre ho no nti.”
4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: “Momfiri ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa na monya ne haw no bi a.+ 5 Na ne bɔne no aboaboa ano akɔduru soro,+ na Onyankopɔn akae ne nneɛma bɔne no.+ 6 Deɛ ɔde yɛɛ nkurɔfoɔ no,+ monyɛ bi ntua no ka, aane, deɛ wayɛ no, momfa mmɔho mmienu ntua no ka;+ kuruwa+ a ɔfraa ne nsã wom no, momfra mmɔho mmienu wom mma no.+ 7 Sɛdeɛ ɔhyɛɛ ne ho animuonyam, na ɔpɛɛ ahonyadeɛ sum hɔ a wamfɛre ho no, saa ara na monyɛ no ayayadeɛ na momma no nni awerɛhoɔ. Ɛfiri sɛ ɔkɔ so ka wɔ n’akomam sɛ: ‘Meyɛ ɔhemmaa a mete m’akonnwa so, menyɛ kunafoɔ, na merenhu awerɛhoɔ da.’+ 8 Ɛno nti na da koro pɛ, ne haw bɛba no, kyerɛ sɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm. Na wɔde gya bɛhye no dwerɛbee,+ ɛfiri sɛ Yehowa* Nyankopɔn a ɔbuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.+
9 “Na sɛ wɔrehye no na asaase so ahemfo a wɔne no bɔɔ adwaman* na wɔne no pɛɛ ahonyadeɛ sum hɔ no hu wisie no a, wɔbɛsu no, na wɔadi awerɛhoɔ. 10 Ɛsiane sɛ wɔsuro ayayadeɛ a wɔde reyɛ no no nti, wɔbɛgyinagyina akyirikyiri aka sɛ: ‘Due, due, kuro kɛseɛ,+ Babilon a woyɛ kuro denden, ɛfiri sɛ dɔnhwere baako mu na w’atemmuo aba!’
11 “Asaase so adwadifoɔ nso resu di ne ho awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ nneɛma a wɔretɔn no bio, 12 nneɛma a wɔtɔn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden aboɔ ne abohene ne nwera pa ne ntoma afasebire ne sirikyi ne ntoma kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ hwam ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde asonse* ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde nnua a ne boɔ yɛ den ayɛ, ne deɛ wɔde kɔbere ne dadeɛ ne abohemmaa ayɛ; 13 afei nso, sinamon ne India akekaduro ne aduhwam ne ngohwam ne ɛhyɛ* ne nsã* ne ngo ne esiam muhumuhu ne hwiit ne anantwie ne nnwan, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa nkwa.* 14 Aane, aba pa a na wopɛ* no afiri wo nkyɛn, na nnuane sɔkyee ne nneɛma a ɛwɔ animuonyam nyinaa ayera afiri wo nkyɛn, na wɔrenhunu bio da.
15 “Adwadifoɔ a wɔtɔn saa nneɛma yi, a ne nti wɔnyaa wɔn ho no, wɔbɛgyinagyina akyirikyiri ɛsiane sɛ wɔsuro ayayadeɛ a wɔde reyɛ no no nti, na wɔbɛsu adi awerɛhoɔ, 16 na wɔbɛka sɛ: ‘Due, due, kuro kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire, na ɔhyɛ ataade kɔkɔɔ, a ɔde sika kɔkɔɔ agudeɛ ne aboɔden aboɔ ne abohene ahyehyɛ ne ho,+ 17 ɛfiri sɛ dɔnhwere baako mu na saa ahodeɛ bebrebe no ayɛ pasaa yi!’
“Na obiara a ɔka ɛpo so hyɛn ne onipa biara a ɔde ɛpo so hyɛn tu kwan, ne ɛpo so hyɛn mu adwumayɛfoɔ ne wɔn a wɔyɛ ɛpo so adwuma nyinaa gyinagyinaa akyirikyiri, 18 na berɛ a wɔrehye no a wɔhuu wisie a ɛreba no, wɔteateaam kaa sɛ: ‘Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ no?’ 19 Na wɔtuu mfuturo guu wɔn tirim teaam, na wɔsu dii awerɛhoɔ kaa sɛ, ‘Due, due, kuro kɛseɛ a n’ahonyadeɛ ama wɔn a wɔwɔ po so ahyɛn nyinaa anya wɔn ho, ɛfiri sɛ dɔnhwere baako mu na wɔayɛ no pasaa!’+
20 “Deɛ ato no nti, ma w’ani nnye, O ɔsoro,+ ne mo, akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo!”+
21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɛboɔ bi so. Ná ɛte sɛ ɛboɔ kɛseɛ a wɔyam so adeɛ,* na ɔto too po no mu kaa sɛ: “Saa ara na wɔbɛto Babilon kuro kɛseɛ no hwii atwene, na wɔrenhu no bio da.+ 22 Na wɔrente wɔn a wɔbɔ asankuo, ne wɔn a wɔto nnwom, ne wɔn a wɔbɔ mmɛn, ne wɔn a wɔhyɛn totorobɛnto nne wɔ wo mu bio. Na wɔrenhu obiara a ɔyɛ nsaanodwuma wɔ wo mu bio, na wɔrente ɛboɔ a wɔyam so adeɛ nnyegyeeɛ wɔ wo mu bio. 23 Kanea hann biara renhyerɛn wɔ wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ biara nne wɔ wo mu bio; ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ na na wɔyɛ atitire wɔ asaase so, na wonam w’ahonhonsɛm*+ so daadaa amanaman nyinaa. 24 Aane, ne mu na wɔhuu adiyifoɔ ne akronkronfoɔ+ ne wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa mogya.”+
19 Wei akyi no, metee biribi te sɛ nnipadɔm kɛseɛ bi nne a ano yɛ den wɔ ɔsoro. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ!*+ Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea, 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene,+ na wabu tuutuuni kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ* sɛee asaase no atɛn, na ne nkoa mogya a ɛwɔ tuutuuni no nsa ho* no, watua ne so ka.”+ 3 Ntɛm ara, wɔkaa no ne mprenu so sɛ: “Monyi Yah ayɛ!*+ Na wisie a ɛfiri ne* mu no foro kɔ soro daa daa.”+
4 Na mpanimfoɔ 24+ ne ateasefoɔ* nnan+ no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔsom Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so no, na wɔkaa sɛ: “Amen! Monyi Yah ayɛ!”*+
5 Afei nso, ɛnne bi firii ahennwa no so baa sɛ: “Monyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a mosuro no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ.”+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipadɔm kɛseɛ bi nne ne nnyegyeeɛ a ɛte sɛ nsuo bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ,*+ ɛfiri sɛ Yehowa* yɛn Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no afiri aseɛ redi hene!+ 7 Momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye mmoro so, na yɛnhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia aduru, na ne yere asiesie ne ho. 8 Aane, wɔama no kwan sɛ ɔmfira nwera pa a ani teɛ a ɛhyerɛn, ɛfiri sɛ nwera pa no gyina hɔ ma adetenenee a akronkronfoɔ+ no yɛ.”
9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Adwammaa no ayeforɔhyia apontoɔ+ ase.” Afei nso, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne nokwasɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.” 10 Ɛnna mebutuu ne nan ase sɛ meresom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔkura Yesu ho adansedie adwuma+ mu no. Som Onyankopɔn!+ Ɛfiri sɛ Yesu ho adansedie na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+
11 Mehuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi nie. Na deɛ ɔte ne so no, wɔfrɛ no Ɔnokwafoɔ+ a Ɔnni Hwammɔ;+ ɔbu atɛn, na ɔko wɔ tenenee mu.+ 12 N’ani yɛ gyaframa,+ na ahemmotire bebree bobɔ ne ti. Ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ a obiara nnim gye ɔno nko ara. 13 Ɔhyɛ ataadeɛ bi a mogya akeka* mu, na edin a wɔde frɛ no ne Onyankopɔn Asɛm.+ 14 Afei nso, na asraafoɔdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitaa so di n’akyi, na na wɔhyehyɛ nwera pa fitaa a ani teɛ. 15 Ná sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afiri n’anom,+ a ɔde bɛkunkum amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛdi wɔn so.*+ Bio nso, ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuo ne n’abufuhyeɛ amena a wɔkyĩ nsã* wom no so.+ 16 Ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu n’ataadeɛ mu, aane, wɔ ne srɛ so sɛ, ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade.+
17 Mehuu ɔbɔfoɔ bi nso a ɔgyina awia mu, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu fa wiem nyinaa sɛ: “Mommra ha, mommɛhyia Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase,+ 18 na mommɛdi ahemfo nam ne asahene nam ne ahoɔdenfoɔ nam+ ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no nam,+ ne obiara nam, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, ne nketewa ne akɛseɛ.”
19 Na mehuu akekaboa no ne asaase so ahemfo ne wɔn asraafoɔdɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm rebɛko.+ 20 Na wɔkyee akekaboa no ne atorɔ diyifoɔ+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ n’anim de daadaa wɔn a wɔnyaa akekaboa no ahyɛnsodeɛ+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtoo wɔn mmienu nyinaa guu gya tadeɛ a sɔfe* redɛre wom+ no mu animono. 21 Na wɔn a aka no, wɔde deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no sekan tenten a ɛfiri n’anom bae no kunkum wɔn.+ Na nnomaa no nyinaa dii wɔn nam meeɛ.+
20 Mehuu sɛ ɔbɔfoɔ bi firi soro resiane a ɔkura amena donkodonko no ano safoa+ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi wɔ ne nsam. 2 Na ɔkyee ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no, ɔwɔ dada+ no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan+ no, na ɔkyekyeree no mfeɛ 1,000. 3 Na ɔtoo no twenee amena donkodonko+ no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrentumi nkɔdaadaa amanaman no bio kɔsi sɛ mfeɛ 1,000 no bɛba awieeɛ. Wei akyi no, ɛsɛ sɛ wɔgyaa no kakra.+
4 Na mehuu nhennwa, na wɔn a wɔtete so no, wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Aane, mehuu wɔn a Yesu ho adanseɛ a wɔdiiɛ ne Onyankopɔn ho asɛm a wɔkaeɛ nti wɔkunkum* wɔn no akra,* ne wɔn a wɔansom akekaboa no anaa ne honi no na wɔannye ahyɛnsodeɛ no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho+ no. Na wɔbaa nkwa mu, na wɔne Kristo dii adeɛ+ mfeɛ 1,000. 5 (Na awufoɔ a aka no+ amma nkwa mu kɔsii sɛ mfeɛ 1,000 no baa awieeɛ.) Wei ne owusɔreɛ a ɛdi kan+ no. 6 Anigyeɛ ne kronkron ne obiara a ɔnya owusɔreɛ a ɛdi kan+ no mu kyɛfa; weinom na owuprenu+ nni wɔn so tumi.+ Mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ,+ na wɔne no* bɛdi hene mfeɛ 1,000.+
7 Na sɛ mfeɛ 1,000 no ba awieeɛ pɛ, wɔbɛyi Satan afiri n’afiase hɔ, 8 na ɔbɛpue akɔdaadaa saa aman a ɛwɔ asaase afanan no, Gog ne Magog, na waboaboa wɔn ano ama ɛko no. Weinom dodoɔ te sɛ mpoano anwea. 9 Na wɔkɔɔ asaase no so baabiara, na wɔtwaa akronkronfoɔ no asoɛeɛ ne kuro a wɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Na egya firi soro baeɛ, na ɛbɛhyee wɔn.+ 10 Na wɔtoo Ɔbonsam a na ɔredaadaa wɔn no too egya tadeɛ a sɔfe* wom no mu, baabi a akekaboa+ no ne atorɔ diyifoɔ no wɔ dada no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ* awia ne anadwo daa daa.
11 Na mehuu ahennwa kɛseɛ fitaa bi ne Deɛ ɔte so no.+ Asaase ne ɔsoro dwane firii n’anim,+ na wɔannya baabiara amma wɔn. 12 Na mehuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma mmobɔeɛ foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma mmobɔeɛ+ no. Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+ 13 Na ɛpo yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na owuo ne Adamena* yii awufoɔ a ɛwom maeɛ, na wɔbuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+ 14 Na wɔtoo owuo ne Adamena* guu gya tadeɛ+ no mu.+ Saa gya tadeɛ no ne owuprenu+ no. 15 Afei nso, obiara a wɔanhu no* wɔ nkwa nwoma+ no mu no, wɔtoo no too gya tadeɛ no mu.+
21 Mehuu ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ.+ Ná kane soro ne kane asaase no atwam,+ na ɛpo+ nni hɔ bio. 2 Afei nso, mehuu kuro kronkron, Yerusalem Foforɔ no, sɛ ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro resiane+ a wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+ 3 Ɛnna metee nne kɛseɛ bi firii ahennwa no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena, na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.+ 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa,+ na owuo nni hɔ bio,+ na awerɛhoɔ ne esu ne yea nso nni hɔ bio.+ Kane nneɛma no atwam.”
5 Na Deɛ ɔte ahennwa no so+ no kaa sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ.”+ Ɔsan kaa sɛ: “Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi yɛ nokorɛ, na ɛrenni hwammɔ.” 6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Aba mu awie! Mene Alfa ne Omega,* mfitiaseɛ ne awieeɛ.+ Obiara a nsukɔm de no no, mɛma no nkwa asutire mu nsuo no bi kwa.*+ 7 Obiara a ɔdi nkonim no, ne nsa bɛka weinom, na mɛyɛ ne Nyankopɔn, na wayɛ me ba. 8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ*+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛto wɔn agu* tadeɛ a egya ne sɔfe* dɛre wom+ no mu. Wei ne owuprenu+ no.”
9 Abɔfoɔ nson a na wɔkurakura nkyɛnsee nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ+ no ayɛ no ma no, wɔn mu baako baeɛ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo ayeforɔ no, Adwammaa no yere+ no.” 10 Enti ɔnam honhom no tumi so de me kɔɔ bepɔ tenten kɛseɛ bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem sɛ ɛfiri soro, Onyankopɔn nkyɛn, resiane,+ 11 na na ɛwɔ Onyankopɔn animuonyam.+ Ná ɛhyerɛn te sɛ ɛboɔ a ne boɔ yɛ den paa, te sɛ ahwehwɛboɔ hyɛnhyɛn.+ 12 Ná ɛwɔ fasuo tenten kɛseɛ bi ne apono 12 a abɔfoɔ 12 gyinagyina apono no ano, na na wɔatwerɛtwerɛ Israel mma mmusuakuo 12 no din wɔ ho. 13 Ná apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anaafoɔ, ɛnna apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.+ 14 Afei nso, na kuro no fasuo wɔ fapem 12, na na wɔatwerɛtwerɛ Adwammaa no asomafoɔ 12 no din 12 no+ wɔ so.
15 Ná deɛ ɔne me rekasa no kura sika kɔkɔɔ demmire* a ɔde bɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo.+ 16 Kuro no yɛ ahinanan, na ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ pɛ. Na ɔde demmire no susuu kuro no, na na ɛyɛ agoprama 12,000;* ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ ne ɛfiri soro bɛsi fam nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔsan susuu ne fasuo no, basafa 144;* ɔde onipa susudua a ɛsan yɛ ɔbɔfoɔ susudua na ɛsusuiɛ. 18 Wɔde ahwehwɛboɔ+ na ɛtoo fasuo no, na na kuro no yɛ sika kɔkɔɔ amapa, te sɛ ahwehwɛ a ani da hɔ. 19 Wɔde aboɔden aboɔ ahodoɔ nyinaa bi na ɛhyehyɛɛ kuro no fasuo no fapem ahodoɔ no: fapem a ɛdi kan no yɛ ahwehwɛboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ hoaboɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ mununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan no yɛ ahabammonoboɔ, 20 deɛ ɛtɔ so nnum no yɛ mununkum kɔkɔɔ boɔ, deɛ ɛtɔ so nsia no yɛ mogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson no yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron no yɛ topas abohene, deɛ ɛtɔ so du no yɛ borɔdehonoboɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako no yɛ wisieboɔ, deɛ ɛtɔ so dumienu no yɛ beredumboɔ. 21 Afei nso, na apono 12 no yɛ abohene 12; wɔde abohene baako na ɛyɛɛ apono no mu biara. Ná kuro no mmɔnten yɛ sika kɔkɔɔ amapa, te sɛ ahwehwɛ a ani da hɔ.
22 Manhu asɔrefie biara wom, ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Yehowa* Nyankopɔn ne Adwammaa no na wɔyɛ n’asɔrefie. 23 Ɛnhia sɛ awia anaa bosome hyerɛn wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn animuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Adwammaa no ne ne kanea.+ 24 Na amanaman no bɛnante ne hann+ mu, na asaase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu. 25 Wɔrentoto n’apono mu awia da, ɛfiri sɛ adeɛ rensa wɔ hɔ.+ 26 Na wɔde amanaman no animuonyam ne wɔn anidie bɛba mu.+ 27 Nanso biribiara a ɛho agu fĩ ne obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ anaa obiara a ɔdaadaa nkurɔfoɔ no remma mu da;+ wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ Adwammaa no nkwa nwoma mmobɔeɛ mu no nko ara na wɔbɛba mu.+
22 Na ɔkyerɛɛ* me nkwa nsuo asubɔnten+ bi a ani teɛ te sɛ ahwehwɛboɔ. Ná ɛretene firi Onyankopɔn ne Adwammaa+ no ahennwa no mu; 2 ɛtene fa kuro no kwantempɔn mfimfini. Ná nkwa nnua sisi asubɔnten no afanu nyinaa, a ɛso aba mprɛ 12 afe biara; bosome biara, ɛso. Nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yareɛ.+
3 Nnome biara remma bio. Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa+ bɛtena kuro no mu, na ne* nkoa bɛsom no; 4 na wɔbɛhu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+ 5 Bio nso, anadwo bɛfiri hɔ,+ na wɔrenhia kanea anaa awia hann, ɛfiri sɛ Yehowa* Nyankopɔn bɛma hann ahyerɛn wɔn so,+ na wɔbɛdi hene daa daa.+
6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi yɛ nokorɛ,+ na ɛrenni hwammɔ; aane, Yehowa,* Onyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ no,+ wasoma ne bɔfoɔ abɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm akyerɛ ne nkoa. 7 Hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigyeɛ ne obiara a ɔdi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no so.”+
8 Me Yohane, me na metee weinom nyinaa na mehunuiɛ. Na berɛ a meteeɛ na mehunuiɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ meresom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa! Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+
10 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no ano, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no abɛn. 11 Deɛ ɔntene no, ma no nkɔ so nyɛ adeɛ a ɛntene; na deɛ ne ho agu fĩ no, ma no nkɔ so ngu ne ho fĩ; nanso ma ɔteneneeni nkɔ so nyɛ adetenenee, na ma deɛ ɔyɛ kronkron nkɔ so nyɛ kronkron.
12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm; akatua a mede rebɛma no kura me, na mɛtua obiara ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.+ 13 Mene Alfa ne Omega,*+ ɔdikanfoɔ ne akyikafoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ. 14 Anigyeɛ ne wɔn a wɔhoro wɔn ntaadeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya kwan akɔ nkwa nnua+ no ho, na wɔanya kwan afa kuro no apono+ mu akɔ kuro no mu. 15 Kuro no akyi na nkraman* ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne adwamammɔfoɔ* ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ nyinaa wɔ.’+
16 “‘Me Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi weinom ho adanseɛ nkyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛboa asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini ne n’aseni,+ ne adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”
17 Na honhom no ne ayeforɔ+ no kɔ so ka sɛ, “Bra!” na ma obiara a ɔteɛ no nka sɛ, “Bra!” na ma deɛ nsukɔm de no biara mmra;+ ma deɛ ɔpɛ biara mmɛgye nkwa nsuo kwa.+
18 “Obiara a ɔte nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no, medi no adanseɛ sɛ: Sɛ obi de biribi ka weinom ho+ a, Onyankopɔn de ɔhaw a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ yi mu+ no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi firi nkɔmhyɛ nwoma yi mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa nnua+ no ne kuro kronkron+ no mu, deɛ wɔatwerɛ ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no.
20 “Deɛ ɔdi weinom ho adanseɛ no ka sɛ, ‘Aane; mereba ntɛm.’”+
“Amen! Awurade Yesu, bra.”
21 Awurade Yesu adom nka akronkronfoɔ no.
Anaa “yikyerɛ.”
Anaa “A ne Y.” Greek ntwerɛdeɛ no, Alfa na ɛdi kan na Omega na ɛtwa toɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “abɛn.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “hyiadan.”
Anaa “ɔmfa suntidua nto Israel mma anim.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Anaa “mate-me-ho kuo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “sɛdeɛ onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Nt., “ɔde dadeɛ poma bɛyɛn nnipa no.”
Anaa “woagye din.”
Anaa “dɔn.”
Nt., “edin kakra.”
Nt., “hyiadan.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wodii m’animia ho nhwɛsoɔ akyi nti.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Anaa “wɔ ahennwa a ɛsi mfimfini.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “kɛtrɛma.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Anaa “kwat baako.” Hwɛ Nkh. B14.
Romafoɔ dwetɛ sika bi. Ná ɛyɛ da koro akatua. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “bobesa.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn mogya a ɛgyina hɔ ma nkwa a wɔhwie guu afɔrebukyia no ho no. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ apɔnkye nwi.
Anaa “awiapueeɛ.”
Nt., “kɛtrɛma.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Anaa “abɔdeɛ a ɛwɔ akra.”
Anaa “nsoromma no.”
Anaa “duruu sum.”
Ɛkyerɛ, “Ɔsɛeɛ.”
Ɛkyerɛ, “Ɔsɛefoɔ.”
Anaa “Due.”
Anaa “20,000 ahodoɔ 10,000,” kyerɛ sɛ, 200,000,000.
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Anaa “adaemone.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “nantabono.”
Nt., “kɛtrɛma.”
Anaa “susudua.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “kɛtrɛma.”
Anaa “ada.”
Anaa “wɔn atamfo ani tua wɔn.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “Due.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Ɔtweaseɛ kɛseɛ kɔkɔɔ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “ɔde dadeɛ poma bɛyɛn aman nyinaa.”
Ɛkyerɛ “Hwan Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nanso ɔdii nkoguo [kyerɛ sɛ, ɔwɔ a ne ho yɛ hu no dii nkoguo].”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “wɔn adansedie asɛm no nti.”
Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Kyerɛ sɛ, mmerɛ mmiɛnsa ne fã.
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “aba.”
Kyerɛ sɛ, ɔwɔ a ne ho yɛ hu no kɔgyinaa.
Nt., “edin a ɛtwa Onyankopɔn adapaa.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “kɛtrɛma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛ sekan na ɛsɛ sɛ wɔde ku obi a.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Anaa “honhom.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “wɔyɛ mmaabunu.”
Nt., “kɛtrɛma.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “Ɔbaa no ahwe ase!”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bobesa.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Anaa “ka wɔn ho.”
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.
Anaa “dɔn.”
Anaa “bobesa.”
Bɛyɛ km. 296 (akw. 184). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Anaa “akra.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “awiapueeɛ.”
Nt., “ahonhom fĩ.”
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Greek, Har Ma·ge·don′, ɛfiri Hebri asɛm bi a ɛkyerɛ “Megido Bepɔ” mu.
Anaa “bobesa.”
Ná Greek dwetikɛseɛ baako mu duro yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔbɔfoɔ no nam.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “adwene a ɛwɔ nyansa.”
Anaa “kɛtrɛma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ahome; mframa; honhom mu nsɛm.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Anaa “ɔsono se.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bobesa.”
Anaa “akra.”
Anaa “wo kra pɛ.”
Anaa “owiyammoɔ.”
Anaa “w’adutoɔ.”
Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ɛfiri tuutuuni no nsam.”
Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.
Anaa “tuutuuni no.”
Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.
Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.
Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “abɔ apete.”
Nt., “ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.”
Anaa “bobesa.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Anaa “ɔtweaseɛ.”
Nt., “wɔde akuma kunkum.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ ne Adi 6:9 aseɛ hɔ asɛm no.
Kyerɛ sɛ, Kristo.
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Anaa “wɔde wɔn bɛgu afiase.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔanhu sɛ wɔatwerɛ ne din.”
Anaa “A ne Y.” Greek ntwerɛdeɛ no, Alfa na ɛdi kan na Omega na ɛtwa toɔ.
Anaa “a ɔrentua hwee.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”
Anaa “wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ.”
Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Bɛyɛ km. 2,220 (akw. 1,379). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.
Bɛyɛ mita 64 (anm. 210). Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ.”
Anaa “Onyankopɔn.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “A ne Y.” Greek ntwerɛdeɛ no, Alfa na ɛdi kan na Omega na ɛtwa toɔ.
Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ tan wɔ Onyankopɔn ani so.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”