ASƐMMISA 18
Ɛdeɛn na woyɛ a, ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn?
“O mpaebɔ Tiefoɔ, wo nkyɛn na honam nyinaa bɛba.”
“Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntwere wo ara wo nteaseɛ. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan atene.”
“Yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.”
“Nokwasɛm ne sɛ [Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam nware.”
“Deɛ mekɔ so bɔ ho mpaeɛ ne sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so wɔ nokorɛ nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu.”
“Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.”
“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo abɔnefoɔ, na monte mo akomam, mo a mo adwene yɛ ntanta.”
“Yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ; na n’ahyɛdeɛ nyɛ den.”